Yudit 3

Asomdwoeɛ ho Nkotosrɛ

1 Ɛno nti wɔsomaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔsrɛ asomdwoeɛ, na wɔkaa sɛ:

2 Hwɛ, yɛn Nebukadnessar, Ɔhene Kɛseɛ no nkoa, yɛtwa hwe wo nan ase. Deɛ wopɛ biara, na yɛ yɛn.

3 Hwɛ yɛn adan ne yɛn nsase nyinaa, ne yɛn ayuo mfuo ne yɛn nnwan ne anantwie, ne yɛn nnwammuo ne yɛn ntomadan gu w’anim; yɛ deɛ wopɛ sɛ woyɛ yɛn biara.

4 Yɛn nkuro ne wɔn a wɔtete mu nyinaa yɛ wo nkoa; bra na bɛyɛ yɛn deɛ wopɛ biara.

5 Mmarima no baa Holoferne nkyɛn bɛkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ no.

6 Enti ɔsiane kɔɔ mpoano, ɔno ne n’asraafoɔ, na ɔde bansifoɔ kɔtenatenaa nkuro a wɔatoto ho fasuo na ɔyiyii mmarima firii wɔn mu ne wɔn yɛɛ apam.

7 Na saa nkurɔfoɔ yi ne wɔn a wɔwɔ aman a ɛdeda wɔn nkyɛnkyɛn nyinaa de nhwiren, asa ne akasaa de hyiaa no kwan.

8 Nanso ɔbubuu wɔn abosomfie na ɔtwitwaa wɔn abosom nnua; ɛfiri sɛ na wɔaka akyerɛ no sɛ ɔnsɛe asase no so abosom nyinaa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na aman nyinaa bɛsom Nebukadnessar nkutoo, na wɔn kasa ne mmusuakuo nyinaa mfrɛ no sɛ ɔyɛ nyame.

9 Ɛnna enti ɔbaa Esdraelon a ɛbɛn Dotan a ɛda Yudea kokoɔ kɛseɛ no anim no;

10 ɔkyeree ne nsraban wɔ Geba ne Seketopolis ntam, na ɔtenaa hɔ ara bosome no mu nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔbɛgye ahosiesie nnoɔma no nyinaa ama n’asraafoɔ no.

Yudit 4

Yudeafoɔ da wɔn ho so

1 Ɛberɛ a Israelfoɔ a wɔtete Yudea no tee deɛ Nebukadnessar, a ɔyɛ Asiriahene ne ne safohenepanin Holoferne de ayɛ amanaman no, ne sɛdeɛ wasi afom wɔn nnoɔma na wasɛe w’asɔrefie.

2 Saa nti wɔn akoma tuu kɛseɛ pa ara sɛ ɔreba no, na na wɔsuro wɔ Yerusalem ne Awurade wɔn Nyankopɔn asɔrefie no.

3 Ɛsiane sɛ, na wɔfirii nnommum mu baeɛ nkyɛree koraa, na afei koraa nso na nnipa a wɔwɔ Yudea no aboa wɔn ho ano, na wɔate akronkronneɛ ne afɔrebukyia ne asɔrefie a wɔguu ho fi no ho.

4 Yei nti wɔde asɛm soma kɔɔ mansini biara a ɛwɔ Samaria, Kona, Bet-horon, Belmain, Yeriko, Koba, Aesora ne Salem bɔnhwa mu.

5 Ntɛm ara na wɔgyee nkokoɔ atentene fae, na wɔbɔɔ nkuraa a ɛdeda soɔ no ho ban, na ɔkoraa aduane de yɛɛ ahoboa twɛnee ɔko — ɛfiri sɛ na ɛnkyɛree koraa na wɔtwaa wɔn nnɔbaeɛ.

6 Na ɔsɔfo panin no, Yoakim, a saa berɛ no na ɔwɔ Yerusalem no twerɛ kɔmaa nkurɔfoɔ a wɔtete Betulia ne Betomestaim nkuro a ɛhwɛ Esdraelon anim, a ɛne Dotan petee mu di nhwɛanim no,

7 rehyɛ wɔn sɛ wɔnnye mmepɔ ntam akwan no mfa, ɛfiri sɛ, ɛno na ɛnam so bɛma wɔatumi akɔsɛe Yudea, na ɛnyɛ den sɛ wɔbɛtumi asianka obiara a ɔpɛ sɛ ɔfa hɔ, ɛsiane sɛ ɔkwan no sua a nnipa baanu pɛ na wɔtumi fa hɔ ɛberɛ korɔ mu.

Mpaebɔ ne Asotwe

8 Saa nti Israelfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ Ɔsɔfopanin Yoakim ne Israel man mpanimfoɔ no hyɛɛ wɔn ɛberɛ a wɔhyiaa mu wɔ Yerusalem no.

9 Na mmarima a wɔwɔ Israel no su frɛɛ Onyankopɔn anibereɛ so, na wɔde mmuadadie brɛɛ wɔn ho ase.

10 Wɔn yerenom ne wɔn mma ne wɔn anantwie ne ɔhɔhoɔ biara a ɔte ɔman no mu ne ɔpaani ne akoa a wɔtɔɔ no — wɔn nyinaa firaa ayitoma.

11 Afei Israel mmarima, mmaa ne nkwadaa a wɔtete Yerusalem nyinaa de wɔn ho totoo fam wɔ asɔrefie no anim, na wɔde nso yɛɛ wɔn tiri mu na wɔtrɛtrɛɛ wɔn ayitoma mu wɔ Awurade anim.

12 Afɔrebukyia no mpo, wɔde ayitoma duraa ho, na wɔboom de nne baako suiɛ, na wɔbɔɔ mpaeɛ anibereɛ so kyerɛɛ Israel Nyankopɔn sɛ ɔmmma wɔmmmɛfa wɔn mmɔtafowa nkɔ ne wɔn yerenom sɛ adefomdeɛ bi, ne wɔn nkuro a wɔanya sɛ apɛgyadeɛ no, wɔnsɛe no, na wɔanyɛ akyiwadeɛ ne afideɛ wɔ kronkronbea hɔ, na ammma Amanaman mufoɔ amfa nitan anni ahurisie.

13 Awurade tiee wɔn mpaeɛ no na ɔhunuu wɔn ahohiahia no; ɛfiri sɛ na nnipa no adi mmuada wɔ Yudea ne Yerusalem nyinaa wɔ Awurade Tumfoɔ no kronkronbea anim hɔ.

14 Na Ɔsɔfopanin Yoakim ne asɔfoɔ no nyinaa sɔre gyinae wɔ Awurade anim somm Awurade, na ayitoma sisi wɔn asene mu, na wɔbɔɔ da biara ɔhyeɛ afɔdeɛ, aboadeɛ afɔdeɛ ne mmasoɔ afɔdeɛ.

15 Na wɔde nso yɛɛ wɔn abotire ho, na wɔde wɔn ahoɔden nyinaa su kyerɛɛ Awurade sɛ ɔnhu Israel fie nyinaa mmɔbɔ.

Yudit 5

Ɔko ho Agyinatufoɔ wɔ Holoferne Nsraban mu

1 Wɔbɛka kyerɛɛ Holoferne, Asiriafoɔ asraafoɔ safohenepanin no sɛ, Israelfoɔ no asiesie wɔn ho ama ɔko na wɔato akwan a ɛdeda bepɔ ho mu, na nkokoɔ atentene no wɔahyɛ hɔ den, na wɔasisi akwansideɛ ahodoɔ wɔ petee no mu hɔ.

2 Ɔde abufuo kɛseɛ frɛɛ Moab mmapɔmma ne Amon asahene ne amrado a wɔwɔ mpoano no nyinaa.

3 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monka nkyerɛ me ɛ, mo Kanaanfoɔ, sɛ nnipa bɛn na wɔtete aman a ɛdeda nkokoɔ so yi? Nkuro bɛn na wɔtete mu? Wɔn asraafoɔ dodoɔ yɛ sɛn, na ɛhefa na wɔnya wɔn tumi ne w’ahoɔden firie? Ɔhene bɛn na ɔdi wɔn so na ɔdi wɔn anim kɔ ɔsa?

4 Na ɛdeɛn nti koraa na wɔn a wɔtete apueeɛ fam mu nyinaa no, wɔn nkutoo na wɔamma ammɛhyia me?

Akior Asɛnka

5 Afei Akior, Amonfoɔ kannifoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Ma me wura ntie amanneɛbɔ yi mfiri n’akoa anomu, na mɛka wo nokwasɛm a ɛfa saa nkurɔfoɔ a wɔtete mmepɔ so mansini a ɛbɛne woɔ no ho. Atorosɛm biara remfiri w’akoa anomu mma.

6 Saa nkurɔfoɔ yi yɛ Kaldeafoɔ asefoɔ.

7 Ɛberɛ bi no na wɔte Mesopotamia, ɛsiane sɛ na wɔmpɛ sɛ wɔsɔre wɔn nananom abosom a na ɛwɔ Kaldea.

8 Ɛsiane sɛ wɔagya wɔn nananom akwan ato hɔ na wɔsomm ɔsoro Nyankopɔn no, Onyankopɔn a wɔaba abɛhunu no no, wɔn nananom pamoo wɔn firii wɔn abosom no anim. Ɛno nti wɔdwanee kɔɔ Mesopotamia, na wɔatena hɔ mmerɛ tentene nie.

9 Ɛnna afei wɔn Nyankopɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri faako a na wɔteteɛ hɔ, na wɔnkɔ Kanaan asase so. Ɛhɔ na wɔtenaeɛ, na wɔkɔɔ so yɛɛ prɔmprɔm wɔ sika ne dwetɛ ne anantwie pii ara mu.

10 Ɛberɛ a ɛkɔm baa Kanaan asase nyinaa soɔ no, wɔkɔɔ Misraim kɔtenaa hɔ mmerɛ tentene a na wɔwɔ aduane no. Ɛhɔ na wɔkɔɔ so yɛɛ ɛdɔm kɛseɛ a na wɔntumi nkane wɔn mpo.

11 Saa nti Misraimhene tanee wɔn ani; ɔfaa wɔn sɛ adufudeɛ maa wɔyɛɛ ntayaa wɔ ɔhyɛ so, na ɔbrɛɛ wɔn ase de wɔn yɛɛ nkoa.

12 Ɛnna wɔsu frɛɛ wɔn Nyankopɔn, na Onyankopɔn de yaredɔm a wɔntumi nsa baa Misraim asase nyinaa so; ɛno nti Misraimfoɔ no pamoo wɔn firii wɔn anim.

13 Afei Onyankopɔn maa Ɛpo Kɔkɔɔ wee wɔ wɔn anim,

14 na ɔdii wɔn anim twaa Sinai ne Kades-barnea kwan no. Wɔpamoo nkurɔfoɔ a na wɔtete anwea pradada no so,

15 na wɔde Amorifoɔ asase yɛɛ wɔn atenaeɛ, na wɔde wɔn ahoɔden sɛee nnipa a wɔte Hesbon no nyinaa; na wɔtwaa mu faa Yordan kɔfaa nkuro a ɛdeda nkokoɔ so no nyinaa.

16 Wɔpamoo Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ, Sekemfoɔ, ne Gergesifoɔ no firii wɔn anim na wɔtenaa hɔ kyɛreeɛ.

17 Mmerɛ dodoɔ a wɔanyɛ bɔne antia wɔn Nyankopɔn no, wɔdii yie, ɛfiri sɛ Onyankopɔn a ɔkyiri bɔne no ka wɔn ho ntira.

18 Nanso sɛ wɔmane firi ɔkwan a wahyɛ ato hɔ ama wɔn no ho a, wɔdii nkoguo bebree wɔ ɔko mu maa wɔfaa wɔn nnommum kɔ ananafoɔ asase so. Na wɔn Nyankopɔn asɔrefie no, wɔdwiri guu fam, na wɔn atamfoɔ de wɔn nkuro yɛɛ wɔn atenaeɛ.

19 Na seesei deɛ wɔasane aba wɔn Nyankopɔn hɔ, na wɔafiri mmeammea a wɔbɔɔ wɔn peteeɛ no asane aba, na wɔtena Yerusalem, faako a wɔn kronkronbea wɔ no, na wɔtena nkokoɔ nkuro so, ɛfiri sɛ na obiara nte hɔ.

20 Saa nti, me panin ne me wura, sɛ nkurɔfoɔ yi yɛ anifasoɔ bi na wɔyɛ bɔne tia wɔn Nyankopɔn no na sɛ yɛhunu wɔn mfomsoɔ no a, afei na na yɛtumi kɔ wɔn so kɔka wɔn guo.

21 Na mmom sɛ wɔnyɛ ɔman a wɔdi fɔ dea a, ɛnneɛ ma me wura nsane wɔn ho nkɔ ɛ; ɛfiri sɛ wɔn Awurade ne wɔn Nyankopɔn no bɛbɔ wɔn ho ban, na yɛn na yɛbɛdane asereseredeɛ wɔ wiase nyinaa mu.

22 Ɛberɛ a Akior kaa saa wieeɛ no, nnipa a na wɔatwa ntomadan no ho ahyia no nyinaa firii aseɛ nwiinwiiɛ; Holoferne mpanimfoɔ ne wɔn a wɔtete mpoano ne Moab no nyinaa hyɛɛ ketee sɛ wɔntwitwa ne mu asinasini.

23 Wɔkaa sɛ: Yɛnsuro Israelfoɔ no; wɔyɛ nkurɔfoɔ a wɔnni ahoɔden anaa tumi biara a wɔde kɔ ɔko.

24 Saa nti ma yɛnkɔ wɔn so, Owura Holoferne, na w’asraafoɔ dɔm kokuroo yi bɛmene wɔn.

Yudit 6

Wɔde Akior hyɛ Israelfoɔ nsa

1 Ɛberɛ a basabasayɛ a nnipa a wɔwɔ agyinatufoɔ no ho brɛɛ aseɛ no, Holoferne a ɔyɛ Asiriafoɔ asraafoɔ sahene no ka kyerɛɛ Akior wɔ asraafoɔ ahɔhoɔ no anim sɛ:

2 Wo yɛ hwan, Akior ne mo Efraim akofo-apaafoɔ, sɛ wohyɛ nkɔm wɔ yɛn mu sɛdeɛ woayɛ ɛnnɛ yi, na woka kyerɛ yɛn sɛ mma yɛne Israelfoɔ nnkɔko, ɛsiane sɛ wɔn Nyankopɔn bɛbɔ wɔn ho ban? Hwan na ɔyɛ nyame ka Nebukadnessar ho? Ɔbɛsoma n’asraafoɔ ama wɔakɔsɛe wɔn afiri asase so. Wɔn Nyankopɔn no rennye wɔn;

3 na yɛn ɔhene nkoa deɛ, yɛbɛsɛe wɔn sɛdeɛ wɔn asraafoɔ no yɛ onipa baako. Wɔrentumi nnyina yɛn apɔnkɔsotefoɔ no ahoɔden anim.

4 Yɛbɛbunkam afa wɔn so; na wɔn mmepɔ bɛnom wɔn mogya aboboro, na wɔn afunu ahyɛ wɔn mfuom ma. Wɔn anammɔn mpo, obiara renhu bio wɔ yɛn ba a yɛbɛba wɔn so no anim. Sei na Ɔhene Nebukadnessar a ɔyɛ asase nyinaa so wura no seɛ. Na wakasa yi, ne nsɛm no mu biara renyɛ kwa.

5 Na mmom wo Akior, wo Amonni ɔsraani paani, w’amumuyɛ berɛ tiawa yi na wode aka saa nsɛm yi; ɛfiri nnɛ rekorɔ worenhunu m’anim bio de kɔsi sɛ mɛtɔ were wɔ saa nkurɔfoɔ yi a wɔfiri Misraim baeɛ no so.

6 Na mesane ba a, m’asraafoɔ nkrantɛ ne me nkoa pea na wɔde bɛwowɔ wo afa ha ne ha, na woatɔ fam wɔ wɔn apirafoɔ no mu.

7 Afei me nkoa de mobɛsane akɔ nkokoɔ aman no so, na wɔde mo adua nkuro a ɛdeda mmepɔ ntam akwan no mu baako nkyɛn.

8 Worenwu ara de bɛkɔ akɔsi sɛ wone wɔn nyinaa bɛwu.

9 Sɛ ɛyɛ ampa ara sɛ wowɔ anidasoɔ wɔ w’akoma mu sɛ wɔrenkyere wɔn a, mma wo werɛ nho! Makasa, na me nsɛm no mu biara nni hɔ a ɛremma mu.

10 Ɛnna Holoferne hyɛɛ ne nkoa a wɔsom no wɔ ntomadan mu no sɛ wɔnkyere Akior na wɔmfa no nkɔ Betulia na wɔmfa no nkɔma Israelfoɔ no.

11 Ɛno nti nkoa no faa no de no firii nsraban no mu kɔɔ petee mu hɔ, na wɔfirii petee mu hɔ foro kɔɔ kokoɔ kuro no so, na wɔkɔduruu nsuwa a ɛwɔ Betulia aseɛ hɔ.

12 Na mmarima a wɔwɔ kuro no mu hunuu wɔn no, wɔmiaeɛ na wɔtuu mmirika firii kuro no mu kɔgyinaa kokoɔ no atifi, na ntɔmmoɔtofoɔ no nyinaa kɔɔ so ara totoo aboɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔntumi mforo mma.

13 Saa nti wɔpɛɛ kokoɔ n’ase hɔ baabi huntae, na wɔkyekyeree Akior gyaa no too kokoɔ no ase hɔ, na wɔsane kɔɔ wɔn wura nkyɛn.

14 Israelfoɔ sane firi wɔn kuro mu bae na wɔhunuu no; na wɔsanee no de no baa Betulia, na wɔde no bɛgyinaa wɔn ankasa wɔn kurom asɛnnifoɔ anim.

15 Saa berɛ no na wɔn ne Ussia ba Mika a wɔfiri Simeon abusua mu, Gotoniel ba Kabris ne Melkiel ba Karmis.

16 Wɔfrɛɛ kuro no mu mpanimfoɔ nyinaa bɛhyiae, na wɔn mmeranteɛ ne wɔn mmabaawa tuu mmirika kɔɔ badwa no ase. Wɔde Akior gyinaa nnipa no nyinaa anim, na Ussia bisaa no nsɛm faa nnoɔma a asisie no ho.

17 Ɔbuae na ɔka kyerɛɛ wɔn deɛ asie wɔ Holoferne badwa mu hɔ, ne nsɛm a waka nyinaa wɔ Asiriafoɔ mpanimfoɔ no anim, ne deɛ Holoferne aka ahoahoa ne ho sɛ ɔbɛyɛ atia Israel fie no nyinaa.

18 Ɛnna afei nnipa no nyinaa hwee fam na wɔsɔree Onyankopɔn, na wɔteaam sɛ:

19 O Awurade, ɔsoro Nyankopɔn, hwɛ wɔn ahantan, na hu yɛn nkurɔfoɔ mmɔbɔ wɔ wɔn ahohorabɔ mu, na ɛnnɛ da yi hwɛ wo nkurɔfoɔ a wɔate wɔn ho.

20 Ɛnna wɔsane hyɛɛ Akior bɔ bio, na wɔkamfoo no pii.

21 Ussia faa no de no kɔɔ n’ankasa ne fie, na ɔtoo mpanimfoɔ no pono; na anadwo no nyinaa wɔsu frɛɛ Israel Nyankopɔn hwehwɛɛ mmoa.

Yudit 7

Ɛsa a wɔtu no wɔ Betulia so

1 Adeɛ kyeeɛ no, Holoferne hyɛɛ n’asraafoɔ no nyinaa, ne wɔn a wɔne no apam no nyinaa sɛ wɔntu wɔn nsraban no na wɔnto nhyɛ Betulia so, na wɔnnye akwan a ɛkɔ nkokoɔ nkuro so no mfa, na wɔne Israelfoɔ nkɔko.

2 Ɛno nti wɔn akofoɔ nyinaa kɔe ɛda no ara. Na wɔn akofoɔ no yɛ mpem ɔha aduɔson; asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu, ne apɔnkɔsotefoɔ mpem dummienu, ne wɔn nnesoa a anammɔn mu asraafoɔ a wɔsoa nka ho, ɛdɔm kɛseɛ pa ara.

3 Wɔkyeree nsra wɔ bɔnhwa a ɛbɛn Betulia no mu, wɔ nsuwa no nkyɛn hɔ, na wɔtrɛɛ wɔn mu wɔ Dotan so, de kɔe ara kɔsii Balbaim, na wɔn tentene firi Betulia kɔsi Siamon a ɛne Esdraelon hwɛ anim no.

4 Ɛberɛ a Israelfoɔ no hunuu wɔn dɔm kɛseɛ no, wɔsuroe kɛseɛ pa ara, na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Saa dɔm yi bɛpepa asase no nyinaa so kokwakokwa. Mmepɔ atenten anaa mmɔnhwa no anaa nkokoɔ no rentumi nnyina wɔn mu duro ano.

5 Nanso wɔn nyinaa miaeɛ wɔn akodeɛ, na ɛberɛ a wɔsosɔɔ gya wɔ wɔn abantenten no soɔ no, wɔgyinaa hɔ wɛnee anadwo mu no nyinaa.

6 Na ɛda a ɛtɔ so mmienu no, Holoferne de n’apɔnkɔsotefoɔ nyinaa firii adi a Israelfoɔ no ani tua wɔ Betulia.

7 Ɔkɔhwɛɛ akwan a ɛde kɔ wɔn kuro no mu, na ɔkɔhwɛɛ nsuwa a wɔnya wɔn nsuo firi hɔ, na wɔgye faeɛ na ɔde asraafoɔ awɛmfoɔ gyinagyinaa hɔ, na ɔsane kɔɔ n’asraafoɔ no nkyɛn.

8 Afei Edomfoɔ mpanimfoɔ nyinaa ne Moabfoɔ akannifoɔ ne mpoano asafohene no nyinaa baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ:

9 Me wura, tie deɛ yɛwɔ ka kyerɛ woɔ yi, na amma w’asraafoɔ no anwuwu.

10 Saa nkurɔfoɔ yi, Israelfoɔ yi mmfa wɔn ho nnto wɔn pea so na mmom mmepɔ atenten so a wɔteɛ hɔ, ɛfiri sɛ ɛnyɛ adeɛ a ɛyɛ mmerɛ sɛ wɔtumi kɔ wɔn mmepɔ no atifi hɔ.

11 Yei nti, me wura, nkɔto nhyɛ wɔn so, na saa na ɛremma w’asraafoɔ no mu baako mpo nwu.

12 Tena wo nsraban mu, na ma w’asraadɔm mmarima no nyinaa nka wo ho; w’asomfoɔ no nko na ma wɔnkɔfa nsuwa a ɛtene firi bepɔ n’ase hɔ,

13 na ɛhɔ na nnipa a wɔwɔ Betulia nyinaa nya wɔn nsuo firie. Afei sukɔm bɛku wɔn, na wɔbɛgya wɔn kuro no ama. Na ansa na no, yɛn ne yɛn nkurɔfoɔ bɛkɔ mmepɔ a ɛbɛn no atifi na yɛakyere nsra wɔ hɔ de ahwɛ sɛ obiara mfiri kuro no mu mfiri.

14 Ɛkɔm bɛkunkum wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mma, na ansa na yɛbɛtwe nkrantɛ akɔ wɔn soɔ no, na wɔawuwu deda mmɔntene so, faako a wɔtete no.

15 Ɛno nti wode bɔne bɛtua wɔn ka, ɛfiri sɛ wɔtee atua na wɔannye wo asomdwoeɛ mu.

16 Saa nsɛm yi sɔɔ Holoferne ne n’asomfoɔ nyinaa ani, na ɔhyɛɛ sɛ wɔnyɛ sɛdeɛ wɔaka no.

17 Yei nti, asraafoɔ a wɔfiri Amon no kɔɔ wɔn anim, wɔne Asiriafoɔ mpem nnum, na wɔkyeree nsra wɔ bɔnhwa no mu, na wɔgyee nsuwa a na Israelfoɔ no nya nsuo firie no faeɛ.

18 Ɛnna Edomfoɔ ne Amonfoɔ no foro kɔɔ mmepɔ no atifi na wɔkyeree nsraban hɔ a na ɛhwɛ Dotan kuro no anim. Wɔsomaa wɔn mmarima no bi kɔɔ anafoɔ-apueeɛ fam a ɛkɔ Egrebe, a ɛbɛn Kusi a ɛda Asubɔnten Mokmur ho no. Na Asiria asraafoɔ nkaeɛ no kyeree nsra wɔ petee no mu hɔ, na wɔhyɛɛ asase no so ma. Wɔn ntomadan ne wɔn nnoɔma a wɔde nam trɛ yɛɛ hɔ ma, na wɔyɛɛ ɛdɔm kɛseɛ pa ara.

Israelfoɔ ahohiahia

19 Ɛnna Israelfoɔ su frɛɛ Awurade wɔn Nyankopɔn, ɛsiane sɛ na wɔn akokoɔduro asa, ɛfiri sɛ wɔn atamfoɔ nyinaa abɛtwa wɔn ho ahyia, na ɔkwan a wɔde bɛdwane biara nni hɔ.

20 Asiria asraafoɔ nyinaa, wɔn asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu, nteaseɛnam, ne apɔnkɔsotefoɔ twaa wɔn ho hyiaa nna aduasa nnan, kɔsii sɛ onipa biara a ɔte Betulia no ahina mu nsuo saeɛ;

21 na wɔn mmura mu rewe, na da biara nni hɔ a na wɔnya nsuo a ɛso wɔn, ɛfiri sɛ na wɔsusu nsuo de ma wɔn nom.

22 Wɔn mma werɛ hoeɛ, na sukɔm no maa mmaa ne mmeranteɛ totɔɔ baha na wɔtwitwa hwee wɔ kuro mmɔntene so ne aboboano; na ahoɔden biara nni wɔn mu bio.

23 Afei nnipa no nyinaa, mmeranteɛ, mmaa, ne nkwadaa boaa wɔn ano hyiaa Ussia ne kuro no mu mpanimfoɔ na wɔde ɛnne a ɛgyegyeɛ sui, na wɔkaa wɔ mpanimfoɔ no anim sɛ:

24 Ma Onyankopɔn nni yɛn ntam asɛm! Moadi yɛn awu pa ara sɛ mone Asiriafoɔ anyɛ asomdwoeɛ apam.

25 Na afei yɛnni obi a ɔbɛboa yɛn; Onyankopɔn de yɛn ahyɛ wɔn nsa, sɛ ɔde yɛn bɛgu fam wɔn anim wɔ sukɔm ne ɔsɛeɛ mu.

26 Afei momfrɛ wɔn mmra na monyaa kuro yi nyinaa mfa mma Holoferne ne n’asraafoɔ no nyinaa sɛ fom adeɛ.

27 Na ɛbɛyɛ ama yɛn sɛ wɔbɛfa yɛn nnommum. Ɛwom sɛ yɛbɛyɛ nkoa deɛ, nanso yɛbɛnya yɛn ti adidi mu, na yɛrenhunu nkumaa a wɔwɔ yɛn mu no sɛ wɔrewuwuo, ne yɛn yerenom ne yɛn mma sɛ wɔrehome ɔhome a ɛdi akyire.

28 Yɛfrɛ ɔsoro ne asase ne yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ yɛn nananom Awurade, deɛ ɔtwe yɛn aso wɔ yɛne yɛn nananom bɔne ho no sɛ adansefoɔ tia mo; na yɛ ɛnnɛ da yi nnoɔma a yɛakyerɛkyerɛ mu no nyinaa.

29 Yei nti wɔn nyinaa maa kwadwom kɛseɛ so wɔ dɔm no mu, na wɔde nne kɛseɛ su frɛɛ Awurade Nyankopɔn.

30 Nanso Ussia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommmɔ hu, me nuammarima ne me nuammaa! Momma yɛntwɛn nna nnum nka ho; na sɛ nna no so a, Awurade yɛn Nyankopɔn bɛhu yɛn mmɔbɔ bio, na ɔrennyaa yɛn saa koraa.

31 Na mmom, sɛ saa nna yi twam, na sɛ mmoa biara amma a, ɛnneɛ mɛyɛ sɛdeɛ moreka no.

32 Ɛnna ɔgyaa nkurɔfoɔ no kwan maa wɔkɔɔ faako a wɔwɛn no, na wɔkɔgyinagyinaa wɔn kuro afasuo ne abantenten so. Na mmaa ne nkwadaa no deɛ, wɔgyaa wɔn kwan kɔɔ fie. Na awerɛhoɔ kɛseɛ baa kuro no mu.

Yudit 8

Yudit nipa su

1 Na nna no mu a Yudit tee nsɛm yi no; na n’agya ne Merari, a n’agya ne Ok, a n’agya ne Yosef, a n’agya ne Osiel, a n’agya ne Elkia, a n’agya ne Ananias, a n’agya ne Gideon, a n’agya ne Rafain, a n’agya ne Ahitub, a n’agya ne Hilkia, a n’agya ne Eliab, a n’agya ne Natanael, a n’agya ne Salamiel, a n’agya ne Sarasadai,a n’agya ne Israel.

2 Na ne kunu Manase a ɔne no firi abusua koro mu no awu wɔ berɛ a na wɔretwa atokoɔ.

3 Ɛyɛɛ sɛ, ɛberɛ a na ɔgyina hɔ rehwɛ wɔn a wɔrekyekyere atokoɔ afiafi wɔ afuo mu no, ɔhyeɛ kaa no kɛseɛ, na ɛkaa no too mpa so, na ɔwui wɔ Betulia kuro mu. Ɛno nti wɔsiee no kaa ne nananom ho wɔ asase bi a ɛda Dotan ne Balamon ntam.

4 Yudit kɔɔ so ara yɛɛ kunani mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nnan

5 wɔ efie a ɔsii ntomadan maa ne ho wɔ ne dan atifi. Ɔde ayitoma bɔɔ n’asene, na ɔsiesiee ne ho sɛ kunani.

6 Ɔdii mmuada wɔ ne kunayɛ nna mu nyinaa, gye sɛ ɛda a ɛdi homeda anim ne homeda ankasa mu na wanyɛ, ɛne ɛda a ɛdi bosome foforɔ anim ne bosome foforɔ da no, ne afahyɛ berɛ ne ahurisie nna a Israel fie wɔ mu no nyinaa mu.

7 Na ne ho yɛ fɛ, na n’anim da hɔ ahomeka mu. Na ne kunu Manase agya no sika ne dwetɛ, nkoa ne mfenaa, anantwie ne mfuo; na ɔno na ɔhwɛɛ saa agyapadeɛ yi so.

8 Obiara nni hɔ a na ɔka ne ho asɛm bɔne, ɛfiri sɛ na ɔde atuhoakyɛ kɛseɛ suro Onyankopɔn.

Yudit kɔhyia kuro mu mpanimfoɔ

9 Ɛberɛ a Yudit tee nsɛm yaya a nkurɔfoɔ no aka atia deɛ ɔhwɛ wɔn soɔ no, ɛsiane sɛ osukɔm ade wɔn ama wɔatotɔ baha no, na ɔtee nsɛm a Ussia ka kyerɛɛ wɔn no ne sɛdeɛ ɔde ntam hyɛɛ wɔn bɔ sɛ ɔde kuro no bɛma Asiriafoɔ no nna nnum akyi no,

10 ɔsomaa n’abaawa a ɔhwɛ ne nnoɔma a ɔwɔ no nyinaa soɔ, sɛ ɔmfrɛ Ussia, Kabris, Karmis ne mpanimfoɔ a wɔwɔ kuro mu hɔ na wɔmmra.

11 Wɔbaa ne nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:

Montie me, mo a modi tumi wɔ Betuliafoɔ so! Nsɛm a moaka akyerɛ nkurɔfoɔ yi nnɛ da yi mfa kwan mu; moadi nse aka ntam wɔ mo ne Onyankopɔn ntam, ahyɛ bɔ sɛ mode kuro no bɛma yɛn atamfoɔ, gye sɛ Awurade asane na waboa yɛn wɔ nna bebree ntam.

12 Moyɛ hwan a moresɔ Onyankopɔn ahwɛ nnɛ yi, na mode mo ho asi Onyankopɔn ananmu wɔ nnipa nsɛm mu?

13 Sɔ na moresɔ Awurade Tumfoɔ no ahwɛ, nanso morenhunu hwee!

14 Morentumi nhyɛne onipa akoma bunu mu anaa morente nnipa adwene dwumadie ase; ɛbɛyɛ dɛn na moatumi ahwehwɛ Onyankopɔn a ɔyɛɛ nnoɔma nyinaa mu, anaa mobɛhunu n’adwene na moate ne nsusuiɛ ase? Dabida, me nnuammarima, monnhyɛ Awurade yɛn Nyankopɔn abufuo.

15 Na sɛ wampɛ sɛ ɔboa yɛn wɔ saa nna nnum yi mu a, ɔwɔ tumi sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban berɛ biara a ɔpɛ, anaa mpo sɛ ɔbɛsɛe yɛn wɔ yɛn atamfoɔ anim.

16 Monnyɛ mo adwene sɛ morehyɛ Onyankopɔn wɔ ne botaeɛ ho; ɛfiri sɛ Onyankopɔn nte sɛ onipa, na moahunahuna no, anaasɛ ɔnte sɛ onipa na mode asrɛsrɛ adane n’adwene.

17 Saa nti, berɛ a yɛretwɛn ɔgyeɛ afiri ne hɔ yi, momma yɛmfrɛ no na ɔmmoa yɛn, na sɛ ɛsɔ n’ani a, ɔbɛte yɛn nne.

18 Na ɛnsii da wɔ yɛn awoɔ ntoatoasoɔ yi, anaa seesei mmerɛ yi mu, na abusuakuo anaa abusua anaa nkurɔfoɔ anaa yɛn kuro a wɔsom anyame a wɔde nsa ayɛ, sɛdeɛ wɔyɛɛ wɔ nna bi a abɛsene korɔ mu no.

19 Saa nti na wɔde yɛn agyanom maa nkrantɛ ne ɔfom, a enti wɔhunuu amaneɛ kɛseɛ wɔ yɛn atamfoɔ anim.

20 Nanso yɛnnim onyame biara ka ne ho, enti yɛwɔ anidasoɔ sɛ ɔrempo yɛn anaa yɛn man.

21 Na sɛ wɔkyere yɛn kɔ a, wɔbɛkyere Yudea nyinaa na wɔafom yɛn kronkronbea hɔ; na ɔbɛma yɛde yɛn mogya atua ka wɔ ɛho figuo no.

22 Na yɛn nuanom a wɔbɛkunkum wɔn ne asase no nnommumfa ne yɛn agyapadeɛ amamfoyɛ — yeinom nyinaa na ɔde bɛgu yɛn tiri so wɔ amanamanfoɔ mu, baabiara a yɛsom sɛ nkoa; na yɛbɛyɛ atantandeɛ ne animguaseɛ wɔ wɔn a wɔafa yɛn no ani so.

23 Na yɛn nkoasom no remma yɛnnya adom, na mmom Awurade yɛn Nyankopɔn bɛdane no animguaseɛ.

24 Saa nti, me nuanom, momma yɛnyɛ nhwɛsoɔ mma yɛn nuanom, ɛfiri sɛ wɔn nkwa gyina yɛn so, ne kronkronbea no — asɔrefie ne afɔrebukyia no — ɛgyina yɛn so.

25 Na yeinom nyinaa akyi no, momma yɛmfa aseda mma Awurade yɛn Nyankopɔn, ɔno na ɔresɔ yɛn ahwɛ sɛdeɛ ɔyɛɛ yɛn agyanom no.

26 Kae adeɛ a ɔde yɛɛ Abraham, sɛdeɛ ɔsɔɔ Isak hwɛe, deɛ ɛtoo Yakob wɔ Siria a ɛwɔ Mesopotamia no, ɛberɛ a na ɔrehwɛ ne wɔfa Laban nnwan no.

27 Na ɔmfaa ogya nsɔɔ yɛn nhwɛe, sɛdeɛ ɔde yɛɛ wɔn no, de hwehwɛɛ wɔn akoma mu, ɛnna nso ɔntɔɔ yɛn so were; na mmom Awurade tea wɔn a wɔbɛn no no sɛdeɛ ɔbɛtu wɔn fo.

28 Afei Ussia ka kyerɛɛ no sɛ: Nsɛm a woaka no nyinaa yɛ deɛ ɛfiri nokorɛ akoma mu, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi agye wo nsɛm no ho kyim.

29 Ɛnyɛ ɛnnɛ nko ara ne da a wo nyansa ada adie, na mmom ɛfiri w’abrabɔ ahyɛaseɛ na nnipa nyinaa ahunu wo nteaseɛ, ɛfiri sɛ w’akoma mu su nyinaa tene.

30 Nanso na osukɔm de nkurɔfoɔ no pa ara enti na wɔhyɛɛ yɛn maa yɛhyɛɛ ɛbɔ a ɛte saa no, na wɔmaa yɛkaa ntam a yɛntumi mmu soɔ.

31 Yei nti, bɔ mpaeɛ ma yɛn, ɛfiri sɛ woyɛ ɔbaa a Nyankopɔn ho suro wɔ wo mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Awurade bɛtɔ nsuo ama ahyɛ yɛn mmura ma. Ɛba saa deɛ a, yɛntotɔ baha bio ɛsiane osukɔm no nti.

32 Yudit ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montie me. Merebɛyɛ biribi a ɛbɛtim hɔ wɔ yɛn asefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

33 Monnyina kuro pono no ano anadwo yi, na me ne m’abaawa yi bɛfiri adi; na nna a moahyɛ bɔ sɛ mode kuro no bɛhyɛ yɛn atamfoɔ nsa mu no, Awurade de ne basa bɛgye Israel nkwa.

34 Na mmom, monhwɛ ara na moampɛ anhwehwɛ adeɛ korɔ a mereyɛ no; ɛfiri sɛ merenka nkyerɛ mo ara kɔsi sɛ mɛwie deɛ mepɛ sɛ meyɛ no.

35 Ussia ne mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ asomdwoeɛ mu, na Awurade Nyankopɔn nni w’anim nkɔ, na ɔntɔ w’atamfoɔ so were.

36 Ɛnna afei wɔfirii wɔn ntomadan mu kɔɔ faako a wɔwɛn no.

Yudit 9

Yudit Mpaebɔ

1 Ɛnna Yudit de n’anim butuu fam, na ɔde nso yɛɛ ne tiri mu, na ɔyii ayitoma a na ɔfira no. Na ɛberɛ a na wɔrehye anwummerɛ aduhwam wɔ Onyankopɔn fie wɔ Yerusalem no, Yudit de nne kɛseɛ teaam su frɛɛ Awurade, na ɔkaa sɛ:

2 O me nana Simeon Awurade Nyankopɔn, ɔno a womaa no nkrantɛ sɛ ɔmfa ntɔ were wɔ ahɔhoɔ a wɔatete ɔbaabunu ntoma sɛ wɔde regu n’anim ase, na wɔapa n’asrɛ ho ama wafɛre, na wɔasɛe n’awotwaa de agu n’anim ase; ɛfiri sɛ, wokaa sɛ: Ɛnyɛ sɛ moyɛ saa — nanso wɔyɛɛ saa.

3 Ɛno nti, woyii wɔn mpanimfoɔ maeɛ maa wɔkumm wɔn, ne wɔn mpa a animguaseɛ kaeɛ wɔ nnaadaa abrabɔ a wɔbɔe no, ɛso ayeyɛ mogya, na mokumm nkoa kaa ahemfo ho, ne ahemfo wɔ wɔn ahennwa so.

4 Wode wɔn yerenom maeɛ sɛ fom adeɛ, na wɔn mmammaa no, wode wɔn kɔɔ nnommum mu, na wɔn asadeɛ nyinaa a anka wɔkyɛ ma mma a wɔdɔ wɔn, a wɔtwe mo ho ninkunu na wɔkyiri sɛ wɔbɛgu wɔn mogya ho fi, na wɔbɛsrɛɛ wo hɔ mmoa — O Onyankopɔn me Nyankopɔn tie me nso — kunani yi.

5 Ɛfiri sɛ wo na woayɛ yeinom ne nnoɔma a ɛdii kan ne deɛ ɛtoa soɔ no. Wo na woahyehyɛ nnoɔma a ɛwɔ hɔ seesei ne nnoɔma a ɛbɛba no. Aane, deɛ na wopɛ no baa mu;

6 na nnoɔma a wopɛeɛ no de wɔn ho baeɛ kaa sɛ: Hwɛ, yɛn nie! Ɛfiri sɛ w’akwan nyinaa yɛ deɛ wɔdii kan hyehyɛ too hɔ ansa, na w’atemmuo yɛ deɛ wonim dada.

7 Afei hwɛ Asiriafoɔ a wɔn ahoɔden so pa ara yi, wɔde wɔn apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ hoahoa wɔn ho, na wɔde wɔn anammɔn mu asraafoɔ ahoɔden hyehye wɔn ho yi, wɔn anidasoɔ ne akokyɛm ne pea, ntɔmmoɔ ne tadua. Wɔn deɛ, wɔnnim sɛ wo ne Awurade, ɔkofoni a wode ɔko ba awieeɛ.

8 Fa wo tumi no bubu wɔn ahoɔden, na fa w’abufuhyeɛ brɛ wɔn tumi ase; ɛfiri sɛ wɔpɛ sɛ wɔgu wo kronkronbea ho fi, na wɔsɛe wo ntomadan a w’animuonyam din wɔ mu no, na wɔde nkrantɛ sɛe w’afɔrebukyia ho mmɛn no.

9 Hwɛ wɔn ahantan, na soma w’abufuhyeɛ kɔgu wɔn tiri so. Ma me a meyɛ okunani yi, ahoɔden nsa ma memfa nyɛ deɛ mɛhyehyɛ no.

10 Na ma m’anofafa nnaadaa nkum akoa ne ɔhene, ne ɔhene ne ne somfoɔ; fa ɔbaa nsa so bubu wɔn ahantan no.

11 Ɛfiri sɛ w’ahoɔden nnyina dodoɔ so, na w’ahoɔden nnyina nnipa a wɔn ho yɛ den soɔ. Na woyɛ mmɔborɔfoɔ Nyankopɔn, ne onipa a wɔhyɛ ne soɔ no boafoɔ, deɛ ɔyɛ mmerɛ no somufoɔ, deɛ ɔyɛ ankonam no banbɔfoɔ, ne wɔn a wɔn anidasoɔ asa no gyefoɔ.

12 Tie, O tie me, m’agya Nyankopɔn, Israel agyapadeɛ no Nyankopɔn, ɔsoro ne asase Wura, Deɛ ɔbɔɔ nsuo ahodoɔ, w’abɔdeɛ nyinaa so Hene, tie me mpaebɔ!

13 Ma me nnaadaa nsɛm mfa apirakuro ne akuro mmrɛ wɔn a wɔabɔ pɔ bɔne atia w’apam, atia efie a wɔate ho, atia Bepɔ Sion, atia efie a wo mma wɔ no.

14 Na ma ɔman no nyinaa ne abusuakuo biara nhunu na wɔnte aseɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn, tumi ne ahoɔden nyinaa Nyankopɔn, na obiara nni hɔ, a ɔbɔ Israel ho ban sɛ wo nkutoo!

Yudit 10

Yudit kɔ Holoferne nsraban mu

1 Ɛberɛ a Yudit su kyerɛɛ Israel Nyankopɔn wieeɛ, na ɔwiee saa nsɛm yi ka no,

2 ɔsɔre firii faako a na ɔbutu no. Na ɔfrɛɛ n’abaawa na ɔsane kɔɔ efie a na ɔte mu home nna ne n’afahyɛ nna mu no.

3 Ɔyii ayitoma a na ɛfira no no, na ɔyii ne kunayɛ ntoma no, na ɔde nsuo hohoroo ne ho, na ɔde sradehwam a ne boɔ yɛ den sraa ne ho. Ɔnunuu ne tirim, na ɔde ahemmaakyɛ sii so, na ɔde afahyɛ atadeɛ a na ɔtaa hyɛ ɛberɛ a na ne kunu Manase te aseɛ no hyɛeɛ.

4 Ɔhyɛɛ ne mpaboa, na ɔhyɛɛ ne nan ase nkaa, nkapo, nkaa, aso mu nkaa ne n’ahyehyɛdeɛ nyinaa, na ɛmaa ne ho yɛɛ fɛfɛɛfɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔbarima biara a ɔbɛhu no no, n’ani bɛgye ne ho.

5 Ɔde nsa tumpan ne ngo toa maa n’abaawa, na ɔhyɛɛ nkyeweɛ bɔtɔ ma, borɔdɔma a akyenkyen ne paanoo a ɛyɛ kama; na afei ɔkyekyeree ne nnoɔma no nyinaa ho na ɔde maa n’abaawa no soaeɛ.

6 Na wɔfirii adi kɔɔ Betulia kuro pono no ho, na wɔkɔhunuu Ussia sɛ ɔne kurom hɔ mpanimfoɔ, Karis ne Karmis gyina hɔ.

7 Na ɛberɛ a wɔhunuu n’anim nsesaeɛ na wasiesie ne ho sononko no, wɔn ani gyee n’ahoɔfɛ ho, na wɔka kyerɛɛ no sɛ:

8 Yɛn agyanom Nyankopɔn nnom na ɔmma wo nhyehyɛɛ mmra mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Israel anim bɛba nyam na Yerusalem bɛkorɔn. Na ɔsɔree Onyankopɔn.

9 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hyɛ ma wɔmmue kuro pono no mma me, na mɛpue na makɔyɛ nnoɔma a woaka akyerɛ me no. Yei nti wɔhyɛɛ mmeranteɛ no sɛ wɔmmue ɛpono no mma no sɛdeɛ wabisa no.

10 Ɛberɛ a wɔwiee yei no, Yudit firii adi a na n’abaawa ka ne ho. Na mmarima a wɔwɔ kuro no mu hwɛɛ no ara kɔsii sɛ ɔsianee bepɔ no na ɔkɔfaa bɔnhwa no mu, a afei deɛ na wɔanhunu no bio.

Wɔkyere Yudit

11 Na ɛberɛ a wɔnam tee wɔ bɔnhwa no mu no, Asiriafoɔ awɛmfoɔ bi hyiaa no

12 na wɔfaa no kɔsieeɛ. Wɔbisaa no sɛ: Ɔman bɛn mu na wofire, na ɛhe na wofiri reba, na ɛhe na worekorɔ? Ɔbuaa sɛ: Meyɛ Hebrini babaa, nanso meredwane afiri wɔn mu, ɛfiri sɛ wɔde wɔn rebɛhyɛ mo nsa na moasɛe wɔn.

13 Menam kwan so rekɔhwehwɛ Holoferne a ɔyɛ mo asraafoɔ sahene no, na mabɔ no amanneɛ a ɛyɛ nokorɛ; na mɛkyerɛ no ɔkwan a sɛ ɔfa so a ɔbɛtumi akɔfa kokoɔ kuro no, wɔ berɛ ko a ɔnhwere ne mmarima no mu baako, na wɔnkye no anaa wɔnku no.

14 Ɛberɛ a mmarima no tee nsɛm yi no, na wɔhwɛɛ n’anim no, na ɔwɔ ahoɔfɛ nwanwasoɔ bi wɔ wɔn ani so, enti wɔka kyerɛɛ no sɛ,

15 woagye wo kra nkwa sɛ woatu mmirika aba wo wura nkyɛn. Ka wo ho kɔ ne ntomadan mu; yɛn mu bi bɛdi w’anim de wo akɔhyɛ ne nsa.

16 Sɛ wokɔgyina n’anim a, nsuro wɔ wo koma mu, na mmom ka asɛm a woaka yi ara kyerɛ no, na ɔne wo bɛdi no yie.

17 Wɔyii mmarima ɔha firii wɔn nkurɔfoɔ no mu kaa ɔne n’abaawa no ho, na wɔde wɔn baa Holoferne ntomadan no mu.

18 Anigyeɛ kɛseɛ baa nsraban no mu hɔ nyinaa, ɛberɛ a wɔkekaa wɔ ntomadan mmaako mmaako mu sɛ Yudit aba hɔ no. Wɔn nyinaa bɛtwa hyiaa ne ho ɛberɛ a na ɔda so gyina Holoferne ntomadan akyi retwɛn kɔsi sɛ wɔbɛka ne ho asɛm akyerɛ no no.

19 Na n’ahoɔfɛ no yɛɛ wɔn nwanwa, na deɛ wɔhunuu wɔ ne ho no maa wɔn ani gyee Israelfoɔ no ho. Wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwan na ɔbɛtumi abu saa nkurɔfoɔ yi animtia, nnipa a wɔwɔ mmaa te sɛɛ wɔ wɔn mu yi? Ɛnsɛ sɛ yɛgyaa wɔn ma wɔn mu baako mpo tena ase, ɛfiri sɛ, sɛ wɔfiri yɛn nsa a, wɔbɛtumi asum wiase nyinaa afidie!

Wɔde Yudit bɛgyina Holoferne anim

20 Ɛnna Holoferne awɛmfoɔ ne n’asomfoɔ nyinaa firi baeɛ na wɔde no kɔɔ ntomadan no mu.

21 Na Holoferne regye n’ahome wɔ mpa a ɛsi apata bi a wɔde deɛ ɛbere dum ne sika, ahabammonoboɔ ne aboɔden aboɔ na anwono.

22 Ɛberɛ a wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ no no, ɔfirii adi bɛgyinaa ntomadan no anim, na wɔde dwetɛ nkanea di n’anim.

23 Na ɛberɛ a Yudit bɛduruu Holoferne ne n’asomfoɔ anim no, n’anim fɛfɛɛfɛ no yɛɛ wɔn nyinaa nwanwa. Yudit de n’anim butuu fam de kyeaa no, nanso ne nkoa no pagyaa no gyinaa hɔ.

Yudit 11

1 Ɛnna Holoferne ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbaa nya akokoɔduro na mmɔ hu wɔ w’akoma mu, ɛfiri sɛ menyɛɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom Nebukadnessar, asase nyinaa so hene no bɔne da.

2 Na seesei ara mpo, sɛ wo nkurɔfoɔ a wɔwɔ nkokoɔ aman no mu amfa m’anim antwitwi fam a, ɛnneɛ anka mantwe me pea antia wɔn. Wɔn ara na wɔatwetwe yeinom nyinaa ama wɔn ho.

3 Na afei ka kyerɛ me deɛ nti a woadwane afiri wɔn mu na woaba yɛn nkyɛn ha yi. Na sɛdeɛ ɛte biara, biribiara renyɛ wo. Nya akokoɔduro! Wobɛtena ase anadwo yi ne nna a ɛdi akyire nyinaa.

4 Obiara mpira wo. Na mmom wɔn nyinaa ne wo bɛdi no yie, sɛdeɛ wode yɛ me wura Nebukadnessar asomfoɔ no.

Yudit kyerɛ sɛnti a ɔwɔ hɔ

5 Na Yudit buaa no sɛ: Gye w’afenaa asɛm to mu, na ma w’abaawa nkasa wɔ w’anim, na merentwa atorɔ biribiara ho nkyerɛ me wura anadwo yi.

6 Na sɛ wodi w’afenaa asɛm so a, ɛnneɛ Onyankopɔn nam wo so bɛdi dwuma bi, na ɛmma sɛ me wura nsa renka ne botaeɛ.

7 Na sɛ Nebukadnessar, asase nyinaa so hene te aseɛ yi, ne deɛ ɔwɔ tumi a wasoma wo sɛ kyerɛ akra nyinaa kwan no; ɛnyɛ nnipa nko na wo nti wɔsom no, na mmom nwira mu mmoa ne anantwie ne ewiem nnomaa bɛtena ase, ɛsiane wo tumi a ɛhyɛ Nebukadnessar ne ne fie aseɛ no nti.

8 Na yɛate wo nyansa ne wo mmɔdemmɔ nka, na wɔka no wiase nyinaa mu sɛ wo nkutoo ne onipa papa wɔ ahennie no nyinaa mu, deɛ ɔnim de ne deɛ ne ho yɛ nwanwa wɔ akodie mu.

9 Afei ɛfa Akior asɛm a ɔkaeɛ wɔ wo badwam no deɛ, yɛatie ne nsɛm no, na nnipa a wɔwɔ Betulia no de ne ho kyɛɛ no, na ɔkaa nsɛm a na waka akyerɛ wo no nyinaa kyerɛɛ wɔn.

10 Yei nti, me wura ne me panin, mmu nsɛm a ɔkaeɛ no nsɛnhunu, na mmom fa sie w’adwene mu, ɛfiri sɛ ɛyɛ nokorɛ. Ampa ara, wɔrentumi ntwe yɛn man aso, anaasɛ, nkrantɛ ntumi nni yɛn so gye sɛ wɔyɛ bɔne tia wɔn Nyankopɔn.

11 Na afei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔnni me wura so nkonim na ne botaeɛ nyɛ kwa no, owuo bɛba wɔn so, ɛfiri sɛ bɔne adi wɔn so a ɛnam so ahyɛ wɔn Nyankopɔn abufuo, berɛ a wɔyɛɛ deɛ ɛnyɛ no.

12 Ɛnam sɛ wɔnya aduane nnie na aka kakra na wɔn nsuo asa nti, wɔayɛ nhyehyɛɛ sɛ wɔbɛkum wɔn anantwie, na wɔawe ataa so sɛ wɔbɛdi deɛ Onyankopɔn mmara si wɔn kwan sɛ wɔnnie no nyinaa.

13 Wɔasi agyinaeɛ sɛ wɔbɛdi aburoo aba a ɛdi kan ne nsa ne ngo so ntotosoɔ du du, a wɔayi asi hɔ ama asɔfoɔ a wɔsom Onyankopɔn anim wɔ Yerusalem no — nnoɔma a mmara no mma ho kwan mma nnipa no mfa wɔn nsa nka mpo no.

14 Na ɛsiane sɛ nnipa a wɔwɔ Yerusalem no reyɛ yei nti, wɔasoma abɔfoɔ akɔ hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔbɛsrɛ kwan afiri mpanimfoɔ badwa no hɔ.

15 Sɛ wɔn nsa ka mmuaeɛ no na wɔyɛ saa pɛ a, ɛda no ara wɔde wɔn bɛhyɛ wo nsa na woasɛe wɔn.

16 Saa nti, ɛberɛ a me, w’afenaa metee yeinom nyinaa no, medwane firii wɔn nkyɛn. Onyankopɔn asoma me sɛ mene wo mmɛdi dwuma bi a ɛbɛyɛ wiase nyinaa, nnipa dodoɔ a wɔbɛte nyinaa nwanwa.

17 Nokorɛ nie, w’afenaa suro Onyankopɔn na ɔsom ɔsoro Nyankopɔn awia ne anadwo. Saa nti me wura, mɛtena wo nkyɛn ha ara; na mmom anadwo biara, w’afenaa bɛkɔ bɔnhwa no mu akɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ. Ɔbɛka akyerɛ me ɛberɛ a wɔayɛ bɔne no.

18 Ɛno ansa na mɛba abɛka akyerɛ wo, na afei wo ne w’asraafoɔ nyinaa akɔ, na wɔn mu baako mpo rentumi nnyina w’anim.

19 Ɛnna afei mɛdi w’anim afa Yudea, kɔsi sɛ wobɛduru Yerusalem; ɛhɔ na mede w’ahennwa bɛsie. Wobɛka wɔn sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ, na ɔkraman biara rentumi mmue n’ano mpo na wapɔ wo. Ɛfiri sɛ wɔaka yei akyerɛ me dada; wɔka kyerɛɛ me, na wɔsomaa me sɛ memmɛka nkyerɛ wo.

20 Ne nsɛm no sɔɔ Holoferne ne n’asomfoɔ no nyinaa ani. Na ne nyansa a ɔwɔ no yɛɛ wɔn nwanwa, na wɔkaa sɛ:

21 Ɔbaa biara nni hɔ firi asase ano kɔsi asase ano a ne ho yɛ fɛ anaa ɔkasa nyansa mu sei!

22 Ɛnna Holoferne ka kyerɛɛ no sɛ: Onyankopɔn ayɛ no yie sɛ ɔsomaa wo dii nkurɔfoɔ no anim, sɛ bɛhyɛ yɛn nsam den na fa ɔsɛeɛ mmra wɔn a wɔabu me wura animtia no so.

23 Ɛnyɛ wo ho ara nko na ɛyɛ fɛ, na mmom wokasa nyansa mu. Sɛ woyɛ sɛdeɛ woaka no deɛ a, wo Nyankopɔn bɛyɛ me Nyankopɔn, na wobɛtena Ɔhene Nebukadnessar fie, na wɔbɛte wo nka wɔ wiase nyinaa mu.

Yudit 12

Yudit gyina pintinn wɔ ne Nyamesom mu

1 Afei ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa Yudit mmra faako a wɔkora ne dwetɛ nnoɔma a wɔdidi mu anwummerɛ no, na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnto no pono na wɔmfa n’ankasa n’aduane ne ne nsa ma no nnom.

2 Nanso Yudit kaa sɛ: Menni yeinom mu biara, anaasɛ meyɛ a meto mmara; na mmom mɛnya biribiara afiri nnoɔma a mede kaa me ho baeɛ no mu.

3 Holoferne ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wo nnoɔma no sa a, ɛhefa na yɛbɛnya saa nnoɔma korɔ no ara bi ama wo? Ɛfiri sɛ wo nkurɔfoɔ no mu biara nni yɛn nkyɛn ha yi.

4 Yudit buaa sɛ: Sɛ wo kra te aseɛ yi, me wura, ɛnyɛ adeɛ a w’afenaa bɛma nnoɔma yi a ɛwɔ me nkyɛn ha yi asa, ansa na Awurade nam me nsa so ayɛ adeɛ a wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no.

5 Ɛnna afei Holoferne asomfoɔ no de no baa ntomadan no mu, na ɔdae kɔsii dasuom. Adeɛ rebɛkye no, ɔsɔre

6 soma kɔka kyerɛɛ Holoferne sɛ: Afei ma me wura nhyɛ na wɔmma me kwan mfiri adi nkɔbɔ mpaeɛ.

7 Ɛno nti Holoferne hyɛɛ ne banbɔfoɔ no sɛ wɔnsi no kwan. Na ɔtenaa nsraban no mu nnansa, na ɔkɔɔ Betulia bɔnhwa anadwo biara kɔdwaree wɔ nsuwa a ɛwɔ nsraban no mu hɔ.

8 Sɛ ɔdware wie a, ɔbɔ Awurade Israel Nyankopɔn mpaeɛ sɛ ɔnkyerɛ no kwan a ɛde nkonimdie bɛbrɛ ne nkurɔfoɔ.

9 Afei ɔsane ba wɔ ahoteɛ mu na watena ntomadan no mu de kɔsi sɛ ɔbɛdi aduane berɛ a onwunu redwoɔ no.

Yudit kɔ Holoferne apontoɔ ase

10 Da a ɛtɔ so nan no, Holoferne too pono maa n’asomfoɔ no nkutoo, na wamfrɛ ne mpanimfoɔ no mu biara.

11 Na ɔka kyerɛɛ Bagoas, opiani a ɔno na ɔhwɛ n’ankasa ne nnoɔma so sɛ: Kɔsrɛ Hebrini baa a wohwɛ no soɔ no sɛ ɔmmɛka yɛn ho na yɛnnidi na yɛnnom.

12 Na ɛbɛyɛ aniwuo sɛ yɛbɛma ɔbaa a ɔte sɛɛ akɔ berɛ a yɛne no nna. Sɛ yɛannane n’adwene a, ɔbɛsi yɛn atwetwe.

13 Saa nti Bagoas firii Holoferne anim kɔe, na ɔkɔɔ Yudit nkyɛn kɔsee no sɛ: Ma abaayewa fɛfɛ yi nyɛ no ntɛm mmra me wura nkyɛn na ɔnhyɛ no animuonyam wɔ n’anim, na ɔnnom nsa nsɛpɛ ne ho, na ɛnnɛ da yi ɔnyɛ sɛ Asiriafoɔ mmaa no mu baako a ɔsom wɔ Nebukadnessar ahemfie no.

14 Yudit buaa sɛ: Mene hwan sɛ mɛpopo me ti akyerɛ me wura? Mɛyɛ ntɛm ayɛ biribiara a ɛsɔ n’ani, na ɛbɛyɛ me anigyeɛ de akɔsi me wu da!

15 Enti ɔsɔree, na ɔde ne mmaa afɛfɛdeɛ nyinaa siesiee ne ho. N’abaawa dii n’anim de adwammaa nwoma a wanya afiri Bagoas a sɛ daa ɔredidi a ɔtwere soɔ no, sesɛɛ fam maa no wɔ Holoferne anim.

16 Ɛnna afei Yudit bae bɛdaa hɔ. Na Holoferne nyaa ne ho akɔnnɔ dendeenden wɔ n’akoma mu, na n’atenka kɔɔ soro, ɛfiri sɛ na watwɛn ahwehwɛ firi da a ɛdi kan a ɔhunuu no sɛ ɔbɛnya berɛ adane n’adwene.

17 Enti Holoferne ka kyerɛɛ no sɛ: Afei nom, na ma yɛnsɛpɛ yɛn ho!

18 Yudit kaa sɛ: Mede anigyeɛ bɛnom, me wura, ɛfiri sɛ ɛnnɛ ne anigyeɛ da kɛseɛ wɔ me nkwa nna nyinaa mu.

19 Ɛnna afei ɔfaa deɛ na n’abaawa asiesie no na ɔdiiɛ na ɔnomee wɔ n’anim.

20 Na Holoferne ani gyee ne ho kɛseɛ, na ɔnomm nsa pii, deɛ ɛdɔɔso sene nsa a wanom pɛn ɛfiri berɛ a wɔwoo no.