Eksodɔs 1

Israelfoɔ amanehunu wɔ Misraim

1 Na yeinom ne Israel mma a wɔne Yakob baa Misraim no din. Wɔn mu biara ne ne fiefoɔ na ɛbaeɛ.

2 Ruben, Simeon, Lewi, Yuda,

3 Isakar, Sebulon, Benyamin,

4 Dan, Naftali, Gad ne Aser.

5 Na nnipa a wɔfiri Yakob asene mu nyinaa yɛ aduɔson. Na Yosef wɔ Misraim dada.

6 Na Yosef ne ne nuanom nyinaa ne wɔn berɛ sofoɔ no nyinaa wuwui.

7 Na Israel mma no wowoe, na wɔdɔree bebree, na wɔn ase kyenee, na wɔn ho yɛɛ den papaapa; na wɔyɛɛ asase no so ma.

8 Na ɔhene foforɔ bi sɔree Misraim a na ɔnnim Yosef.

9 Na ɔka kyerɛɛ ne man sɛ: Hwɛ, Israelfoɔ no dɔɔso, na wɔn ho yɛ den sene yɛn.

10 Momma yɛmfa nyansa kwan bi so ne wɔn nni, na wɔannɔɔso, na sɛ ɛsa bi ba a, wɔankɔka yɛn atamfoɔ ho ne yɛn ammɛko, na wɔansɔre asase yi so ankɔ.

11 Na wɔsisii wɔn so adwumayɛfoɔ so mpanimfoɔ sɛ wɔmfa nnesoadeɛ a emu yɛ duro nhyɛ wɔn so. Na wɔkyekyeree adekora nkuro Pitom ne Raamses maa Farao.

12 Nanso dodoɔ a wɔhyɛɛ wɔn soɔ no, dodoɔ no ara na wɔdɔreeɛ, na wɔtrɛe. Na Misraimfoɔ suroo Israelfoɔ no.

13 Na wɔde nyadie yaya dii Israelfoɔ.

14 Wɔmaa wɔn asetena fonoo wɔn wɔ dɔteɛ ne ntaayaa ho adwuma a ɛyɛ den ne afuom adwumayɛ ahodoɔ ne nnwuma ahodoɔ nyinaa mu nyadie yaya a wɔde dii wɔn mu.

15 Na Misraimhene ka kyerɛɛ Hebrifoɔ awogyefoɔ a wɔn mu baako din de Sifra, na ɔbaako din de Pua no sɛ:

16 Sɛ mokɔgye Hebrifoɔ mmaa awoɔ, na awoeɛ hɔ mohunu sɛ ɔyɛ ɔbarima a, monku no; na sɛ ɔyɛ ɔbaa deɛ a, momma no ntena ase.

17 Na awogyefoɔ no suro Onyankopɔn, enti wɔanyɛ sɛdeɛ Misraimhene ka kyerɛɛ wɔn no, na mmom wɔgyee mmarima no nkwa.

18 Na Misraimhene frɛɛ awogyefoɔ no bisaa wɔn sɛ: Adɛn nti na moyɛ saa, na momma mmarima no tena aseɛ?

19 Na awogyefoɔ no buaa Farao sɛ: Hebrifoɔ mmaa nte sɛ Misraimfoɔ mmaa, ɛfiri sɛ wɔn deɛ, wɔyɛ pirimpirim; awogyefoɔ no nnya nnuruu wɔn nkyɛn no, na wɔawo dada.

20 Enti Onyankopɔn ne awogyefoɔ no dii no yie. Na nkurɔfoɔ no dɔɔso ara, na wɔyɛɛ den yie.

21 Na ɛsiane sɛ awogyefoɔ no suro Onyankopɔn nti, ɔmaa wɔn afie mu yɛɛ yie.

22 Ɛnna Farao hyɛɛ ne man nyinaa sɛ: Ɔbabanin biara a wɔbɛwo no no, monkɔto no ntwene asubɔnten no mu, na mmammaa nyinaa deɛ, momma wɔntena ase.

Eksodɔs 2

Mose awoɔ

1 Na ɔbarima bi a ɔfiri Lewi fie kɔwaree Lewi babaa bi.

2 Na ɔbaa no nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbarima; na ɔhunuu sɛ ne ho yɛ fɛ no, ɔde no siee abosome mmiɛnsa.

3 Na ɔntumi nkora no bio no, ɔfaa mmɛwa adaka bi de ama ne ɛhyɛ sraa ho, na ɔde abɔfra no too mu, na ɔde kɔsii wira mu wɔ asuo no ano.

4 Na ne nuabaa kɔgyinaa akyirikyiri sɛ ɔrehwɛ deɛ ɛbɛyɛ no.

5 Na Farao babaa siane baa asuo no ano adwareɛ, na ne mmaawa repasa asuo no nsunoa. Berɛ a Farao babaa hunuu adaka no wɔ wira no mu no, ɔsomaa n’abaawa sɛ ɔnkɔfa mmra.

6 Na ɔbuee soɔ no, ɔhunuu akɔkoaa no, na hwɛ, na ɔyɛ abarimaa a ɔresu. Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔse: Hebrifoɔ mma no bi nie.

7 Ɛnna ne nuabaa no ka kyerɛɛ Farao babaa no sɛ: Menkɔ menkɔfrɛ Hebrifoɔ mmaa no mu nufomafoɔ bi memmrɛ wo, na ɔmmɛma akɔkoaa no nufoɔ mma wo anaa?

8 Na Farao babaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ! Na ababaa no kɔ kɔfrɛɛ abɔfra no na bae.

9 Na Farao babaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa abɔfra yi kɔ kɔma no nufoɔ ma me, na mɛtua wo ka. Na ɔbaa no faa abɔfra no kɔmaa no nufoɔ.

10 Na abɔfra no nyinii, na ɔde no kɔmaa Farao babaa no, na ɔdanee ne ba. Na ɔtoo no din Mose, ɛfiri sɛ ɔse: Nsuo mu na meyii no firiiɛ.

Mose dwane kɔ Midian

11 Na Mose nyiniiɛ no, da bi ɔfirii adi kɔɔ ne nuanom nkyɛn sɛ ɔrekɔhwɛ wɔn adwumayɛ no; na ɔhunuu sɛ Misraimni bi reboro ne nuanom mu bi a ɔyɛ Hebrini.

12 Na ɔhwɛɛ ha ne ha, na ɔhunuu sɛ obiara nni hɔ no, ɔbɔɔ Misraimni no kumm no, na ɔde no siee anwea mu.

13 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfirii adi, na hwɛ, na Hebrifoɔ baanu reko. Na ɔbisaa deɛ ɔdi fɔ no sɛ: Adɛn nti na woboro wo yɔnko?

14 Na ɔbuaa sɛ: Hwan na ɔde wo sii yɛn so otitire ne osennifoɔ? Wopɛ sɛ woku me sɛdeɛ wokum Misraimni no anaa? Na Mose suroe, na ɔse: Ampa ara, asɛm no apue!

15 Na Farao tee asɛm yi no, anka ɔrehwehwɛ Mose aku no, nanso Mose dwane firii n’anim kɔtenaa Midian asase so wɔ subura bi ho.

16 Nso na Midian sɔfoɔ Reuel wɔ mmammaa baason; na wɔba bɛtoo nsuo de hyehyɛɛ adaaseɛ no amaama sɛ wɔrema wɔn agya nnwan anom.

17 Na nnwanhwɛfoɔ bi ba bɛpamm wɔn; na Mose sɔre boaa wɔn, na ɔmaa wɔn nnwan no nomee.

18 Na wɔbaa wɔn agya Reuel nkyɛn no, ɔbisaa wɔn sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na ɛnnɛ deɛ, moaba ntɛm seyie?

19 Na wɔbuaa sɛ: Misraimni bi na ɔgyee yɛn firii nnwanhwɛfoɔ no nsam, na ɔtoo nsuo mpo maa yɛn, na ɔmaa nnwan no nomee.

20 Na ɔbisaa ne mmammaa no sɛ: Na ɔwɔ he? Adɛn nti na mogyaa ɔbarima no hɔ? Monkɔfrɛ no na ɔmmɛdidi.

21 Na Mose penee sɛ ɔne Midian sɔfoɔ no bɛtena. Na ɔde ne babaa Sipora maa Mose awareɛ.

22 Na ɔwoo ɔbabanin, na Mose too no din Gersom,ɛfiri sɛ ɔse: Mayɛ hɔhoɔ wɔ ananafoɔ asase so.

23 Na nna dodoɔ yi akyiri no, ɛbaa sɛ Misraimhene wui. Na nkoasom no nti Israelfoɔ no sii apini, na wɔsu frɛe, na wɔn sufrɛ no kɔduruu Nyankopɔn anim.

24 Na Onyankopɔn tee wɔn apinisie no, ɔkaee n’apam a ɔne Abraham ne Isak ne Yakob pameeɛ no.

25 Na Onyankopɔn hwɛɛ Israelfoɔ no, ɔhunuu wɔn tebea a wɔwɔ mu no.

Eksodɔs 3

Onyankopɔn frɛ Mose

1 Berɛ bi a Mose rehwɛ n’ase Yetro a ɔno ara ne Reuel, Midian sɔfoɔ nnwan no, ɔkaa wɔn de wɔn kɔɔ ɛserɛ no akyiri nohoa, kɔduruu Nyankopɔn bepɔ Horeb ho.

2 Na AWURADE bɔfoɔ bɛyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nkyɛkyerɛ bi mfimfini gyaframa mu, na Mose hwɛe, na hwɛ, na nkyɛkyerɛ no redɛre, nanso na nhye.

3 Na Mose kaa sɛ: Yei deɛ, mɛmane makɔhwɛ ahwɛdeɛ kɛseɛ yi, adekodeɛ a enti nkyɛkyerɛ no nhyeɛ.

4 Na AWURADE hunuu sɛ wamane rehwɛ no, ɔfiri nkyɛkyerɛ no mu frɛɛ sɛ: Mose, Mose! Na ɔbuaa sɛ: Menie!

5 Ɛnna AWURADE kaa sɛ: Ntwe mpini ha! Yi wo nan ase mpaboa, na faako a wogyina hɔ yɛ asase kronkron.

6 Na ɔkaa sɛ: Mene w’agya Nyankopɔn no, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no. Ɛnna Mose kataa n’anim, ɛfiri sɛ na ɔsuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn.

7 Na AWURADE kaa sɛ: Ampa ara, mahunu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na wɔn su a wɔn so ahwɛfoɔ nti wɔsu frɛ no, mate.

8 Na masiane sɛ merebɛyi wɔn Misraimfoɔ nsam, na matu wɔn afiri asase no so akɔ asase pa a ɛtrɛ so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ: Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ tenabea hɔ.

9 Na afei, hwɛ, Israelfoɔ no sufrɛ no aduru m’anim, na mahunu ɔhaw a Misraimfoɔ de ha wɔn no nso.

10 Na afei bra, na mensoma wo Farao nkyɛn, na kɔyi me man Israelfoɔ no firi Misraim.

11 Na Mose bisaa Onyankopɔn sɛ: Hwan ne me a merekɔ Farao nkyɛn makɔyi Israelfoɔ afiri Misraim?

12 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Mɛdi w’akyi; na yei bɛyɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ sɛ me na mesomaa woɔ. Wonya yi ɔman no firi Misraim ba a, mobɛsom Onyankopɔn wɔ bepɔ yi so.

13 Na Mose bisaa Onyankopɔn sɛ: Na sɛ meduru Israelfoɔ nkyɛn, na meka kyerɛ wɔn sɛ: Mo nananom Nyankopɔn asoma me mo nkyɛn, na wɔbisa me sɛ: Ne din de sɛn a, sɛn na mense wɔn?

14 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: ME ARA NE ME ARA. Na ɔse: Sɛdeɛ ka kyerɛ Israelfoɔ no nie: ME ARA na asoma me mo nkyɛn.

15 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: Sɛdeɛ ka kyerɛ Israelfoɔ no nie: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn.

Na yei ne me din de kɔsi daa,

na yei na wɔmfa nkae me, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

16 Kɔ, na kɔboaboa Israel mpanimfoɔ ano, na ka kyerɛ wɔn sɛ: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no ayi ne ho akyerɛ me sɛ: Hwɛ na mabɛhwɛ mo ne deɛ wɔreyɛ mo wɔ Misraim no.

17 Na mese: Mɛyi mo afiri Misraim amanehunu no mu akɔ Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ no.

18 Na wɔbɛtie wo nne, na wo ne Israel mpanimfoɔ nkɔ Misraimhene nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn, abɛhyia yɛn, enti yɛsrɛ wo, ma yɛnkɔ ɛserɛ so nnansa kwan nkɔbɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn, afɔdeɛ.

19 Na me deɛ, menim sɛ wɔde nsa a ɛyɛ den hyɛ Misraimhene mpo a, ɔremma mo kwan mma mo nkɔ;

20 enti mɛtene me nsa de m’anwanwadeɛ a mɛyɛ wɔ hɔ no nyinaa mabɔ Misraim, na ɛno akyiri na ɔbɛma moakɔ.

21 Na mɛma ɔman yi anim aba nyam wɔ Misraimfoɔ anim, na ɛbɛba sɛ morekɔ a, morenkɔ no nsapan.

22 Na mmaa mmisabisa wɔn afipamfoɔ ne wɔn afitenafoɔ nkyɛn dwetɛ nnwinneɛ ne sika nnwinneɛ ne ntoma, na momfa nhyehyɛ mo mmammarima ne mo mmammaa, na Misraimfoɔ nnoɔma no nyɛ mo asadeɛ.

Eksodɔs 4

Onyankopɔn maa Mose tumi sononko

1 Na Mose buaa AWURADE sɛ: Na sɛ wɔannye me anni, na wɔantie me nne, na wɔka sɛ: AWURADE nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo ɛ!

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na ɛwɔ wo nsam yi?

3 Na ɔse: Poma. Na ɔse: To twene fam! Na ɔto twenee fam, na ɛdanee ɔwɔ. Na Mose dwane firii ho.

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tene wo nsa sɔ ne dua mu. Na ɔtenee ne nsa kyeree no, na ɛdanee poma wɔ ne nsam.

5 Deɛ ɛbɛyɛ na wɔagye adi sɛ AWURADE, wɔn nananom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na ayi ne ho akyerɛ wo ne no.

6 Na AWURADE ka kyerɛɛ no bio sɛ: Fa wo nsa hyɛ wo kokom! Na ɔde ne nsa hyɛɛ ne kokom, na ɔyii, na hwɛ, na ɛho agu kwata fitaa sɛ sukyerɛmma.

7 Na ɔse: Fa wo nsa sane hyɛ wo kokom! Na ɔsane de ne nsa hyɛɛ ne kokom, na ɔyi firii ne kokom no, na adane sɛ ne honam ara.

8 Na sɛ wɔannye wo anni na wɔammu kane nsɛnkyerɛnneɛ no a, wɔbɛgye deɛ ɛtɔ so mmienu no adi.

9 Na sɛ wɔannye nsɛnkyerɛnneɛ mmienu yi anni na wɔantie wo nne a, ɛnneɛ kɔsa Asubɔntene Nil mu nsuo kɔhwie gu asase pɛsɛɛ so. Na nsuo a wosaa no asuo no mu no bɛdane mogya wɔ asase pɛsɛɛ no so.

10 Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Me deɛ, ɛde bɛsi nnɛ anaa ɛfiri berɛ a wo ne w’akoa kasaeɛ yi, m’ano nte; me kasa yɛ nyaa, na me tɛkyerɛma yɛ duru.

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Hwan na ɔyɛɛ onipa ano? Anaasɛ hwan na ɔyɛ emum anaa ɔsotifoɔ, ɔdehunufoɔ anaa onifirani? Ɛnyɛ me AWURADE ara?

12 Na afei kɔ, na me ara mɛdi w’ano akyi na makyerɛ wo deɛ ka.

13 Na Mose kaa sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Soma obi foforɔ biara a wopɛ.

14 Ɛnna AWURADE bo fuu Mose, na ɔse: Adɛn mennim sɛ Aaron wo nua Lewini no, nim kasa? Na hwɛ, wafiri adi rebɛhyia wo, na sɛ ɔhu wo a, n’akoma bɛtɔ ne yam.

15 Na kasa kyerɛ no, na fa nsɛm no hyɛ n’anomu; na me deɛ, mɛdi w’ano ne n’ano akyi, na makyerɛ mo deɛ monyɛ.

16 Na ɔbɛyɛ wo kyeame ama ɔman no, na ɔbɛdane w’ano, na woayɛ sɛ Onyankopɔn ama no.

17 Na poma yi a wode bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ no, fa kura.

Mose sane kɔ Misraim

18 Na Mose sane kɔɔ n’ase Yetro nkyɛn, na ɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma mensane menkɔ me nuanom a wɔwɔ Misraim no nkyɛn menkɔhwɛ sɛ wɔda so tete ase anaa. Na Yetro ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa asomdwoeɛ kɔ.

19 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose wɔ Midian sɛ: Sane kɔ Misraim, ɛfiri sɛ nnipa a na wɔrehwehwɛ wo aku woɔ no nyinaa awuwu.

20 Na Mose faa ne yere ne ne mma de wɔn tenatenaa mfunumu so, na ɔsane baa Misraim asase so. Na Mose faa Nyankopɔn poma no kurae.

21 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ wosane kɔ Misraim a, hwɛ na yɛ anwanwadeɛ a mede mahyɛ wo nsa no nyinaa Farao anim; na me deɛ, mɛpirim n’akoma, na ɔremma ɔman no nkɔ.

22 Na ka kyerɛ Farao sɛ: Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie: M’abakan ne Israel.

23 Na mese wo sɛ: Ma me ba nkɔ nkɔsom me. Na sɛ woampene amma no ankɔ a, hwɛ, me deɛ, mɛkum w’abakan.

24 Na AWURADE bɛtoaa no ɔkwan so asoɛeɛ bi pɛɛ sɛ ɔku no.

25 Ɛnna Sipora faa twerɛboɔ de twaa ne ba no twetia, na ɔto twenee ne nan ase kaa sɛ: Woyɛ mogya ayeforɔkunu ma me!

26 Ɛnna ɔgyaa no. Ɛno na twetiatwa no nti Sipora kaa sɛ: Mogya ayeforɔkunu ne wo.

27 Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Kɔ ɛserɛ so kɔhyia Mose. Na ɔkɔ kɔtoo no wɔ Nyankopɔn bepɔ no ho, na ɔfee n’ano.

28 Na Mose kaa AWURADE nsɛm a ɔde asoma no no nyinaa ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔde ahyɛ ne nsa no nyinaa kyerɛɛ Aaron.

29 Na Mose ne Aaron kɔ kɔboaboaa Israelfoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ano.

30 Na Aaron kaa nsɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa kyerɛɛ wɔn, na ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ no wɔ ɔman no anim.

31 Na ɔman no gye dii. Na wɔtee sɛ AWURADE abɛhwɛ Israelfoɔ na wahunu wɔn amanehunu no, wɔbɔɔ wɔn mu ase sɔree.

Eksodɔs 5

Mose ne Aaron kɔ Farao anim

1 Na yei akyi no, Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Ma me man nkɔ na wɔnkɔhyɛ fa mma me wɔ ɛserɛ so.

2 Na Farao se: Hwan ne AWURADE a mɛtie ne nne na mama Israel akorɔ? Mennim AWURADE no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ.

3 Na wɔse: Hebrifoɔ Nyankopɔn abɛhyia yɛn; enti ma yɛnkɔ ɛserɛ so nnansa kwan, na yɛnkɔbɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn afɔdeɛ, na wamfa owuyadeɛ anaa nkrantɛ ammɛtua yɛn.

4 Na Misraimhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na mo, Mose ne Aaron, moyi ɔman no firi wɔn nnwuma ho? Monkɔ mo adwumaden no so.

5 Na Farao kaa sɛ: Monhwɛ, afei a nnipa no adɔɔso wɔ asase no so, na morepɔn wɔn afiri wɔn adwumayɛ mu yi!

6 Na da no ara Farao hyɛɛ ɔman no adwumayɛ so ahwɛfoɔ ne wɔn aboafoɔ no sɛ:

7 Mommma ɔman no ɛserɛ a wɔde bɛyɛ ntaayaa no bio sɛ akane no; wɔn ara wɔnkɔboaboa ɛserɛ ano mfa.

8 Na ntaayaa dodoɔ a na wɔyɛ daa no, monnye wɔn, monnyi so bi, ɛfiri sɛ wɔyɛ anihafoɔ, enti na wɔsu sɛ: Ma yɛnkɔ nkɔbɔ yɛn Nyankopɔn afɔdeɛ no.

9 Momma wɔn adwuma a emu yɛ den na wɔnyɛ, na wɔantie nsenhunu.

10 Na ɔman no adwumayɛ so ahwɛfoɔ ne wɔn aboafoɔ no firii adi bɛka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ Farao seɛ nie: Meremma mo ɛserɛ bio.

11 Mo ara monkɔ nkɔpɛ ɛserɛ wɔ deɛ mobɛnya bie; na mo adwuma no nso wɔrente so hwee.

12 Ɛnna ɔman no bɔ petee Misraim asase nyinaa so kɔboaboaa ayuo ntwakaeɛ ano de yɛɛ ɛserɛ mehemehe no.

13 Na akafoɔ no piapiaa wɔn kaa sɛ: Monwie mo da koro adwuma wɔ ne berɛ mu, sɛ berɛ a na ɛserɛ wɔ hɔ no.

14 Na wɔhwee Israelfoɔ ahwɛfoɔ a Farao adwumayɛ so ahwɛfoɔ de asisi wɔn soɔ no kaa sɛ: Ɛdeɛn nti na moanwie ntaayaa a wɔahyɛ mo nnɛ ne nnora no nyinaa sɛ akane no?

15 Ɛnna Israelfoɔ ahwɛfoɔ no ba bɛsu kyerɛɛ Farao sɛ: Ɛdeɛn nti na wo ne wo nkoa redi no saa?

16 Wɔmmaa wo nkoa ɛserɛ biara, nso wɔse yɛnyɛ ntaayaa; na hwɛ, wɔahwe wo nkoa, nso ɛyɛ wo ara wo nkurɔfoɔ no mfomsoɔ.

17 Na Farao buaa sɛ: Anihafoɔ, anihafoɔ na moyɛ. Enti na mose: Ma yɛnkɔ nkɔbɔ AWURADE afɔdeɛ.

18 Enti monkɔ nkɔyɛ adwuma, na ɛserɛ deɛ, wɔremma mo, nso ntaayaa no dodoɔ deɛ, mobɛma ara.

19 Na wɔkaa sɛ: Monnyi mo da koro adwuma mu ntaayaa no so ara da, na Israelfoɔ adwumayɛ so ahwɛfoɔ no hunuu sɛ amaneɛ na ato wɔn.

20 Na wɔfiri Farao nkyɛn reba no, wɔbɛtoo Mose ne Aaron a wɔgyina hɔ rebɛhyia wɔn,

21 na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE nhwɛ mo mmu atɛn, sɛ moama yɛn ho abɔn wɔ Farao ne ne nkoa anim, na mode nkrantɛ ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa nku yɛn.

Mose kasa kyerɛ AWURADE

22 Na Mose sane baa AWURADE nkyɛn bɛkaa sɛ: AWURADE, adɛn na woayɛ ɔman yi bɔne sei? Adɛn na wosomaa me yi?

23 Na ɛfiri berɛ a mebaa Farao nkyɛn na mede wo din ne no kasaeɛ no, Farao ayɛ ɔman yi bɔne, na wo nso wonnyee wo man!

Eksodɔs 6

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Afei ansa na worebɛhunu deɛ mɛyɛ Farao, ɛfiri sɛ mede nsa a ɛyɛ den bɛma wama wɔakɔ, na mede nsa a ɛyɛ den bɛma wapamo wɔn afiri n’asase so mpo.

Onyankopɔn frɛ Mose

2 Na Onyankopɔn ne Mose kasae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mene AWURADE,

3 a meyii me ho mekyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn Tweaduampɔn, na me din YHWH (AWURADE) no deɛ, mamma wɔamfa anhu me.

4 Nanso mama m’apam a me ne wɔn pameeɛ no agyina, sɛ mede Kanaan asase a ɛyɛ wɔn ahɔhobea asase a wɔyɛɛ so ahɔhoɔ no bɛma wɔn.

5 Nanso mate Israelfoɔ a Misraimfoɔ di wɔn nya no apinisie, na makae m’apam no.

6 Ɛno nti ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Mene AWURADE, na mɛgye mo afiri Misraim nkoasom mu, na mayi mo afiri wɔn nyadie no mu, na mede basa a atene ne atemmuo akɛseɛ magye mo.

7 Na mɛfa mo mayɛ me man, na mayɛ Onyankopɔn ama mo, na moahunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn a ɔgyee mo firii Misraim nkoasom mu.

8 Na mede mo bɛkɔ asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma Abraham, Isak, Yakob no so, na mede bɛma mo sɛ agyapadeɛ. Mene AWURADE.

9 Na Mose kaa saa kyerɛɛ Israelfoɔ no; nanso ahometeɛ ne nkoasom denden no nti wɔantie no.

10 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

11 Kɔ, kɔka kyerɛ Misraimhene Farao sɛ ɔmma Israelfoɔ mfiri n’asase so nkɔ.

12 Na Mose kasae wɔ AWURADE anim sɛ: Hwɛ, Israelfoɔ ntie me, na ɛbɛyɛ dɛn na Farao bɛtie me a meyɛ ano mu momonoto yi.

13 Na AWURADE ne Mose ne Aaron kasae, na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔ Israelfoɔ ne Misraimhene Farao nkyɛn nkɔyi Israelfoɔ no mfiri Misraim asase so.

Mose ne Aaron mmusua

14 Yeinom ne wɔn nananom afie mu atitire: Israel abakan Ruben mma ne: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi; yeinom ne Ruben mmusua.

15 Na Simeon mma ne: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a ɔyɛ Kanaanni baa bi ba; yeinom ne Simeon mmusua.

16 Na yeinom ne Lewi mma din wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu: Gerson, Kohat ne Merari. Na Lewi mfeɛ a ɔdiiɛ yɛ mfeɛ ɔha aduasa nson.

17 Na Gerson mma ne: Libni ne Simei wɔ wɔn mmusua ahodoɔ mu.

18 Na Kohat mma ne: Amram ne Ishar, Hebron ne Usiel. Na Kohat mfeɛ a ɔdiiɛ yɛ mfeɛ ɔha aduasa mmiɛnsa.

19 Na Merari mma ne: Mahli ne Musi. Yeinom ne Lewi mmusua, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ teɛ.

20 Na Amram faa n’agya nua Yokebed waree, na ɔwoo Aaron ne Mose maa no. Na Amram mfeɛ a ɔdiiɛ yɛ mfeɛ ɔha aduasa nson.

21 Na Ishar mma ne: Kora, Nefeg ne Sikri.

22 Na Usiel mma ne: Misael, Elsafan ne Sitri.

23 Na Aaron faa Aminadab babaa Elisaba a ɔyɛ Nahson nua waree, na ɔwoo Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar maa no.

24 Na Kora mma ne: Asir, Elkana ne Abiasaf; yeinom ne Kora mma mmusua.

25 Na Aaron ba Eleasa faa Putiel mma mu bi waree, na ɔwoo Pinehas maa no. Yeinom ne Lewifoɔ nananom atitire sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

26 Yeinom ne Aaron ne Mose a AWURADE ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyi Israelfoɔ mfiri Misraim asase so sɛdeɛ wɔn dɔm teɛ no.

27 Wɔne wɔn a wɔne Misraimhene Farao kasaa sɛ wɔbɛyi Israelfoɔ afiri Misraim akorɔ no, Mose ne Aaron korɔ no ara nie.

AWURADE DE N’ASƐM MA MOSE

28 Na da a AWURADE ne Mose kasaa Misraim asase soɔ no,

29 ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mene AWURADE, ka deɛ mɛka makyerɛ woɔ nyinaa kyerɛ Misraimhene Farao.

30 Na Mose kaa no AWURADE anim sɛ: Hwɛ, ano mu momonoto ne me, na ɛbɛyɛ dɛn na Farao bɛtie me?

Eksodɔs 7

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, madane wo Onyankopɔn ama Farao, na wo nua Aaron bɛyɛ wo diyifoɔ.

2 Wo deɛ, wobɛka deɛ mehyɛ woɔ nyinaa, na wo nua Aaron bɛka akyerɛ Farao sɛ ɔmma Israelfoɔ mfiri n’asase so nkɔ.

3 Na me deɛ, mɛpirim Farao akoma, na mama me nsɛnkyerɛnneɛ ne m’anwanwadeɛ adɔɔso Misraim asase so.

4 Nanso Farao rentie mo; na mede me nsa bɛto Misraim so, na mayi m’asafo, me man Israelfoɔ no, afiri Misraim asase so wɔ atemmuo akɛseɛ mu.

5 Na sɛ metene me nsa wɔ Misraim so na meyi Israelfoɔ firi wɔn mu a, na Misraimfoɔ bɛhunu sɛ mene AWURADE.

6 Na Mose ne Aaron yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ wɔn no, saa ara na wɔyɛeɛ.

7 Berɛ a wɔne Farao kɔkasaeɛ no, na Mose adi mfirinhyia aduɔwɔtwe, na Aaron nso adi mfirinhyia aduɔwɔtwe mmiɛnsa.

Aaron poma no

8 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

9 Sɛ Farao ka kyerɛ mo sɛ monyɛ anwanwadeɛ bi a, ɛnneɛ ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma no to fam wɔ Farao anim, na ɛbɛdane ɔwɔ.

10 Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ wɔn no; na Aaron de ne poma no too fam wɔ Farao ne ne nkoa anim, na ɛdanee ɔwɔ.

11 Na Farao nso frɛfrɛɛ anyansafoɔ ne ntafowayifoɔ bae. Na Misraim akɔmfoɔ no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara.

12 Na wɔn nyinaa de wɔn mpoma totoo fam, na ɛdanedanee awɔ, nanso Aaron poma no memenee wɔn mpoma no.

13 Na Farao akoma pirimii ara, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.

Ɔhaw ahodoɔ ba Misraim

14 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Farao akoma yɛ den, ɔmpene sɛ ɔman no bɛkorɔ.

15 Kɔ Farao nkyɛn anɔpa; berɛ a ɔrefiri adi akɔ Asuo Nil ano; na kɔgyina asubɔnten no ano hyia no, na fa wo poma a ɛdanee ɔwɔ no kura.

16 Ka kyerɛ no sɛ: AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn, na wasoma me wo nkyɛn sɛ: Ma me man nkɔ nkɔsom me ɛserɛ so, na wontiee de abɛduru sɛsɛɛ.

17 Sɛ AWURADE seɛ nie: Yei na wode bɛhunu sɛ mene AWURADE: Hwɛ, mede poma a mekura yi merebɔ nsuo a ɛwɔ Nil mu, na ɛbɛdane mogya.

18 Na mpataa a ɛwɔ asuo no mu bɛwuwu, na nsuo no bɛbɔn na Misraimfoɔ bɛkyiri sɛ wɔbɛnom asuo no mu nsuo.

19 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma, na tene wo nsa wɔ Misraim nsuo so, wɔn nsubɔntene, wɔn asuasu ne wɔn ntareɛ ne wɔn nsuo a ɛtaataa hɔ nyinaa so, na ɛnnanedane mogya; na mogya bɛba Misraim asase nyinaa so, nnua ne aboɔ nsuhina mu.

20 Na Mose ne Aaron yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ wɔn no; na Aaron maa poma no so, na ɔde bɔɔ nsuo a ɛwɔ asubɔntene no mu wɔ Farao ne ne nkoa anim; na nsuo a ɛwɔ asuo no mu nyinaa danee mogya.

21 Na mpataa a ɛwɔ asuo no mu wuwui, na asuo no bɔnee, na Misraimfoɔ antumi annom asuo no mu nsuo, na mogya kataa Misraim asase nyinaa so.

22 Na Misraim akɔmfoɔ de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara. Na Farao akoma pirimii ara, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.

23 Na Farao danee ne ho kɔɔ ne fie, na wamfa yei nso anto n’akomam.

24 Na Misraimfoɔ nyinaa tutuu asuo no ho mmura sɛ wɔrepɛ nsuo anom, ɛfiri sɛ na wɔntumi nnom asubɔntene no mu nsuo.

25 Na nnanson a AWURADE danee asuo no bɛtwaa mu.

Eksodɔs 8

Mponkyerɛne pii ba

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ma me man no nkɔ nkɔsom me.

2 Na sɛ woampene amma wɔankɔ a, hwɛ, mede mponkyerɛne bɛha w’asase nyinaa.

3 Na asuo no bɛdɔre mponkyerɛne pii, na wɔafoforo aba wo fie ne wo dabekyire, wo mpa so, wo nkoa afie, wo nkurɔfoɔ mu, w’afononoo mu ne wo mmɔre nkodoɔ mu.

4 Na wo ne wo manfoɔ ne wo nkoa nyinaa so na mponkyerɛne no bɛforo aba.

Mponkyerɛne no

5 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma no, na tene wo nsa wɔ nsubɔntene, asuasu, ne ntareɛ so, na ma mponkyerɛne mmra Misraim asase nyinaa so.

6 Na Aaron tenee ne nsa wɔ Misraim nsuo so, na mponkyerɛne ba bɛkataa Misraim asase nyinaa so.

7 Na akɔmfoɔ no de wɔn asumansɛm no yɛɛ saa ara maa mponkyerɛne foro baa Misraim asase so.

8 Ɛnna Farao frɛɛ Mose ne Aaron kaa sɛ: Mompa AWURADE kyɛw na ɔnyi mponkyerɛne no mfiri me ne me man so, na mɛma ɔman no akɔ akɔbɔ afɔdeɛ ama AWURADE.

9 Na Mose ka kyerɛɛ Farao sɛ: Wo ara kyerɛ me da ko a ɛnkɔsie na mempa kyɛw memma wo ne wo nkoa ne wo man, na wɔnyi mponkyerɛne no mfiri wo ne wo fie so, na wɔnka asuo no nko ara mu.

10 Na ɔbuaa sɛ: Ɔkyena. Na Mose kaa sɛ: Ɛnyɛ sɛ deɛ woaka no, na woahunu sɛ obiara biara nni hɔ a ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn.

11 Na mponkyerɛne no bɛfiri wo ne wo fie ne wo nkoa ne wo man so; asuo no mu nko ara na wɔbɛka.

12 Na Mose ne Aaron firii Farao anim kɔe. Na Mose teaa mu frɛɛ AWURADE wɔ mponkyerɛne a ɔde aba Farao soɔ no ho.

13 Na AWURADE yɛɛ sɛdeɛ Mose kaeɛ no, na mponkyerɛne no wuwui, afie mu ne adihɔ ne wiram.

14 Na wɔboaboaa wɔn ano akuakuo, na asase no so bɔnee.

15 Na Farao hunuu sɛ wanya ahotɔ no, ɔpirim n’akoma, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.

Mfuturo danee edwie

16 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Aaron sɛ: Tene wo poma no bɔ asase so mfuturo na ɛnnane edwie wɔ Misraim asase nyinaa so.

17 Na wɔyɛɛ saa, na Aaron tenee ne nsa de poma no bɔɔ asase so mfuturo, na ɛdanee edwie wɔ nnipa ne mmoa so. Na asase so mfuturo nyinaa danee edwie Misraim asase nyinaa so.

18 Na akɔmfoɔ no de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara sɛ wɔrema edwie aba, nanso wɔantumi. Na edwie no baa nnipa ne mmoa so.

19 Ɛnna akɔmfoɔ no ka kyerɛɛ Farao sɛ: Nyankopɔn nsateaa nie. Na Farao akoma pirimii ara na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.

Nwansena pii ba

20 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tua anɔpahema kɔgyina Farao anim; berɛ a ɔrefiri adi aba nsuo no ano; na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ma me man no nkɔ na wɔnkɔsom me.

21 Na sɛ woremma me man no nkɔ a, hwɛ, mɛma nwansena ahodoɔ aba wo ne wo nkoa ne wo man ne w’afie so, na nwansena no bɛyɛ Misraimfoɔ afie mu ne asase a wɔte soɔ no so amaama.

22 Na mɛhyɛ Gosen asase a me man te soɔ no nso da no, na nwansena no amma hɔ, na wode ahunu sɛ mene AWURADE wɔ asase nyinaa so.

23 Na mede ɔhyeɛ bɛto me man ne wo man ntam; ɔkyena na nsɛnkyerɛnneɛ yi bɛba.

24 Na AWURADE yɛɛ saa. Na nwansena a wɔdɔɔso pii baa Farao fie ne ne nkoa afie ne Misraim asase nyinaa so. Na anwansena no nti asase no so sɛee.

25 Na Farao frɛɛ Mose ne Aaron kaa sɛ: Monkɔ nkɔbɔ afɔdeɛ mma mo Nyankopɔn wɔ asase yi so.

26 Na Mose kaa sɛ: Ɛmfata sɛ wɔyɛ no saa, ɛfiri sɛ Misraim akyiwadeɛ na yɛde bɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE yɛn Nyankopɔn. Hwɛ, sɛ yɛde Misraim akyiwadeɛ bɔ afɔdeɛ wɔ wɔn anim a, wɔrensi yɛn aboɔ?

27 Yɛbɛnante nnansa kwan akɔ ɛserɛ so, na yɛakɔbɔ afɔdeɛ ama AWURADE yɛn Nyankopɔn, sɛdeɛ waka akyerɛ yɛn no.

28 Na Farao kaa sɛ: Me deɛ, mɛma mo kwan na moakɔbɔ afɔdeɛ ama AWURADE mo Nyankopɔn wɔ ɛserɛ so, na akyirikyiri nko na monnkorɔ; mompa kyɛw mma me.

29 Na Mose kaa sɛ: Hwɛ, merebɛfiri wo nkyɛn makɔ makɔpa AWURADE kyɛw na anwansena no afiri Farao ne ne nkoa ne ne man so ɔkyena; na nkontompo nko ara na Farao nntwa bio sɛ ɔremma ɔman no nkɔ nkɔbɔ afɔdeɛ mma AWURADE.

30 Ɛnna Mose firii Farao anim kɔ kɔpaa AWURADE kyɛw.

31 Na AWURADE yɛɛ deɛ Mose kaeɛ no, na ɔyii nwansena no firii Farao ne ne nkoa ne ne man so; anka baako mpo.

32 Na Farao pirim n’akoma saa berɛ yi nso, na wamma ɔman no ankɔ.

Eksodɔs 9

Yaredɔm kunkum mmoa

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Ma me man no nkɔ nkɔsom me.

2 Na sɛ woampene amma wɔankɔ na wokɔ so tintim wɔn so a,

3 hwɛ, AWURADE nsa bɛda wo mmoa a wɔwɔ wiram so, na ɔde owuo a ano yɛ den kɛse bɛba apɔnkɔ, mfunumu, yoma, anantwie ne nnwan so.

4 Na AWURADE de nsonsonoeɛ bɛto Israel mmoa ne Misraim mmoa ntam, na deɛ ɛyɛ Israelfoɔ dea no mu biara renwu.

5 Na AWURADE hyɛɛ da sɛ: Ɔkyena na AWURADE bɛyɛ yei wɔ asase soɔ.

6 Na adeɛ kyeeɛ no, AWURADE yɛɛ saa adeɛ no, na Misraim mmoa nyinaa wuwui, na Israel mmoa no mu baako mpo anwu.

7 Na Farao soma maa wɔkɔhwɛe, na hwɛ, na Israelfoɔ mmoa no mu baako mpo nwui. Nanso Farao akoma yɛɛ den ara, na wamma ɔman no ankɔ.

Mpɔmpɔ yaredɔm

8 Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Momfa fononoo mu nso nsa ma, na Mose nto mpete ahunum wɔ Farao anim,

9 na ɛnnane Misraim asase nyinaa so tutuo, na ɛnyɛ nnipa ne mmoa ho mpɔmpɔ a ɛpaepae tutu akuro Misraim asase nyinaa so.

10 Na wɔsesaa fononoo mu nso, na wɔkɔgyinaa Farao anim, na Mose de petee ahunum, na ɛdanee nnipa ne mmoa ho mpɔmpɔ a ɛpaepae tutu akuro.

11 Na mpɔmpɔ no nti akɔmfoɔ no antumi annyina Mose anim, ɛfiri sɛ na mpɔmpɔ no asisi akɔmfoɔ ne Misraimfoɔ nyinaa.

12 Na AWURADE pirim Farao akoma, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no.

Ɔsoro aboɔ

13 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tua anɔpahema kɔgyina Farao anim, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Ma me man nkɔ nkɔsom me.

14 Na afei deɛ, merema me haw nyinaa aba w’akoma so ne wo nkoa ne wo man mu, na woahunu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ me wɔ asase nyinaa so.

15 Na afei sɛ matene me nsa na mede owuyadeɛ mabɔ wo ne wo man a, anka wɔatwa wo afiri asase so.

16 Nanso yei nti na mema wogyina hɔ, sɛ mɛyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.

17 Woda so ma wo ho so na wosi me man kwan sɛ woremma wɔnkɔ.

18 Hwɛ, ɔkyena sɛsɛɛ mɛma ɔsoro aboɔ a emu yɛ duro pa a ɛso bi mmaa Misraim da firi da a wɔhyɛɛ aseɛ de abɛduru nnɛ yi atɔ.

19 Na afei soma ma wɔnkɔfa wo mmoa ne wo biribiara a ɛwɔ wiram mmra ntɛm; onipa biara afieboa biara a wɔbɛhu no wiram na wɔamfa no amma fie no, sɛ ɔsoro aboɔ no gu wɔn so a, wɔbɛwuwu.

20 Farao nkoa mu, deɛ ɔsuro AWURADE asɛm no de ne nkoa ne ne mmoa dwane baa fie;

21 na deɛ wammu AWURADE asɛm no gyaa ne nkoa ne ne mmoa wɔ wiram.

22 Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tene wo nsa kɔ ahunum, na ɔsoro aboɔ ntɔ Misraim asase nyinaa so, nnipa ne mmoa ne wiram nhahan nyinaa so wɔ Misraim asase so.

23 Na Mose tenee ne poma no kɔɔ ahunum, na AWURADE maa aprannaa ne ɔsoro aboɔ bae, na ogya pore guu asase so, na AWURADE maa ɔsoro aboɔ tɔɔ Misraim asase so.

24 Na ɔsoro aboɔ ne ogya a ɛdɛre framfram toatoam a ɛfra ɔsoro aboɔ no mu a ano yɛ den pii pa a ɛso bi mmaa Misraim asase nyinaa so da firi da a ɛyɛɛ ɔman no bae.

25 Na ɔsoro aboɔ no guu Misraim asase nyinaa so, deɛ ɛwɔ wiram nyinaa, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, na ɔsoro aboɔ no guu wiram nhahan nyinaa so, na ɛbubuu wiram nnua nyinaa.

26 Gye Gosen asase a Israelfoɔ wɔ soɔ no so nko na ɔsoro aboɔ no bi antɔ.

27 Ɛnna Farao soma maa wɔbɛfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei deɛ, mayɛ bɔne, AWURADE ne ɔteneneeni, na me ne me man ne abɔnefoɔ.

28 Mompa AWURADE kyɛw, na Nyankopɔn aprannaa ne ɔsoro aboɔ no nnyae, na adɔɔso, na mɛma moakɔ na morentena ha bio.

29 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ no sɛ: Mefiri adi mefiri kuro no mu ara pɛ a, mɛtrɛ me nsam makyerɛ AWURADE, na aprannaa no to bɛtwa, na ɔsoro aboɔ no antɔ bio, na woahunu sɛ AWURADE na asase wɔ no.

30 Na wo ne wo nkoa deɛ, menim sɛ monnya nsuroo AWURADE Nyankopɔn.

31 (Na ɛguu asaawa ne atokoɔ so, nso na atokoɔ no ayɛ mmɛtem, na asaawa no nso reyɛ agu nhyerɛne.)

32 Na ayuo ne kɔkɔte deɛ, angu so bi, ɛfiri sɛ ɛno ka akyi.

33 Na Mose firii Farao nkyɛn, na ɔfirii kuro no mu kɔtrɛɛ ne nsam kyerɛɛ AWURADE, na aprannaa ne ɔsoro aboɔ no to twae, na osuo no gyaee asase no so guo.

34 Na Farao hunuu sɛ osutɔ ne ɔsoro aboɔ ne aprannaa no to atwa no, ɔsane yɛɛ bɔne bio, na ɔhyɛɛ n’akoma den, ɔno ne ne nkoa.

35 Na Farao akoma pirimii ara, na wamma Israelfoɔ no ankɔ, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so kaeɛ no.

Eksodɔs 10

Ntutummɛ ba

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn, na mapirim ɔne ne nkoa akoma, na mayi me nsɛnkyerɛnneɛ yi adi wɔ wɔn mu,

2 na woaka deɛ meyɛeɛ wɔ Misraim ne me nsɛnkyerɛnneɛ a meyii no adie wɔ wɔn mu no wɔ wo ba ne wo ba ba aso mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.

3 Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Wobɛma wo ho so wɔ m’anim akɔsi da bɛn? Ma me man nkɔ nkɔsom me.

4 Na sɛ woampene amma me man ankɔ a, hwɛ, ɔkyena mɛma ntutummɛ aba w’asase so,

5 na wɔabɛkata ani a obi renhunu asase ani, na wɔabɛdi nnikaeɛ a ɔsoro aboɔ no gya maa no ka maa mo no, na wɔabɛdi nnua a ɛrefefɛ ama mo wɔ mfuo mu no nyinaa,

6 na wɔabɛyeyɛ w’afie mu ne wo nkoa nyinaa afie mu ne Misraimfoɔ nyinaa afie mu amaama, sɛdeɛ wo nananom ne wɔn nananom nhunuu bi pɛn firi da a wɔbaa asase soɔ bɛduru nnɛ. Na ɔdanee ne ho firii Farao nkyɛn.

7 Ɛnna Farao nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Da bɛn ara na oyi nsum yɛn fidie nkɔsie? Ma nnipa no nkɔ nkɔsom AWURADE wɔn Nyankopɔn. Wonnya nhunuu sɛ Misraim resɛe?

8 Na wɔde Mose ne Aaron sane baa Farao anim bio, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔsom AWURADE mo Nyankopɔn. Ɛhefoɔ ne wɔn a wɔbɛkɔ no?

9 Na Mose se: Yɛde yɛn mmɔfra ne yɛn mpanin na ɛrekorɔ; yɛde yɛn mmabanin ne yɛn mmammaa, yɛn nnwan ne yɛn anantwie na ɛrekorɔ, ɛfiri sɛ yɛwɔ fa bi hyɛ ma AWURADE.

10 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE nni mo akyi sɛ merema mo ne mo mma akorɔ yi ɛ! Monhunu sɛ bɔne na mopɛ sɛ moyɛ yi.

11 Dabi da! Mo mmarima na monkɔ nkɔsom AWURADE, na ɛno ara na mohwehwɛ. Na wɔpamm wɔn firii Farao anim.

Ntutummɛ no

12 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ntutummɛ no nti tene wo nsa wɔ Misraim asase so, na wɔmmra Misraim asase so, na wɔmmɛwe asase no so nhahan nyinaa, deɛ ɔsoro aboɔ no gyaeɛ no nyinaa.

13 Na Mose tenee ne poma no wɔ Misraim asase so, na AWURADE maa apueeɛ mframa bɔ faa asase no so da no nyinaa ne anadwo no nyinaa. Na adeɛ kyeeɛ no, apueeɛ mframa no de ntutummɛ no bae.

14 Na ntutummɛ no baa Misraim asase no so nyinaa, na wɔbɛguu Misraim nyinaa, na wɔdɔɔso pii. Ebi nnii wɔn anim mmaa pɛn a ɛte sɛ wɔn, na wɔn akyiri nso ebi remma saa bio.

15 Na wɔkataa asase no nyinaa ani maa esum duruu asase no so, na wɔdii asase no so nhahan nyinaa ne nnua a ɔsoro aboɔ no gyaeɛ no so aba nyinaa, na biribiara anka a ɛyɛ mono wɔ nnua mu ne mfuo mu nhahan mu wɔ Misraim asase no so nyinaa.

16 Ɛnna Farao yɛɛ ntɛm soma maa wɔkɔfrɛɛ Mose ne Aaron kaa sɛ: Mayɛ AWURADE mo Nyankopɔn ne mo bɔne.

17 Na afei, fa me bɔne kyɛ me prɛko yi nko ara, na mompa AWURADE mo Nyankopɔn kyɛw, na ɔnyi owuo yi nko mfiri me so.

18 Na ɔfirii Farao nkyɛn kɔ kɔpaa AWURADE kyɛw.

19 Na AWURADE maa atɔeɛ mframa a ano yɛ den pii bae, na ɛbɛfaa ntutummɛ no kɔe, na ɛde wɔn kɔguu Ɛpo Kɔkɔɔ mu; ntutummɛ no baako mpo anka Misraim asase nyinaa so.

20 Na AWURADE pirim Farao akoma, na wamma Israelfoɔ no ankɔ.

Esum duru

21 Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tene wo nsa kɔ ahunum, na esum nnuru Misraim asase so, na ɛnyɛ esum a wosɔ mu a ɛbɛyɛ yie.

22 Na Mose tenee ne nsa kɔɔ ahunum, na esum kabii duruu Misraim asase no nyinaa so nnansa.

23 Obiara anhunu ne yɔnko, na obiara ansɔre ne tenabea nnansa; na Israelfoɔ nyinaa deɛ, wɔnyaa hann wɔ deɛ na wɔteɛ hɔ.

24 Ɛnna Farao frɛɛ Mose sɛ: Monkɔ nkɔsom AWURADE; mo nnwan ne mo anantwie nko ara na wɔmfa nsie ha; mo mma nso ne mo nkɔ.

25 Na Mose kaa sɛ: Ɛsɛ sɛ wode afɔrebɔdeɛ a wɔkum na wɔhyeɛ nso hyɛ yɛn nsa, na yɛde akɔbɔ ama AWURADE yɛn Nyankopɔn.

26 Na yɛn mmoa nso ne yɛn bɛkɔ, ɛrenka tɔte mpo; na ɛnonom bi na yɛde rekɔsom AWURADE yɛn Nyankopɔn. Na yɛn deɛ, yɛnnim deɛ yɛde bɛsom AWURADE gye sɛ yɛaduru ansa.

27 Na AWURADE pirim Farao akoma, na wampɛ sɛ ɔma wɔkɔ.

28 Na Farao ka kyerɛɛ no sɛ: Firi me so kɔ, hwɛ wo ho yie, na mma m’anim bio; na da a wobɛba m’anim no, wobɛwu.

29 Na Mose buaa sɛ: Aane mate! Meremma w’anim bio.