Hesekiel 37

Israel nkwa foforɔ

1 AWURADE nsa baa me so, na ɔde me firii adi wɔ AWURADE honhom mu, na ɔde me kɔsii bonhwakɛseɛ a nnompe ara nko ayɛ mu ma mu.

2 Na ɔma me faa so kyini hyiae, na hwɛ, na ɛdɔɔso pa ara wɔ bonhwa no ani, na hwɛ, ɛho akokwa sɛ.

3 Na ɔbisaa me sɛ: Onipa ba, nnompe yi bɛnya nkwa anaa? Na mese: Awurade NYANKOPƆN, wo na wonim.

4 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛ nnompe yi ho nkɔm, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo nnompe a mo ho akokwa, montie AWURADE.

5 Sɛ Awurade NYANKOPƆN ka kyerɛ nnompe yi nie: Hwɛ, mɛma ahome aba mo mu, na moanya nkwa.

6 Na mede ntini bɛsosɔ mo mu, na mede nam agu mo so, na mede wedeɛ akata mo ho, na mede ahome ahyɛ mo mu, na moanya nkwa, na moahunu sɛ mene AWURADE.

7 Ɛnna mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no; na mehyɛɛ nkɔm no, ɛnne bi bae, na hwɛ, awosoɔ bi nie, na nnompe no hyiahyiae, dompe bɛkaa ne dompe ho.

8 Na mehwɛe, na hwɛ, ntini baa so, na ɛnam baa ho, na wedeɛ bɛkataa so, nanso na ahome biara nni mu.

9 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛ nkɔm kyerɛ mframa no, hyɛ nkɔm, onipa ba, na ka kyerɛ aframa no sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ahome e, firi mframa nnan no mu bra, na bɛhome gu nnipa a wɔakunkum wɔn yi so, na wɔnnya nkwa.

10 Ɛnna mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no; na ahome no baa wɔn mu, na wɔnyinyaa nkwa, na wɔsɔre gyinagyinaa wɔn nan so, dɔm kɛseɛ pa ara.

11 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, nnompe yi yɛ Israel fie no nyinaa. Hwɛ, wɔka sɛ: Yɛn nnompe ho akokwa, na yɛn anidasoɔ ayera; wɔatwa yɛn korakora!

12 Enti hyɛ nkɔm, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Hwɛ, merebuebue mo adamena ano na mayi mo, me man, afiri mo adamena mu, na mede mo akɔ Israel asase so,

13 na moahunu sɛ mene AWURADE, sɛ mebuebue mo adamena ano, me man, na mema mo firi adamena no mu ba a.

14 Na mede me honhom bɛhyɛ mo mu, na moanya nkwa, na mede mo adua mo asase so, na moahunu sɛ me, AWURADE, na maka na mayɛ, AWURADE asɛm nie.

Israel baakoyɛ foforɔ

15 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

16 Na wo, onipa ba, fa dua baako na twerɛ so sɛ: Yuda ne Israelfoɔ a wɔka ne ho no deɛ; na fa dua baako nso, na twerɛ so sɛ: Yosef a ɔne Efraim, ne Israel fie a wɔka ne ho no nyinaa dua.

17 Na ka ne mmienu bɔ mu yɛ no dua koro, na ɛnyɛ baako wɔ wo nsam.

18 Na sɛ wo man mma bisa wo sɛ: Worenkyerɛ yɛn deɛ wode yeinom yɛ anaa?

19 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Hwɛ, merefa Yosef dua (a ɛwɔ Efraim nsam) no ne Israel mmusuakuo a wɔka ne ho no, mede wɔn aka Yuda dua no ho, na mayɛ wɔn dua koro, na wɔayɛ baako, me nsam.

20 Na nnua a woatwerɛtwerɛ soɔ no ntena wo nsam, wɔn anim.

21 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Hwɛ, merekɔfa Israel mma afiri amanaman a wɔakɔ hɔ no mu, na maboa wɔn ano afiri mmaa nyinaa ahyia, na mede wɔn akɔ wɔn asase so,

22 na mayɛ wɔn ɔman koro, asase no so, Israel mmepɔ no so, na ɔhene baako adi wɔn nyinaa so hene, na wɔrenyɛ aman mmienu bio, na wɔrempae wɔn mu bio nyɛ ahennie mmienu bio,

23 na wɔremfa wɔn abosonhuhuo ne wɔn atantanneɛ ne wɔn mmaratodeɛ nyinaa ngu wɔn ho fi bio, na mɛgye wɔn nkwa, wɔn tenabea nyinaa a wɔayɛ hɔ bɔne no, na mate wɔn ho, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn.

24 Na m’akoa Dawid bɛdi wɔn so hene, na odwanhwɛfoɔ koro adi wɔn nyinaa so, na wɔanante m’atemmudeɛ mu, na wɔahwɛ m’ahyɛdeɛ ayɛ,

25 na wɔatena asase a mede memaa m’akoa Yakob a mo agyanom tenaa soɔ no so, wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma akɔsi daa, na m’akoa Dawid bɛyɛ wɔn ɔberempɔn akɔsi daa.

26 Na me ne wɔn bɛpam asomdwoeɛ apam, ɛbɛyɛ wɔn daa apam, na wɔatim na mama wɔakyene, na mede me kronkronbea bɛsi wɔn mu akɔsi daa.

27 Na me tenabea bɛsi wɔn mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso wɔayɛ me ɔman,

28 na amanaman no ahunu sɛ mene AWURADE a mete Israel ho, berɛ a me kronkronbea si wɔn mu kɔsi daa no.

Hesekiel 38

Gog ba Israel asase so

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, fa w’ani si Gog so, Magog asase so, Mesek ne Tubal berempɔn no, na hyɛ nkɔm tia no,

3 na ka sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal berempɔn!

4 Na mɛgyegye wo, na mede nnarewa mawurawura w’afono mu, na mayi wo ne wo dɔm nyinaa, apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ a wɔn nyinaa hyehyɛ ntadeɛ akɛseɛ ne nkumaa na wɔn nyinaa kurakura nkrantɛ no aba;

5 Persia, Etiopia ne Put ka wɔn ho, wɔn nyinaa wowɔ ɛkyɛm ne dadeɛ kyɛ;

6 Gomer ne n’asafotoɔ nyinaa, Togarma fie a ɛwɔ atifi fam tɔnn ne n’asafotoɔ nyinaa; aman bebree ka wo ho.

7 Mia na siesie wo ho, wo ne w’asafo ahodoɔ a wɔaboaboa wɔn ano aba wo nkyɛn nyinaa, na yɛ wɔn ɔhwɛfoɔ.

8 Nna pii akyiri no, wɔbɛba abɛhwɛ wo; mfeɛ a ɛdi akyire no mu no, wobɛba asase a wɔadane ɛsofoɔ afiri nkrantɛ ano de wɔn abɛsi hɔ na wɔaboa wɔn ano afiri aman bebree mu no so, Israel mmepɔ a ɛdedaa mpan daa no so; na afei wɔayi ɔman no afiri aman no mu, na wɔn nyinaa te hɔ dwoodwoo.

9 Na wobɛba sɛ ahum, wobɛba sɛ mununkum abɛkata asase no so, wo ne w’asafotoɔ no nyinaa ne aman pii a ɛkeka wo ho.

10 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Na ɛda no, nsɛm bi bɛsɔre w’akomam na woadwene adwemmɔne,

11 na woaka sɛ: Mɛforo makɔ asase a ano da hɔ no, akɔtua wɔn a wɔwɔ hɔ komm a wɔte hɔ dwoodwoo no, wɔn nyinaa tete hɔ a wɔnni ɔfasuo, na wɔnni aponkɛseɛ ne akyire adaban,

12 sɛ worekɔfa asadeɛ na woafom adeɛ afa, na woadane wo nsa nifa atia amamfo a afei wɔtete mu ne ɔman a wɔaboaboa ano afiri amanaman mu na wɔdanedane wɔn ho nya mmoa ne nnoɔma na wɔte asase mfimfini no.

13 Seba ne Dedan ne Tarsis adwadifoɔ ne wɔn a wɔwɔ nkuraase no nyinaa bɛka akyerɛ wo sɛ: Asadeɛ na worebɛfa yi? Fomfa nti na woahyia w’asafo, sɛ worebɛsoa dwetɛ ne sika na woafa mmoa ne nnoɔma na woafom asadeɛ bebree yi?

14 Enti, onipa ba, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ Gog sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ɛnyɛ da a me man Israel bɛtena ase dwoodwoo no na wɔbɛhunu,

15 na wobɛfiri wo tenabea atifi fam ano nohoa tɔnn aba, wo ne aman bebree a wɔka wo ho a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ soɔ, asafo kɛseɛ ne dɔm a ɛso,

16 na wobɛtu aba me man Israel so sɛ mununkum abɛkata asase no so. Nna a ɛdi akyire no, mede wo bɛba m’asase so, na amanaman ahu me, berɛ a meyi me kronkronyɛ adi wɔ wo ho, wɔn anim, O Gog!

17 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Wone deɛ mekaa ne ho asɛm tete nna no mu a menam me nkoa, Israel adiyifoɔ a wɔkaa adiyisɛm nna no mu, mfeɛ pii no so mekaa sɛ mede wo bɛba wɔn soɔ no?

18 Na ɛda no, ɛda a Gog bɛba Israel soɔ no, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, m’abufuhyeɛ bɛdɛre,

19 na me ninkuntwe mu, m’anibereɛ gya no mu, maka sɛ: Ampa ara, ɛda no awosoɔ kɛseɛ bɛba Israel asase so,

20 na ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa bɛwoso m’anim. Wiram mmoa ne wɔn a wɔwea asase soɔ nyinaa, ne nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, na mmepɔ bɛdwiri agu, na abotan korɔnkorɔn ahwehwe ase, na afasuo nyinaa ahwehwe ase.

21 Na mɛfrɛ nkrantɛ atia no, me mmepɔ nyinaa so, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, wɔn nyinaa kurakura nkrantɛ, obi de bɛka ne nua;

22 na mede owuyadeɛ ne mogya ne no bɛdi, na mɛtɔ osuo a ɛhwie na ɛsram soɔ ne asukɔtweaa, ogya ne sɔfe agu ɔno ne n’asafotoɔ ne aman bebree a wɔkeka ne ho no so;

23 na mɛyɛ me ho kɛse na mayɛ me ho kronkron, na mama wɔahu me, amanaman bebree anim, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Hesekiel 39

Wɔsɛe Gog asraafoɔ

1 Na wo onipa ba, hyɛ Gog ho nkɔm na ka sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal berempɔn!

2 Na mɛdanedane wo na mama woatu afiri atifi fam nohoa tɔnn aba, na mede wo aba Israel mmepɔ so;

3 na mɛbɔ wo tadua afiri wo nsa benkum mu, na mama w’agyan afiri wo nsa nifa mu atotɔ.

4 Israel mmepɔ so na wobɛtɔ, wo ne w’asafotoɔ nyinaa ne aman a wɔka wo ho no; nnomaa a ɛdi nam, ntakraboa nyinaa ne wiram mmoa na mede wo bɛyɛ wɔn aduane.

5 Mpaperɛ so na wobɛtɔ, na me na maka, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

6 Na mɛsoma ogya akɔ Magog ne wɔn a wɔtete nsuano aman mu dwoodwoo no mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

7 Na mɛma wɔahunu me din kronkron me man Israel mu, na meremma wɔngu me din kronkron no ho fi bio, na amanaman ahunu sɛ mene AWURADE, Israel mu kronkronni no.

8 Hwɛ, ɛreba na wɔbɛyɛ, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, ɛno ara ne da a maka ho asɛm no.

9 Ɛnna Israel nkuro mufoɔ bɛfiri adi akɔto akodeɛ no mu gya ahyeɛ, akyɛm nkumaa ne akyɛm akɛseɛ, tadua ne agyan ne mporibaa ne mpea, na wɔde ayɛ nnyina asɔ mfeɛ nson;

10 na wɔrenkɔ wiram anyina, na wɔrentwa bi mfiri kwaeɛ mu, na akodeɛ no na wɔbɛsɔ; na wɔbɛfom wɔn a wɔfomm wɔn, na wɔafom afa wɔn a wɔfomm wɔn faeɛ no, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

11 Na ɛda no, mɛma Gog baabi wɔ Israel a ɛbɛyɛ n’asieeɛ. Ɛwɔ akwantemfoɔ bonhwa a ɛwɔ ɛpo no anim fam, na ɛbɛsi akwantemfoɔ kwan, na ɛhɔ na wɔbɛsie Gog ne n’asafo yuu no nyinaa, na wɔafrɛ hɔ sɛ: Gog asafo yuu no bonhwa.

12 Na Israel fie bɛsie wɔn sɛ wɔde redwira asase no abosome nson.

13 Na asase no so aman no nyinaa bɛsie wɔn, na ayɛ wɔn din, da a mɛnya animuonyam no, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

14 Na wɔbɛyiyi mmarima ama wɔakyinkyini asase no so asie wɔn a wɔaka asase no soɔ no de adwira ho; abosome nson akyiri no, wɔbɛtwee ahwehwɛ sɛ funu bi nni hɔ bio.

15 Na anantefoɔ no kyini asase no so, na wɔn mu bi hunu onipa dompe a, ɔbɛhyɛ hɔ agyiraeɛ de akɔsi sɛ asiefoɔ no bɛba abɛsie no, Gog asafo yuu bonhwa no mu.

16 (Na kuro Hamona bi nso wɔ hɔ). Sei na wɔbɛdwira asase no.

17 Na wo, onipa ba, sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ka kyerɛ nnomaa, ntakraboa nyinaa ne wiram mmoa nyinaa sɛ: Monhyia mmra, mommoa mo ano mfiri mmaa nyinaa mmra me kum afɔdeɛ a makum ama mo no ho, Israel mmepɔ so kum afɔdeɛ kɛseɛ, na mommɛdi nam na monnom mogya.

18 Nnɔmmarima nam na mobɛdie, na asase so aberempɔn mogya na mobɛnom, adwennini, nnwanten mma ne mpapo ne anantwinini, Basan ayɛmmoa ara nko.

19 Na mobɛdi sradeɛ amee, na moanom mogya abo, me kum afɔdeɛ a mekum maa mo no mu,

20 na apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ, nnɔmmarima ne akofoɔ nyinaa bɛmee mo, me pono so, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

21 Na mede m’animuonyam bɛsi amanaman nyinaa mu ma wɔahunu m’atɛn a mabuo ne me nsa a mede ato wɔn soɔ;

22 na Israel fie bɛhunu sɛ me, AWURADE, mene wɔn Nyankopɔn ɛfiri da no de rekorɔ,

23 na amanaman bɛhunu sɛ Israel fie amumuyɛ nti na wɔtuu wɔn kɔeɛ; ɛsiane sɛ wɔyɛɛ me bɔne nti na meyii m’ani huntaa wɔn, na mede wɔn hyɛɛ wɔn ahohiahiafoɔ nsa, na wɔn nyinaa totɔɔ nkrantɛ ano.

24 Wɔn fi ne wɔn mmaratodeɛ so na me ne wɔn diiɛ, na meyii m’ani huntaa wɔn.

25 Ɛno nti sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Afei mede Yakob nnommum no bɛsane aba, na mahunu Israel fie nyinaa mmɔbɔ, na matwe me din kronkron no ho ninkunu,

26 na wɔbɛsoa wɔn ahohora ne wɔn bɔne a wɔyɛɛ me no nyinaa, berɛ a wɔte wɔn asase so dwoodwoo na obiara nni hɔ a ɔyi wɔn hu no,

27 berɛ a makɔfa wɔn afiri aman mu asane aba, na makɔboaboa wɔn ano afiri wɔn atamfoɔ nsase so, na mayi me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, amanaman bebree anim no.

28 Na wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE wɔn Nyankopɔn, sɛ memaa wɔtuu wɔn kɔɔ amanaman mu, na mekɔtasee wɔn baa wɔn asase so bio, na mannya wɔn mu biara wɔ hɔ bio.

29 Na merenyi m’ani nhunta wɔn bio, ɛfiri sɛ mahwie me honhom agu Israel fie so, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

Hesekiel 40

Asɔrefie foforɔ ho adehunu

1 Yɛn tukorɔ afe a ɛtɔ so aduonunum no afe no ahyɛaseɛ bosome no da a ɛtɔ so du no, kuro no bɔ akyiri afe a ɛtɔ so dunan mu no, ɛda no ara no AWURADE nsa baa me so, na ɔde me baa hɔ.

2 Nyankopɔn anisoadehunu mu na ɔde me baa Israel asase soɔ, na ɔde me kɔgyinaa bepɔ a ɛkorɔn papaapa so, na ɛso te sɛ kuro bi a wɔakyekyere no anafoɔ fam.

3 Na ɔde me baa hɔ no, na hwɛ, ɔbarima bi a ne su te sɛ kɔbere mfrafraeɛ nie, na siwabire homa ne susuo demmire kura ne nsamu, na ɔgyina ɛpono kɛseɛ no ano.

4 Na ɔbarima no kasa kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa w’ani hwɛ, na fa w’aso tie, na fa w’adwene to deɛ merema woahunu no nyinaa so. Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mɛma woahunu nti na wɔde wo baa ha. Ka deɛ wohunu yi nyinaa kyerɛ Israel fie.

5 Na hwɛ, na ɔfasuo atwa efie no ho ahyia, na ɔbarima no kura demmire a ne tentene yɛ basafa nsia wɔ ne nsamu, nsamu trɛ da basafa, basafa biara so, na ɔsusuu ɔfasuo no trɛ, demmire no baako, na ne korɔn nso demmire baako tentene.

6 Ɛnna ɔbaa ɛpono kɛseɛ a ani kyerɛ apueeɛ fam kwan soɔ no ho, na ɔforoo ne ntwedeɛ no, na ɔsusuu ɛpono kɛseɛ no ano, ɛpono ase a ne trɛ yɛ demmire baako, ɛne ɛpono ase baako a ne trɛ yɛ demmire baako.

7 Ne pia no ntam, basafa nnum nnum; ne ɛpono kɛseɛ no pono ase a ɛwɔ ntwonoo a ɛkyerɛ efie no ho no, demmire baako;

8 na ɔsusuu ɛpono kɛseɛ no ntwonoo a ɛkyerɛ efie no, demmire baako;

9 na ɔsusuu ntwonoo no basafa nwɔtwe ne n’adum no, basafa mmienu, na ntwonoo no kyerɛ efie no mu.

10 Na apueeɛ fam ponkɛseɛ no mpia no, mmiɛnsa wɔ ha na mmiɛnsa wɔ ha, ne mmiɛnsa no nyinaa nsusuiɛ yɛ baako, na ɛha ne ɛha adum no nsusuiɛ yɛ baako.

11 Na ɔsusuu ɛpono kɛseɛ no ano trɛ basafa du, na ɛpono kɛseɛ no ntwemu yɛ basafa dummiɛnsa

12 Na mpia no anim hyekwan basafa baako wɔ ha ne ɛha, na pia baako yɛ basafa nsia wɔ ha ne basafa nsia wɔ ha.

13 Na ɔsusuu ɛpono kɛseɛ no firii pia baako atifi de kɔsii baako atifi, ne trɛ yɛ basafa aduonu nnum, ɛpono ne ɛpono ntam.

14 Na ɔyɛɛ adum no basafa aduosia, na adum no ho wɔ abannwa a ɛtwa ɛpono kɛseɛ no ho hyiahyia.

15 Na ɛfiri ɛpono kɛseɛ a wɔfa mu hyɛne mu no anim kɔsi emu fam ponkɛseɛ no ntwonoo anim yɛ basafa aduonum.

16 Na mpomma aniahunuankansa wowɔ mpia no ne n’adum no ho, kɔ ponkɛseɛ no mu fam, de twa ho hyiahyia, ne ntam fasuo no ho saa ara, na mpomma wɔ mu hyia, na mmɛ wowɔ adum no ho.

17 Ɛnna ɔde me kɔɔ abannwa a ɛwɔ akyire no soɔ, na hwɛ, na adammoa wowɔ hɔ, ne aboɔ nsɛeɛ a wɔayɛ no abannwa so hɔ atwa ahyia. Adammoa aduasa na na ɛwɔ aboɔ nsɛeɛ no ho.

18 Na aboɔ nsɛeɛ no wɔ aponkɛseɛ no nkyɛn mu ma no ne aponkɛseɛ no ntwemu sɛ; ɛne aboɔ nsɛeɛ no.

19 Na ɔsusuu akyire abannwa no, ne trɛ firi ɛpono kɛseɛ no anim de kɔsi emu fam abannwa no anim, basafa ɔha, apueeɛ fam ne atifi fam.

20 Na ɛpokɛseɛ a ani hwɛ atifi fam, ɛho fam abannwa no ho no, ɔsusuu ne ntwemu ne ne trɛ

21 ne ne mpia, mmiɛnsa wɔ ha na mmiɛnsa wɔ ha, ne n’adum ne ne ntam fasuo. Ne nsusuiɛ te sɛ akane ponkɛseɛ no deɛ no, ne ntwemu basafa aduonu nnum.

22 Na ne mpomma ne ntam afasuo, ne mmɛ no nsusuiɛ te sɛ ɛpono kɛseɛ a ani hwɛ apueeɛ fam no deɛ no. Na ntwedeɛ nson na wɔforo kɔ mu, na ne ntam fasuo no sisi anim.

23 Na emu fam abannwa no ponkɛseɛ si ɛpono kɛseɛ a ɛhwɛ atifi fam, ne deɛ ɛhwɛ apueeɛ fam no ntentensoɔ, na ɔsusu firii ɛpono kɛseɛ ano kɔsii ɛpono kɛseɛ ano, basafa ɔha.

24 Ɛnna ɔde me kɔɔ anafoɔ fam, na hwɛ, na ɛpono kɛseɛ wɔ anafoɔ fam nso, na ɔsusuu n’adum ne ne ntam fasuo sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ;

25 na mpomma twa ɛno ne ne ntam fasuo ho hyia sɛdeɛ saa mpomma no teɛ; ne ntwemu yɛ basafa aduonum, na ne trɛ yɛ basafa aduonu nnum,

26 na n’aforoeɛ yɛ ntwedeɛ nson, na ne ntam fasuo sisi anim, na mmɛ wowɔ ho, baako wɔ ha na baako wɔ ha, n’adum ho.

27 Na abannwa a ɛwɔ mu no ponkɛseɛ wɔ anafoɔ fam, na ɔsusu firii ɛpono kɛseɛ ano de kɔsii ɛpono kɛseɛ ano, anafoɔ fam, basafa ɔha.

28 Ɛnna ɔde me faa anafoɔ fam ponkɛseɛ no mu kɔɔ abannwa a ɛwɔ mu no soɔ; na ɔsusuu anafoɔ fam ponkɛseɛ no, sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ;

29 ne ne mpia ne n’adum ne ne ntam fasuo, sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ, na mpomma wowɔ ho ne ne ntam fasuo ho hyia; ne ntwemu yɛ basafa aduonum, na ne trɛ yɛ basafa aduonu nnum.

30 Na ntam fasuo twa ho hyia, ne ntwemu yɛ basafa aduonu nnum, na ne trɛ basafa nnum.

31 Na ne ntam fasuo no hwɛ ɛho fam abannwa so, na mmɛ wowɔ n’adum ho, na aforoeɛ no yɛ ntwedeɛ nwɔtwe.

32 Ɛnna ɔde me kɔɔ abannwa a ɛwɔ mu no soɔ apueeɛ fam. Na ɔsusuu ɛpokɛseɛ no sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ,

33 na ne mpia ne n’adum ne ne ntam fasuo te sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ, na mpomma twa ɛno ne ne ntam fasuo ho hyia, ne ntwemu yɛ basafa aduonum, na ne trɛ yɛ basafa aduonu nnum.

34 Na ne ntam fasuo no hwɛ ɛho fam abannwa so, na mmɛ wowɔ n’adum ho ɛha ne ɛha, na n’aforoeɛ yɛ ntwedeɛ nwɔtwe.

35 Ɛnna ɔde me kɔɔ atifi fam ponkɛseɛ no ano, na ɔsusuu sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ,

36 ne mpia, n’adum ne ne ntam fasuo; na mpomma twa ho hyia; ne ntwemu yɛ basafa aduonum, na ne trɛ yɛ basafa aduonu nnum;

37 na ne ntam fasuo hwɛ ɛho fam abannwa so, na mmɛ wowɔ n’adum ho, ɛha ne ɛha, na n’aforoeɛ yɛ ntwedeɛ nwɔtwe.

38 Na dammoa ne ano pono wɔ ponkɛseɛ no adum no ho, ɛhɔ na wɔhohoro ɔhyeɛ afɔdeɛ ho.

39 Na ɛpono kɛseɛ no ntwonoo no mu no, apono mmienu sisi ha, na mmienu nso sisi ha, na ɛho na wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie afɔdeɛ.

40 Na ntwonoo no akyi nkyɛn mu, a ɛda deɛ wɔreforo kɔ ɛpono kɛseɛ no ano no atifi fam hɔ, apono mmienu sisi hɔ, na ɛpono kɛseɛ no ntwonoo no nkyɛn mu ha nso, apono mmienu nso sisi hɔ.

41 Apono nnan wɔ ɔfa ha, na apono nnan nso wɔ ɔfa ha, ɛpono kɛseɛ no nkyɛn mu, apono nwɔtwe ho na wɔkum mmoa.

42 Na apono nnan sisi aforoeɛ no ho, ɛyɛ aboɔ a wɔasene. Ne ntwemu yɛ basafa baako ne fa, ne trɛ yɛ basafa baako ne fa, ne korɔn yɛ basafa baako; ɛso na wɔde adeɛ a wɔde kum ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ no guo;

43 na nkɔtɔkorɔ nta a ɛyɛ nsamu trɛ hyehyɛ ɛdan no mu hyia; na apono no so na wɔde ayɛyɛdeɛ nam no guo.

44 Na ponkɛseɛ a ɛwɔ mu no akyi na na adammoa mmienu wowɔ, abannwa a ɛwɔ mu no so, baako si atifi fam ponkɛseɛ no nkyɛn mu, na anim hwɛ anafoɔ fam, baako nso si anafoɔ fam ponkɛseɛ no nkyɛn mu, na anim hwɛ atifi fam.

45 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Dammoa a ani hwɛ anafoɔ fam yi yɛ asɔfoɔ a wɔhwɛ efie no soɔ no dea,

46 na dammoa a ani hwɛ atifi fam no yɛ asɔfoɔ a wɔhwɛ afɔrebukyia no soɔ no dea. Wɔne Sadok mma a wɔfiri Lewifoɔ no mu, a wɔbɛn AWURADE, bɛsom no no.

47 Na ɔsusuu abannwa no ntwemu, basafa ɔha, ne ne trɛ, basafa ɔha, ɛyɛ ahinanan; na afɔrebukyia si ɛdan no anim.

Asɔrefie no

48 Ɛnna ɔde me kɔɔ ɛdan no ntwonoo mu, na ɔsusuu ntwonoo no adum no, basafa nnum wɔ ha, na basafa nnum wɔ ha; ne ɛpono kɛseɛ no trɛ basafa mmiɛnsa wɔ ha ne basafa mmiɛnsa wɔ ha.

49 Ntwonoo no ntwemu yɛ basafa aduonu, na ne trɛ yɛ basafa dubaako, ntwedeɛ a wɔforo kɔ mu no so; na adum sisi ntwonoo adum no anim, baako wɔ ha na baako wɔ ha.

Hesekiel 41

Asɔrefoɔ no nkyerɛkyerɛmu

1 Ɛnna ɔde me kɔɔ asɔredan no mu, na ɔsusuu adum no basafa nsia trɛ wɔ ha ne basafa nsia trɛ wɔ ha, ɛne ntomadan no trɛ.

2 Na ano kwan trɛ yɛ basafa du, na ano kwan no nkyɛnnkyɛn yɛ basafa nnum wɔ ha na basafa nnum wɔ ha; na ɔsusuu ne ntwemu, basafa aduanan ne ne trɛ, basafa aduonu.

3 Ɛnna ɔkɔɔ dan no mu kɔsusuu ɛpono ano adum no, basafa mmienu, ne ɛpono no, basafa nsia, na ɛpono no trɛ yɛ basafa nson;

4 na ɔsusuu ne ntwemu basafa aduonu ne ne trɛ basafa aduonu, asɔredan no anim; na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛha ne kronkron mu kronkronbea.

5 Ɛnna ɔsusuu ɛdan no fasuo, basafa nsia, ne ɛho mpia no trɛ, basafa nnan de twaa ɛdan no nyinaa ho hyiaeɛ.

6 Na nkyɛn mu mpia no, pia si pia so ahodoɔ mmiɛnsa, saa ahodoɔ aduasa, na ɛkɔ ɔfasuo a ɛwɔ ɛdan no ho ma mpia no so, twa ho hyia, ɛma no sosɔ mu, nanso ɛnsosɔ ɛdan no fasuo mu;

7 na mpia no rekɔ soro hyia no, na emu retrɛ, na ɛdan no ho mpia no kɔ soro ara twa ɛdan no ho hyia, enti emu trɛe wɔ ɛdan no ho wɔ soro, na ɛde saa firi aseɛ deɛ no mu fa mfimfini deɛ no mu kɔ soro deɛ no mu.

8 Na mehunuu ɛdan no ho bamma a ɛtwa ho hyia a ɛne nkyɛn mu mpia no nnyinasoɔ, ne hini korɔn duru basafa nsia ɛne demmire no pɛ.

9 Nkyɛnmu mpia no akyiri fasuo no trɛ yɛ basafa nnum, na deɛ wɔgyaa no ɛdan no ho nkyɛn mu mpia no ho no nso saa ara.

10 Na adammoa no ntam trɛ yɛ basafa aduonu de twa ɛdan no ho hyia twan.

11 Na nkyɛn mu mpia no apono ano kwan kɔ deɛ wɔgyaeɛ no so, ɛpono ano baako hwɛ atifi fam, na ɛpono ano baako hwɛ anafoɔ fam, na ɛkwan a wɔgyaeɛ no trɛ yɛ basafa nnum twa ho hyia.

12 Na ɛdan a ɛsi efie no akyiri adihɔ, atɔeɛ fam no trɛ yɛ basafa aduɔson, na ɛdan no fasuo trɛ yɛ basafa nnum de twa ho hyia, na ne ntwemu yɛ basafa aduɔkron.

13 Na ɔsusuu ɛdan no ntwemu, ɛyɛ basafa ɔha, ne afikyire adihɔ ne ɛhɔ dan no ne n’afasuo ntwemu, basafa ɔha;

14 na ɛdan no anim trɛ ne n’adihɔ no deɛ, apueeɛ fam, yɛ basafa ɔha.

15 Saa na ɔsusuu ɛdan a ɛsi n’adihɔ no anim a ɛkɔduruu n’akyi ne ɛho mmrannaa a ɛwɔ ho ntwemu, basafa ɔha, ne asɔredan no mu abannwa no ntwonoo.

16 Apono ase ne mpomma aniahunuankansa ne mmrannaa a ɛtwa ne mmiɛnsa no ho hyia no, aponnwa a wɔde dua adura ho ahyia no, ne fam de kɔka mpomma no ho no, ne (mpomma a wɔakatakata ho no),

17 apono ano atifi hɔnom, ɛdan no mu fam ne akyire fam ne afasuo no nyinaa twan, emu fam ne ɛho fam, ne nyinaa wɔ ne nsusuiɛ.

18 Na wɔayeyɛ kerubim ne mmɛ, na abɛ wɔ kerub ntam, na kerub wɔ anim mmienu;

19 na onipa anim hwɛ abɛ wɔ fa ha, na gyata anim hwɛ abɛ wɔ fa ha; wɔyɛɛ no ɛdan no mu nyinaa hyiae.

20 Ɛfiri fam kɔsi pono no atifi na wɔayeyɛ kerubim ne mmɛ no asɔredan no fasuo ho.

21 Asɔredan no wɔ aponnwa ahinanan, na kronkronbea no anim deɛ te saa ara.

22 Afɔrebukyia no yɛ dua, ne korɔn yɛ basafa mmiɛnsa, na ne ntwemu yɛ basafa mmienu, na ne ntweaso ne ne nnyinasoɔ ne n’afasuo yɛ dua. Na ɔka kyerɛ me sɛ: Yei ne ɛpono a ɛsi AWURADE anim.

23 Na asɔredan no asa ne pia kronkron no wɔ apono mmienu.

24 Na apono no yɛ ntanta, apono mmukamu mmienu mmienu. Mmienu yɛ ɛpono baako deɛ, na ɛpono mmienu yɛ baako deɛ.

25 Na wɔayɛ asɔredan ano apono no so kerubim ne mmɛ, sɛdeɛ wɔyɛɛ no afasuo no ho no. Na dua ntiasoɔ wɔ ntwonoo no anim adihɔ fam.

26 Na mpomma aniahunuankansa ne mmɛ wɔ ɔfa ha ne fa ha, ntwonoo no nkyɛn mu ne ɛdan no nkyɛn mu mpia ne nkatasoɔ mpuna no ho.

Hesekiel 42

Asɔrefie ho nsase no nsusuiɛ

1 Ɛnna ɔde me firii adi faa atifi fam kwan so kɔɔ ɛho fam abannwa no soɔ, na ɔde me kɔɔ dammoa a ɛda adihɔ ne ɛhɔ dan no ntentensoɔ a ɛhwɛ atifi fam no ho,

2 ne ntwemu no, ɛyɛ basafa ɔha, ɛpono ano wɔ atifi fam, na ne trɛ yɛ basafa aduonum;

3 ɛda abannwa a ɛwɔ fie no ntentensoɔ, ɛyɛ basafa aduonu; abrannaa hwɛ abrannaa anim, nsamsoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa mu,

4 na adammoa no anim na ɔkwan a ne trɛ yɛ basafa du wɔ, ɛkɔ basafa ɔha kwan a ɛwɔ mu no so; na apono no ano hwɛ atifi fam.

5 Na soro dammoa no yɛ ntiantia, ɛfiri sɛ mmrannaa no afa fa, na ɛntrɛ sɛ ɛdan no mfimfini no ase deɛ no,

6 ɛfiri sɛ ɛyɛ aborɔsansa, na ɛnni adum sɛ mmannwa no adum no. Ne saa nti na wɔadwom afiri aseɛ deɛ ne mfimfini deɛ no so, firi fam.

7 Na aboɔ ban a ɛwɔ adihɔ fam siane dammoa no, ɛho fam abannwa no mu hwɛ dammoa no anim, ne ntwemu basafa aduonum,

8 na adammoa a ɛhwɛ ɛho fam abannwa no ntwemu yɛ basafa aduonum, na hwɛ, asɔredan no anim deɛ na ɛyɛ basafa ɔha;

9 na adammoa yi pue aboɔ ban no so; ɔkwan a obi firi ɛho fam abannwa no so reba mu a ɔfa soɔ no da apueeɛ fam.

10 Abannwa no fasuo trɛ a ɛhwɛ apueeɛ fam no, atuntunatoɔ ne ɛhɔ dan ntentensoɔ mu na adammoa wɔ,

11 na ɔkwan da anim. Ɛte sɛ adammoa a ɛwɔ atifi fam no, ne ntwemu ne ne trɛ saa ara ne n’adifire akwan nyinaa ne ne nsiesieeɛ; na sɛdeɛ n’apono ano teɛ no,

12 saa ara nso na adammoa a ɛwɔ anafoɔ fam no teteɛ, ɛpono ano wɔ ɔkwan no ti, ɛne ɔkwan a ɛda ɛho aban no anim, ɔkwan a wɔfiri apueeɛ fam nam so ba mu no.

13 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Atifi fam adammoa ne anafoɔ fam adammoa a ɛsisi adihɔ no anim no ne adammoa kronkron a asɔfoɔ a wɔbɛn AWURADE no bɛdi akronkronneɛ mu akronkronneɛ no; ɛhɔ na wɔmfa akronkronneɛ mu akronkronneɛ nguguo, aduane afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ no, na ɛhɔ yɛ kronkron.

14 Asɔfoɔ no hyɛne mu a, wɔmmfiri kronkronbea hɔ mmfiri adi nnkɔ ɛho fam abannwa no so, na emu hɔ na wɔmfa wɔn ntadeɛ a wɔde som nguo, na ɛyɛ kronkron. Wɔnhyehyɛ ntadeɛ foforɔ ansa na wɔabɛn deɛ ɛyɛ ɔman no deɛ ho.

15 Na ɔwiee dan a ɛwɔ mu no susuo no, ɔde me firii adi faa ɛpono kɛseɛ a ani hwɛ apueeɛ fam no kwan so, na ɔsusu hyiaa twan,

16 ɔde susuo demmire no susuu apueeɛ fam deɛ no basafa ahanum, susuo demmire no so de twa hyiae.

17 Ɔsusuu atifi fam deɛ no basafa ahanum, susuo demmire no so, de twa hyiae.

18 Ɔsusuu anafoɔ fam deɛ no basafa ahanum, susuo demmire no so;

19 ɔdane kɔɔ atɔeɛ fam kɔsusuu basafa ahanum, susuo demmire no so.

20 Afa nnan no so na ɔsusuu no. Ɔfasuo twa ho hyia twan; ne ntwemu yɛ basafa ahanum ne ne trɛ yɛ basafa ahanum, sɛ ɛntwa kronkronbea ne anihumafoɔ deɛ ntam.

Hesekiel 43

Asɔrefie foforɔ no animuonyam

1 Ɛnna ɔde me baa ɛpono kɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ kwan soɔ no ano.

2 Na hwɛ, Israel Nyankopɔn animuonyam refiri apueeɛ kwan so reba, na ne nne te sɛ nsuo bebree nne, na n’animuonyam maa asase harann.

3 Na adeɛ a mehunuiɛ no su te sɛ adeɛ a mehunuiɛ berɛ a ɔba bɛsɛee kuro no; na ɛyɛ anisoadehunu a ɛte sɛ adeɛ a mehunuu no Asuo Kebar ho no; na mede m’anim butuu fam.

4 Na AWURADE animuonyam no baa efie hɔ ɛpono kɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ fam no kwan so.

5 Na honhom no maa me so de me baa abannwa a ɛwɔ mu no so, na hwɛ, AWURADE animuonyam no ayɛ efie no ma.

6 Na metee sɛ obi firi efie no mu ne me rekasa, na ɔbarima bi gyina me nkyɛn.

7 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, m’ahennwa sibea ne m’anammɔn agyinaeɛ a mɛtena hɔ, Israelfoɔ mu akɔsi daa nie. Na Israel fie rengu me din kronkron ho fi bio, sɛdeɛ wɔn ne wɔn ahemfo de wɔn adwamammɔ ne wɔn ahemfo afunu yɛeɛ no, wɔn sorɔnsorɔmmea so,

8 sɛ wɔde wɔn apono ase too m’apono ase ho na wɔde wɔn aponnwa nkyɛn mu sii m’aponnwa nkyɛn mu ho, maa ɔfasuo nko sii me ne wɔn ntam no, na wɔde wɔn akyiwadeɛ a wɔyɛ guu me din kronkron no ho fi maa mehyee wɔn m’abufuo mu no.

9 Afei deɛ, wɔnyi wɔn adwamammɔ no wɔn ahemfo afunu no mfiri me nkyɛn nkɔ akyirikyiri, na mɛtena wɔn mu akɔsi daa.

10 Wo, onipa ba, fa asɔrefie yi kyerɛ Israel fie, na wɔn anim ngu ase, wɔn amumuyɛ ho, na ma wɔnsusu susudeɛ no.

11 Na sɛ wɔn anim gu ase deɛ wɔayɛ nyinaa ho a, kyerɛ wɔn asɔrefie no suban ne ne nsiesieeɛ, ne n’adifire ne ne muba, ne ne su nyinaa ne n’ahyɛdeɛ nyinaa, ne ne ban nyinaa ne ɛho mmara nyinaa, na twerɛ no wɔn anim, na wɔnhwɛ ne su no nyinaa ne ɛho ahyɛdeɛ nyinaa, na wɔnni so.

12 Yei ne asɔrefie no ho mmara: Bepɔ no atifi ne ɛhyeɛ a ɛtwa ho hyia twan nyinaa nyɛ akronkronneɛ mu kronkron. Hwɛ, efie no ho mmara nie.

Afɔrebukyia no

13 Na yeinom ne afɔrebukyia no nsusuiɛ, (basafa baako yɛ basafa ne nsa mu trɛ soɔ), ne nnyinasoɔ yɛ basafa, na ne trɛ yɛ basafa, na anoano hini a ɛtwa ho hyia yɛ nsaama baako; na yei ne afɔrebukyia no ase.

14 Na ɛfiri fam nnyinasoɔ no so de kɔsi aseɛ faferɛ no so yɛ basafa mmienu, na ne trɛ yɛ basafa baako, no ɛfiri faferɛ kumaa no so kɔsi faferɛ kɛseɛ no soɔ yɛ basafa nnan, na ne trɛ yɛ basafa baako.

15 Na afɔrebukyia no yɛ basafa nnan, na ɛfiri afɔrebukyia no so de kɔ soro wɔ mmɛn nnan.

16 Na afɔrebukyia no ntwemu yɛ basafa dummienu, na ne trɛ dummienu, n’afa nnan, ɛyɛ ahinanan.

17 Na faferɛ no ntwemu yɛ basafa dunan, na n’afa nnan ne trɛ yɛ dunan, na ano a ɛtwa ho hyia no yɛ basafa fa, na ne nnyinasoɔ basafa twa ho hyia; na n’aforoeɛ hwɛ apueeɛ.

18 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Yeinom ne afɔrebukyia no ho ahyɛdeɛ, da a wɔbɛyɛ no sɛ wɔmmɔ so hyeɛ afɔdeɛ na wɔmpete so mogya no;

19 Asɔfoɔ, Lewifoɔ a wɔfiri Sadok asefoɔ mu a wɔbɛba abɛbɛn me sɛ wɔrebɛsom me no, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, ma wɔn nantwiburuwa na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔdeɛ,

20 na fa ne mogya no bi keka ne mmɛn nnan ne faferɛ no ahinanan ne anoano a ɛtwa ho hyia, fa yi ɛho bɔne na pata ma no.

21 Na fa bɔne ho afɔdeɛ nantwinini no, na hye no, asɔrefie no baabi a wɔayi ato hɔ, kronkronbea adihɔ fam no.

22 Na ɛda a ɛtɔ so mmienu no, fa ɔpapo a ɔnni dɛm bra bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ, na wɔmfa nyi afɔrebukyia no ho bɔne, sɛdeɛ wɔde nantwinini no yiiɛ no.

23 Sɛ wowie bɔne no yi a, fa nantwiburuwa a ɔnni dɛm ne nnwankuo mu adwennini a ɔnni dɛm bra,

24 na fa wɔn bra AWURADE anim, na asɔfoɔ no mfa nkyene ngu wɔn so, na wɔmfa wɔn mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma AWURADE.

25 Nnanson na fa ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ daa, na nantwiburuwa ne nnwankuo mu dwennini a ɛdɛm biara nni wɔn ho nso na wɔmfa mmɔ.

26 Nnanson na wɔmfa mpata mma afɔrebukyia no, na wɔnnwira ho na wɔmfa nhyɛ nsa.

27 Na wɔwie nna no a, da a ɛtɔ so nwɔtwe de rekorɔ no, asɔfoɔ no mmɔ mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo asomdwoeɛ afɔdeɛ, afɔrebukyia no so, na m’ani bɛsɔ mo, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

Hesekiel 44

Kronkronbea no ho asomfo

1 Ɛnna ɔde me faa kronkronbea no anim ponkɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ no kwan soɔ, na ɛno deɛ, na wɔato mu.

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɛpono kɛseɛ yi, wɔato mu ara, wɔrenhini, na obi remfa mu mma mu, ɛfiri sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn afa mu aba mu nti, wɔato mu ara.

3 Ɔberempɔn no nko, ɔberempɔn a ɔyɛ nti na ɔbɛtena mu adidie, AWURADE anim. Ɔbɛfa ɛpono kɛseɛ no ntwonoo kwan so ahyɛne mu, na wafa ɔkwan no so afiri adi.

4 Ɛnna ɔde me faa atifi fam ponkɛseɛ no kwan so de me baa asɔredan no anim, na mehwɛe, na hwɛ, na AWURADE animuonyam no ahyɛ AWURADE dan no ma, na mehwee fam de m’anim butui.

5 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa w’ani hwɛ, na fa w’aso tie deɛ merebɛka akyerɛ woɔ, AWURADE fie ahyɛdeɛ nyinaa ne ne mmara nyinaa ho no nyinaa, na hwɛ no yie na wɔn a ɛfata sɛ wɔba asɔrefie no aba, na wɔn a wɔmfata no, moapam wɔn.

6 Na ka kyerɛ atuatefoɔ, Israel fie no, sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Israel fie, mo akyiwadeɛ no nyinaa, momma no nnɔɔso mma mo,

7 sɛ mode ananafoɔ mma, akoma mu momonotofoɔ ne honam mu momonotofoɔ baeɛ, sɛ wɔmmɛtena me kronkronbea ngu me fie ho fi, sɛ mode m’aduane, sradeɛ ne mogya baeɛ, na wɔsɛee m’apam, mo akyiwadeɛ nyinaa soɔ,

8 nanso moanyɛ m’akronkronneɛ no ho adwuma no, na mmom mode mo ara mo nnipa asisi me kronkronbea hɔ adwuma no soɔ.

9 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ɔnanani biara a ɔyɛ akoma mu momonotoni ne honam mu momonotoni nnhyɛne me kronkronbea, ananafoɔ a ɛwɔ Israelfoɔ mu nyinaa mu,

10 na mpo Lewifoɔ a wɔafiri me ho kɔ akyirikyirie, Israel fom a wɔfomm firii me nkyɛn kɔdii wɔn abosom akyire no mu no, wɔn mpo wɔbɛsoa wɔn amumuyɛ;

11 na wɔbɛyɛ me kronkronbea asomfo ayɛ asɔrefie no apono ano ahwɛfoɔ, na wɔasom asɔrefie no mu. Wɔn na wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɔkum afɔdeɛ ama ɔman no, na wɔn ara na wɔbɛgyina wɔn anim asom wɔn.

12 Ɛsiane sɛ wɔasom wɔn, wɔn abosom anim na wɔadanedane Israel fie amumuyɛ suntidua nti, mama me nsa so atia wɔn, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, sɛ wɔnsoa wɔn amumuyɛ;

13 na wɔntwe mmpini me mmmɛyɛ asɔfodwuma mmma me, na wɔmmmɛn m’akronkronneɛ no biara mmma m’akronkronneɛ mu akronkronneɛ ho, na wɔnsoa wɔn ahohora ne wɔn akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no.

14 Nanso mede asɔrefie no ho adwuma no bɛhyɛ wɔn nsa, ɛho som ne adeɛ biara a wɔyɛ wɔ mu no nyinaa mu.

Lewifoɔ asɔfoɔ no

15 Na asɔfoɔ Lewifoɔ, Sadok mma a wɔyɛ kronkronbea hɔ adwuma, berɛ a Israelfoɔ firii me nkyɛn kɔfomm kwan no, wɔn deɛ, wɔbɛbɛn me, asom me, na wɔagyina m’anim de sradeɛ ne mogya abrɛ me, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie,

16 wɔn na wɔbɛhyɛne me kronkronbea hɔ, na wɔn na wɔbɛbɛn me pono ho abɛsom me, na wɔayɛ me som adwuma no.

17 Na sɛ wɔreba aponkɛseɛ a ɛwɔ abannwa a ɛwɔ mu no ho a, wɔnhyehyɛ nwera ntadeɛ, na kuntutam biara nnka wɔn ho berɛ a wɔresom emu fam abannwa no, aponkɛseɛ no mu ne efie no mu.

18 Wɔmfa nwera ahyehyɛdeɛ mmobɔ wɔn ti, a nwera pieto nhyehyɛ wɔn; wɔmmfa biribiara a ɛbɛma wɔafiri fifire mmmɔ abɔsoɔ.

19 Na wɔrefiri adi afiri abannwa no so akɔ ɔman no nkyɛn a, wɔnyiyi ntadeɛ a wɔhyɛ de someɛ no, mfa ngu kronkronbea adammoa no mu, na wɔnhyehyɛ ntadeɛ afoforɔ, na wɔamfa wɔn ntadeɛ kronkronyɛ no ankɔ nkurɔfoɔ no mu.

20 Na wɔnyiyi wɔn ti, nso wɔnnsi atimum, bubuo nko na wɔmmubu wɔn tiri soɔ.

21 Na bobesa nso ɔsɔfoɔ biara nnnom berɛ a wɔrehyɛne abannwa a ɛwɔ mu no soɔ.

22 Nanso wɔmmfa okunafoɔ ne deɛ wɔako no nnware, na mmom wɔmfa Israel fie asefoɔ mu mmammaa, anaa okunafoɔ a ɔyɛ ɔsɔfoɔ bi kunafoɔ.

23 Na wɔnkyerɛ me man akronkronneɛ ne deɛ abuo so ntam nsonsonoeɛ, na wɔmma wɔnhunu deɛ ɛho wɔ fi ne deɛ ɛho teɛ ntam nsonsonoeɛ.

24 Na akameakamesɛm nso, wɔn ara na wɔnnyina hɔ mmu ho atɛn, m’atemmudeɛ so na wɔmmu atɛn, na wɔnhwɛ me mmara ahodoɔ ne m’ahyɛdeɛ, m’afahyɛ nyinaa mu, na wɔnyɛ me home nna kronkron.

25 Na wɔnnkɔ funu bi ho nnkɔgu wɔn ho fi, gye agya ne ɛna ne ɔbabanin ne ɔbabaa ne onuabarima ne onuabaa a ɔnnya nyɛɛ ɔbarima deɛ ho na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔma wɔn ho kum.

26 Na ɔdwira ne ho wie a, wɔnkan nnanson mma no,

27 na ɛda a ɔrehyɛne kronkronbea akɔ emu fam abannwa so akɔsom kronkronbea no, ɔmfa ne bɔne ho afɔdeɛ mmra, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

28 Na deɛ ɛbɛyɛ wɔn agyapadeɛ deɛ, mene wɔn agyapadeɛ, na mommma wɔn kyɛfa bi wɔ Israel mu, mene wɔn kyɛfa.

29 Aduane afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ no, wɔn ara na wɔnnie, na Israel mu ahyiradeɛ nyinaa nyɛ wɔn deɛ.

30 Na nnoɔma nyinaa mu aba a ɛdi kan mfitiaseɛ no, ne nnoɔma nyinaa mu mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a moma soɔ nyinaa no, ɛnyɛ asɔfoɔ no dea; na mo mmɔre mu deɛ ɛdi kan no, momfa mma ɔsɔfoɔ, na nhyira mmra mo fie.

31 Abɔfono biara ne deɛ wɔatete ne mu, nnomaa ne mmoa mu no, asɔfoɔ nnni.

Hesekiel 45

AWURADE, n’asomfo, kuro kronkron no ne aberempɔn no kyɛfa

1 Na sɛ moretwe asase no so ntonto de akyɛ agyapadeɛ a, monyi so mmasoɔ afɔrebɔdeɛ asase no mu akronkronneɛ mma AWURADE; ne ntwemu nyɛ susuo basafa mpem aduonu nnum, na ne trɛ yɛ mpem aduonu; wɔbɛfrɛ no asase kronkron n’ahyeɛ nyinaa mu.

2 Yei mu basafa ahanum a ɛyɛ ahinanan hyia no nyɛ kronkronbea no deɛ, na basafa aduonum nyɛ ne mmoa adidibea nsase ntwa ho nhyia.

3 Na asase a moasusuo no ara mu, susu ntwemu basafa mpem aduonu nnum, na ne trɛ yɛ mpem du, na yei mu na kronkronbea no, akronkronneɛ mu kronkron no ntena.

4 Asase no mu akronkronneɛ ne no, ɛnyɛ asɔfoɔ a wɔsom kronkronbea a wɔpinkyɛ bɛsom AWURADE no deɛ, na ɛnyɛ wɔn adan sisibea ne kronkronbea ho kronkronbea.

5 Na ntwemu basafa mpem aduonu nnum no no, ne trɛ mu yɛ mpem du no nyɛ Lewifoɔ a wɔyɛ asɔrefie no mu asomfo deɛ, na ɛnyɛ wɔn kyɛfa, nkuro a wɔbɛtena mu.

6 Nanso monyi kuro no kyɛfa a ne trɛ yɛ basafa mpemnum na ne ntwemu yɛ basafa mpem aduonu nnum, kronkronbea mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no ho, ɛnyɛ Israel fie nyinaa dea.

7 Na ɔberempɔn no deɛ no nna kronkronbea no mmasoɔ afɔrebɔdeɛ ne kuro no kyɛfa no nkyɛn mu ɛha ne ɛha, kronkronbea no mmasoɔ afɔrebɔdeɛ ne kuro no kyɛfa no anim, atɔeɛ fam, de rekɔ apueeɛ, ntwemu ne mmusuakuo no kyɛfa no mmaako mmaako deɛ no nsɛ, ɛmfiri atɔeɛ hyeɛ so nkɔ apueeɛ hyeɛ so;

8 asase no na ɛnyɛ ne kyɛfa Israel mu, na m’aberempɔn anhyɛ me man so bio; na wɔmfa asase no mma Israel fie sɛdeɛ wɔn mmusuakuo no teɛ.

9 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Momma no nnɔɔso mma mo, Israel aberempɔn, monnyae amimdie ne nhyɛsoɔ, na monyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ, monnyae sɛ monam ɔhyɛ so gye nsase firi me nkurɔfoɔ hɔ, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

10 Monnya nsania pa ne efa pa ne batpa.

11 Efa ne bat nsusuiɛ nyɛ baako, na efa nso nyɛ homer nkyɛmu du mu baako. Ne nsusuiɛ nyɛ sɛ homer baako.

12 Na dwetɛbena nyɛ gera aduonu. Nnwetɛbena aduonu, nnwetɛbena aduonu nnum ne nnwetɛbena dunum nyɛ mo mina.

13 Yei ne mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a momma soɔ; Ayuo homer mu efa nkyɛmu nsia mu baako ne atokoɔ homer mu efa nkyɛmu nsia mu baako.

14 Na ngo ho ahyɛdeɛ nie: Ngo bat no, bat nkyɛmu du mu baako na momma mfiri susukoraa a ɛne homer a ɛdi bat du no mu; na bat du na ɛyɛ homer;

15 na odwan baako a ɔfiri nnwankuo mu, nnwan ahanu a ɛwɔ Israel adidibea a ɛhɔ afɔ no mu, na ɛnyɛ aduane afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, na wɔmfa mpata mma wɔn, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

16 Asase no so nnipa nyinaa mfa mmasoɔ afɔrebɔdeɛ yi mma Israel mu berempɔn no.

17 Na ɛyɛ ɔberempɔn no asɛdeɛ sɛ ɔmma ɔhyeɛ afɔdeɛ, aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, nnapɔnna ne abosome foforɔ ne home nna wɔ Israel fie afahyɛ a wɔhyehyɛ nyinaa mu, ɔno ara na ɔmma bɔne ho afɔdeɛ, ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ a wɔde pata ma Israel fie no.

Afahyɛ ne afɔrebɔ ho nhyehyɛɛ

18 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Bosome a ɛdi kan no, da a ɛdi kan no, fa nantwiburuwa a ɔnni dɛm yi kronkronbea no ho bɔne.

19 Na ɔsɔfoɔ no mfa bɔne ho afɔdeɛ mogya no bi nkeka asɔrefie no aponnwa ne afɔrebukyia no faferɛ no ntweaso nnan ne abannwa a ɛwɔ mu no ponkɛseɛ no aponnwa ho.

20 Na bosome no da a ɛtɔ so nson no, yɛ saa ara, ma deɛ wafom anibiannasoɔ ne ne ntetekwaasɛm soɔ no nti, na momfa mpata mma efie no.

21 Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no monni Twam Afahyɛ no. Monnni paanoo a ɛntuiɛ nnanson.

22 Na ɔberempɔn no mfa nantwinini bi, da no ara, mmɔ ɔno ara ne asase no so man nyinaa ho bɔne afɔdeɛ.

23 Na afahyɛ nnanson no nyinaa, ɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma AWURADE, anantwinini nson ne adwennini nson a ɛdɛm nni wɔn ho, nna nson no mu da biara, ne bɔne ho afɔdeɛ nso, ɔpapo baako;

24 na ɔmma aduane afɔdeɛ nso, nantwie baako ne aduane efa baako, ne odwennini baako ne aduane efa baako, na ngo susutoa baako nka aduane efa baako ho.

25 Bosome a ɛtɔ so nson da a ɛtɔ so dunum no, afahyɛ no mu no, ɔnyɛ sei ara nnanson, sɛ bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne ngo nso deɛ.

Hesekiel 46

Ɔberempɔn no afɔrebɔdeɛ. Asɔre

1 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Abannwa ponkɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ no, wɔnto mu adwumayɛ nna nsia no nyinaa, na homeda no deɛ, wɔnhini, na bosome foforɔ da no nso, wɔnhini.

2 Na ɔberempɔn no mfiri akyire, mfa ntwonoo kwan pono so mmɛgyina ɛpono kɛseɛ no aponnwa ho; na asɔfoɔ no mmɔ ne hyeɛ afɔdeɛ ne n’asomdwoeɛ afɔdeɛ, na ɔnkoto nsɔre, ɛpono kɛseɛ no aponnwa ho, na ɔmfiri adi, na ɛpono kɛseɛ no deɛ, wɔnnto mu kɔsi anwummerɛ.

3 Na asase no so man no nso nkoto nsɔre ɛpono kɛseɛ no ano, home nna ne abosome foforɔ mu, AWURADE anim.

4 Na ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɔberempɔn no mfa mmrɛ AWURADE no nie: Homeda, nnwanten nsia a wɔnni dɛm ne odwennini a ne ho nni dɛm;

5 ne aduane afɔdeɛ: Odwennini no deɛ, efa ne nnwanten no ho aduane afɔdeɛ a ne nsa bɛso soɔ ne ngo susutoa a ɛka efa no ho.

6 Na bosome foforɔ da no: Nantwiburuwa a ɔnni dɛm ne nnwanten nsia ne odwennini baako a wɔnni dɛm,

7 ne nantwinini no ho efa ne odwennini no ho efa na ɔmfa nyɛ aduane afɔdeɛ ne nnwanten no deɛ, sɛdeɛ ne nsa bɛso soɔ, ne ngo susutoa a ɛka efa ho.

8 Na sɛ ɔberempɔn no rebɛhyɛne mu a, ɔmfa ɛpono kɛseɛ no ntwonoo kwan so nkɔ mu, na ɔmfa hɔ ara mfiri adi.

9 Na sɛ asase no so nnipa no reba AWURADE anim, afahyɛ no mu a, deɛ ɔfa atifi fam ponkɛseɛ no kwan so ba mu bɛsɔreɛ no, ɔmfa anafoɔ fam ponkɛseɛ no kwan so mfiri adi, na deɛ ɔfa anafoɔ fam ponkɛseɛ ano ba mu no, ɔmfa atifi fam ponkɛseɛ no ano mfiri adi; ɔnnsan mmfa ɛpono kɛseɛ a ɔfaa mu baa mu no mu mmfiri adi, na ɔnkɔ n’anim tee mfiri adi.

10 Na ɔberempɔn no, sɛ wɔreba mu a, ɔmfra wɔn mu mmra mu, na sɛ wɔrefiri adi a, ɔne wɔn mfiri adi.

11 Na nnapɔnna ne afahyɛ no mu aduane afɔdeɛ nyɛ nantwinini ne aduane efa, ne odwennini ne aduane efa, ne nnwanten ho deɛ ne nsa bɛso soɔ, ne aduane efa ho ngo susutoa.

12 Na sɛ ɔberempɔn no rebɛbɔ ayamyi hyeɛ afɔdeɛ anaa ayamyɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE a, ɛnneɛ wɔnhini no ɛpono kɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ no, na ɔmmɔ ne hyeɛ afɔdeɛ ne n’asomdwoeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ ɔyɛ no homeda no, na ɔmfiri adi; na n’adifire akyiri no, wɔnto ɛpono kɛseɛ no mu.

13 Na odwanten a wadi afe a ɔnni dɛm na fa bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma AWURADE; anɔpa anɔpa na bɔ;

14 na siesie ɛho aduane afɔdeɛ daa anɔpa, efa nkyɛmu nsia mu baako, ne ngo susutoa nkyɛmu mmiɛnsa mu baako, na wɔmfa mfɔre esiam no na ɛnyɛ aduane afɔdeɛ mma AWURADE; ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ daa;

15 na monsiesie odwanten no, ne aduane afɔdeɛ ne ngo no daa anɔpa: Ɛyɛ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ.

16 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Sɛ ɔberempɔn no de n’agyapadeɛ no bi kyɛ ne mma no bi a, ɛyɛ ne mma no deɛ, wɔn agyapadeɛ mu kyɛfa ne no.

17 Na sɛ ɔde n’agyapadeɛ no bi kyɛ ne nkoa mu bi a, ɛnneɛ ɛnyɛ akoa no deɛ nkɔsi ahofadie afe no so, na ɛnsane nkɔyɛ ɔberempɔn no deɛ bio, ɛyɛ ɔno ara agyapadeɛ, ne mma na ɛnyɛ wɔn deɛ.

18 Nanso ɔberempɔn no mmfa ɔmanfoɔ no agyapadeɛ bi, mmpam wɔn mfiri wɔn kyɛfa mu; ɔno ara ne kyɛfa no bi na ɔmfa mma ne mma na wɔnnie, deɛ ɛbɛyɛ na wɔampansam me man mu onipa biara amfiri n’agyapadeɛ soɔ.

19 Ɛnna ɔde me faa ɔkwan a ɛda ɛpono kɛseɛ no nhyɛnmu no so kɔɔ adammoa kronkron a ɛyɛ asɔfoɔ dea, a ɛhwɛ atifi fam no ano, na hwɛ, afa bi wɔ hɔ, atɔeɛ fam, akyire nohoa.

20 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛha ne faako a asɔfoɔ no bɛnoa asodie ho afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ no, na wɔatoto aduane afɔdeɛ no, na wɔamfa amfiri adi ankɔ abannwa a ɛwɔ ho no so ankɔte ɔman no ho.

21 Ɛnna ɔde me firii adi baa abannwa a ɛwɔ ho no soɔ, na ɔmaa mesene kɔɔ abannwa no ntweaso nnan no ho, na hwɛ, atuntuma bi wɔ abannwa no biara ntweaso.

22 Abannwa no ntwea nnan no mu na ntuntuma a wɔabram ho wowɔ a ne ntwemu yɛ basafa aduanan na ne trɛ yɛ basafa aduasa, ntweaso ntutuma nnan no nyinaa nsusuiɛ yɛ baako.

23 Na bamma bi twa ntuntuma nnan no mu hyia twan, na wɔayeyɛ mmukyia, mmamma no ase, de atwa ho ahyia.

24 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne aduanenoa adan a efie no mu asomfo no nnoa ɔmanfoɔ no kum afɔdeɛ wɔ hɔ.