Adiyisɛm 14

Adwammaa no ne ne nkurɔfoɔ

1 Na mehunui, na hwɛ, Adwammaa no gyina Sion bepɔ so, na mpem ɔha aduanan nnan a wɔatwerɛtwerɛ ne din ne n’Agya din wɔ wɔn moma soɔ no ka ne ho.

2 Na metee nne bi firi soro te sɛ nsuo bebree nne, ne aprannaa kɛseɛ nne. Na ɛnne a meteeɛ no te sɛ sankubɔfoɔ a wɔrebɔ wɔn asankuo.

3 Na wɔtoo dwom foforɔ bi, ahennwa ne ateasefoɔ baanan ne mpanimfoɔ no anim, na obiara antumi ansua dwom no, gye mpem ɔha aduanan nnan a wɔagye wɔn afiri asase soɔ no nko.

4 Yeinom ne wɔn a wɔamfa mmaa angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabunu, wɔn na wɔdi Adwammaa no akyire baabiara a ɔkorɔ. Yeinom na wɔagye wɔn nkwa afiri nnipa mu ayɛ wɔn aba a ɔdi kan ama Onyankopɔn ne Adwammaa no,

5 na wɔanhunu atorɔ bi wɔ wɔn anomu; na wɔnni dɛm.

Abɔfoɔ baasa no

6 Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtu nam soro mfimfini a ɔkura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase soɔ, ne aman ne mmusuakuo ne kasa ne nkurɔfoɔ nyinaa,

7 na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Monsuro Onyankopɔn na monhyɛ no animuonyam, ɛfiri sɛ n’atemmuo dɔn adu. Na monkoto deɛ ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne asutire no.

8 Na ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtɔ so mmienu dii akyire kaa sɛ: Babel kɛseɛ no ahwe ase, ahwe ase, ɛfiri sɛ wama amanaman nyinaa anom n’adwamammɔ abufuo nsa no bi.

9 Na ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa dii wɔn akyiri de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Sɛ obi koto aboa no ne ne honi no, na ɔgye agyiraeɛ de si ne moma anaa ne nsa so a,

10 ɔno ara na ɔbɛnom Nyankopɔn abufuo nsa a wɔahwie no gyenegyene agu n’abufuo kuruwa mu no bie, na wɔayɛ no ayayadeɛ, ogya ne sɔfe mu, abɔfoɔ kronkron ne Adwammaa no anim.

11 Na wɔn ayayadeɛ wisie bɛforo soro daa daa, na wɔn a wɔbɛkoto aboa no ne ne honi, ne obiara a ɔbɛgye ne din agyiraeɛ no, rennya ɔhome awia ne anadwo.

12 Ɛha na ahotefoɔ boasetɔ wɔ, wɔn a wɔkura Nyankopɔn ahyɛdeɛ ne Yesu gyidie mu no.

Asase so Twaberɛ

13 Na metee ɛnne bi firii soro a ɛkaa sɛ: Twerɛ sɛ: Nhyira ne awufoɔ a wɔwu Awurade mu firi seesei rekorɔ yi. Honhom no se: Aane, wɔbɛhome afiri wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi.

14 Na mehunui, na hwɛ, omununkum fitaa, na obi a ɔte sɛ onipa ba te mununkum no so, na ɔbɔ sika abotire na ɔkura kantankrankyi nnamnnam bi.

15 Na ɔbɔfoɔ foforɔ firi asɔredan no mu de nne kɛseɛ teaa mu kyerɛɛ deɛ ɔte mununkum no soɔ no sɛ: To wo kantankrankyi twitwa, ɛfiri sɛ twaberɛ adu, na asase so nnoɔma ahoa.

16 Na deɛ ɔte mununkum no soɔ no de ne kantankrankyi too asase so, na ɔtwitwaa asase so nnoɔma nyinaa.

17 Na ɔbɔfoɔ foforɔ firi soro asɔredan no mu, na ɔno nso kura kantankrankyi nnamnnam.

18 Na ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔwɔ ogya so tumi firii afɔrebukyia mu de nne kɛseɛ teaa mu kyerɛɛ deɛ ɔkura kantankrankyi nnamnnam no sɛ: To wo kantankrankyi nnamnnam no twitwa asase so bobe asiasia, ɛfiri sɛ n’aba no abere.

19 Na ɔbɔfoɔ no de ne kantankrankyi no too asase so, na ɔtwitwaa asase so bobe aba, na ɔde kɔguu Nyankopɔn abufuo nsa-kyi-amena kɛseɛ no mu.

20 Na wɔtiatiaa nsa-kyi-amena no so kuro no akyi, na mogya firii nsa-kyi-amena no mu kɔduruu apɔnkɔ nnareka ho, tenee nkwansimma apem ahansia.

Adiyisɛm 17

Odwamamfoɔ kɛseɛ no ne aboa no

1 Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson no mu baako bae ne me bɛkasaa sɛ: Bra na menkyerɛ wo odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii no soɔ no atemmuo.

2 Ɔno na wiase ahemfo ne no abɔ adwaman, na n’adwamammɔ nsa no abobo wɔn a wɔtete asase soɔ no.

3 Na ɔde me faa honhom mu kɔɔ ɛserɛ so. Na mehunuu ɔbaa bi a ɔte aboa kɔkɔɔ a abususɛm din ahyɛ no ma, na ɔwɔ tiri nson ne mmɛn du so.

4 Na ɔbaa no hyɛ atadeɛ afasebire ne nkrawoɔ, na ɔde sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa ahyehyɛ ne ho, na ɔkura sika kuruwa a akyiwadeɛ ne n’adwamammɔ fi ayɛ no ma.

5 Na wɔatwerɛ din bi ne moma so sɛ: Ahuntasɛm. Babel kɛseɛ no, asase so nnwaman ne akyiwadeɛ na.

6 Na mehunuu sɛ ahotefoɔ mogya ne Yesu adansefoɔ mogya aboro ɔbaa no, na mehunuu no no, ɛyɛɛ me nwanwa kɛse.

7 Na ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ: Adɛn nti na ayɛ wo nwanwa? Mɛka wo ɔbaa no ne aboa a ɔso no a ɔwɔ tire nson ne mmɛn du no ho ahuntasɛm no.

8 Aboa a wohunuu no no, da bi na ɔwɔ hɔ, na afei deɛ, ɔnni hɔ, na ɔbɛfiri bunu no mu aba, na wabɛsene akɔ ɔsɛeɛ mu. Na ɛbɛyɛ wɔn a wɔtete asase soɔ a wɔamfiri wiase ahyɛaseɛ antwerɛ wɔn din nkwa nwoma mu no nwanwa sɛ, wɔbɛhunu aboa no, sɛ da bi na ɔwɔ hɔ, na afei deɛ, ɔnni hɔ, nanso ɔwɔ hɔ ara.

9 Ɛha na adwene a nyansa wɔ mu no wɔ. Tire nson no yɛ mmepɔ nson a ɔbaa no te soɔ, na ɛyɛ ahemfo baason.

10 Baanum agu, ɔbaako wɔ hɔ, ɔfoforɔ no nnya mmae, na ɔba a, ɛtwa sɛ ɔtena hɔ kakraa bi.

11 Na aboa a da bi na ɔwɔ hɔ na afei deɛ ɔnni hɔ no, ɔno ara nso ne deɛ ɔtɔ so nwɔtwe, na ɔfiri nson no mu, na ɔkɔ ɔsɛeɛ mu.

12 Na mmɛn du a wohunuiɛ no ne ahemfo du a wɔnnyaa ahennie, nanso wɔne aboa no bɛnya tumi sɛ ahemfo dɔnhwere baako.

13 Yeinom wɔ adwene korɔ, na wɔde wɔn tumi ne wɔn ahoɔden bɛma aboa no.

14 Yeinom ne Adwammaa no bɛko, na Adwammaa no bɛdi wɔn so nkonim, ɛfiri sɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahemfo, mu Hene, — ɔno ne wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔayi wɔn na wɔdi no nokorɛ no.

15 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuo a wohunuiɛ a odwamamfoɔ no te soɔ no yɛ nkuro ne nkurɔfoɔ akuakuo ne aman ne kasa ahodoɔ.

16 Na mmɛn du a wohunuiɛ no, ne aboa no, wɔn na wɔbɛtane odwamamfoɔ no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagya, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahye no.

17 Na Onyankopɔn na ɔde ahyɛ wɔn akoma mu sɛ wɔmma ne tiri mu asɛm mmra mu, na wɔnyɛ adwene korɔ, na wɔmfa wɔn ahennie mma aboa no nkɔsi sɛ Nyankopɔn nsɛm no bɛwie duro.

18 Na ɔbaa a wohunuu no no ne kuro kɛseɛ a ɛdi asase so ahemfo so hene no.

Adiyisɛm 18

Babel ahweaseɛ

1 Na yeinom akyiri no, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ ɔfiri soro resiane ba, na ɔwɔ tumi kɛseɛ, na n’animuonyam nti asase hrann.

2 Na ɔde nne a emu yɛ den teaa mu sɛ:

Wahwe ase, Babel kɛseɛ no ahwe ase,

na adane ahonhommɔne tenaberɛ

ne ahonhom fi nyinaa atɛeɛ

ne nnomaa a wɔyɛ fi

na wɔkyiri wɔn nyinaa atɛeɛ!

3 Ɛfiri sɛ amanaman nyinaa anom

n’adwamammɔ abufuo nsa no bi,

na asase so ahemfo ne no abɔ adwaman,

na asase so adwadifoɔ nam ne taamudie ahoɔden so anya wɔn ho.

4 Na metee nne foforɔ firii soro sɛ:

Me man, momfiri ne mu,

na moanyɛ ne nneyɛɛ bɔne no bi,

na moannya ne haw no bi.

5 Ɛfiri sɛ ne nneyɛɛ bɔne atoatoa abɛduru soro,

na Onyankopɔn akae n’amumuyɛ.

6 Montua no ka, sɛdeɛ ɔtuaa mo ka,

na momfa mmɔ ho mmienu mma no, sɛdeɛ ne nnwuma teɛ.

Kuruwa a ɔfraeɛ no, momfra mmu mmɔ ho mmienu mma no.

7 Dodoɔ a ɔhyɛɛ ne ho animuonyam na ɔdii taamu no,

momma n’ayayadeɛ ne n’awerɛhoɔ nnɔɔso saa.

Ɛfiri sɛ ɔkaa no n’akoma mu sɛ:

Mete hɔ sɛ ɔhemmaa, na menyɛ okunafoɔ, na merenni awerɛhoɔ da.

8 Yei nti na ne haw bɛba da koro pɛ,

owuo ne awerɛhoɔ ne ɛkɔm,

na wɔde ogya bɛhye no,

ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn a ɔbu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfoɔ.

9 Na asase so ahemfo a wɔne no abɔ adwaman na wɔadi taamu no, sɛ wɔhunu ne hyeɛ wisie a, wɔbɛsu no, na wɔabobɔ ne ho abubuo.

10 N’aninyanneɛ no suro nti wɔbɛgyinagyina akyiri aka sɛ:

Due, due, kuro kɛseɛ

Babel, kuro a ɛyɛ den,

ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako mu na w’atemmuo aba.

11 Na asase so adwadifoɔ bɛsu no na wɔagyam no, ɛfiri sɛ obi ntɔ wɔn adwadeɛ bio:

12 Sika kɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔden aboɔ, nhwene pa, nwera pa, ntoma afasebire, serekye ne nkrawoɔ adwadeɛ, nnua a ɛyɛ hwam nyinaa, ne asommɛn adwinneɛ nyinaa, adwinneɛ a wɔde nnua a ɛwɔ din, yaawa, dadeɛ, abohemmaa ayɛ nyinaa,

13 pɛprɛ, mmorɔngo, nnu hwamhwam, kurobo, hwamfufuo, nsa, ngo, esiam muhumuhu, ayuo, nyɛmmoa, nnwan, apɔnkɔ, nteaseɛnam, nnipadua ne nnipa akra.

14 Na aduaba a wo kra kɔn dɔ no

afiri wo nkyɛn,

na nnepa ne animuonyanneɛ nyinaa

afiri wo ho ayera, na worenhunu bio koraa.

15 Nnoɔma yi ho adwadifoɔ a kuro no nti wɔanya adeɛ no, bɛgyinagyina akyiri n’aninyanneɛ no suro nti, na wɔasu na wɔagyam sɛ:

16 Due, due, kuro kɛseɛ

a ɔfira nwera pa

ne ntoma afasebire ne nkrawoɔ,

na ɔde sika

ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa ahyehyɛ ne ho.

17 Ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako pɛ mu na saa ahonya no ayɛ pasaa yi.

Na hyɛn akwankyerɛfoɔ nyinaa ne wɔn a wɔnam hyɛn mu kɔ baabi nyinaa, ne hyɛn mufoɔ ne dodoɔ a wɔyɛ ɛpo so adwuma gyinagyina akyiri,

18 na wɔhunuu ne hyeɛ wisie no, wɔteaa mu sɛ:

Kuro bɛn na ɛte sɛ kuro kɛseɛ yi?

19 Na wɔde dɔteɛ guu wɔn atifi, na wɔde osu ne gyam teaa mu sɛ:

Due, due, kuro kɛseɛ yi

a n’aboɔdenneɛ nti wɔn a wɔwɔ hyɛn wɔ ɛpo soɔ nyinaa

anyinya wɔn ho wɔ mu,

ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako pɛ mu na wɔayɛ no pasaa.

20 Ɔsoro ne mo ahotefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ,

momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho,

ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.

21 Na ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi maa ɔboɔ bi a ɛte sɛ owiyammoɔ kɛseɛ so to twenee ɛpo mu kaa sɛ:

Sɛdeɛ wɔbɛto kuro kɛseɛ Babel

atwene hwii ne no,

na wɔrenhunu bio koraa.

22 Na wɔrente asankubɔfoɔ ne nnwontofoɔ ne mmɛnhyɛnfoɔ ne ntotorobɛntohyɛnfoɔ

nne wo mu bio,

na wɔrenhunu adwinnie bi mu dwumfoɔ biara,

wo mu bio,

na wɔrente oyuyammoɔ

biara nka wo mu bio,

23 na kanea hann renhyerɛn wo mu bio,

na wɔrente ayeforɔkunu ne ayeforɔ

nne wo mu bio,

ɛfiri sɛ w’adwadifoɔ yɛɛ asase so nnipa akɛseɛ,

na wɔde w’adutoɔ adaadaa amanaman nyinaa.

24 Na ɛno mu na wɔhunuu adiyifoɔ ne ahotefoɔ

ne wɔn a wɔaku wɔn asase soɔ no nyinaa mogya.

Adiyisɛm 19

Ɔsorofoɔ di ahurisie

1 Yeinom akyiri no, metee biribi a ɛte sɛ nkurɔfoɔ pii nne kɛseɛ ɔsoro sɛ:

Haleluia!

Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn dea;

2 ɛfiri sɛ n’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene,

sɛ ɔbuu odwamamfoɔ kɛseɛ

a ɔde n’adwamammɔ asɛe asase no atɛn,

na ɔtɔɔ ne nkoa mogya so werɛ wɔ ne nsamu.

3 Na wɔkaa bio sɛ:

Haleluia!

Na ne wisie foro soro daa daa.

4 Na mpanimfoɔ aduonu nnan ne ateasefoɔ baanan no koto sɔree Onyankopɔn a ɔte ahennwa no soɔ no sɛ:

Amen, Haleluia!

5 Na ɛnne bi firii ahennwa no mu teaa mu sɛ:

Monyi yɛn Nyankopɔn ayɛ,

mo a moyɛ ne nkoa

ne mo a mosuro no nyinaa, akɛseɛ ne nketewa.

6 Na metee nne bi a ɛte sɛ nkurɔfokuo kɛseɛ nne, ne nsuo bebree nne, ne aprannaa a emu yɛ den nne sɛ:

Haleluia,

ɛfiri sɛ Awurade yɛn Nyankopɔn,

ade nyinaa so tumfoɔ no, adi hene.

7 Momma yɛn ani nnye, na yɛnni ahurisie,

na yɛnhyɛ no animuonyam,

ɛfiri sɛ Adwammaa no ayeforɔhyia adu,

na ne yere asiesie ne ho.

8 Na wɔde nwera pa a

ɛhoa fitaa, a ɛho teɛ maa no sɛ ɔmfira.

Na nwera pa no ne ahotefoɔ tenenee.

9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Twerɛ: Nhyira ne wɔn a wɔahyia wɔn adwammaa no ayeforɔ aseɛ. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokorɛ nie.

10 Na mehwee ne nan ase mekotoo no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ saa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wɔkura Yesu adanseɛ no mu bi. Koto Onyankopɔn! Na Yesu adanseɛ ne adiyie honhom no.

Ɔgyefoɔ no ho anisoadehunu kɛseɛ

11 Na mehunuu sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no, wɔfrɛ no Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafoɔ, na ɔbu atɛn, na ɔtu sa wɔ tenenee mu.

12 Na n’ani te sɛ ogyaframa, na ahemmotire pii bobɔ ne ti; na wɔatwerɛ ne din bi a obiara nnim gye ɔno nko.

13 Na ɔhyɛ atadeɛ bi a wɔde abɔ mogya mu, na ne din de: Nyankopɔn Asɛm.

14 Na ɛdɔm a wɔwɔ soro no tete apɔnkɔ fitafitaa so di n’akyi hyehyɛ nwera pa fitaa a ɛho teɛ.

15 Na afena nnamnnam bi firi n’anomu a ɔde bɛbobɔ amanaman, na ɔde dadeɛ poma bɛyɛne wɔn. Na ɔno na ɔtiatia Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, abufuo a ɛyɛ den no nsa-kyi-amena no soɔ.

16 Na ɔwɔ din bi a wɔatwerɛ n’atadeɛ ne n’asene mu sɛ: Ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade.

Wɔdi aboa no ne n’asraafoɔ no so nkonim

17 Na mehunuu ɔbɔfoɔ bi a ɔgyina owia mu. Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu ka kyerɛɛ nnomaa a wɔtu wɔ wiem nyinaa sɛ: Mommra mmɛhyia Nyankopɔn adidie kɛseɛ no ase

18 mmɛdi ahemfo nam, asafohene nam, atumfoɔ nam, apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn soɔ nam, adehyeɛ ne nkoa, nketewa ne akɛseɛ nyinaa nam.

19 Na mehunuu aboa no ne asase so ahemfo ne wɔn dɔm sɛ wɔaboaboa wɔn ano, na wɔne deɛ ɔte pɔnkɔ fitaa no soɔ no ne ne dɔm rebɛdi ako.

20 Na wɔkyeree aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnneɛ, de daadaa wɔn a wɔgyee aboa no agyiraeɛ ne wɔn a wɔkotoo ne honi no kaa ne ho. Wɔtoo wɔn baanu yi animono guu ogya tadeɛ a sɔfe dɛre mu no mu.

21 Na wɔde deɛ ɔte pɔnkɔ no soɔ afena a ɛfiri n’anomu no kunkumm wɔn a aka no, na nnomaa nyinaa dii wɔn nam mee.

Adiyisɛm 20

Mfeɛ apem no

1 Na mehunuu ɔbɔfoɔ bi a ɔfiri soro resiane a ɔkura ebunu no ano safoa ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛseɛ bi.

2 Na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dada a ɔno ne Ɔbonsam ne Satan no, kyekyeree no mfirinhyia apem,

3 na ɔtoo no twenee ebunu no mu, na ɔtoo mu, na ɔsɔɔ ano na wankɔdaadaa amanaman bio kɔsi sɛ mfirinhyia apem no bɛwie duro ansa; nanso ɛno akyiri no, ɛtwa sɛ wɔgyaa no kakra.

4 Na mehunuu nhennwa bi, na wɔn a wɔtete soɔ no, wɔde atemmuo maa wɔn. Na mehunuu wɔn a Yesu adanseɛ ne Nyankopɔn asɛm nti wɔtwitwaa wɔn tire no akra, ne wɔn a wɔankoto aboa no anaa ne honi na wɔannye agyiraeɛ no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa soɔ no. Na wɔnyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirinhyia apem.

5 (Na awufoɔ nkaeɛ no deɛ, wɔannya nkwa bio kɔsii sɛ mfirinhyia apem no twaa mu ansa.) Yei ne owusɔreɛ a ɛdi kan no.

6 Nhyira ne kronkron ne deɛ ɔnya kyɛfa ɔsɔreɛ a ɛdi kan no mu. Saa nkurɔfoɔ no so na owuprenu no nni tumi, na mmom wɔbɛyɛ Nyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ, na wɔne no bɛdi ahene mfirinhyia apem.

Satan ahofadie ne ne sɛeɛ

7 Na sɛ mfirinhyia apem no wie duru a, wɔbɛsane Satan afiri n’afiase,

8 na ɔbɛfiri adi akɔdaadaa amanaman a wɔwɔ asase afanan so, Gog ne Magog, akɔboaboa wɔn ano akɔ ɔsa, wɔn na wɔn ano dɔɔso sɛ mpoano anwea.

9 Na wɔforo kɔgyinaa asase tɛtrɛtɛ no so, na wɔtwaa ahotefoɔ no ne kuro a wɔdɔ no no ho nsraban hyiae. Na egya firi soro guu fam bɛhyee wɔn.

10 Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtoo no twenee ogya ne sɔfe tadeɛ no mu, deɛ aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no wɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa.

Wɔbu awufoɔ atɛn

11 Na mehunuu ahennwa fitaa kokuroo ne deɛ ɔte soɔ a asase ne ɔsoro dwane firii n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.

12 Na mehunuu awufoɔ, nketewa ne akɛseɛ, sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim; na wɔbuebuee nwoma mu. Na wɔbuee nwoma foforɔ bi a ɛyɛ nkwa nwoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma no mu no so bubuu awufoɔ atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.

13 Na ɛpo yii n’awufoɔ a ɛwɔ mu no mae, na Owuo ne Asamando yii awufoɔ a ɛwɔ mu no nso mae, na wɔbuu wɔn mu biara atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.

14 Na wɔtoo Owuo ne Asamando twenee ogya tadeɛ no mu. Yei ne owuprenu no.

15 Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔatwerɛ ne din wɔ nkwa nwoma no mu no, wɔtoo no twenee ogya tadeɛ no mu.

Adiyisɛm 21

Ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ

1 Na mehunuu ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ, na kane soro ne kane asase no atwam, na ɛpo nni hɔ bio.

2 Na mehunuu kuro kronkron no, Yerusalem foforɔ, sɛ ɛfiri soro Nyankopɔn nkyɛn resiane, na wɔasiesie no sɛ ayeforɔ a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.

3 Na metee nne kɛseɛ bi firi ahennwa no mu a ɛse:

Hwɛ, Nyankopɔn ntomadan wɔ nnipa mu,

na ɔbɛtena mu wɔ wɔn mu,

na wɔayɛ ne man,

na Onyankopɔn no ara ne wɔn bɛtena.

4 Na ɔbɛpepa wɔn ani ase nisuo nyinaa.

Na owuo nni hɔ bio,

na awerɛhoɔ ne osu ne yea biara nni hɔ bio,

ɛfiri sɛ kane nnoɔma no atwam.

5 Na deɛ ɔte ahennwa no soɔ no se: Hwɛ, meyɛ nnoɔma nyinaa foforɔ. Na ɔse: Twerɛ, ɛfiri sɛ nsɛm yi wɔ mu na ɛyɛ nokorɛ.

6 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔawie! Mene Alfa ne Omega, mfitiaseɛ ne awieeɛ no. Me na mede nkwa asutire mu nsuo bɛkyɛ obiara a sukɔm de no kwa.

7 Deɛ ɔdi nkonim no bɛnya yeinom adi, na mɛyɛ no ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ɔba.

8 Na ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nnie ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a egya ne sɔfe dɛre mu no mu, ɛno ne owuprenu no.

Ɔsoro Yerusalem ne ayeforɔ

9 Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson no a ɔhaw mmusuo nson a ɛdi akyire no ahyehyɛ mu mama no mu baako baa me nkyɛn, ne me bɛkasaa sɛ: Bra na menkyerɛ wo ayeforɔ, Adwammaa no yere no.

10 Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ bepɔ kɛseɛ tentene bi so, na ɔkyerɛɛ me kuro kronkron Yerusalem no sɛ ɛfiri soro Nyankopɔn nkyɛn resiane.

11 Ɛkura Nyankopɔn animuonyam. Deɛ ɛmaa no hann no te sɛ ɔboɔ a ne boɔ yɛ den papa, te sɛ ahwehwɛboɔ a emu teɛ sɛ ahwehwɛ.

12 Na ɛwɔ ɔfasuo kɛseɛ tentene, a ɛwɔ aponkɛseɛ dummienu, na abɔfoɔ dummienu tete apono no ano. Apono no so na wɔatwerɛ din a ɛyɛ Israel mma mmusuakuo dummienu no din.

13 Apono mmiɛnsa wɔ apueeɛ, apono mmiɛnsa wɔ atifi, apono mmiɛnsa wɔ anafoɔ, na apono mmiɛnsa wɔ atɔeɛ.

14 Na kuro no fasuo wɔ afapem dummienu a Adwammaa no asomafoɔ dummienu no din wowɔ soɔ.

15 Na deɛ ɔne me rekasa no kura sika susudua sɛ ɔde rebɛsusu kuro no ne n’apono ne ne fasuo no.

16 Na kuro no da ahinanan, na ne ntwemu ne ne trɛ yɛ pɛ. Na ɔde susudua no susuu kuro no akwansin mpem dunum. Ne ntwemu ne ne trɛ ne ne korɔn yɛ pɛ.

17 Na ɔsusuu ne fasuo no basafa ɔha aduanan nnan a ɛyɛ onipa nsusuiɛ sɛdeɛ ɔbɔfoɔ deɛ no teɛ.

18 Na deɛ wɔde too ne fasuo no ne ahwehwɛboɔ, na kuro no yɛ sika kronkron te sɛ ahwehwɛ kronkron.

19 Na wɔde aboɔden aboɔ nyinaa ahyehyɛ kuro no fasuo no fapem. Fapem a ɛdi kan yɛ ahwehwɛboɔ, deɛ ɛtɔ so mmienu yɛ hoaboɔ, deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa yɛ omununkumboɔ, deɛ ɛtɔ so nnan yɛ ahahammonoboɔ,

20 deɛ ɛtɔ so nnum yɛ ɛtɔnboɔ, deɛ ɛtɔ so nsia yɛ bogyanamboɔ, deɛ ɛtɔ so nson yɛ sikabereɛboɔ, deɛ ɛtɔ so nwɔtwe yɛ apopobibireboɔ, deɛ ɛtɔ so nkron yɛ akraateboɔ, deɛ ɛtɔ so du yɛ dɛnkyɛmmoɔ, deɛ ɛtɔ so dubaako yɛ owisiboɔ, deɛ ɛtɔ so dummienu yɛ beredumboɔ.

21 Na apono dummienu no yɛ nhwene pa dummienu. Apono no mu biara wɔde ahwene pa baako na ɛyɛeɛ. Na kuro no abɔntene yɛ sika kronkron a ɛte sɛ ahwehwɛ a emu teɛ.

22 Na manhunu asɔredan biara wɔ mu; na Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, ne Adwammaa no ne n’asɔredan.

23 Na ɛnhia sɛ owia anaa ɔsrane bɛpae wɔ kuro no mu, ɛfiri sɛ Nyankopɔn animuonyam hyerɛn wɔ mu, na ne kanea ne Adwammaa no.

24 Na amanaman bɛnante ne hann no mu. Na asase so ahemfo de wɔn animuonyam bɛba mu.

25 Na wɔrentoto n’apono mu awia na anadwo nni hɔ bio.

26 Na wɔde amanaman no animuonyam ne anidie bɛba mu.

27 Na ade hunu biara ne deɛ ɔyɛ akyiwadeɛ na ɔdi atorɔ renhyɛne mu koraa, gye wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Adwammaa no nkwa nwoma no mu no nko.

Adiyisɛm 22

Nkwa asubɔnten ne nkwa dua no

1 Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsuo asubɔnten a ani teɛ sɛ ahwehwɛ a ɛfiri Nyankopɔn ne Adwammaa no ahennwa no mu

2 ne kuro no abɔntene mfimfini. Asubɔntene no afanu nyinaa na nkwa dua a ɛso aba ahodoɔ dummienu sisie, na ɛsoso n’aba bosome biara. Na dua no ahahan na wɔde sa amanaman no yadeɛ.

3 Na mmusuo biara nni hɔ bio; na Onyankopɔn ne Adwammaa no ahennwa no na ɛbɛsi mu, na ne nkoa bɛsom no,

4 na wɔbɛhunu n’anim, na ne din bɛba wɔn moma so.

5 Na anadwo nni hɔ, na kanea anaa owia hann nhia wɔn, ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn bɛhyerɛn wɔn so. Na wɔbɛdi ahene daa daa.

6 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsɛm yi wɔ mu, na ɛyɛ nokorɛ, na Awurade, adiyifoɔ ahonhom Nyankopɔn no, asoma ne bɔfoɔ sɛ ɔmmɛkyerɛ ne nkoa adeɛ a ɛtwa sɛ ɛba ntɛm.

7 Na hwɛ, mereba ntɛm. Nhyira ne deɛ ɔkura nwoma yi mu adiyisɛm mu.

8 Na me, Yohane, ne deɛ ɔhunuu nnoɔma yi na ɔteeɛ. Na meteeɛ na mehunuiɛ no, mehwee ase sɛ merekoto asɔre ɔbɔfoɔ a ɔkyerɛɛ me nnoɔma yi nan ase.

9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ saa, meyɛ wo ne wo nuanom adiyifoɔ, ne wɔn a wɔkura nwoma yi mu nsɛm mu no awurakwaa. Koto sɔre Onyankopɔn!

10 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsɔ nwoma yi mu adiyisɛm ano, na ɛberɛ no abɛn.

11 Deɛ ɔntene no nntene ara, na deɛ ɔyɛ fi no nyɛ fi ara. Na deɛ ɔtene no ntene ara, na deɛ ɔyɛ kronkron no nyɛ kronkron ara.

12 Hwɛ, mereba ntɛm, na mekura m’akatua sɛ mede merebɛma obiara sɛdeɛ n’adwuma teɛ.

13 Mene Alfa ne Omega, ɔkannifoɔ ne okyidifoɔ, mfitiaseɛ ne awieeɛ no.

14 Nhyira ne wɔn a wɔhoro wɔn ntadeɛ, sɛdeɛ wɔbɛnya nkwa dua no ho kwan, na wɔafa apono no ano akɔ kuro no mu.

15 Na kuro no akyiri na akraman ne adutofoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdie nyinaa wɔ.

16 Me, Yesu, na masoma me bɔfoɔ sɛ ɔmmɛdi mo nnoɔma yi ho adanseɛ asafo no mu. Mene Dawid nhini ne n’aseni, adekyeeɛ nsoromma a ɛhran no.

17 Na honhom no ne ayeforɔ no se: Bra!

Na deɛ ɔtie no nka sɛ: Bra!

Na deɛ sukɔm de no mmra,

na deɛ ɔpɛ no mmɛgye nkwa nsuo no kwa.

18 Mebɔ obiara a ɔte nwoma yi mu adiyie nsɛm no kɔkɔ sɛ: Sɛ obi de biribi ka nnoɔma yi ho a, Onyankopɔn de ɔhaw ahodoɔ a wɔatwerɛ wɔ nwoma yi mu no bɛka no ho.

19 Na sɛ obi yi adiyie nwoma yi mu nsɛm bi a, Onyankopɔn bɛyi ne kyɛfa afiri nkwa dua ne kuro kronkron a wɔatwerɛ ho nsɛm nwoma yi mu no mu.

20 Deɛ ɔdi nnoɔma yi ho adanseɛ no se:Aane, mereba ntɛm.

Amen. Awurade Yesu, bra!

21 Yɛn Awurade Yesu adom nka mo nyinaa. [Amen.]

Yuda 1

Nkyea

1 Yuda, Yesu Kristo akoa, ne Yakobo nua, de kɔma wɔn a wɔafrɛ wɔn a Agya Nyankopɔn dɔ wɔn na wɔakora wɔn ama Yesu Kristo no:

2 Mmɔborɔhunu, asomdwoeɛ ne ɔdɔ nnɔɔso mma mo.

Kristofoɔ gyidie ho pereɛ

3 Adɔfo, ɛnam sɛ merebɔ mmɔden nyinaa matwerɛ nkwagyeɛ a ɛyɛ yɛn nyinaa dea no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ metwerɛ mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidie a wɔde ama ahotefoɔ prɛko no ho.

4 Na nnipa bi awiawia wɔn ho aba mu a wɔfiri tete atwerɛ wɔn ho asɛm de ato hɔ ama saa atemmuo yi, amumuyɛfoɔ a wɔdane yɛn Nyankopɔn adom ahohwie, na wɔpo Owura koro a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo no.

Atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ atemmuo

5 Na mepɛ sɛ mekae mo a moahunu yei prɛko dada sɛ, Awurade gyee ɔman no firii Misraim asase soɔ no, akyire yi no, ɔsɛee wɔn a wɔannye annie no.

6 Na abɔfoɔ a wɔankora wɔn paninnie, na mmom wɔgyaa wɔn ara wɔn tenaberɛ no, ɔde daa ahoma akyekyere wɔn, akora wɔn esum kabii mu, ama da kɛseɛ no atemmuo.

7 Na saa ara nso na Sodom ne Gomora ne nkuro a ɛdeda ho a wɔyɛɛ sɛ yeinom, de wɔn ho maa adwamammɔ na wɔbɔɔ mmusuo kɛseɛ no, wɔde wɔn asi hɔ sɛ asɛnnahɔ ama daa ogya asotwe.

8 Saa ara na yeinom nso yɛ adaeɛsofoɔ a wɔgu honam ho fi, na wɔte tumidie atua, na wɔka animuonyamfoɔ ho nsɛmmɔne.

9 Nanso Ɔbɔfoɔ panin Mikael ne ɔbonsam dii aperepereɛ kasakasaa Mose amu ho no, wansi ne bo sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛn, na mmom ɔkaa sɛ: Awurade nka w’anim!

10 Na yeinom deɛ, wɔka deɛ wɔnnim no ho nsɛmmɔne, na deɛ wɔfiri wɔn nnipa su mu nim sɛ mmoa a wɔnni adwene no, ɛno mu na wɔgu wɔn ho fi.

11 Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔafa Kain kwan so, na mfasoɔ nti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm mu, na wɔayera sɛ Kora wɔ atuateɛ mu.

12 Yeinom yɛ mo dɔ adidie mu nkekaeɛ, wɔne mo redidi, wɔmfɛre adeɛ, wɔyɛne wɔn ho; wɔyɛ mununkum a nsuo nni mu a mframa twetwe kyinkyini, nnua a ɛso nhahan aporeɛ a ɛnni aba, na awu mprenu a ne nhini atutuo,

13 ɛpo asorɔkyeɛ a ɛhuru a ɛpu wɔn ara wɔn aniwuo guo, nsoromma a ɛkyinkyini a wɔde sum kabikabi asie ama wɔn daa.

14 Yeinom ho na Henok nso a ɔtɔ Adam so nson hyɛɛ nkɔm de too hɔ sɛ: Hwɛ, Awurade ne n’ahotefoɔ mpempem reba

15 abɛbu wɔn nyinaa atɛn, na wabu wɔn mu amumuyɛfoɔ nyinaa atɛn, wɔn amumuyɛdeɛ a wɔyɛeɛ nyinaa ne wɔn atirimuɔdensɛm a nnebɔneyɛfoɔ amumuyɛfoɔ no ka de tiaa no nyinaa ho.

16 Yeinom yɛ anwiinwiifoɔ, yɔnafoɔ a wɔdi wɔn ara wɔn akɔnnɔ akyiri, na wɔn ano ka akonkosɛm, na mfasoɔ nti wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa.

Kɔkɔbɔ ne afotuo ahodoɔ

17 Na mo, adɔfo deɛ, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafoɔ aka ato hɔ no

18 sɛ wɔka kyerɛɛ mo sɛ: Ɛberɛ a ɛdi akyire no mu no, fɛdifoɔ bɛba a wɔbɛdi wɔn ara wɔn amumuyɛ akɔnnɔ akyire.

19 Yeinom ne wɔn a wɔde mpaepaemu ba, honam akyiridifoɔ a wɔnni Honhom no.

20 Na mo, adɔfo deɛ, momfa mo ho nsi mo gyidie kronkron no so mmɔ mpaeɛ Honhom Kronkron tumi mu;

21 mfa mo ho nsie Nyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborɔhunu nkɔ daa nkwa mu.

22 Na akyinnyegyefoɔ nso monhu wɔn mmɔbɔ,

23 ebinom nso monhwim wɔn mfiri gya mu nnye wɔn nkwa, na ebinom nso momfa suro nhu wɔn mmɔbɔ, na montane nipasu a ɛte sɛ atadeɛ a nkekaeɛ akeka mu nso.

Nhyira nsɛm

24 Na deɛ ɔbɛtumi asɔ mo mu na moansunti, na ɔde mo asi n’animuonyam anim, sɛ nnipa a wɔnni dɛm wɔ ahosan mu no,

25 Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na animuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmerɛ santen, seesei ne daa nyinaa. Amen.

3 Yohane 1

Nkyea ne ayeyie

1 Me, ɔpanin no twerɛ kɔma ɔdɔfo Gaio a medɔ no nokorɛ mu.

2 Ɔdɔfo, mebɔ mpaeɛ sɛ, adeɛ nyinaa mu, ɛnsi wo yie, na nya ahoɔden sɛdeɛ asi wo kra yie no.

3 Ɛberɛ a anuanom bi baeɛ, na wɔbɛdii wo nokorɛdie ho adanseɛ, sɛdeɛ wonam nokorɛ mu no, m’ani gyee sɛ.

4 Menni anigyeɛ a ɛsene yei, sɛ mete sɛ me mma nam nokorɛ mu.

5 Ɔdɔfo, deɛ woyɛ ma anuanom a wɔyɛ ahɔhoɔ no, ne kwan so ara ne no.

6 Wɔn nso adi wo dɔ no ho adanseɛ asafo no anim. Na wogya wɔn kwan sɛdeɛ ɛsɛ, Nyankopɔn anim a, na woayɛ no yie.

7 Na ne din nti na wɔnam, na wɔannye amanaman mufoɔ no hɔ biribiara.

8 Enti na ɛsɛ yɛn sɛ yɛgye saa nkurɔfoɔ no, na yɛayɛ yɔnko adwumayɛfoɔ ama nokorɛ no.

Diotrefe ne Demetrio

9 Metwerɛ mekɔmaa asafo no. Na Diotrefe a ɔrepɛ wɔn mu panin adie no nnye yɛn nto mu.

10 Yei nti, sɛ meba a, mɛkae ne nnwuma a ɔyɛ no, sɛ ɔkeka yɛn ho nsɛmmɔne, na yei mpo annɔɔso amma no, na ɔno ara nnye anuanom no nto mu, na ɔsi wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa no kwan, na ɔtu wɔn firi asafo no mu.

11 Ɔdɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Deɛ ɔyɛ papa no firi Nyankopɔn mu, na deɛ ɔyɛ bɔne no nhunuu Onyankopɔn.

12 Demetrio deɛ, wɔn nyinaa di ne ho adanseɛ wɔ nokorɛ mu, na yɛn nso yɛdi ne ho adanseɛ, na monim sɛ yɛn adanseɛ yɛ nokorɛ.

Awieeɛ

13 Anka mewɔ nsɛm pii metwerɛ, nanso mempɛ sɛ mede adubire ne twerɛdua metwerɛ mebrɛ mo.

14 Na m’ani da so sɛ mɛhu mo ntɛm na yɛde ano ne ano akasa.

15 Asomdwoeɛ nka mo. Nnamfonom no kyeakyea mo. Bobɔ nnamfonom no din mmaako mmaako kyea wɔn.

2 Yohane 1

Nkyea

1 Me, ɔpanin no, twerɛ kɔma Awuraa a wɔayi no, ne ne mma a medɔ wɔn nokorɛ mu, na ɛnyɛ me nko ara, na wɔn a wɔahunu nokorɛ no nyinaa,

2 nokorɛ a ɛte yɛn mu na ɛne yɛn bɛtena hɔ daa no nti:

3 Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo, Agya no Ba no, nkyɛn mmra yɛn so, nokorɛ ne ɔdɔ mu.

Nokorɛ ne ɔdɔ

4 M’ani agye kɛse, sɛ mahunu wo mma no mu bi sɛ wɔnam nokorɛ mu, sɛdeɛ yɛanya ahyɛdeɛ firi Agya no nkyɛn no.

5 Na afei, Awuraa, mesrɛ wo, ɛnyɛ sɛ meretwerɛ wo ahyɛdeɛ foforɔ, na mmom deɛ yɛnya firi mfitiaseɛ no ara, sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no.

6 Na yei ne ɔdɔ no, sɛ yɛbɛnante sɛdeɛ ahyɛdeɛ no teɛ. Yei ne ahyɛdeɛ no, sɛdeɛ moate firi mfitiaseɛ, sɛ monnante mu.

7 Na nnaadaafoɔ bebree aba wiase a wɔmpae mu nka sɛ Yesu Kristo aba honam mu. Yeinom ne ɔdaadaafoɔ ne antikristo no.

8 Monhwɛ mo ho yie, na moanhwere deɛ yɛayɛ adwuma anya no, na mmom moanya akatua mu.

9 Obiara a ɔfom na ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ no mu no, ɔnni Onyankopɔn. Na deɛ ɔtena nkyerɛkyerɛ no mu no, ɔno na ɔwɔ Agya no ne Ɔba no.

10 Sɛ obi ba mo nkyɛn na ɔnkura nkyerɛkyerɛ yi a, monnnye no nnkɔ mo fie, nso monnkyea no!

11 Na deɛ ɔkyea no no yɛ ne nnwuma bɔne no fafafoɔ.

Awieeɛ

12 Mewɔ nsɛm pii a anka mɛtwerɛ mabrɛ mo deɛ, nanso mempɛ sɛ mede krataa ne adubire metwerɛ. Na m’ani da so sɛ mɛba mo nkyɛn na yɛde ano ne ano akasa, na yɛn anigyeɛ awie pɛyɛ.

13 Wo nuabaa a wɔayi no no mma no kyea wo.