1 Yohane 1

Daa nkwa da adi wɔ Yesu mu

1 Deɛ ɛwɔ hɔ firi mfitiaseɛ, deɛ yɛateɛ, deɛ yɛde yɛn ani ahunu, deɛ yɛhwɛeɛ na yɛde yɛn nsa kaeɛ, wɔ nkwa asɛm no ho,

2 na nkwa no yii ne ho kyerɛe, na yɛahunu, na yɛdi ho adanseɛ, na yɛka daa nkwa a ɛne Agya no wɔ hɔ na ɛyii ne ho kyerɛɛ yɛn no ho asɛm kyerɛ mo,

3 deɛ yɛahunu na yɛateɛ no na yɛka kyerɛ mo nso, na mo nso ne yɛn anya ayɔnkofa; na yɛn ayɔnkofa no, yɛne Agya no ne ne Ba Yesu Kristo na ɛwɔ.

4 Yɛtwerɛ yeinom brɛ mo, na yɛn anigyeɛ awie pɛyɛ.

Hann mu asetena ne bɔneka

5 Na kaseɛ a yɛtee no ne nkyɛn na yɛbɔ mo yi ne sɛ: Onyankopɔn yɛ hann, na esum biara nni ne mu koraa.

6 Sɛ yɛka sɛ yɛne no wɔ ayɔnkofa na yɛnam sum mu a, yɛdi atorɔ, na yɛnnante nokorɛ mu.

7 Na sɛ yɛnam hann mu sɛ ɔno wɔ hann mu no a, na yɛwowɔ ayɔnkofa wɔ yɛn ntɛm, na ne Ba Yesu mogya te yɛn ho firi bɔne nyinaa mu.

8 Sɛ yɛka sɛ yɛnni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokorɛ no nni yɛn mu.

9 Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ nokwafoɔ ne teneneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na wate yɛn ho afiri deɛ ɛntene nyinaa ho.

10 Sɛ yɛka sɛ yɛnyɛɛ bɔne a, yɛma no dane ɔtorofoɔ, na n’asɛm no nni yɛn mu.

1 Yohane 2

Kristo yɛ Ɔkamafoɔ

1 Me mma nkumaa, meretwerɛ yeinom mabrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔkamafoɔ bi, Agya no nkyɛn, ɔno ne Ɔteneneeni Yesu Kristo.

2 Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn deɛ ho nko, na mmom wiase nyinaa deɛ ho bi.

3 Na sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so a, ɛno ara na yɛde hunu sɛ yɛnim no.

4 Deɛ ɔka sɛ: Menim no, na ɔnni n’ahyɛdeɛ soɔ no, yɛ ɔtorofoɔ, na nokorɛ no nni ne mu.

5 Na obiara a ɔdi n’asɛm soɔ no, ampa ara, ɔno mu na Nyankopɔn dɔ no awie pɛyɛ. Yei na yɛde hunu sɛ yɛwɔ ne mu.

6 Deɛ ɔka sɛ ɔte ne mu no, ɛsɛ no sɛ ɔnante sɛdeɛ ɔno nso nanteeɛ.

Ahyɛdeɛ foforɔ

7 Adɔfo, ɛnyɛ ahyɛdeɛ foforɔ na meretwerɛ mabrɛ mo, na mmom ahyɛdeɛ dada a moanya firi mfitiaseɛ no. Ahyɛdeɛ dada no ne asɛm a moateɛ no.

8 Nso meretwerɛ ahyɛdeɛ foforɔ mabrɛ mo a ɛyɛ nokorɛ wɔ ɔno ne mo mu: Sɛ esum retwa mu, na nokorɛ hann no anya rehyerɛn.

9 Deɛ ɔka sɛ ɔwɔ hann no mu na ɔtane ne nua no, ɔda so wɔ sum mu ara de bɛsi sɛsɛɛ.

10 Deɛ ɔdɔ ne nua no wɔ hann no mu, na suntidua nni ne mu.

11 Na deɛ ɔtan ne nua no te sum mu na ɔnam sum mu, na ɔnnim deɛ ɔrekorɔ, ɛfiri sɛ esum no afira n’ani.

12 Mma nkumaa, meretwerɛ mabrɛ mo sɛ,

ne din nti wɔde mo bɔne akyɛ mo.

13 Agyanom, meretwerɛ mabrɛ mo

ɛfiri sɛ monim deɛ ɔwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no.

Mmeranteɛ, meretwerɛ mabrɛ mo sɛ,

moadi ɔbɔnefoɔ no so nkonim.

Mmɔfra nkumaa, matwerɛ mabrɛ mo sɛ,

monim Agya no.

14 Agyanom, matwerɛ mabrɛ mo sɛ,

monim deɛ ɔwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no.

Mmeranteɛ, matwerɛ mabrɛ mo sɛ,

mo ho yɛ den,

na Nyankopɔn asɛm no te mo mu,

na moadi ɔbɔnefoɔ no so nkonim.

Wiase dɔ ne Nyankopɔn dɔ

15 Monnnɔ wiase anaa nnoɔma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no dɔ no nni ne mu.

16 Na deɛ ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetena mu ahohoahoa, ɛmfiri Agya no, na mmom ɛfiri wiase.

17 Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na deɛ ɔyɛ adeɛ a Onyankopɔn pɛ no tena hɔ daa.

Antikristo no ho kɔkɔbɔ

18 Mmɔfra nkumaa, ɛdɔn a ɛdi akyire nie. Na sɛdeɛ moate sɛ antikristo no rebɛba no, saa na seesei yi antikristo bebree aba; ɛnna yɛde hunu sɛ dɔn a ɛdi akyire nie.

19 Wɔfiri yɛn mu na ɛkɔeɛ deɛ, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho.

20 Na mo deɛ, moanya ngosra no firi Ɔkronkronni no hɔ, na mo nyinaa nim de.

21 Mantwerɛ mammrɛ mo sɛdeɛ monnim nokorɛ no, na mmom sɛ monim, ne sɛ atorɔ biara mfiri nokorɛ no mu.

22 Hwan ne ɔtorofoɔ no sɛ deɛ ɔsane sɛ Yesu nyɛ Kristo no? Oyi ne antikristo a ɔpo Agya no ne Ɔba no.

23 Obiara a ɔpo Ɔba no, ɔnni Agya no nso, na deɛ ɔpae mu bɔ Ɔba no din no, wɔ Agya no nso.

24 Enti mo deɛ, deɛ mote firii mfitiaseɛ no, momma no ntena mo mu; na sɛ deɛ mote firii mfitiaseɛ no tena mo mu a, ɛnneɛ mo nso mobɛtena Ɔba no ne Agya no mu.

25 Na ɛbɔ a ɔde ahyɛ yɛn ne daa nkwa no.

26 Deɛ matwerɛ mabrɛ mo yi fa wɔn a wɔdaadaa mo no ho.

27 Na mo deɛ, ngosra a monyaa no ne nsa mu no te mo mu, enti ɛnhia mo sɛ obi kyerɛkyerɛ mo; na mmom sɛdeɛ ngosra no ara kyerɛkyerɛ mo ade nyinaa ho no na ɛyɛ nokorɛ, na ɛnyɛ atorɔ. Na sɛdeɛ akyerɛkyerɛ mo no, montena ne mu!

28 Na afei, mma nkumaa, montena ne mu, na sɛ oyi ne ho adi a, yɛanya awerɛhyɛmu, na yɛn ani anwu n’anim, ne ba mu.

Nyankopɔn mma

29 Sɛ monim sɛ ɔyɛ ɔteneneeni a, anka mobɛhunu sɛ obiara a ɔyɛ ade tenenee no, ɔno na Onyankopɔn awo no.

1 Yohane 3

1 Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de adɔ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso. Yei nti wiase nhu yɛn, ɛfiri sɛ ɛnhunuu no.

2 Adɔfo, afei yɛyɛ Nyankopɔn mma, na deɛ yɛbɛyɛ no nnya nnaa adi. Na yɛnim sɛ, sɛ ɔyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, ɛfiri sɛ yɛbɛhu no sɛdeɛ ɔteɛ.

3 Na obiara a ɔwɔ ne ho anidasoɔ yi no, ɔte ne ho sɛdeɛ ɔno ho teɛ.

4 Obiara a ɔyɛ bɔne no, ɔyɛ de to mmara, na bɔne ne mmarato.

5 Na monim sɛ ɔno deɛ, ɔyii ne ho adi sɛ ɔrebɛyi bɔne akɔ, na bɔne nni ne mu.

6 Obiara a ɔte ne mu no nyɛ bɔne. Obiara a ɔyɛ bɔne no nhunuu no, nanso ɔnnim no.

7 Mma nkumaa, mommma obiara nnnaadaa mo. Deɛ ɔyɛ deɛ ɛtene no, ɔtene sɛdeɛ ɔno nso tene.

8 Deɛ ɔyɛ bɔne no firi ɔbonsam, ɛfiri sɛ ɔbonsam na ɔfiri mfitiaseɛ yɛɛ bɔne. Yei nti na Nyankopɔn Ba no bɛyii ne ho adi sɛ ɔbɛsɛe ɔbonsam nnwuma.

9 Obiara a Onyankopɔn awo no no nyɛ bɔne, ɛfiri sɛ ne su te ne mu, na ɔntumi nyɛ bɔne, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na wawo no.

10 Yei mu na Nyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adie. Obiara a ɔnyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɔnnɔ ne nua no mfiri Onyankopɔn.

Monnodɔ mo ho

11 Na yei ne kaseɛ a moate firi mfitiaseɛ sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no,

12 ɛnyɛ sɛ Kain a ɔfiri bɔne mu na ɔkumm ne nua no. Na adɛn nti na ɔkumm no? Ɛfiri sɛ ɔno ara ne nnwuma yɛ bɔne, na ne nua deɛ no deɛ, ɛtene.

13 Anuanom, wiase tan mo a, mommma no nnyɛ mo nwanwa.

14 Yɛn deɛ, yɛnim sɛ yɛatwa mu afiri owuo mu akɔ nkwa mu, ɛfiri sɛ yɛdɔ anuanom. Deɛ ɔnni dɔ no te owuo mu.

15 Obiara a ɔtan ne nua no yɛ owudini; na monim sɛ daa nkwa rentena owudini biara mu.

16 Yei mu na yɛahunu ɔdɔ no, sɛ ɔno de ne nkwa too hɔ maa yɛn. Na ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛde yɛn nkwa to hɔ ma anuanom.

17 Na deɛ ɔwɔ wiase asetenadeɛ, na ɔhunu ne nua sɛ ahia no, na ɔbɔ no ayamuɔnwono no, Nyankopɔn dɔ no te ne mu sɛn?

18 Me mma nkumaa, mommma yɛmmfa asɛm anaa tɛkyerɛma nnɔ, na mmom momma yɛnnɔ nneyɛɛ ne nokorɛ mu.

19 Na yei mu na yɛbɛhunu sɛ yɛfiri nokorɛ no mu, na yɛbɛdwodwo yɛn akoma wɔ n’anim sɛ,

20 sɛ yɛn akoma bu yɛn fɔ a, Onyankopɔn so kyɛne yɛn akoma na ɔhunu ade nyinaa.

21 Adɔfo, sɛ yɛn akoma mmu yɛn fɔ a, ɛnneɛ yɛde nnam kɔ Nyankopɔn anim,

22 na biribiara a yɛsrɛ no, yɛnya firi ne nkyɛn, ɛfiri sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so, na yɛyɛ deɛ ɛsɔ n’ani.

23 Na yei ne n’ahyɛdeɛ, sɛ yɛnnye ne Ba Yesu Kristo din no nni, na yɛnnodɔ yɛn ho, sɛdeɛ ɔmaa yɛn ahyɛdeɛ no.

24 Na deɛ ɔdi n’ahyɛdeɛ soɔ no te ne mu, na ɔno nso te ne mu. Na deɛ yɛde hunu sɛ ɔte yɛn mu ne honhom a ɔde ama yɛn no.

1 Yohane 4

Monsɔ ahonhom no nhwɛ

1 Adɔfo, monnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wɔfiri Onyankopɔn anaa; ɛfiri sɛ adiyifoɔ atorofoɔ bebree aba wiase.

2 Yei mu na monhunu Nyankopɔn honhom. Honhom biara a ɔpae mu ka sɛ Yesu Kristo aba honam mu no firi Nyankopɔn mu.

3 Na honhom biara a ɔnka sɛ Yesu aba (honam mu) no mfiri Nyankopɔn mu. Na yei ne antikristo a moate sɛ ɔreba na afei wanya aba wiase no deɛ.

4 Mma nkumaa, mofiri Nyankopɔn mu, na moadi wɔn so nkonim, ɛfiri sɛ deɛ ɔwɔ mo mu no so kyɛne deɛ ɔwɔ wiase mu.

5 Wɔn deɛ, wɔfiri wiase. Yei nti na wɔfiri wiase kasa, na wiase tie wɔn.

6 Yɛn deɛ, yɛfiri Nyankopɔn mu. Deɛ ɔnim Nyankopɔn no tie yɛn, na deɛ ɔmfiri Onyankopɔn mu no ntie yɛn. Yei mu na yɛhunu nokorɛ honhom ne nnaadaa honhom.

Onyankopɔn yɛ ɔdɔ

7 Adɔfo, momma yɛnnodɔ yɛn ho; na ɔdɔ firi Nyankopɔn, na obiara a ɔdɔ no, Onyankopɔn na wawo no, na ɔnim Onyankopɔn.

8 Deɛ ɔnnɔ no, nhunuu Onyankopɔn, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne ɔdɔ.

9 Yei mu na Nyankopɔn dɔ no yii ne ho adie wɔ yɛn ho, sɛ Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa ne so nnya nkwa.

10 Yei mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne Ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.

11 Adɔfo, sɛ Onyankopɔn dɔɔ yɛn sɛɛ a, ɛnneɛ ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho.

12 Obi nhunuu Onyankopɔn pɛn. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu, na ne dɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu.

13 Yei mu na yɛhunu sɛ yɛte ne mu, na ɔno nso te yɛn mu, sɛ wama yɛn ne honhom.

14 Na yɛahunu na yɛdi adanseɛ sɛ, Agya no asoma Ɔba no sɛ wiase Agyenkwa.

15 Obiara a ɔpae mu ka sɛ Yesu ne Nyankopɔn Ba no, Onyankopɔn te ne mu, na ɔno nso te Nyankopɔn mu.

16 Na yɛn deɛ, yɛahunu na yɛagye ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ no yɛn ho no adi. Onyankopɔn ne ɔdɔ, na deɛ ɔte ɔdɔ mu no te Nyankopɔn mu, na Onyankopɔn te no mu.

17 Yei mu na ɔdɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu, na yɛanya nnamyɛ atemmuda da, ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɔno teɛ no, sɛ nso yɛteɛ wɔ wiase ha ne no.

18 Ehu nni dɔ mu, na mmom ɔdɔ a ɛdi mu no pam ehu, ɛfiri sɛ ehu ne asotwe na ɛnam, na deɛ ɔsuro no nwiee pɛyɛ wɔ ɔdɔ mu.

19 Yɛdɔ, ɛfiri sɛ ɔno na ɔdɔɔ yɛn kane.

20 Sɛ obi ka sɛ: Medɔ Onyankopɔn, na ɔtane ne nua a, ɔyɛ ɔtorofoɔ. Na deɛ ɔnnɔ ne nua a ɔhu no no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi adɔ Onyankopɔn a ɔnhunuu no?

21 Na ahyɛdeɛ yi na yɛanya no ne nkyɛn sɛ, deɛ ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔnnɔ ne nua nso.

1 Yohane 5

Gyidie di wiase so nkonim

1 Obiara a ɔgye di sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn na wawo no; na obiara a ɔdɔ ɔwofoɔ no, ɔdɔ deɛ ɔwoo no no nso.

2 Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn na yɛdi n’ahyɛdeɛ so a, ɛno ara na yɛde hunu sɛ yɛdɔ Nyankopɔn mma.

3 Na yei ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yɛbɛdi n’ahyɛdeɛ soɔ, na n’ahyɛdeɛ no nyɛ den.

4 Ɛfiri sɛ biribiara a Onyankopɔn woeɛ no di wiase so nkonim, na yei ne nkonim a yɛadi wiase soɔ, mekyerɛ yɛn gyidie.

5 Hwan ne deɛ ɔdi wiase so nkonim sɛ deɛ ɔgye di sɛ Yesu ne Nyankopɔn ba?

Onyankopɔn Ba no ho adanseɛ

6 Oyi ne deɛ ɔnam nsuo ne mogya so baeɛ, Yesu Kristo no, na ɛnyɛ nsuo nko mu, na mmom ɛyɛ nsuo ne mogya mu. Na honhom no na ɛdi adanseɛ, ɛfiri sɛ honhom no ne nokorɛ no.

7 Na baasa na ɛdi adanseɛ:

8 Honhom, nsuo ne mogya, na baasa yi bɔ mu yɛ baako.

9 Yɛgye nnipa adanseɛ a, Nyankopɔn adanseɛ so kyɛne no, na Nyankopɔn adanseɛ ne adanseɛ a wadi ne Ba ho no.

10 Deɛ ɔgye Nyankopɔn Ba no die no wɔ adanseɛ, ɔno ara ne mu. Deɛ ɔnnye Onyankopɔn nnie no ama no adane ɔtorofoɔ, ɛfiri sɛ wannye adanseɛ a Onyankopɔn adi wɔ ne Ba ho no anni.

11 Na yei ne adanseɛ no, sɛ Onyankopɔn ama yɛn daa nkwa, na nkwa yi wɔ ne ba no mu.

12 Deɛ ɔwɔ Ɔba no wɔ nkwa no. Deɛ ɔnni Nyankopɔn Ba no, ɔnni nkwa no.

Awieeɛ

13 Yeinom na matwerɛ mabrɛ mo,na moahunu sɛ mowɔ daa nkwa, na moagye Nyankopɔn Ba no din adi.

14 Na nnam a yɛde kɔ ne nkyɛn ne sɛ, yɛsrɛ biribiara sɛdeɛ ɔpɛ a, ɔtie yɛn.

15 Na sɛ yɛnim sɛ ɔtie yɛn deɛ yɛsrɛ no ho a, yɛnim sɛ yɛwɔ nnoɔma a yɛasrɛ no ne nkyɛn no.

16 Sɛ obi hunu ne nua sɛ ɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owuo mu a, ɔmmɛsrɛ, na Onyankopɔn bɛma no nkwa de ama wɔn a wɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owuo mu no. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛkɔ owuo mu; ɛno ho deɛ, menka sɛ mommɔ mpaeɛ mmisa.

17 Deɛ ɛntene nyinaa yɛ bɔne, na bɔne bi wɔ hɔ a ɛnkɔ owuo mu.

18 Yɛnim sɛ obiara a Onyankopɔn awo no no, ɔnyɛ bɔne, na mmom deɛ Onyankopɔn awo no no, ɔhwɛ ne ho so, na ɔbɔnefoɔ no nka no.

19 Yɛnim sɛ, yɛfiri Onyankopɔn, na wiase nyinaa hyɛ ɔbɔnefoɔ no tumi ase.

20 Na yɛnim sɛ Nyankopɔn Ba no aba, na wabɛma yɛn nteaseɛ a yɛde hunu ɔnokwafoɔ no. Na yɛwɔ ɔnokwafoɔ no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokorɛ Nyankopɔn ne daa nkwa no.

21 Mma nkumaa, monwɛn nyi mo ho mfiri ahonisom ho.

2 Petro 1

Nkyea

1 Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafoɔ, de kɔma wɔn a wɔanya gyidie sɛ yɛn deɛ no, yɛn Nyankopɔn ne Agyenkwa Yesu Kristo tenenee mu:

2 Adom ne asomdwoeɛ nnɔɔso mma mo, Nyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu ho nimdeɛ mu.

Okristoni frɛ ne ne yie no

3 Sɛdeɛ ne Nyankopɔn fam ahoɔden de nnoɔma a ɛfa nkwa ne onyamesom pa ho nyinaa akyɛ yɛn, deɛ ɔnam animuonyam ne mmaninyɛ so afrɛ yɛn no ho nimdeɛ mu.

4 Ɛno nso so na ɔnam akyɛ yɛn bɔhyɛ a ɛsoso akɛseakɛse a ne boɔ yɛ den, na sɛ moanya adwane akɔnnɔ mu porɔ a ɛwɔ wiase a, moafa yeinom so anya Nyankopɔn su no bi.

5 Yei ara nti na mo nso mommɔ mmɔden nyinaa mfa nka ho, na monkyerɛ mo papayɛ nka gyidie ho, na nimdeɛ nka papayɛ ho,

6 na anidahɔ nka nimdeɛ ho, na boasetɔ nka anidahɔ ho,

7 na onyamesom pa nka boasetɔ ho, na onua dɔ nka onyamesom pa ho, na ɔdɔ mapa nka onuadɔ ho.

8 Na sɛ yeinom wɔ mo mu na ɛdɔɔso a, ɛremma monyɛ anihafoɔ ne wɔn a wɔnso aba, yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ fam.

9 Ɛfiri sɛ deɛ yeinom abɔ no no yɛ onifirani, na n’ani anyam, ɔnhunu akyiri adeɛ, na ne werɛ afiri ne bɔne a wayɛ dada no ho hohorɔ.

10 Enti mmom, anuanom, mommɔ mmɔden nhyɛ mo frɛ ne mo yie mu den; na sɛ moyɛ yeinom a, morensunti da.

11 Na saa na wɔbɛma mo kwan aboro soɔ akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo daa ahennie no mu.

12 Enti meremma m’ani mpa so sɛ mɛkae mo yeinom daa, nanso monim dada, na moatim nokorɛ a ɛwɔ hɔ yi mu.

13 Nanso mebu no sɛ ɛtene sɛ, mete ntomadan yi mu yi, mede nkaeɛ mekanyane mo,

14 ɛfiri sɛ, menim sɛ pa a wɔbɛpa me ho ntomadan yi bɛba ntɛm so, sɛdeɛ yɛn Awurade Yesu Kristo nso ayi akyerɛ me no.

15 Nanso mɛbɔ mmɔden, na me wiasefire akyiri no, moatumi akae yeinom da biara.

Kristo animuonyam hran ho adansedie

16 Na ɛnyɛ anansesɛm a wɔtoo no nyansam akyi na yɛdi kaa mo yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ne ba no ho asɛm, na mmom yɛyɛɛ n’animuonyam kɛseɛ no ho adansefoɔ a na yɛn ani tua.

17 Na ɔnyaa anidie ne animuonyam firii Agya Nyankopɔn nkyɛn no, ɛne sɛ saa nne yi firii animuonyam a ɛsɛ ɔkɛseɛ no, baa ne so sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani no,

18 yɛn a yɛne no wɔ bepɔ kronkron no soɔ no tee saa nne yi sɛ ɛfiri soro baeɛ.

19 Nanso yɛwɔ adiyifoɔ asɛm a ɛgyina hɔ pintinn kyɛne saa, ɛno na sɛ mohwɛ no yie sɛ kanea a ɛhran baabi a ɛhɔ yɛ kusuu, de kɔsi sɛ adeɛ bɛkye na adekyeeɛ nsoromma no apue mo akoma mu a, moyɛ no yie.

20 Monhunu yei kane sɛ atwerɛ mu adiyisɛm biara nnam onipa nkyerɛaseɛ so;

21 ɛfiri sɛ adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so mmaa pɛn, na mmom Nyankopɔn nnipa kronkron so, sɛdeɛ Honhom Kronkron de wɔn rekorɔ no, na wɔkasaeɛ.

2 Petro 2

Akyerɛkyerɛfoɔ atorofoɔ ne wɔn asotwe

1 Na adiyifoɔ atorofoɔ nso wɔ ɔman no mu, sɛdeɛ akyerɛkyerɛfoɔ atorofoɔ bɛba mo mu nso. Wɔn na wɔde ɔsɛeɛ fekusɛm bɛba abɛhyɛ mu, na wɔapa Awurade a ɔtɔɔ wɔn na ɔgyee wɔn no mpo, na wɔde ɔsɛeɛ a ɛba ntɛmntɛm aba wɔn ho so.

2 Na bebree bɛdi wɔn ahohwisɛm no akyi, na wɔn nti, wɔbɛka nokorɛ kwan no ho nsɛmmɔne.

3 Na wɔnam anibereɛ so de nnaadaasɛm bɛpɛ mo ho mfasoɔ. Wɔn na ɛfiri tete wɔn atemmuo ntwentwɛn aseɛ, na wɔn sɛeɛ ntɔ nko.

4 Na sɛ Onyankopɔn ankora abɔfoɔ a wɔyɛɛ bɔne no, na mmom ɔde esum kabii ahoma kyeree wɔn guu Asamando amanehunu bunu mu, sɛ wɔmfa wɔn nsie atemmuo a,

5 na sɛ wankora tete wiase no, na mmom Noa a ɔyɛ tenenee sɛnkafoɔ ne nnipa baason a wɔka ne ho na ɔgyee wɔn na ɔde nsuyire bɛkataa amumuyɛfoɔ wiase soɔ no,

6 na sɛ ɔdanee Sodom ne Gomora nkuro nso, na ɔde ɔsɛeɛ buu wɔn fɔ de wɔn yɛɛ nhwɛsoɔ maa wɔn a akyire yi wɔbɛyɛ amumuyɛdeɛ,

7 na ɔyii Lot a ɔtene a amumuyɛfoɔ no de wɔn ahohwie abrabɔ haa no,

8 (na deɛ onipa tenenee no tenaa wɔn mu hunuiɛ na ɔteeɛ no, mmarato nnwuma no yɛɛ ne kra tenenee no ayayadeɛ daa nyinaa;)

9 Awurade nim sɛdeɛ ɔbɛyi wɔn a wɔde fɛreɛ som no afiri sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔntene aso de wɔn asie atemmuo da,

10 ne titire no, wɔn a wɔdi honam akyiri, efi ho akɔnnɔ mu, na wɔte tumidie atua. Wɔyɛ aniɛdenfoɔ, ahopɛfoɔ, wɔn ho mpopo sɛ wɔbɛka animuonyam ho nsɛmmɔne.

11 Nanso abɔfoɔ a wɔwɔ ahoɔden ne tumi a ɛso no nka nsɛmmɔne mmu wɔn atɛn Awurade anim.

12 Na yeinom deɛ, wɔte sɛ mmoa a wɔnni adwene a wɔn su ne sɛ wɔawo wɔn sɛ wɔnkyere wɔn nkum wɔn. Wɔka deɛ wɔnnim ho nsɛmmɔne, wɔbɛsɛe wɔn ara wɔn sɛeɛ mu,

13 na wɔbɛnya deɛ ɛntene so akatua. Deɛ wɔbu no anigyeɛ ne daa ahohwie asetena, wɔyɛ nkekaeɛ ne dɛm, wɔde wɔn apempensie bɔ ahohwie, nanso na wɔne mo redidi,

14 wɔwɔ ani a awaresɛeɛ ahyɛ no mama, a ɛrennwo wɔ bɔne ho da, wɔdaadaa akra a wɔn ase nnya ntimiiɛ, wɔwɔ akoma a aben anibereɛ mu, wɔyɛ nnomee mma,

15 wɔagya ɔkwan tenenee no akɔfom kwan, wɔakɔfa Beor ba Bileam kwan no so, ɔno na na ɔpɛ deɛ ɛntene akatua,

16 nanso ɔnyaa ne mmarato ho atɛnyie; afunumu a ɔntumi nkasa de onipa nne kasae sii odiyifoɔ no nkwaseasɛm no kwan.

17 Yeinom yɛ mmura a nsuo nni mu, suwisie a mframa bɔ huu de rekorɔ, wɔn na wɔde esum kabikabi asie wɔn.

18 Na wɔkeka akonkosɛm a hwee nni mu, nam honam akɔnnɔ mu de ahohwisɛm daadaa wɔn a wɔdwane firii wɔn a wɔbɔ nnaadaa bra no mu ɛnkyɛreeɛ.

19 Wɔhyɛ wɔn adehyedie ho bɔ, na wɔn ara deɛ, wɔyɛ ɔporɔ nkoa, ɛfiri sɛ deɛ adi obi so nkonim no, ɛno na ɛyɛ no akoa.

20 Na sɛ wɔnam Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo ho nimdeɛ so adwane wiase fi, na wɔtoatoa wɔ mu bio di nkoguo a, wɔn akyire asetena adane wɔn bɔne akyɛne kane deɛ no.

21 Na anka ɛyɛ ma wɔn sɛ wɔanhunu tenenee kwan no, kyɛne sɛ wɔahunu, na wɔadane afiri ahyɛdeɛ kronkron a wɔde ahyɛ wɔn no ho.

22 Na ayɛ wɔn, sɛdeɛ nokorɛ bɛ no seɛ:

Ɔkraman asane kɔ ɔno ara ne feɛ ho bio,

na prako a wɔadware no no

asiane kɔ n’atɛkyɛ

a ɔyantam mu no mu.

2 Petro 3

Awurade ba no ho bɔhyɛ

1 Adɔfo, yei ne nwoma a ɛtɔ so mmienu a meretwerɛ mabrɛ mo. Emu na mede nkaeɛ mekanyane mo adwene gyenegyene,

2 sɛ monkae nsɛm a adiyifoɔ kronkron no aka ato hɔ, ne yɛn a yɛyɛ mo asomafoɔ ahyɛdeɛ a ɛyɛ yɛn Awurade ne Agyenkwa deɛ no.

3 Monhunu yei kane sɛ, nna a ɛdi akyire no mu, fɛdifoɔ a wɔdi wɔn ara wɔn akɔnnɔ akyire de fɛdie bɛba

4 abɛka sɛ: Ne ba ho bɔhyɛ no wɔ he? Na ɛfirii sɛ agyanom dedaeɛ yi, ade nyinaa te sɛdeɛ ɛte firi adebɔ mfitiaseɛ.

5 Na wɔhyɛ da ara ma wɔn werɛ firi sɛ, ɛfiri teteete na ɔsoro wɔ hɔ, ne asase a ɛfiri nsuo mu, na ɛfiri nsuo mfimfini na ɛbɛtimm hɔ wɔ Onyankopɔn asɛm so.

6 Wɔn so ara na ɛnam na nsuo yiri sɛee wiase a na ɛwɔ hɔ wɔn berɛ so no.

7 Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara na akora, na wɔde asie ama ogya, ama atemmuo ne nnipa amumuyɛfoɔ sɛeɛ da no.

8 Na, adɔfo, mommma adeɛ baako yi nnhunta mo, sɛ da koro yɛ Awurade sɛ mfirinhyia apem, na mfirinhyia apem yɛ no sɛ da koro.

9 Awurade nkyɛre ne bɔhyɛ ho, sɛdeɛ ebinom bu no sɛ ɛkyɛreɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛre ma mo, ɔmpɛ sɛ obiara bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakyera mu.

10 Na Awurade da no bɛba sɛdeɛ owifoɔ ba. Emu na ɔsoro de kukurududu bɛtwam akorɔ, na ewie mu mfitiasedeɛ bɛhye asɛe, na asase ne mu nnwuma bɛhye.

11 Enti sɛ yeinom nyinaa bɛsɛe a, nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne nyamesom pa mu,

12 sɛ motwɛn na morepɛ Nyankopɔn da no ba ntɛm yi? Ɛno mu na ɔsoro bɛsɔ ogya asɛeɛ, na wiem mfitiasedeɛ anane ahye.

13 Na sɛdeɛ ne bɔhyɛ teɛ no, yɛretwɛn ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ a tenenee te mu no.

Afotuo a ɛdi akyire ne awieeɛ

14 Enti, adɔfo, ɛnam sɛ moretwɛn yeinom nti, mommɔ mmɔden na wɔahu mo sɛ nnipa a wɔnni nkekaeɛ ne dɛm asomdwoeɛ mu,

15 na mommu yɛn Awurade abodwokyɛre no sɛ nkwagyeɛ, sɛdeɛ yɛn nua dɔfo Paulo nso de ne nyansa a wɔde ama no twerɛɛ mo no,

16 sɛdeɛ ɔyɛeɛ wɔ ne nwoma nyinaa a ɔka yeinom ho nsɛm wɔ mu no mu nso. Emu na nsɛm a ne nteaseɛ yɛ den, na wɔn a wɔnsuaa adeɛ na wɔn ase ntimiiɛ toto no, sɛdeɛ wɔyɛ atwerɛ nsɛm a aka no nso, ma wɔn ara wɔn sɛeɛ no.

17 Enti, adɔfo, ɛnam sɛ monim dada nti, monhwɛ mo ho so yie, na wɔamfa amumuyɛfoɔ nnaadaasɛm no amfa mo ankɔ bi, na moamfiri mo ara mo tim a moatim no mu anhwe ase.

18 Na monnyini yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na animuonyam nka no seesei ne daa. Amen.

1 Petro 1

Nkyea

1 Petro, Yesu Kristo somafoɔ, de kɔma wɔn a wɔahwete kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia no mu, amamfrafoɔ a wɔayi wɔn,

2 sɛdeɛ Agya Nyankopɔn nim a ɔnim dada no teɛ no, wɔ honhom ahoteɛ mu, de kɔ asoɔmmerɛ ne Yesu Kristo mogya dwira mu: Adom ne asomdwoeɛ mmorosoɔ nka mo.

Anidasoɔ a ɛwɔ nkwa mu

3 Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne Agya a ne mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔreɛ a ɔfiri awufoɔ mu sɔreeɛ no so awo yɛn foforɔ kɔ anidasoɔ a emu wɔ nkwa mu,

4 ne apɛgyadeɛ a ɛmporɔ, na ɛho nni dɛm, na ɛmpa mu, a wɔde asie ɔsoro ama mo

5 a wɔnam gyidie so wɛn mo wɔ Nyankopɔn tumi mu de kɔ nkwagyeɛ a wɔasiesie sɛ wɔrebɛyi no adie ɛberɛ a ɛdi akyire no mu.

6 Ɛno mu na mo ho siane mo, mo a nnansa yi, sɛ ɛsɛ a, wɔho mo werɛ kakra, sɔhwɛ ahodoɔ bebree mu,

7 na wɔahunu mo gyidie tɔtorɔtɔɔ sɛ ne boɔ yɛ den pii sene sika, a wɔsɔ hwɛ ogya mu, nanso ɛsɛeɛ, ama ayeyie ne anidie ne animuonyam, Yesu Kristo ahoyie mu.

8 Ɔno na monhunuu no, nanso modɔ no. Ɔno na monhunuu no seesei deɛ, nanso mogye no die, na mo ho siane mo anigyeɛ a ɛnni kabea a animuonyam wɔ mu mu,

9 sɛ monya mo gyidie akatua a ɛne mo kra nkwagyeɛ no.

10 Saa nkwagyeɛ no na adiyifoɔ a wɔhyɛɛ adom a ɛbɛba mo soɔ no ho nkɔm de too hɔ no, pɛeɛ na wɔpeepee mu.

11 Wɔhwehwɛɛ berɛ ko ne berɛ ahodoɔ a Kristo honhom a ɛwɔ wɔn mu dii kan daa no adi faa n’amanehunu ne akyire animuonyam a ɛbɛba no ho.

Adiyifoɔ ne abɔfoɔ

12 Wɔyi kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ wɔn ho nko na wɔsom, na mmom wɔsom mo fa nsɛm a seesei yɛbɔ no dawuro kyerɛ mo ne wɔn a wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no firi soro bɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no. Saa nsɛm yi na abɔfoɔ mpo pɛɛ sɛ wɔbɛhunu mu.

Abrabɔ kronkron

13 Enti mommɔ mo adwene mu abɔsoɔ, mo ani nna hɔ, na momma mo ani nna adom a wɔde rebrɛ mo Yesu Kristo ahoyie mu no so koraa.

14 Monyɛ sɛ asoɔmmerɛ mma, na monnyɛ mo ho sɛdeɛ kane a monnim biribiara no na mo akɔnnɔ teɛ no,

15 na mmom te sɛ deɛ ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no, mo nso monyɛ kronkron abrabɔ nyinaa mu,

16 na wɔatwerɛ sɛ: Monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ me, meyɛ kronkron.

17 Na sɛ mofrɛ deɛ ɔnhwɛ nnipa anim na ɔbu atɛn sɛdeɛ obiara adwuma teɛ no sɛ Agya a, momfa suro mmɔ mo bra mo ahɔhobea tena bea yi mu,

18 sɛ monim sɛ wɔamfa nnoɔma a ɛporɔ, dwetɛ anaa sika annye mo amfiri mo abrabɔ hunu a mo agyanom de maa mo no mu,

19 na mmom wɔde Kristo a ɔte sɛ adwammaa a ɔnni dɛm ne nkekaeɛ no mogya a ne boɔ yɛ den no na ɛgyee mo.

20 Ɔno na wɔyii no sieeɛ ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ, na wɔayi no akyerɛ, berɛ a ɛdi akyire yi mu ama mo

21 a monam ne so gye Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu na ɔhyɛɛ no animuonyam no die no, na mo gyidie ne anidasoɔ atena Nyankopɔn mu.

22 Monte mo kra ho, nokorɛ setie mu, nkɔ onuadɔ a nkontompo nni mu mu, na momfiri akoma mu nnodɔ mo ho mo ho denden.

23 Na wɔamfiri aba a ɛporɔ mu, na mmom wɔfiri deɛ ɛmporɔ mu, ɛne sɛ wɔnam Nyankopɔn asɛm a ɛte aseɛ na ɛbɛtena hɔ no so awo wɔn foforɔ.

24 Ɛfiri sɛ

honam nyinaa te sɛ wira,

na onipa animuonyam nyinaa te sɛ wira nhwiren.

Wira hye,

na ne nhwiren po;

25 na Awurade asɛm deɛ, ɛte hɔ daa. Na yei ne asɛmpa a wɔaka akyerɛ mo no.

1 Petro 2

Ɔboɔ a nkwa wɔ mu ne Ɔman kronkron

1 Enti monyiyi bɔnepɛ nyinaa ne nnaadaa nyinaa ne nyaatwomyɛ ne nitan ne nsekuro nyinaa nto ngu,

2 na mompɛ asɛm no nufosuo kronkron mapa, sɛ nkɔkoaa a wɔawo wɔn seesei, na moanyini wɔ mu akɔ nkwagyeɛ mu,

3 berɛ a moaka ahwɛ sɛ Awurade yam yɛ.

4 Ɔno na moba ne nkyɛn sɛ ɔboɔ a nkwa wɔ mu a nnipa apa no na Onyankopɔn deɛ, wafa no na ne boɔ yɛ den a,

5 mo nso momma wɔmfa mo sɛ aboɔ a nkwa wɔ mu nto aban, na moayɛ honhom mu dan, asɔfokuo kronkron, sɛ mobɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɛnam Yesu Kristo so sɔ Nyankopɔn ani.

6 Ɛfiri sɛ ɛwɔ atwerɛ no mu sɛ:

Hwɛ, mede tweaso tiboɔ

a wɔayie no na ne boɔ yɛ den mato Sion,

na deɛ ɔgye no die no ani renwu.

7 Enti mo a mogye no die no, deɛ ɔsom boɔ no yɛ mo dea. Na wɔn a wɔnnye nnie no deɛ,

ɔboɔ a abantofoɔ apa no

na ayɛ tweaso tiboɔ

8 ne suntiboɔ ne suntiduatoɔ botan ama wɔn.

Wɔn na wɔsunti,

ɛfiri sɛ wɔntie asɛm no.

Ɛno nti na wɔyii wɔn maeɛ.

9 Na mo deɛ, moyɛ abusua a wɔayi wɔn, ahene asɔfokuo, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara ne deɛ, sɛ monka deɛ ɔfrɛɛ mo firi esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwanwa mu no ayeyie nkyerɛ.

10 Mo a kane no monyɛ ɔman,

na afei moayɛ Nyankopɔn man,

mo a monnyaa mmɔborɔhunu,

na afei deɛ, moanya mmɔborɔhunu.

Montena ase sɛ Onyankopɔn nkoa

11 Adɔfo, metu mo fo sɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ, sɛ monyi mo ho mfiri honam akɔnnɔ a ɛne ɔkra ko no ho,

12 na mommɔ bra pa amanaman mu, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfoɔ no, wɔhwɛ mo nneyɛɛ pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn animuonyam, “nsra da” no.

13 Mommrɛ mo ho ase mma nnipa tumidie nyinaa, Awurade nti: Ɔhene a ɔyɛ pumpuni oo,

14 amradofoɔ a ɔsoma wɔn nnebɔneyɛfoɔ asotwe ne papayɛfoɔ ayeyie ho oo.

15 Na yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ, sɛ mode papayɛ si nnipa a wɔnni adwene no nkwaseasɛm ano,

16 sɛ nnipa a wɔde wɔn ho, na ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔde ahofadie no ayɛ bɔnepɛ so nkatasoɔ, na mmom sɛ Nyankopɔn nkoa.

17 Monni nnipa nyinaa ni! Monnɔ anuanom! Monsuro Onyankopɔn! Monni ɔhene ni!

Kristo amanuhunu nhwɛsoɔ

18 Nkoa, momfa suro nyinaa mmrɛ mo ho ase mma mo wuranom, ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ na wɔdwoɔ nko, na wɔn a wɔhyɛ mo soɔ no nso bi.

19 Na yei yɛ animuonyam, sɛ Nyankopɔn ho ahonim nti, obi de awerɛhoɔ hunu amane a ɛnfata no, nanso ɔgyina hɔ pintinn.

20 Na ɛyɛ animuonyam bɛn, sɛ mofom, na wɔbobɔ mo akuturuku, na moto mo bo ase gyeɛ? Na mmom sɛ moyɛ papa, na mohunu amane, na moto mo bo ase a, yei na ɛyɛ animuonyam, Nyankopɔn anim.

21 Na yei na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu amane maa mo gyaa mo nhwɛsoɔ sɛ monni n’anammɔn akyi.

22 Ɔno na wanyɛ bɔne,

nanso wɔanhunu nnaadaa n’anomu.

23 Ɔno na wɔyaa no, na wanya bie, ɔhunuu amane, nanso wanhunahuna, na mmom ɔde n’asɛm hyɛɛ deɛ ɔbu atɛntenenee no nsa.

24 Ɔno ara na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no soɔ, sɛ, sɛ yɛawu ama nnebɔne a, yɛntena ase mma tenenee. Ɔno na wɔde ne mmaa ntampeɛ asa mo yadeɛ.

25 Na anka mote sɛ nnwan a wɔayera, na afei moasane aba mo kra Hwɛfoɔ ne Wɛmfoɔ no nkyɛn.