Hesekiel 27

Tiro ho kwadwom

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Afei wo, onipa ba, twa Tiro ho kwadwom,

3 na ka kyerɛ Tiro sɛ: Wo a wote ɛpo aboboano, aman batani a wokɔ nsupɔ bebree soɔ, sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Tiro, wo deɛ, woka sɛ:

Me na me ho wie fɛ yɛ!

4 W’ahyeɛ wɔ po mfimfini,

w’abantofoɔ awie wo fɛ yɛ,

5 Senir pepeaa na wɔde pempam

w’ahyɛn afasuo,

Lebanon ntweneduro

na wɔfa de yɛɛ w’ahyɛn mu nnua;

6 Basan adum

na wɔde yɛɛ w’atabono,

wɔyɛɛ no asonse mango

a ɛhyehyɛ kwabɔhorɔ nnua

a ɛfiri Kipro mpoano mu mu;

7 nwera a wɔakyere mu a ɛfiri Misraim

yɛ wo mframatoma

a ɛyɛɛ wo frankaa;

bibitoma ne ntoma a ɛberedum

a ɛfiri Elisa mpoano mu yɛ wo nkatasoɔ;

8 Sidonfoɔ ne Arwadfoɔ

yɛɛ w’aharefoɔ;

w’anyansafoɔ wɔ wo Tiro no ara mu,

wɔne w’ahyɛn kwankyerɛfoɔ;

9 Gebal mpanimfoɔ ne emu anyansafoɔ nso wɔ wo mu

repempam w’agoago;

ɛpo so ahyɛn nyinaa ne wɔn hyɛn mufoɔ wɔ wo mu

di w’adwadeɛ ho nsesadwa.

10 Persia ne Lidia ne Put

wɔ wo dɔm mu,

yɛ w’akofoɔ,

wɔde kyɛm ne dadeɛ kyɛ sensɛne wo mu,

wɔn na wɔmaa w’anim baa nyam.

11 Arwadfoɔ ne wo dɔm

wɔ w’afasuo so hyia,

na Gamadfoɔ wɔ w’aban atentene mu,

wɔde wɔn akyɛm sensɛne w’afasuo ho hyia,

wɔn na wɔmaa w’ahoɔfɛ wiee yie yɛ.

12 Tarsis ne w’adamfo, w’adeɛ nyinaa dodoɔ nti; dwetɛ, dadeɛ, sanya, ne sumpii na wɔde bɛsesa wo hɔ adeɛ.

13 Yawan, Tubal ne Mesek ne wo di dwa, nnipa akra ne kɔbere mfrafraeɛ adeɛ na wɔde gye w’adwadeɛ.

14 Bet-togarma fie na wɔfiri de apɔnkɔ ne ɔko mu apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ ba de bɛsesa wo hɔ adeɛ;

15 Dedan mma ne wo di dwa; mpoano aman bebree so na wo nsa ano adwadeɛ korɔ; asonse amuamu ne duaboɔ nnua na wɔde bɛtua wo ka;

16 Siria ne wo di dwa, w’adeɛ a woyɛeɛ no dodoɔ nti. Nsrammaboɔ, ntoma a ɛberedum ne nkyeremu ne nwera pa ne bota ne nnenkyenema na wɔde bɛsesa wo hɔ adeɛ.

17 Yuda ne Israel asase ne wo di dwa; Minit ayuo, atokoɔ,ɛwoɔ, ngo ne aneneduhwam na wɔde gye w’adwadeɛ,

18 Damasko ne wo di dwa, w’adeɛ a woyɛeɛ no dodoɔ so, ahodeɛ nyinaa dodoɔ nti; wɔde Helbon bobesa ne nnwan nwi fitaa ba.

19 Wedan ne Yewan firi Usal bɛne wo di nsesadwa; dadeɛ a wɔabɔ, bɛwewonua ne mmetire yɛ wo nsesa adeɛ.

20 Dedan de apɔnkɔtoma a wɔtena soɔ ne wo di dwa.

21 Arabia ne Kedar aberempɔn nyinaa yɛ wo nsa ano adwadifoɔ: Nnwammaa ne adwennini ne mpapo dwa na wɔne wo die;

22 Seba ne Rama abatafoɔ ne wo di dwa, wɔde nnuhwam nyinaa mu titire ne aboɔden aboɔ nyinaa mu sika ne wo bɛdi nsesadwa;

23 Haran ne Kane ne Eden, Seba abatafoɔ, Asur, Kilmad ne wo di dwa;

24 wɔn na wɔyɛ w’abatafoɔ, ntoma afɛfɛ mu, bibitoma ne nkyeremu ngusoɔ mu ne asaawa a wɔafira ademudeɛ, nhoma a wɔafira na wɔakyinkyim, wɔde gye wo adwadeɛ.

25 Tarsis ahyɛn no ne w’akwantufoɔ di w’adwadie mu akɔneaba,

na woayɛ ma, na wɔsoaa wo nnesoa pii

wɔ ɛpo ahodoɔ no mfimfini.

26 W’aharefoɔ no de wo kɔ

nsuo bebree so,

apueeɛ mframa bobɔ wo

wɔ ɛpo ahodoɔ no mfimfini.

27 W’adeɛ dodoɔ ne w’adetɔnneɛ, wo nsesa adwadeɛ,

w’ahyɛn mufoɔ ne w’ahyɛn kwankyerɛfoɔ,

wo mu agoago pempamfoɔ ne w’adwadeɛ sesafoɔ

ne wo mu akofoɔ nyinaa

ne w’asafo

a wɔwɔ wo mu nyinaa,

bɛmem ɛpo mu,

w’ahweaseɛ da no mu.

28 W’ahyɛn kwankyerɛfoɔ nteamu nne

ma mpoano asase wosowoso,

29 na wɔn a wɔkurakura atabono nyinaa,

ahyɛn mufoɔ,

po ani kwankyerɛfoɔ nyinaa fifiri wɔn ahyɛn mu sianesiane

bɛgyinagyina fam,

30 na wo so na wɔmema wɔn nne soɔ,

na wɔteam yaayaaya

de dɔteɛ gugu wɔn atifi

yantamyantam nso mu,

31 na wɔbobɔ tikwa ma wo,

firafira ayitoma

na wɔde ɔkra awerɛhoɔ ne

agyaadwotwire yaya su ma wo,

32 na wɔbɛtwa wo ho kwadwom,

wɔn adwotwa no mu ato wo ho dwom sɛ:

Hwan na ɔte sɛ Tiro a wɔama n’asase ayɛ dinn,

ɛpo mu yi?

33 W’adwadeɛ firi po nyinaa mu baeɛ no,

wode maa aman bebree mee,

w’ahonyadeɛ ne w’adwadeɛ dodoɔ

na wode maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho.

34 Afei a wɔabobɔ wo afiri ɛpo ani

de wo ahyɛ nsu donkodonko mu yi,

w’adwadeɛ ne w’asafo a

ɛwɔ wo mu no nyinaa atotɔ.

35 Nsuano aman nyinaa,

wo nti wɔn ho dwiri wɔn,

na awɔse gu wɔn ahemfo so,

wɔn anim akusa.

36 Aman mu adwadifoɔ bɔ wo so hwerɛma hwee hwee.

Woapatu asɛe,

na wonni hɔ bio de kɔsi daa.

Hesekiel 28

Tiro man ho atemmusɛm

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, ka kyerɛ Tiro man panin sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Ɛsiane sɛ woama wo ho soɔ,

na wose: Meyɛ onyame,

anyamedwa so na meteɛ,

ɛpo mfimfini,

nanso woyɛ onipa,

na wonyɛ onyame,

na wobu wo ho sɛ onyame.

3 Hwɛ, woyɛ onyansafoɔ sene Daniel,

ahuntasɛm biara anhunta wo,

4 wo nyansa ne wo nhunumu so

na woanya adeɛ afa,

na woanya sika ne dwetɛ

agu w’akoradeɛ mu,

5 wo nyansa dodoɔ ne wo w’adwadie

na wode ama w’ahodeɛ adɔɔso,

na w’adeɛ no nti w’akoma ahuhuru,

6 enti, sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Ɛsiane sɛ woyɛ wo ho sɛ

onyame nti,

7 hwɛ, mede ananafoɔ mereba wo so,

amanaman mu aniɛdenfoɔ,

na wɔabɛtwetwe wɔn nkrantɛ atia wo nyansa ahoɔfɛ no,

na wɔagu wo hyerɛn ho fi.

8 Amena mu na wɔde wo bɛsiane akorɔ,

na woawu atɔfoɔ wuo,

ɛpo mfimfini.

9 Ka na wobɛka sɛ: Onyame ne me,

wɔn a wɔkum woɔ no anim?

Na wo deɛ, woyɛ onipa na wonyɛ onyame,

deɛ ɔhwire wo mu no nsam.

10 Momonotofoɔ wuo na wobɛwuo

ananafoɔ nsam,

na me na maka, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

11 Na Awurade NYANKOPƆN asɛm baa me nkyɛn sɛ:

12 Onipa ba, twa Tiro hene ho kwadwom, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Wo deɛ, wone abɔdeɛ afɛfɛ mu deɛ ɔyɛ,

nyansa ahyɛ wo ma,

w’ahoɔfɛ di mu.

13 Nyankopɔn turo Eden mu na woteɛ,

aboɔden aboɔ nyinaa yɛ wo nkataho,

bogyanamboɔ, akarateboɔ ne bɔwerɛboɔ,

sikabereɛboɔ, apopobibireboɔ ne ahwehwɛboɔ,

hoaboɔ, nsrammaboɔ ne ahahammonoboɔ ne sika;

wo mpintin ne bɔmmaa som w’anim,

ɛda a wɔbɔɔ woɔ no na wɔsiesieeɛ.

14 Wo ne kerub a wɔasra no a ɔkata soɔ,

na mede wo mesii hɔ, Nyankopɔn bepɔ kronkron no so

na wowɔ, ogya aboɔ ntam na na wonenam.

15 Na mfomsoɔ biara nni wo ho,

firi da a wɔbɔɔ woɔ ara

de kɔsii da a wɔhunuu wo mu abusudeɛ no.

16 W’adwadie dodoɔ nti

na wɔde amimdie hyɛɛ wo mu ma, na woyɛɛ bɔne,

na metoo wo firi Nyankopɔn bepɔ so sɛ afideɛ,

na kerub a ɔbɔ wo ho ban no,

pamm wo firi ogya aboɔ no ntam.

17 W’ahoɔfɛ nti w’akoma ahuhuru,

woasɛe wo nyansa ne wo hyerɛn,

mato wo atwene fam,

mede wo ato ahemfo anim

sɛ wɔnhwɛ wo.

18 W’amumuyɛ dodoɔ so,

w’adwadie abusudeɛ mu

woagu w’akronkronneɛ ho fi,

enti mama ogya afiri wo mu,

na ahye wo,

na madane wo nso, asase so,

wɔn a wɔhwɛ woɔ nyinaa anim.

19 Wɔn a wɔnim woɔ, aman nyinaa mu,

wo ho bɛyɛ wɔn ahodwiri;

woapatu asɛe,

na wonni hɔ bio de kɔsi daa.

Sidon ho nkɔmhyɛ

20 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

21 Onipa ba, dane w’ani kyerɛ Sidon, na hyɛ ne ho nkɔm,

22 na ka sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Hwɛ, me ne wo anya, O Sidon,

na mɛnya wo mu animuonyam,

na sɛ meyɛ ne mu atemmudeɛ

na meyi ne mu kronkronyɛ adi a,

wɔahunu sɛ mene AWURADE.

23 Na merema owuyadeɛ aba ne mu

na mogya agu ne mmorɔno so,

na apirafoɔ atotɔ ne mu,

nkrantɛ a ɛfiri mmaa nyinaa bɛba ne soɔ no ano,

na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

24 Na kasɛɛ a ɛwɔ onipa ne hwerɛmo a ɛyɛ ya renka hɔ mma Israel fie bio, mfiri wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia a wɔbu wɔn animtia no nyinaa mu, na wɔahunu sɛ mene Awurade NYANKOPƆN.

Israel ahodwoɔ

25 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Sɛ menya boa Israel fie ano firi aman a wɔapete wɔn mu no mu a, mɛyi me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu amanaman no ani so, na wɔbɛtena wɔn asase a mede maa m’akoa Yakob no so.

26 Na wɔbɛtena so dwoodwoo, asi adan, ayeyɛ bobe nturo, na wɔatena ase dwoodwoo, ɛfiri sɛ mɛyɛ atemmudeɛ, wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia bu wɔn animtia no nyinaa mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE wɔn Nyankopɔn.

Hesekiel 29

Misraim sɛeɛ

1 Afe a ɛtɔ so du no, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so dummienu no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, dane w’ani kyerɛ Misraimhene Farao, na hyɛ nkɔm tia no ne Misraim nyinaa;

3 kasa na ka sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Hwɛ, me ne wo anya,

Misraimhene Farao,

asuboa kɛseɛ a ɔda

n’asubɔnten mu a ɔka sɛ:

M’Asubɔnten Nil wɔ me,

me ara na meyɛ mefaeɛ.

4 Na mede nkɔtɔkorɔ bɛwura w’afono mu,

na mama w’asubɔnten mu mpataa afemfam w’abena ho,

na matwe wo afiri w’asubɔnten mu aba,

wo ne w’asubɔnten mu mpataa

a ɛfemfam w’abena ho no nyinaa.

5 Na mɛto wo atwene ɛserɛ so,

wo ne w’asubɔnten mu mpataa nyinaa.

Ɛserɛ petee so na wobɛtɔ,

wɔrentase wo, na wɔremmoa wo ano;

asase so mmoa ne ewiem nnomaa

na mede wo bɛyɛ wɔn aduane.

6 Na Misraimfoɔ nyinaa bɛhunu sɛ mene AWURADE.

Ɛsiane sɛ wɔyɛ nkyɛnkyɛmma poma ma Israel fie,

7 wɔsɔ wo nsa mu a,

wobuka suane wɔn mmati nyinaa,

na wɔtwere wo a,

wobu ma wɔn sisi nyinaa hinhim.

8 Ɛno nti sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Hwɛ, mede nkrantɛ mereba wo so, na matwitwa wo mu nnipa ne mmoa,

9 na Misraim asase adane afo, na ɛso ada mpan, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Ɛsiane sɛ woka sɛ: Asubɔntene Nil no wɔ me, na me ara na meyɛeɛ.

10 Enti, hwɛ, me ne wo ne w’asutene ahodoɔ no anya, na mɛyɛ Misraim asase no afoafo, amamfo ne ahodwirideɛ, afiri Siene abantenten ho akɔsi Etiopia hyeɛ so tɔnn.

11 Onipa nan remfa so na aboa nan rensi so, na wɔrentena so mfirinhyia aduanan.

12 Na mɛyɛ Misraim asase pasaa, nsase a ayɛ pasaa mu, na ne nkuro ada mpan wɔ nkuro afoafo mu, mfirinhyia aduanan, na mɛbɔ Misraim apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsase so.

13 Na sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Mfirinhyia aduanan akyiri no, mɛboa Misraim ano afiri aman a mabɔ wɔn apete hɔ no mu,

14 na mede Misraim nnommum no asane aba, na mede wɔn aba Patros asase so bio, wɔn asase a wɔfiri soɔ no so, na wɔayɛ ahennie a abrɛ aseɛ wɔ hɔ.

15 Ɛbɛyɛ ahennie mu deɛ abrɛ aseɛ, na ɛremma ne ho so bio wɔ amanaman so. Na mɛma wɔasua, na wɔanni amanaman so bio.

16 Na Israel fie remfa wɔn ho nto wɔn so bio, sɛ wɔkae wɔn bɔne a ɛne sɛ wɔhwehwɛɛ mmoa firii wɔn hɔ no. Na wɔahunu sɛ mene Awurade NYANKOPƆN.

Babel bɛfom Misraim afa

17 Na afe a ɛtɔ so aduonu nson no, bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

18 Onipa ba, Babelhene Nebukadnessar maa ne dɔm ko tiaa Tiro. Ɛyɛɛ ɔko kɛseɛ a na ɔhaw ne brɛ pii wɔ mu, nanso akatua biara amfiri Tiro ammɛka ɔno ne ne dɔm nsa, som a ɔsomeeɛ no ho.

19 Enti sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Hwɛ, mede Misraim asase merema Babelhene Nebukadnessar, na wasoa n’asafo yuu akɔ, na wafa n’asadeɛ, na wafom n’afomfadeɛ afa, na ayɛ ne dɔm no akatua;

20 n’apaadeɛ a ɔsom ho no ano na mede Misraim asase bɛma no, sɛ n’apaadeɛ a ɔsomm ho, ɛfiri sɛ wɔyɛ maa me, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

21 Ɛda no na mɛma abɛn bi afifiri ama Israel fie, na wo na mɛma wo kwan na woabue w’ano wɔ wɔn mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Hesekiel 30

Misraim ho kwadwom

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Montwa agyaadwoɔ! Ao, ɛda no!

3 Na ɛda no abɛn,

ɛda no abɛn ama AWURADE,

mununkum da,

ɛbɛyɛ amanaman berɛ.

4 Na nkrantɛ bɛba Misraim so,

na nketenkete akuta Etiopia,

ɛberɛ a apirafoɔ retotɔ Misraim

na wɔrefa emu asafo yuu akorɔ

na wɔredwiri ne nnyinasoɔ.

5 Etiopia, Put, Lidia ne afrafrafoɔ dɔm nyinaa ne Kub a wɔne wɔn wɔ apam no nyinaa bɛtotɔ nkrantɛ ano.

6 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Wɔn a wɔboa Misraim bɛtotɔ,

na n’ahoɔden ahantan no abrɛ ase.

Ɛfiri Migdol kɔsi Siene

wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano,

Awurade NYANKOPƆN asɛm nie,

7 na wɔayɛ pasaa, nsase a ayɛ pasaa mu, na ne nkuro afra nkuro afoafo mu,

8 na wɔahunu sɛ mene AWURADE,

berɛ a mɛsɔ ogya Misraim

na wɔasɛe n’aboafoɔ nyinaa no.

9 Ɛda no, abɔfoɔ bɛfiri m’anim afiri adi, ahyɛne mu, akɔma Etiopiafoɔ wɔn a wɔwɔ hɔ anibiannasoɔ mu no abɔ binim, na ehu bɛba wɔn mu sɛ Misraim da no, na hwɛ, ɛreba.

10 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Mede Babelhene Nebukadnessar nsa

bɛtwa Misraim asafo yuu no so.

11 Ɔno ne ne man a ɛka ne ho no, amanaman aniɛdenfoɔ no,

wɔde wɔn reba abɛsɛe asase no,

na wɔatwetwe wɔn nkrantɛ atia Misraim,

na wɔde atɔfoɔ ahyɛ asase no ma.

12 Na mɛma Nil ne nsubɔntene no awewe,

na matɔn asase no ahyɛ abɔnefoɔ nsa,

na mede ananafoɔ nsa

mayɛ asase no ne ne mayɛ pasaa;

me AWURADE, na maka.

13 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Mɛsɛe ahoni huhuo no

na matwa abosonhuhuo no so afiri Memfis,

na ɔberempɔn renka Misraim asase so mma wɔn bio,

na mɛma ehu aba Misraim asase so.

14 Na mɛyɛ Patros pasaa,

na masɔ ogya Soan,

na mayɛ atemmudeɛ wɔ Tebes,

15 na mahwie m’abufuhyeɛ agu Pelusium, ne

Misraim aban a ɛyɛ den no so,

na Tebes asafo yuu no matwa so.

16 Na mɛto Misraim mu gya.

Pelusium bɛhunu ayayadeɛ,

na wɔde Tebes bɛma

wɔabu n’afasuo afa mu, na Memfis bɛhunu ahohiahiafoɔ awia,

17 On ne Pi-beset mmeranteɛ bɛtotɔ nkrantɛ ano,

na mmaa no akɔ nnommumfa mu.

18 Tehafnehes nso, ɛda no bɛduru sum,

sɛ merebubu Misraim kɔnnua wɔ hɔ,

na n’ahoɔden ahantan to bɛtwa wɔ ne mu,

na mununkum bɛkata ne so,

na ne mmammaa akɔ nnommumfa mu.

19 Sei na mɛyɛ atemmudeɛ wɔ Misraim,

na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Misraim hene tumi bɛbrɛ ase

20 Na afe a ɛtɔ so dubaako, bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so nson no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

21 Onipa ba, Misraimhene Farao basa no, mabu, na hwɛ, wɔnkyekyeree sɛ wɔresa, sɛ wɔde ntomaban rekyekyere so, sɛ wɔde rema emu ayɛ den na atumi asɔ nkrantɛ mu.

22 Ɛno nti sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Hwɛ, me ne Misraimhene Farao anya, na merebɛbu n’abasa no, deɛ ɛyɛ den ne deɛ abuo no, na mama nkrantɛ no afiri ne nsa atɔ fam;

23 na mɛbɔ Misraimfoɔ apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsase so.

24 Na mɛhyɛ Babel hene abasa mu den, na mede ne nkrantɛ ahyɛ ne nsa, na mabubu Farao abasa, na wapenepene ɔtofoɔ pene n’anim.

25 Na mɛma Babel hene abasa ayɛ den, na Farao abasa mu ago, na wɔahunu sɛ mene AWURADE. Na mede me nkrantɛ merehyɛ Babel hene nsa, na watene no Misraim asase so;

26 na mɛbɔ Misraim apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu so, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Hesekiel 31

Farao mpofirim ahweaseɛ

1 Na afe a ɛtɔ so dubaako no, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne n’asafo yuu no sɛ:

Wote sɛ hwan, wo kɛseyɛ mu?

3 Hwɛ, Asiria te sɛ Lebanon so tweneduro,

ne mman fɛfɛ, n’ahahan kusuu a ɛma enwunu,

na ɛkorɔn sorɔnsorɔn

a ne ntɛntɛnoa wɔ mununkum ntam.

4 Nsuo maa no yɛɛ kɛse,

ebunu maa no korɔnn.

Ne nsutene sene

twaa ne mfuo ho hyiae,

na ɛde ne nsuka

kɔɔ wiram nnua nyinaa ho.

5 Enti ɛkorɔn sorɔnsorɔn

sene wiram nnua nyinaa,

ne dubaa ayeyɛ akɛseɛ

na ne mman ayeyɛ atentene,

nsuo dodoɔ a ɛnyaeɛ a ɛpaepae nkorabata no nti.

6 Ne mman frɔmfrɔm no mu

na ewiem nnomaa nyinaa yeyɛɛ apirebuo,

na ne mman akɛseɛ no ase na wiram mmoa nyinaa

wowoo wɔn mma,

na n’ase nwunu mu

na amanaman akɛseɛ nyinaa tenaeɛ.

7 Na ne ho yɛ fɛ, ne kɛseyɛ mu,

ne mman tentenyɛ mu,

ɛfiri sɛ na ne nhini

kɔ nsuo bebree ho;

8 ntweneduro a ɛwɔ Nyankopɔn turo mu nto no,

na pepeaa nnua nte sɛ ne mman frɔmfrɔm no,

na kyɛnkyɛn nte sɛ

ne mman akɛseɛ;

dua biara nni Nyankopɔn turo mu

a na ɛsɛ no n’ahoɔfɛ mu;

9 mede ne mman dodoɔ

maa ɛyɛɛ fɛ

maa nnua

a ɛwɔ Nyankopɔn Eden turo mu no nyinaa ani beree no.

10 Enti sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ɛsiane sɛ ɛwaree ne korɔn mu na ɔyii ne ntɛntɛnoa kɔɔ mununkum mu, na n’akoma huhuruiɛ n’ahantan mu nti,

11 mede no hyɛɛ amanaman tumfoɔ no nsa; die na ɔne no diiɛ, n’abɔnefosɛm nti na metuu no.

12 Na ananafoɔ, amanaman mu aniɛdenfoɔ too no gui na wɔgyaa no hɔ; mmepɔ so ne mmonhwa nyinaa mu na na ne mman guguo, na ne mman akɛseɛ no bubui wɔ asase so nsubɔnhwa nyinaa mu, na asase so aman nyinaa firii ne nwunu no mu sane kɔe, gyaa no hɔ.

13 Na dutan a ɛda fam no so

na na ewiem nnomaa nyinaa sisie,

na ne mman akɛseɛ no so

na na wiram mmoa nyinaa wɔ.

14 Ɛyɛɛ saa na nsuo ho nnua nyinaa mu biara amma ne ho so, ne korɔn nti, na anyiyi ne ntɛntɛnoa wɔ mununkum mu, na wɔn atumfoɔ amma wɔn ho so annyina wɔn ahantan mu, wɔn a wɔnom nsuo nyinaa.

Ɛfiri sɛ, na wɔde wɔn nyinaa ama owuo,

akɔ asase ase tɔnn,

nnipa mma mu,

akɔ wɔn a wɔsiane kɔ Asamando no nkyɛn.

15 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Da a ɔsiane kɔɔ Asamando no, memaa abooboodie bae, ne nti memaa ebunu so katae, na mesii ne nsubɔntene ano, na wɔsiankaa nsuo bebree no; na memaa Lebanon firaa ne so birisi tumm, na ne nti ewiem nnua nyinaa botoe.

16 N’ahweaseɛ gyegyeegye so memaa amanaman wosoe, berɛ a mereto no akɔ Asamando aka wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no ho no; na Eden nnua nyinaa, Lebanon adeɛ a wɔayi a ɛyɛ no, wɔn a wɔnom nsuo nyinaa bo tɔe, asase so.

17 Wɔn nso a wɔyɛ ne basa a wɔte n’ase nwunu mu, amanaman mu no, wɔne no siane kɔɔ Asamando, kɔɔ nkrantɛ ano atɔfoɔ nkyɛn.

18 Hwan na wosɛ no saa, animuonyam ne kɛseyɛ mu, Eden nnua mu? Nanso wɔde wo ne Eden nnua no bɛsiane akɔ asase ase, momonotofoɔ mu na wobɛda, nkrantɛ ano atɔfoɔ nkyɛn.

Farao ne n’asafo yuu nyinaa nie, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

Hesekiel 32

Farao ho kwadwom

1 Na afe a ɛtɔ so dummienu no, bosome a ɛtɔ so dummienu no, da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, twa kwadwom ma Misraimhene Farao, na ka kyerɛ no sɛ:

Amanaman mu gyataburuwa ho na wɔde wo toeɛ,

nso wo deɛ, wotee sɛ ɛpo mu asuboa,

na wohuri firii wo nsubɔntene no mu,

na wode wo nan nuu nsuo no mu

honoo wɔn nsubɔntene.

3 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Mɛto m’asau agu wo so,

aman bebree asafo mu,

na wɔde me boa ayi wo aforo aba,

4 na mɛto wo atwene fam,

na mato wo atwene ɛserɛ so,

na mama ewiem nnomaa nyinaa abɛsisi wo so,

na mama asase nyinaa so mmoadoma adi wo nam amee.

5 Na mede wo nam bɛto mmepɔ so,

na mede wo funu ahyɛ mmonhwa ma,

6 na mama asase no anom wo mogya sɛ nsuo

akɔduru mmepɔ ho,

na woahyɛ nsubɔnhwa no mama.

7 Na sɛ medum wo sɛ kanea a, mɛkata ɔsoro,

na mama ne nsoromma abiri tumm;

mede mununkum bɛkata owia ani,

na ɔsrane renharan.

8 Mɛma ɔsoro nkanea a ɛhyerɛn

abiri wo so,

na mama esum aduru w’asase so,

Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

9 Na mɛteetee aman bebree akoma,

berɛ a mɛfa wo dommum

akɔ amanaman mu,

nsase a wonnim soɔ no soɔ;

10 na mɛma wo ho ayɛ aman bebree ahodwiri,

na wo ho ama awɔse agu wɔn ahemfo so,

berɛ a mehwinhwim m’afena wɔn anim no,

na wɔn ho bɛpopo berɛ nyinaa mu,

wɔn nyinaa nkwa nti,

w’ahweaseɛ da no so.

11 Na sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Babel hene nkrantɛ bɛba wo so.

12 Nnɔmmarima nkrantɛ

na mede bɛma w’asafo yuu no atotɔ,

amanaman mu aniɛdenfoɔ ne wɔn nyinaa,

na wɔbɛsɛe Misraim ahantan,

na wɔadwerɛ n’asafo yuu no nyinaa.

13 Na mɛdwerɛ n’afiemmoa nyinaa

afiri nsuo akɛseɛ no ho,

na onipa nan remma no nhono bio,

na afieboa ntɔte remma no nhono bio.

14 Ɛno na mɛma wɔn nsuo ani agyene,

na mama wɔn nsubɔntene asene sɛ ngo,

Awurade NYANKOPƆN asɛm nie,

15 ɛberɛ a mɛma Misraim asase ayɛ afo

na asase no ada ne mayɛ ho mpan no,

ɛberɛ a mɛkum wɔn a wɔte soɔ no nyinaa no,

na wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE.

16 Kwadwom a wɔde bɛsu no nie.

Amanaman mmammaa de bɛsu no,

wɔde bɛsu Misraim ne n’asafo yuu nyinaa,

AWURADE asɛm nie.

Misraim ho ayidwom

17 Na afe a ɛtɔ so dummienu no, bosome a ɛdi kan no ara da a ɛtɔ so dunum no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

18 Onipa ba, twa Misraim asafo yuu so adwo,

na ma wɔne amanaman atumfoɔ mmammaa

nsiane nkɔ famfam

asase so

nka wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no ho.

19 Hwan na wosene no ahoɔfɛ? Siane na da momonotofoɔ nkyɛn!

20 Nkrantɛ ano atɔfoɔ mu na wɔbɛtotɔ; wɔde no ama nkrantɛ; montwe ɔno ne n’asafo yuu nyinaa nkɔ.

21 Nnɔmmarima mu atumfoɔ ne wɔn aboafoɔ firi Asamando ka kyerɛ no sɛ: Momonotofoɔ a wɔde nkrantɛ akunkum wɔn no asiane deda hɔ.

22 Ɛhɔ na Asiria ne n’asafo nyinaa wɔ, wɔn adamena atwa ne ho ahyia, wɔahwire wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrantɛ ano.

23 Wɔabɔ ne da wɔ Amena mu tɔnn, na n’asafo atwa ne damena ho ahyia. Wɔahwire wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrantɛ ano, wɔn a wɔyii nnipa hu, ateasefoɔ asase soɔ no.

24 Ɛhɔ na Elam ne n’asafo yuu nyinaa wɔ, wɔn adamena atwa ne ho ahyia; wɔahwire wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrantɛ ano. Momonotofoɔ a wɔsiane kɔɔ asase ase tɔnn a wɔyii nnipa hu, ateasefoɔ asase soɔ no, na wɔne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no asoa wɔn ahohora.

25 Atɔfoɔ mu na wɔato no mpa, n’asafo yuu no nyinaa mu, wɔn adamena atwa ne ho ahyia; wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ, na wɔakunkum wɔn nkrantɛ ano. Wɔn ho hu kaa nnipa ateasefoɔ asase soɔ nti, wɔne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no asoa wɔn ahohora; wɔde no ato atɔfoɔ mu.

26 Ɛhɔ na Mesek, Tubal ne wɔn asafo yuu no nyinaa wɔ; wɔn adamena atwa ne ho ahyia; wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ, wɔakunkum wɔn nkrantɛ ano, ɛfiri sɛ wɔmaa wɔn ho hu kaa nnipa, ateasefoɔ asase so;

27 na wɔrenneda momonotofoɔ mu nnɔmmarima a wɔatotɔ na wɔde wɔn akodeɛ asiane kɔ Asamando, na wɔdeda wɔn nkrantɛ soɔ; na wɔn amumuyɛdeɛ aba wɔn nnompe so, ɛfiri sɛ wɔn ho yɛɛ nnɔmmarima hu, ateasefoɔ asase so.

28 Na wo nso wɔbɛbubu wo momonotofoɔ mu, na wo ne nkrantɛ ano atɔfoɔ adeda.

29 Ɛhɔ na Edom wɔ, n’ahemfo ne n’aberempɔn nyinaa, wɔde wɔn guu nkrantɛ ano atɔfoɔ nkyɛn, wɔn mmaninyɛ mu. Wɔn nso wɔne momonotofoɔ ne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no deda hɔ.

30 Ɛhɔ na atifi fam mmapɔmma nyinaa wɔ, ne Sidonfoɔ a wɔne atɔfoɔ asiane korɔ no nyinaa; wɔn ho hu a wɔde wɔn mmaninyɛ yiiɛ no mu, wɔn ani awu, na wɔdeda hɔ, wɔyɛ momonotofoɔ; wɔne nkrantɛ ano atɔfoɔ no, na wɔne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu soa wɔn ahohora.

31 Farao bɛhu wɔn, na wakyekye ne werɛ, n’asafo yuu no nyinaa ho; nkrantɛ ano atɔfoɔ ne Farao ne ne dɔm nyinaa ho, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

32 Na memaa no yii hu, ateasefoɔ asase so, enti na wɔde no ato momonotofoɔ mu aka nkrantɛ ano atɔfoɔ ho, Farao ne n’asafo yuu nyinaa, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

Hesekiel 33

Honhom fam awɛmfoɔ no asɛdeɛ

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, kasa kyerɛ wo man mma, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mede nkrantɛ ba asase bi so, na asase no so man no yi wɔn mu barima bi, na wɔyɛ no ɔwɛmfoɔ,

3 na ɔhunu nkrantɛ sɛ ɛreba asase no so, na ɔhyɛne totorobɛnto de bɔ ɔman no kɔkɔ,

4 na ɔtefoɔ te totorobɛnto no hyɛn, na wantie kɔkɔbɔ no, na nkrantɛ no ba bɛfa no kɔ a, ne mogya bɛbua n’atifi.

5 Ɔtee totorobɛntohyɛn no, na wantie kɔkɔbɔ no; ne mogya ngu ne so! Na sɛ ɔtiee kɔkɔbɔ no a, anka ɔgyee ne kra nkwa.

6 Na sɛ ɔwɛmfoɔ no hunu nkrantɛ sɛ ɛreba, na wanhyɛne abɛn no ammɔ ɔmanfoɔ kɔkɔ na nkrantɛ no ba bɛkum wɔn mu bi a, ɔno deɛ, n’amumuyɛ mu na wɔafa no korɔ, na ne mogya deɛ, mɛbisa no ɔwɛmfoɔ no nsam.

7 Na wo, onipa ba, mede wo asi ɔwɛmfoɔ ama Israel fie, na tie m’anomu asɛm, na fa bɔ wɔn kɔkɔ.

8 Sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ: Ɔbɔnefoɔ, wuo na wobɛwuo, na sɛ woanka ammɔ ɔbɔnefoɔ no kɔkɔ ne kwan ho a, ɔno ɔbɔnefoɔ no bɛwu n’amumuyɛ mu, na ne mogya deɛ, wo nsam na mɛbisa.

9 Na wo, sɛ wobɔ ɔbɔnefoɔ no kɔkɔ ne kwan ho, sɛ ɔnsane mfiri so, na wansane amfiri ne kwan no so a, ɔno deɛ, ɔbɛwu n’amumuyɛ mu, na wo nso woagye wo kra nkwa.

Nyankopɔn adɔeɛ ne ne tenenee

10 Enti wo, onipa ba, ka kyerɛ Israel fie sɛ: Moka sɛ: Yɛn mmarato ne yɛn bɔne gu yɛn so, na ɛnonom mu na yɛredwerɛ yi, na ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛnya nkwa?

11 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mete aseɛ yi, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, ampa ara, ɔbɔnefoɔ wuo nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsane afiri ne kwan soɔ na wanya nkwa! Monsane, monsane mfiri mo akwammɔne so! Adɛn nti na morewuwuo yi, Israel fie?

12 Na wo, onipa ba, ka kyerɛ wo man mma no sɛ: Ɔteneneeni tenenee rennye no ne mmarato da no, na ɔbɔnefoɔ abɔnefosɛm nso renhwe no ase, ɛda a ɔbɛsane afiri n’abɔnefosɛm mu no, na ɔteneneeni nso rentumi nnye ne ho nkwa wɔ mu, ɛda a ɔyɛ bɔne no.

13 Sɛ meka kyerɛ ɔteneneeni sɛ: Wobɛnya nkwa, na ɔde no ho to ne tenenee so na ɔyɛ amumuyɛdeɛ a, wɔrenkae ne tenenee no biara, na n’amumuyɛdeɛ a wayɛ no mu ara na ɔbɛwuo.

14 Na meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ: Wuo na wobɛwuo, na ɔsane firi ne bɔne mu bɛyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ,

15 na sɛ ɔbɔnefoɔ dane awowasideɛ kɔma, ɔhyɛ deɛ ɔfomeeɛ no ananmu, ɔnante nkwa ahyɛdeɛ mu sɛ ɔrenyɛ amumuyɛdeɛ a, nya na ɔbɛnya nkwa, ɔrenwu;

16 ne bɔne a ɔyɛeɛ no nyinaa, wɔrenkae mma no; wayɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ, nkwa ara na ɔbɛnya.

17 Nanso wo man mma ka sɛ: AWURADE kwan ntene! berɛ a wɔn mmom na wɔn kwan ntene.

18 Sɛ ɔteneneeni sane firi ne tenenee ho na ɔyɛ amumuyɛdeɛ a, emu na ɔbɛwuo;

19 na sɛ ɔbɔnefoɔ sane firi n’abɔnefosɛm ho na ɔyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ a, ɛno ara so na ɔbɛnya nkwa;

20 nanso moka sɛ: AWURADE kwan ntene! Sɛdeɛ obiara kwan teɛ no, saa na mɛbu mo atɛn, Israel fie.

Yerusalem ahweaseɛ ho amanneɛbɔ

21 Na yɛn tukorɔ afe a ɛtɔ so dummienu no, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so nnum no, odwanefoɔ bi firii Yerusalem baa me nkyɛn sɛ: Wɔabɔ kuro no.

22 Nso na AWURADE nsa aba me so anwummerɛ no, ansa na odwanefoɔ no reba. Ɔbaa me nkyɛn anɔpa no, na wabue m’ano, na mantɔre mum bio.

23 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

24 Onipa ba, wɔn a wɔte Israel asase so akurofo no soɔ no ka sɛ: Abraham yɛ ɔbaakofoɔ, na ɔfaa asase no diiɛ, na yɛn deɛ, yɛdɔɔso, yɛn mmom na wɔde asase no ama yɛn sɛ yɛmfa nnie.

25 Enti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Modi aboa a wɔantwa ne tiri nam, na momma mo ani so kyerɛ mo abosonhuhuo, na moka mogya gu, na mobɛfa asase no adi so anaa?

26 Mogyinagyina mo nkrantɛ so, moyɛ akyiwadeɛ, na obi gu ne yɔnko yere ho fi, na mobɛfa asase no adi so anaa?

27 Sɛ ka kyerɛ wɔn nie: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Sɛ mete aseɛ yi, ampa ara wɔn a wɔwɔ akurofo no soɔ no, nkrantɛ ano na wɔbɛtotɔ; na deɛ ɔwɔ wiram no, mmoadoma na mede no bɛma ma wɔadie; na wɔn a wɔwɔ aban ne abodan mu no, owuyadeɛ na ɛbɛkunkum wɔn.

28 Na mɛyɛ asase no afo ne pasaa, na n’ahoɔden ahantan no to bɛtwa, na Israel mmepɔ adanedane afo a obiara biara remfa soɔ;

29 na wɔn akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no nyinaa nti, mɛyɛ asase no afo ne ahodwirideɛ, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

30 Na wo, onipa ba, wo man mma keka wo ho nsɛm afasuo ho ne adan no apono ano, na obi ne obi, obi ne ne nua, kasa sɛ: Mommra mmɛtie asɛm ko a ɛfiri AWURADE nkyɛn ba no ɛ!

31 Na wɔbɛba wo nkyɛn sɛdeɛ ɔman bi ba, na wɔatenatena ase w’anim sɛ me man, na wɔatie wo nsɛm, nso wɔrenni so, na wɔn anomu adɔkɔdɔkɔsɛm na wɔredie; wɔn akoma di wɔn mfasoɔ akyi.

32 Na hwɛ, woyɛ wɔn sɛ dwom dɛdɛ, sɛ obi a ne nne yɛ dɛ, na ɔnim sankuo bɔ yie; na wɔte wo nsɛm deɛ, nanso wɔnni so.

33 Na ɛnya ba a, hwɛ ɛbɛba, na wɔbɛhunu sɛ odiyifoɔ bi atena wɔn mu pɛn.

Hesekiel 34

Nnwanhwɛfoɔ bɔne no animuka

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nnwanhwɛfoɔ, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn, nnwanhwɛfoɔ no sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Monnue, Israel nnwanhwɛfoɔ a wɔyɛne wɔn ho no; ɛnyɛ nnwan na nnwanhwɛfoɔ yɛne wɔn?

3 Modi sradeɛ no, na mofira nnwan no ho nwi; deɛ wadorɔ no, mokum no; na nnwankuo no deɛ, monyɛne wɔn.

4 Wɔn a wɔahodwo no, monhyɛ wɔn den, na ayarefoɔ nso, monsa wɔn yadeɛ; deɛ wabubuo no, monkyekyere no, deɛ wɔapam no no, monkɔfa no mma, na deɛ wayera no, monhwehwɛ no, na mmom ɔhyɛ ne atirimuɔden na mode di wɔn soɔ.

5 Ɛnna wɔbɔɔ wɔn pansameeɛ, ɛfiri sɛ wɔnni hwɛfoɔ, na wɔdanedanee wiram mmoa nyinaa aduane, na wɔbɔɔ wɔn petee koraa.

6 Me nnwan wɔ mmepɔ nyinaa ne nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so ntwɛtwɛdɛ, na me man abɔ apete asase nyinaa ani, na obiara nni hɔ a ɔbisa, na obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ wɔn.

7 Enti, mo nnwanhwɛfoɔ, montie AWURADE asɛm!

8 Sɛ mete aseɛ yi, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, ampa ara, ɛsiane sɛ me nnwan adane fomfa adeɛ, na me nnwan adane wiram mmoa nyinaa aduane, ɛnam sɛ wɔnni hwɛfoɔ nti, na me nnwanhwɛfoɔ mmisaa me nnwan akyiri kwan, na mmom nnwanhwɛfoɔ no yɛne wɔn ho, na me nnwan no deɛ, wɔanhwɛ wɔn nti,

9 mo nnwanhwɛfoɔ, montie AWURADE asɛm:

10 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Hwɛ, me ne nnwanhwɛfoɔ no anya, na mɛbisa me nnwan no wɔn nsam, na mama wɔagyae nnwanhwɛ adwuma no yɛ, na nnwanhwɛfoɔ no anyɛne wɔn ho bio, na magye me nnwan afiri wɔn anomu, na wɔanyɛ wɔn aduane bio.

Onyankopɔn yɛ Nokorɛ Odwanhwɛfoɔ

11 Na sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Hwɛ, me ara mɛhwehwɛ me nnwan, na mahwehwɛ wɔn akyiri kwan.

12 Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwehwɛ ne nnwankuo akyiri kwan da a ɔwɔ ne nnwan a wɔabɔ apete no mu no, saa ara na mɛhwehwɛ me nnwan akyiri kwan, na mɛyi wɔn afiri deɛ wɔapansam wɔn korɔ nyinaa, mununkum ne sum kabii da no.

13 Na mɛyi wɔn afiri aman mu, na maboa wɔn ano afiri nsase so na mede wɔn aba wɔn asase so, na mayɛne wɔn, Israel mmepɔ so, nsubɔnhwa mu ne asase no so tenabea nyinaa;

14 adidibea pa na mɛyɛne wɔn, na Israel mmepɔ atenten so bɛyɛ wɔn yɛmmea; ɛhɔ na wɔde wɔn bɛkɔ yɛmmea pa, na wɔawe ɛserɛ pa, Israel mmepɔ so.

15 Me ara na mɛyɛne me nnwan, na me ara mɛma wɔabutubutu, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

16 Deɛ wayera no, mɛhwehwɛ no, na deɛ wɔapam no no, mɛkɔ akɔfa no aba, na deɛ wabubuo no, mɛkyekyere no, na deɛ ɔyareɛ no, mɛhyɛ no den; na deɛ wadɔre sradeɛ ne deɛ ne ho yɛ den no, mɛhwɛ no so; mɛhwɛ wɔn tenenee mu.

17 Na mo, me nnwan, sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Hwɛ, merebu odwan ne odwan, odwennini ne mpapo ntam atɛn.

18 Ɛyɛ mo adewa sɛ modidi adidibea pa, na mo adidibea nkaeɛ no, mode mo nan tiatia soɔ? Na monom nsuo a agyene, na mode mo nan hono nkaeɛ no?

19 Na me nnwan no deɛ, wɔnni deɛ mode mo nan atiatia soɔ na wɔnnom deɛ mode mo nan ahono no?

20 Enti sɛ Awurade NYANKOPƆN ka kyerɛ wɔn nie: Hwɛ, me ara mɛbu nnwan a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan a wɔafɔn no ntam atɛn.

21 Ɛsiane sɛ mode mfemu ne mmatire sunsum na mode mo mmɛn pempem ayarefoɔ nyinaa kɔsi sɛ mopansam wɔn kɔ akyiri nti,

22 mɛgye me nnwan nkwa na wɔrenyɛ fomfa adeɛ bio, na mɛbu odwan ne odwan ntam atɛn.

Deɛ wɔasra no ne odwanhwɛfoɔ pa

23 Na mede odwanhwɛfoɔ baako bɛsi wɔn so na wayɛne wɔn, ɔno ne m’akoa Dawid; ɔno na ɔbɛyɛne wɔn, na ɔno na ɔbɛyɛ wɔn ɔhwɛfoɔ;

24 na me AWURADE, mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, na m’akoa Dawid ayɛ wɔn mu berempɔn; me, AWURADE, na maka.

25 Na me ne wɔn bɛpam asomdwoeɛ apam, na mahye mmoa bɔne ase, asase no so, na wɔatena ɛserɛ so dwoodwoodwoo, na wɔadeda kwaeɛ mu.

26 Na mɛma wɔn ne nsase a ɛdeda me kokoɔ ho hyia no ayɛ nhyira, na mɛma osuo atɔ ne berɛ mu; ɛbɛyɛ nhyira nsuo.

27 Na petee mu nnua bɛso n’aba, na asase ama ne nnɔbaeɛ, na wɔn ho adwo wɔn, wɔn asase so, na wɔahunu sɛ mene AWURADE, sɛ mabubu wɔn kɔnnua na mayi wɔn afiri wɔn a wɔdi wɔn nya nsam.

28 Na wɔrenyɛ amanaman fomfa adeɛ bio, na asase so mmoa renni wɔn nam bio, na wɔbɛtena ase dwoodwoo a obiara biara renyi wɔn hu.

29 Na mɛsiesie afuo a ɛyɛ krabɛhwɛ mama wɔn, na ɛkɔm rempra wɔn bio asase no so, na wɔrensoa amanaman ahohora bio.

30 Na wɔbɛhunu sɛ me, AWURADE, wɔn Nyankopɔn na me ne wɔn teɛ, na wɔn, Israel fie ne me man, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

31 Na mone me nnwan, me yɛmmea nnwan, moyɛ nnipa, mene mo Nyankopɔn, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

Hesekiel 35

Edom ho atemmusɛm

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, dane w’ani kyerɛ Seir bepɔ na hyɛ nkɔm tia no,

3 na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Hwɛ, me ne wo anya, Seir bepɔ,

na mɛtene me nsa atia wo,

na mede wo ayɛ afo ne ahodwirideɛ.

4 Mɛma wo nkuro adeda mpan,

na adane afo,

na woahunu sɛ mene AWURADE.

5 Ɛsiane sɛ wokuraa daa nitan, na woyii Israel mma hyɛɛ nkrantɛ nsa, wɔn amaneɛ berɛ mu, wɔn asotwe a ɛdi akyire no mu nti,

6 sɛ mete aseɛ yi, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, mede wo bɛyɛ mogya, na mogya ati wo; sɛ woantane mogya nti, mogya ara na ɛbɛti woɔ.

7 Na mɛyɛ Seir bepɔ ahodwirideɛ ne afo, na matwa deɛ ɔresene ne deɛ ɔresane afiri mu,

8 na mede atɔfoɔ ahyɛ ne mmepɔ ma ma; wo nkokoɔ so ne wo mmonhwa mu ne wo nsubɔnhwa nyinaa mu na nkrantɛ ano atɔfoɔ bɛguguo.

9 Mɛyɛ wo daa afoafo, na wo nkuro no, obiara rentena mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.

10 Ɛsiane sɛ wokaa sɛ: Aman mmienu yi ne nsase mmienu yi, bɛyɛ me deɛ na yɛafa adi so, nso AWURADE wɔ hɔ,

11 enti, sɛ mete aseɛ yi, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, mene wo bɛdi no sɛdeɛ w’abufuo ne wo ninkunu a wotane wɔn no nti wotweeɛ no teɛ, na mɛma wɔahu me wɔ wɔn mu, berɛ a mɛbu wɔn atɛn no.

12 Na wɔbɛhunu sɛ me, AWURADE, mate w’abususɛm a woka tiaa Israel mmepɔ no sɛ: Ayɛ afo, yɛn na wɔde ama yɛn sɛ yɛnnie so no nyinaa.

13 Mode mo ano adi me so akokurokosɛm, na moama me ho nsɛm a moka no adɔɔso; me ara mate.

14 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ɛberɛ a asase nyinaa ani bɛgyeɛ no, wo deɛ, mɛyɛ wo afo.

15 Sɛ w’ani gyee Israel fie agyapadeɛ ho sɛ ayɛ afo no, saa ara na mɛyɛ woɔ, afo ara na Seir bepɔ ne Edom mu nyinaa bɛyɛ, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Hesekiel 36

Wɔhyira Israel asase

1 Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Israel mmepɔ, na ka sɛ: Mo, Israel mmepɔ, montie AWURADE asɛm:

2 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ɛsiane sɛ ɔtamfoɔ ka mo ho asɛm sɛ: Wiɛ, tete sorɔnsorɔmmea no abɛyɛ yɛn deɛ! nti,

3 hyɛ nkɔm, na ka sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ɛsiane sɛ wɔayɛ mo afo amene mo, afa nyinaa, ama moadanedane agyapadeɛ ama amanaman no nkaeɛ, na ɔkasafoɔ tɛkyerɛma da mo soɔ, na nkurɔfoɔ sopa mo nti,

4 mo, Israel mmepɔ, montie Awurade NYANKOPƆN asɛm: Sɛ Awurade NYANKOPƆN ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ ne nsubɔnhwa no, akurofo a ɛdeda mpan ne nkuro a wɔagya a adanedane fomfa adeɛ ne fɛdie ama amanaman nkaeɛ a ɛwowɔ ho hyia no,

5 enti sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ampa ara, me ninkuntwe gya mu na mɛkasa atia amanaman nkaeɛ no, ne Edom nyinaa a wɔafa m’asase ayɛ wɔn apɛgyadeɛ, wɔn akoma nyinaa anigyeɛ mu, ne ɔkra ho ɛpetoɔ mu, sɛ wɔbɛfa de ayɛ fomfa adeɛ.

6 Ɛno nti hyɛ Israel asase ho nkɔm, na ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ ne nsubɔnhwa ne mmonhwa no sɛ: Hwɛ, me ninkuntwe ne m’anibereɛ mu na mekasa, ɛfiri sɛ moasoa amanaman ahohora;

7 enti sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Me na mama me nsa soɔ; ampa ara, amanaman a atwa mo ho ahyia no, wɔn ara na wɔbɛsoa wɔn ahohora.

8 Na mo Israel mmepɔ, mobɛdennan mo mman mu na moaso mo aba ama me man Israel, ɛrenkyɛre na wɔaba fie.

9 Na hwɛ, meredi mama mo, na madane aba mo nkyɛn, na wɔbɛdɔ mo, na wɔadua mo so aduane.

10 Na mɛma nnipa adɔɔso mo so, Israel fie nyinaa, na wɔbɛtenatena nkuro no mu, na wɔakyekyere afoafo no.

11 Na mɛma nnipa ne afieboa adɔɔso mo so, na wɔadɔre awowo bebree, na mama wɔatena mo so sɛ akane berɛ no, na mayɛ mo yie asene mo mfitiaseɛ, na moahunu sɛ mene AWURADE.

12 Na mɛma nnipa anante mo so, me man Israel so, na wɔafa wo ayɛ wɔn deɛ, na woayɛ wɔn agyapadeɛ, na worenkɔ so mma wɔnni mmasugya bio.

13 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ɛsiane sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ: Woyɛ nnipadefoɔ, na woma wo man di mmasugya nti,

14 worenni nnipa nam bio, na woremma wo manfoɔ nni mmasugya bio, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

15 Na meremma wonte amanaman ahohorabɔ bio, na worensoa aman nsopa bio, na woremma wo man nni mmasugya bio, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

Akoma foforɔ ho bɔhyɛ

16 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

17 Onipa ba, Israel fie tenaa wɔn asase soɔ no, wɔde abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ guu ho fi; na wɔn bra no te sɛ ɔbaa a wayɛ bra fi wɔ m’anim.

18 Ɛnna mehwiee m’abufuhyeɛ guu wɔn soɔ, mogya a wɔhwiee guu asase no soɔ no nti, ne wɔn abosom a wɔde guu ho fi no nti.

19 Na mepansamm wɔn guu amanaman mu, na mehwetee wɔn mu guu nsase so. Wɔn bra ne wɔn nneyɛɛ so na mebuu wɔn atɛn.

20 Na wɔduruu amanaman a wɔkɔɔ hɔ no mu no, wɔguu me din kronkron no ho fi, sɛ wɔkaa no wɔ wɔn ho sɛ: AWURADE man ne yeinom, nanso wɔafiri n’asase so kɔ.

21 Ɛnna menyaa tema maa me din kronkron a Israel fie guu no fi, amanaman a wɔkɔɔ hɔ no mu.

22 Ɛno nti ka kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Israel fie, ɛnyɛ mo nti na mereyɛ, na mmom me din kronkron a moguu ho fi, amanaman a mokɔɔ hɔ no mu ntira.

23 Na mɛyɛ me din kɛseɛ a wɔagu ho fi, amanaman a moagu ho fi wɔ wɔn mu no kronkron, na amanaman ahunu sɛ mene AWURADE, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, sɛ mereyi me kronkronyɛ adi, mo mu, wɔn ani so.

24 Na mɛfa mo afiri amanaman no mu, na maboaboa mo ano afiri nsase no nyinaa so, na mede mo asane aba mo asase so.

25 Na mede nsu korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate; mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuo nyinaa mu na mɛte mo ho afire,

26 na mɛma mo akoma foforɔ, na mede honhom foforɔ mahyɛ mo mu, na mɛyi ɔboɔ akoma no afiri mo honam mu, na mama mo honam akoma.

27 Na mede me honhom bɛhyɛ mo mu, na mama moanante m’ahyɛdeɛ so, na moahwɛ m’atemmudeɛ ayɛ.

28 Na mobɛtena asase a mede memaa mo agyanom no so, na moayɛ me ɔman, na me nso, mayɛ mo Onyankopɔn.

29 Na mɛgye mo afiri mo fi nyinaa mu, na mɛfrɛ aduane ama no adɔɔso, na meremma ɛkɔm biara mma mo so.

30 Na mɛma nnua aba, ne mfuo mu nnɔbaeɛ adɔɔso, na moansoa ɛkɔm no nsopa, amanaman mu bio.

31 Ɛno na mobɛkae mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ a ɛnyɛ no, na mo amumuyɛ ne mo akyiwadeɛ no nti, mo ho ayɛ mo nwunu, mo anim.

32 Ɛnyɛ mo nti na mereyɛ, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, monhu no saa. Momma mo ani nwu na momfɛre wɔ mo akwan ho, Israel fie.

33 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Da a mɛte mo ho afiri mo amumuyɛdeɛ nyinaa mu no, mɛma wɔatenatena nkuro no so, na wɔakyekyere amamfo no,

34 na wɔadɔ asase a na ɛda hɔ hunu no ama aduane aba so no, wɔn a wɔtwam nyinaa anim no.

35 Na wɔbɛka sɛ: Asase yi a na ɛda hɔ hunu no na adane sɛ Eden turo yi, na nkuro afoafo a ɛdedaa mpan a adwiridwirie no na wɔatoto ho afasuo tete mu yi.

36 Ɛnna amanaman a atwa mo ho ahyia no bɛhunu sɛ me, AWURADE, na masisi deɛ adwiridwirie no, na matɛ deɛ ɛda hɔ hunu no; me, AWURADE, na maka, na mɛyɛ.

37 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Yei bio na Israel fie bɛbisa no me hɔ, na mɛyɛ mama wɔn. Mɛma wɔadɔɔso ayɛ nnipa pii, sɛ Yerusalem nnwankuo.

38 Sɛ nnwankuo kronkron, sɛ Yerusalem nnwankuo teɛ n’afahyɛ aseɛ no, saa na nnipa akuakuo bɛyeyɛ nkuro afoafo no ma ma, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.