Hesekiel 17

Sedekia asotwe

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, to aborɔme no ka mfatohosɛm yi kyerɛ Israel fie,

3 sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Ɔkɔdeɛ kɛseɛ bi,

a ɔwɔ ntaban akɛseakɛse,

ne ntakra atenteneatentene,

ntakra nworanworan ayɛ ne ho ma,

baa Lebanon

bɛbuu tweneduro nkona.

4 Ne nkɔnmu mu ban na ɔpaneeɛ,

na ɔde kɔɔ adwadie asase bi so,

ɔkɔtɛɛ no adwadifoɔ kuro bi mu.

5 Na ɔfaa asase no so aba bi

de kɔduaa asase pa bi mu,

ɔde sii nsuo bebree ano,

ɔtɛɛ no sɛ nsunoa dua.

6 Na ɛfifirii yɛɛ bobe

a ɛdennaneeɛ a ɛhwihwa fam

ma ne mman tenetene baa ne ho,

na ne nhini wɔ n’ase;

na ɛyɛɛ bobe

na ɛyiyii mman

na ahahan baa so.

7 Nso na ɔkɔdeɛ kɛseɛ foforɔ bi wɔ hɔ,

ne ntaban akɛseakɛse,

na ne ntakra bebree.

Na hwɛ, bobe no firi n’akofie

a wɔtɛɛ no wɔ mu no mu tentene,

ne nhini kɔɔ ne fam,

na ɛyiyii ne mman kɔɔ ne so,

sɛ ɔmma no nsuo.

8 Afu pa so

ne nsuo bebree ho na ɔtɛeɛ,

sɛ ɛnyiyi mman,

na ɛnso aba,

na ɛnyɛ bobe fɛfɛ.

9 Ka sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Ɛbɛyɛ yie?

Ɔrentutu ne nhini,

na ɔntwitwa n’aba na atwintwam?

Ahahan a ɛfefɛeɛ no nyinaa bɛtwintwam,

na ɛnyɛ basa kɛseɛ anaa ɛdɔm bebree

na wɔde bɛsɔ ne nhini mu atu no.

10 Na hwɛ, wɔatɛ no yi, ɛbɛkye?

Berɛ a apueeɛ mframa bɛka no no,

ɛnyɛ kusa na ɛbɛkusa?

Akofie a ɛfifirii soɔ no so na ɛbɛtwintwam.

11 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

12 Ka kyerɛ asowuiɛ fie no sɛ: Monhunu adekodeɛ a yei yɛ? Ka sɛ: Hwɛ, Babel hene baa Yerusalem, na ɔbɛfaa emu hene ne emu asafohene, na ɔde wɔn kɔɔ ne nkyɛn Babel.

13 Na ɔfaa ahennie asefoɔ no mu obi, na ɔne no pamee, na ɔmaa no kaa no ntam, (na asase no so atumfoɔ no deɛ, ɔfaa wɔn kɔe),

14 sɛ ɛnyɛ ahennie a wɔabrɛ no aseɛ, na amma ne ho so bio, na ɔnni apam no so na ɛnnyina.

15 Nanso ɔtee n’anim atua somaa n’abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Misraim, sɛ wɔmma no apɔnkɔ ne ɛdɔm bebree. Ɛbɛsi no yie anaa? Deɛ ɔyɛ yeinom bɛfiri mu afi? Ɔbɛsɛe apam no na wafa ne ho adi anaa?

16 Sɛ mete aseɛ yi, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, ampa ara, ɔhene a ɔsii no hene a wammu ne nseɛ no, na wabu n’apam soɔ no tenabea, ne nkyɛn hɔ wɔ Babel, na ɔbɛwuo.

17 Na ɛnyɛ ɛdɔm kɛseɛ ne asafo bebree na Farao de bɛdi ama no. Ɛsa mu wɔbɛto epie na wɔasisi aban atentene de atwa akra pii agu.

18 Ɛfiri sɛ wammu ntam no na ɔbuu apam so; na hwɛ, wadi nse, nanso wayɛ yeinom nyinaa. Ɔremfiri mu mfi.

19 Enti sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Sɛ mete aseɛ yi, ampa ara, me ntam a wammuo ne m’apam a wabu soɔ no na mede bɛbua n’atifi.

20 Na mɛtrɛ m’asau ne so, na wɔayi no me fidie mu, na mede no akɔ Babel, na fom a ɔfom me no, me ne no bɛdi wɔ hɔ;

21 na n’adwanefoɔ a ɛwɔ n’asafo nyinaa, nkrantɛ ano na wɔbɛtotɔ, na wɔn a wɔaka no, wɔbɛbɔ wɔn apete mframa nyinaa mu, na moahunu sɛ me, AWURADE, na maka.

Awieeɛ no wɔbɛma Israel so

22 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Me nso mɛbu tweneduro

a ɛkorɔn no nkona mu bi akɔtɛ,

ne mfefɛeɛ mu tire bɛtɛbɛtɛ no bi

na mɛpan makɔdua no

bepɔ a ɛkorɔn na ɛwareɛ bi so;

23 Israel bepɔ sorɔnsorɔn so

na mɛdua no,

na ɛbɛyiyi mman aso aba,

na ayɛ tweneduro kunini,

na nnomaa nyinaa, ntakraboa nyinaa abɛsisi aseɛ;

ne mman nwunu mu na wɔbɛsisie.

24 Na wiram nnua nyinaa ahunu

sɛ me, AWURADE,

na mabrɛ dua bantenn no aseɛ,

na mama dua a ɛhwihwa fam akorɔn,

mama duamono adwan

na mama duawuiɛ afefɛ.

Me, AWURADE, na maka,

na mayɛ.

Hesekiel 18

Ɛsɛ obiara sɛ ɔsoa ɔno ara n’asodie

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Mokyerɛ sɛn, sɛ mobu bɛ yi Israel asase so sɛ: Agyanom twɛre abunu, na mma se fem, a?

3 Sɛ mete aseɛ yi, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, ampa ara, moremmu bɛ yi Israel mu bio.

4 Hwɛ, akra nyinaa wɔ me. Sɛ agya kra wɔ me no, sɛ ɔba nso kra wɔ me ne no; ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na ɔbɛwuo.

5 Na sɛ onipa yɛ ɔteneneeni, na ɔyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ,

6 na ɔnni afɔreduane mmepɔ no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fie ahoni huhuo no, na ɔngu ne yɔnko yere ho fi na ɔnkɔ ɔbaa a wayɛ bra ho,

7 na ɔnhom obi so, na ɔde ɔkafoni awowasideɛ sane ma, ɔnyɛ ɔpempensini, ɔde n’aduane ma deɛ ɔdi kɔm na ɔfira ɔdagyani ntoma,

8 na ɔmmɔ bosea na ɔnnye nsiho, na ɔtwe ne nsa firi abusudeɛ ho, na ɔbu onipa ne onipa ntam atɛntenenee,

9 na ɔnam m’ahyɛdeɛ mu, na ɔdi m’atemmudeɛ so di nokwasɛm a, ɔno na ɔteneneeni ne no; nkwa na ɔbɛnya, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

10 Na sɛ ɔwɔ ɔba korɔmfoɔ a ɔka mogya guo, na ɔyɛ yeinom mu baako pɛ,

11 na ɔno ara deɛ ɔnnyɛ nnoɔma yeinom biara, (wanyɛ yeinom mu biara), na sɛ nso ɔdi afɔreduane mmepɔ no so, na ɔgu ne yɔnko yere ho fi,

12 na ɔhom mmɔborɔni ne ohiani so, ɔyɛ ɔpempensideɛ nso ɔnnane mma, na ɔma n’ani so hwɛ ohoni huhuo yɛ akyiwadeɛ,

13 na ɔbɔ bosea na ɔgye nsiho a, ɔbɛnya nkwa? Ɔrennya nkwa! Wayɛ akyiwadeɛ yi nyinaa, wuo na ɔbɛwuo, ne mogya bɛbua n’atifi.

14 Na hwɛ ɔwo ɔba, na ɔno deɛ, ɔhunu n’agya bɔne a ɔyɛ nyinaa, na ɔsuro, na ɔnyɛ saa bi,

15 na ɔnni afɔreduane mmepɔ no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fie ahoni huhuo, na ɔngu ne yɔnko yere ho fi,

16 na ɔnhom obi so, na ɔnnye awowasideɛ nsie, na ɔnyɛ ɔpempensini, na ɔde n’aduane ma deɛ ɛkɔm de no, ɔfira ɔdagyani ntoma,

17 na ɔsianka ne nsa firi mmɔborɔni ho, na ɔnnye mfɛntomu ne nsiho, na ɔyɛ m’atemmudeɛ nam m’ahyɛdeɛ mu a, ɔno deɛ, ɔrenwu n’agya amumuyɛ mu; nkwa na ɔbɛnya.

18 N’agya no, ɛnam sɛ wadi amim, asi ne nua apempem, na wayɛ deɛ ɛnyɛ, ne man mu nti hwɛ, ɔbɛwu n’amumuyɛ mu.

19 Na moka sɛ: Adɛn nti na ɔba nsoa n’agya amumuyɛ bie? Na sɛ ɔba no ayɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ adi m’ahyɛdeɛ nyinaa so ayɛ a, nkwa na ɔbɛnya.

20 Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno na ɔbɛwuo; ɔba rensoa n’agya amumuyɛ bi, na agya nso rensoa ne ba amumuyɛ bi; ɔteneneeni tenenee bɛtena ne so, na ɔbɔnefoɔ abɔnefosɛm bɛtena ne so.

21 Na ɔbɔnefoɔ nso, sɛ ɔsane firi ne bɔne a wayɛ nyinaa ho, na ɔdi m’ahyɛdeɛ nyinaa so, yɛ atemmudeɛ a, nkwa na ɔbɛnya, ɔrenwu.

22 Ne mmarato adeɛ a ɔyɛeɛ nyinaa, wɔrenkae mma no bio; ne tenenee a wayɛ no mu na ɔbɛnya nkwa.

23 Pɛ na mepɛ ɔbɔnefoɔ wuo anaa? Awurade NYANKOPƆN asɛm nie; ɛnyɛ sɛ ɔsane firi ne kwan soɔ na ɔnya nkwa na mepɛ?

24 Nanso sɛ ɔteneneeni sane firi ne tenenee ho kɔyɛ abusudeɛ ne akyiwadeɛ nyinaa a ɔbɔnefoɔ yɛ a, ɔbɛnya nkwa anaa? Ne tenenee a ɔyɛeɛ nyinaa, wɔrenkae; ne fom a wafom ne ne bɔne a wayɛ no mu na ɔbɛwuo.

25 Nanso moka sɛ AWURADE kwan ntene. Montie ɛ, Israel fie, me kwan ntene anaa? Ɛnyɛ mo akwan na ɛntene?

26 Sɛ ɔteneneeni sane firi ne tenenee ho kɔyɛ abusudeɛ, na ɔwu wɔ mu a, n’abusudeɛ a ɔyɛeɛ no mu na ɔwuiɛ.

27 Nso sɛ ɔbɔnefoɔ sane firi n’abɔnefosɛm a wadie no ho bɛyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ a, ɔno deɛ, wagye ne kra nkwa.

28 Na sɛ wahunu, na wasane afiri ne mmarato a ɔdiiɛ no nyinaa ho nti, nkwa na ɔbɛnya, ɔrenwu.

29 Nanso Israel fie ka sɛ AWURADE kwan ntene. M’akwan ntene, Israel fie? Ɛnyɛ mo akwan na ɛntene?

30 Ɛno nti Israel fie, mɛbu mo mo akwan ho atɛn mmaako mmaako, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie. Monsane na monnane mo ho mfiri mo mmaratodeɛ nyinaa ho, na mmusuo anyɛ suntidua amma mo.

31 Montoto mo mmaratodeɛ a mode too mmara no nyinaa mfiri mo so ngu, na monyɛ akoma foforɔ ne honhom foforɔ mfa. Na adɛn nti na ɛsɛ mowuo yi, Israel fie?

32 Na menni deɛ ɔrewuo no wuo ho anigyeɛ, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie. Enti monsane, na mommɛnya nkwa.

Hesekiel 19

Israel aberempɔn kwadwom

1 Na wo deɛ, twa Israel aberempɔn ho kwadwom

2 na ka sɛ:

Adɛn na wo na,

gyatabereɛ no butu

agyatanini ntam

yɛne ne mma gyataburuwa mu?

3 Na ɔyɛnee ne mma mu baako,

ɔyɛɛ gyataburuwa

na ɔsuaa ahayɔ;

ɔdii nnipa nam,

4 na amanaman tee ne nka,

na wɔkyeree no wɔn amena mu,

na wɔde hwene mu kaa twee no

kɔɔ Misraim asase so.

5 Na ne na hunuu sɛ watwɛn,

nanso n’anidasoɔ ayera no,

ɔfaa ne mma mu bi

de no yɛɛ gyataburuwa.

6 Na ɔnenam agyata mu no,

ɔyɛɛ gyataburuwa,

na ɔsuaa ahayɔ;

ɔdii nnipa nam.

7 Na ɔhunuu wɔn akunafoɔ,

na ɔbobɔɔ wɔn nkuro,

na ne mmobomu gyegyeegye nti,

asase no ne ne mayɛ sɛee.

8 Ɛnna amanaman a wɔfiri nsase soɔ no

ba bɛtwaa ne ho hyiaeɛ,

na wɔde wɔn asau trɛɛ ne so,

wɔkyeree no wɔ wɔn amena mu,

9 na wɔde hwene mu kaa hyɛɛ no

de no hyɛɛ ebuo mu,

na wɔde no kɔmaa Babel hene,

na wɔde no siee abankɛseɛ mu,

deɛ ɛbɛyɛ na wɔnte ne nne bio wɔ

Israel mmepɔ soɔ.

10 Anka wo na te sɛ bobeturo mu bobe

a wɔatɛ no nsuo ho,

nsuo pii nti

n’aba ne ne mman baa yie.

11 Na ɔnyaa mpoma a na ɛyɛ den

na ɛyɛɛ ahemfo mpoma,

na ne kɛseyɛ korɔn

kɔduruu mununkum kusuu ntam,

na wɔhunuu no ne korɔn mu,

ne ne mman dodoɔ mu.

12 Na wɔtuu no anibereɛ so

too no hwee fam,

na apueeɛ mframa kusaa n’aba no;

ne mpoma a na ɛyɛ den no

bubui na ɛtwintwamee,

na ogya hyee.

13 Na afei wɔatɛ no ɛserɛ so,

asase pɛsɛɛ a ɛdi sukɔm so.

14 Na ogya afiri ne mman mpoma bi mu

ahye n’aba,

na poma a ɛyɛ den

a ɛbɛyɛ ahennie poma biara nni hɔ bio.

Kwadwom nie, na abɛyɛ kwadwom.

Hesekiel 20

Israel asoɔden

1 Na afe a ɛtɔ so nson, bosome a ɛtɔ so nnum da a ɛtɔ so du no, Israel mpanimfoɔ no mu binom ba bɛbisaa AWURADE hɔ adeɛ, na wɔbɛtenaa m’anim.

2 Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

3 Onipa ba, kasa kyerɛ Israel mpanimfoɔ no sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Me hɔ adebisa na mobaeɛ yi? Sɛ mete aseɛ yi, ampa ara, meremma wɔmmisa me hɔ adeɛ mma mo, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

4 Wobɛbu wɔn atɛn, onipa ba? Wobɛbu wɔn atɛn? Ɛnneɛ ma wɔnhunu wɔn agyanom akyiwadeɛ.

5 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ɛda a mefaa Israel na memaa me nsa so kyerɛɛ Yakob fie asefoɔ, na memaa wɔhunuu me Misraim asase soɔ na memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn kaa sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn, no.

6 Ɛda no na memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn, sɛ merebɛyi wɔn afiri Misraim asase so de wɔn akɔ asase a mepɛ maa wɔn, a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ, a ɛyɛ nsase nyinaa ahyehyɛdeɛ no so,

7 na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo nyinaa montoto mo ani so akyiwadeɛ no ngu, na mommfa Misraim abosonhuhuo nngu mo ho fi; mene AWURADE mo Nyankopɔn.

8 Na wɔtee me so atua, na wɔampene sɛ wɔtie me; wɔn mu obiara biara anto n’ani so akyiwadeɛ no antwene, na wannya Misraim abosonhuhuo no.

Ɛnna mese: Mɛhwie m’anibereɛ agu wɔn so, de awie m’abufuo no wɔ wɔn so, Misraim asase so.

9 Nanso me din nti, meyɛe na ɛho angu fi amanaman a wɔte wɔn mu no anim, wɔn a memaa wɔhunuu me wɔn ani so, sɛ mereyi wɔn afiri Misraim asase so.

10 Ɛnna meyii wɔn firii Misraim asase soɔ, na mede wɔn baa ɛserɛ so,

11 Na mede m’ahyɛdeɛ maa wɔn, na memaa wɔhunuu m’atemmudeɛ a sɛ onipa yɛ a, ɔnya mu nkwa no.

12 Nanso mede me home nna maa wɔn, sɛ ɛnyɛ me ne wɔn ntam nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔnhunu sɛ mene AWURADE a metee wɔn ho no.

13 Na Israel fie tee m’anim atua ɛserɛ so; wɔanni m’ahyɛdeɛ so na wɔpoo m’atemmudeɛ a sɛ onipa yɛ a, ɔbɛnya mu nkwa no, na me home nna nso, wɔguu ho fi bebree.

Ɛnna mese: Merehwie m’anibereɛ agu wɔn so, ɛserɛ so, na madwerɛ wɔn.

14 Nanso me din nti meyɛe na ɛho angu fi, amanaman a meyii wɔn, wɔn anim no anim.

15 Nanso memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn, ɛserɛ so sɛ meremfa wɔn nkɔ asase a memaeɛ a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ a ɛyɛ nsase nyinaa ahyehyɛdeɛ no so,

16 ɛsiane sɛ, wɔpoo m’atemmudeɛ na wɔannante m’ahyɛdeɛ mu, na wɔguu me home nna ho fi nti; na na wɔn abosonhuhuo no akyi na wɔn akoma die.

17 Nanso mehunuu wɔn mmɔbɔ, na mansɛe wɔn, na manyɛ wɔn pasaa, ɛserɛ no so.

18 Na meka kyerɛɛ wɔn mma, ɛserɛ no so sɛ: Monnnante mo agyanom ahyɛdeɛ no mu, na monnni wɔn atemmudeɛ no so, na mommfa wɔn abosonhuhuo nngu mo ho fi.

19 Mene AWURADE mo Nyankopɔn, m’ahyɛdeɛ mu na monnanteɛ, na m’atemmudeɛ na monni soɔ na monyɛ,

20 na monyɛ me home nna no kronkron, na ɛnyɛ me ne mo ntam nsɛnkyerɛnneɛ, na monhunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.

21 Na mma no nso tee me so atua, wɔannante m’ahyɛdeɛ no mu, na wɔanni m’atemmudeɛ so anyɛ deɛ onipa yɛ a, ɔbɛnya mu nkwa no; me home nna nso, wɔguu ho fi.

Ɛnna mese: Merehwie m’anibereɛ agu wɔn so, na mawie m’abufuo wɔn mu ɛserɛ no so.

22 Nanso mesiankaa me nsa, na me din nti, meyɛe, na ɛho angu fi amanaman a meyii wɔn firii wɔn anim no.

23 Nso mekaa wɔn ntam ɛserɛ no so, sɛ mɛbɔ wɔn apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsase so,

24 ɛsiane sɛ wɔanyɛ m’atemmudeɛ na wɔapo m’ahyɛdeɛ, na wɔagu me home nna ho fi, na wɔn ani di wɔn agyanom abosonhuhuo akyiri nti.

25 Na me nso memaa wɔn ahyɛdeɛ a ɛnyɛ ne atemmudeɛ a wɔnnya mu nkwa ho kwan,

26 na meguu wɔn ho fi, wɔn ayɛyɛdeɛ mu, ne bɔ a wɔde wɔn abakan bɔɔ afɔdeɛ no mu, na masɛe wɔn, deɛ ɛbɛyɛ na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

27 Enti, onipa ba, kasa kyerɛ Israel fie, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Yei mu nso, mo agyanom kaa abususɛm tiaa me, na wɔfomm me,

28 ɛfiri sɛ mede wɔn baa asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn no soɔ no, sɛ wɔhunu kokoɔ a ɛkorɔn biara ne dua kusuu biara, na wɔrebɔ wɔn afɔdeɛ wɔ hɔ, na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ a ɛhuru me boɔ no kyɛ wɔ hɔ, na wɔde wɔn hwa hwamhwam ma wɔ hɔ, na wɔhwie wɔn ahwiesa wɔ hɔ.

29 (Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn ne sorɔnsorɔnbea a mokɔ hɔ no? Na wɔtoo hɔ din sɛ sorɔnsorɔnbea de bɛsi nnɛ da yi.)

Atemmuo ne bɔhyɛ

30 Enti ka kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Mo agyanom kwan so na mogu mo ho fi, na wɔn atantanneɛ akyi na mobɔ adwaman die,

31 na mode mo ayɛyɛdeɛ ba, na moma mo mma fa ogya mu yi, mogu mo ho fi mo abosonhuhuo nyinaa fam de bɛsi nnɛ yi, na me na wɔmmisa me hɔ adeɛ mma mo? Israel fie! Sɛ mete aseɛ yi, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, ampa ara, meremma wɔmmisa me hɔ adeɛ mma mo.

32 Na deɛ ɛba mo adwene mo no, ɛrenyɛ hɔ oo! Deɛ moka sɛ: Yɛbɛyɛ sɛ amanaman no, sɛ nsase so mmusua no, na yɛasom dua ne ɔboɔ no.

33 Sɛ mete aseɛ yi, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, ampa ara, mede nsa a ɛyɛ den ne basa a emu atene ne anibereɛ a wɔahwie aguo na ɛbɛdi mo so hene.

34 Na mɛyi mo afiri aman mu, na maboa mo ano afiri nsase a wɔabɔ mo apete hɔ no so, nsa a ɛyɛ den ne basa a emu atene ne anibereɛ a wɔahwie aguo so,

35 na mede mo aba aman no serɛ so na mabɛbu mo atɛn wɔ hɔ, anim ne anim.

36 Sɛdeɛ mebuu mo agyanom atɛn ɛserɛ so wɔ Misraim asase soɔ no, saa ara na mɛbu mo atɛn, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

37 Na mɛma moafa abaa no ase, na mede mo aba apam no nkyehoma mu.

38 Na mɛyiyi mo mu atuatefoɔ ne wɔn a wɔto me mmara no, wɔn ahɔhobea asase no so na mɛyi wɔn, nanso wɔremma Israel asase so, na moahunu sɛ mene AWURADE.

39 Na mo, Israel fie, sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Monkɔ nkɔsom mo abosonhuhuo ɛ, seesei ne daakye, sɛ moantie me a, ɛnneɛ na mommfa mo ayɛyɛdeɛ ne mo abosonhuhuo no ngu me din kronkron no ho fi bio.

40 Na bepɔ kronkron, Israel bepɔ a ɛkorɔn no so, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, ɛhɔ na Israel fie nyinaa, wɔn dodoɔ a ɛwɔ asase no soɔ nyinaa bɛsom me; ɛhɔ na wɔbɛsɔ m’ani, na ɛhɔ nso na mɛbisa mo mmasoɔ adeɛ ne mo ayɛyɛdeɛ mu adikanneɛ, mo akronkronneɛ nyinaa mu.

41 Mobɛsɔ m’ani sɛ ehwa hwamhwam, ɛberɛ a mɛyi mo afiri aman mu no, na maboa mo ano afiri nsase a wɔabɔ mo apete soɔ no, mo mu na mɛma wɔayɛ me kronkron, amanaman no anim.

42 Na mobɛhunu sɛ mene AWURADE, berɛ a mede mo bɛba Israel asase, asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no soɔ no,

43 na ɛhɔ na mobɛkae mo akwan ne mo nneyɛɛ a mode guu me ho fi no nyinaa, na mo ho ayɛ mo nwunu, mo ani so, mo bɔne a moyɛeɛ no nyinaa nti.

44 Na mobɛhunu sɛ mene AWURADE. Me din nti na me ne mo bɛdie, ɛnyɛ mo akwammɔne no so, ne mo nneyɛɛ a asɛeɛ no so, Israel fie, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

45 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

46 Onipa ba, fa w’ani kyerɛ anafoɔ fam, ka asɛm kyerɛ anafoɔ fam, na ka adiyisɛm kyerɛ Negeb petee mu kwaeɛ,

47 na ka kyerɛ Negeb kwaeɛ no sɛ: Tie, AWURADE asɛm nie: Hwɛ, meresɔ wo mu gya, na ahye wo mu nnua mono nyinaa ne nnua wuiɛ nyinaa. Ogyaframa a ɛdɛre framframfram no rennum, na ahye asase ani nyinaa afiri anafoɔ fam akɔsi atifi fam.

48 Na honam nyinaa bɛhunu sɛ me AWURADE na mesɔeɛ, ɛrennum.

49 Ɛnna mekaa sɛ: Ao, Awurade NYANKOPƆN, wɔn deɛ, wɔka no ne me ho sɛ: Ɛnyɛ mmɛ na ɔrebubuo yi?

Hesekiel 21

Aweretɔ afena no

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Yerusalem, na ma w’asɛm nsosɔ ngu kronkronbea hɔ na hyɛ nkɔm tia Israel asase no,

3 na ka kyerɛ Israel asase no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, na mɛtwe me nkrantɛ afiri ne bɔha mu, na matwitwa wo mu ateneneefoɔ ne abɔnefoɔ.

4 Ɛsiane sɛ mɛtwa wo mu ateneneefoɔ ne abɔnefoɔ nti, me nkrantɛ bɛfiri ne bɔha mu atia honam nyinaa, afiri anafoɔ fam akɔsi atifi fam,

5 na honam nyinaa ahunu sɛ me, AWURADE, matwe me nkrantɛ afiri ne bɔha mu, na ɛrensane nkɔ mu bio.

6 Na wo, onipa ba, fa akoma a abubuo si apini, na gu ahome yaya wɔ wɔn anim.

7 Na sɛ wɔbisa wo sɛ: Ɛdeɛn ho na woresi apini a? Ka sɛ: Akwansosɛm ntira, ɛfiri sɛ ɛreba, na akoma nyinaa bɛnane, na nsa nyinaa mu agogo, na honhom nyinaa ano akum, na anankoroma nyinaa adanedane nsuo. Hwɛ, ɛreba na abɛyɛ hɔ, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

8 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

9 Onipa ba, hyɛ nkɔm, na ka sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ka sɛ:

Nkrantɛ a wɔase ano

na wɔapɔ ho nso,

10 wɔase ano sɛ ɛnkum,

wɔapɔ ho sɛ ɛntwa nyinamnyinam.

Ɛbɛyɛ dɛn na yɛama yɛn ho asɛpɛ yɛn?

Me ba woabu abaa, ne

# atenetene nyinaa animtia?

11 Na ɔde maa sɛ wɔmpɔ ho

sɛ wɔde nsa rekura,

wɔase nkrantɛ no na wɔapɔ ho nso,

sɛ wɔde rehyɛ okumfoɔ nsa.

12 Onipa ba, su na twa adwo,

sɛ ɛno bɛba me man so,

ɛno bɛba Israel aberempɔn nyinaa so;

wɔde wɔn ne me man

ato hɔ ama nkrantɛ,

enti hwe wo srɛ mu.

13 Na wɔasɔ ahwɛ; na sɛ poma a ɛbu animtia no mpo nyɛ hwee a, ɛdeɛn na ɛbɛyɛ? Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

14 Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm

na bɔ nsam,

na nkrantɛ no bɛba mprenu ne mprɛnsa,

atɔfoɔ nkrantɛ no;

ɛyɛ ɔtɔfoɔ kɛseɛ nkrantɛ

na atwa wɔn ho ahyia no.

15 Deɛ ɛbɛyɛ na akoma atuo,

na suntidua adɔɔso nti,

mede nkrantɛ hyerɛn

asisi wɔn kuro apono nyinaa ho.

A, wɔayɛ no sɛ ɛnyɛ sɛ anyinam,

wɔase ano de rebɛkum.

16 Dane wo ho koraa kɔ nifa,

dane w’ano kɔ benkum,

baabiara a wɔahyɛ sɛ w’ani nkyerɛ.

17 Na me nso mɛbɔ me nsam,

na mama m’anibereɛ ano adwo.

Me, AWURADE, na maka.

18 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

19 Na wo, onipa ba, sensan akwan mmienu fa, na Babel hene nkrantɛ mfa so mmra. Ma ne mmienu nyinaa mfiri asase korɔ so, na kurukyire akyerɛkyerɛkwan bi, nkuro nkwanta na kurukyire no.

20 Siesie ɔkwan a nkrantɛ no mfa so mmra Amonfoɔ kuro Raba ne Yuda kuro a ɛwɔ Yerusalem a ɛyɛ den no mu.

21 Na Babel hene gyina tempɔn nkwanta so, akwan mmienu no ti, sɛ wɔnhyɛ nkɔm mma no, ɔwoso agyan, bisa abusua honi adeɛ, hwɛ mmerɛboɔ mu;

22 nkɔmhyɛ a ɛba ne nifa mu ne Yerusalem, sɛ wɔnsisi adwennini a ɛdwiri ɔfasuo, mmue ano okum mu, sɛ wɔnsisi adwennini a wɔde bɛdwiri aponkɛseɛ, ngu epie nsisi ntua aban.

23 Na ɛbɛyɛ wɔn sɛ nkɔntorɔ wɔ wɔn ani so; wɔanka ntankɛseɛ; nanso ɔno deɛ, ɔkae wɔn amumuyɛ, sɛ wɔnkyere wɔn.

24 Ɛno nti sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ɛsiane sɛ momma wɔkae mo amumuyɛ ma mo mmarato da adie na wɔhunu mo bɔne, mo nneyɛɛ nyinaa mu nti, na ɛsiane sɛ wɔkae mo nti, wɔde nsa bɛkyere mo.

25 Na wo, ɔbɔnefoɔ a woatɔ, Israel berempɔn

a ne da aduro,

awieeɛ amumuyɛ berɛ mu no,

26 sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Yi abotire no, na tu ahemmotire no;

nnoɔma nnkɔ so ara nyɛ saa ara daa.

Ma deɛ abrɛ ase so,

na brɛ deɛ ama ne ho soɔ no ase.

27 Nnaneani, nnaneani, nnaneani

na mɛdane no.

Na yei nso rentena hɔ,

de bɛkɔ akɔsi sɛ deɛ atemmuo wɔ no no,

ɛbɛba ama no.

Afena no ka Amonfoɔ

28 Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN se Amonfoɔ ne wɔn ahohorabɔ no ho nie, na ka sɛ:

Nkrantɛ, nkrantɛ a wɔtwe rebɛkum,

wɔapɔ ho sɛ ɛnni nam, sɛ ɛnyɛ nyinamnyinam.

29 Ɛberɛ a wɔhunu adehuhuo ma woɔ

na wɔrehyɛ wo nkɔntorɔ no,

wɔde wo bɛto abɔnefoɔ atɔfoɔ a wɔn da aduro,

awieeɛ amumuyɛ berɛ mu no kɔn ho.

30 Fa wo nkrantɛ sane hyɛ ne bɔha mu,

faako a wɔbɔɔ woɔ no,

w’awoɔ asase so

na mɛbu wo atɛn,

31 na mɛhwie m’abufuhyeɛ agu wo so,

mɛfite m’anibereɛ gya

no mu atia wo,

na mɛyi wo ahyɛ mmarima atirimuɔdenfoɔ

a wɔnim sɛeɛ ho nyansa no nsa.

32 Wobɛdane ogya mmabowa

ama wo mogya agu asase no mfimfini;

wɔrenkae wo bio,

na me, AWURADE na maka.

Hesekiel 22

Yerusalem asodie ne asotwe

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Na wo, onipa ba, wobɛbu kuro a mogya ayɛ mu ma no atɛn? Ɛnneɛ ma no nhunu n’akyiwadeɛ nyinaa,

3 na ka sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Kuro a ɛhwie mogya gu wɔ mu, sɛ ne berɛ mmra, na ɛyɛ abosonhuhuo fa de gu ne ho fi.

4 Wo mogya a wohwie guiɛ no mu na wodi so, na w’abosonhuhuo a woyɛeɛ no, na wode agu wo ho fi, na woama wo nna abɛn, na woaduru wo mfeɛ awieeɛ; ɛno nti, mede wo ayɛ ahohoradeɛ ama amanaman, ne fɛdie ama nsase nyinaa;

5 wɔn a wɔbɛn woɔ ne wɔn a wɔwɔ akyiri di wo ho fɛw sɛ deɛ ne din ho agu fi, na ne sakasakayɛ dɔɔso.

6 Hwɛ Israel aberempɔn a wɔwɔ mo mu no, wɔn mu biara pɛ sɛ ɔhwie mogya gu sɛdeɛ ne tumi teɛ.

7 Wo mu na wɔbɔ agya ne ɛna adapaa, wo mu na wɔdi ahɔhoɔ amim, wɔhom wo mu agyanka ne okunafoɔ soɔ.

8 Wobu m’akronkronneɛ animtia, na wogu me home nna ho fi.

9 Nkontompofoɔ wɔ wo mu, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo, na mmepɔ so na wɔbɛhwie mogya aguo, na mmepɔ so na wɔdidie wɔ wo mu, na ahohoradeɛ na wɔyɛ no wo mfimfini.

10 Wo mu na wɔyi agya adagya so; wo mu na wɔkɔ deɛ asakyima ama ne ho akum no ho.

11 Na obi ne ne yɔnko yere yɛ akyiwadeɛ, na obi gu n’ase ho fi aniwudeɛ mu, wo mu na obi to ne nuabaa, n’agya ba, mmɔnaa.

12 Wo mu na wɔgyegye anadwodeɛ, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo. Wogyegye mfɛmtomu ne nsiho, na wode apempensie fa wo yɔnko so, na me deɛ, wo werɛ afiri me, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

13 Na hwɛ, mebɔ me nsamu, w’aniberebereɛ mfasoɔ a wonya, ne wo mogya a ɛwɔ wo mu no ho.

14 W’akoma bɛtumi adi anaasɛ wo nsam bɛyɛ den nna a me ne wo bɛdie no? Me, AWURADE, na maka, na mɛyɛ.

15 Na mɛbɔ wo apete amanaman mu, na mapansam wo, nsase so, na mɛhye wo fi no koraa afiri wo ho.

16 Na wo ho bɛgu fi amanaman anim, na woahunu sɛ mene AWURADE.

17 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

18 Onipa ba, Israel fie ayɛ me dwetɛ fi. Wɔn nyinaa yɛ me fononoo mu kɔbere mfrafraeɛ ne sanya ne dadeɛ ne sumpii; wɔayɛ dwetɛ bini.

19 Ɛno nti sei na Awurade NYANKOPƆN seɛ: Ɛsiane sɛ mo nyinaa adanedane dwetɛ fi nti, hwɛ, mereboa mo ano ahyia Yerusalem.

20 Sɛdeɛ wɔboa dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, sumpii ne sanya ano fononoo mu, fite ɛho gya mu ma no nane no, saa ara na mɛboa mo ano, m’abufuo ne m’anibereɛ mu, na mede mo ahyɛ mu anane mo,

21 na maka mo abom na masɔ mo ho gya m’anibereɛ mu, na moanane wɔ mu.

22 Sɛ dwetɛ nane fononoo mu no, saa ara na mobɛnane mu, na moahunu sɛ mene AWURADE a mahwie m’abufuhyeɛ agu mo soɔ no.

23 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

24 Onipa ba, ka kyerɛ no sɛ: Woyɛ asase a wɔntee ho, na wɔmma osuo ntɔ soɔ abohuro da mu.

25 N’adiyifoɔ atirisopam wɔ so, wɔte sɛ gyata a ɔbobom tete ne hanam, wɔdi akra nam, wɔfa ahonyadeɛ ne aboɔdenneɛ, wɔma emu akunafoɔ dɔɔso.

26 N’asɔfoɔ bu me mmara so, na wɔgu m’akronkronneɛ ho fi; wɔmma no nsono akronkronneɛ ne adeɛ a ɛnyɛ akronkronneɛ, na wɔnkyerɛ adeɛ a ɛho nteɛ ne deɛ ɛho teɛ no ntam nsonsonoeɛ, na wɔbu wɔn ani gu me home nna so, na wɔgu me ho fi wɔ wɔn mu.

27 Ne mmapɔmma a wɔwɔ soɔ no te sɛ mpataku a wɔtete hanam, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo, na wɔasɛe akra, deɛ ɛbɛyɛ na wɔanya mfasoɔ bɔne adie.

28 Na n’adiyifoɔ sra hyire ma wɔn, wɔhunu adehuhuo na wɔhyɛ wɔn nkɔntorɔ; wɔka sɛ: Sei na AWURADE seɛ, nanso AWURADE nkasae.

29 Asase no so nkurɔfoɔ di amim na wɔsi apempem, na wɔhom mmɔborɔni ne ohiani so, na wɔsi ɔhɔhoɔ apempem a ɛntene koraa.

30 Na mehwehwɛɛ wɔn mu bi a ɔbɛgye ban anaasɛ ɔbɛgyina tokuro mu, m’anim ama asase no na mansɛe no, nanso manhunu obiara.

31 Enti mɛhwie m’abufuhyeɛ agu wɔn so, na madwerɛ wɔn anibereɛ gya no mu, na mede wɔn abrabɔ abua wɔn atifi, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

Hesekiel 23

Ahennie a aka no sɛeɛ

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, mmaa baanu, ɛna baako mmammaa wɔ hɔ,

3 na wɔbobɔɔ adwaman Misraim, wɔn mmabaaberɛ mu na wɔbobɔɔ adwaman no; ɛhɔ na wɔmiaa wɔn nufu, na ɛhɔ na wɔkekaa wɔn mmabaaberɛ mu mpokua.

4 Na ɔpanin no ne Ohola, ɔne ne nuabaa Oholiba. Wɔbɛyɛɛ me dea, na wɔwowoo mmammarima ne mmammaa. Ohola din no gyina hɔ ma Samaria, na Oholiba din no gyina hɔ ma Yerusalem.

5 Na m’akyi Ohola bɔɔ adwaman na n’ani beree n’adɔfoɔ, Asiriafoɔ a wɔba bɛpinkyɛɛ no no ho.

6 Wɔhyehyɛ bibitoma ntadeɛ, amradofoɔ ne mmakoma, mmeranteɛ a wɔn ho yɛ fɛ nko ara, wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so.

7 Na ɔde n’adwamammɔ kɔɔ wɔn so, Asiriafoɔ a wɔasa mu ayi wɔn no nyinaa, na ɔde wɔn a ne kɔn dɔ wɔn nyinaa, wɔn abosom nyinaa guu ne ho fi.

8 Nanso n’adwamammɔ a ɔde firi Misraim no, wannyae, ɛfiri sɛ wɔne no dae ne mmabaaberɛ mu, na wɔkekaa ne mmabaaberɛ mu mpokua, na wɔhwiee wɔn adwamammɔ guu ne so.

9 Ɛno nti mayi no ahyɛ n’adɔfo nsa, Asiriafoɔ a n’ani beree wɔn no nsa.

10 Wɔn na wɔyii n’adagya soɔ, wɔfaa ne mmabanin ne ne mmammaa, na ɔno ara nso, wɔde nkrantɛ kumm no, na ɔyɛɛ ɔnokwa maa mmaa, na wɔyɛɛ no n’atemmudeɛ.

11 Na ne nua Oholiba hunui, nanso ɔmaa n’ani beree bere bɔne senee ɔno, na ɔmaa n’adwamammɔ senee ne nua no deɛ.

12 N’ani beree Asiriafoɔ, amradofoɔ ne mmakoma a wɔba bɛpinkyɛɛ no no, wɔhyehyɛ ntadeɛ twom, wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, mmeranteɛ a wɔn ho yɛ fɛ ara nko.

13 Na mehunuu sɛ wagu ne ho fi; wɔn baanu no nam ɔkwan korɔ so.

14 Na ɔmaa n’adwamammɔ kɔɔ so; na ɔhunuu mmarima a wɔakurukyire wɔn ɔfasuo ho, Kaldeafoɔ mfonini a wɔde adukɔkɔɔ akurukyire,

15 wɔde abɔsoɔ abobɔ wɔn asene de abotire atentene abobɔ wɔn ti, sɛ Babelfoɔ a wɔn awoɔ asase ne Kaldea no teɛ no.

16 Ɛnna ɔde n’ani hwɛeɛ no, n’ani beree wɔn, na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ wɔn nkyɛn Kaldea.

17 Na Babelfoɔ baa ne nkyɛn ne no bɛdae ɔdɔ mpa so, na wɔde wɔn adwamammɔ guu ne ho fi; na ɔde wɔn guu ne ho fi no, ɔtee ne kra firii wɔn ho.

18 Na ɔyii n’adwamammɔ adie na ɔyii n’adagya soɔ no, ɛnna me kra tee ne ho firii ne ho, sɛdeɛ me kra tee ne ho firii ne nua no ho no.

19 Na ɔmaa n’adwamammɔ no dɔɔso ara de kaee ne mmabaaberɛ mu nna a ɔbɔɔ adwaman, Misraim asase soɔ no.

20 Na n’ani beree wɔn mpenafoɔ a wɔn barima te sɛ mfunumu deɛ, na wɔn ahobaa te sɛ apɔnkɔ deɛ no.

21 Na wo kɔn dɔɔ wo mmabaaberɛ mu aniwudeɛ berɛ a wo mpokua nti Misraim miamiaa wo nufu no.

Nkontompo a wɔtwa Onyankopɔn no ho asotwe

22 Ɛno nti, Oholiba, sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Hwɛ, merehwanyan w’adɔfo atia wo, wɔn a wo kra ate ne ho afiri wɔn ho no, na mahyia wɔn afiri mmaa nyinaa aba wo so.

23 Babelfoɔ ne Kaldeafoɔ nyinaa, Pekodfoɔ, Soafoɔ ne Kaldeafoɔ ne Asiriafoɔ a wɔka wɔn ho nyinaa, mmeranteɛ a wɔn ho yɛ fɛ, amradofoɔ ne mmakoma nyinaa, nnɔmkunini ne wɔn a wɔwɔ din, apɔnkɔsotefoɔ ara nko,

24 na wɔde akodeɛ ne nteaseɛnam ne nkyimiiɛ ne aman asafo bɛba wo so; ahokatadeɛ ne ɛkyɛm ne dadeɛ kyɛ na wɔde bɛka wo ahyɛ mu ahyia; na mede atemmuo bɛsi wɔn anim, na wɔabu wo atɛn wɔn atemmuo so.

25 Na mede me ninkuntwe bɛsa wo, na wɔne wo adi no anibereɛ so, wɔbɛtwitwa wo hwene ne w’aso, na wo mu nkaeɛ bɛtotɔ nkrantɛ ano; wɔn na wɔbɛfa wo mmabanin ne wo mmammaa akorɔ, na wɔde ogya ahye w’adeɛ a ɛbɛka akyire,

26 na wɔbɛworɔ wo ho ntadeɛ, na wɔatase wo nnwinneɛ afɛfɛ no.

27 Na mɛma wo aniwudeɛ to atwa afiri wo ho, ne w’adwamammɔ a ɛfiri Misraim asase soɔ no, na woamma w’ani so ankyerɛ wɔn, na woankae Misraim bio.

28 Na sei na Awurade NYANKOPƆN seɛ: Hwɛ, mede wo bɛhyɛ wɔn a wotane wɔn no nsa, ne wɔn a wo kra ate ne ho afiri wɔn ho no nsa,

29 na wɔne wo adi no wɔ ɔtane so, na wɔafa deɛ wobrɛ nyaeɛ no, na wɔagya wo, adagya ne kwaterekwa mu, na wɔayi w’adwamammɔ adagya so ne w’aniwudeɛ ne w’adwamammɔ deɛ nyinaa so.

30 Wɔbɛyɛ wo yei, w’adwamammɔ a wode dii amanaman no akyire no nti, sɛ wode wɔn abosonhuhuo agu wo ho fi.

31 Wo nuabaa no kwan so na wonam, enti mede ne kuruwa bɛhyɛ wo nsa.

32 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Wo nuabaa kuruwa

a emu dɔ na emu trɛ no na wobɛnom mu,

dodoɔ a ɛbɛtumi afa no

bɛdane asereseredeɛ ne fɛdie;

33 nsaborɔ ne awerɛhoɔ,

ahodwire ne ahoyera kuruwa,

wo nuabaa Samaria kuruwa no bɛyɛ wo ma.

34 Na wobɛnom, na wobɛfefe mu,

na wobɛwe ne ferɛ,

na wobɛsunsuane wo nufu mu,

na me na maka, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

35 Ɛno nti sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ɛsiane sɛ wo werɛ afiri me, na woato me atwene w’akyire nti, wo nso soa w’aniwudeɛ ne w’adwamammɔdeɛ no.

36 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, wobɛbu Ohola ne Oholiba atɛn? Ɛnneɛ kyerɛ wɔn wɔn akyiwadeɛ,

37 sɛ wɔasɛe awadeɛ, na mogya wɔ wɔn nsamu. Na wɔn abosonhuhuo na wɔde asɛe awadeɛ, na wɔn mma a wɔwo maa me no nso, wɔama wɔafa ogya mu ama wɔn abosom ama wɔadi.

38 Bio yei na wɔayɛ me, wɔagu me kronkronbea ho fi da no ara, na me home nna nso, wɔagu ho fi.

39 Na wɔkunkum wɔn mma ma wɔn abosonhuhuo a, wɔba me kronkronbea da no ara bɛgu ho fi, na hwɛ, saa na wɔayɛ no me fie no mu.

40 Na mpo wɔsoma maa wɔkɔhyiaa mmarima a wɔfiri akyirikyiri bae, na wɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ wɔn nkyɛn, na hwɛ, wɔbae; wɔn na wodwaree wo ho maa wɔn, de adubire kekaa w’ani, na wode ahyehyɛdeɛ hyehyɛɛ wo ho,

41 na wɔtenaa nnaeɛ a anim yɛ duro so, na ɛpono a wɔatoɔ si w’anim, na wode m’aduhwan ne me ngo sisii so.

42 Na asafo yuu a wɔato wɔn ho mpan wɔ mu, na wɔde nsabofoɔ kaa nnipa dodoɔ no ho firi ɛserɛ so baeɛ, na wɔde nkapo hyehyɛɛ wɔn nsa, na wɔde abotire afɛfɛ bobɔɔ wɔn.

43 Ɛnna mekaa sɛ: Mmarima mmɔ adwaman sɛ ɔno ara, sɛ wɔkɔ ne ho a!

44 Na wɔkɔɔ ne ho sɛdeɛ wɔkɔ ɔbaa dwamamfoɔ ho, na saa na wɔkɔɔ Ohola ne Oholiba, mmaa ahohorafoɔ no ho.

45 Na mmarima ateneneefoɔ na wɔde awaresɛefoɔ atemmuo ne mogyakagufoɔ atemmuo bɛbu wɔn atɛn, ɛfiri sɛ wɔyɛ awaresɛefoɔ, na mogya wɔ wɔn nsamu.

46 Na sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Mɛma asafo bi atu aba wɔn so, na mayi wɔn ama ahodwan ne ɔfom,

47 na asafo no asi wɔn aboɔ, na wɔde wɔn nkrantɛ awowɔ wɔn; wɔbɛkunkum wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa, na wɔde ogya ahye wɔn afie.

48 Na mɛtwa aniwudeyɛ afiri asase no so, na wɔde abɔ mmaa nyinaa kɔkɔ, na wɔanyɛ mo ahohoradeɛ no bi.

49 Na wɔde mo ahohoradeɛ bɛgu mo so, na moasoa mo abosonhuhuo no ho bɔne, na moahunu sɛ mene Awurade NYANKOPƆN.

Hesekiel 24

Ɛsɛn no. Yerusalem awieeɛ

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so du no sɛ:

2 Onipa ba, twerɛ da yi din, da yi ara. Babel hene atua Yerusalem da yi ara.

3 Na bu asowuiɛ fie no bɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Fa ɛsɛn no si so,

na hwie nsuo nso gu mu.

4 Fa ne nankum nso gu mu,

nankum pa nyinaa, srɛ ne basa,

nnompe a ɛyɛ nyinaa, na fa hyɛ mu ma;

5 fa nnwan no mu deɛ ɔyɛ no,

na fa nnyina hyehyɛ nnompe no ase

ma no nhuru yie,

na ne nnompe nso mmen wɔ mu.

6 Ɛno nti sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Due, mogya kuro!

Ɛsɛn a emu awe nnaakyen

a ne nnaakyen mfiri ne mu.

Yiyi mu adeɛ, nankum, nankum.

Wɔnnyiyi mu.

7 Na ne mogya wɔ ne mu;

waka agu ɔbotan kwawee so,

wanhwie angu fam,

na wɔde dɔteɛ akata so.

8 Deɛ ɛbɛyɛ na ahwanyan anibereɛ na ama aweredie aba nti,

na memaa ne mogya

guu ɔbotan pataa soɔ,

a wɔankata soɔ yi.

9 Saa nti sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Due, mogyahwiegu kuro!

Me nso mɛma aseɛ mmaboa adɔɔso.

10 Ma nnyina nnɔɔso, ma ogya no nnɛre,

ma nam no nhono,

nu mu ma no mpi na nnompe no nhye.

11 Na fa ɛsɛn no mpan si nsramma no so,

deɛ ɛbɛyɛ na ne kɔbere adɔ ayɛ kɔɔ,

na emu fi no anane na ne nnaakyen asa.

12 Brɛ ara na mabrɛ agu,

ɛfiri sɛ ogya rentumi nhye

ne nnaakyen pii no mfiri ne ho nkɔ.

13 Wo fi mu wɔ abusudeɛ; sɛ matwi wo ho na amfire nti,

wo ho rente mfiri wo fi no mu bio,

de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛma

m’abufuhyeɛ ano adwo wo soɔ.

14 Me, AWURADE, na maka. Ɛbɛba na mɛyɛ. Merennyae na merennodo ho, na merennu me ho; sɛdeɛ w’akwan teɛ ne sɛdeɛ wo nneyɛɛ teɛ no, saa ara na wɔbɛbu wo atɛn, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

Obiara nnyam no

15 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

16 Onipa ba, hwɛ, merebɛbɔ wo de ayi w’ani adeɛ a ɛpɛ no afiri wo ho. Na ntwa adwo, nsu, na mma wo nisuo nkyi.

17 Gu ahome komm, nni owufoɔ ho abooboo, fa w’abɔtire bɔ wo ti, na fa wo mpaboa hyɛ wo nan, na nkata w’ano, na nni nnipa aduane.

18 Na mekasa kyerɛɛ ɔman no anɔpa, na me yere wuu anwummerɛ, na anɔpa meyɛɛ sɛdeɛ ɔhyɛɛ me no.

19 Na nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ: Worenkyerɛ yɛn adekodeɛ a yeinom a woreyɛ yi kyerɛ wɔ yɛn ho anaa?

20 Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

21 Kasa kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Hwɛ, meregu me kronkronbea ho fi, mo ahoɔden ahokyerɛ no, mo ani adeɛ a ɛpɛ ne mo kra adeɛ a ɛdɔ no; na mo mmabanin ne mo mmammaa nkaeɛ no bɛtotɔ nkrantɛ ano.

22 Na mobɛyɛ sɛdeɛ mayɛ yi, morenkata mo ano na morenni nnipa aduane,

23 na mo abotire bɛbobɔ mo ti, na mo mpaboa ahyehyɛ mo nan. Morentwa adwo na morensu, na mode awerɛhoɔ bɛhunu amane wɔ mo amumuyɛ mu, na moasisi apini akyerɛkyerɛ mo ho.

24 Na Hesekiel ayɛ mo nsɛnkyerɛnneɛ; sɛdeɛ wayɛ yi nyinaa, mobɛyɛ no berɛ a ɛbɛba mu no, na moahunu sɛ mene Awurade NYANKOPƆN.

25 Na wo, onipa ba, ɛda no ara a mɛgye wɔn nsam ahoɔden, wɔn ahyehyɛdeɛ ho ahosɛpɛ, wɔn ani adeɛ a ɛpɛ ne wɔn kra adeɛ a ɛpɛ, wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa no,

26 da no ara na deɛ wafiri mu afire bi bɛba wo nkyɛn abɛma w’aso ateɛ.

27 Ɛda no ara na wo ne deɛ wafiri mu afire no ano bɛbue, na wobɛkasa na worentɔre mum bio, na wobɛyɛ wɔn nsɛnkyerɛnneɛ na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Hesekiel 25

Amonfoɔ ho nkɔmhyɛ

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, yi w’ani kyerɛ Amonfoɔ, na hyɛ nkɔm tia wɔn.

3 Na ka kyerɛ Amonfoɔ no sɛ: Montie Awurade NYANKOPƆN asɛm: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ɛsiane sɛ moka sɛ: Wiɛ, sɛ me kronkronbea ho agu fi, ne Israel asase ho, sɛ ayɛ afo, ne Yuda fie ho nso, sɛ wɔkɔ tukorɔ mu nti,

4 hwɛ, mereyi wo ama apueeɛfoɔ sɛ wɔmfa wo nni, na wɔnkyere wɔn nsraban wo mu, na wɔnsisi wɔn tenabea wo mu; wɔn na wɔbɛdi w’aba, na wɔn ara anom wo nufosuo;

5 na mede Raba bɛyɛ yoma adan, na Amonfoɔ asase ayɛ nnwan butubea, na moahunu sɛ mene AWURADE.

6 Na sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ɛsiane sɛ woabɔ wo nsamu na wode wo nan apempem fam na w’ahantan nyinaa mu woama w’akoma atɔ wo yam atia Israel asase nti,

7 hwɛ, meretene me nsa atia wo, na mede wo ayɛ amanaman asadeɛ, na matwa wo afiri aman mu, na asɛe wo afiri aman mu, na madwerɛ wo, na woahunu sɛ mene AWURADE.

Moabfoɔ ho nkɔmhyɛ

8 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ɛsiane sɛ Moab ne Seir ka sɛ: Hwɛ, Yuda fie ayɛ sɛ amanaman nyinaa nti,

9 hwɛ, merebue Moab nkyɛn mu afiri nkuro no so, nkuro a ɛdeda n’ahyeɛ so ho, asase a ɛyɛ no, Bet-yesimot, Baal-meon de kɔka Kiriataim,

10 mede mama apueeɛ mma apae Amonfoɔ deɛ no so, na mama wɔafa adi wɔn so, deɛ ɛbɛyɛ na wɔankae Amonfoɔ bio aman mu,

11 na mɛyɛ Moab mu atemmudeɛ, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Edom ho nkɔmhyɛ

12 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ɛsiane sɛ Edom atɔ Yuda fie so were na wɔadi so pa ara, na wanhunu wɔn mmɔbɔ nti,

13 sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Mɛtene me nsa atia Edom, na matwitwa emu nnipa ne afieboa, na mayɛ no afo afiri Teman, na wɔatotɔ nkrantɛ ano akɔduru Dedan.

14 Na mede me man Israel nsa bɛwie m’aweretɔ Edom so, na wɔne Edom adi no m’abufuo ne m’anibereɛ so, na wɔahunu m’aweretɔ, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

Filistifoɔ ho nkɔmhyɛ

15 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ɛsiane sɛ Filistifoɔ atɔ ne so were, na wɔde abufuo kɛseɛ atɔ wɔn so were sɛ wɔde daa ɔtane bɛsɛe wɔn no nti,

16 sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Hwɛ, meretene me nsa atia Filistifoɔ, na matwa Keretifoɔ no, na masɛe deɛ aka mpoano no.

17 Na mede abufuhyeɛ kɛse bɛtɔ wɔn so were, na me were a mɛtɔ wɔn soɔ no mu wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Hesekiel 26

Tiro ho atemmusɛm

1 Na afe a ɛtɔ so dubaako, bosome no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, ɛsiane sɛ Tiro ka wɔ Yerusalem ho sɛ:

Wiɛ, wɔabubu aman no pono no,

ɛbɛdane aba me nkyɛn;

mɛyɛ ma,

ɛno ayɛ amamfo nti,

3 sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Hwɛ, mene wo anya, Tiro,

na mede amanaman bebree bɛba wo so,

sɛdeɛ ɛpo de n’asorɔkyeɛ ba no,

4 na wɔabɛsɛe Tiro afasuo,

na wɔabubu n’aban atentene no;

na mɛpra ne dɔteɛ afiri mu,

na mayɛ no ɔbotan kwawee;

5 ɛbɛyɛ asau hatabea

wɔ ɛpo mu.

Na me na maka, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie,

na ɛbɛyɛ amanaman asadeɛ,

6 na ne mmammaa a wɔwɔ asase soɔ no,

wɔde nkrantɛ bɛkunkum wɔn.

Na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

7 Na sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Hwɛ, mede Babelhene Nebukadnessar, ahene mu hene no, mefiri atifi fam ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ne asafo ne dɔm bebree mereba Tiro so.

8 Wo mmammaa a ɛdeda asase soɔ no,

ɔde nkrantɛ bɛkum wɔn.

Na wasi wo ho aban,

na wato wo ho pie,

na wama ɛkyɛm so ahyia wo.

9 Na ɔde ne dwirie adeɛ asisi w’afasuo ho,

na ɔde n’akodeɛ adwiri w’aban atentene.

10 N’apɔnkɔ dodoɔ

nan ase mfuturo bɛkata wo so,

apɔnkɔsotefoɔ, nkyimiiɛ ne nteaseɛnam gyegyeegye nti,

w’afasuo bɛwosowosoɔ,

berɛ a ɔrefa w’aponkɛseɛ mu aba mu

sɛ wɔreba kuro a wɔabu mu afa no mu.

11 Ɔde n’apɔnkɔ ntɔte

bɛtiatia wo mmorɔno nyinaa so,

ɔde nkrantɛ bɛkunkum wo nkurɔfoɔ,

na ɔbɛsum w’ahoɔden adum no agu fam.

12 Na wɔde w’ahonyadeɛ bɛyɛ asadeɛ,

na wɔafomfom w’adwadeɛ,

na wɔadwiri w’afasuo,

na wɔasɛe w’anigyeɛ afie.

Na wɔatoto w’aboɔ ne wo nnua ne wo dɔteɛ

agu nsuo mu.

13 Na mɛma wo dwontoɔ hooyɛ agyae,

na w’asankuo nne nso, wɔrente bio.

14 Na mɛyɛ wo ɔbotan kwawee,

wobɛdane asau hatabea.

Wɔrenkyekyere wo bio,

na me, AWURADE, na maka,

Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

15 Sɛ Awurade NYANKOPƆN ka kyerɛɛ Tiro nie: Ɛnyɛ w’ahweaseɛ huuyɛ, w’atɔfoɔ apenepene, kum a wɔkunkumm wɔ wo mu nti na nsupɔ bɛwosowosoɔ?

16 Na ɛpo so aberempɔn nyinaa refiri wɔn adwa so asianesiane, na wɔayiyi wɔn ngusoɔ, na wɔaworɔworɔ wɔn nkyeremu atadeɛ, na wɔafira ahopopoɔ atenatena fam, na wɔn ho apopo berɛ nyinaa mu, na wo nti wɔn ho adwiri wɔn.

17 Na wɔbɛtwa wo ho kwadwom aka akyerɛ wo sɛ:

Ei, sɛdeɛ woasɛe nie, wo a ɛpo mufoɔ bɛtenaa wo mu,

kuro a wɔkamfo

a ɛyɛ den wɔ po mu,

ɛno ne emufoɔ

a wɔma wɔn ho hu

ba emufoɔ nyinaa soɔ no!

18 Afei nsupɔ ho bɛpopo

w’ahweaseɛ da no;

na nsupɔ a ɛwɔ po mu no

akoma atu w’awieeɛ ho.

19 Na sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Sɛ meyɛ wo nkurofo sɛ nkuro a wɔntena mu bio, sɛ mede ebunu meba wo so ma nsuo beree bɛkata wo so a,

20 mede wo bɛsiane aka wɔn a ɛfiri tete nteredee wɔasiane kɔ Amena mu no ho, akɔ nkurɔfoɔ no nkyɛn, na mama woatena famfam asase so, deɛ ɛhɔ yɛ amamfo firi tete nteredee no, wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no nkyɛn, deɛ ɛbɛyɛ na wɔrentena wo mu bio, na mɛyɛ animuonyanneɛ ateasefoɔ asase so.

21 Adeɛ a ɛyɛ hu na mede wo bɛyɛ, na worentena hɔ bio, na wɔbisa w’akyiri kwan a, wɔrenhu wo da biara da bio, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.