Gyenesis 32

Yakob kɔhyia Esau

1 Na Yakob sii ne kwan so sɛ ɔrekɔ; na Nyankopɔn abɔfoɔ bɛhyiaa no.

2 Na Yakob hunuu wɔn no, ɔkaa sɛ: Nyankopɔn asafo nie. Na ɔtoo hɔ din: Maha-naim.

3 Na Yakob tuu abɔfoɔ dii n’anim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn Seir asase so wɔ Edom wiram.

4 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Sɛdeɛ monka nkyerɛ me wura Esau ne sɛ: W’akoa Yakob se: Mekɔtenaa Laban nkyɛn na ɛhɔ na mewɔ de abɛduru sɛsɛɛ.

5 Manya anantwie, mfunumu, nnwan, mmirekyie ne nkoa ne mfenaa; na masoma sɛ wɔmmɛka nkyerɛ me wura, sɛdeɛ mɛnya w’anim adom.

6 Na abɔfoɔ no sane baa Yakob nkyɛn bɛkaa sɛ: Yɛakɔ wo nua Esau nkyɛn, na ɔno nso ne mmarima ahanan reba abɛhyia wo.

7 Ɛnna Yakob suroo sɛ, na ne ho yeraa no. Na ɔkyɛɛ nkurɔfoɔ a wɔwɔ ne nkyɛn ne nnwan, mmirekyie, anantwie ne yoma no mu akuo mmienu

8 kaa sɛ: Sɛ Esau ba kuo baako so bɛku wɔn a, ekuo a ɛbɛka no bɛnya kwan adwane.

9 Na Yakob kaa sɛ: M’agya Abraham Nyankopɔn ne m’agya Isak Nyankopɔn, AWURADE a wosee me sɛ: Sane kɔ w’asase so ne w’abusua mu, na mɛyɛ wo yie no,

10 w’adɔeɛ ne wo nokorɛ a wode akyerɛ w’akoa yi mu biara nsɛ me, ɛfiri sɛ mede me poma na metwaa Yordan yi, na afei mayɛ akuo mmienu.

11 Mesrɛ wo, yi me firi me nua Esau nsam, ɛfiri sɛ mesuro no sɛ ɔbɛba abɛku me, ne ɛnanom ne wɔn mma nyinaa.

12 Wo na wokaa sɛ: Yie na mɛyɛ woɔ, na mɛma w’asefoɔ ayɛ sɛ mpoano anwea a dodoɔ nti wɔntumi nkan.

13 Na ɔtenaa hɔ anadwo no; na ɔyii deɛ ɛwɔ ne nsa mu bi sɛ ɔde rekɔkyɛ ne nua Esau,

14 mmirekyibereɛ ahanu, mpapo aduonu, nnwammereɛ ahanu, adwennini aduonu,

15 yoma a wɔma nufoɔ ne wɔn mma aduasa, anantwibereɛ aduanan, anantwinini du, mfunumubereɛ aduonu ne mfunumu anini du.

16 Na ɔde hyɛɛ ne nkoa nsa akuakuo, na ɔka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: Monsene nni m’anim, na momma kuo ne kuo ntam ntwe.

17 Na ɔhyɛɛ deɛ ɔdi kan no sɛ: Sɛ me nua Esau bɛhyia wo, na ɔbisa wo sɛ: Hwan nipa ne wo, na ɛhe na worekorɔ, na yeinom a ɛdi w’anim yi yɛ hwan dea?

18 Ka kyerɛ no sɛ: W’akoa Yakob dea; ɛyɛ ayɛyɛdeɛ a wasoma de rebrɛ me wura Esau; na hwɛ, ɔno nso wɔ yɛn akyi.

19 Na ɔhyɛɛ deɛ ɔtɔ so mmienu ne deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne wɔn a wɔdi mmoakuo no akyire nyinaa nso sɛ: Sɛ mokɔhunu Esau a, monka asɛm korɔ yi ara nkyerɛ no.

20 Na monka nsi so sɛ: Hwɛ, w’akoa Yakob wɔ yɛn akyi. Afei ɔkaa sɛ: Mede ayɛyɛdeɛ a ɛdi m’anim yi merekɔpata no, ansa na mahunu n’anim; ebia ɔbɛhwɛ m’anim.

21 Na ayɛyɛdeɛ no sene dii n’anim; na ɔno deɛ, ɔtenaa nsraban no mu anadwo no.

Yakob ne ɔbɔfoɔ bi tentam

22 Na anadwo no ɔsɔree, na ɔfaa ne yerenom baanu ne ne mmaawa baanu no ne ne mma dubaako no de wɔn kɔtwaa Yabok asutwareeɛ.

23 Na ɔde wɔn twaa asubɔnten no, na ɔmaa deɛ ɔwɔ nyinaa twaee.

24 Na ɛkaa Yakob nko ara. Na ɔbarima bi ne no bɛtentamee kɔduruu adekyeeɛ.

25 Na ɔbarima no hunuu sɛ ɔntumi no no, ɔkaa n’asene tokuro mu, na Yakob dwonku hwanee tentam a ɔne no tentameeɛ no mu.

26 Na ɔbarima no kaa sɛ: Ma menkɔ, na adeɛ rekye. Na Yakob buaa sɛ: Meremma wonkɔ gye sɛ wohyira me.

27 Na ɔbarima no bisaa no sɛ: Wo din de sɛn? Na ɔbuaa sɛ: Yakob.

28 Na ɔkaa sɛ: Wɔremfrɛ wo din Yakob bio, na wɔbɛfrɛ no Israel,ɛfiri sɛ wo ne Onyankopɔn ne nnipa ako, na woatumi.

29 Na Yakob bisaa no sɛ: Mesrɛ wo, kyerɛ me wo din. Na ɔse: Adɛn nti na worebisa me din? Na ɔbarima no hyiraa no wɔ hɔ.

30 Na Yakob too ɛhɔ din Peni-el,ɛfiri sɛ ɔse: Me ne Onyankopɔn adi nhunuanimu, nso me kra anya nkwa.

31 Na ɔtwaa mu wɔ Peniel berɛ a na owia apue no, na ɔtɔ gu so ne dwonku a ahwan no nti.

32 Enti Israelfoɔ nni ntini a ɛwɔ asene mu akwaa tokuro mu no de bɛduru nnɛ, ɛfiri sɛ ɔkaa Yakob dwonkuo tokuro mu, n’asene mu ntini no so.

Gyenesis 33

Yakob hyia Esau

1 Na Yakob maa n’ani so hunui, na hwɛ, Esau reba, na mmarima ahanan ka ne ho. Na ɔkyɛɛ ne mma mu maa Lea ne Rahel ne mmaawa baanu no.

2 Na ɔde mmaawa no ne wɔn mma dii anim, na Lea ne ne mma dii hɔ, na Rahel ne Yosef dii akyire.

3 Na ɔno ara deɛ ɔsene dii wɔn anim, na ɔbɔɔ ne mu ase kɔɔ fam mprɛnson de kɔsii sɛ ɔduruu ne nua nkyɛn.

4 Na Esau tuu mmirika bɛhyiaa no yɛɛ no atuu, na ɔde ne tiri too ne kɔn ho, na ɔfee n’ano, na wɔsui.

5 Na Esau maa n’ani so hunuu mmaa no ne wɔn mma no, ɔkaa sɛ: Hwannom ne yeinom a wɔka wo ho yi? Na Yakob buaa sɛ: Ɛyɛ mma a Onyankopɔn de adom w’akoa.

6 Na mmaawa no twe pinii, wɔn ne wɔn mma, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase.

7 Na Lea nso ne ne mma twe pinii bobɔɔ wɔn mu ase, na akyire yi no Yosef ne Rahel twe pinii bobɔɔ wɔn mu ase.

8 Na ɔkaa sɛ: Na ɛdɔm a mehyiaa wɔn yi ase ne sɛn? Na ɔse: Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mɛnya me wura anim adom.

9 Na Esau kaa sɛ: Deɛ mewɔ dɔɔso, me nua, ma w’adeɛ ntena hɔ mma wo.

10 Na Yakob kaa sɛ: Dabi da, mesrɛ wo, sɛ manya w’anim adom a, gye m’ayɛyɛdeɛ a ɛwɔ me nsam yi, na w’anim a mahunu yi te sɛdeɛ obi hunu Nyankopɔn anim, ɛfiri sɛ w’ani asɔ me.

11 Mesrɛ wo, gye nhyira a wɔde abrɛ woɔ yi, ɛfiri sɛ Onyankopɔn adom me, na mewɔ ade nyinaa. Na ɔhyɛɛ no, na ɔgyee.

12 Na Esau kaa sɛ: Ma yɛnsim nkɔ, na menni w’anim.

13 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me wura nim sɛ mma a wɔyɛ mmerɛ ne nnwan ne anantwie a wɔma nufoɔ ka me ho, na sɛ wɔpia wɔn dodo da koro a, nnwankuo no nyinaa bɛwuwu.

14 Enti ma me wura nsene nni n’akoa anim, na me deɛ, mɛnante brɛoo, sɛdeɛ mmoa a wɔdi m’anim ne mma no bɛtumi de akɔsi sɛ mɛduru me wura nkyɛn wɔ Seir.

15 Na Esau kaa sɛ: Ma mennya wo nnipa a wɔka me ho yi bi. Na ɔse: Na wɔnyɛ dɛn? Ma mennya me wura anim adom.

16 Ɛnna Esau sanee da no ara sii kwan so kɔɔ Seir.

17 Na Yakob sii mu kɔɔ Sukot, na ɔsii dan maa ne ho, na ɔbobɔɔ asese maa ne mmoa. Yei nti na wɔfrɛ hɔ Sukot.

18 Na Yakob firii Mesopotamia no, ɔnam bɛduruu Sekem kuro a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no mu dwoodwoo, na ɔsisii ne ntomadan wɔ kuro no anim.

19 Na ɔtɔɔ asase a ɔsii ne ntomadan wɔ soɔ no wɔ Sekem agya Hamor mma nkyɛn nnwetɛbena ɔha.

20 Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔtoo no: El-elohe-Israel.

Gyenesis 35

Onyankopɔn hyira Yakob wɔ Betel

1 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Sɔre kɔ Betel kɔtena hɔ, na si afɔrebukyia wɔ hɔ ma Onyankopɔn a ɔyii ne ho kyerɛɛ wo ɛda a woredwane afiri wo nua Esau anim no.

2 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne fiefoɔ ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɛ: Montoto anyame ananafoɔ a ɛwɔ mo mu no ngu, na monnwira mo ho, na monsakyera mo ntadeɛ.

3 Na momma yɛnsɔre nkɔ Betel, na menkɔsi afɔrebukyia wɔ hɔ memma Onyankopɔn a m’ahohiahia da ɔtiee me na ɔdii m’akyire wɔ kwan a mekɔeɛ no mu no.

4 Ɛnna wɔde wɔn anyame ananafoɔ a ɛwɔ wɔn nsam nyinaa ne wɔn aso mu nkaa maa Yakob, na ɔde siee dupɔn bi a ɛwɔ Sekem ho no ase.

5 Na wɔsii mu sɛ wɔrekorɔ no, Nyankopɔn ho hu baa nkuro a atwa wɔn ho ahyia no so, na wɔanti Yakob mma no.

6 Na Yakob ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho nyinaa duruu Lus a ɛwɔ Kanaan asase soɔ (a ɛne Betel).

7 Na ɔsii hɔ afɔrebukyia, na ɔfrɛɛ hɔ: El-betel,ɛfiri sɛ da a ɔredwane afiri ne nua anim no, ɛhɔ na Onyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ no.

8 Na Rebeka abaawa panin Debora wui, na wɔsiee no Betel aseɛ fam wɔ odum bi ase, na ɔtoo dua no din Alon-bakut.

9 Na Onyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ Yakob bio, ne ba a ɔfirii Mesopotamia baeɛ no mu, na ɔhyiraa no.

10 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Wo din de Yakob, nanso wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom Israel ne wo din; na ɔtoo no din Israel.

11 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn, dɔre na yɛ bebree; ɔman ne aman asafo bɛfiri wo mu aba, na ahemfo firi w’asene mu bɛba.

12 Na asase a mede mama Abraham ne Isak no, wo na mede bɛma woɔ; na w’asefoɔ a wɔbɛdi w’akyire no na mede asase no bɛma wɔn.

13 Na Onyankopɔn firii ne nkyɛn wɔ deɛ ɔne no kasaeɛ hɔ kɔɔ ɔsoro.

14 Na Yakob de odum sii deɛ ɔne no kasaeɛ hɔ, ɔboɔ dum, na ɔhwiee ɔnom afɔdeɛ guu so, na ɔde ngo guu so.

15 Na Yakob frɛɛ deɛ ɔne Onyankopɔn kasaeɛ hɔ Betel.

Rahel wuo

16 Na wɔtutu firi Betel kɔe. Na aka kwan tiaa bi na wɔaduru Efrat no, awoɔ kaa Rahel, na awoɔ no denee no.

17 Na n’awoɔ mu yɛɛ den no, awogyefoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na yei nso wobɛwo ɔbabarima.

18 Na ne kra refiri ne mu na ɔreyɛ awuo no, ɔtoo no din Ben-oni,na n’agya deɛ, ɔfrɛɛ no Benyamin.

19 Na Rahel wui, na wɔsiee no ɛkwan a ɛde Efrat (a ɛne Betlehem) no nkyɛn.

20 Na Yakob sii ne da so dum, ɛne Rahel da so dum de bɛsi nnɛ.

21 Na Israel tutu kɔsii ne ntomadan wɔ Eder abantenten akyiri nohoa.

22 Na ɛbaa sɛ Israel te asase no soɔ no, Ruben ne n’agya abaawayerɛ Bilha kɔdae, na Israel tee.

Yakob mmammarima

23 Nso Yakob mmammarima yɛ dummienu: Lea mma ne Ruben (Yakob abakan), Simeon, Lewi, Yuda, Isakar ne Sebulon.

24 Rahel mma ne Yosef ne Benyamin.

25 Na Rahel abaawa Bilha mma ne Dan ne Naftali.

26 Na Lea abaawa Silpa mma ne Gad ne Aser. Yeinom ne Yakob mmammarima a wɔwoo wɔn wɔ Mesopotamia.

Isak wuo

27 Na Yakob baa n’agya Isak nkyɛn wɔ Mamre, wɔ Kiriat-arba (a ɛne Hebron), deɛ Abraham ne Isak tenaeɛ sɛ ahɔhoɔ no.

28 Na Isak nna nyinaa yɛ mfirinhyia ɔha aduɔwɔtwe.

29 Na Isak gyaa ne honhom mu, na ɔwui, na ɔtii ne nananom wɔ asamando, berɛ a na wabɔ akora, na nna amee no. Na ne mma Esau ne Yakob siee no.

Gyenesis 36

Esau asefoɔ

1 Na yeinom ne Esau (a wɔfrɛ no Edom) awoɔ ntoatoasoɔ:

2 Esau waree Kanaanfoɔ mmaa: Hetini Elon babaa Ada, ne Hewini Sibeon ba Ana babaa Oholibama,

3 ne Ismael babaa Basmat, Nebaiot nuabaa.

4 Na Ada woo Elifas maa Esau, na Basmat woo Reuel.

5 Na Oholibama woo Yeus ne Yalam ne Kora. Yeinom ne Esau mma a wɔwoo wɔn wɔ Kanaan asase soɔ.

6 Na Esau faa ne yerenom ne ne mmammarima ne ne mmammaa ne ne fiefoɔ nyinaa ne ne mmoa ne n’anantwie nyinaa ne n’ahonyadeɛ a ɔnyaeɛ wɔ Kanaan asase soɔ nyinaa, na ɔfirii ne nua Yakob ho kɔɔ asase bi so,

7 ɛfiri sɛ wɔn ahonyadeɛ dɔɔso sene deɛ wɔde tena faako, na asase a wɔyɛ so ahɔhoɔ no, wɔn mmoa dodoɔ nti na wɔnsene so.

8 Esau, a ɔno ara ne Edom no kɔtenaa Seir bepɔ so.

9 Na yeinom ne Edomfoɔ agya Esau a ɔte Seir bepɔ soɔ no awoɔ ntoatoasoɔ:

10 Esau mmammarima din nie: Esau yere Ada ba Elifas, ne Esau yere Basmat ba Reuel.

11 Na Elifas mma ne Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas.

12 (Na Timna yɛ Esau ba Elifas mpena, na ɔwoo Amalek maa Elifas.) Yeinom ne Esau yere Ada mma.

13 Na yeinom ne Reuel mma: Nahat, Sera, Sama ne Misa; yeinom ne Esau yere Basmat mma.

14 Na yeinom ne Esau yere Oholibama, Sibeon ba Ana babaa no mma: Ɔwoo Yeus, Yalam ne Kora maa Esau.

15 Yeinom ne Esau mma mu atitire: Esau abakan Elifas mma: Otitire Teman, otitire Omar, otitire Sefo, otitire Kenas,

16 otitire Kora, otitire Gatam, ne otitire Amalek. Yeinom ne Elifas atitire wɔ Edom asase so; yeinom ne Ada mma.

17 Na yeinom ne Esau ba Reuel mma: Otitire Nahat, otitire Sera, otitire Sama, ne otitire Misa. Yeinom ne Reuel atitire wɔ Edom asase so; yeinom ne Esau yere Basmat mma.

18 Na yeinom ne Esau yere Oholibama mma: Otitire Yeus, otitire Yalam, otitire Kora. Yeinom ne Esau yere Oholibama, Ana ba, atitire no.

19 Yeinom ne Esau mma, na yeinom ne wɔn atitire no; (ɔne Edom.)

Seir Asefoɔ

20 Yeinom ne Horini Seir mma asase no sofoɔ: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana,

21 Dison, Eser ne Disan. Yeinom ne Horifoɔ a wɔyɛ Seir mma a na wɔte Edom asase soɔ no atitire.

22 Na Lotan mma ne Hori ne Hemam, na Lotan nuabaa ne Timna.

23 Na yeinom ne Sobal mma: Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam.

24 Na yeinom ne Sibeon mma: Aya ne Ana. Oyi ne Ana a na ɔhwɛ n’agya Sibeon mfunumu no, a ɔhunuu nsuohyeɛ aniwa wɔ ɛserɛ soɔ no.

25 Na yeinom ne Ana mma: Dison ne Oholibama, a ɔyɛ Ana babaa.

26 Na yeinom ne Dison mma: Hemdan, Esban, Itran ne Keran.

27 Yeinom ne Eser mma: Bilhan, Saawan ne Akan.

28 Yeinom ne Disan mma: Us ne Aran.

29 Yeinom ne Horifoɔ atitire: Otitire Lotan, otitire Sobal, otitire Sibeon, otitire Ana,

30 otitire Dison, otitire Eser, otitire Disan. Yeinom ne Horifoɔ atitire sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ wɔ Seir asase soɔ.

Edom Ahemfo

31 Yeinom ne ahemfo a wɔdii Edom asase soɔ ansa na obi redi Israel mma so hene.

32 Na Bela, Beor ba, dii Edomhene, na ne kuro din de Dinhaba.

33 Na Bela wui, na Sera ba Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii n’adeɛ.

34 Na Yobab wui, na Husam a ɔfiri Teman asase soɔ no bɛdii n’adeɛ.

35 Na Husam wui, na Bedad ba Hadad a ɔkumm Midian wɔ Moab petee mu no bɛdii n’adeɛ, na ne kuro din de Hawit.

36 Na Hadad wui, na Samla a ɔfiri Masreka bɛdii n’adeɛ.

37 Na Samla wui, na Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo no ho no bɛdii n’adeɛ.

38 Na Saulo wui, na Akbor ba Baal-hanan bɛdii n’adeɛ.

39 Na Akbor ba Baal-hanan wui, na Hadar bɛdii n’adeɛ. Na ne kuro din de Pau, na ne yere din de Mehetabel, Mesahab babaa Matred babaa.

40 Na yeinom ne Esau atitire no din, sɛdeɛ wɔn mmusuakuo, wɔn tenabea ne wɔn din teɛ: Otitire Timna, otitire Alwa, otitire Yetet,

41 otitire Oholibama, otitire Ela, otitire Pinon,

42 otitire Kenas, otitire Teman, otitire Mibsar,

43 otitire Magdiel, otitire Iram. Yeinom ne Edom (a ɔne Esau, Edomfoɔ agya) no atitire, sɛdeɛ wɔn tenabea teɛ wɔ asase a wɔnyaeɛ no soɔ.

Gyenesis 37

Yosef ne ne nuanom

1 Na Yakob tenaa asase a n’agya yɛɛ so hɔhoɔ a ɛne Kanaan asase no so.

2 Na yei ne Yakob abusua ho abakɔsɛm: Yosef dii mfirinhyia dunson no, ɔne ne nuanom kɔhwɛɛ nnwan; na aberantewaa no ne n’agya yerenom Bilha ne Silpa mma na ɛwɔ hɔ. Na Yosef bɛka wɔn ho asɛmmɔne kyerɛ n’agya.

3 Na ɛsiane sɛ Yosef yɛ ne nkɔkoraaberɛ mu ba nti, na Israel dɔ no sene ne mma nyinaa; enti ɔpam batakari fɛfɛ bi maa no.

4 Na ne nuanom hunuu sɛ wɔn agya dɔ no sene wɔn nyinaa no, wɔtanee no, na wɔmfa abodwoɔ ne no nkasa.

5 Na Yosef soo daeɛ, na berɛ a ɔka kyerɛɛ ne nuanom no, wɔtanee no senee akane no.

6 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montie daeɛ a maso yi:

7 Na hwɛ, na yɛrekyekyere ayuo afiafi wɔ afuom. Na m’afi no sɔre gyinaa kyirebenn, na hwɛ, mo afiafi no twaa m’afi ho hyiae, na ɛrekoto m’afi no.

8 Na ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛ sɛ worebɛdi yɛn so hene anaasɛ worebɛdi yɛn so tumi? Na ne daeɛ ne ne nsɛm no nti wɔkɔɔ so tanee no bebree.

9 Na ɔsoo daeɛ foforɔ bio, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Hwɛ, maso daeɛ bio, na hwɛ, owia ne ɔsrane ne nsoromma dubaako akoto me.

10 Na ɔka kyerɛɛ n’agya ne ne nuanom no, n’agya kaa n’anim sɛ: Daeɛ bɛn na woaso yi? Kyerɛ sɛ, me ne wo na ne wo nuanom bɛba abɛkoto fam wɔ w’anim?

11 Na ne nuanom ani beree no; na n’agya deɛ, ɔde nsɛm no siee.

Wɔtɔn Yosef ma wɔde no kɔ Misraim

12 Na ne nuanom de wɔn agya nnwan kɔɔ adidie wɔ Sekem.

13 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Sɛ wonim sɛ wo nuanom rewɛn mmoa wɔ Sekem. Bra na mensoma wo wɔn nkyɛn. Na ɔse: Menie.

14 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ne nnwan no ho yɛ anaa; na sane bɛka kyerɛ me. Na ɔsomaa no firii Hebron bonhwa mu, na ɔkɔduruu Sekem.

15 Na ɔbarima bi hunuu no, na hwɛ, na ɔrewɔ wira no mu ntwɛtwɛdɛ. Na ɔbarima no bisaa no sɛ: Worehwehwɛ deɛn?

16 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me nuanom na merehwehwɛ wɔn; mesrɛ wo, kyerɛ me faako a wɔrehwɛ wɔn mmoa no.

17 Na ɔbarima no se: Wɔatu ha; na metee sɛ wɔreka sɛ: Momma yɛnkɔ Dotan. Na Yosef tii ne nuanom, na ɔkɔhunuu wɔn wɔ Dotan.

18 Na ne nuanom hunuu no akyirikyiri na ɔnnya nnuruu wɔn nkyɛn no, wɔpamm ne tiri so sɛ wɔbɛku no.

19 Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwɛ, daeɛsofoɔ no na ɔreba no.

20 Afei mommra mma yɛnku no mfa no nto mmura yi bi mu, na yɛnka sɛ: Aboa bɔne bi na awe no, na yɛahwɛ deɛ ne daeɛ no bɛyɛ.

21 Na Ruben teeɛ no, ɔgyee no firii wɔn nsam kaa sɛ: Mommma yɛnnku no.

22 Na ɔkaa sɛ: Monnhwie mogya nngu, na momfa no nto ɛserɛ so ha abura yi mu; na mommfa mo nsa nnka no. Ɔreyɛ na anka wayi no afiri wɔn nsam de no asane akɔma n’agya.

23 Na Yosef duruu ne nuanom nkyɛn no, wɔworɔɔ n’atadeɛ ne batakari fɛfɛ a ɔhyɛ no,

24 na wɔde no kɔtoo abura no mu. Nso na abura no da mpan a nsuo nni mu.

25 Na wɔtenaa ase didii. Na wɔmaa wɔn ani so hwɛe, wɔhunuu Ismaelfoɔ akwantufoɔkuo bi a wɔfiri Gilead rekɔ Misraim ne wɔn yoma a wɔsoso hyehwam ne akyenkyennuro ne kurobo sɛ wɔreba.

26 Na Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Sɛ yɛkum yɛn nua na yɛsi ne mogya so a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ mu?

27 Mommra mma yɛntɔn no mma Ismaelfoɔ. Mommma yɛmmfa yɛn nsa nnka no, ɛfiri sɛ ɔyɛ yɛn nua ne yɛn mogya. Na ne nuanom no tiee no.

28 Na Midianfoɔ adwadifoɔ bi rebɛsene. Na wɔtwetwee Yosef yii no firii abura no mu, na wɔtɔn no maa Ismaelfoɔ no gyee nnwetɛbena aduonu. Na wɔde Yosef kɔɔ Misraim.

29 Na Ruben sane baa abura no so, na hwɛ, na Yosef nni abura no mu. Na ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu,

30 na ɔsane baa ne nuanom nkyɛn bɛkaa sɛ: Abɔfra no nni hɔ, na afei ɛdeɛn na menyɛ?

31 Na wɔfaa Yosef atadeɛ no, na wɔkumm ɔpapo bi, na wɔde atadeɛ no bɔɔ mogya no mu.

32 Na wɔsoma maa wɔde batakari fɛfɛ no brɛɛ wɔn agya bɛkaa sɛ: Yei na yɛahunu, hwɛ sɛ wo ba no atadeɛ ni anaa?

33 Na ɔhwɛeɛ no, ɔkaa sɛ: Ɛyɛ me ba no atadeɛ a! Aboa bɔne bi na awe no, ampa ara wɔatete Yosef mu.

34 Ɛnna Yakob sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma bɔɔ n’asene, na ɔsuu ne ba no kyɛree.

35 Na ne mmammarima nyinaa ne ne mmammaa nyinaa bae sɛ wɔbɛkyekyere ne werɛ, nanso wamma wɔankyekyere ne werɛ. Na ɔkaa sɛ: Mede awerɛhoɔ yi ara bɛkɔ me ba nkyɛn wɔ Asamando. Na n’agya suu no.

36 Na Midianfoɔ no kɔtɔnee no wɔ Misraim maa Potifar a ɔyɛ Farao piani ne n’ankɔbeafoɔ so panin no.

Gyenesis 38

Yuda ne Tamar

1 Na ɛbaa sɛ berɛ no ara mu Yuda firii ne nuanom nkyɛn kɔe, na ɔkɔtenaa Adulamni bi a wɔfrɛ no Hira nkyɛn.

2 Na Yuda hunuu Kanaanni bi a wɔfrɛ no Sua babaa bi wɔ hɔ, ɔwaree no na ɔne no dae.

3 Na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo no din Er.

4 Na ɔnyinsɛnee bio woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Onan.

5 Na ɔnyinsɛnee bio woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Sela. Na ɔwoo no no, na ɔwɔ Kesib.

6 Na Yuda waree yerɛ bi a wɔfrɛ no Tamar maa n’abakan Er.

7 Na Yuda abakan Er dii amumuyɛsɛm AWURADE anim, na AWURADE kumm no.

8 Na Yuda ka kyerɛɛ Onan sɛ: Kɔ wo nua yere no ho, na fa ne kunafoɔ, na wo mma ma wo nua no.

9 Na Onan nim sɛ mma no renyɛ ne dea, na ɛbaa sɛ, sɛ ɔkɔ ne nua yere no ho a, ɔma ne ho gu fam sɛe, na wanwo mma amma ne nua.

10 Na deɛ ɔyɛeɛ no yɛɛ bɔne wɔ AWURADE anim, enti ɔkumm ɔno nso.

11 Na afei Yuda ka kyerɛɛ n’ase Tamar sɛ: Kɔtena kuna mu wɔ w’agya fie kɔsi sɛ me ba Sela bɛnyini. Ɛfiri sɛ ɔse, anyɛ saa a, ɔno nso bɛwu sɛ ne nuanom. Na Tamar kɔ kɔtenaa n’agya fie.

12 Na ɛkyɛree kyɛreeɛ no, Sua babaa, Yuda yere no, wui. Na Yuda werɛ kyekyereeɛ no, ɔne n’adamfo Hira Adulamni no kɔɔ ne nnwan ho twitwafoɔ nkyɛn wɔ Timnat.

13 Na wɔkɔka kyerɛɛ Tamar sɛ: Hwɛ, w’ase rekɔ Timnat akɔtwitwa ne nnwan ho.

14 Na ɔyii ne kuna ntadeɛ firii ne ho, na ɔde nkatanimu kataa n’anim, na ɔsakyeraa ne ho kɔtenaa Enaim kurotia wɔ Timnat kwan ho, ɛfiri sɛ wahunu sɛ Sela anyini, na wɔamfa no amma no awareɛ.

15 Na Yuda hunuu no no, ɛsiane sɛ wakata n’anim nti, ɔbuu no sɛ odwamamfoɔ.

16 Na ɔmane kɔɔ ne nkyɛn ɔkwan no ho kaa sɛ: Ma mene wo nkɔda ɛ, nso na ɔnnim sɛ n’ase a. Na ɔse: Ɛdeɛn na wobɛma me na wone me ada?

17 Na ɔse: Mɛma wɔde abirekyie ba afiri mmoa mu abrɛ wo. Na ɔse: Ɛnneɛ ma me awowadeɛ kɔsi sɛ wode bɛba.

18 Na ɔkaa sɛ: Ɛdeɛn na memfa mensi wo awowa? Na ɔse: Wo nsɔanokaa ne wo homa ne wo nsam poma. Na ɔde maa no, na ɔkɔɔ ne ho, na ɔne no nyinsɛnee.

19 Na ɔsɔree, na ɔkɔe, na ɔyii ne nkatanimu firii ne ho, na ɔhyɛɛ ne kuna ntadeɛ no.

20 Na Yuda de abirekyie ba no maa n’adamfo Adulamni no sɛ ɔmfa nkɔgye n’awowadeɛ no wɔ ɔbaa no nsam mmrɛ no, nanso wanhu no.

21 Na ɔbisaa kurom hɔfoɔ sɛ: Odwamamfoɔ a ɔte Enaim kwan ho no wɔ he? Na wɔse: Odwamamfoɔ biara nni ha.

22 Na ɔsane baa Yuda nkyɛn bɛkaa sɛ: Manhu no, nanso kurom hɔfoɔ se: Odwamamfoɔ biara nni hɔ.

23 Na Yuda se: Ma no mfa, na yɛn ani anwu. Hwɛ, mama wode abirekyie ba yi akɔma no, na woanhu no.

24 Na ɛbɛyɛ abosome mmiɛnsa akyiri no, wɔbɛka kyerɛɛ Yuda sɛ: W’ase Tamar abɔ adwaman ama no anyinsɛn. Na Yuda kaa sɛ: Monkɔfa no mmra na wɔnhye no.

25 Na wɔkɔfaa Tamar baeɛ no, ɔsoma maa wɔkɔka kyerɛɛ n’ase no sɛ: Ɔbarima a ne nnoɔma nie no, ne me na anyinsɛn. Na ɔse: Hwehwɛ mu na hwɛ, deɛ nsɔanokaa, homa ne poma yi yɛ ne dea?

26 Na Yuda ani hunuiɛ no, ɔkaa sɛ: Ɔtene sene me, ɛfiri sɛ mamfa no mamma me ba Sela. Nanso ɔne no anna bio.

27 Na ɛduruu n’awoɔ soɔ no, hwɛ, na nta na ɛwɔ ne yam.

28 Na ɔrewoɔ no, ɔbaako yii ne nsa, na awogyefoɔ no sɔɔ mu de asaawa kɔkɔɔ kyekyeree ne nsa no kaa sɛ: Oyi na ɔfirii adi kane.

29 Na ɔtwee ne nsa kɔɔ mu no, hwɛ, ne nua no firii adi, na ɔkaa sɛ: Hwɛ sɛdeɛ woatete mu? Wo so na ntemu no wɔ. Enti wɔtoo no din Peres.

30 Na akyire yi no, ne nua a asaawa kɔkɔɔ bɔ ne nsa soɔ no bae, na ɔtoo no din Sera.

Gyenesis 39

Yosef ne Potifar yere

1 Na wɔde Yosef kɔɔ Misraim. Na Farao piani Potifar a ɔyɛ ankɔbeafoɔ so panin na ɔyɛ Misraimni no tɔɔ no Ismaelfoɔ a wɔde no kɔɔ hɔ no nsam.

2 Na AWURADE dii Yosef akyi, na ɔyɛɛ ɔbarima a ne ho wɔ siadeɛ, na ɔtenaa ne wura Misraimni no fie.

3 Na ne wura hunuu sɛ AWURADE di n’akyi na AWURADE ma deɛ ɔyɛ nyinaa yɛ yie n’abasa soɔ no,

4 Yosef nyaa n’anim adom, na ɔsom no; na ɔde no sii ne fie so, na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa hyɛɛ ne nsa.

5 Na ɛfiri berɛ a ɔde no sii ne fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa soɔ no, Yosef nti AWURADE hyiraa Misraimni no fie, na AWURADE nhyira baa deɛ ɔwɔ nyinaa so, efie ne afuom.

6 Na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa, na ɔwɔ hɔ nti, ɔnhwɛ biribiara gye aduane a ɔno ara die. Nso na Yosef ho ne n’anim yɛ fɛ.

7 Na ɛbaa sɛ akyire yi no, Yosef wura yere tuu n’ani sii ne so, na ɔkaa sɛ: Wo ne me mmɛda.

8 Nanso wampene, na ɔka kyerɛɛ ne wura yere no sɛ: Hwɛ, sɛ me wura anya me nti ɔnhwɛ deɛ ɛwɔ ne fie, na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa ahyɛ me nsa.

9 Obiara nyɛ kɛseɛ nsene me efie ha, na ɔnkame me biribiara gye wo, ɛnam sɛ ne yere ne woɔ ntira. Na adɛn na menyɛ amumuyɛ kɛseɛ yi, na menyɛ bɔne mentia Onyankopɔn?

10 Na ɔka kyerɛ Yosef saa daa daa, nanso Yosef antie sɛ ɔne no bɛda na ama ne nsa aka no.

11 Na da koro bi a ɔkɔɔ ɛdan no mu sɛ ɔrekɔyɛ n’adwuma, na efie hɔfoɔ no mu biara nni hɔ no,

12 ne wura yere no sɔɔ n’atadeɛ mu kaa sɛ: Wo ne me mmɛda! Na Yosef gyaa n’atadeɛ no wɔ ne nsam dwane firii adi.

13 Na ɔbaa no hunuu sɛ wagya n’atadeɛ wɔ ne nsam adwane afiri adie no,

14 ɔfrɛfrɛɛ ne fiefoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ, wakɔfa Hebrini yi aba rebɛdi yɛn ho fɛw; waba me nkyɛn sɛ ɔne me rebɛda, na mede nne kɛseɛ meteaa mu;

15 na ɔtee sɛ memaa me nne soɔ meteaa mu no, ɔgyaa n’atadeɛ wɔ me nsam, na ɔdwane firii adi.

16 Na ɔde n’atadeɛ no guu ne nkyɛn kɔsii sɛ ne wura baa fie.

17 Na ɔkaa saa nsɛm yi ara kyerɛɛ no sɛ: Akoa Hebrini a wokɔfaa no brɛɛ yɛn no baa me nkyɛn sɛ ɔrebɛdi me ho fɛw;

18 na memaa me nne so meteaa mu no, ɔgyaa n’atadeɛ wɔ me nsam, na ɔdwane firii adie.

19 Na ne wura tee ne yere nsɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ: Saa adeɛ yi na w’akoa no ayɛ me no, ne bo fui.

20 Na Yosef wura no faa no de no kɔtoo afiase, deɛ ɔhene nneduafoɔ guo, na ɔdaa afiase hɔ.

Onyankopɔn di Yosef akyi

21 Na AWURADE dii Yosef akyi, na ɔdom no, na ɔmaa n’anim baa nyam wɔ afiasehwɛni no anim.

22 Na afiasehwɛni no de nneduafoɔ a wɔwɔ afiase hɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa, na biribiara a na wɔyɛ no wɔ hɔ no, ɔno na na ɔhwɛ soɔ.

23 Afiasehwɛni no anha ne ho anhwɛ biribiara a ɛwɔ Yosef nsam, ɛfiri sɛ AWURADE dii n’akyi, na deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, AWURADE maa no yɛɛ yie.

Gyenesis 40

Yosef kyerɛ nneduafoɔ daeɛ ase

1 Na ɛbaa sɛ akyire yi Misraimhene nsahyɛni ne ne paanootoni fom wɔn wura, Misraimhene no.

2 Na Farao bo fuu n’apiafoɔ baanu no, nsahyɛfoɔ panin ne paanootofoɔ panin no.

3 Na ɔde wɔn kɔguu afiase wɔ ankɔbeafoɔ panin no fie, faako a Yosef da hɔ.

4 Na ankɔbeafoɔ panin no maa Yosef hwɛɛ wɔn so som wɔn; na wɔkyɛree afiase hɔ kakra.

5 Na Misraimhene nsahyɛni ne ne paanootoni a na wɔgu afiase hɔ no baanu nyinaa sosoo daeɛ anadwo korɔ, ɛsono oyi daeɛ ne n’asekyerɛ, na ɛsono oyi nso daeɛ.

6 Na Yosef kɔɔ wɔn nkyɛn anɔpa kɔhwɛɛ wɔn, na hwɛ, na wɔayeyɛ mosomosoo.

7 Na ɔbisaa Farao apiafoɔ a wɔne no gu afiase wɔ ne wura fie no sɛ: Adɛn nti na nnɛ mo anim ayɛ bosabosaa sɛɛ?

8 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛasoso daeɛ, nso obiara nni hɔ a ɔbɛkyerɛ aseɛ. Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nkyerɛaseɛ mfiri Onyankopɔn hɔ anaa? Monka nkyerɛ me ɛ!

9 Ɛnna nsahyɛfoɔ panin no kaa ne daeɛ no kyerɛɛ Yosef sɛ: Me daeɛ mu no, na hwɛ, bobe bi si m’anim,

10 na bobe no apae nkorabata mmiɛnsa, na ayɛ sɛdeɛ ɛrefefɛ, na anyini agu nhyerɛne, na abɔ esia ayɛ aba a abereɛ.

11 Na Farao kuruwa kura me, na metetee bobe aba no mekyi guu Farao kuruwa no mu, na mede kuruwa no hyɛɛ Farao nsa.

12 Na Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: Ne nkyerɛaseɛ nie: Nkorabata mmiɛnsa no yɛ nnansa.

13 Na aka nnansa na Farao ayi wo afiri ha de wo asane akɔdi wo dibea bio, na wode Farao kuruwa ahyɛ ne nsa sɛ kane a na woyɛ ne nsahyɛni no.

14 Nanso sɛ ɛyɛ a, kae me, na sɛ ɛsi wo yie a, yɛ me adɔeɛ, na bɔ me din kyerɛ Farao, na bɛyi me ɛdan yi mu,

15 ɛfiri sɛ wia na wɔwiaa me Hebrifoɔ asase soɔ, na ɛha nso menyɛɛ hwee a anka ɛsɛ sɛ wɔde me bɛto amena yi mu.

16 Na paanootofoɔ panin no hunuu sɛ nkyerɛaseɛ no yɛ no, ɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: Me nso, me daeɛ mu no, na hwɛ, paanoo nkɛntɛn mmiɛnsa a ɛsisi soɔ wɔ m’atifi.

17 Na kɛntɛn a ɛdi soro no mu na Farao anomu atɔduane nyinaa bi wɔ; na nnomaa redidi wɔ kɛntɛn no mu wɔ m’atifi.

18 Na Yosef buaa sɛ: Ne nkyerɛaseɛ nie: Nkyerɛnkyɛ mmiɛnsa no yɛ nnansa;

19 na aka nnansa na Farao ayi wo afiri ha, na wakɔsɛne wo dua so ma nnomaa adi wo nam afiri wo ho.

20 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛyɛ Farao awoda no, ɔtoo ne nkoa nyinaa pono, na ɔyii nsahyɛfoɔ panin ne paanootofoɔ mu panin no de wɔn baa ne nkoa anim;

21 na ɔsane de nsahyɛfoɔ mu panin no sii ne nsahyɛ so bio a ɔde kuruwa hyɛ Farao nsa.

22 Na paanootofoɔ panin no deɛ, ɔsɛnee no, sɛdeɛ Yosef kyerɛɛ wɔn aseɛ no.

23 Nanso nsahyɛfoɔ panin no ankae Yosef, na ne werɛ firii no.

Gyenesis 41

Yosef kyerɛ Farao daeɛ ase

1 Na mfeɛ mmienu akyiri no, Farao soo daeɛ, na hwɛ, ɔgyina Nil asubɔnten no ho.

2 Na hwɛ, anantwibereɛ nson a wɔn ho yɛ fɛ na wɔn ho tua wɔn ho firi asubɔnten no mu ba bɛdidii ɛserɛ no mu.

3 Na hwɛ, anantwibereɛ nson foforɔ a wɔn ho yɛ tane na wɔafomfɔn nso firi asubɔnten no mu dii wɔn akyiri bae. Na wɔbɛgyinaa anantwie nson no nkyɛn wɔ asubɔnten no nsunoa.

4 Na anantwie a wɔn ho yɛ tane na wɔafomfɔn no memenee nson a wɔn ho yɛ fɛ na wɔn ho tua wɔn ho no. Na Farao nyanee.

5 Na ɔsane soo daeɛ bio, na hwɛ, ayuo mmɛtem nson a ɛtoatoa soɔ na abɔ ma refifiri wɔ nan korɔ so.

6 Na hwɛ, mmɛtem nson nkorowankorowa a apueeɛ mframa akusa no fifiri dii akyire bae.

7 Na mmɛtem nkorowankorowa no memenee mmɛtem nson a ɛtoatoa soɔ na ayuo wɔ mu no. Na Farao nyanee, na hwɛ, ɛyɛ daeɛ.

8 Na anɔpa no ne ho dwanee no, na ɔsoma maa wɔkɔfrɛfrɛɛ Misraim atwerɛfoɔ nyinaa ne ɛhɔ anyansafoɔ nyinaa, na Farao kaa ne daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso obiara antumi ankyerɛ no aseɛ.

9 Ɛnna nsahyɛfoɔ mu panin no ka kyerɛɛ Farao sɛ: Makae me mfomsoɔ nnɛ.

10 Berɛ a Farao bo fuu ne nkoa na ɔde me ne paanootofoɔ panin no kɔtoo afiase wɔ ankɔbeafoɔ panin fie no,

11 yɛsosoo daeɛ anadwo korɔ no ara, me ne no na ɛsonsono yɛn daeɛ a yɛsosoeɛ ne ebiara nkyerɛaseɛ.

12 Na Hebrini aberanteɛ bi a ɔyɛ ankɔbeafoɔ panin no akoa ne yɛn na ɛwɔ hɔ, na yɛkekaa yɛn daeɛ kyerɛɛ no no, ɔkyerɛɛ yɛn yɛn daeɛ no ase, sɛdeɛ ebiara teɛ.

13 Na sɛdeɛ ɔkyerɛɛ yɛn aseɛ no, saa ara na ɛbaeɛ. Wɔde me sane kɔdii me dibea, na ɔno deɛ, wɔsɛnee no.

14 Na Farao soma maa wɔkɔfrɛɛ Yosef, na wɔyɛɛ ntɛm yii no firii afiase hɔ; na ɔyii ne tirinwi, na ɔsakyeraa ne ntadeɛ, na ɔbaa Farao anim.

15 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Maso daeɛ, nso obiara nni hɔ a ɔtumi kyerɛ aseɛ; na wo na mate wo nka sɛ, wote daeɛ a, wotumi kyerɛ aseɛ.

16 Na Yosef buaa Farao sɛ: Ɛnni me fam, na mmom Onyankopɔn na ɔmfa mmuaeɛ pa mma Farao.

17 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Me daeɛ mu no, hwɛ, na megyina Asubɔntene Nil nsunoa.

18 Na hwɛ, anantwie nson a wɔn ho tua wɔn ho na wɔn ho yɛ fɛ firi nsuo no mu ba bɛdidii wɔ wiram hɔ.

19 Na hwɛ, anantwie nson foforɔ nso a wɔyɛ kanyaa na wɔn ho yɛ tane yie, na wɔafomfɔn a menhunuu wɔn ho tane no so bi wɔ Misraim asase nyinaa so da dii wɔn akyiri bae.

20 Na anantwie a wɔafomfɔn na wɔn ho yɛ tane no memenee kane anantwie nson a wɔadɔre no.

21 Na wɔduruu wɔn yafunu mu no, obi anhunu sɛ wɔaduru wɔn yafunu mu, na wɔn ho da so yɛ tane sɛ kane no ara. Ɛnna menyaneeɛ.

22 Na mehunuu wɔ me daeɛ mu sɛ ayuo mmɛtem nson a ɛtoatoa soɔ na abɔ ma refifiri nan korɔ so.

23 Na hwɛ, mmɛtem nson a ahoa na ɛyɛ ntraantraa na apueeɛ mframa ama no akusa dii akyire fifirii.

24 Na mmɛtem ntraantraa no memenee mmɛtem nson a ɛyɛ no. Na maka makyerɛ atwerɛfoɔ no, nso obiara antumi ankyerɛ me aseɛ.

25 Na Yosef ka kyerɛɛ Farao sɛ: Farao daeɛ no yɛ bafua; Onyankopɔn rekyerɛ Farao deɛ ɔrebɛyɛ.

26 Anantwie pa nson no yɛ mfeɛ nson, na mmɛtem nson pa no nso yɛ mfeɛ nson; ɛyɛ daeɛ korɔ.

27 Na anantwie nson a wɔafomfɔn a wɔn ho yɛ tane a wɔdii wɔn akyiri baeɛ no ne mmɛtem nson nkorowankorowa a apueeɛ mframa akusa no bɛyɛ mfirinhyia nson kɔm.

28 Asɛm no te sɛ deɛ maka makyerɛ Farao no ara. Deɛ Onyankopɔn rebɛyɛ no na ɔde akyerɛ Farao yi:

29 Hwɛ, mfirinhyia nson reba a aduane bebree bɛba Misraim asase nyinaa soɔ.

30 Na ɛno akyiri no, ɛkɔm bɛba mfirinhyia nson ama nnipa werɛ afiri aduane bebrebe no nyinaa wɔ Misraim asase so, na ɛkɔm no bɛhye asase no.

31 Na ɛkɔm a ɛbɛdi akyire no nti wɔrenhunu asase no so aduane bebrebe no bio, ɛfiri sɛ ɛkɔm no mu bɛyɛ dendeenden.

32 Na daeɛ no a ɛyɛɛ mmɔho mmienu maa Farao no ase ne sɛ, Onyankopɔn ahyɛ saa adeɛ no ampa, na Onyankopɔn rebɛyɛ no ntɛmntɛm.

33 Na afei ma Farao nhwehwɛ onipa a ɔyɛ ɔbadwemma ne onyansafoɔ mfa no nsi Misraim asase so.

34 Na Farao nyɛ yei, na ɔnsisi asase no so ahwɛfoɔ, na wɔnnyegye Misraim asase so aduane so ntotosoɔ nnum nnum mfeɛ nson a aduane bebree wɔ mu no mu.

35 Na ma wɔmmoaboa mfirinhyia pa a ɛrebɛba yi mu aduane nyinaa ano, na wɔmfa ayuo ngugu asan so sɛdeɛ Farao bɛhyɛ, na ɛnyɛ nkuro mu aduane, na wɔmfa nsie.

36 Na ayɛ aduane a wɔakora ama asase no de asie mfirinhyia nson kɔm a ɛbɛba Misraim asase soɔ no, na asase no ansɛe wɔ ɛkɔm no mu.

Yosef animuonyamhyɛ

37 Na asɛm no sɔɔ Farao ne ne nkoa nyinaa ani.

38 Na Farao ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Yɛbɛtumi anya onipa bi a ɔte sɛ oyi a Nyankopɔn honhom wɔ ne mu yi anaa?

39 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Ɛnam sɛ Onyankopɔn de yei nyinaa akyerɛ woɔ yi, obiara nni hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma ne onyansafoɔ sɛ woɔ.

40 Wobɛdi me fie so, na w’anomu asɛm so na me man nyinaa bɛdie, gye ahennwa nko so na mɛsene woɔ.

41 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, mede wo masi Misraim asase nyinaa so.

42 Na Farao yii nsɔanokaa firii ne nsa de hyɛɛ Yosef nsa, na ɔhyɛɛ no nwera pa atadeɛ, na ɔde sika atweaban too ne kɔn mu.

43 Na ɔmaa no tenaa ne teaseɛnam a ɛtɔ so mmienu mu, na wɔteaa mu dii n’anim sɛ: Monkoto! Na ɔde no sii Misraim asase nyinaa so.

44 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Mene Farao, na obiara renkwati wo nyɛ biribiara wɔ Misraim asase nyinaa so.

45 Na Farao frɛɛ Yosef Safnat-panea. Na ɔde On sɔfoɔ Potifera babaa Asnat maa no awareɛ.

46 Na Yosef kɔgyinaa Misraimhene Farao anim no, na wadi mfirinhyia aduasa. Na Yosef firii Farao anim hɔ kɔkyinii Misraim asase nyinaa so.

47 Na ahotɔ mfeɛ nson no mu no, aduane pii baa asase no so maa no buu so.

48 Na ɔboaboaa mfeɛ nson a ɛbaa Misraim asase soɔ no mu aduane nyinaa ano, na ɔde aduane no siee nkuro no mu; nkuraa a atwa ahyia no mu aduane na ɔde siee nkuro no mu.

49 Na Yosef boaboaa ayuo ano pii pa ara sɛ mpoano anwea de kɔsii sɛ wɔgyaee kan, ɛfiri sɛ na ɛnni ano.

50 Na wɔwoo mma baanu maa Yosef ansa na ɛkɔm mfirinhyia no reduro; wɔn na On sɔfoɔ Potifera ba Asnat wo maa no.

51 Na Yosef too abakan no din Manase, ɛfiri sɛ ɔse: Onyankopɔn ama me werɛ afiri m’amaneɛ ne m’agya fie nyinaa.

52 Na ɔtoo deɛ ɔtɔ so mmienu no din Efraim, ɛfiri sɛ ɔse: Onyankopɔn ama madɔ wɔ m’amanehunu asase yi so.

53 Na ahotɔ a ɛbaa Misraim asase so mfeɛ nson no to twae.

54 Na ɛkɔm mfeɛ nson no firii aseɛ bae, sɛdeɛ Yosef kaeɛ no, na ɛkɔm baa nsase nyinaa so na Misraim asase nyinaa so deɛ, na aduane wɔ hɔ.

55 Na ɛberɛ a ɛkɔm kaa Misraim asase nyinaa no, na ɔman no kɔsu kɔm kyerɛ Farao. Na Farao ka kyerɛɛ Misraim nyinaa sɛ: Monkɔ Yosef nkyɛn, deɛ ɔbɛka akyerɛ mo no, monyɛ.

56 Na ɛkɔm no baa asase no so nyinaa. Na Yosef buebuee aduanekora adan no nyinaa, na ɔtɔnee aburoo maa Misraimfoɔ no, na ɛkɔm no mu yɛɛ den Misraim asase so.

57 Na aman nyinaa baa Misraim bɛtɔɔ aduane wɔ Yosef nkyɛn, ɛfiri sɛ ɛkɔm no mu yɛɛ den wɔ asase no nyinaa so.

Gyenesis 42

Yakob soma ne mma aduanetɔ

1 Na Yakob hunuu sɛ aduane wɔ Misraim no, ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ: Adɛn na mohwehwɛ mo ho anim yi?

2 Na ɔse: Monhwɛ, mate sɛ aduane wɔ Misraim. Monsiane nkɔ hɔ nkɔtɔ bi wɔ hɔ mmrɛ yɛn, na yɛntena ase, na yɛanwu.

3 Ɛnna Yosef nuanom mu du siane kɔɔ Misraim aduanetɔ.

4 Na Yosef nua Benyamin deɛ, Yakob ansoma no anka ne nuanom no ho ankɔ, na ɔse: Ebia na mmusuo bi ato no.

5 Na Israel mma no de wɔn ho fraa wɔn a wɔbaa aduanetɔ no mu, ɛfiri sɛ na ɛkɔm no aba Kanaan asase so bi.

6 Na Yosef ne asase no so tumfoɔ, ɔne deɛ ɔtɔn aduane ma asase no sofoɔ nyinaa. Na Yosef nuanom ba bɛkotoo no de wɔn anim butubutuu fam.

7 Na Yosef ani bɔɔ ne nuanom no anim no, ɔhunuu wɔn, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛ ɔnanani wɔ wɔn anim, na ɔpoopoo n’ani kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛhe na mofiri baeɛ? Na wɔse: Yɛfiri Kanaan asase so na yɛbaa aduanetɔ.

8 Na Yosef hunuu ne nuanom no; na wɔn deɛ, wɔanhu no.

9 Na Yosef kaee daeɛ a ɔsosoo no wɔn ho no; na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moyɛ akwansrafoɔ, asase yi adagya na morebɛhwehwɛ.

10 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, me wura, na aduanetɔ na wo nkoa baeɛ.

11 Yɛn nyinaa yɛ ɔbarima baako mma, yɛyɛ anokwafoɔ, wo nkoa nyɛ akwansrafoɔ.

12 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Dabi, na asase yi adagya na moreba abɛhwehwɛ.

13 Ɛnna wɔse: Wo nkoa yɛ anuanom dummienu. Yɛyɛ ɔbarima baako mma wɔ Kanaan asase so, na hwɛ, ɔkaakyire no wɔ yɛn agya nkyɛn nnɛ, na ɔbaako deɛ ɔnni hɔ.

14 Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ ɛteɛ ara ne sɛ meka mekyerɛɛ mo sɛ: Moyɛ akwansrafoɔ.

15 Yei ho na mɛsɔ mo ahwɛ: Sɛ Farao te aseɛ yi, moremfiri ha nkɔ gye sɛ mo nua kumaa no ba ha ansa.

16 Monsoma mo mu baako, na ɔnkɔfa mo nua no mmra, na mo deɛ, mongu afiase na wɔnhwehwɛ mo nsɛm mu, sɛ nokorɛ wɔ mu a; anyɛ saa deɛ a, sɛ Farao te aseɛ yi, moyɛ akwansrafoɔ.

17 Na ɔde wɔn kɔguu afiase mu nnansa.

18 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ yei, na montena ase, na me deɛ, mesuro Onyankopɔn.

19 Sɛ moyɛ anokwafoɔ a, momma wɔnkyere mo nuanom yi mu baako ntena mo nnedua fie ha, na mo deɛ, ɛkɔm a ɛwɔ mo afie mu nti, monsoa aduane nkɔ.

20 Na momfa mo nua kumaa no mmrɛ me, na mo nsɛm ayɛ nokorɛ, na moanwu. Na wɔyɛɛ saa.

21 Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ampa ara, yɛdi yɛn nua no ho fɔ, sɛ yɛhunuu n’ahohiahia, na ɔsrɛɛ yɛn mmɔborɔhunu, na yɛantie; enti na saa ɔhaw yi aba yɛn soɔ.

22 Na Ruben buaa wɔn sɛ: Manka ankyerɛ mo sɛ: Monnyɛ abɔfra no bɔne biara, na moantie? Na hwɛ, ne mogya na wɔrehwehwɛ yi.

23 Na wɔnnim sɛ Yosef te, ɛfiri sɛ ɔkyeame na ɔdi wɔn ntam yi wɔn ano.

24 Na ɔdanee ne ho firii wɔn nkyɛn kɔsui. Na ɔsane baa wɔn nkyɛn bio ne wɔn bɛkasae, na ɔyii Simeon wɔ wɔn mu, na ɔkyekyeree no wɔn anim hɔ ara.

Yosef nuanom sane kɔ Kanaan

25 Ɛnna Yosef hyɛɛ sɛ wɔmfa aburoo nhyehyɛ wɔn nkotokuo mama, na wɔnnane wɔn mu biara dwetɛ nhyɛ ne kotokuo mu, na wɔmma wɔn akwan so aduane. Na wɔyɛɛ wɔn saa.

26 Na wɔde wɔn aburoo no soasoaa wɔn mfunumu, na wɔfirii hɔ kɔe.

27 Na wɔn mu baako buee ne kotokuo ano sɛ ɔrema n’afunumu aduane wɔ asoɛeɛ no, ɔhunui, na hwɛ, na ne dwetɛ no hyɛ ne kotokuo ano.

28 Na ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Wɔadane me dwetɛ no ama me, na hwɛ, ɛhyɛ me kotokuo mu. Na wɔn akoma tutui, na wɔde ahopopoɔ sesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ɛdeɛn na Onyankopɔn ayɛ yɛn yi?

29 Na wɔbaa wɔn agya Yakob nkyɛn Kanaan asase so, na wɔkaa deɛ ɛyɛɛ wɔn nyinaa kyerɛɛ no sɛ:

30 Ɔbarima a ɔyɛ asase no wura no poopoo n’ani kasa kyerɛɛ yɛn, na ɔbuu yɛn asase no so akwansrafoɔ.

31 Na yɛsee no sɛ: Yɛyɛ anokwafoɔ, yɛnyɛ akwansrafoɔ.

32 Yɛyɛ yɛn agya mma anuanom dummienu, ɔbaako na ɔnni hɔ, na akumaa no wɔ yɛn agya nkyɛn wɔ Kanaan asase so seesei.

33 Na ɔbarima a ɔyɛ asase no wura no ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Yei na mede bɛhunu sɛ moyɛ anokwafoɔ: Monnya mo nua baako wɔ me nkyɛn, na momfa aduane nkɔ nkɔhwɛ mo afiafi,

34 na momfa mo nua kumaa no mmrɛ me, na mahunu sɛ monyɛ akwansrafoɔ, na moyɛ anokwafoɔ, na mayi mo nua no ama mo, na moadi asase yi so dwa.

35 Na ɛbaa sɛ wɔreyiyi wɔn nkotokuo mu adeɛ no, na hwɛ, wɔn mu biara dwetɛ boaa hyɛ ne kotokuo mu. Na wɔne wɔn agya hunuu wɔn dwetɛ mmoaa no, wɔsuroe.

36 Na wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moagye me nsam mma: Yosef nni hɔ, Simeon nni hɔ, na morebɛfa Benyamin nso akɔ. Me so na yei nyinaa ba!

37 Na Ruben ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Sɛ mamfa no mansane mammrɛ wo a, kum me mmammarima baanu. Fa no hyɛ me nsa, na mede no bɛsane abrɛ wo.

38 Na ɔse: Me ba ne mo renkɔ, ɛfiri sɛ ne nua awu, na aka ɔno nko, na sɛ mmusuo bi kɔto no wɔ kwan a morekorɔ no mu a, ɛnneɛ mode me dwono bɛkɔ Asamando awerɛhoɔ mu.