1 Petro 3

Ɛyerenom ne kununom

1 Saa ara na mo, ɛyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ara mo kununom, na sɛ ebinom antie asɛm no nso a, wɔafa ɛyerenom abrabɔ a asɛm nni ho so anya wɔn,

2 sɛ wɔbɛhwɛ mo abrabɔ a ɛho teɛ wɔ osuro mu.

3 Mommma mo ahyehyɛdeɛ nnyɛ honam ani deɛ, mmɛsawɔ ne sikahyɛ anaa ntadehyɛ mu,

4 na mmom momma no nyɛ akoma mu nipa a wahunta no, honhom a ɛdwoɔ, na ɛyɛ komm adeɛ a ɛmporɔ mu. Ɛno na ne boɔ yɛ den Nyankopɔn anim.

5 Na saa na tete no mmaa kronkron a wɔde wɔn ho too Nyankopɔn soɔ no hyehyɛɛ wɔn ho, na wɔbrɛɛ wɔn ho ase maa wɔn ara wɔn kununom,

6 sɛdeɛ Sara tiee Abraham, frɛɛ no owura no. Ɔno na, sɛ moyɛ papa na monsuro ahudeɛ biara a, moyɛ ne mma.

7 Okununom, mo ne wɔn ntena nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne adeɛ a ne ho nyɛ den, na monni wɔn ni, sɛ wɔn nso ne mo yɛ nkwa adom no adedifoɔ bi, na mo mpaebɔ kwan ansi.

Amanehunu wɔ teneneeyɛ mu

8 N’awieeɛ ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkorɔ, monhunu mmema mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmema mo ho, monnwene ahobrɛaseɛ adwene.

9 Mommfa bɔne nntua bɔne ka, nso mommfa ɔyɛ nntua ɔyɛ ka; na mmom monhyira, ɛfiri sɛ yei mu na wɔafrɛ mo, sɛ mommɛgye nhyira.

10 Na

deɛ ɔdɔ nkwa

na ɔpɛ sɛ ɔhunu nna pa no,

ma no nyi ne tɛkyerɛma mfiri bɔne mu,

ne n’ano na anka nnaadaasɛm.

11 Ma no nkyiri bɔne na ɔnyɛ papa,

ma no nhwehwɛ asomdwoeɛ na ɔnni akyire.

12 Ɛfiri sɛ Awurade ani wɔ wɔn a wɔtene so,

na n’aso abue ama wɔn mpaebɔ,

na Awurade ani sa wɔn a wɔyɛ bɔne.

13 Na sɛ modi papa akyiri a, hwan na ɔbɛha mo?

14 Na sɛ tenenee nti mohunu amane nso a, nhyira ne mo. Na monnsuro wɔn ho hu, na mommma mo akoma nntu.

15 Na mommu Awurade Kristo kronkron wɔ mo akoma mu. Nso monsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a ɔbisa mo anidasoɔ a ɛwɔ mo mu no aseɛ,

16 ɔdwoɔ ne suro mu, na monnya ahonim pa, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu no, wɔn a wɔgu mo abrabɔ pa a ɛwɔ Kristo mu no ho fi no ani awu.

17 Na sɛ ɔpɛ na Onyankopɔn pɛ sɛ mohunu amane sɛ papayɛfoɔ a, ɛyɛ kyɛne sɛ mohunu sɛ bɔneyɛfoɔ.

18 Ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu bɔne ho amane prɛko, deɛ ɔtene hunu maa wɔn a wɔntene, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Nyankopɔn nkyɛn. Wɔkumm no honam mu, na wɔmaa no tenaa ase honhom mu.

19 Ɛno mu nso na ɔkɔ kɔkaa asɛm kyerɛɛ ahonhom a wɔwɔ afiase

20 a tete no wɔyɛ asoɔdenfoɔ, ɛberɛ a Nyankopɔn abodwokyɛre twɛneeɛ, Noa nna a wɔreyɛ adaka no mu. Emu na akra kakraa bi a wɔn ano si baawɔtwe nyaa nkwa nsuo no mu.

21 Ɛno na afei ne nsɛsoɔ a ɛno ne asubɔ no, gye mo nso nkwa, a ɛnyɛ honam ho fi yi mu, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔreɛ nti yɛnam so yɛ Nyankopɔn deɛ.

22 Ɔno na ɔkɔɔ ɔsoro no, ɔte Nyankopɔn nifa, na abɔfoɔ ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no.

1 Petro 4

Ofieahwɛfoɔ pa wɔ Onyankopɔn adom mu

1 Na afei, sɛ Kristo ahunu amane honam mu yi, mo nso momfa adwenkorɔ no ara mmia mo ho, (ɛfiri sɛ deɛ wahunu honam mu amaneɛ no agyae bɔneyɛ,)

2 na honam mu asetena berɛ a aka no, wantena ase amma nnipa akɔnnɔ bio, na mmom watena ase ama Nyankopɔn apɛdeɛ.

3 Yɛn asetena berɛ a atwa mu no, yɛsɛe berɛ yɛɛ deɛ amanaman mufoɔ no pɛ, sɛ yɛnantee ahohwie, akɔnnɔ, nsaborɔ, agobɔne, didimeeɛ ne abosonsom a wɔkyire mu.

4 Na ɛyɛ wɔn nwanwa sɛ afei mo ne wɔn ntu mmirika nkɔ saa sakasaka pɔtɔɔ no mu, na wɔka mo ho nsɛmmɔne.

5 Wɔn na wɔbɛyi ano akyerɛ deɛ wasiesie ne ho sɛ ɔrebɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn no.

6 Na yei nti na wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ awufoɔ nso, na wɔabu wɔn atɛn sɛ nnipa a wɔwɔ honam mu, na wɔatena ase wɔ honhom mu sɛ Onyankopɔn.

7 Nanso adeɛ nyinaa awieeɛ abɛn. Enti momma mo adwene mu nte na mo ani nna hɔ mma mpaebɔ.

8 Na ne titire no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, ɛfiri sɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.

9 Monyegye mo ho ahɔhoɔ a anwiinwii biara nni mu.

10 Sɛdeɛ mo nyinaa nyinyaa adom akyɛdeɛ no, momfa nsom mo ho mo ho sɛ Nyankopɔn adom ahodoɔ no ho fieahwɛfoɔ pa.

11 Sɛ obi ka asɛm a, ma no nka no sɛ Nyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ma no nsom sɛ ɛfiri ahoɔden a Onyankopɔn de ma mu, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, ade nyinaa mu. Ɔno na animuonyam ne tumi wɔ no daa daa. Amen.

Amaneɛ a Kristo nti wɔhunu

12 Adɔfo, mommma amanehunu gya a asɔ wɔ mo mu sɛ wɔde resɔ mo ahwɛ no nnyɛ mo sɛ ade foforɔ, te sɛ ade foforɔ bi na ɛreyɛ mo;

13 na mmom, sɛdeɛ moayɛ Kristo amanehunu no fafafoɔ no, momma mo ani nnye, na sɛ wɔyi n’animuonyam no adi a, mode ahosan ama mo ani agye nso.

14 Sɛ wɔya mo Kristo din nti a, nhyira ne mo, ɛfiri sɛ animuonyam ne Nyankopɔn honhom wɔ mo so.

15 Na mommma mo mu bi nnhunu amane sɛ owudifoɔ anaa owifoɔ anaa ɔdebɔneyɛfoɔ anaa ɔsɛmpɛfoɔ ebinom nsɛm mu.

16 Na sɛ ɔhunu amane sɛ okristoni a, ɔmmma n’ani nnwu, na ma no nhyɛ Onyankopɔn animuonyam wɔ din yi mu.

17 Na ɛberɛ no aduru sɛ atemmuo firi aseɛ Nyankopɔn fie. Na sɛ ɛfiri yɛn so kane a, ɛbɛwie wɔn a wɔntie Nyankopɔn asɛmpa no sɛn?

18 Na

sɛ ɛyɛ den sɛ wɔbɛgye onipa tenenee a,

ɛhe na deɛ ɔmfɛre Onyankopɔn ne ɔdebɔneyɛfoɔ bɛgyina?

19 Enti nso wɔn a wɔhunu amaneɛ sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ no mfa wɔn kra nhyɛ ne nsa, sɛ Ɔbɔadeɛ nokwafoɔ, na wɔnkɔ so ara wɔ papayɛ mu.

1 Petro 5

Nyankopɔn nnwankuo so hwɛ

1 Me a meyɛ ɔpanin bi ne Kristo amanehunu ho dansefoɔ ne animuonyam a wɔrebɛyi no adie no fafafoɔ nso, metu mpanimfoɔ a ɛwɔ mo mu no fo sɛ:

2 Monyɛne Nyankopɔn nnwankuo a wɔwɔ mo mu no. Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ mu, sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adufudepɛ nti, na mmom akoma a ɛpɛ nti;

3 ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔdi asafotoɔ no so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛsoɔ mma nnwankuo no.

4 Na odwanhwɛfoɔ panin no yi ne ho adi a, moanya animuonyam abotire a ɛrensɛe da no.

5 Saa ara na mo mmabunu nso, momfa mo ho nhyɛ mpanimfoɔ aseɛ. Na mo nyinaa momfira ahobrɛaseɛ, na monsom mo ho mo ho, ɛfiri sɛ

Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan,

na ɔdom ahobrɛasefoɔ.

6 Enti mommrɛ mo ho ase Nyankopɔn tumi nsa no ase, na wama mo so, berɛ a ɛsɛ mu.

7 Momfa mo dadwene ne haw nyinaa nto ne so, ɛfiri sɛ ɔdwene mo ho.

Monsi ɔsɔhwɛfoɔ no kwan

8 Mo ani nna hɔ, monwɛn, ɛfiri sɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ deɛ ɔbɛnya no amene.

9 Ɔno na momfa gyidie nnyina hɔ pintinn nsi no kwan, ɛfiri sɛ monim sɛ amanehunu no ara na wɔde ato mo nuanom a wɔwɔ wiase soɔ sɛ wɔnhunu.

10 Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa animuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na sɛ monya hunu amane kakra ansa a, ɔbɛsiesie mo pɛ, ɔbɛma mo ase atim, ɔbɛhyɛ mo den, ɔbɛma moanya nnyinasoɔ.

11 Ɔno na tumi wɔ no daa daa. Amen.

Nkradie ne nkyea

12 Menam onua nokwafoɔ Silwano so, sɛdeɛ mebu no no, matwerɛ nsɛm tiawa yi mabrɛ mo, mede metu mo fo, na medi adanseɛ sɛ, yei ne Nyankopɔn nokorɛ adom a moabɛgyina mu yi.

13 Asafo a ɛwɔ Babel a wɔayi wɔn sɛ mo no, ne me ba Marko kyea mo.

14 Momfa ɔdɔ mfeano nkyeakyea mo ho mo ho. Asomdwoeɛ nka mo a mowɔ Kristo mu nyinaa.

Yakobo 1

Nkyea

1 Yakobo, Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyea mmusuakuo dummienu a wɔahweteɛ no.

Gyidie ne nyansa

2 Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahodoɔ bebree mu a, mommu no anigyeɛ koraa,

3 na monhunu sɛ mo gyidie no sɔhwɛ yɛ boasetɔ ho adwuma.

4 Na momma boasetɔ no nwie n’adwumayɛ pɛ, na moayɛ pɛ a ɛnkaa mo biribiara ara.

Nyansa a ɛfiri Onyankopɔn

5 Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma no mmisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa na ahohora nni mu no, na wɔde bɛma no.

6 Na gyidie mu na ma no mmisa, na ɔnnnye biribiara ho kyim, ɛfiri sɛ deɛ ɔgye kyim no te sɛ ɛpo asorɔkyeɛ a mframa rebɔ de no redi akɔneaba.

7 Na mma saa onipa no nnsusu sɛ ɔbɛnya Awurade hɔ biribiara.

8 Ɛfiri sɛ, onipa a n’adwene yɛ no ntanta no hinhim n’akwan nyinaa mu.

Ohia ne ahonya

9 Na ma onua a wɔabrɛ aseɛ nhoahoa ne ho, sɛ wɔrema ne soɔ no mu,

10 na ɔdefoɔ nso deɛ, sɛ wɔrebrɛ no aseɛ no mu, ɛfiri sɛ ɔbɛsene akɔ sɛ wiram nhwiren.

11 Na owia de ne hyehyeɛ firi, na ɛhye wira no a, na ne nhwiren apo, na n’ahoɔfɛ asɛe; saa ara na ɔdefoɔ nso bɛkusa wɔ n’akwan soɔ.

Nsɔhwɛ

12 Nhyira ne onipa a ɔtɔ ne bo ase wɔ sɔhwɛ mu. Na sɛ ɔnya firi mu fi tɔtorɔtɔɔ a, ɔbɛnya nkwa abotire a Awurade de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no no bɔ.

13 Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, mma no nnka sɛ: Onyankopɔn na ɔsɔ me hwɛ. Ɛfiri sɛ bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.

14 Na wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ ɔno ara n’akɔnnɔ, a ɛgyegye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ;

15 na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no wie nyini a, ɛwo owuo.

16 Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo.

17 Akyɛdeɛ pa nyinaa ne akyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ nyinaa firi soro, ɛfiri hann Agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakyeraeɛ ne adaneadane sunsum nni ne mu.

18 Ɔnam ɔno ara ne pɛ so na ɔde ne nokwasɛm woo yɛn, sɛ yɛnyɛ n’abɔdeɛ no mu adekan bi.

Ɔsetie mu nhyira

19 Me nuanom adɔfo, monhunu yei sɛ: Nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wɔnyɛ nyaa mfa abufuo;

20 ɛfiri sɛ onipa abufuo nyɛ Nyankopɔn tenenee mu adeɛ.

21 Enti monyi efi ne bɔne nyinaa nto ntwene, na momfa ɔdwoɔ nnye asɛm a wɔatɛ no mo mu a ɛbɛtumi agye mo kra no.

22 Na monyɛ asɛm no yɛfoɔ, na monnyɛ atiefoɔ nko ara nnaadaa mo ho.

23 Na sɛ obi yɛ asɛm no tiefoɔ na ɔnyɛ ɔyɛfoɔ a, ɔte sɛ onipa a ɔhwɛ n’anim suban ahwehwɛ mu.

24 Na ɔhwɛ ne ho na ɔkɔ, na ntɛm ara na ne werɛ afiri su ko a ɔkura.

25 Na deɛ ɔkoto hwɛ adehyedie mmara a ɛdi mu no mu, na ɔtena mu, na ɔnyɛ otiefoɔ werɛfirifoɔ, na mmom ɔyɛ adwuma no yɛfoɔ no, onii no na wɔbɛhyira no n’adeyɛ no mu.

26 Sɛ obi susu sɛ ɔyɛ onyamesomni, na wanto ne tɛkyerɛma nnareka, na mmom ɔdaadaa n’akoma a, saa onipa yi nyamesom yɛ ɔkwa.

27 Onyamesom a ɛho teɛ na ɛho nni fi wɔ Agya Nyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nnyanka ne akunafoɔ wɔ wɔn ahohiahia mu, na ɔyi ne ho firi wiase nkekaeɛ mu.

Yakobo 2

Nyiyimu ho kɔkɔbɔ

1 Me nuanom, mommma nnipa animhwɛ ne yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ animuonyam wura no gyidie nnni afra.

2 Na sɛ onipa a ɔhyɛ sika mpɛtea ne atadeɛ fɛfɛ ba mo hyiadan mu, na ohiani nso de atadeɛ tantan ba hɔ,

3 na mohwɛ deɛ ɔhyɛ atadeɛ fɛfɛ no, na moka sɛ: Wo deɛ, tena deɛ ɛyɛ ha! na moka kyerɛ ohiani no sɛ: Wo deɛ, gyina nohoa anaasɛ tena me nan ase adwa ho ha! a,

4 ɛno ɛnyɛ paeɛ na mopaepae mo mu, na moayɛ adwemmɔne atemmufoɔ?

5 Me nuanom adɔfo, montie! Onyankopɔn nyii wiase ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ gyidie mu ahonyafoɔ ne ahennie a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no adedifoɔ anaa?

6 Na mo deɛ, moabu ohiani no animtia. Ɛnyɛ adefoɔ no na wɔhyɛ mo soɔ, na wɔn ara twe mo kɔ asɛnniiɛ anaa?

7 Ɛnyɛ wɔn ara na wɔka din pa a wɔde frɛ mo no ho nsɛmmɔne?

8 Enti sɛ mohyɛ adehyeɛ mmara no ma, sɛdeɛ atwerɛ no ka sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho, no a, moyɛ no yie.

9 Na sɛ mohwɛ anim yiyi nnipa mu a, moyɛ bɔne, na mmara no yi mo atɛn sɛ mmaratofoɔ.

10 Na deɛ ɔbɛdi mmara no soɔ na ɔbɛto baako mpo no, na wadi ne nyinaa ho fɔ.

11 Ɛfiri sɛ deɛ ɔkaa sɛ: Nsɛe awadeɛ no, ɔkaa nso sɛ: Nni awu! Na sɛ wonsɛe awadeɛ na wodi awu a, na woayɛ mmara no tofoɔ.

12 Monka saa na monyɛ saa, sɛ wɔn a wɔnam adehyedie mmara no so rebɛbu wɔn atɛn no.

13 Na mmɔborɔhunu nni atemmuo mu ma deɛ wanhunu mmɔborɔ, na mmɔborɔhunu hoahoa ne ho di atemmuo so nkonim.

Gyidie ne nnwuma

14 Me nuanom, sɛ obi ka sɛ ɔwɔ gyidie, nanso ɔnni nnwuma a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ mu? Gyidie bɛtumi agye no anaa?

15 Na sɛ onua anaa onuabaa da adagya, na daa aduane abɔ wɔn,

16 na mo mu bi ka kyerɛ wɔn sɛ: Momfa asomdwoeɛ nkɔ, mo ho nyɛ mo hye na mommee, nanso moamma wɔn deɛ ɛhia honam a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ mu?

17 Sɛ gyidie nso teɛ ne no. Sɛ ɛnni nnwuma a, na awu wɔ ne nko ara fam.

18 Na ebia obi bɛka sɛ: Wowɔ gyidie, na me nso mewɔ nnwuma. Kyerɛ me wo gyidie a nnwuma nni mu no, na me nso mede me nnwuma bɛkyerɛ wo me gyidie.

19 Wogye di sɛ Onyankopɔn yɛ baako. Woyɛ no yie; ahonhommɔne nso gye di, na wɔn ho popo.

20 Na wo, onipa hunu, wopɛ sɛ wɔkyerɛ wo sɛ gyidie a adwuma nni ho awu anaa?

21 Ɛnyɛ nnwuma mu na wɔfiri buu yɛn agya Abraham bem sɛ ɔde ne ba Isak kɔɔ afɔrebukyia soɔ no?

22 Woahunu sɛ ne gyidie ne ne nnwuma na ɛyɛɛ adeɛ, na ɛfiri nnwuma no mu na gyidie no wiee pɛyɛ,

23 na atwerɛ a ɛse: Abraham gyee Onyankopɔn dii, na wɔbuu ɛno tenenee maa no, na wɔfrɛɛ no Nyankopɔn adamfo no baa mu.

24 Mohunu sɛ ɛfiri nnwuma mu na wɔbu onipa bem, na ɛmfiri gyidie nko ara mu.

25 Saa ara nso na ɛnyɛ nnwuma mu na wɔfiri buu odwamamfoɔ Rahab bem, sɛ ɔgyee abɔfoɔ no na ɔmaa wɔfaa kwan foforɔ so kɔeɛ no anaa?

26 Na sɛdeɛ nipadua a honhom nni mu awuo no, saa ara nso na gyidie a nnwuma nni mu awuo.

Yakobo 3

Ɔkasa mu ahosohwɛ

1 Me nuanom, mommma mo mu bebree nnyɛ akyerɛkyerɛfoɔ, na monim sɛ yɛbɛnya afobuo kɛseɛ mmom.

2 Ɛfiri sɛ yɛn nyinaa fom wɔ nnoɔma bebree mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a ɔwie pɛyɛ a ɔbɛtumi ato nipadua nyinaa nnareka adi soɔ.

3 Yɛde nnareka to apɔnkɔ ano mu sɛ wɔntie yɛn, na yɛdanedane wɔn kɔ faako a yɛpɛ.

4 Hwɛ, ɛhyɛn nso a ɛsoso sɛɛ, na mframa a emu yɛ den pia no, wɔde dua akyerɛkyerɛkwan ketewa bi na ɛdanedane no kɔ baabiara a hyɛn kwankyerɛfoɔ no pɛ.

5 Saa ara na tɛkyerɛma nso yɛ ɔhonam akwaa mu ade ketewa, nanso ɔhoahoa ne ho ade kɛseɛ ho. Ogya ketewa nso, monhwɛ kwaeɛ kɛseɛ a ɛbɛtumi asɔ!

6 Na tɛkyerɛma nso yɛ ogya. Tɛkyerɛma yɛ wiase bi wɔ yɛn akwaa mu a ɛyɛ deɛ ɛntene. Ɛde nkekaeɛ keka nipadua nyinaa, na ɛsɔ nkwa nkyimiiɛ a ɛtwa ne ho firi awoɔ mu no, na ɛfiri amanehunu kuro no mu na wɔasɔ ano.

7 Na ntɔteboa ne ntakraboa ne mmoa a wɔwea ne mmoa a ɛwɔ po mu su nyinaa, nnipa de wɔn su dwodwo wɔn, na wɔadwodwo wɔn.

8 Na tɛkyerɛma deɛ, onipa biara ntumi nnwodwo no, ɛyɛ adebɔne a ɛyɛ werɛmfoɔ a awuduro ayɛ no ma.

9 Ɛno na yɛde hyira Awurade ne Agya no, ɛno ara nso na yɛde dome nnipa a wɔayɛ wɔn Nyankopɔn suban soɔ.

10 Ano korɔ no ara mu na nhyira ne nnome fire. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ yeinom ba saa!

11 Asutire bi firi nsu dɛdɛ ne nwononwono wɔ ani korɔ mu anaa?

12 Me nuanom, borɔdɔma bɛtumi aso ngo dua aba anaa? Anaasɛ obobe bɛtumi aso borɔdɔma? Saa ara nso na asutire nkyenenkyene rentumi mma nsu pa.

Nyansa ahodoɔ mmienu

13 Mo mu hwan na ɔyɛ nyansafoɔ ne nimdefoɔ? Ma no mfa ɔbra pa nkyerɛ ne nnwuma wɔ ɔdwoɔ a nyansa wɔ mu mu.

14 Na sɛ mowɔ nitanmmɔne ne mansotwe mo akoma mu a, ɛnneɛ monnhoahoa mo ho, na monnni atorɔ nntia nokorɛ.

15 Saa nyansa yi mfiri soro, na mmom ɛyɛ fam ne ɔkra ne ahonhommɔne deɛ.

16 Na deɛ nitan ne mansotwe wɔ no, ɛhɔ na sakasaka ne nneyɛɛ bɔne nyinaa wɔ.

17 Na nyansa a ɛfiri soro no deɛ, deɛ ɛdi kan ne sɛ ɛho te, ɛwɔ asomdwoeɛ, ɛwɔ ɔdwoɔ, ɛwɔ asoɔmmerɛ; mmɔborɔhunu ne aba pa ayɛ no ma, ɛnnye akyinnyeɛ, ɛnyɛ nyaatwom.

18 Na wɔgu tenenee aba asomdwoeɛ mu ma wɔn a wɔyɛ asomdwoeɛ adeɛ.

Yakobo 4

Wiase adamfofa

1 Ɛhe na akasakasa ne ɔko a ɛwɔ mo mu no fire? Ɛmfiri mo akɔnnɔ a ɛne mo honam akwaa ko no mu anaa?

2 Mo kɔn dɔ, na monnya. Modi awu na mo ani bere, na montumi nnuru ho. Moko na motu sa, nanso monnya, ɛfiri sɛ mommisa.

3 Mobisa na monnya, ɛfiri sɛ mobisa no bɔne, sɛdeɛ ɛbɛma moahwere no mo anigyedeɛ mu.

4 Awaresɛefoɔ, monnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtane a wɔtane Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfoɔ no gyina hɔ sɛ Nyankopɔn tamfo.

5 Anaasɛ mosusu sɛ atwerɛ no kasa kwa, sɛ: Ɔtwe ne honhom a ɔte yɛn mu no ho ninkunu?

6 Nanso ɔma adom bebree mmom. Enti na atwerɛ no se:

Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan,

na ɔdom ahobrɛasefoɔ.

7 Enti momfa mo ho nhyɛ Nyankopɔn ase. Mommɔ mo ho mmɔden nsi ɔbonsam kwan, na ɔbɛdwane afiri mo nkyɛn.

8 Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfoɔ, na monte mo akoma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta!

9 Monni abooboo, na mo werɛ nho, na monsu! Mo sereɛ nnane awerɛhoɔ, na mo anigyeɛ nnane anatoɔ!

10 Mommrɛ mo ho ase Awurade anim, na ɔbɛma mo so.

Wɔbara bu a wɔbu afoforɔ atɛn

11 Anuanom, monnnidi mo ho nsekuro! Deɛ ɔdi onua ho nsekuro na ɔbu ne nua atɛn no, ɔdi mmara ho nsekuro na ɔbu mmara atɛn. Na sɛ wobu mmara atɛn a, na wonyɛ mmara no yɛfoɔ, na mmom woyɛ ne temmufoɔ.

12 Ɔbaako ne mmarahyɛfoɔ ne ɔtemmufoɔ, ɔno ne deɛ ɔbɛtumi agyeɛ na wasɛeɛ. Na hwan ne wo a wobu obi atɛn?

Ɔkyena a wɔde hoahoa wɔn ho

13 Na afei mo ɛ! Mo a moka sɛ: Ɛnnɛ ne ɔkyena yɛbɛkɔ sɛɛ ne sɛɛ kuro yi mu akɔdi hɔ afe, na yɛatɔ atɔn na yɛanya mfasoɔ.

14 Nanso monnim deɛ ɛbɛba ɔkyena. Na mo nkwa ne deɛn? Ɛfiri sɛ moyɛ huhuro a ɛyi ne ho kakra, na afei ɛyera.

15 Na mmom anka ɛsɛ sɛ moka sɛ: Sɛ Awurade pɛ na yɛnya nkwa a, yɛbɛyɛ yei anaa yei.

16 Na afei mohoahoa mo ho mo ahupoo mu. Saa ahohoahoa yi nyinaa yɛ bɔne.

17 Enti deɛ ɔnim papayɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.

Yakobo 5

Wiase adefoɔ ho kɔkɔbɔ

1 Na afei, mo adefoɔ e, mo amanehunu a ɛreba mo soɔ nti, monsu na mommɔ bena!

2 Mo ahonyadeɛ aporɔ, na nweweboaa awe mo ntadeɛ.

3 Mo sika ne dwetɛ awe nnaakyen, na ɛho nnaakyen no bɛdi mo adanseɛ, na ɛbɛdi mo nam sɛ ogya. Moahyehyɛ agyapadeɛ, nna a ɛdi akyire mu.

4 Hwɛ, adwumayɛfoɔ a wɔtutuu mo mfuo mu nnuane no akatua a mode nsisie de sieeɛ no team, na wɔn a wɔatwitwa mo mfuo mu adeɛ no nteamu aduru asafo Awurade no aso mu.

5 Mode asetena fɛfɛ atena asase so, na moabɔ ahohwie, na moayɛne mo akoma sɛ okum da.

6 Moabu deɛ ɔtene no fɔ akum no; ɔnsi mo kwan.

Abodwokyɛre wɔ amanehunu mu

7 Enti, anuanom, monya abodwokyɛre nkɔduru da a Awurade bɛba. Hwɛ, okuafoɔ a ɔretwɛn asase aba a ne boɔ yɛ den no to ne bo ase kyɛre wɔ ho, de kɔsi sɛ ɛnya feefee ne asusɔ.

8 Mo nso, monya abodwokyɛre, monhyɛ mo akoma den, ɛfiri sɛ da a Awurade bɛba no abɛn.

9 Anuanom, monngugu ahome nntiatia mo ho, na wɔammu mo atɛn. Hwɛ, ɔtemmufoɔ no gyina ɛpono ano.

10 Anuanom, momfa adiyifoɔ a wɔkasaa Awurade din mu no nyɛ amanehunu ne abodwokyɛre nhwɛsoɔ.

11 Hwɛ, yɛbu wɔn a wɔhunuu amane, too wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfoɔ. Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahunu sɛdeɛ Awurade maa no wiee no, sɛdeɛ Awurade ayamyɛ dɔɔso, na ɔyɛ timmɔborɔ.

12 Na me nuanom, yeinom nyinaa akyiri no, monnka ntam! Monnka ɔsoro anaa asase anaa ntam biara. Na momma mo aane nyɛ aane, na mo dabi nyɛ dabi, na moanhwe atemmuo mu.

Gyidie mpaebɔ

13 Mo mu bi hunu amane anaa? Ma no mmɔ mpaeɛ. Obi bo atɔ ne yam anaa? Ma no nto ayeyie nnwom.

14 Mo mu bi yare anaa? Ma no mfrɛ asafo no mu mpanimfoɔ, na wɔmmɛbɔ ne so mpaeɛ, na wɔnsra no ngo Awurade din mu.

15 Na gyidie mpaebɔ bɛgye ɔyarefoɔ no nkwa, na Awurade bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde bɛkyɛ no.

16 Monkeka mo mfomsoɔ nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na momommɔ mpaeɛ mmema mo ho mo ho, na wɔasa mo yadeɛ. Onipa tenenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ nnoɔma bebree.

17 Elia yɛ onipa te sɛ yɛn ara, na ɔbɔɔ mpaeɛ denden sɛ osuo nntɔ. Na osuo antɔ asase so mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia.

18 Na ɔbɔɔ mpaeɛ bio, na osuo tɔɔeɛ, na asase soo n’aba.

19 Me nuanom, sɛ mo mu bi fom firi nokorɛ ho na obi dane no a,

20 ma no nhunu sɛ, deɛ ɔdane ɔdebɔneyɛni firi ne mfomsoɔ kwan soɔ no, bɛgye ne kra afiri owuo mu, na wakata bɔne pii so.

Hebrifoɔ 1

Onyankopɔn nam Kristo so kasa

1 Onyankopɔn a tete no ɔnam mmerɛ ahodoɔ ne akwan ahodoɔ so, nam adiyifoɔ so kasa kyerɛɛ agyanom no,

2 nna a ɛdi akyire yi mu nso, ɔnam Ɔba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayɛ no nnoɔma nyinaa ɔdedifoɔ, a ɔnam ne so nso abɔ wiase nyinaa.

3 Ɔno ara a ɔyɛ n’animuonyam no haran ne ne su nsɛsoɔ, na ɔde ne tumi asɛm sɔ nnoɔma nyinaa mu no, ɔde ɔno ara ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtenaa animuonyam kɛseɛ no nifa so ɔsorosoro,

4 na wakyɛne abɔfoɔ no mmoroso, sɛdeɛ ne din kunini a wanya no kyɛne wɔn deɛ no.

Kristo yɛ Nyankopɔn ba, na abɔfoɔ yɛ n’asomfoɔ

5 Na abɔfoɔ mu hwan na waka akyerɛ no pɛn sɛ:

Me ba ne wo,

me na mawo wo nnɛ,

na bio:

Mɛyɛ no Agya,

na ɔno nso ayɛ me ɔba?

6 Na ɔnya de abakan no ba wiase bio a, ɔse:

Ma Nyankopɔn abɔfoɔ nyinaa nsɔre no!

7 Na abɔfoɔ no ho deɛ, ɔse:

Ɔyɛ n’abɔfoɔ mframa

ne n’asomfoɔ, ogyaframa,

8 na ɔba no ho deɛ, ɔse:

Onyankopɔn, w’ahennwa wɔ hɔ daapem daapem,

w’ahennie poma yɛ poma a ɛtene.

9 Wodɔ tenenee, na wokyiri amumuyɛ

enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn,

de ahosan ngo asra woɔ asene wo mfɛfoɔ.

10 Na:

Awurade, mfitiaseɛ no, wotoo asase fapem,

na wo nsa ano nnwuma ne ɔsoro.

11 Yeinom bɛsɛe, nanso wo deɛ, wowɔ hɔ ara,

na ne nyinaa bɛsu sɛ atadeɛ,

12 na wobɛbobɔ wɔn sɛ firatam,

na wɔasakyera wɔn sɛ atadeɛ.

Na wo deɛ, wote sɛ deɛ wote ara,

na wo mfeɛ renhi da.

13 Na abɔfoɔ no mu hwan ho na waka pɛn sɛ:

Tena me nifa so

kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ?

14 Wɔn nyinaa nyɛ ahonhom asomfoɔ a, wɔn a, wɔbɛyɛ nkwagyeɛ no adedifoɔ no nti, wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom no anaa?

Hebrifoɔ 2

Nkwagyeɛ kɛseɛ no

1 Yei nti ɛsɛ sɛ yɛsɔ nnoɔma a yɛateɛ no mu den ma no boro soɔ, na yɛamfiri ho da bi.

2 Na sɛ asɛm a wɔnam abɔfoɔ so kaeɛ no timii, na mmarato ne asoɔden biara nyaa n’akatua a ɛsɛ a,

3 yɛn nso, sɛ yɛammu nkwagyeɛ kɛseɛ a ɛte sɛ yei a, yɛbɛdwane afiri mu sɛn? Ɛno na Awurade firii aseɛ kaeɛ no, wɔn a wɔteeɛ no hyɛɛ mu den maa yɛn,

4 na Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne ahoɔdenneɛ ahodoɔ ne Honhom Kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛ ɔpɛ no dii ho adanseɛ bi.

Yesu nam owuo mu kɔ animuonyam mu

5 Ɛfiri sɛ ɛnyɛ abɔfoɔ ase na ɔde wiase a ɛreba a yɛka ho asɛm no ahyɛ.

6 Na obi di adanseɛ baabi sɛ:

Ɔdasani ne hwan a wokae no,

anaasɛ onipa ba ne hwan a w’ani ku ne ho?

7 Woama no aka kakraa bi na wato abɔfoɔ,

wode animuonyam ne anidie abɔ no abotire, [na wode no asi wo nsa ano nnwuma so,]

8 wode nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nan ase. Na sɛ ɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ n’ase yi, wannya biribiara a wamfa anhyɛ n’aseɛ. Na seesei deɛ, yɛnnya nhunuu sɛ wɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ n’ase.

9 Na mmom, yɛhunu Yesu, deɛ berɛ tiawa bi mu, wɔbrɛɛ no ase senee abɔfoɔ no, sɛdeɛ ɔbɛnam Onyankopɔn adom so bɛka owuo ahwɛ ama nnipa nyinaa. Seesei ɛsiane owuo amanehunu nti, wɔde animuonyam ne anidie abɔ no abotire.

Ɔnam amanehunu so duru ne pɛyɛ mu

10 Na ɛfataa deɛ ne nti nnoɔma nyinaa wɔ hɔ na ɛnam ne so na nnoɔma nyinaa wɔ hɔ, deɛ ɔde mma bebree baa animuonyam mu no, sɛ ɔde wɔn nkwagyeɛ safohene nam amanehunu mu bɛkɔ pɛyɛ mu.

11 Na deɛ ɔte ho ne wɔn a wɔte wɔn ho nyinaa wɔ abɔseɛ baako, ne saa nti ɛnyɛ no aniwu sɛ ɔbɛfrɛ wɔn anuanom,

12 sɛ:

Mɛbɔ wo din makyerɛ me nuanom,

asafo mu na mɛto ayeyie dwom mama woɔ.

13 Na bio:

Mede me ho bɛto ne so.

Na bio nso:

Hwɛ, me ne mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no nie.

Ɔsɔfo Panin Yesu de ɔno ara ne ho bɔ afɔdeɛ

14 Enti sɛ mma no anya honam ne mogya korɔ no bie no, saa ara na ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam owuo so bɛtu deɛ ɔwɔ owuo tumi a ɔne ɔbonsam no,

15 na wagye wɔn a anka owuo ho hu nti wɔayɛ nkoa, nna a wɔde te aseɛ nyinaa.

16 Na ampa ara, ɛnyɛ abɔfoɔ na ɔsɔ wɔn mu gye wɔn, na mmom Abraham asefoɔ na ɔsɔ wɔn mu gye wɔn.

17 Enti ɛhiaa no sɛ ɔsɛ ne nuanom nnoɔma nyinaa mu, na wayɛ mmɔborɔhunu ne nokorɛ sɔfo panin, Nyankopɔn fam nnoɔma no mu, na wayɛ ɔman no bɔne ho mpata.

18 Na ɛnam sɛ ɔno ara hunuu sɔ a wɔsɔɔ no hwɛeɛ mu amaneɛ nti, ɔtumi boa wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.