Yeremia 6

Atemmuo no bɛba

1 O Benyamin mma,

mommɔ mo ho adwaa mfiri Yerusalem!

Na monhyɛne totorobɛnto wɔ Tekoa,

na monsi frankaa Bet-hakerem!

na adebɔne bi ne ɔsɛeɛ kɛseɛ

repue afiri atifi fam.

2 Ɔhoɔfɛni a ɔdɔ ne ho no,

Sion babaa no, mɛtwa no atwene.

3 Mmoahwɛfoɔ ne wɔn mmoakuo bɛba ne so;

wɔbɛsisi wɔn ntomadan atwa ne ho ahyia,

na wɔn mu biara adidi n’afa.

4 Monkyere ne so ɔsa,

monsɔre mma yɛnkɔtoa no awia ketee.

Yɛnnue, na adeɛ resa,

na anwummerɛ sunsum mu atwe.

5 Monsɔre mma yɛnkɔtoa no anadwo,

na yɛnkɔsɛe n’ahemfie no.

6 Na sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, seɛ nie:

Mommu Yerusalem nnua ngu,

na monhɔre ho epie,

ɛyɛ kuro a ɛsɛ asotwe,

amimdie nko ara na ɛwɔ mu.

7 Sɛdeɛ asubura mu nsuo pu ba no,

sɛ ne bɔne nso pu ba ne no;

wɔte atirimuɔden ne nhyɛsoɔ nka wɔ mu,

yadeɛ ne akuro wɔ m’anim daa.

8 O, Yerusalem, ma wɔnkyerɛkyerɛ wo,

na me kra antwe amfiri wo ho,

na mamma woannane amamfo,

asase a obiara nte soɔ.

9 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie:

Wɔbɛdi Israel nkaeɛ

ho mpɛpɛ sɛ obobe ho.

Himahima wo nsa kɔ nkɛntɛn mu

sɛ obobe abatefoɔ.

10 Hwan na menkasa menkyerɛ no, na memmɔ no kɔkɔ,

na wɔate?

Hwɛ, wɔn aso asisi,

na wɔntumi ntie asɛm;

hwɛ, AWURADE asɛm adane wɔn ahohoradeɛ,

ɛnyɛ wɔn dɛ.

11 Enti AWURADE abufuhyeɛ ahyɛ me ma,

mabrɛ ne me ho so hyɛ:

Hwie gu mmorɔno so mmotafowa

ne mmeranteɛ asafo no nyinaa so;

na wɔbɛkyere okunu ne ɔyere nyinaa,

akɔkoraa ne deɛ wadi nna ameeɛ.

12 Na wɔn afie bɛyɛ afoforɔ deɛ,

nsase ne yerenom nyinaa,

ɛfiri sɛ mɛtene me nsa

maka asase no sofoɔ,

AWURADE asɛm nie.

13 Na ɛfiri wɔn mu akumaa so kɔsi wɔn mu ɔkɛseɛ soɔ,

wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ,

na ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ soɔ,

wɔn nyinaa yɛ nkontompofoɔ.

14 Na wɔasa me man kuro adwenhare so

aka sɛ: Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ!

Nso asomdwoeɛ nni hɔ.

15 Wɔn ani wuu akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no ho?

Dabi, wɔn ani anwu koraa,

na wɔn anim nso ansiam:

Saa nti wɔbɛtotɔ atɔfoɔ mu,

berɛ a mɛba mabɛtwe wɔn aso no, wɔbɛhwehwe ase,

AWURADE na ɔseɛ.

16 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Monkɔgyina akwan so na monhwɛ,

na mommisa tete atempɔn no,

deɛ ɔkwan pa no wɔ, na momfa so,

na monnya home mma mo kra.

Nanso wɔse: Yɛremfa so.

17 Na masisi mo so awɛmfoɔ sɛ:

Monyɛ aso mma totorobɛnto hyɛne no.

Nanso wɔse: Yɛrentie.

18 Ɛno nti, amanaman, montie,

na mo asafo, monhunu deɛ ɛrebɛyɛ wɔn.

19 Asase, tie, hwɛ, me na mede bɔne mereba ɔman yi soɔ,

wɔn nneyɛɛ so aba no,

ɛfiri sɛ wɔanyɛ aso amma me nsɛm,

na me mmara nso, wɔapo.

20 Ɛdeɛn na oduhwamfufuo a wɔde firi Seba ba

ne ahwedeɛ pa a ɛfiri akyirikyiri asase soɔ no yɛ ma me?

Mo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ m’ani

na mo kum afɔdeɛ nyɛ me dɛ.

21 Enti sɛ AWURADE seɛ nie:

Hwɛ, mede suntidua mɛto ɔman yi anim,

na wɔasuntisunti wɔ so,

agyanom ne mma nyinaa,

na fipamni ne ɔyɔnko ayera.

22 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Hwɛ, ɔman bi firi atifi fam asase so reba,

na ɔman kɛseɛ bi akanyan ne ho firi asase anoano tɔnn,

23 wɔkurakura tadua ne pɛmɛ,

wɔn tirim yɛ den na wɔnni atimmɔborɔ;

wɔn nne te sɛ ɛpo huuyɛ,

na wɔtete apɔnkɔ so;

wɔamia sɛ akofoɔ,

sɛ wɔne wo, Sion babaa, rebɛko.

24 Yɛate wɔn nka,

yɛn nsam ago,

yɛn ho yera yɛn,

sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ.

25 Mfiri adi nkɔ wiram,

na nnante ɔkwan so;

na ɔtamfoɔ kura afena,

ehu atwa wo ho ahyia.

26 O me man babaa, fira ayitoma

na yantam nso mu;

twa adwo a ɛte sɛ ɔbakorɔ ho deɛ,

twa agyaadwo a ɛyɛ ya,

ɛfiri sɛ mpofirim na

ɔsɛefoɔ bɛba yɛn soɔ.

27 Mede wo masi me man a ɛyɛ sikatwa boɔ so twahwɛfoɔ,

sɛ hunu na sɔ wɔn akwan hwɛ.

28 Wɔn nyinaa yɛ asoɔdenfoɔ atuatefoɔ,

wɔnenam di nsekuro,

wɔyɛ kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ ara nko;

wɔn nyinaa yɛ nkontompofoɔ.

29 Afa rehu dendeenden,

ogya rehye sumpii;

wɔbere ho kwa,

ɛfiri sɛ wɔnyii abɔnefoɔ mfirii wɔn mu.

30 Wɔfrɛ wɔn dwetɛ a wɔapoɔ,

ɛfiri sɛ AWURADE apo wɔn.

Yeremia 7

Aniani nyamesom

1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn, sɛ:

2 Kɔgyina AWURADE fie ponkɛseɛ mu, na kɔpae asɛm yi hɔ ka sɛ: Montie AWURADE asɛm, mo Yudafoɔ nyinaa a mofa aponkɛseɛ yi mu bɛsɔre AWURADE.

3 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Momma mo akwan ne mo nneyɛɛ nyɛ yie, na mama moatena ha yi.

4 Mommfa mo ho nnto atorosɛm yi so sɛ: AWURADE asɔrefie, AWURADE asɔrefie, AWURADE asɔrefie nie!

5 Na sɛ momma mo akwan ne mo nneyɛɛ yɛ yie ampa, sɛ mobu onipa ne ne yɔnko ntam atɛntenenee,

6 sɛ moanhyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ so, anaasɛ moanhwie mogya a ɛdi bem angu ha yi, na moanni anyame foforɔ akyi amfa anyɛ mo ho bɔne a,

7 ɛno na mɛma moatena ha, asase a mede memaa mo agyanom sɛ firi tete sɛ ɛnkɔsi daa no soɔ.

8 Hwɛ, mode mo ho to atorosɛm a ɛnyɛ mma hwee no so.

9 Mobɛbɔ korɔno, adi awu, asɛe awadeɛ, akeka ntanhunu, akɔhye aduhwam ama Baal, akɔdi anyame afoforɔ a monni wɔn akyi,

10 ansa na moaba abɛgyina m’anim efie yi a wɔde me din ato no yi mu na moaka sɛ: Wɔayi yɛn afiri mu, ama moakɔ so ayɛ akyiwadeɛ yi nyinaa anaa?

11 Adwotwafoɔ tu na efie a wɔde me din ato no yi ayɛ mo ani soɔ anaa? Me nso, hwɛ, mahunu, AWURADE asɛm nie.

12 Na monkɔ me tenabea a ɛwɔ Silo a meyii no akane sɛ me din ntena hɔ no, na monkɔhwɛ deɛ me man Israel bɔne no nti mayɛ no.

13 Na afei, ɛsiane sɛ moayɛ yeinom nyinaa, AWURADE asɛm nie, na matua nhema makasa makyerɛ mo, makasa na moantie, na mafrɛ mo nso na moannye soɔ nti,

14 mɛyɛ efie a wɔde me din atoɔ no a mode mo ho to soɔ no ne tenabea a mede memaa mo ne mo agyanom no, sɛdeɛ meyɛɛ Silo no ara,

15 na matoto mo afiri m’anim agu, sɛdeɛ metoo mo nuanom nyinaa, Efraim asefoɔ nyinaa, guiɛ no.

16 Enti wo deɛ, mpa kyɛw biara mma ɔman yi, nso mma wɔn ho abooboodie ne mpaebɔ so, na nsrɛ mma wɔn, ɛfiri sɛ merentie wo.

17 Wonhunu deɛ wɔreyɛ Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmorɔno soɔ no anaa?

18 Mma tase nnyina, na agyanom sɔ ogya, na mmaa fete mmɔre sɛ wɔreyɛ taterɛ ama ɔsoro hemmaano, na wɔagu anyame foforɔ ahwiesa, de yi me abufuo.

19 Me na wɔyi me abufuo? AWURADE asɛm nie, ɛnyɛ wɔn ho na wɔyɛ no sakasaka?

20 Enti sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Hwɛ, wɔbɛhwie m’abufuo ne m’aboɔhyeɛ agu ɛha yi, nnipa ne mmoa, wira mu nnua ne asase so aba so, na adɛre a ɛrennum.

21 Sɛdeɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Momfa mo hyeɛ afɔdeɛ nka mo kum afɔdeɛ ho, na monni nam.

22 Ɛfiri sɛ da a meyii mo agyanom firii Misraim asase soɔ no, manka wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ ho asɛm na manhyɛ wɔn ɛho mmara biara,

23 na mmom asɛm yi ho mmara na mehyɛɛ wɔn sɛ: Montie me, na mɛyɛ mo Onyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman; na monnante me kwan a mahyɛ mo ho mmara nyinaa so, na awie mo yie.

24 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔfaa wɔn ara wɔn akwan so, dii wɔn akoma bɔne denyɛ akyi, na wɔsanee wɔn akyi, na wɔankɔ anim.

25 Ɛfiri da a mo agyanom firii Misraim asase so de bɛsi nnɛ da yi, masoma me nkoa, adiyifoɔ no nyinaa, aba mo nkyɛn; daa na metuaa nhema mesomaa wɔn,

26 nanso wɔantie me, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔsenee wɔn kɔn yɛɛ bɔne sene wɔn agyanom.

27 Na woka nsɛm yi nyinaa kyerɛ wɔn a, wɔrentie wo, na wofrɛ wɔn a, wɔrennye wo so.

28 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Yei ne ɔman a wɔntie AWURADE wɔn Nyankopɔn na wɔnnye atenetene no; nokorɛ asa, na atu afiri wɔn anomu.

29 Yi wo tirinwi gu,

na twa mpampa pataa so agyaadwo,

na AWURADE apo nnɛɛmma a

ne bo afu wɔn no, asum wɔn agu.

30 Na Yuda mma ayɛ m’ani so bɔne, sɛ AWURADE seɛ nie, wɔde wɔn akyiwadeɛ asisi efie a wɔde me din atoɔ no mu, de agu ho fi;

31 na wɔasisi Tofet sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Hinom babonhwa mu no, de hye wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa ogya mu; nso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa m’adwene mu saa da.

32 Enti sɛ AWURADE seɛ nie, hwɛ, nna reba a wɔremfrɛ no Tofet anaa Hinom ba bonhwa bio, na mmom okum bonhwa, na wɔbɛsie nnipa Tofet hɔ, amusiebea a wɔnnya nti.

33 Na ɔman yi afunu bɛyɛ aduane ama ewiem nnomaa ne asase so mmoa, a wɔrennya obi rempam wɔn.

34 Na mɛgu Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmorɔno so ahosɛpɛ nne ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, ɛfiri sɛ asase no bɛdane amamfo.

Yeremia 8

Atemmuo no huyɛ

1 Ɛberɛ no mu no, AWURADE asɛm nie, wɔbɛsa Yuda ahemfo nnompe, n’asafohene nnompe, asɔfoɔ nnompe, adiyifoɔ nnompe ne Yerusalemfoɔ nnompe afiri wɔn adamena mu,

2 na wɔahata wɔn owia ne ɔsrane ne ɔsoro asafo nyinaa a wɔdɔɔ wɔn, na wɔsomm wɔn, na wɔdii akyire na wɔpɛɛ akyire kwan na wɔsɔree wɔn no anim. Wɔremmoa ano, na wɔrenkora, ɛbɛyɛ sumina wɔ asase ani.

3 Na abusua bɔne yi mu nkaeɛ a wɔbɛka nyinaa bɛpɛ owuo asene nkwa, wɔ baabiara a metuu wɔn mekɔeɛ no, asafo AWURADE asɛm nie.

4 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie:

Wɔhwe ase a, wɔnsan nsɔre bio anaa?

Anaasɛ wɔmane kɔ a, wɔnsane mma?

5 Ɛdeɛn nti na Yerusalem man yi

amane a wɔnsane da?

Wɔkura nnaadaa kwan mu pintinn,

wɔmpɛ sɛ wɔsane ba.

6 Mawɛn m’aso matie,

nso deɛ ɛntene na wɔka.

Obiara nni hɔ a ɔnu ne ho wɔ ne bɔne ho

ka sɛ: Ɛdeɛn na mayɛ yi?

Obiara asi ne kwan so

sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ ahyia dɔm.

7 Asukɔnkɔn a ɔwɔ wiem mpo

nim ne berɛ,

anyankuku, asomfenakatakyi ne nantwinoma

wɛn wɔn ba berɛ,

nanso me man nnim

AWURADE ahyɛdeɛ.

8 Nanso na moka sɛ: Yɛyɛ anyansafoɔ,

AWURADE mmara wɔ yɛn hɔ?

Ampa, hwɛ, atwerɛfoɔ pɛnsere torofoɔ

ama no adane atorɔ.

9 Anyansafoɔ ani bɛwu,

wɔbɛbɔ binim na wɔakye wɔn.

Hwɛ, AWURADE asɛm na wɔapoɔ yi,

na nyansa bɛn na wɔwɔ?

10 Ɛno nti mede wɔn yerenom bɛma afoforɔ,

na mama ahɔhoɔ afa wɔn mfuo atena so,

ɛfiri sɛ ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ soɔ

wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ,

ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ soɔ,

wɔn nyinaa yɛ nkontompofoɔ.

11 Na wɔsaa me man kuro adwenhare so sɛ:

Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ!

Nso asomdwoeɛ nni hɔ.

12 Wɔn ani wuu akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no ho?

Dabi, wɔn ani anwu koraa,

na wɔn anim nso ansiam.

Saa nti wɔbɛtotɔ atɔfoɔ mu,

berɛ a mɛba abɛtwe wɔn aso no, wɔbɛhwehwe ase,

AWURADE na ɔseɛ.

13 Berɛ a mɛsesa wɔn akorɔ no, AWURADE asɛm nie,

wɔrenhunu esia esia bobe ho,

anaa borɔdɔma wɔ borɔdɔma nnua so,

na ahahan mpo adwinnwan,

na deɛ mede memaa wɔn no afiri wɔn nsa.

14 Yɛda so tete hɔ yɛ dɛn?

Mommoaboa mo ho ano, na yɛnhyɛne nkuro a ɛyɛ den mu,

na yɛnkɔwuwu wɔ hɔ,

na AWURADE yɛn Nyankopɔn adome yɛn ama owuo,

na wama yɛn nsuo a borɔ wɔ mu anom,

ɛfiri sɛ yɛayɛ AWURADE bɔne.

15 Yɛhwɛɛ asomdwoeɛ kwan, nso biribi pa biara amma,

ne ɔyaresa berɛ nso, na hwɛ, akomatuo nko.

16 Wɔte wɔn apɔnkɔ home foofoo firi Dan.

Wɔn apɔnkɔnini su dede nti

asase no nyinaa woso;

ɛfiri sɛ wɔreba abɛdi asase ne ɛso adeɛ nyinaa,

nkuro ne wɔn a wɔte mu.

17 Na hwɛ, merema awɔ,

nhuritia a ntafowayie biara ntumi wɔn aba mo mu,

na wɔabɛkeka mo,

AWURADE asɛm nie.

Odiyifoɔ no su ma ne nkurɔfoɔ

18 Mennya m’awerɛhoɔ mu awerɛkyekyerɛ,

m’akoma aboto wɔ me mu.

19 Tie, me man babaa sufrɛ nne

firi akyirikyiri asase so:

AWURADE nni Sion,

anaasɛ ne hene no nni mu bio?

Ɛdeɛn nti na wɔde wɔn ahoni

ne amannɔne abosom no ahuru me boɔ?

20 Twaberɛ atwam, aduabateɛberɛ asa,

na yɛn deɛ, wɔnnyee yɛn.

21 Me man babaa kuro nti mayɛ samoo, mayɛ kusuu,

ahodwirie akuta me.

22 Aduhwam biara nni Gilead,

anaasɛ ɔyaresafoɔ biara nni hɔ?

Na adɛn nti na wɔnnya nsaa me man

babaa no yadeɛ?

Yeremia 9

1 O sɛ me tiri yɛɛ nsuo

na m’ani yɛɛ nisuo abura a,

anka mɛsu me man babaa wuo no awia ne anadwo.

2 Sɛ merenya akwantemfoɔ asoɛeɛ

wɔ anwea pradada so ɛ!

Anka mɛgya me man hɔ,

na mafiri wɔn nkyɛn makɔ!

ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ,

nkɔnkɔnsafoɔ asafo.

3 Na wɔkuntunu wɔn tɛkyerɛma de yɛ wɔn tadua

atorɔ na ɛnyɛ nokorɛ na atim wɔ asase no so,

na wɔfiri bɔne mu kɔ bɔne mu,

na me deɛ, wɔnnim me, AWURADE asɛm nie.

4 Monhwɛ mo ho yie mo ayɔnkofoɔ ho,

na obiara mmfa ne ho nnto onua biara so,

na onua biara, nsisie ara na ɔsisie,

na ɔyɔnko biara nam di nsekuro.

5 Na wɔn nyinaa twitwa wɔn mfɛfoɔ nkontompo,

na nokorɛ deɛ, wɔnka.

Wɔma atorosɛm ka kokwa wɔn tɛkyerɛma so,

wɔdi abɔnefosɛm, na wɔnnu wɔn ho.

6 Wo tenabea wɔ nnaadaa ntam; nnaadaa nti

wɔmpɛ sɛ wɔhu me, AWURADE asɛm nie.

7 Enti sɛ asafo AWURADE seɛ nie:

Hwɛ, mɛnane wɔn na masɔ wɔn mahwɛ,

na menyɛ dɛn, me man babaa no ho?

8 Wɔn tɛkyerɛma yɛ agyan a ɛkum nipa,

nnaadaasɛm na ɛka;

wɔde wɔn ano ka asomdwoeɛsɛm kyerɛ ɔyɔnko,

na wɔn mu deɛ, wɔtetɛ no.

9 Meremmɛtwe wɔn aso wɔ yei nti? AWURADE asɛm nie,

anaasɛ me kra rentɔ

ɔman a wɔte sɛɛ no so were?

10 Mmepɔ no nti, metue esu ne abooboo mu,

na ɛserɛ so adidibea no nti, meto esu dwom,

ɛfiri sɛ ahye na obiara mfa hɔ,

na wɔnte mmoakuo nne bio,

ewiem nnomaa ne afieboa nyinaa atutu kɔ.

11 Na mɛyɛ Yerusalem nkunkumaboɔ akuakuo,

ɛserɛ so kraman tenabea,

na madane Yuda nkuro amamfo

a obiara nte hɔ.

12 Hwan ne ɔba nyansafoɔ a ɔbɛte yei aseɛ? Na hwan ne deɛ AWURADE ano akasa akyerɛ no a ɔbɛka? Ɛdeɛn nti na asase no asɛeɛ, ahye sɛ ɛserɛ, na obiara mfa soɔ?

13 Na AWURADE se: Ɛfiri sɛ wɔagya me mmara a mede mesii wɔn anim, na wɔantie me, na wɔannante mu ntira.

14 Na wɔdii wɔn akoma denyɛ akyi ne Baalim akyi, sɛdeɛ wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no.

15 Enti sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Hwɛ, mede ɔnwono bɛma ɔman yi adi, na mede nsuo a ɛborɔ wɔ mu ama wɔanom.

16 Na mɛbɔ wɔn apete amanaman a wɔne wɔn agyanom nhunuu wɔn da mu, na mama afena adi wɔn akyi akɔsi sɛ mɛwie wɔn sɛeɛ.

Yerusalem su pɛ mmoa

17 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie:

Monnwene ho na momfrɛ mmaa a wɔnim su mmra,

na monsoma ma wɔnkɔhyia mmaa anyansafoɔ na wɔmmra,

18 na wɔnyɛ ntɛm ntue yɛn ho su,

na yɛn ani mporepore nisuo,

na yɛn anisuatɛtɛ nsene nsuo.

19 Na wɔte esu nka firi Sion:

Sɛdeɛ yɛasi asɛe afa!

Yɛn ani awu pii,

ɛfiri sɛ yɛagya asase no,

na wɔasunsum yɛn tenabea agu.

20 Na mo mmaa, montie AWURADE asɛm,

na n’anomu asɛm nkɔ mo aso mu,

na monkyerɛ mo mmammaa su

na monkyerɛkyerɛ mo ho kwadwom.

21 Na owuo aforo afa yɛn mpomma mu,

waforo aba yɛn aban fɛfɛ mu,

sɛ ɛbɛtwa mmotafowa afiri mmorɔno so

ne mmeranteɛ afiri mmɔntene so.

22 Ka sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie:

Nnipa afunu bɛgugu hɔ

sɛ mfuo so nwira dodoɔ,

sɛ ayutwafoɔ akyiri afiafi,

na obiara remmoa ano.

23 Sɛ AWURADE seɛ nie: Mma onyansafoɔ nnhyehyɛ ne ho ne nyansa ho, na ɔhoɔdenfoɔ nnhyehyɛ ne ho n’ahoɔden ho, na ɔdefoɔ nso nnhyehyɛ ne ho n’adeɛ ho,

24 na yei ho mmom na ma deɛ ɔhyehyɛ ne ho no nhyehyɛ ne ho, sɛ ɔnim de, na wahu me, sɛ mene AWURADE a ɔyɛ adɔeɛ, na ɔbu atɛntenenee, yɛ adetenenee, asase soɔ, na yei na ɛsɔ m’ani, AWURADE asɛm nie.

25 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE na ɔseɛ, a mɛba mabɛtwe twetiafoɔ a wɔatena ase sɛ momonotofoɔ no nyinaa aso,

26 Misraimfoɔ, Yudafoɔ, Edomfoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ ne wɔn a wɔtete anwea pradada soɔ na wɔatwitwa wɔn nwi de di awufoɔ nni nyinaa; ɛfiri sɛ amanaman yi nyinaa yɛ momonotofoɔ, na Israel fie nyinaa yɛ akoma mu momonotofoɔ.

Yeremia 10

Nokorɛ Nyamesom ne abosonsom

1 O Israel fie, montie asɛm a

AWURADE reka akyerɛ mo:

2 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Monnsua amanaman kwan,

na monnsuro ɔsoro nsɛnkyerɛnneɛ,

na amanaman na ɛsuro wɔn.

3 Na aman no atorɔmudeɛ yɛ atorɔ,

na ɛyɛ dua a wɔatwa no afiri kwaeɛ mu,

odwumfoɔ nsa ano adwuma a ɔde dadeɛ yɛeɛ.

4 Nnipa de dwetɛ ne sika hyehyɛ no,

wɔde nnadewa ne asaeɛ bobɔ mu,

na ampɔne antɔ.

5 Wɔn ahoni te sɛ ɛferɛ afuo mu kaakaammotobi,

na wɔnkasa,

soa na wɔsoa wɔn,

ɛfiri sɛ wɔntumi nnante;

monnsuro wɔn,

na wɔntumi nyɛ bɔne biara,

na papayɛ nso nni wɔn hɔ.

6 Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo,

O AWURADE; wo na woyɛ kɛseɛ,

na wo din nso so, mmaninyɛ mu.

7 Hwan na ɔrensuro woɔ,

O amanaman Hene?

Wo na ɛfata woɔ;

amanaman anyansafoɔ nyinaa mu

ne wɔn ahennie nyinaa mu,

obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ.

8 Na wɔn nyinaa yɛ agyimifoɔ ne nkwaseafoɔ;

ahoni nkyerɛkyerɛ! Ɛyɛ dua!

9 Wɔde dwetɛ a wɔaborɔ firi Tarsis ba,

ne sika nso firi Ufas,

ɛyɛ odwumfoɔ ne sikadwumfoɔ nsa ano adwuma;

bibitoma ne ntoma a ɛberedum na ɛfira wɔn,

yei nyinaa yɛ adwumfoɔ nsa ano adwuma.

10 Na AWURADE ne nokorɛ Nyankopɔn no,

ɔne Onyankopɔn teasefoɔ ne daa Hene;

n’abufuo nti asase woso,

na amanaman ntumi n’abufuhyeɛ.

11 Sɛdeɛ monka nkyerɛ wɔn nie: Abosom a ɛnyɛ wɔn na wɔbɔɔ soro ne asase no bɛyera afiri asase so ne soro ase.

12 Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase,

de ne nyansa maa wiase timm hɔ,

na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsoro mu.

13 Ɔma ne nne so a, nsuo pii ba ɔsoro,

na ɔma suwisie tu firi asase ano nohoa.

Ɔyɛ anyinam ka osuo ho,

ɔtu mframa firi n’adekorabea.

14 Nnipa nyinaa yɛ agyimifoɔ a wɔnni nimdeɛ,

sikadwumfoɔ nyinaa ani wuwu wɔn ahoni ho,

ɛfiri sɛ wɔn agudeɛ no yɛ atorɔ,

na ahome nni wɔn mu.

15 Wɔyɛ adehunu nko, nnaadaa adwuma;

wɔn asotweberɛ no mu, wɔbɛyera.

16 Yakob kyɛfa nte sɛ yeinom,

na nnoɔma nyinaa yɛfoɔ ne no,

na Israel ne n’apɛgyadeɛ a ne poma di soɔ;

asafo AWURADE ne ne din.

Atemmusɛm abooboodisɛm

17 Boaboa w’ahodeɛ ano firi asase so,

O wo a wote kuro a wɔatua ho no mu.

18 Na sɛdeɛ AWURADE seɛ nie:

Hwɛ, mereto asase no sofoɔ ntoboɔ,

berɛ yi mu,

na mahiahia wɔn ho,

na wɔahunu.

19 Me pira nti mennue!

Me kuro yɛ me ya;

nanso mese: Me yea ara ne no,

na mɛsɔ mu.

20 Me ntomadan asɛe,

na me ntampehoma nyinaa mu atete;

me mma afiri me ho kɔ,

na wɔnni hɔ;

obiara nni hɔ a ɔbɛyere me ntomadan mu bio,

na wasi me ntwamutam.

21 Na ahwɛfoɔ no adane agyimifoɔ,

na wɔmmisa AWURADE akyiri kwan;

ɛno nti wɔanni yie,

na wɔn mmoakuo no nyinaa abɔ apete.

22 Montie ɛnne bi, hwɛ, ɛreba,

na gyegyeegye kɛseɛ firi atifi fam asase so reba,

sɛ wɔrebɛyɛ Yuda nkuro no amamfo,

ɛserɛ so nkraman tenabea.

23 Ao AWURADE, mahunu sɛ onipa kwan nni ne nsam,

ɛnni onipa nsam, sɛdeɛ ɔnam a ɔbɛtutu n’anammɔn.

24 AWURADE, tea me, nso yɛ no sɛdeɛ ɛfata nko;

ɛnyɛ w’abufuo so, na woannwerɛ me.

25 Ma w’abufuhyeɛ ngu amanaman a wɔnnim woɔ,

ne nkurɔfoɔ a wɔmmɔ wo din no so,

ɛfiri sɛ wɔatete Yakob mu,

wɔatete ne mu amene no,

na wɔayɛ ne tenabea no amamfo.

Yeremia 11

Nyankopɔn apam

1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn nie:

2 Tie apam yi mu nsɛm, na ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ.

3 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Wɔadome deɛ ɔnte apam yi mu nsɛm

4 a mehyɛɛ mo agyanom, da a meyii wɔn firii Misraim asase so, firii dadeɛ fononoo no mu sɛ: Montie me, na monyɛ nnoɔma a mahyɛ mo no nyinaa, na moayɛ me ɔman, na me nso mayɛ mo Onyankopɔn,

5 na mama ntam a mekaa mo agyanom no agyina, sɛ mede asase a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ bɛma wɔn, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. Na megyee so sɛ: Amen, AWURADE!

6 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Pae mu ka nsɛm yi nyinaa mu ka wɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmorɔno so sɛ: Montie apam yi mu nsɛm, na monni so.

7 Ɛfiri sɛ, mehyɛɛ mo agyanom da a meyii wɔn firii Misraim asase so baeɛ, na ɛde bɛsi nnɛ, metua nhema mehyɛ wɔn daa sɛ: Montie me!

8 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔn nyinaa dii wɔn akoma bɔne denyɛ so; enti mede apam yi a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnni soɔ na wɔanni soɔ no nsɛm nyinaa aba wɔn so.

9 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Atuateɛ aba Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ mu,

10 wɔasane kɔ wɔn tete agyanom a wɔampɛ sɛ wɔtie me nsɛm no amumuyɛ mu, na wɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn. Israel fie ne Yuda fie ato m’apam a me ne wɔn agyanom pameeɛ no.

11 Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne a wɔrentumi mfiri mu reba wɔn so, na sɛ wɔsu frɛ me a, merentie wɔn.

12 Ɛnna Yuda nkuro ne Yerusalemfoɔ bɛkɔ akɔsu afrɛ anyame a wɔrehye nnuhwam ama wɔn no, nanso wɔrennye wɔn, wɔn amanehunu berɛ no mu.

13 Na sɛdeɛ wo nkuro dodoɔ teɛ no, sɛdeɛ w’anyame nso dodoɔ teɛ ne no, O Yuda; na sɛ Yerusalem mmorɔno dodoɔ teɛ no, saa ara na moasisi afɔrebukyia ama aniwudeɛ, afɔremmukyia a mohye so nnuhwam ma Baal.

14 Enti wo deɛ, mpa kyɛw mma ɔman yi, na mma wɔn ho su ne mpaebɔ so, ɛfiri sɛ wɔn amanehunu berɛ no mu, wɔsu frɛ me a, merentie.

15 Me dɔfo adi asɛmmɔne yi, ɛdeɛn na ɔwɔ yɛ wɔ me fie? Bɔhyɛ ne afɔrebɔ nam bɛyi wo mmusuo no? Sɛ w’amaneɛ no ba a, wobɛdi ahurisie?

16 Anka AWURADE frɛ wo ngodua frɔmfrɔm fɛfɛ a ɛso aba pa; nanso afei ɔde ahum kɛseɛ huuyɛ asɔ ne ho gya, na abubu ne mman.

17 Na asafo AWURADE a ɔtɛɛ woɔ no akyerɛ mmusuo a ɛreba wo soɔ, bɔne a Israel fie ne Yuda fie ayeyɛ, sɛ wɔhyee aduhwam maa Baal de huruu me boɔ no nti.

Wɔbɔ Yeremia ho pɔ bɔne

18 Na AWURADE yi kyerɛɛ me, na mehunui nso;

ɛno mu na wokyerɛɛ me wɔn nneyɛɛ bɔne.

19 Nanso me deɛ, na mete sɛ odwammaa a ɔdwoɔ

a wɔde no rekɔ akumiiɛ;

na mennim sɛ

wɔapam me tiri so sɛ:

Momma yɛnsɛe dua no ne n’aba,

na yɛntwa mfiri ateasefoɔ asase so,

na wɔankae ne din bio.

20 Nanso wo Asafo AWURADE a woyɛ ɔtemmufoɔ teneneeni

a wosɔ akoma ne adwene hwɛ,

ma menhunu m’aweretɔ wɔ wɔn so,

na wo na mede m’asɛm ahyɛ wo nsa.

21 Enti sɛ AWURADE ka no Anatot mmarima a wɔrehwehwɛ wo akum woɔ, na wɔka sɛ: Nhyɛ AWURADE din mu nkɔm na woanwu yɛn nsa ano, no ho nie,

22 ɛno nti sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, merebɛtwe wɔn aso: Mmeranteɛ bɛtotɔ afena ano, na ɛkɔm akunkum wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa,

23 na nkaeɛ biara renka mma wɔn, na mede bɔne bɛba Anatot mmarima so, wɔn asotwe afe no mu.

Yeremia 12

Yeremia asɛmmisa ne n’abooboodie

1 O AWURADE, sɛ me ne wo bɔ nkuro a,

wodi bem ara;

nanso me ne wo bɛkasa ara:

Adɛn nti na abɔnefoɔ kwan si wɔn yie

na nkɔnkɔnsafoɔ nyinaa nso ho dwo wɔn?

2 Wotɛ wɔn, na wɔgye nhini;

wɔnyinyini na wɔsoso aba nso;

wobɛn wɔn ano,

na wo ne wɔn akoma ntam twe.

3 Nanso wo, AWURADE, wonim me;

wohu me; na wosɔ m’akoma hwɛ, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ wo fam.

Tutu wɔn sɛ nnwan a wɔrekɔku wɔn,

na hyira wɔn so sie okum da.

4 Ɛnkɔsi da bɛn na asase no nni abooboo,

na afuom ahahan ntwintwam?

Ɛsofoɔ bɔne no nti

mmoa ne nnomaa awie sa,

ɛfiri sɛ wɔka sɛ: Ɔrenhunu yɛn awieeɛ.

5 Sɛ wo ne anammɔnfoɔ mpo tu mmirika na wɔma wobrɛ a,

ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na wo ne apɔnkɔ bɛsi ammirikakane?

Na sɛ asase a ɛso da hɔ no so mpo, wohwe ase a,

ɛnneɛ wobɛyɛ dɛn Yordan kwaeɛ no mu?

6 Na wo nuanom nso ne w’agya fie,

wɔn mpo twa wo nkontompo,

wɔn nso wɔteam denden di w’akyi;

sɛ wɔka nnɔkɔnnɔkɔsɛm kyerɛ wo a,

nnye wɔn nni.

7 Magya me fie,

mato m’agyapadeɛ agu;

mede me kra dɔfoɔ

mahyɛ n’atamfo nsa.

8 M’agyapadeɛ adane me

sɛ kwaeɛ mu gyata;

wama ne nne so atia me,

enti na makyiri no.

9 M’agyapadeɛ adane me ɔkɔdeɛ a ɔda nso?

Akɔdeɛ atwa ho ahyia?

Monkɔ nkɔboaboa wiram mmoadoma nyinaa ano

mmra, na wɔmmɛdidi.

10 Mmoahwɛfoɔ pii asɛe me bobeturo

atiatia me kyɛfa so,

wɔadane me kyɛfa fɛfɛ no

ayɛ no ɛserɛ pataa;

11 wɔasɛe no pasaa,

ayɛ dwerɛbee di me ho abooboo;

wɔasɛe asase no nyinaa,

nso obiara nni hɔ a ɔde sie n’akoma mu.

12 Asɛefoɔ aba

anwea pradada so mpampa nyinaa so,

na AWURADE afena retwitwa

afiri asase ano akɔsi asase ano;

asomdwoeɛ nni hɔ mma ɔhonam biara.

13 Wɔguu ayuo, na wɔtwaa nnwerɛ;

wɔbrɛe, na wɔannya mu hwee.

Na wɔn ani bɛwuwu mo nnɔbaeɛ ho,

AWURADE abufuhyeɛ no nti.

AWURADE bɛdom wɔn a wɔnu wɔn ho

14 Sei na AWURADE ka no wɔn a wɔtete me ho no nyinaa ho: Nnipa bɔne a wɔde wɔn nsa aka agyapadeɛ a mede memaa me man Israel sɛ wɔnnie no, hwɛ, meretutu wɔn afiri wɔn asase so, na mɛtu Yuda fie afiri wɔn mu.

15 Na ɛbɛba sɛ matu wɔn no akyiri no, mɛsane mahu wɔn mmɔbɔ, na mede wɔn nyinaa asane aba wɔn agyapadeɛ mu ne wɔn asase so mmaako mmaako.

16 Na sɛ wɔbɛsua me man akwan yie, aka me din ho ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi — sɛdeɛ wɔkyerɛɛ me man sɛ wɔnka Baal ntam no — a, ɛnneɛ wɔbɛyɛne wɔn wɔ me man mu.

17 Na sɛ wɔantie a, ɛnneɛ mɛtu saa ɔman no agu, mɛtutu na masɛe wɔn, AWURADE asɛm nie.

Yeremia 13

Ɔman no seanteɛ

1 Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Kɔ na kɔtɔ nwera abɔsoɔ na fa bɔ w’asene, na mfa mmɔ nsuo mu.

2 Ɛnna medii AWURADE asɛm no soɔ, kɔtɔɔ abɔsoɔ no, na mede mebɔɔ m’asene.

3 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn, ne mprenu soɔ sɛ:

4 Fa abɔsoɔ a wotɔeɛ a ɛbɔ w’asene no, na sɔre kɔ Eufrate, na fa kɔhyɛ ɔbotan tokuro mu.

5 Na mesii mu mede mekɔhintaa Eufrate, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ me no.

6 Na nna pii akyiri no, AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔ Eufrate, na kɔfa abɔsoɔ a mehyɛɛ wo sɛ fa kɔsie hɔ no bra.

7 Na mesii mu mekɔɔ Eufrate, na mekɔbɔre mefaa abɔsoɔ no firii deɛ mede mekɔsieɛ no; na hwɛ, na abɔsoɔ no asu, ɛnyɛ mma hwee.

8 Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

9 Sɛ AWURADE seɛ nie: Saa ara na mɛsɛe Yuda ahantan ne Yerusalem ahantan bebrebe no.

10 Ɔmammɔne yi a wɔmpɛ sɛ wɔtie me nsɛm, na wɔnam wɔn akoma denyɛ mu, na wɔdi anyame foforɔ akyiri som wɔn sɔre wɔn no, wɔbɛyɛ sɛ saa abɔsoɔ a ɛnyɛ mma hwee yi.

11 Na sɛdeɛ abɔsoɔ fam onipa asene no, saa ara na mama Israel fie nyinaa ne Yuda fie nyinaa afam me ho, AWURADE asɛm nie, sɛ wɔnyɛ me ɔman, ne din ne ayeyie, ne animuonyam, nanso wɔantie.

12 Enti ka asɛm yi kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Nsa bɛyɛ mpɔre nyinaa ma ma. Na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ: Nim na yɛnnim sɛ nsa bɛyɛ mpɔre nyinaa amaama?

13 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mɛma asase yi sofoɔ nyinaa, ne ahemfo a wɔtete Dawid adwa soɔ, ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ, ne Yerusalemfoɔ nyinaa aboboro titaa.

14 Na mede wɔn bɛbobɔ wɔn ho wɔn ho, agyanom ne mma nyinaa, AWURADE asɛm nie. Merenhu wɔn mmɔbɔ, na merennya tema mma wɔn, na me yam renhyehye me, sɛ merensɛe wɔn.

Kɔkɔbɔ, abooboodie ne duema

15 Montie, na monyɛ aso; monnyɛ ahantan,

na AWURADE na akasa.

16 Monhyɛ AWURADE mo Nyankopɔn animuonyam

ansa na wama sum aduru,

ansa na mo nan asunti

mmepɔ kusuu no,

na morehwɛ hann kwan a,

wadane no sunsum,

na wama sum kabii aduru.

17 Na sɛ moantie a,

me kra bɛsu kokoam, mo ahantan nti,

na m’ani afiri nisuo ara,

na nisuo aporepore me,

sɛ wɔafa AWURADE nnwankuo no nnommum mu.

18 Se ɔhene ne ɔhemmaa no sɛ:

Mommrɛ mo ho ase ntena ase,

na mo animuonyam abotire

afiri mo atifi atɔ.

19 Wɔatoto Negeb nkuro no mu,

na obiara nni hɔ a ɔbɛhini;

wɔatu Yuda nyinaa kɔ nnommum mu,

wɔatu wɔn kɔ, korakora.

20 Ma w’ani so na hwɛ

wɔn a wɔfiri atifi fam reba yi,

ɛhe na wo mmoakuo a wɔde maa woɔ,

w’animuonyam nnwankuo no wɔ?

21 Sɛ ɔde wɔn a wo ara woayɛne wɔn

sɛ wo nnamfonom si wo so atitire a,

ɛdeɛn na wobɛka?

Awoɔ renka wo

sɛ ɔbaa wofoɔ anaa?

22 Na sɛ wose no w’akoma mu sɛ:

Ɛdeɛn nti na yeinom ato me yi a,

w’amumuyɛ bebree nti

na wɔayi w’atadeɛ nhyɛaseɛ adie,

wɔahyɛ wo nantin yea.

23 Etiopiani bɛtumi asakyera ne wedeɛ,

anaasɛ ɔsebɔ bɛsakyera ne ho nworonnworan?

Ɛnneɛ mo nso mobɛtumi ayɛ papa,

mo a bɔneyɛ akokwa mo.

24 Enti mɛbɔ wɔn apete sɛ ntɛtɛ

a anwea pradada so mframa de no korɔ.

25 Yei ne w’adeɛ a wobɛnya,

wo kyɛfa a masusu mama woɔ, AWURADE asɛm nie,

ɛfiri sɛ wo werɛ afiri me,

na wode wo ho ato atorɔ so.

26 Na me nso mɛyi w’atadeɛ nhyɛaseɛ mabua w’anim,

na wɔahunu w’ahohora no.

27 W’akyiwadeɛ a ɛne w’awaresɛeɛ, ne wo hwenemporeɛ,

w’adwamammɔ atantanneɛ,

wiram nkokoɔ so, na mahunu.

Due, O Yerusalem!

Ɛnkɔsi da bɛn na wo ho bɛte bio?

Yeremia 14

Ɛweɛ berɛ ne emu hia

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn ɛfa osuo a ɛrentɔ ho no nie:

2 Yuda di abooboo

na n’aponkɛseɛ agogo,

wɔboa fam si wɔn tiri ase twann,

na Yerusalem nteamu foro kɔ soro.

3 Na wɔn mu akɛseɛ soma nkumaa no nsuosa;

wɔba nsubɔnhwa ano,

wɔnnya nsuo;

wɔde wɔn nhina hunu sane ba,

wɔn ani awuwu, wɔn anim agu ase,

wɔkatakata wɔn ti.

4 Osuo a ɛntɔ asase no soɔ

na fam awo pɛsɛɛ nti,

akuafoɔ ani awuwu,

wɔakatakata wɔn ti.

5 Na mfofo so forotebereɛ nso, ɔwo a, ɔgya ne mma,

ɛfiri sɛ wira biara nni hɔ.

6 Na ɛserɛ so mfunumu gyinagyina mpampa so,

wɔhome mframa sɛ ɛserɛ so kraman,

wɔn ani ayɛ samoo,

ɛfiri sɛ nhahan biara nni hɔ.

7 Sɛ yɛn amumuyɛ kasa tia yɛn mpo a,

AWURADE, wo din nti yɛ ɛho biribi,

na yɛn nsaneakyire adɔɔso,

wo na yɛayɛ wo bɔne.

8 O Israel anidasoɔ,

wo a wogye wɔn ohia berɛ mu,

ɛdeɛn nti na woyɛ sɛ asase yi so hɔhoɔ,

sɛ ɔkwantenni a ɔsoɛ anadwo?

9 Ɛdeɛn nti na woyɛ sɛ ɔbarima a wɔatu n’akoma,

sɛ dɔmmarima a ɔntumi nnye nkwa?

Nso wo ara na wowɔ yɛn mfimfini, AWURADE,

na wɔde wo din ato yɛn;

nnya yɛn hɔ.

10 Sɛ AWURADE ka wɔ ɔman yi ho nie:

Saa ara na wɔpɛ sɛ wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ,

wɔansi wɔn nan kwan;

enti AWURADE nso ani nsɔ wɔn;

afei na wakae wɔn amumuyɛ

rebɛtua wɔn bɔne so ka.

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mpa kyɛw nsrɛ papa mma ɔman yi.

12 Sɛ wɔdi mmuada mpo a, merentie wɔn nkotosrɛ; na sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ a, m’ani rensɔ wɔn, na afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ na mede bɛdwerɛ wɔn koraa.

13 Na mese: Ao, Awurade NYANKOPƆN, hwɛ, adiyifoɔ no ka kyerɛ wɔn sɛ: Morenhunu afena, na ɛkɔm remma mo so, na nokorɛ asomdwoeɛ na mede bɛma mo ɛha yi.

14 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Atorɔ na adiyifoɔ no de hyɛ me din mu nkɔm; mensomaa wɔn, na menhyɛɛ wɔn, na menkasa menkyerɛɛ wɔn; atorɔ anisoadehunu ne nkɔmhyɛ ne asɛnhunu ne wɔn akoma mu nnaadaa na wɔka kyerɛ mo yi.

15 Ɛno nti sɛ, AWURADE ka adiyifoɔ a wɔde me din hyɛ nkɔm nanso ɛnyɛ me na mesomaa wɔn, na wɔn deɛ, wɔka sɛ: Afena ne ɛkɔm remma asase yi so, no ho nie: Afena ne ɛkɔm ara na ɛbɛdwerɛ adiyifoɔ no.

16 Na ɔman a adiyifoɔ no hyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, ɛkɔm ne afena no nti wɔbɛgugu Yerusalem mmorɔno so, na obiara biara nni hɔ a ɔbɛsie wɔn, wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa nyinaa; na mɛma wɔn bɔne abua wɔn atifi.

17 Enti ka nsɛm yi kyerɛ wɔn sɛ:

M’ani porepore nisuo anadwo ne awia,

na ɛnnyae,

ɛfiri sɛ wɔde bobɔ kɛseɛ abobɔ me man babaa ababaa,

wɔapira no ma no ayɛ ya sɛ.

18 Sɛ mefiri mekɔ wiram a,

hwɛ, afena ano atɔfoɔ nie;

na sɛ meba kuro mu a,

hwɛ, ɛkɔm ano atɔfo nie;

na odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa kyinkyini asase no so,

nso wɔnnim deɛ wɔrekorɔ.

Odiyifoɔ no dima

19 Toɔ na woato Yuda atwene,

anaasɛ Sion ho ayɛ wo kra nwunu?

Ɛdeɛn nti na woabubu yɛn

na yɛnni ɔyaresafoɔ yi?

Yɛhwɛ asomdwoeɛ kwan, nso papa biara amma;

yɛhwɛ ɔyaresa berɛ kwan nso, na hwɛ, akomatuo na ɛwɔ hɔ.

20 O AWURADE, yɛahunu yɛn abususɛm,

yɛn agyanom amumuyɛ,

sɛ yɛayɛ wo bɔne.

21 Wo din nti, mpa yɛn;

ngu w’animuonyam adwa no anim ase;

kae, mmubu w’apam a ɛda yɛne wo ntam no.

22 Amanaman ahoni no mu bi wɔ hɔ a wɔma osuo torɔ?

Anaasɛ ɔsoro bɛtumi ama asuso atue?

Ɛnyɛ wo, AWURADE yɛn Nyankopɔn?

Wo na yɛhwɛ wo kwan,

ɛfiri sɛ wo ara na woayɛ yeinom nyinaa.

Yeremia 15

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ Mose ne Samuel mpo bɛgyina m’anim a, me kra renkom nkɔ ɔman yi so; yi wɔn firi m’ani so na ma wɔnkɔ!

2 Na sɛ wɔbisa wo sɛ; Ɛhe fa na yɛmfiri nkorɔ, a? Ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie:

Deɛ ɔsɛ wuo no, nkɔ wuo mu,

na deɛ ɔsɛ afena ano no, nkɔ afena ano

na deɛ ɔsɛ ɛkɔm no, nkɔ ɛkɔm mu,

na deɛ ɔsɛ nnommumfa no nkɔ nnommumfa mu.

3 Na nnoɔma ahodoɔ nnan na mɛma aba wɔn soɔ, AWURADE asɛm nie, afena a wɔde bɛkum wɔn, ne akraman a wɔbɛtete wɔn, ne ewiem nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtete wɔn nam asɛe wɔn.

4 Na mɛma wɔadwane wɔn ho, asase so ahennie nyinaa mu, Yudahene Manase a ɔyɛ Hesekia ba, ne deɛ ɔyɛɛ wɔ Yerusalem no nti.

Ɔsa mu amanehunu

5 Na hwan na ɔbɛhu wo mmɔbɔ, Yerusalem?

Na hwan na ɔbɛma wo due?

Na hwan na ɔbɛmane

akɔbisa deɛ w’asomdwoeɛ no wɔ?

6 Woapa me, AWURADE asɛm nie,

na wo nsaneakyire no kɔ so ara;

enti na metenee me nsa wo soɔ, na mesɛee woɔ.

Mabrɛ ne mmɔborɔhunu.

7 Na mede nhusoɔ apaawa mahu wɔn so,

asase no mmoboano,

makunkum wɔn mma, masɛe me man

a wɔansane amfiri wɔn akwan soɔ no.

8 Mama wɔn akunafoɔ adɔɔso asene mpoano anwea,

mede ɔsɛefoɔ maba

mmeranteɛ no so awia ketee,

mama binimbɔ ne nketenkete

agu wɔn so mpofirim;

9 ɔbaa a wawo nson ahodwo,

watɔ piti;

adeɛ nnya nsaeɛ no, na n’awia atɔ,

n’ani awu na n’anim agu ase;

na mɛyi wɔn nkaeɛ mama afena,

wɔn atamfoɔ anim,

AWURADE asɛm nie.

Odiyifoɔ no abooboo

10 Mennue, me na, sɛ wowoo me, onipa a asase no nyinaa ne me ham, yiyi atɛn. Memfɛm nnyee mfɛntomu na obiara mfɛm me bi, nanso wɔn nyinaa dome me.

11 AWURADE se: Ampa ara, mɛgye wo ama no ayɛ yie, ampa ara, mɛma ɔtamfoɔ abɛpa wo kyɛw, berɛ bɔne ne ahohiahia berɛ mu.

12 Dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ bɛtumi abu dadeɛ a ɛfiri atifi fam anaa?

13 Mɛma wɔafom mo ahodeɛ ne mo akoradeɛ, na wɔrentua ka, mo bɔne a moayɛ no mo asase no nyinaa soɔ no nyinaa nti;

14 na mɛma mo ne mo atamfoɔ no asene akɔ asase bi a monnim soɔ so, ɛfiri sɛ ogya bi asɔ m’abufuo mu a ɛbɛdɛre mo soɔ.

15 Wo, AWURADE, wonim.

Kae me na bɛhwɛ me,

na tɔ were ma me, m’atifoɔ so;

wo bo a ɛkyɛre fuo no nti mfa me nkɔ;

hunu sɛ wo nti na mesoa ahohora.

16 Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ me aduane,

na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛ

ne akomatɔyam,

na wɔde wo din ato me,

O AWURADE, asafo Nyankopɔn.

17 Mantena aserefoɔ dwabɔ mu

manni ahurisie;

wo nsa nti, me nko na metenaeɛ,

ɛfiri sɛ wode abufuo ahyɛ me ma.

18 Adɛn nti na me yea wɔ hɔ daa yi,

na me kuro ayɛ nkudaa

a wɔsa a, ɛnsa yi?

Wobɛyɛ sɛ asuo a ɛdi hwammɔ

a ɛnnyina ama me anaa?

19 Enti sɛ AWURADE seɛ nie:

Sɛ wosane a, mede wo bɛsane aba;

na woabɛgyina m’anim;

na sɛ woka nyansasɛm daa a,

wobɛyɛ sɛ m’ano;

wɔn deɛ, wɔbɛdane aba wo nkyɛn,

na wo deɛ, worensane nkɔ wɔn nkyɛn.

20 Na mede wo bɛsi hɔ mama ɔman yi

sɛ kɔbere mfrafraeɛ fasuo denden,

na wɔne wo ko a,

wɔrentumi wo,

ɛfiri sɛ me na medi w’akyire

na magye wo na mayi wo,

AWURADE asɛm nie.

21 Na mɛyi wo afiri abɔnefoɔ nsam,

na magye wo afiri atirimuɔdenfoɔ nsam.