Lewitikɔs 18

Nna mu akyiwadeɛ

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

3 Misraim asase a motenaa soɔ no so nneyɛeɛ deɛ, monnyɛ. Na Kanaan asase a mede mo rekɔ soɔ no so nneyɛeɛ nso, monnyɛ, na monnni wɔn ahyɛdeɛ so.

4 M’atemmudeɛ na monyɛ, na monkora m’ahyɛdeɛ sɛ mobɛdi soɔ.

5 Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na monkora m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ a onipa a ɔyɛ no bɛnya mu nkwa no. Mene AWURADE.

6 Obiara nnkɔ ne bogya biara a ɔyɛ ne honam no ho nnkɔyi n’adagya so. Mene AWURADE.

7 Nyi w’agya anaa wo na adagya so; wo na ne no, nyi n’adagya so.

8 Nyi w’agya yere adagya so; w’agya adagya ne no.

9 Wo nuabaa a ɔyɛ w’agya ba anaa wo na ba no, wɔwoo no efie oo, wɔwoo no baabi oo, nyi wɔn adagya so.

10 Wo babanin babaa anaa wo babaa babaa, nyi wɔn adagya so, ɛfiri sɛ ɛyɛ w’adagya.

11 W’agya yere babaa a w’agya awo no no, ɔyɛ wo nuabaa, nyi n’adagya so.

12 Nyi w’agya nuabaa adagya so; ɔyɛ w’agya honam.

13 Nyi wo na nuabaa adagya so, ɛfiri sɛ ɔyɛ wo na honam.

14 Nyi w’agya nuabarima adagya so nkɔ ne yere ho; wo na kumaa ne no.

15 Nyi w’ase adagya so; wo babarima yere ne no, nyi n’adagya so.

16 Nyi wo nua yere adagya so; ɛyɛ wo nua adagya.

17 Nyi ɔbaa bi ne ne ba adagya so; mfa ne babanin babaa anaa ne babaa babaa nyi wɔn adagya so; ne honam ne wɔn; ɛyɛ abusudeɛ.

18 Na mfa ɔbaa ne ne nua nware sɛ wobɛma wɔatwe kora, sɛ ɔda so te aseɛ no, wobɛyi n’adagya so aka ne ho.

19 Na nkɔ ɔbaa a ne nsabuo mu ne ho nteeɛ no ho nkɔyi n’adagya so.

20 Na wo ne wo yɔnko yere nnna, na mfa wo ho nsuo mma no mfa ngu wo ne no ho fi.

21 Na mfa w’asefoɔ mu bi mmɔ afɔdeɛmmma Molek, na ngu wo Nyankopɔn din ho fi; mene AWURADE.

22 Na wo ne ɔbarima nnna ɔbaa nna; ɛyɛ akyiwadeɛ.

23 Wo ne aboa biara nnna mmfa nngu wo ho fi; na ɔbaa bi nnnyina aboa bi anim nnnane ne ho mmma no; ɛyɛ basabasayɛ.

24 Mommfa nnoɔma yi biara nngu mo ho fi, ɛfiri sɛ yeinom nyinaa na amanaman a merebɛtu wɔn afiri mo anim yi de agu wɔn ho fi,

25 na asase no so agu fi, enti na meretua ɛso amumuyɛ no so ka, na asase no afe ɛsotefoɔ no agu.

26 Na mo deɛ, monni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ so, na monnyɛ saa akyiwadeɛ yi mu biara, kuromani oo, ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu oo,

27 (ɛfiri sɛ saa akyiwadeɛ yi nyinaa na asase no sofoɔ a wɔdi mo anim no ayɛ, na asase no so agu fi).

28 Na asase no amfe mo angu sɛ moagu ho fi, sɛdeɛ ɛfee amanaman a wɔdii mo anim no guiɛ no.

29 Na obiara a ɔbɛyɛ saa akyiwadeɛ yi mu biara no, wɔbɛtwa akra a wɔyɛ no afiri wɔn man mu atwene.

30 Enti monhwɛ m’ahwɛdeɛ, na moanyɛ ahyɛdeɛ a wɔkyire a wɔdii mo anim yɛeɛ no amfa angu mo ho fi: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Lewitikɔs 19

Mmara ahodoɔ bi ntimu

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ: Monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ me, AWURADE mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron.

3 Mo mu biara mmu ne na ne n’agya, na monni me home nna no: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

4 Monnnane mo ho nnkɔ abosonhuhuo no nkyɛn, na monnyɛ ahoni a wɔaguo te sɛ anyame mmfa: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

5 Na sɛ mobɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ma AWURADE a, mommɔ no sɛdeɛ ɛbɛma moasɔ ani:

6 Da a mokum no ara na wɔnnie, ne n’adekyeeɛ, na deɛ ɛbɛka akɔduru nnansa no, wɔmfa ogya nhye.

7 Na sɛ wɔdi no da a ɛtɔ so mmiɛnsa no a, ɛyɛ akyiwadeɛ, ɛnsɔ ani;

8 na deɛ ɔdie no bɛsoa ne mmusuo, ɛfiri sɛ AWURADE akronkronneɛ na wagu ho fi, na wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu atwene.

9 Na sɛ motwa mo asase so nnɔbaeɛ a, nwie wo nkwanseɛ deɛ no twa, na nni w’afuomdeɛ no mu mpɛpɛ;

10 na wo bobe turo nso, nni mu mpɛpɛ, na wo turo mu aba a ɛgugu fam no, ntase; gya ma ohiani ne ɔhɔhoɔ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

11 Mommmɔ korɔno, na monnni kusum, na obiara nntwa ne yɔnko nkontompo.

12 Na monnka me din ho ntam atorɔ mu, na woanhura wo Nyankopɔn din ho: Mene AWURADE.

13 Nni wo yɔnko amim na ntwa no dwo. Mma wo paani akatua nnka wo nkyɛn mma adeɛ nnkye.

14 Nnome ɔsotifoɔ na mfa suntidua nto onifirani anim, na suro Onyankopɔn: Mene AWURADE.

15 Monntwa atemmuo mu nkontompo. Nhwɛ mmɔborɔni anim, na nyɛ deɛ ɛbɛsɔ otumfoɔ ani; tenenee mu na bu wo yɔnko atɛn.

16 Nkyini wo nkurɔfoɔ mu nni nsekuro; nsɔre ntia wo yɔnko mogya. Mene AWURADE.

17 Ntane wo nua w’akoma mu; ka na ka wo yɔnko anim, na woansoa ne ho bɔne.

18 Ntɔ were na nnya wo nkurɔfoɔ mu biara ho menasepɔ, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho: Mene AWURADE.

19 Monni m’ahyɛdeɛ so. Mma w’afieboa nnni afrafra mmforo wɔn ho; w’afuo nso, mfa adeɛ mfrafra nnua mu, na mma ntoma ahodoɔ mmienu nsasaawa nnka wo ho.

20 Sɛ ɔbarima bi ne ɔbaa da na ɔde ne ho ka no, na ɔbaa no yɛ afenaa a wɔde no ama obi awareɛ, na gyeɛ na wɔnnya nnyee no anaasɛ wɔnnya mfaa ne ho nkyɛɛ no a, wɔmpeepee mu ntwe wɔn aso, na wɔnnku wɔn, ɛfiri sɛ ɔnne ne ho.

21 Na ɔbarima no mfa n’asodie ho afɔdeɛ mmrɛ AWURADE, ahyiaeɛ ntomadan no ano, asodie ho afɔdeɛ dwennini na ɔmfa mmra.

22 Na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ dwennini no mpata mma no, AWURADE anim, bɔne a wayɛ no nti, na wɔde ne bɔne a wayɛ no akyɛ no.

23 Na sɛ moduru asase no so na motɛ dua biara a wɔdie a, mommu n’aba no sɛ momonotodeɛ; mfeɛ mmiɛnsa na ɛnyɛ mo momonotodeɛ, wɔnnni;

24 na afe a ɛtɔ so nnan no, ɛso aba nyinaa nyɛ kronkron mma AWURADE ayeyie;

25 na afe a ɛtɔ so nnum no, monni n’aba, na ne nnɔbaeɛ nkɔ so nnɔɔso mma mo: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

26 Mommfa mogya nnka biribi ho nnni. Monnni adebisasɛm na monngoro abayigorɔ.

27 Monnkonton mo nwi ano, na nsɛe wo bɔdwesɛ ano.

28 Mommotabota mo ho mmma awufoɔ, na monnkurukyire mo ho atwerɛ biara: Mene AWURADE.

29 Nhura wo babaa ho mma no mmmɔ adwaman, na asase no ammɔ adwaman, na mmusuo anyɛ asase no so ma.

30 Monni me home nna na monsuro me kronkronbea no: Mene AWURADE.

31 Monnnane mo ho nnkɔ ɔdebisafoɔ nkyɛn, na monnhwehwɛ adunsinfoɔ akyiri kwan mmfa nngu mo ho fi wɔ wɔn ho: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

32 Fa obuo ma ɔpanin, aane di akɔkoraa ni, na suro wo Nyankopɔn: Mene AWURADE.

33 Na sɛ ɔhɔhoɔ bi bɛsoɛ mo asase so a, monnhyɛ ne so.

34 Ɔhɔhoɔ a wabɛtena mo mu nyɛ mo sɛ mo kuromani bi, na dɔ no sɛ wo ho, ɛfiri sɛ moyɛɛ Misraim asase so ahɔhoɔ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

35 Monntwa atemmuo mu nkontompo, adesusuo, adekarie ne adehyɛ mu;

36 nsania tee, abrammoɔ tee, efa tee ne susutoa tee na monkura: Mene AWURADE mo Nyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase soɔ no.

37 Na monni m’ahyɛdeɛ nyinaa ne m’atemmudeɛ nyinaa so nyɛ: Mene AWURADE.

Lewitikɔs 20

Asoɔden ho asotwe

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Obiara a ɔfiri Israelfoɔ anaa ahɔhoɔ a wɔabɛtena Israel mu no mu a ɔde ne mma mu bi ma Molek no, kum na wɔnku no; asase no sofoɔ nsi no aboɔ.

3 Na me nso mɛma m’ani asa onipa no, na matwa no afiri ne man mu atwene, ɛfiri sɛ ɔde ne mma mu bi ama Molek de agu me kronkronbea no ho fi na wahura me din kronkron no ho.

4 Na sɛ ɔde ne mma mu bi ma Molek na asase no sofoɔ no bu wɔn ani gu saa onipa no so na wɔanku no a,

5 me deɛ, mɛma m’ani asa onipa no ne n’abusua, na mɛtwa ɔno ne wɔn a wɔdi n’akyire adwamammɔ kwan soɔ na wɔdi Molek akyire bɔ adwaman no nyinaa afiri wɔn man mu agu.

6 Na ɔkra a ɔdane ne ho kɔ adebisafoɔ anaa adunsinfoɔ nkyɛn kɔdi wɔn akyire adwamammɔ kwan soɔ no, mɛma m’ani asa saa ɔkra no, na mɛtwa no afiri ne man mu atwene.

7 Enti monte mo ho na monyɛ kronkron, na mene AWURADE mo Nyankopɔn.

8 Na monni m’ahyɛdeɛ so na monyɛ: Mene AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no.

9 Sɛ obiara dome n’agya anaa ne na a, kum na wɔnku no; wadome n’agya ne ne na, ne mogya gu n’atifi.

10 Ɔbarima a ɔfa ɔbarima bi yere na ɔne ne yɔnko yere sɛe awadeɛ no, kum na wɔnkum ɔbarima ne ɔbaa awaresɛefoɔ no.

11 Na ɔbarima a ɔne n’agya yere da no, wayi n’agya adagya so; kum na wɔnkum wɔn baanu nyinaa; wɔn mogya gu wɔn atifi.

12 Na ɔbarima a ɔne n’ase a ɔyɛ ne ba yere da no, kum na wɔnkum wɔn baanu nyinaa; wɔayɛ akyiwadeɛ. Wɔn mogya gu wɔn atifi.

13 Na ɔbarima a ɔne ɔbarima bi da ɔbaa nna no, wɔn baanu ayɛ akyiwadeɛ, kum na wɔnku wɔn; wɔn mogya gu wɔn atifi.

14 Sɛ ɔbarima bi fa ɔbaa ne ne na nyinaa a, ɛyɛ abusudeɛ. Wɔmfa ogya nhye ɔno ne wɔn nyinaa, na abusudeɛ antena mo mu.

15 Na ɔbarima a ɔne aboa bi da no, kum na wɔnku no, na aboa no nso monku no.

16 Na ɔbaa a ɔkɔ aboa biara ho kɔda hɔ ma no no, kum ɔbaa no ne aboa no; kum na wɔnku wɔn; wɔn mogya gu wɔn atifi.

17 Na ɔbarima a ɔfa ne nuabaa a ɔyɛ n’agya ba anaa ne na ba na ɔhunu n’adagya na ɔbaa no nso hunu n’adagya no, ɛyɛ animguasedeɛ, na wɔntwitwa wɔn ngu, wɔn man mma anim; wayi ne nuabaa adagya so; ɔnsoa ne mmusuo.

18 Na ɔbarima a ɔne ɔbrafoɔ da na ɔyi n’adagya soɔ na ɔbue n’abura ano, na ɔno nso yi ne mogya abura soɔ no, wɔntwitwa wɔn baanu nyinaa mfiri wɔn man mu ngu.

19 Na nyi wo na nuabaa anaa w’agya nuabaa adagya so, ɛfiri sɛ wayi ne bogya adagya so; wɔnsoa wɔn mmusuo.

20 Na ɔbarima a ɔne n’agya nua yere da, wayi n’agya nua adagya so, wɔnsoa wɔn bɔne, wɔrenwo mma na wɔawu.

21 Na obi fa ne nua yere ware a, ɛyɛ adeɛ a ɛho nteɛ; wayi ne nua adagya so, wɔrennya ɔba.

22 Enti monni m’ahyɛdeɛ nyinaa ne m’atemmudeɛ nyinaa so na monyɛ, na asase a mede mo rekɔ akɔtena soɔ no amfe mo angu.

23 Na mommfa aman a merebɛtu wɔn mo anim ho ahyɛdeɛ so; na wɔayɛ yeinom nyinaa na wɔn ho ayɛ me nwunu;

24 na mese mo sɛ: Mo na monni wɔn asase soɔ, na mede mema mo sɛ momfa, asase a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ no. Mene AWURADE mo Nyankopɔn a mayi mo afiri amanaman mu no.

25 Na mompae asase so mmoa a wɔn ho teɛ ne wɔn a wɔn ho nteɛ mu, ne nnomaa a wɔn ho nteɛ ne wɔn a wɔn ho teɛ mu, na moamfa asase so mmoa ne nnomaa ne adeɛ biara a ɛwea fam a mapae mu mama mo sɛ ɛho nteɛ no angu mo kra ho fi.

26 Na monyɛ kronkron mma me, ɛfiri sɛ me AWURADE, meyɛ kronkron. Na mayi mo afiri aman mu sɛ mommɛyɛ me deɛ.

27 Na ɔbarima anaa ɔbaa a adebisa anaa akɔm honhom wɔ ne mu no, kum na wɔnku wɔn; wɔnsi wɔn aboɔ; wɔn mogya gu wɔn atifi.

Lewitikɔs 21

Asɔfoɔ ho ahyɛdeɛ

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Aaron mma asɔfoɔ no na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo mu biara nngu ne ho fi efunu bi ho ne man mu,

2 gye ne bogya a ɔbɛn no, ne na ne n’agya ne ne babanin ne ne babaa ne ne nuabarima,

3 ne ne nuabaa a ɔyɛ ɔbaabunu a ɔbɛn no a ɔnnya nnyaa kunu, ɔno ho na ɔmma ne ho nkum.

4 Ɔyɛ ne nkurɔfoɔ mu nipa titire nti, ɔnngu ne ho fi, nanso ɔnnhura ne ho.

5 Wɔnnyi wɔn mpampam na wɔnnwɛre wɔn bɔdwesɛ ano, na wɔmmmotabota wɔn honam mu.

6 Wɔnyɛ kronkron mma wɔn Nyankopɔn, na wɔnnhura wɔn Nyankopɔn din ho, ɛfiri sɛ wɔn na wɔde AWURADE gya afɔdeɛ, wɔn Nyankopɔn aduane no ba; enti wɔnyɛ kronkron.

7 Wɔnnware ɔbaa dwamamfoɔ bi anaa deɛ ne ho ahura, nanso wɔnnware ɔbaa a ne kunu ako no, ɛfiri sɛ ɔyɛ kronkron ma ne Nyankopɔn.

8 Na bu no kronkron, ɛfiri sɛ wo Nyankopɔn aduane na ɔde ba; ɔnyɛ onipa kronkron mma wo, ɛfiri sɛ kronkron ne me AWURADE a ɔyɛ kronkron no.

9 Na sɛ ɔsɔfoɔ babaa firi aseɛ bɔ adwaman a, wahura n’agya ho, wɔmfa ogya nhye no.

10 Na ne nuanom mu sɔfo panin a wɔahwie sra ngo agu n’atifi na wɔde ahyɛ ne nsam sɛ ɔnhyɛ ntadeɛ no, ɔmmpɛsɛ ne ti na ɔnnsunsuane ne ntadeɛ mu,

11 na ɔnnkɔ efunu biara ho, n’agya ne ne na ho mpo ɔmmma ne ho nnkum.

12 Na ɔmmfiri kronkronbea hɔ, na ɔnnhura ne Nyankopɔn kronkronbea ho, ɛfiri sɛ ne Nyankopɔn sra ngo no wɔ n’atifi: Mene AWURADE.

13 Na ɔno deɛ, ɔbaabunu na ɔnwareɛ;

14 okunafoɔ ne deɛ wɔako no ne deɛ ne ho ahura ne odwamamfoɔ deɛ, ɔnnware yeinom mu biara, na mmom ne man mu baabunu na ɔnwareɛ.

15 Na ɔnnhura n’asefoɔ ho ne man mu: Na mene AWURADE a meyɛ no kronkron.

16 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

17 Kasa kyerɛ Aaron sɛ: W’asefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ mu barima a ɔdi dɛm biara mmma mmmɛfa ne Nyankopɔn aduane no mmma;

18 na obiara a ɔdi dɛm no mmmɛn, onifirani oo, apakye oo, hwento oo, deɛ ne honam biribi boro so oo,

19 deɛ ne nan anaa ne nsa abu oo,

20 afu oo, epira oo, deɛ ɛtɛ si n’ani soɔ oo, deɛ ɔyare ntwom oo, ogyatɔni oo, deɛ ne hwewa nnwoa abobɔ oo,

21 Ɔsɔfoɔ Aaron asefoɔ mu biara a ɔdi dɛm no nntwe mmpini mmmɛfa AWURADE gya afɔdeɛ no mma; ɛdɛm wɔ ne ho, ɔmmfa ne Nyankopɔn aduane no nntwe mmpini.

22 Ne Nyankopɔn aduane, akronkronneɛ mu ade kronkron ɛne akronkronneɛ no deɛ, ɔnni bi.

23 Ntwamutam no ho nko na ɔmmma, na afɔrebukyia no ho na ɔnntwe mmpini, ɛfiri sɛ ɛdɛm wɔ ne ho: Na wanhura m’akronkronneɛ no ho, ɛfiri sɛ mene AWURADE a meyɛ wɔn kronkron.

24 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ nyinaa.

Lewitikɔs 22

Asɔfoɔ a wɔn ho agu fi nnhura akronkronneɛ no ho

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ wɔnte wɔn ho mfiri Israelfoɔ akronkronneɛ ho, na wɔnnhura me din kronkron no ho, adeɛ a wɔyɛ no kronkron ma me no mu: Mene AWURADE.

3 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo awoɔ ntoatoasoɔ mu barima biara a ɔfiri mo asefoɔ nyinaa mu a ɔba akronkronneɛ a Israelfoɔ ayɛ no kronkron ama AWURADE na ne fi wɔ ne soɔ no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri m’anim atwene: Mene AWURADE.

4 Aaron asefoɔ mu barima biara a ɔyɛ ɔkwatani anaa deɛ ne ho sene no nnni akronkronneɛ no bi kɔsi sɛ ne ho bɛteɛ; na deɛ ɔka adeɛ a efunu agu ɛho fi anaa obi a ne ho nsuo afiri ne mu,

5 anaa obi a ɔka adeɛ biara a ɛwea a ɛmma ne ho nteɛ anaa onipa a ne ho fi biara nti ne ho nteɛ no:

6 Ɔkra a ɔka no, ne ho nte kɔsi anwummerɛ, na ɔnnni akronkronneɛ no bi gye sɛ ɔde nsuo adware ne ho ansa.

7 Na sɛ owia kɔtɔ a, ne ho te, ɛno akyiri ansa na ɔnni akronkronneɛ no bie, ɛfiri sɛ ɛyɛ n’aduane.

8 Aboa funu anaa deɛ wɔatete ne mu no, ɔnnni mmfa nngu ne ho fi: Mene AWURADE.

9 Na wɔnhwɛ m’ahwɛdeɛ na wɔansoa ɛho bɔne, na sɛ wɔhura ho a, wɔanwuwu: Mene AWURADE a meyɛ wɔn kronkron no.

10 Ɔhɔhoɔ biara nnni akronkronneɛ no bi, na deɛ wabɛtena ɔsɔfoɔ bi nkyɛn anaa ɔpaani nnni akronkronneɛ no bi.

11 Na sɛ ɔsɔfoɔ bi de ne sika tɔ onipa bi a, ɔno deɛ, ɔnni bi, ɛne deɛ wɔwoo no ne fie, wɔn na wɔnni n’aduane no bie.

12 Na sɛ ɔsɔfoɔ babaa bi kɔware ɔhɔhoɔ bi a, ɔnnni akronkronneɛ mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no bi.

13 Na sɛ ɔsɔfoɔ babaa yi yɛ okunafoɔ anaasɛ wɔako no, na ɔnni ba, na ɔsane ba n’agya fie sɛ ne mmɔfraase a, ɔnni n’agya aduane no bi; na ɔhɔhoɔ biara deɛ, ɔnnni bi.

14 Na sɛ obi anhyɛda, na ɔdi akronkronneɛ no bi a, ɔmfa n’abupɛn nnum mu baako mpae so, na ɔnnane akronkronneɛ no mma ɔsɔfoɔ no.

15 Na wɔnnhura Israelfoɔ no akronkronneɛ a wɔde bɔ afɔdeɛ ma AWURADE no ho,

16 na wɔmmma wɔnnsoa asodie bɔne bi wɔn akronkronneɛ no die mu, ɛfiri sɛ mene AWURADE a ɔyɛ wɔn kronkron.

17 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

18 Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ no nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ: Obiara a ɔfiri Israel fie anaa Israel mu ahɔhoɔ mu a ɔde n’ayɛyɛdeɛ bɛba, wɔn bɔhyɛ adeɛ biara anaa wɔn ayamyi adeɛ biara a wɔde brɛ AWURADE abɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;

19 deɛ ɛbɛyɛ na ɛbɛsɔ ani ama mo nti, ɛnyɛ onini a ɔdi mu a ɔfiri anantwie, nnwanten anaa mmirekyie mu;

20 adeɛ biara a ɛdɛm wɔ ne ho no, mommfa mmma, ɛfiri sɛ ɛrensɔ ani mma mo.

21 Na obiara a ɔde asomdwoeɛ afɔdeɛ bɛbrɛ AWURADE sɛ ɔde rewie n’aboadeɛ ma anaa ayamyi adeɛ a ɛfiri anantwie anaa nnwan mu no, ɔmma no nni mu, na ɛnsɔ ani; ɛnnni dɛm biara.

22 Deɛ n’ani afira anaasɛ wabubuo anaasɛ wapira anaasɛ watutu akuro anaasɛ ntwom anaa nsoa agu ne ho no, mommfa yeinom biara mmmrɛ AWURADE, na mommfa wɔn mu biara nnsɔ afɔrebukyia no so gya mmma AWURADE.

23 Na nantwie anaa odwan a ne ho biribi boro soɔ anaasɛ watɔ ape no, ayamyi afɔdeɛ deɛ, fa no bɔ, na aboadeɛ deɛ, ɛnsɔ ani.

24 Na deɛ wɔapɛkyɛ, wɔabɔ, wɔatu anaa wɔasa no no, mommfa mmmrɛ AWURADE, na mo asase so nso monnyɛ saa.

25 Na ɔnanani bi nsam nso monnnye yeinom mu biara mmfa mmmɛyɛ mo Nyankopɔn aduane, ɛfiri sɛ wɔn ho aka, ɛdɛm wɔ wɔn ho, ɛrensɔ ani mma mo.

26 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

27 Nantwie, odwanten anaa abirekyie, sɛ wɔwo no a, ɔntena ne na ase nnanson, na ɛfiri da a ɛtɔ so nwɔtwe de rekorɔ no, wɔde yɛ ayɛyɛdeɛ ma AWURADE gya afɔdeɛ a ɛbɛsɔ ani.

28 Na monnkum nantwie anaa odwan ne ne ba nyinaa da koro.

29 Na sɛ mobɔ aseda afɔdeɛ ma AWURADE a, mommɔ no sɛdeɛ ɛbɛma moasɔ ani;

30 da no ara wɔnni; monnnya mu bi nnkɔsi anɔpa: Mene AWURADE.

31 Na monni me mmara nsɛm so na monyɛ: Mene AWURADE.

32 Na monnhura me din kronkron no ho, na wɔmmu me kronkron Israelfoɔ mu: Mene AWURADE a meyɛ mo kronkron a

33 meyii mo firii Misraim asase soɔ sɛ merebɛyɛ mo Nyankopɔn: Mene AWURADE.

Lewitikɔs 23

AWURADE afahyɛ ahodoɔ

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: AWURADE afahyɛ ahodoɔ a mompae sɛ ɛnyɛ nhyia kronkron, m’afahyɛ nna no nie.

3 Nnansia na wɔnyɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no yɛ home mu homeda, wɔnhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwuma biara, ɛyɛ AWURADE homeda mo tenabea nyinaa mu.

4 Yeinom ne AWURADE afahyɛ, nhyia kronkron a mompae ne mmerɛ mu no:

5 Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ yɛ AWURADE twam;

6 na bosome no ara da a ɛtɔ so dunum no yɛ AWURADE apiti afahyɛ, nnanson na monni apiti.

7 Da a ɛdi kan no monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara.

8 Na momfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE nnanson; da a ɛtɔ so nson no monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara.

9 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

10 Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ moduru asase a mede merema mo no so na motwa ɛso nnɔbaeɛ a, momfa mo nnɔbaeɛ fi a ɛdi kan no mmrɛ ɔsɔfoɔ;

11 na ɔnhim efi no AWURADE anim, na ɛnsɔ ani mma mo; homeda no, adeɛ kye a, na ɔsɔfoɔ no nhim.

12 Na ɛda a mohim efi no, momfa odwanten ba a ɔdi mu a wadi afe mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma AWURADE,

13 ne ɛho aduane afɔdeɛ, esiam abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre, na ɛnyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ne ɛho ahwiesa, bobesa susutoa abupɛn nnan mu baako.

14 Na monnni paanoo anaa ayuo a wɔato anaasɛ wɔasie kɔsi da no ara a mode mo Nyankopɔn ayɛyɛdeɛ reba no. Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mma mo awoɔ ntoatoasoɔ, mo tenabea nyinaa mu.

Ɔtwa Afahyɛ

15 Na monkan nna mfa mfiri homeda no akyiri da, da a mode ohim fi no ba no ɛnyɛ nnawɔtwe nson pɛpɛɛpɛ.

16 Monkan adaduonum nkɔsi homeda a ɛtɔ so nson no akyiri da so ansa na mode aduane afɔdeɛ foforɔ abrɛ AWURADE.

17 Momfa ohim paanoo mmienu mfiri mo tenabea mmra; esiam abupɛn du mu mmienu mmɔreka na wɔmfa nto, na ɛnyɛ aduanekan mma AWURADE.

18 Na momfa nnwanten mma nson a wɔdi mu a wɔadi afe afe ne nantwiburuwa baako ne adwennini mmienu nka paanoo no ho; wɔnyɛ AWURADE ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.

19 Na momfa ɔpapo baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ ne nnwanten mma mmienu a wɔadi afe afe mmɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

20 Na ɔsɔfoɔ no nhim wɔn ne aduanekan paanoo no ne nnwanten mma mmienu no na ɛnyɛ AWURADE anim ohim afɔdeɛ: Ɛnyɛ kronkron mma AWURADE na wɔmfa mma ɔsɔfoɔ no.

21 Na monhyia da no ara; ɛnyɛ mo nhyia kronkron, monnyɛ adwuma den biara. Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mo tenabea nyinaa mu, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

22 Na sɛ motwa mo asase so nnɔbaeɛ a, nwie w’afuo nkwanseɛ deɛ twa, na nni wo nnɔbaeɛ no mu mpɛpɛ: Gya ma ohiani ne ɔhɔhoɔ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

23 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

24 Kasa kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan nyɛ mo homeda, totorobɛntohyɛn nkaeɛ, nhyia kronkron;

25 monnyɛ adwumaden biara, na momfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE.

26 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

27 Bosome a ɛtɔ so nson yi ara da a ɛtɔ so du ne mpata da; monhyia nhyia kronkron, na mommrɛ mo kra ase na momfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE.

28 Na ɛda no monnyɛ adwuma biara, ɛfiri sɛ ɛyɛ mpata da a wɔpata ma mo, AWURADE mo Nyankopɔn anim.

29 Na ɔkra biara a ɔmmrɛ ne ho ase da no no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene.

30 Na ɔkra biara a ɔyɛ adwuma bi saa da no no, mɛsɛe saa ɔkra no afiri ne man mu.

31 Monnyɛ adwuma biara; ɛyɛ daa ahyɛdeɛ ma mo awoɔ ntoatoasoɔ, mo tenabea nyinaa mu.

32 Ɛyɛ home mu homeda ma mo, na mommrɛ mo kra ase bosome no da a ɛtɔ so nkron no anwummerɛ; monni mo homeda no mfiri anwummerɛ nkɔsi anwummerɛ.

33 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

34 Kasa kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Bosome a ɛtɔ so nson yi da a ɛtɔ so dunum no yɛ asese afahyɛ nnanson ma AWURADE.

35 Da a ɛdi kan no yɛ nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara.

36 Nnanson na momfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE; da a ɛtɔ so nwɔtwe no nyɛ mo nhyia kronkron, na momfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE; ɛyɛ afahyɛ awieeɛ, monnyɛ adwumaden biara.

37 Yeinom ne AWURADE afahyɛ ahodoɔ a mompae sɛ wɔnhyia nhyia kronkron no, na wɔmfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE, ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne kum afɔdeɛ ne ahwiesa, ebiara wɔ ne da mu.

38 Ɛsono AWURADE home nna no, na ɛsono mo ayɛyɛdeɛ, na ɛsono mo aboadeɛ nyinaa, na ɛsono mo ayamyi adeɛ nyinaa a mode ma AWURADE no.

39 Nso bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so dunum a moreboa asase so nnɔbaeɛ ano no, monni AWURADE nnapɔnna nnanson: Da a ɛdi kan no yɛ homeda, na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no yɛ homeda.

40 Na ɛda a ɛdi kan no, momfa nnua afɛfɛ so adeɛ, ɛberɛ ne nnua kusuu mman ne nsunoa nnua, na mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn anim nnanson.

41 Na momfa nni nnapɔnna mma AWURADE, nnanson daa afe. Ɛyɛ daa ahyɛdeɛ ma mo awoɔ ntoatoasoɔ; bosome a ɛtɔ so nson no mu na monni nnapɔnna yi.

42 Asese mu na montena nnanson, Israel man mma nyinaa ntena asese mu,

43 na mo awoɔ ntoatoasoɔ ahunu sɛ meyii Israelfoɔ firii Misraim asase soɔ no, asese mu na memaa wɔtenaeɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

44 Na Mose paee AWURADE afahyɛ no kyerɛɛ Israelfoɔ.

Lewitikɔs 24

Nkanea no ngo

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Hyɛ Israelfoɔ ma wɔmmrɛ wo ngodua aba a wɔasie ngo korɔgyenn na wɔmfa nsɔ kanea no, na kanea no nsi so daa;

3 adanseɛ ntwamutam no akyi, ahyiaeɛ ntomadan no mu na Aaron nsiesie mfiri anwummerɛ nkɔsi anɔpa, AWURADE anim daa; ɛyɛ daa ahyɛdeɛ ma mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa.

4 Sika amapa kaneadua a ɛho teɛ no so na ɔnsiesie nkanea no, AWURADE anim daa.

Kyerɛ paanoo

5 Na fa esiam to taterɛ dummienu; olonka abupɛn du mu mmienu nyɛ taterɛ baako.

6 Na fa sesɛ so akyerɛpɛn mmienu, nsia nyɛ kyerɛpɛn baako, ɛpono a ɛho teɛ no so, AWURADE anim.

7 Na fa ohwamfufuo korɔgyenn toto akyerɛpɛn no so, na ɛnyɛ paanoo no so nkaeɛ adeɛ, ogya afɔdeɛ a wɔsɔ ma AWURADE.

8 Daa homeda na ɔnsiesie wɔ AWURADE anim daa, ɛyɛ Israelfoɔ fam daa apam;

9 na ɛnyɛ Aaron ne ne mma deɛ, na wɔnni wɔ deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri AWURADE gya afɔdeɛ so ma no, ɛyɛ daa kyɛfa.

Mmusuo ho asotwe

10 Na Israelni baa bi ba a n’agya yɛ Misraimni firii adi Israelfoɔ no mu, na Israelni baa no ba no ne Israelni bi hamee nsraban no mu.

11 Na Israelni baa no ba no kaa edin no ho abususɛm, na ɔdomee. Na wɔde no brɛɛ Mose. Nso ne na din de Selomit, Dibri ba a ɔfiri Dan abusuakuo mu;

12 na wɔbɔɔ no dua mu sɛ ɛnkɔsi sɛ ɔbɛnya AWURADE anomu asɛm aka akyerɛ wɔn.

13 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

14 Fa deɛ wadome no firi adi kɔ nsraban no akyi, na wɔn a wɔteeɛ no nyinaa mfa wɔn nsa ngu n’atifi, na asafo no nyinaa nsi no aboɔ.

15 Na kasa kyerɛ Israelfoɔ nso sɛ: Obiara a ɔbɛdome ne Nyankopɔn no, ɔbɛsoa ne bɔne.

16 Na deɛ ɔka AWURADE din ho abususɛm no, kum na wɔnku no: Sie na asafo no nyinaa nsi no aboɔ; ɔhɔhoɔ oo, kuromani oo, sɛ ɔka edin no ho abususɛm a, wɔnku no.

17 Na sɛ obi kum onipa biara a, kum na wɔnku no.

18 Na deɛ ɔkum afieboa no, ɔnsi ananmu, ɔkra nsi ɔkra ananmu.

19 Na deɛ ɔpira ne yɔnko nipa no, sɛdeɛ ɔyɛeɛ no, wɔnyɛ no saa ara:

20 Ebuo nsi ebuo ananmu, ani nsi ani ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu; sɛdeɛ ɔpiraa onipa no, saa ara na wɔnyɛ no.

21 Na deɛ ɔkum afieboa no, ɔnsi ananmu, na deɛ ɔkum onipa no, wɔnku no.

22 Atemmuo koro nna hɔ mma mo, ɔhɔhoɔ nyɛ sɛ okuromani. Na mene AWURADE mo Nyankopɔn.

23 Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ, na wɔde deɛ ɔdomeeɛ no firii adi kɔɔ nsraban no akyi kɔsii no aboɔ. Na Israelfoɔ yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

Lewitikɔs 25

Ahomegyeɛ afe

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Sinai bepɔ so sɛ:

2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ moduru asase a mede merema mo no so a, asase no nhome nni home afe mma AWURADE.

3 Mfeɛ nsia na dua w’afuo mu adeɛ, na mfeɛ nsia no pempane wo bobe turo mu nnua ho na boa emu nnɔbaeɛ ano;

4 na afe a ɛtɔ so nson no nyɛ ahomegyeɛ home mma asase no, ɛnyɛ home mma AWURADE: Nnua w’afuo mu adeɛ, na mpempane wo bobe turo mu nnua ho.

5 Wo ntwakaeɛ a ɛfifire no, ntwa, na wo bobehoma a woampempane no so esa esa no, ntete, ɛnyɛ ahomegyeɛ afe mma asase no.

6 Na asase no home mu adeɛ nyɛ mo deɛ, na monni, wo ne w’akoa ne w’afenaa ne wo paani ne wo hɔhoɔ a wɔabɛtena wo nkyɛn,

7 ne w’afieboa ne mmoa a wɔwɔ w’asase no soɔ, na ɛso nnɔbaeɛ no nyinaa nyɛ wɔn aduane.

8 Na kan home mfeɛ nson, mfeɛ nson ahodoɔ nson, fa, na home mfeɛ nson no mu nna nyɛ aduanan nkron.

9 Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so du no, ma wɔnhyɛne totorobɛnto ntwa mu; mpata da no mu na momma wɔnhyɛne totorobɛnto ntwam mo asase nyinaa soɔ.

10 Na monyɛ afe a ɛtɔ so aduonum no afe kronkron, na mompae ahofadie, asase no so, mma ɛsotefoɔ nyinaa; ɛnyɛ mo ahosɛpɛ afahyɛ na mo mu biara nsane nkɔ mo agyapadeɛ mu, na obiara nsane nkɔ n’abusua mu.

11 Ahosɛpɛ afahyɛ na saa afe a ɛtɔ so aduonum no nyɛ mma mo: Monnnua adeɛ na monntwa ne ntwakaeɛ a ɛfifiriiɛ, na monntete mo bobe homa a wɔampempane ho no so aba.

12 Na ɛyɛ ahosɛpɛ afahyɛ afe, ɛnyɛ kronkron mma mo. Monni mfuo mu nnɔbaeɛ a ɛba afe no mu no.

13 Ahosɛpɛ afahyɛ afe yi mu no, mo mu biara nsane nkɔ mo agyapadeɛ mu.

14 Na sɛ wotɔn biribi ma wo yɔnko anaasɛ wotɔ wo yɔnko nsam biribi a, mo mu bi nnni ne nua amim.

15 Sɛdeɛ ahosɛpɛ afahyɛ afe no akyiri mfirinhyia ano teɛ na tɔ wo yɔnko nkyɛn adeɛ, sɛdeɛ nnɔbaeɛ mfirinhyia ano teɛ na ɔntɔn mma woɔ.

16 Mfeɛ no dɔɔso a, to ne boɔ so, na mfeɛ no sua a, te ne boɔ so, ɛfiri sɛ afe afe nnɔbaeɛ na ɔtɔn ma woɔ.

17 Na mo mu biara nnni ne yɔnko amim, na suro wo Nyankopɔn: Na mene AWURADE mo Nyankopɔn.

18 Na monyɛ m’ahyɛdeɛ na monni m’atemmudeɛ so nyɛ, na montena asase no so dwoodwoo.

19 Na asase no bɛba n’aduane na moadi amee, na moatena so dwoodwoo.

20 Na sɛ moka sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛdi afe a ɛtɔ so nson no mu? Hwɛ, yɛnnua na yɛntwa yɛn nnɔbaeɛ a,

21 ɛnneɛ, mɛhyɛ me nhyira mama mo afe a ɛtɔ so nsia no mu, na aba mfeɛ mmiɛnsa aduane;

22 na modua aduane afe a ɛtɔ so nwɔtwe no mu a, mobɛdi nnɔbaeɛ dada no akɔsi afe a ɛtɔ so nkron no mu. Mobɛdi aduane dada no akɔsi sɛ ne nnɔbaeɛ bɛba.

23 Na wɔnntɔn asase no korakora, ɛfiri sɛ asase no yɛ me dea na moyɛ me nkyɛn ahɔhoɔ ne atubrafoɔ.

24 Na asase a modi soɔ nyinaa, momma asase no gyeɛ ho kwan.

25 Sɛ ɛhia wo nua na ɔtɔn n’adeɛ bi a, ɛnneɛ ne gyefoɔ a ɔyɛ obusuani a ɔbɛn no mmra mmɛgye deɛ ne nua tɔneeɛ no.

26 Na sɛ obi nni gyefoɔ na ne nsa aso na wanya deɛ ɛso gyeɛ a,

27 ɛnneɛ, ɔmmu mfeɛ a ɔtɔneeɛ no ano na ɔnhyɛ deɛ ɛboro soɔ no ananmu mma deɛ ɔtɔn maa no no, na ɔnsane mmra n’adeɛ ho.

28 Na sɛ ne nsa anso deɛ ɛso ananmuhyɛ no so a, ɛnneɛ, adeɛ a ɔtɔneeɛ no ntena deɛ ɔtɔeɛ no nsam nkɔsi ahosɛpɛ afahyɛ afe no, na ɛfiri ahosɛpɛ afahyɛ afe no mu no, ɔnsane mmra n’adeɛ ho.

29 Na sɛ obi tɔn efie a wɔtena mu wɔ kuro a ɔfasuo wɔ ho mu a, wɔmma ne gyeɛ ho kwan nkɔsi sɛ ne tɔn afe no duru soɔ; nna yi na ɔwɔ ne gyeɛ ho kwan.

30 Na sɛ wannye ma afe mu wie duru a, ɛnneɛ, efie a ɛwɔ kuro a ɔfasuo wɔ ho mu no nyɛ deɛ ɔtɔeɛ no dea korakora, n’awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; ɔdenadeɛ no ntumi mmɛgye bio ahosɛpɛ afahyɛ afe no mu.

31 Na adan a ɛwowɔ nkuraa a ɔfasuo nni ho aseɛ no deɛ, wɔmmu nka asase no so mfuo ho: Wɔmma ne gyeɛ ho kwan; na wɔmmɛgye no ahosɛpɛ afahyɛ afe no mu.

32 Na Lewifoɔ nkuro a ɛyɛ nkuro a wɔdi soɔ no mu afie deɛ, Lewifoɔ wɔ ne gyeɛ ho kwan daa.

33 Na sɛ Lewifoɔ mu bi annye ne fie a wɔatɔn a ɛwɔ kuro a ɔdi soɔ mu a, ahosɛpɛ afahyɛ afe no mu no, ɔmfa n’adeɛ, ɛfiri sɛ Lewifoɔ nkuro mu afie ne wɔn adeɛ a wɔdi soɔ Israelfoɔ mu.

34 Na wɔn nkuro ho mmoa adidibea nsase deɛ, wɔnntɔn, na ɛyɛ wɔn adeɛ a wɔdi so daa.

35 Na sɛ ɛhia wo nua na ɔpa aba a, sɔ no mu na ɔntena wo nkyɛn sɛ ɔhɔhoɔ ne otudanfoɔ.

36 Nnye ne hɔ mfɛntomu, na nhuri ne ka a ɔde woɔ no, na suro wo Nyankopɔn, na wo nua nnya wo nkyɛn nkwa.

37 Mfa wo sika mma no nnye ɛho mfɛntomu, na nhuri w’aduane a woma no no:

38 Mene AWURADE mo Nyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase soɔ sɛ mede Kanaan asase merema mo na mayɛ mo Nyankopɔn.

39 Na sɛ ɛhia wo nua a ɔwɔ wo nkyɛn na wɔtɔn no ma wo a, nni no nya,

40 na mmom ɔntena wo nkyɛn sɛ ɔpaani ne otudanfoɔ; ɔnsom wo nkɔsi ahosɛpɛ afahyɛ afe no so.

41 Ɛno na ɔmfiri wo nkyɛn, ɔno ne ne mma nyinaa, na ɔnsane nkɔ n’abusua mu ne n’agyanom adeɛ a wɔdi soɔ no ho.

42 Na wɔyɛ me nkoa a meyii wɔn firii Misraim asase so. Wɔnntɔn wɔn nkoatɔn.

43 Mfa nyadie nhyɛ no so, na suro wo Nyankopɔn.

44 Na w’akoa ne w’afenaa a wobɛnya no, amanaman a wɔgugu mo ho no, wɔn mu na tɔ akoa ne afenaa.

45 Na ahɔhoɔ a wɔatu abɛtena mo nkyɛn no mma no nso, montɔ wɔn mu bi ne wɔn abusuafoɔ a wɔne mo teɛ a wɔawo wɔn mo asase soɔ no bi, na wɔnyɛ mo agyapadeɛ,

46 na moagya wɔn ama mo mma wɔ mo akyi ayɛ wɔn awunnyadeɛ ne adeɛ a wɔdi so daa, na wɔnsom mo nkoasom; na mo nuanom Israelfoɔ deɛ, obiara mmfa nyadie nnhyɛ ne nua so.

47 Na sɛ wo nkyɛn hɔhoɔ anaa otubrafoɔ bi nsam wɔ biribi, na ɛhia wo nua a ɔne no wɔ hɔ, na wɔtɔn no ma ɔhɔhoɔ a watu abɛtena wo nkyɛn anaa ɔhɔhoɔ no abusua mu nipa bi a,

48 ɛnneɛ, ne tɔn akyiri no, wɔmma ne gyeɛ ho kwan; ne nuanom mu baako nnye no,

49 anaasɛ n’agya nua anaa n’agya nua ba nnye no, anaasɛ n’abusua mu bogya bi nnye no, anaasɛ ne nsam wɔ biribi a, ɔnnye ne ho.

50 Na ɔne deɛ ɔtɔɔ no no mmu nkonta mfiri afe a wɔtɔn no maa no no so nkɔsi ahosɛpɛ afahyɛ afe no so, na ne tiriadeɛ nyɛ sɛdeɛ mfeɛ no dodoɔ teɛ, ɔne no asetena nyɛ sɛ ɔpaani nna.

51 Sɛ mfeɛ no da so dɔɔso a, ne tiri sika no mu gyeɛ adeɛ a ɔbɛdane ama no no nnɔɔso saa ara;

52 na sɛ aka mfeɛ kakraa bi na aduru ahosɛpɛ afahyɛ afe no so a, ɔmmu mma no: Ne mfeɛ no ano pɛ na ɔnnane ne gyeɛ adeɛ mma no:

53 Ɔne no asetena nyɛ sɛ ɔpaani deɛ afe afe: Ɔmmfa nyadie nnhyɛ no so wɔ w’anim.

54 Na sɛ wɔamfa yeinom so annye no a, ɛnneɛ, ahosɛpɛ afahyɛ afe no mu, ɔmfa ne ho nkɔdi, ɔno ne ne mma nyinaa.

55 Na me na Israelfoɔ yɛ me nkoa. Me nkoa a meyii wɔn firii Misraim asase soɔ ne wɔn: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Lewitikɔs 26

Mmara no so die ho nhyira

1 Monnyɛ anyamehuhuo mmfa, na mommfa ahoni anaa ɔbosom dum bi nnsi hɔ mmfa, na mommfa ɔboɔ a wɔadi ho adwini nnsi mo asase so nnkoto nnsɔre wɔ ho, ɛfiri sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.

2 Monni me home nna, na monsuro me kronkronbea: Mene AWURADE.

3 Sɛ mofa m’ahyɛdeɛ so na mohwɛ me mmara nsɛm na moyɛ a,

4 ɛnneɛ mɛma osuo atɔ ama mo ne berɛ mu, na asase no ama ne nnɔbaeɛ, na mfuo mu nnua aso aba;

5 na aduane poreɛ bɛkɔ so akɔduru bobe aba teteɛ mu, na bobe aba teteɛ no akɔ so akɔduru duaberɛ, na mobɛdi mo aduane amee, na moatena mo asase so dwoodwoo.

6 Na mɛma ɔmannwoeɛ aba asase no so, na moada na obiara anyi mo hu; na mɛsɛe mmoa bɔne afiri asase no so, na nkrantɛ remfa mo asase so.

7 Na mobɛka mo atamfoɔ agu, na wɔatotɔ mo anim wɔ nkrantɛ ano;

8 na mo mu baanum bɛka nnipa ɔha agu, na mo mu ɔha bɛka mpemdu agu, na mo atamfoɔ atotɔ mo anim wɔ nkrantɛ ano.

9 Na mɛdane m’anim mama mo, na mɛma moawo na moadɔ, na mɛma me ne mo apam no agyina.

10 Na mobɛdi akoradeɛ dada a akyɛre, na mobɛyi adada no agu, afoforɔ no nti.

11 Na mede me tenabea bɛsi mo mu, na mo ho renyɛ me kra nwunu.

12 Na mɛnante mo mu, na mayɛ mo Nyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman:

13 Mene AWURADE mo Nyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase so sɛ monnyɛ nkoa bio, na mebubuu mo kɔnnua na memaa monantee kyirebenn no.

Wɔn a wɔnni soɔ no nnue

14 Na sɛ moantie me na moanni me mmara nsɛm yi nyinaa so,

15 na sɛ mopa m’ahyɛdeɛ, na m’atemmuo yɛ mo kra nwunu, na moanni me mmara nsɛm nyinaa so na mobu m’apam so a,

16 me nso deɛ mɛyɛ mo nie: Mɛma akomatudeɛ abɛto mo, nsamanwa ne ɔfoɛ a ɛbɛma mo ani ayɛ samoo na mo kra atotɔ piti, na mobɛdua mo aduadeɛ kwa, na mo atamfoɔ abɛdi.

17 Na mɛma m’ani asa mo, na moadi mo atamfoɔ anim nkoguo na wɔn a wɔkyiri mo ahyɛ mo so, na obi mpamo mo po a, moadwane.

18 Na sɛ yeinom mu moantie me ara a, ɛnneɛ mo bɔne nti mɛtwe mo aso mprɛnson aka ho,

19 na mabubu mo ahoɔden ahokyerɛ no. Na mɛyɛ mo soro sɛ dadeɛ, na mo asase ayɛ sɛ kɔbere,

20 na mo tumi asa kwa, na mo asase remma ne nnɔbaeɛ, na asase no so nnua renso aba.

21 Na sɛ mone me di asie ara na mompɛ sɛ motie me a, mɛkɔ so mabɔ mo mprɛnson sɛdeɛ mo bɔne teɛ no.

22 Na mɛsoma wiram mmoa aba mo mu na wɔagye mo nsam mma, na wɔadi mo afieboa, na wɔama moasua, na mo akwan ayɛ akwan fo.

23 Na sɛ moamma mamfa yeinom ammɔ mo kɔkɔ na mone me di asie ara a,

24 ɛnneɛ me nso mene mo bɛdi asie, na me nso mo bɔne nti mabɔ mo mprɛnson.

25 Na mede aweretɔ nkrantɛ a ɛbɛtɔ m’apam no so were bɛba mo so, na moaboaboa mo ano akɔ mo nkuro mu, na mɛma yaredɔm aba mo mu, na wɔde mo ahyɛ ɔtamfoɔ nsa.

26 Na mɛbubu mo aduane dua, na mmaa du ato mo paanoo fononoo baako mu, na wɔakari mo paanoo ama mo, na mobɛdi na moremmee.

27 Na sɛ yei mu nso moantie me na mone me di asie ara a,

28 ɛnneɛ mede abufuhyeɛ ne mo bɛdi asie, na me nso mo bɔne no nti matwe mo aso mprɛnson.

29 Na mobɛdi mo mmammarima nam, na mo mmabaa nam nso moadi.

30 Na mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea, na matwitwa mo aduhwam afɔrebukyia no agu, na matoto mo afunu agu mo abosonhunu afunu no so, na mo ho ayɛ me kra nwunu.

31 Na mɛgu mo nkuro mayɛ no amamfo na masɛe mo kronkronbea, na merennye mo aduhwam no hwa.

32 Na me ara mɛsɛe asase no ama mo atamfoɔ a wɔbɛtena soɔ no ani so ayɛ wɔn yaa;

33 na mo deɛ, mɛbɔ mo ahwete wiase amanaman mu, na matwe nkrantɛ madi mo akyi, na mo asase bɛda hɔ tuu, na mo nkuro ayɛ akurofo.

34 Ɛno na asase no bɛnya ne homeberɛ mu ahotɔ, nna a ɛso bɛda hɔ tuu no nyinaa, na mo deɛ, mo atamfoɔ asase so na mobɛtena; ɛno na asase no bɛhome na anya ne home nna no mu ahotɔ.

35 Nna a ɛso bɛda hɔ tuu no nyinaa na ɛbɛhome, sɛ nna dodoɔ a anhome, mo home mmerɛ mu, berɛ a na mote soɔ no.

36 Na mo mu wɔn a wɔbɛka no, mɛma ehu aba wɔn akoma mu wɔ wɔn atamfoɔ nsase no so, na ahahan a ɛteɛ huuyɛ aka wɔn agu na wɔadwane sɛdeɛ obi dwane firi nkrantɛ ano na wɔatotɔ, berɛ a obi mpamo wɔn;

37 na wɔakyere abom ahwe ase sɛdeɛ wɔredwane nkrantɛ anim, berɛ a obi mpamo wɔn. Na morennya mo atamfoɔ anim agyinayɛ.

38 Na mobɛwuwu wɔ wiase amanaman mu, na mo atamfoɔ asase amene mo.

39 Na mo mu wɔn a wɔbɛka no ho bɛhiahia wɔn wɔ wɔn amumuyɛ mu, mo atamfoɔ asase so, na wɔn agyanom amumuyɛ nso nti wɔn ho bɛhiahia wɔn sɛ wɔn agyanom no ara.

40 Ɛno na wɔbɛka wɔn amumuyɛ ne wɔn agyanom amumuyɛ no; — sɛ, nkontompo a wɔtwaa me ne asie a wɔne me diiɛ nti,

41 me nso mene wɔn dii asie, na mede wɔn kɔɔ wɔn atamfoɔ asase so; — na sɛ afei wɔn akoma momonoto no bɛbrɛ ase na wɔapene wɔn amumuyɛ ho asotwe no so a,

42 ɛnneɛ mɛkae mene Yakob apam no; ɛne mene Isak apam no nso; na mene Abraham apam no nso mɛkae, na mɛkae asase no.

43 Na asase no deɛ, wɔbɛgya na anya ne homeberɛ no mu ahotɔ, sɛ wɔnni soɔ nti ada hɔ tuu; na wɔn deɛ, ɛsiane sɛ wɔpoo m’atemmudeɛ na m’ahyɛdeɛ yɛɛ wɔn kra nwunu nti, wɔbɛnya wɔn amumuyɛ ho asotwe, ɛfiri sɛ wɔpaa m’atemmudeɛ na m’ahyɛdeɛ yɛɛ wɔn kra nwunu.

44 Nanso yeinom nyinaa akyiri no, sɛ wɔwɔ wɔn atamfoɔ asase so mpo a, merempa wɔn, na wɔn ho renyɛ me nwunu na masɛe wɔn korakora, na mabu me ne wɔn ntam apam no so: Na mene AWURADE wɔn Nyankopɔn.

45 Na wɔn nti mɛkae apam a mene wɔn agyanom a meyii wɔn firii Misraim asase so wiase amanaman nyinaa anim pam sɛ mɛyɛ wɔn Nyankopɔn no ama wɔn: Mene AWURADE.

46 Yeinom ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ ne mmara a AWURADE de nam Mose so too ɔno ne Israelfoɔ ntam, Sinai bepɔ soɔ no.

Lewitikɔs 27

Bɔhyɛ

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ obi hyɛ bɔ titire bi a, nnipa deɛ, wɔnyɛ AWURADE deɛ, sɛdeɛ wobɛbɔ wɔn boɔ.

3 Na ɛboɔ a bɔ nie: Ɔbarima a wadi mfirinhyia aduonu de kɔsi mfeɛ aduosia, ɛboɔ a bɔ nyɛ nnwetɛbena aduonum sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ no.

4 Na sɛ ɔyɛ ɔbaa a, wo boɔ nnyina nnwetɛbena aduasa;

5 na sɛ wadi mfeɛ nnum de kɔsi mfeɛ aduonu na sɛ ɔyɛ ɔbarima a, wo boɔ nyɛ nnwetɛbena aduonu, na sɛ ɔyɛ ɔbaa a, nnwetɛbena du.

6 Na sɛ wadi bosome baako de kɔsi mfeɛ nnum a, wo boɔ a wode bɛbɔ ɔbarima nyɛ nnwetɛbena nnum, na ɔbaa deɛ, wo boɔ nyɛ nnwetɛbena mmiɛnsa.

7 Na sɛ wadi mfeɛ aduosia anaasɛ deɛ ɛboro saa na ɔyɛ ɔbarima a, wo boɔ nyɛ nnwetɛbena dunum, na sɛ ɔyɛ ɔbaa a, nnwetɛbena du.

8 Na sɛ ohia aka no a enti ɔntumi mma wo boɔ a wobɔeɛ no a, wɔmfa no mmɛgyina ɔsɔfoɔ no anim, na ɔsɔfoɔ no mmɔ no boɔ; sɛdeɛ deɛ wahyɛ bɔ no nsa bɛso soɔ, na ɔsɔfoɔ no mmɔ no boɔ.

9 Na sɛ ɛyɛ afieboa a wɔde bi brɛ AWURADE sɛ ayɛyɛdeɛ no bi a, adeɛ a wɔde bi brɛ AWURADE nyinaa yɛ kronkron.

10 Wɔnnsakyera, na wɔmmfa papa nnsesa bɔne anaasɛ bɔne nnsesa papa; na sɛ sesa na wɔde aboa sesa aboa a, ɛnneɛ ɛno ne deɛ wɔde sesaeɛ no nyinaa nyɛ kronkron.

11 Na sɛ ɛyɛ aboa biara a ne ho nteɛ a wɔmfa no mmrɛ AWURADE sɛ ayɛyɛdeɛ a, wɔmmfa aboa no mmɛgyina ɔsɔfoɔ anim,

12 na sɛ ɛyɛ oo, ɛnyɛ oo, ɔsɔfoɔ no mmɔ ne boɔ; sɛdeɛ wo, sɔfoɔ no, bɛbɔ no, saa ara na ɛnnyina.

13 Na sɛ ɔpɛ sɛ ɔgyeɛ a, ɛnneɛ ɔmfa wo boɔ no abupɛn nnum mu baako nka ho.

14 Na sɛ obi yɛ ne fie kronkron sɛ ɛnyɛ kronkron mma AWURADE a, sɛ ɛyɛ oo, ɛnyɛ oo, ɔsɔfoɔ no mmɔ ne boɔ; sɛdeɛ ɔsɔfoɔ no bɛbɔ no, saa ara na ɛnnyina.

15 Na sɛ deɛ ɔyɛɛ no kronkron no bɛgye ne fie no a, ɔmfa wo boɔ no dwetɛ abupɛn nnum mu baako nto so, na ɛnyɛ ne deɛ.

16 Na sɛ obi yɛ n’asase a ɔdi soɔ kronkron ma AWURADE a, wo boɔ bɔ nyɛ sɛdeɛ n’aduadeɛ teɛ; bɔ atokoɔ a wɔdua homerbaako boɔ nnwetɛbena aduonum.

17 Sɛ ɔfiri ahosɛpɛ afahyɛ afe so yɛ n’asase no kronkron a, ɛnnyina wo boɔ no so;

18 na sɛ ahosɛpɛ afahyɛ afe no akyi na ɔyɛ n’asase no kronkron a, ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no mmu n’akonta mma no sɛdeɛ mfeɛ a aka na ahosɛpɛ afahyɛ afe aduro no teɛ no, na wɔnte wo boɔ no so.

19 Na sɛ gyeɛ na deɛ ɔyɛɛ asase no kronkron no bɛgyeɛ a, ɔmfa wo boɔ no dwetɛ abupɛn nnum mu baako nto so, na ɛntena ne nsam;

20 na sɛ wannye asase no na wɔtɔn ma obi a, wɔnnnye bio,

21 na sɛ asase no nni wura ahosɛpɛ afahyɛ afe no mu a, ɛnyɛ kronkron mma AWURADE, sɛ asase a wɔahyira so de ama; ɛnyɛ ɔsɔfoɔ no agyapadeɛ.

22 Na sɛ ɔyɛ asase a ɔtɔeɛ a ɛnyɛ n’asase a ɔdi soɔ bi kronkron ma AWURADE a,

23 ɔsɔfoɔ no mmu akonta mma no nkyerɛ no wo boɔ no mu deɛ ɛbɛka akɔsi ahosɛpɛ afahyɛ afe no soɔ, na ɔmma wo boɔ a wobɔeɛ no da no ara; ɛyɛ kronkron ma AWURADE.

24 Ahosɛpɛ afahyɛ afe no so, asase no nsane nkɔyɛ deɛ ɔtɔɔ no ne nkyɛn a ɛyɛ n’asase a ɔdi soɔ no dea.

25 Na wo boɔ a wobɛbɔ nyinaa nyɛ sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena no teɛ; gera aduonu yɛ dwetɛbena baako.

26 Na afieboa mu mmakan a wɔawo ama AWURADE no nko deɛ, obi nnyɛ wɔn kronkron; nantwie oo, odwan oo, ɛyɛ AWURADE dea.

27 Na sɛ ɛyɛ afieboa a wɔn ho nteɛ no bi a, ɛnneɛ ɔnnye no wo boɔ a wobɛbɔ no so, na ɔmfa abupɛn nnum mu baako nto so; na sɛ wɔannye no a, ɛnneɛ wɔntɔn no sɛdeɛ wobɛbɔ ne boɔ.

28 Nso ahyiradeɛ biara a obi bɛhyira so ama AWURADE, adeɛ a ɔwɔ nyinaa mu no, onipa oo, aboa oo, n’asase a ɔdi so oo, ɛno deɛ wɔnntɔn, na wɔnnnye nso; ahyiradeɛ biara yɛ akronkronneɛ mu ade kronkron ma AWURADE.

29 Obiara a wɔabu no kumfɔ no, wɔnnnye; kum na wɔnku no.

30 Na asase no so aduane ntotosoɔ du du a ɛfiri asase so aduadeɛ ne nnua so aba mu no nyinaa yɛ AWURADE dea; ɛyɛ kronkron ma AWURADE.

31 Na sɛ obi pɛ sɛ ɔgye ne ntotosoɔ du du no bi a, ɔmfa abupɛn nnum mu baako nto so.

32 Na anantwie ne nnwan mu ntotosoɔ du du nyinaa, adeɛ a ɛfa odwanhwɛfoɔ poma ase nyinaa mu deɛ ɛtɔ so du du no, ɛnyɛ kronkron mma AWURADE.

33 Wɔmmpa papa ne bɔne mu, na wɔnnsesa ebi nso; na sɛ obi bɛsesa ebi a, ɛnneɛ ɛno ne deɛ wɔde resesa no nyinaa nyɛ kronkron mma AWURADE; wɔnnnye.

34 Yeinom ne mmara nsɛm a AWURADE de hyɛɛ Mose, Sinai bepɔ soɔ, maa no de kɔmaa Israel mma no.