Eksodɔs 11

Misraim mmakan rebɛwuwu

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mɛma ɔhaw baako aba Farao ne Misraim so bio, na ɛno akyiri no, ɔbɛma moafiri ha akɔ koraa; pamo mpo na ɔbɛpamo mo afiri ha.

2 Afei kasa ma ɔman no nte sɛ: Mmarima ne mmaa mmisabisa wɔn nnamfonom hɔ dwetɛ nnwinneɛ ne sika nnwinneɛ.

3 Na AWURADE maa ɔman no anim baa nyam wɔ Misraimfoɔ anim; nso ɔbarima Mose no yɛ kɛseɛ pa wɔ Misraim asase no so wɔ Farao nkoa ne ɔman no anim.

4 Na Mose kaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Anadwo dasuo mu no, mɛfiri adi mafa Misraim,

5 na Misraim asase so mmakan nyinaa bɛwuwu, ɛfiri Farao abakan a ɔtena n’adwa soɔ so de kɔsi afenaa a ɔwɔ oyuyammoɔ akyire abakan ne mmoa mmakan nyinaa so.

6 Na osu kɛseɛ a ɛso bi mmaa da, na ɛso bi nso remma bio bɛba Misraim asase nyinaa so.

7 Na Israel mma nyinaa deɛ, ɔkraman mpo rentwe ne tɛkyerɛma ntia wɔn, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, na moahunu sɛ AWURADE apae Misraim ne Israel ntam.

8 Na wo nkoa yi nyinaa bɛsiane aba me nkyɛn abɛkoto me aka sɛ: Firi adi kɔ, wo ne ɔman a ɛdi w’akyire no nyinaa. Na ɛno akyiri no mɛfiri makɔ. Na ɔde abufuhyeɛ firii Farao nkyɛn kɔe.

9 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Farao rentie mo, na ama m’anwanwadeɛ adɔɔso wɔ Misraim asase so.

10 Na Mose ne Aaron yɛɛ anwanwadeɛ yi nyinaa wɔ Farao anim, na AWURADE pirim Farao akoma, na wamma Israelfoɔ no amfiri n’asase so ankɔ.

Eksodɔs 12

Twam no

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Misraim asase so sɛ:

2 Momfa bosome yi nyɛ abosome ti, na ɛnyɛ mo afe mu bosome a ɛdi kan.

3 Monka nkyerɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: Bosome yi da a ɛtɔ so du no, wɔmfa nnwammaa mmaako mmaako, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teteɛ; efie baako adwammaa baako.

4 Na sɛ efie no mufoɔ nnɔɔso sɛ wɔbɛdi adwammaa a, ma no ne deɛ ɔne no bɔ fipam mfa bi, sɛdeɛ akra no dodoɔ teɛ. Monkan adwammaa so nnipa sɛdeɛ ɛbɛso wɔn die.

5 Adwammaa a ɔnni dɛm na momfa, onini a wadi afe wɔ nnwanten anaa mmirekyie mu.

6 Na momfa no nsie nkɔduru bosome yi da a ɛtɔ so dunan; na Israel asafo mu no nyinaa nkɔku wɔn anwummerɛ.

7 Na wɔmfa mogya no bi nsra adan a wɔbɛdi wɔ mu no aponnwa mmienu ne aponnwatifi no ho.

8 Na wɔnni nam no anadwo no ara; wɔmfa ogya ntoto, na wɔmfa apiti ne fan nwononwono nni.

9 Monnni no amono, na mommfa nsuo nnnoa, na mmom momfa ogya ntoto no mua a, ne ti ne n’asrɛ ne n’ayamdeɛ nyinaa ka ho.

10 Na monnnya bi nnsie na adeɛ nnkye so. Na sɛ ebi ka na adeɛ kye so a, momfa ogya nhye.

11 Na sɛdeɛ monni no nie: Monkyekyere mo asene, na mo mpaboa nhyehyɛ mo nan, na mo mpoma nkurakura mo nsam, na monni no herɛ so. Ɛne AWURADE twam.

12 Na merebɛtwam Misraim asase so anadwo yi, na makum Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, na mɛbu Misraim anyame nyinaa atɛn, mene AWURADE.

13 Na mogya no nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma mo, afie a mowowɔ mu no mu, na sɛ mehunu mogya no a, masiane mo ho, na merebɔ Misraim asase a, ɔyaredɔm biara amma mo so ammɛsɛe mo.

14 Na ɛda yi nyɛ mo nkaeɛ, na monhyɛ ho fa mma AWURADE, mo awoɔ ntoatoasoɔ mu; monyɛ no afahyɛ, daa atorɔmudeɛ.

Apiti afahyɛ no

15 Nnanson na monni apiti. Da a ɛdi kan no ara na monyi mmɔreka nyinaa mfiri mo afie mu, ɛfiri sɛ obiara a ɔbɛdi mmɔreka paanoo firi da a ɛdi kan no de akɔsi da a ɛtɔ so nson no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri Israel mu.

16 Na da a ɛdi kan no monhyia nhyia kronkron, na da a ɛtɔ so nson no nso monhyia nhyia kronkron. Wɔnnyɛ adwuma biara wɔ mu, gye deɛ obiara bɛdie nko ho adwuma na monyɛ.

17 Na monhyɛ apiti fa no, ɛfiri sɛ saa da yi ara na meyii mo dɔm no firii Misraim asase soɔ. Ɛno nti monni da yi mo awoɔ ntoatoasoɔ mu nyɛ no daa atorɔmudeɛ.

18 Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ no momfiri apiti die ase nkɔsi bosome no da a ɛtɔ so aduonu baako anwummerɛ.

19 Nnanson na mommma wɔnnhunu mmɔreka wɔ mo afie mu, ɛfiri sɛ obiara a ɔbɛdi paanoo a emu aka no, ɔhɔhoɔ oo, deɛ wɔwoo no asase no soɔ oo, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri Israel asafo mu.

20 Monnni biribiara a emu aka. Monni apiti mo tenabea nyinaa.

Twam afahyɛ mfitiaseɛ

21 Ɛnna Mose frɛɛ Israel mpanimfoɔ nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyiyi nnwan mfa, sɛdeɛ mo mmusua teɛ, na monkum twam aboa no.

22 Na momfa adwera esia mmɔ mogya a ɛwɔ yaawa mu no mu, na momfa yaawa no mu mogya no bi nsra aponnwatifi ne aponnwa mmienu no ho, na mo mu biara mmfiri adi mmfiri ne fie pono ano kɔsi anɔpa.

23 Ɛfiri sɛ AWURADE bɛtwam abobɔ Misraimfoɔ, na sɛ ɔhunu mogya no wɔ aponnwatifi ne aponnwa mmienu no ho a, AWURADE bɛsiane pono no ho, na ɔremma ɔsɛefoɔ no kwan mma ɔmma mo afie mmɛbobɔ mo.

24 Na monni asɛm yi so, na ɛnyɛ ahyɛdeɛ mma wo ne wo mma nkɔsi daa.

25 Na sɛ moduru asase a AWURADE de bɛma mo sɛdeɛ ɔkaeɛ no so a, monni ɛsom yi so.

26 Na sɛ mo mma bisa mo sɛ: Mo som yi aseɛ ne sɛn a,

27 monka sɛ: Ɛyɛ twam afɔdeɛ a yɛbɔ ma AWURADE a ɔsianee Israelfoɔ afie ho wɔ Misraim, ɛda a ɔbobɔɔ Misraimfoɔ na ɔyii yɛn afie firii mu.

28 Na ɔman no nyinaa bobɔɔ wɔn mu ase sɔree. Na Israelfoɔ sii mu kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose ne Aaron no.

Wɔkum Misraimfoɔ mmakan

29 Na anadwo dasuo mu no, AWURADE bobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri Farao abakan a ɔtena n’adwa soɔ so de kɔsi dommum a ɔwɔ deduadan mu abakan so ne afieboa mmakan nyinaa.

30 Ɛnna Farao sɔree anadwo no ara, ɔne ne nkoa nyinaa ne Misraimfoɔ nyinaa, na esu kɛseɛ baa Misraim, ɛfiri sɛ na efie biara nni hɔ a efunu nni mu.

31 Na Farao frɛɛ Mose ne Aaron anadwo no kaa sɛ: Monsɔre mfiri me man mu, mo ne Israelfoɔ no, na monkɔ nkɔsom AWURADE, sɛdeɛ mokaeɛ no.

32 Mo nnwan ne mo anantwie nso, momfa wɔn, sɛdeɛ mokaeɛ no, na monkɔ, na monhyira me nso.

33 Na Misraimfoɔ piapiaa ɔman no sɛ wɔnyɛ ntɛm mfiri asase no so, ɛfiri sɛ wɔse: Yɛn nyinaa rewuwu.

34 Na ɔman no soasoaa wɔn mmɔre ansa na ɛreka, kyekyeree wɔn mmɔre nkodoɔ wɔ wɔn ntoma mu de sisii wɔn kɔn ho.

35 Na Israelfoɔ no yeyɛɛ sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ wɔn no, na wɔbisabisaa Misraimfoɔ hɔ dwetɛ nnwinneɛ, sika nnwinneɛ ne ntoma.

36 Na AWURADE maa ɔman no anim baa nyam, Misraimfoɔ anim, na wɔde deɛ wɔbisaeɛ maa wɔn. Na wɔfaa Misraimfoɔ agyapadeɛ no kɔe.

Israelfoɔ firi Misraim

37 Na Israelfoɔ no sii mu firii Rameses kɔɔ Sukot, wɔbɛyɛ mmarima a wɔnam ɔnammɔn mu mpem ahansia, wɔankan mmaa ne mmɔfra anka ho.

38 Na afrafrafoɔ pii nso ne wɔn kɔe, ne nnwan ne anantwie, mmoa pii pa ara.

39 Na wɔde mmɔre a wɔde firi Misraim baeɛ no totoo apiti ɔfam, na na ɛnkae, ɛfiri sɛ Misraimfoɔ no pamm wɔn, a wɔantwentwɛn wɔn nan ase, na wɔannya kwan nso ansiesie akwansoduane.

40 Na Israelfoɔ tena a wɔtenaa Misraim no yɛ mfirinhyia ahanan aduasa.

41 Na mfeɛ ahanan aduasa no awieeɛ no, ɛda no ara na AWURADE asafo no nyinaa firii Misraim asase soɔ.

42 Ɛyɛ anadwo a AWURADE ankasa dii Israelfoɔ no afoofi na ɔyii wɔn firii Misraim asase so. Wɔhyɛ ho fa de ma AWURADE wɔ Israelfoɔ nyinaa mu wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu.

Twam no ho nhyehyɛɛ

43 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Yei ne twam no ho ahyɛdeɛ: Ɔnanani biara nnni bi.

44 Na obiara akoa a ɔde sika atɔ no no, twa no twetia ansa na wadi bi.

45 Mo nkyɛn tenafoɔ ne ɔpaani nnni bi.

46 Efie baako mu na wɔnnie, wɔmmfa nam no bi mmfiri fie hɔ mmfiri adi, na mommmu ne dompe bi.

47 Israel asafo nyinaa nyɛ saa.

48 Na sɛ obi abɛyɛ wo nkyɛn hɔhoɔ na ɔpɛ sɛ ɔdi twam ma AWURADE a, ma wɔntwa ne mmarima nyinaa twetia, na ɛno ansa na ɔmpinkyɛ mmɛdie, na ɔnyɛ sɛ deɛ wɔwoo no asase no soɔ; na momonoto biara deɛ, ɔnnni bi.

49 Mmara koro nna hɔ mma okuromani ne ɔhɔhoɔ a ɔbɛsoɛ mo mu.

50 Na Israelfoɔ nyinaa yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose ne Aaron no; saa ara na wɔyɛeɛ.

51 Na da no ara AWURADE yii Israelfoɔ no firii Misraim asase so, sɛdeɛ wɔn asafo teɛ.

Eksodɔs 13

Wɔde mmakan si hɔ ma AWURADE

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Yɛ mmakan nyinaa, Israelfoɔ mu adeɛ biara a ɛbue yafunu ano wɔ nnipa ne afieboa mu, kronkron ma me, na me dea.

Apiti afahyɛ no

3 Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monkae da yi a mofirii Misraim firii nkoa fie mu no, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii mofirii hɔ, na monnni mmɔreka paanoo.

4 Ɛnnɛ da yi, bosome Abib [a ɛte sɛ Oforisuo] so na morefiri Misraim.

5 Na sɛ AWURADE nya de wo duru Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase a ɔkaa wo nananom ntam sɛ ɔde bɛma woɔ, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so a, ɛno deɛ, fa ɛsom yi som no bosome yi mu.

6 Nnanson na di apiti, na da a ɛtɔ so nson no, hyɛ fa ma AWURADE.

7 Wɔnni apiti nnanson no, na mma wɔnnhunu wo nkyɛn mmɔreka paanoo anaa mmɔreka w’asase baabiara.

8 Na da no bɔ din kyerɛ wo ba sɛ: Deɛ AWURADE yɛɛ me berɛ a mefirii Misraim no ntira.

9 Na ɛnyɛ wo nsa so nsɛnkyerɛnneɛ ne w’aniwa ntam nkaeɛ adeɛ, na AWURADE mmara no atena w’anomu, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii wo firii Misraim.

10 Enti di atorɔmudeɛ yi so wɔ ne berɛ mu afe daa.

Mmakan no

11 Na sɛ AWURADE de wo duru Kanaanfoɔ asase so, sɛ deɛ ɔkaa wo ne wo nananom ntam, na ɔde ma wo a,

12 yi adeɛ biara a ɛbue yafunu ano ma AWURADE, na w’afieboa a wowɔ no mma nyinaa a wɔbue yafunu ano a wɔyɛ anini, fa ma AWURADE.

13 Na mfunumu mmakan nyinaa deɛ, fa odwan sesa, na sɛ woansesa a, bu ne kɔn mu. Na nnipa mmakan a wɔwɔ wo mmammarima mu nyinaa deɛ, sesa.

14 Na sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Yei aseɛ ne sɛn a, ka kyerɛ no sɛ: Nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim nkoasom mu.

15 Na Farao pirim n’akoma na ɔmpene sɛ ɔbɛma yɛakorɔ no, AWURADE kumm Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri nnipa mmakan so kɔsi afieboa mmakan so. Ɛno nti na me nso mede anini a ɛbue yafunu ano no nyinaa mebɔ AWURADE afɔdeɛ, nanso me mma mu mmakan nyinaa deɛ, mesesa.

16 Na ɛnyɛ wo nsa so nsɛnkyerɛnneɛ ne w’aniwa ntam nkaeɛ adeɛ, sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim.

Mununkum dum ne ogya dum

17 Na Farao maa ɔman no kwan no, Onyankopɔn amfa wɔn ankɔfa Filistifoɔ asase so kwan a ɛnwareɛ no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn se: Na ɔman no ankɔhunu dɔm annu wɔn ho, na wɔansane ankɔ Misraim.

18 Enti Onyankopɔn de ɔman no konton faa ɛserɛ so kwan a ɛda Ɛpo Kɔkɔɔ ho no so. Na Israelfoɔ no kaa ntoa firii Misraim asase so kɔe.

19 Na Mose faa Yosef nnompe no, ɛfiri sɛ Yosef aka Israelfoɔ ntam sɛ: Hwɛ na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo, na momfa me nnompe mfiri ha nkɔ.

20 Na wɔsii mu firii Sukot kɔkyeree nsraban wɔ Etam, wɔ ɛserɛ no ano.

21 Na AWURADE dii wɔn anim, awia, mununkum dum mu, sɛ ɔrekyerɛ wɔn kwan, na anadwo, ogya dum mu, sɛ ɔrema wɔn hann, na wɔnante awia ne anadwo.

22 Na mununkum dum no antwe ne ho na ogya dum no antwe ne ho anadwo amfiri ɔman no anim.

Eksodɔs 14

Israelfoɔ twa Po Kɔkɔɔ no

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Ka kyerɛ Israelfoɔ no ma wɔnnane nkɔkyere nsraban wɔ Pihahirot anim wɔ Migdol ne po ntam, wɔ Baalsefon anim; ne ntentensoɔ na monkyere nsraban no wɔ po no ano.

3 Na Farao bɛka no Israelfoɔ ho sɛ: Wɔrewɔ asase no so ntwɛtwɛdɛ, ɛserɛ aka wɔn atom.

4 Na mɛpirim Farao akoma ama no ati wɔn, na mɛhyɛ m’anim nyam Farao ne ne dɔm nyinaa so, na Misraimfoɔ ahunu sɛ mene AWURADE. Na Israelfoɔ yɛɛ saa.

5 Na wɔka kyerɛɛ Misraimhene sɛ ɔman no adwane kɔ. Na Farao ne ne nkoa akoma sakyerae wɔ ɔman no ho, na wɔse: Ɛdeɛn na yɛayɛ yi, sɛ yɛama Israel agyae yɛn som korɔ yi?

6 Na ɔsiesiee ne teaseɛnam, na ɔfaa ne man kaa ne ho,

7 na ɔfaa nteaseɛnam a wɔayie ahansia ne Misraim nteaseɛnam nyinaa ne nteaseɛnam no nyinaa so asahene.

8 Na AWURADE pirim Misraimhene Farao akoma maa no tii Israelfoɔ no, ɛfiri sɛ Israelfoɔ no de ahosɛpɛ kɛseɛ na ɛfiri kɔeɛ.

9 Na Misraimfoɔ tii wɔn, Farao nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa ne n’apɔnkɔfoɔ ne ne dɔm no, na wɔbɛtoo wɔn sɛ wɔakyere nsraban wɔ po no ano a ɛkyerɛ Pihahirot wɔ Baalsefon anim.

10 Na Farao bɛneeɛ no, Israelfoɔ no memaa wɔn ani so, na hwɛ, na Misraimfoɔ di wɔn akyiri reba. Na Israelfoɔ no suroo pii, na wɔsu frɛɛ AWURADE.

11 Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Adamena a ɛnni Misraim nti na woafa yɛn aba ha sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ soɔ yi? Ɛdeɛn nti na woayɛ yɛn sɛɛ yi, sɛ woyii yɛn firii Misraim baeɛ yi?

12 Ɛnyɛ asɛm a yɛkaa wo wɔ Misraim sɛ: Gyae ma yɛnsom Misraim, no nie? Ɛfiri sɛ ɛyɛ ma yɛn mmom sɛ anka yɛsom Misraim sene sɛ yɛbɛwuwu ɛserɛ so.

13 Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro, monnyina pintinn, na monhwɛ AWURADE nkwagyeɛ a ɔde rebɛkyerɛ mo nnɛ, na Misraimfoɔ a mohu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn da biara da bio.

14 AWURADE bɛko ama mo, na mo deɛ, monyɛ komm!

15 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Adɛn na wosu frɛ me? Ka kyerɛ Israelfoɔ ma wɔnkɔ wɔn anim.

16 Na wo deɛ, ma wo poma no so, na tene wo nsa ɛpo no so, na bae mu, na Israelfoɔ no nnante asase pɛsɛɛ so mfa po no mfimfini.

17 Na me deɛ, hwɛ, mɛpirim Misraimfoɔ akoma, na wɔabɛdi wɔn akyi, na mɛhyɛ m’anim nyam wɔ Farao ne ne dɔm nyinaa, ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ no so,

18 na Misraimfoɔ no ahunu sɛ mene AWURADE, sɛ mahyɛ m’anim nyam wɔ Farao ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ no so.

19 Ɛnna Nyankopɔn bɔfoɔ a ɔdi Israel dɔm anim no twee ne ho bɛdii wɔn akyire, na mununkum dum no firii wɔn anim bɛgyinaa wɔn akyi,

20 na ɛbɛfirii Misraim dɔm ne Israel dɔm ntam, na ɛyɛ mununkum ne esum, nanso ɛma hann anadwo, na amma yeinom antumi ammɛn yeinom anadwo no nyinaa.

21 Na Mose tenee ne nsa ɛpo no so. Na AWURADE de apueeɛ mframa denden maa ɛpo no kɔe anadwo no nyinaa, na ɔdanee po no maa no yɛɛ asase pɛsɛɛ, na nsuo no mu baee.

22 Na Israelfoɔ no nam asase pɛsɛɛ so faa ɛpo no mfimfini, na nsuo no yɛɛ wɔn ɔfasuo wɔn nifa ne wɔn benkum.

23 Na Misraimfoɔ tii wɔn, na wɔdii wɔn akyiri kɔɔ ɛpo no mfimfini, Farao apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ nyinaa.

24 Na anɔpa nsraberɛ mu no AWURADE faa ogya ne mununkum dum no hwɛɛ Misraim dɔm no, na ɔmaa Misraim dɔm no ho yeraa wɔn,

25 na ɔhwinhwan wɔn nteaseɛnam nan maa ne nanteɛ mu yɛɛ du. Na Misraimfoɔ no se: Momma yɛnnwane wɔ Israel anim, ɛfiri sɛ AWURADE ne Misraim reko ama wɔn.

26 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tene wo nsa ɛpo no so, na nsuo no nsane mmra Misraimfoɔ ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔfoɔ no so.

27 Ɛnna Mose tenee ne nsa ɛpo no soɔ, na adeɛ rekye anɔpa no, ɛpo no sanee n’akyi bɛsenee sɛdeɛ na ɛteɛ, na Misraimfoɔ no dwane bɛhyiae. Na AWURADE kaa wɔn guu po no mfimfini.

28 Na nsuo no sanee akyire bɛkataa Farao dɔm, nteaseɛnam ne apɔnkɔfoɔ a wɔtii wɔn baa ɛpo no mu no nyinaa so, wɔn mu baako mpo anka.

29 Na Israelfoɔ no nam asase pɛsɛɛ so faa ɛpo no mfimfini, na nsuo no yɛɛ wɔn ɔfasuo wɔn nifa ne wɔn benkum.

30 Na AWURADE gyee Israel nkwa da no firii Misraim nsam, na Israel hunuu Misraimfoɔ no sɛ wɔawuwu gu ɛpo no ano.

31 Na Israel hunuu nsa kɛseɛ a AWURADE de kyerɛɛ Misraim soɔ no, na ɔman no suroo AWURADE, na wɔgyee AWURADE ne n’akoa Mose dii.

Eksodɔs 15

Mose dwom

1 Ɛnna Mose ne Israelfoɔ too dwom yi maa AWURADE kaa sɛ:

Mɛto AWURADE dwom, na ma na wama ne ho soɔ,

ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no, wato wɔn agu ɛpo mu.

2 M’ahoɔden ne me dwontoɔ ne Yah, (AWURADE)

na wayɛ me nkwagyeɛ.

Ɔno ne me Nyankopɔn, na mɛkamfo no.

Ɔyɛ m’agya Nyankopɔn, na mɛma no so.

3 AWURADE yɛ dɔmmarima,

AWURADE ne ne din.

4 Farao nteaseɛnam ne ne dɔm no, wato wɔn agu ɛpo mu,

na n’akofoɔ a wɔayi wɔn no, wɔamemmem Ɛpo Kɔkɔɔ mu.

5 Ebunu akata wɔn so,

wɔamem kɔ aseɛ tɔnn sɛ ɔboɔ.

6 AWURADE, wode tumi ahyɛ wo nsa nifa animuonyam,

AWURADE, wo nsa nifa no dwɛre atamfoɔ no.

7 Na wo tumi a ɛso no ara na wode butu wɔn a wɔsɔre tia woɔ no.

Wosoma w’abufuhyeɛ ba, ɛhye wɔn sɛ nkyɛnkyɛmma.

8 Na wo hwene mu ahome mu na nsuo no ano boaeɛ;

asorɔkyeɛ gyinaa sɛ ekuo;

abunu kyekyeree ɛpo yam.

9 Ɔtamfoɔ no kaa sɛ:

Mɛti wɔn, mɛto wɔn, mɛkyɛ asase no mu, wɔbɛmee me kra.

Mɛtwe me nkrantɛ, me nsa bɛsɛe wɔn.

10 Wode wo mframa hui, ɛpo no kataa wɔn so;

wɔmemee sɛ sumpii wɔ nsu kɛseɛ no mu.

11 Hwan na ɔte sɛ woɔ, AWURADE, wɔ anyame mu?

Hwan na ɔte sɛ woɔ, kronkronyɛ mu onimuonyamfoɔ,

deɛ ne ho yɛ hu ayeyie mu, anwanwadeɛyɛfoɔ.

12 Wotenee wo nifa,

asase menee wɔn.

13 Wode w’adɔeɛ gyaa ɔman a woagye wɔn yi,

wode w’ahoɔden kyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ wo kronkronyɛ tenabea.

14 Aman tee, na wɔn ho wosoe,

ahopopoɔ kaa wɔn a wɔte Filistia.

15 Ɛno na Edom asafohempanin ho dwirii wɔn,

Moab ahoɔdenfoɔ no, nketenkete kutaa wɔn,

Kanaanfoɔ nyinaa hodwoe.

16 Ehu ne suro gu wɔn so,

wo basa kɛseyɛ nti wɔayeyɛ komm sɛ ɔboɔ,

kɔsi sɛ wo man bɛtwam, O AWURADE,

kɔsi sɛ ɔman a wogyee wɔn no bɛtwam.

17 Wode wɔn bɛba, na woabɛtɛ wɔn w’agyapadeɛ bepɔ no so,

AWURADE, faako a wode hɔ ayɛ wo tenabea,

kronkronbea a, AWURADE, wo nsa asiesie no.

18 AWURADE bɛdi hene de bɛkɔ akɔsi daa daa.

Miriam dwom

19 Na Farao apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ baa ɛpo no mu, na AWURADE maa ɛpo no sane bɛkataa wɔn so, na Israelfoɔ no nam asase pɛsɛɛ so faa ɛpo no mfimfini.

20 Na odiyifoɔ baa Miriam a ɔyɛ Aaron nua no faa akasae kurae, na mmaa no nyinaa de akasae ne asa firi dii n’akyi.

21 Na Miriam gyee wɔn so sɛ:

Monto AWURADE dwom, na ma na wama ne ho soɔ;

ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no, wato wɔn agu ɛpo mu.

Mara nsuo a ɛyɛ nwono

22 Ɛnna Mose maa Israel tu firii Ɛpo Kɔkɔɔ ho, na wɔfiri hɔ kɔɔ Sur serɛ so; na wɔnantee ɛserɛ no so nnansa, na wɔnnya nsuo.

23 Na wɔduruu Mara no, na wɔntumi nnom Mara nsuo, ɛfiri sɛ ɛyɛ nwono. Enti wɔtoo hɔ din Mara.

24 Na ɔman no kasaa huhuhuhu tiaa Mose sɛ: Ɛdeɛn na yɛnnom?

25 Na ɔsu frɛɛ AWURADE, na AWURADE kyerɛɛ no dua bi, na ɔde too nsuo no mu, na nsuo no yɛɛ dɛ. Ɛhɔ na ɔhyɛɛ ahyɛdeɛ ne atemmuo maa wɔn, na ɛhɔ nso na ɔsɔɔ wɔn hwɛeɛ,

26 na Mose kaa sɛ: Sɛ wobɛtie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na woayɛ deɛ ɛtene wɔ n’anim, na woatie ne mmara nsɛm, na woadi n’ahyɛdeɛ nyinaa so a, ɛnneɛ meremfa yadeɛ a mede meguu Misraim soɔ no biara mengu wo so; na mene AWURADE, wo yaresafoɔ no.

27 Na wɔduruu Elim a nsubura dummienu ne akyiresua aduɔson wɔ no. Na wɔkyeree nsraban wɔ nsuo no so hɔ.

Eksodɔs 16

Onyankopɔn ma wɔn aduane firi soro

1 Na wɔtu firii Elim, na Israelfoɔ asafo no nyinaa baa Sin serɛ a ɛda Elim ne Sinai ntam no so. Wɔfirii Misraim asase soɔ no, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so dadu nnanum ne no.

2 Na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron ɛserɛ so hɔ.

3 Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anka AWURADE mma yɛnwuwu ne nsa ano, Misraim asase a na yɛtete nam nkukuo ho na yɛdidi meeɛ no so! Na moayi yɛn aba ɛserɛ yi so sɛ mode ɛkɔm rebɛkunkum asafo mu yi nyinaa.

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, merebɛma aduane afiri soro atɔ ama mo, na ɔman no mfiri adi da biara nkɔtase deɛ ɛbɛso wɔn ano da koro, na mensɔ wɔn menhwɛ sɛ wɔbɛdi me mmara so anaasɛ wɔrenni so.

5 Na da a ɛtɔ so nsia no, wɔresiesie deɛ wɔfa no a, nyɛ deɛ wɔtase daa no mmɔho.

6 Na Mose ne Aaron ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ: Anwummerɛ na mobɛhunu sɛ AWURADE na ɔyii mo Misraim asase soɔ;

7 na anɔpa na mobɛhunu AWURADE animuonyam, ɛfiri sɛ wate mo anwiinwii a monwiinwii tia AWURADE no; na yɛn deɛ, yɛne hwannom a monwiinwii tia yɛn?

8 Na Mose se: AWURADE bɛma mo nam adi anwummerɛ, ne aduane adi amee anɔpa, ɛfiri sɛ AWURADE ate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no; na yɛn ne hwannom koraa? Ɛnyɛ yɛn na monwiinwii tia, na mmom AWURADE.

9 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Ka kyerɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa sɛ: Montwe mpini AWURADE anim, ɛfiri sɛ wate mo anwiinwii no.

10 Na Aaron rekasa akyerɛ Israelfoɔ asafo nyinaa no, wɔdanedanee wɔn ani kyerɛɛ ɛserɛ so, na hwɛ, AWURADE animuonyam yii adi mununkum no mu.

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mate Israelfoɔ anwiinwii no.

12 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Anwummerɛ mobɛdi nam, na anɔpa moadi aduane amee, na moahunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.

13 Na anwummerɛ no, mmoko maa wɔn ho so ba bɛkataa nsraban no so; na anɔpa no, obosuo guu nsraban no ho hyiae.

14 Na obosuo a ɛguiɛ no gyaeɛ no, na hwɛ, na biribi nkorowankorowa nketenkete gugu ɛserɛ no ani, nketenkete te sɛ fam bosuo nkyenkyeneeɛ.

15 Na Israelfoɔ no hunuiɛ no, wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Man hu?Ɛfiri sɛ na wɔnnim adekodeɛ. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei ne aduane a AWURADE de ama mo sɛ monnie no.

16 Asɛm a AWURADE ahyɛ nie: Montase bi sɛdeɛ obiara bɛdie, bɛyɛ olonka mmaako mmaako; sɛdeɛ mo nnipa dodoɔ yɛ na montase. Obiara ntase mma wɔn a wɔwɔ ne ntomadan mu no.

17 Na Israelfoɔ no yɛɛ saa; na wɔtasee, ebinom deɛ pii, ebinom deɛ kakraa bi.

18 Na wɔde olonka susui, na deɛ ɔtasee pii no annya akyire bi, na deɛ ɔtasee kakraa bi no anka no bi. Wɔn nyinaa tasee sɛdeɛ wɔbɛdie.

19 Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Obiara nnnya bi mmma adeɛ nnkye so.

20 Nanso wɔantie Mose, na ebinom gyaa bi ma adeɛ kyee so; na ɛdɔree mmoaa na ɛbɔnee. Na Mose bo fuu wɔn.

21 Na wɔtasee anɔpa anɔpa, obiara sɛdeɛ ɔbɛdie; na owia mu yɛ den a, na anane.

22 Na da a ɛtɔ so nsia no, wɔtasee aduane no mmɔho, ɔbaako deɛ olonka dummienu. Na asafo no mu mpanimfoɔ nyinaa ba bɛka kyerɛɛ Mose.

23 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Deɛ AWURADE aka nie: Ɔkyena yɛ ɔhome, homeda kronkron a wɔdi ma AWURADE, monto deɛ mowɔ to, na monnoa deɛ mowɔ noa; na deɛ ɛbɛka no, momfa nsie nkɔsi anɔpa.

24 Na wɔde sie kɔsii anɔpa, sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no; na ammɔn, nso na mmoaa biara nni mu.

25 Na Mose kaa sɛ: Monni no nnɛ, na ɛnnɛ yɛ homeda a wɔdi ma AWURADE; ɛnnɛ morenhunu bi wiram.

26 Nnansia na montase, na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda, ɛda no deɛ, ebi rentɔ.

27 Na da a ɛtɔ so nson no, nkurɔfoɔ no mu bi firii adi sɛ wɔrekɔtase, nanso wɔannya bi.

28 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mobɛpo m’ahyɛdeɛ ne me mmara so die akɔsi da bɛn?

29 Monhwɛ, sɛ AWURADE ama mo homeda nti na da a ɛtɔ so nsia no ɔma mo nnanu aduane; montenatena mo afie mu; mma obiara mmfiri adi mmfiri ne tenabea da a ɛtɔ so nson no.

30 Ɛnna ɔman no homee da a ɛtɔ so nson no.

31 Na Israelfoɔ frɛɛ aduane no “mana”; nso ɛte sɛ wisa aba fitaa, na ne dɛ te sɛ taterɛ a ɛwoɔ wɔ mu.

32 Na Mose kaa sɛ: Asɛm a AWURADE ahyɛ nie: Momfa ebi nhyɛ olonka ma mfa nsie awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba mo akyire no, na wɔahunu aduane a mede memaa mo diiɛ wɔ ɛserɛ soɔ berɛ a meyii mo Misraim asase soɔ no.

33 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa kuruwa bi, na fa mana olonka ma gu mu, fa si AWURADE anim, na wɔmfa nsie mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

34 Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, Aaron de sii Adanseɛ (Apam Adaka) no anim sɛ wɔde resie.

35 Na Israelfoɔ dii mana mfirinhyia aduanan de kɔsii sɛ wɔduruu asase bi a nkurɔfoɔ bi te soɔ so; wɔdii mana de kɔsii sɛ wɔduruu Kanaan asase no hyeɛ soɔ.

36 (Nso olonka yɛ efa du mu baako.)

Eksodɔs 17

Nsuo firi ɔbotan mu ba

1 Na Israelfoɔ asafo no nyinaa tu firii Sin serɛ no so, wɔn atutena a wɔdii no AWURADE anomu asɛm soɔ no mu, na wɔbɛkyeree nsraban wɔ Refidim, nso na nsuo a ɔman no bɛnom nni hɔ.

2 Enti ɔman no ne Mose hamee, na wɔse: Ma yɛn nsuo nnom. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na mo ne me ham? Adɛn nti na mosɔ AWURADE hwɛ?

3 Nanso sukɔm dee ɔman no wɔ hɔ; na ɔman no nwiinwii tiaa Mose kaa sɛ: Adɛn nti na woyii yɛn firii Misraim sɛ wode sukɔm rebɛkum yɛn, yɛn mma ne yɛn mmoa yi?

4 Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: Ɛdeɛn na mennyɛ memma ɔman yi? Aka kumaa na wɔasi me aboɔ.

5 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sene di ɔman no anim, na fa Israel mpanin mu bi ka wo ho, na fa wo poma a wode bɔɔ Asuo Nil mu no kura wo nsam kɔ.

6 Hwɛ, mɛgyina w’anim wɔ Horeb botan no so hɔ, na bɔ ɔbotan no, na nsuo bɛfiri mu aba, na ɔman no anom. Na Mose yɛɛ saa wɔ Israel mpanin no anim.

7 Na Israelfoɔ no ham ne sɔ a wɔsɔɔ AWURADE hwɛɛ sɛ “AWURADE wɔ yɛn mu anaasɛ ɔnni yɛn mu” no nti, ɔfrɛɛ hɔ Masane Meriba.

Wɔdi Amalek so nkonim

8 Na Amalek bae ne Israel bɛkoe wɔ Refidim.

9 Na Mose ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi mmarima ma yɛn, na firi adi kɔ, na wo ne Amalek nkɔko. Ɔkyena me deɛ, mɛgyina kokoɔ no atifi, na makura Nyankopɔn poma no wɔ me nsam.

10 Na Yosua yɛɛ sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ no no, ne Amalek kɔkoe, na Mose, Aaron ne Hur foroo kokoɔ no kɔɔ atifi.

11 Na sɛ Mose ma ne nsa so a, Israel di nim, na sɛ ɔgyaa ne nsam a, Amalek di nim.

12 Na Mose nsa yɛɛ duru, enti wɔfaa ɔboɔ de too n’ase, na ɔtenaa so, na Aaron ne Hur sosɔɔ ne nsa no mu, ɔbaako wɔ ha, na ɔbaako nso wɔ ha, na ne nsa no yɛɛ pintinn kɔsii sɛ owia tɔeɛ.

13 Na Yosua dwɛree Amalek ne ne man nkrantɛ ano.

14 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Twerɛ yei hyɛ nwoma bi mu fa yɛ nkaeɛ, na ka hyɛ Yosua aso mu sɛ pepa na mɛpepa Amalek nkaeɛ afiri asase so.

15 Na Mose sii afɔrebukyia, na ɔtoo din YHWH-nisi (aseɛ ne: AWURADE ne me frankaa),

16 na ɔkaa sɛ: AWURADE aka ntam, AWURADE ne Amalek bɛdi ako firi awoɔ ntoatoasoɔ so de akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.

Eksodɔs 18

Yetro ba Mose nkyɛn

1 Na Yetro, Midian sɔfoɔ a ɔyɛ Mose ase no tee nnoɔma a Onyankopɔn ayɛ ama Mose ne ne man Israel no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ayi Israel afiri Misraim no.

2 Na Yetro, Mose ase no, faa Mose yere Sipora a wama no asane korɔ no

3 ne ne mmabanin baanu no, ɔbaako din de Gersom, (ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: Mayɛ amannɔne hɔhoɔ),

4 na ɔbaako no nso din de Eliesa, (ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: M’agya Nyankopɔn ne me boafoɔ, na wayi me afiri Farao nkrantɛ ano).

5 Na Yetro, Mose ase no, ne ne mma no ne ne yere baa Mose nkyɛn wɔ ɛserɛ no so, faako a wabɛkyere nsraban hɔ, Nyankopɔn bepɔ no ho.

6 Na obi ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, w’ase Yetro, ne wo yere ne ne mma baanu reba wo nkyɛn.

7 Na Mose firii adi kɔhyiaa n’ase, na ɔkotoo no fee n’ano, na wɔkyeakyeaa wɔn ho wɔn ho, na wɔbaa ntomadan mu.

8 Na Mose kaa nnoɔma a Israel nti AWURADE ayɛ Farao ne Misraim nyinaa, ne amaneɛ a ɛtoo wɔn kwan no soɔ nyinaa, ne sɛdeɛ AWURADE yii wɔn no kyerɛɛ n’ase.

9 Na Yetro ani gyee papa a AWURADE ayɛ ama Israel sɛ ɔyii wɔn firii Misraimfoɔ nsam no nyinaa ho.

10 Na Yetro kaa sɛ: Nhyira nka AWURADE a ɔyii mo firii Misraimfoɔ ne Farao nsam no.

11 Afei na mahunu sɛ AWURADE yɛ kɛseɛ sene anyame nyinaa, ɛfiri sɛ ɔyii ɔman no firii Misraim nsam, berɛ a wɔredi wɔn so ahantansɛm.

12 Na Yetro, Mose ase no, de ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ brɛɛ Onyankopɔn. Na Aaron ne Israel mpanin nyinaa baa sɛ wɔne Mose ase rebɛdidi wɔ Nyankopɔn anim.

Wɔyiyi atemmufoɔ

13 Na adeɛ kyeeɛ no, Mose tenaa ase sɛ ɔresiesie ɔmanfoɔ no ntam asɛm; na ɔman no gyinaa Mose ho firi anɔpa kɔsii anwummerɛ.

14 Na Mose ase no hunuu deɛ ɔreyɛ ɔman no nyinaa no, ɔkaa sɛ: Ɛdeɛn ne deɛ woreyɛ ɔman no yi? Adɛn nti na wo nko ara wote hɔ, na ɔman no nyinaa gyinagyina wo ho firi anɔpa abɛduru anwummerɛ yi?

15 Na Mose ka kyerɛɛ n’ase sɛ: Ɔman no ba me nkyɛn bɛhwehwɛ Onyankopɔn hɔ akwankyerɛ.

16 Sɛ wɔnya asɛm bi a, wɔba me nkyɛn, na mesiesie onipa ne ne yɔnko ntam, na mekyerɛ wɔn Nyankopɔn ahyɛdeɛ ne ne mmara.

17 Na Mose ase no ka kyerɛɛ no sɛ: Deɛ woyɛ yi nyɛ.

18 Brɛ na wo ne ɔman a wɔka wo ho yi bɛbrɛ, ɛfiri sɛ adwuma yi yɛ den dodo ma wo, na wo nko ara rentumi nyɛ.

19 Afei tie me nne, mɛtu wo fo, na Onyankopɔn nni w’akyi: Wo deɛ, gyina Nyankopɔn anim ma ɔman no, na fa nsɛm no brɛ Onyankopɔn,

20 na kyerɛkyerɛ wɔn ahyɛdeɛ ne mmara ahodoɔ no mu, na ma wɔnhunu kwan ko a wɔmfa soɔ ne deɛ wɔnyɛ.

21 Na wo nso yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔfata, wɔsuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafoɔ na wɔnyɛ sikanibereɛ, na fa wɔn sisi wɔn so, apem apem so mpanin, ɔha ɔha so mpanin, aduonum aduonum so mpanin ne du du so mpanin.

22 Na wɔnsiesie ɔman no mu nsɛm berɛ nyinaa mu; na asɛnkɛseɛ biara deɛ, wɔmfa mmrɛ wo, na nsɛm nketewa nyinaa deɛ, wɔn ara wɔnni, na ama no ayɛ wo so hare, na wɔne wo asɔ mu.

23 Sɛ woyɛ yei sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛ wo yi a, ɛno na wobɛtumi agyina, na ɔman yi nyinaa nso bɛkɔ wɔn tenabea dwoodwoo.

24 Ɛnna Mose tiee n’ase asɛm no, na ɔyɛɛ deɛ ɔka kyerɛɛ no no nyinaa.

25 Na Mose yiyii Israel nyinaa mu nnipa a wɔfata, na ɔde wɔn sisii ɔman no so atitire, apem apem so, ɔha ɔha so, aduonum aduonum so, ne du du so mpanin.

26 Na wɔsiesie ɔman no mu nsɛm nyinaa, na nsɛm a ɛyɛ den no, wɔde brɛɛ Mose, na nsɛm nketewa deɛ, wɔn ara dii.

27 Na Mose kɔgyaa n’ase kwan, na ɔkɔɔ ɔno ara n’asase so.

Eksodɔs 19

Ɔman no duru Sinai

1 Da a Israelfoɔ sii mu firii Misraim asase soɔ no, ne bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa so pɛpɛɛpɛ na wɔduruu Sinai serɛ so.

2 Na wɔtu firii Refidim no, wɔbaa Sinai serɛ so bɛkyeree nsraban; na Israel kyeree nsraban Sinai bepɔ no anim hɔ.

3 Na Mose foro kɔɔ Nyankopɔn nkyɛn, na AWURADE firi bepɔ no so frɛɛ no sɛ: Sɛdeɛ ka kyerɛ Yakob fie, na ka kyerɛ Israelfoɔ no nie:

4 Mo ara moahunu deɛ meyɛɛ Misraim no ne sɛdeɛ mesoaa mo akɔdeɛ ntaban soɔ, na mede mo aba me nkyɛn yi.

5 Na afei sɛ mobɛtie me nne na moadi m’apam so a, ɛnneɛ, mobɛyɛ me ahodeɛ afiri aman nyinaa mu, na me na asase nyinaa wɔ me.

6 Na mo deɛ, mobɛyɛ me asɔfoɔ ahemman ne ɔman kronkron. Yeinom ne nsɛm a ka kyerɛ Israelfoɔ.

7 Na Mose ba bɛfrɛɛ ɔman no mpanimfoɔ, na ɔde nsɛm a AWURADE de hyɛɛ no yi nyinaa too wɔn anim.

8 Na ɔman mu no nyinaa buaa prɛko sɛ: Deɛ AWURADE aka nyinaa, yɛbɛyɛ. Na Mose sane kɔkaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE.

9 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, me deɛ, mereba wo nkyɛn mununkum tumm mu, na sɛ me ne wo kasa a, ɔman no ate, na wo nso wɔagye wo adi akɔsi daa. Na Mose kaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE.

10 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ ɔman no nkyɛn na dwira wɔn ho nnɛ ne ɔkyena, na ma wɔnsi wɔn ntadeɛ;

11 na wɔnsiesie wɔn ho nsie da a ɛtɔ so mmiɛnsa no; na saa da no, AWURADE bɛsiane ɔman no nyinaa anim aba bepɔ Sinai so.

12 Na bɔ ɔman no ho hyeban, na ka sɛ: Monhwɛ yie na moamforo bepɔ no anaasɛ moanka ne hyeɛ. Obiara a ɔbɛka bepɔ no no, wuo na ɔbɛwuo;

13 nsa biara nnka no, aboɔ na wɔnsi no anaasɛ agyan na wɔntoto no; aboa oo, onipa oo, ɔrennya nkwa: Sɛ wɔhyɛne totorobɛnto no twe mu a, wɔmforo bepɔ no.

14 Na Mose siane firii bepɔ no so baa ɔman no nkyɛn, na ɔdwiraa ɔman no ho, na wɔsii wɔn ntadeɛ.

15 Na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monsiesie mo ho nsie da a ɛtɔ so mmiɛnsa no. Monnkɔ mo yerenom ho.

16 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anɔpa no, aprannaa ne anyinam ne mununkum duruduro ne totorobɛnto nne a ɛyɛ den yie baa bepɔ no so. Na ɔman a wɔwɔ nsraban no mu nyinaa ho popoe.

17 Na Mose de ɔman no firii adi firii nsraban no mu kɔhyiaa Onyankopɔn, na wɔkɔgyinagyinaa bepɔ no ase.

18 Na wisie kataa Sinai bepɔ no so nyinaa, ɛfiri sɛ na AWURADE nam ogya mu asiane aba so, na ne wisie no tu kɔɔ soro sɛ fononoo mu wisie, na bepɔ no nyinaa wosoo biribiri.

19 Na totorobɛnto no nne kɔɔ so na ano yɛɛ den ara no, Mose kasae, na Onyankopɔn de nne kɛseɛ gyee so.

20 Na AWURADE siane baa Sinai bepɔ so wɔ n’atifi; na AWURADE frɛɛ Mose kɔɔ bepɔ no atifi, na Mose foro kɔe.

21 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Siane kɔbɔ ɔman no kɔkɔ, na wɔantra hyeban no amma AWURADE nkyɛn ammɛhwɛ, na wɔn mu pii antotɔ.

22 Na asɔfoɔ nso a wɔbɛn AWURADE no nnwira wɔn ho, na AWURADE anto anhyɛ wɔn so.

23 Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Ɔman no rentumi mforo mma Sinai bepɔ so, ɛfiri sɛ wo ara woabɔ yɛn kɔkɔ aka sɛ: Bɔ bepɔ no ho hyeban na yɛ no kronkron.

24 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Siane kɔ, na wo ne Aaron mforo mmra; na mma asɔfoɔ no ne ɔman no ntra hyeban no mmforo mmma AWURADE nkyɛn, na wanto anhyɛ wɔn so.

25 Na Mose siane baa ɔman no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn.

Eksodɔs 20

Mmara Nsɛm Du no

1 Na Onyankopɔn kaa nsɛm yi nyinaa sɛ:

2 Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so nkoafie mu no.

3 Nnya anyame foforɔ nka me ho.

4 Nyɛ ohoni biara anaa adeɛ a ɛwɔ wiem wɔ soro anaa deɛ ɛwɔ asase soɔ wɔ fam anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu wɔ asase ase nsɛsoɔ biara mfa; nkoto wɔn, na nsom wɔn.

5 Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufoɔ a metua nananom amumuyɛ so ka mefa mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan a wɔtane me soɔ,

6 na meyɛ mpempem a wɔdɔ me na wɔdi me mmara nsɛm soɔ adɔeɛ.

7 Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din kwa, na AWURADE remma deɛ ɔbɔ ne din kwa no mfa ne ho tɔtorɔtɔɔ.

8 Kae homeda, na yɛ no kronkron.

9 Nnansia na yɛ adwuma, na yɛ w’adeɛ nyinaa;

10 na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn; nyɛ adwuma biara, wo ne wo babanin ne wo babaa, w’akoa ne w’afenaa ne wo mmoa ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo fie apono mu.

11 Na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, na ɔhomee da a ɛtɔ so nson no; enti na AWURADE hyiraa homeda, na ɔyɛɛ no kronkron.

12 Di wo na ne w’agya ni, na wo nna aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.

13 Nni awu.

14 Nsɛe awadeɛ.

15 Mmɔ korɔno.

16 Nni wo yɔnko ho adansekurumu.

17 Mma w’ani mmmere wo yɔnko fie. Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere anaa n’akoa anaa n’afenaa anaa ne nantwie anaa n’afunumu anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.

Ɔman no suro

18 Na ɔman no nyinaa hunuu aprannaa ne anyinam a ɛpapaeɛ ne totorobɛnto nne ne bepɔ a ɛfiri wisie no. Na ɔman no hunuiɛ no, wɔn ho popoe, na wɔkɔgyinaa akyirikyiri.

19 Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo na wo ne yɛn nkasa, na yɛbɛtie; na mma Onyankopɔn ne yɛn nnkasa, na yɛanwuwu.

20 Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro, na Onyankopɔn rebɛsɔ mo ahwɛ, na ne ho hu atena mo ani so, na moanyɛ bɔne.

21

Afɔremmukyea ho mmara

# Na ɔman no gyinaa akyirikyiri, na Mose twe pinii esum kabii a Onyankopɔn wɔ mu no.

22 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ ka kyerɛ Israelfoɔ nie: Mo ara moahunu sɛ mefiri ɔsoro na me ne mo akasa.

23 Monnyɛ me so dwetɛ anyame anaa sika anyame biara mmfa.

24 Dɔteɛ afɔrebukyia na yɛ ma me, na ɛso na fa wo nnwan ne w’anantwie bɔ ɔhyeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na baabiara a mɛma wɔakae me din no, mɛba wɔn nkyɛn mabɛhyira wɔn.

25 Na sɛ worebɛyɛ aboɔ afɔrebukyia ama me a, mfa aboɔ a wɔatwa nsi; na sɛ woma w’adwinneɛ so bɔ so a, woagu ho fi.

26 Na mforo atwedeɛ nkɔ m’afɔrebukyia so, na w’adagya anna adi wɔ so.