Deuteronomium 16

Afahyɛ ahodoɔ no ho mmara

1 Hwɛ bosome Abib [a ɛte sɛ Oforisuo] na di Twam ma AWURADE wo Nyankopɔn, ɛfiri sɛ bosome Abib mu na AWURADE wo Nyankopɔn yii wo firii Misraim anadwo.

2 Enti kum Twam afɔdeɛ no ma AWURADE wo Nyankopɔn, nnwan ne anantwie, faako a AWURADE ayi sɛ ne din ntena no.

3 Nni mmɔreka paanoo nka ho; nnanson na di apiti, amanehunu paanoo, ɛfiri sɛ ɛherɛ so na wofirii Misraim asase soɔ, na woakae wo Misraim asase so fire da no, wo nkwa nna nyinaa.

4 Na mma wɔnnhunu mmɔreka wɔ wo nkyɛn, w’asase nyinaa so nnanson; nso mma nam a wɔku no da a ɛdi kan anwummerɛ no bi nnka nnkɔsi anɔpa.

5 Nkum Twam no wɔ wo nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no biara mu,

6 gye faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛyi sɛ ne din ntena no, ɛhɔ na kum Twam no anwummerɛ a owia rekɔtɔ no, wo Misraim fire berɛ no mu;

7 na ma no mmen na di no faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ hɔ, na adeɛ kye a, woasane akɔ wo ntomadan mu.

8 Nnansia na di apiti, na da a ɛtɔ so nson no nyɛ afahyɛ nhyiam mma AWURADE wo Nyankopɔn; nyɛ adwuma biara.

9 Adapɛn nson na kan fa; da a wɔrefiri aseɛ de kantankrankyi ahyɛ ayuo mu no na firi kan adapɛn nson;

10 na di adapɛn dapɔnna ma AWURADE wo Nyankopɔn bɔ wo nsam ayamyi afɔdeɛ sɛdeɛ wahyira woɔ no.

11 Na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, wo ne wo babarima ne wo babaa ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini a ɔwɔ wo kuro apono mu ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ a wɔwɔ mo mu, faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛyi sɛ ne din ntena no;

12 na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim, na hwɛ na yɛ ahyɛdeɛ yi.

13 Di asese nnapɔnna nnanson, berɛ a woaboaboa w’ayuporebea ne wo nsa-kyi-amena mu adeɛ ano no;

14 na ma w’ani nnye wo nnapɔnna no mu, wo ne wo babarima, wo babaa, w’akoa, w’afenaa, Lewini, ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ a wɔwɔ wo kuro apono mu.

15 Nnanson na di dapɔnna no ma AWURADE wo Nyankopɔn faako a wayie hɔ: Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛhyira wo, wo nnɔbaeɛ mu ne wo nsa ano adwuma nyinaa mu; enti ma w’ani nnye ara.

16 Afirinhyia baako mu mprɛnsa na wo mmarima nyinaa mmɛyi wɔn ho adi AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ hɔ. Apiti nnapɔnna, adapɛn dapɔnna ne asese nnapɔnna mu; na wɔmmfa nsapan mmmɛyi wɔn ho adi AWURADE anim.

17 Obiara mma deɛ ne nsa bɛso soɔ, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn nhyira a ɔde ahyira woɔ no teɛ.

Atemmufoɔ ne atemmuo ho asɛm

18 Sisi wo so atemmufoɔ ne mpanimfoɔ, wo nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛdeɛ wo mmusuakuo teɛ no nyinaa mu, na wɔmfa atɛntenenee mmu ɔman no.

19 Nnane atemmuo ani, nhwɛ nnipa anim na nnye adanmudeɛ; na adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani, na ɛdane teneneefoɔ nsɛm ani butu.

20 Asɛntenenee nko ara akyi na die, na woanya nkwa, na woakɔfa asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no.

21 Ntɛ nnua biara mfa nyɛ abosompɔ wɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔrebukyia a worebɛsie no ho;

22 na mfa ɔboɔ dum nsi hɔ mfa; na AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ ne no.

Deuteronomium 17

Afɔrebɔdeɛ

1 Mfa nantwie anaa odwan a ne ho wɔ dɛm anaa adebɔne biara mmɔ afɔdeɛ mma AWURADE wo Nyankopɔn, ɛfiri sɛ ɛyɛ n’akyiwadeɛ.

2 Sɛ wɔhunu wo mu, wo nkuro a ɔde rema woɔ no biara mu ɔbarima anaa ɔbaa bi a ɔyɛ deɛ ɛnyɛ AWURADE wo Nyankopɔn ani soɔ bu apam so,

3 na ɔkɔ kɔsom anyame foforɔ bi te sɛ owia anaa ɔsrane anaa ɔsoro asafo a mabara no mu biara,

4 na wɔka kyerɛ wo na wote a, ɛnneɛ pɛ mu yie; na sɛ wohunu sɛ ɛyɛ nokorɛ, na asɛm no wom sɛ wɔayɛ saa akyiwadeɛ yi wɔ Israel a,

5 ɛnneɛ fa ɔbarima anaa ɔbaa a wadi saa asɛmmɔne yi firi adi wo kuro apono ho, na si no aboɔ ma ɔnwu.

6 Adansefoɔ baanu anaa baasa anomu asɛm so na wɔmfa nkum deɛ ɔsɛ wuo; wɔmmfa ɔdanseni baako anomu asɛm so nnku no.

7 Adansefoɔ no nsa na ɛngu ne so kane nku no, na ɛno akyiri no ɔman no nyinaa nsa; na yi bɔne no firi wo mu.

8 Sɛ asɛm bi a ɛho atemmuo yɛ wo den te sɛ awudie, manso, ɔpira ne ɔbɔ ne ɔbɔ ntam si, na ɛyɛ wo nkuro mu akasakasa nsɛm bi a, ɛnneɛ sɔre kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ,

9 na kɔ asɔfoɔ Lewifoɔ ne ɔtemmufoɔ a ɔwɔ so saa berɛ no nkyɛn kɔbisa, na wɔnkyerɛ wo atɛn a buo.

10 Na di asɛm a wɔbɛkyerɛ wo faako a AWURADE bɛkyerɛ no so, na hwɛ na yɛ sɛdeɛ wɔbɛkyerɛ woɔ nyinaa.

11 Mmara a wɔbɛkyerɛ woɔ ne atemmuo a wɔbɛka akyerɛ woɔ no so na die, mmane mfiri asɛm a wɔbɛkyerɛ woɔ no ho nkɔ nifa anaa benkum.

12 Na onipa a ɔbɛdi ahantansɛm na ɔrentie ɔsɔfoɔ a ɔgyina hɔ som AWURADE wo Nyankopɔn anaa ɔtemmufoɔ no, saa onipa no nwu;

13 na yi bɔne no firi Israel, na ɔman no nyinaa nte na wɔnsuro, na wɔanni ahantansɛm bio.

Ɔhene yie ne n’asɛdeɛ

14 Sɛ woduru asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so na wofa tena so, na woka sɛ: Mɛsi me so hene sɛ amanaman a wɔatwa me ho ahyia no nyinaa a,

15 fa deɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɛyi no no si wo so hene; wo nuanom mu bi na fa no si wo so hene; mfa ɔnanani bi a ɔnyɛ wo nua nsi wo so hene.

16 Nanso ɔhene no mma n’apɔnkɔ nnnɔɔso, na ɔmmma ɔman no nnsane nnkɔ Misraim nkɔpɛ apɔnkɔ dodoɔ; na AWURADE aka akyerɛ mo sɛ monnsane mmfa ɔkwan yi so bio.

17 Nanso ɔmmma ne yerenom nnnɔɔso, na n’akoma ammane; saa ara na ɔmmma ne dwetɛ ne sika nnnɔɔso pii.

18 Na sɛ ɔte n’ahennie adwa so a, ɔnhwɛ mmara yi nwoma a ɛda asɔfoɔ ne Lewifoɔ anim no so ntwerɛ bi mfa;

19 na ɛntena ne nkyɛn, na ɔnkenkan mu, ne nkwa nna nyinaa, na wasua AWURADE ne Nyankopɔn suro, ne mmara yi mu nsɛm nyinaa ne ahyɛdeɛ yi so hwɛ ne ɛsodie,

20 na n’akoma amma ne ho so ansene ne nuanom, na wammane amfiri mmara nsɛm no ho ankɔ nifa anaa benkum, na ama ne nna aware n’ahennie mu, ɔno ne ne mma, Israel mu.

Deuteronomium 18

Asɔfoɔ ne Lewifoɔ agyapadeɛ ne AWURADE

1 Wɔmmma Lewifoɔ asɔfoɔ, Lewi abusuakuo nyinaa nnnya kyɛfa ne agyapadeɛ biara Israel mu: AWURADE gya afɔdeɛ so adeɛ ne n’agyapadeɛ a wɔnnie;

2 na ɔrennya agyapadeɛ ne nuanom mu; AWURADE ne n’agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ no no.

3 Na yei nyɛ asɔfoɔ no kyɛfa a ɛfiri ɔman no nsam mfiri wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ no nkyɛn, nantwie oo, odwan oo: Wɔmfa basa ne abɔgyeɛ ne efuro mma ɔsɔfoɔ no;

4 w’aburoo, wo nsa ne wo ngo adikan ne wo nnwan ho nwi a wotwa kane no, fa ma no,

5 ɛfiri sɛ ɔno na AWURADE wo Nyankopɔn ayi no afiri wo mmusuakuo nyinaa mu, sɛ ɔnnyina nsom AWURADE din mu, ɔno ne ne mma, nna nyinaa.

Lewifoɔ kyɛfa

6 Na sɛ Lewini bi firi wo nkuro no biara mu, firi Israel mu baabiara a wakɔsoɛ, na ɔde ne pɛ nyinaa ba bɛtena faako a AWURADE bɛkyerɛ a,

7 ɛnneɛ ɔnsom AWURADE ne Nyankopɔn din mu sɛ ne nuanom Lewifoɔ a wɔgyina AWURADE anim hɔ nyinaa yɛ no.

8 Wɔnnya kyɛfa korɔ nni nka deɛ ɛfiri n’agyanom adeɛ a wɔatɔn mu no ho.

Amanaman nneyɛɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ

9 Sɛ wonya duru asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so a, nsua amanaman no nneyɛɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no yɛ.

10 Mma wɔnnhunu wo mu obi a ɔma ne babarima anaa ne babaa fa ogya mu, ɔkɔmfoɔ a ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifoɔ, ɔdebisafoɔ, ntafowayifoɔ,

11 nkaberɛkyerefoɔ, samanfrɛfoɔ, adutofoɔ ne deɛ ɔbisa afunu,

12 ɛfiri sɛ AWURADE akyiwadeɛ ne wɔn a wɔyɛ yeinom nyinaa, na akyiwadeɛ yi nti na ɔretu wɔn afiri w’anim yi.

13 Wo ne AWURADE wo Nyankopɔn ntena no amudie mu.

14 Na amanaman yi a worekɔtu wɔn yi tie abayifoɔ ne nkɔmhyɛfoɔ, na wo deɛ, AWURADE wo Nyankopɔn mmaa wo kwan sɛ yɛ no saa.

Wɔntie Onyankopɔn diyifoɔ no

15 Odiyifoɔ a ɔfiri wo mu a ɔfiri wo nuanom mu te sɛ me na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma no so ama woɔ, ɔno na montie no.

16 Sɛdeɛ wobisaa AWURADE wo Nyankopɔn wɔ Horeb adwabɔ da no sɛ: Mma mennte AWURADE me Nyankopɔn nne bio, na mma mennhunu ogya kɛseɛ yi bio, na manwu!

17 Ɛno na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Deɛ wɔaka no wɔaka no yie:

18 Mɛma odiyifoɔ so mama wɔn wɔn nuanom mu sɛ wo; na mede me nsɛm bɛhyɛ n’anomu, na waka deɛ mɛhyɛ no nyinaa akyerɛ wɔn.

19 Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔrentie me nsɛm a ɔbɛka no me din mu no, me na mɛbisa no ne hɔ.

20 Na odiyifoɔ a ɔbɛma ne ho so aka asɛm bi, me din mu, a menhyɛɛ no sɛ ɔnka, ne deɛ ɔbɛkasa anyame foforɔ din mu no, odiyifoɔ ko no bɛwu.

21 Ebia wobɛka no w’akoma mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛhunu asɛm a AWURADE nkaeɛ no?

22 Sɛ odiyifoɔ bi kasa wɔ AWURADE din mu, na asɛm korɔ no amma mu anaa ɛnyɛ nokorɛ a, na asɛm no mfiri AWURADE; ahantan mu na odiyifoɔ no kasaeɛ, nsuro no.

Deuteronomium 19

Dwanekɔbea nkuro

1 Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn twitwa amanaman a ɔde wɔn asase rema woɔ no, na wotu wɔn tena wɔn nkuro ne wɔn adan mu a,

2 yiyi w’asase a ɔde rema wo sɛ fa no so nkuro mmiɛnsa fa.

3 Siesie ɛhɔ kwan no fa, na kyɛ w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no mu mmiɛnsa, na onipakumfoɔ biara adwane akɔ hɔ.

4 Na onipakumfoɔ a ɔnnwane nkɔ hɔ na ɔnnya nkwa no ho asɛm nie: Deɛ ɔnnim na ɔde adeɛ bɔ ne yɔnko, nanso berɛ a atwam no ɔntane no,

5 sɛ ebia obi ne ne yɔnko kɔ kwaeɛ mu kɔto nnua, na ne nsa ma abonnua so de retwa dua, na dadeɛ no hɔn firi ne dua mu bɔ ne yɔnko ma no wu a, ɛnneɛ ɔnnwane nkɔ nkuro yi baako mu na ɔnnya nkwa;

6 na mogya ho weretɔfoɔ amfa abufuhyeɛ anti onipakumfoɔ no na ɔkwan no wareɛ nti, wankɔto no anku no; nso na ɛnsɛ sɛ onipa kumfoɔ no wuo, ɛfiri sɛ berɛ a atwam no na ɔntane ne yɔnko no.

7 Enti na merehyɛ wo sɛ yiyi nkuro mmiɛnsa fa.

8 Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn trɛ wo hyeɛ mu, sɛdeɛ ɔkaa wo nananom ntam no, na ɔde asase a ɔkaa sɛ ɔde bɛma wo nananom no nyinaa ma wo,

9 na sɛ wodi mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so yɛ, na wodɔ AWURADE wo Nyankopɔn na wonante n’akwan so nna nyinaa a, ɛnneɛ yiyi nkuro mmiɛnsa bio ka mmiɛnsa yi ho fa,

10 na wɔanhwie mogya a bɔne nni mu angu w’asase a ɔde rema wo sɛ di soɔ no so, na woanni mogya ho so.

11 Na sɛ obi tane ne yɔnko na ɔtɛ no sɔre to hyɛ ne so, na ɔde adeɛ bɔ no ma no wu, na ɔdwane kɔ nkuro yi baako mu a,

12 ɛnneɛ ne kurom mpanimfoɔ nsoma mma wɔnkɔfa no mfiri hɔ, na wɔmfa no nhyɛ mogya ho weretɔfoɔ no nsa, na ɔnwu.

13 Mma w’ani nhu no mmɔbɔ, na yi mogya a ɛdi bem ho afobuo firi Israel, na ɛnsi wo yie.

14 Ntwe wo yɔnko hyeɛ a tetefoɔ atwa no w’agyapadeɛ a woanya mu wɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no so.

Adansefoɔ ho asɛm

15 Ɔdanseni baako nnsɔre nntia obi, amumuyɛ biara anaa bɔne biara ho, bɔne biara a wɔyɛ mu; adansefoɔ baanu anaa baasa anomu nsɛm so na asɛm biara nnyina.

16 Sɛ ɔdansekurumfoɔ bi sɔre tia obi di no mfomsoɔ ho adanseɛ a,

17 ɛnneɛ nnipa baanu a ɛham da wɔn ntam no mmɛgyina AWURADE anim, asɔfoɔ ne atemmufoɔ a wɔwɔ hɔ nna no mu anim.

18 Na atemmufoɔ no mpeepee mu yie, na sɛ ɔdanseni no yɛ ɔdansekurumfoɔ na wadi ne nua ho adansekurumu a,

19 ɛnneɛ monyɛ no sɛdeɛ ɔsusuu sɛ anka ɔbɛyɛ ne nua no; na yi bɔne no firi wo mu,

20 na wɔn a aka no nte na wɔnsuro, na wɔankɔ so anni asɛmmɔne a ɛte seyie wɔ wo mu bio.

21 Na mma w’ani nnhunu mmɔbɔ: Ɔkra nsi ɔkra ananmu, ani nsi ani ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, ɛnan nsi ɛnan ananmu.

Deuteronomium 20

Ɔsatuo ho mmara

1 Sɛ woretu sa ne w’atamfo akɔko na wohunu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne ɔman a wɔdɔɔso sene woɔ a, nsuro wɔn, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn a ɔde wo firi Misraim asase so baeɛ no ka wo ho.

2 Na sɛ mobɛn dɔm no a, ɔsɔfoɔ no mpinkyɛ mmɛkasa nkyerɛ ɔman no,

3 na ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ: Israel, tie, morebɛn dɔm nnɛ ne mo atamfoɔ akɔko, mommma mo akoma nntu, monnsuro na mo ho mmpopo, na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu,

4 ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ne mo na ɛnam ne mo atamfoɔ rekɔko ama mo na wagye mo.

5 Na ahwɛfoɔ no nkasa nkyerɛ ɔman no sɛ: Onii ko a wasi dan foforɔ na ɔmmuee ano no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wantɔ ɔko mu na obi ankɔbue ɛdan no ano.

6 Na onii ko a watɛ bobeturo na ɔnnya nyii ano no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wantɔ ɔko mu, na obi anyi ano.

7 Na onii ko a wagye ɔbaa bi awadeɛ na ɔnnya nhyiaa no no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wantɔ ɔko mu na obi anhyia no.

8 Na ahwɛfoɔ no nkɔ so nkasa nkyerɛ ɔman no sɛ: Onii ko a ɔsuro na n’akoma tuo no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wamma ne nuanom akoma annane sɛ ne deɛ.

9 Na sɛ ahwɛfoɔ no wie ɔman no kasakyerɛ a, wɔmfa asafohene nsisi ɔman no ti.

10 Sɛ wobɛn kuro bi ne no rekɔko a, ka asomdwoeɛsɛm kyerɛ no.

11 Na sɛ ɔbua wo asomdwoeɛ so na ɔhini wo a, ɔman a wobɛhu wɔn hɔ no nyi toɔ mma wo nsom wo.

12 Na sɛ wɔne wo anni asomdwoeɛsɛm na wɔne wo ko a, ɛnneɛ tua kuro no;

13 na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de hyɛ wo nsa a, fa nkrantɛ bobɔ emu mmarima nyinaa,

14 nanso mmaa ne mmɔfra ne afieboa ne deɛ ɛwɔ kuro no mu nyinaa, emu asadeɛ nyinaa deɛ, fom fa, na di w’atamfo asadeɛ a AWURADE wo Nyankopɔn de ama woɔ no.

15 Saa na yɛ nkuro a ɛne wo ntam kwan ware pii a ɛnyɛ amanaman yi nkuro bie no.

16 Na amanaman yi nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no mu deɛ, mma biribiara a ɛhome nnnya nkwa,

17 na sɛe wɔn pasapasa: Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn hyɛɛ woɔ no.

18 Na wɔankyerɛ mo wɔn akyiwadeɛ a wɔyɛ ma wɔn anyame no nyinaa bi yɛ, na moanyɛ AWURADE mo Nyankopɔn bɔne.

19 Sɛ wotua kuro bi nna pii ne no reko afa a, mfa akuma nsɛe ho nnua, na ɛso aba bi na die, na mmu ngu. Afuo mu dua yɛ onipa na woasɛe no?

20 Nanso nnua a wonim sɛ ɛnyɛ nnua a wɔdie no deɛ, sɛe no na twa fa yɛ kuro a ɛne wo redi ako no ntuaban kɔsi sɛ wobɛbrɛ no aseɛ.

Deuteronomium 21

Esum ase awudie

1 Sɛ wohunu obi a wɔaku no da wiram asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no so, na wonnim deɛ ɔkum no a,

2 ɛnneɛ wo mpanimfoɔ ne w’atemmufoɔ mfiri adi nkɔsusu nkɔduru nkuro a ɛdeda deɛ wɔaku no no ho no so;

3 na kuro a ɛbɛn deɛ wɔaku no no ho no, saa kuro no mu mpanimfoɔ mfa nantwiburuwa a wɔmfaa no nyɛɛ adwuma na ɔntwee kɔnnua pɛn,

4 nsiane nkɔ subonhwa a nsuo sene wɔ mu a wɔnnɔeɛ na wɔnnuaa mu adeɛ da mu, na wɔmmu nantwiburuwa no kɔn mu wɔ subonhwa no mu.

5 Na Lewifoɔ mma asɔfoɔ no mmra ho, ɛfiri sɛ wɔn na AWURADE wo Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnsom na wɔnhyira AWURADE din mu, na wɔn anomu asɛm so na wɔmfa nni akasakasa ne ɔborɔ ho asɛm biara;

6 na kuro a ɛbɛn deɛ wɔaku no no mu mpanimfoɔ no nyinaa nhohoro wɔn nsa ngu nantwiburuwa a wɔabu ne kɔn mu subonhwa no mu no so,

7 na wɔmma wɔn nne so nka sɛ: Ɛnyɛ yɛn nsa na ɛhwiee mogya yi guiɛ, na yɛn ani anhunu.

8 AWURADE fa kyɛ wo man Israel a woagye wɔn no, na mfa mogya a ɛdi bem ho afobuo ngu wo man Israel so; na fa mogya ho bɔne yi kyɛ wɔn.

9 Na wo deɛ, yi mogya a ɛdi bem ho afobuo firi wo mu, na yɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so.

Mmaa a wɔafa wɔn nnommum

10 Sɛ wotu sa ne w’atamfo rekɔko, na AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn hyɛ wo nsa, na wofa wɔn mu bi nnommum,

11 na wohunu nnommum no mu baabereɛ bi, na wopɛ sɛ wofa no yɛ wo yere a,

12 ɛnneɛ fa no bra wo fie, na ɔnyi ne ti, na ɔmmubu ne mmɔwerɛ,

13 na ɔnyi ne dommum atadeɛ mfiri ne ho, na ɔntena wo fie nnyam n’agya ne ne na bosome mu, na ɛno akyiri no woakɔ ne ho aware no na wayɛ wo ɛyerɛ.

14 Na sɛ ɛba sɛ wompɛ no bio a, ma no mfa ne ho nkɔdi sɛdeɛ ɔpɛ, na tɔn deɛ, ntɔn no nnye sika, ɛne no nnni no sɛ afenaa, ɛfiri sɛ woahodwo no.

Mmakan dibea

15 Sɛ ɔbarima bi wɔ yerenom baanu, na ɔdɔ ɔbaako, na ɔnnɔ ɔbaako, na wɔn baanu no no wowo mma ma no, na abakan no yɛ deɛ ɔnnɔ no no ba a,

16 ɛnneɛ da a ɔrekyɛ n’adeɛ mu ama ne mma no, ɔmmfa deɛ ɔdɔ no no ba nnyɛ abakan nnni deɛ ɔnnɔ no no ba a ɔyɛ abakan no anim.

17 Na ɔmmu deɛ ɔnnɔ no no ba no abakan mma no deɛ ɔwɔ nyinaa mu abupɛn mmienu; na ɔne n’ahoɔden asefire, abakan dibea yɛ ne dea.

Ɔba ɔtuatefoɔ

18 Sɛ obi wɔ ɔba ɔsoɔdenfoɔ ne otuatefoɔ a ɔntie n’agya ne ne na asɛm, na wɔtea no na ɔntie wɔn a,

19 ɛnneɛ n’agya ne ne na nkye no mfa no mfiri adi nkɔ ne kurom mpanimfoɔ nkyɛn wɔ kuro no pono ano,

20 na wɔnka nkyerɛ ne kuro no mu mpanimfoɔ no sɛ: Yɛn ba yi yɛ ɔsoɔdenfoɔ ne otuatefoɔ, ɔntie yɛn asɛm, ɔyɛ ohohwini ne nsabofoɔ.

21 Na ne kuro no mu mmarima nyinaa nsi no aboɔ mma no nwu; na yi bɔne no firi wo mu na Israel nyinaa nte na wɔnsuro.

Mmara ahodoɔ bi

22 Na sɛ obi yɛ bɔne a ɛsɛ kum na wɔku no de no sɛne dua bi so a,

23 ne funu no nntena dua no so anadwo, sie no da no ara; na deɛ wɔasɛne no no yɛ Nyankopɔn nnome, na woangu w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no ho fi.

Deuteronomium 22

1 Nhwɛ wo nua nantwie anaa ne dwanten sɛ wɔrefom kwan, na ntwe wo ho mfiri wɔn ho; fa no sane brɛ wo nua no.

2 Na sɛ wo nua no mmɛn wo anaa wonni no a, ɛnneɛ fa no bra wo fie na ɔntena wo nkyɛn nkɔsi sɛ wo nua no bɛhwehwɛ no na woadane no ama no.

3 Na saa nso na yɛ n’afunumu, ne ntoma, ne wo nua adeɛ biara a ayera a wobɛhunu no; ntwe wo ho mfiri ho.

4 Nhwɛ wo nua afunumu anaa ne nantwie sɛ wɔahwe ase kwan mu, na ntwe wo ho mfiri wɔn ho; boa no ma no mma wɔn so.

5 Ɔbaa nnhyɛ ɔbarima adeɛ, na ɔbarima nso mmfira ɔbaa ntoma, ɛfiri sɛ wɔn a wɔyɛ yei nyinaa yɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ.

6 Sɛ wokɔpue anomaa pirebuo ɔkwan mu, dua bi so anaa ɛfam, mma oo, nkosua oo, na ɛna no butu mma no anaa nkosua no so a, nkyere ɛna no nka mma no ho;

7 na ma ɛna no nkɔ, na fa mma no, na asi wo yie na wɔama wo nna aware.

8 Sɛ wosi dan foforɔ a, gye wo dan atifi ban, na obi amfiri hɔ anhwe ase, na woamfa mogya ho asodie amma wo dan no so.

9 Mfa ade ahodoɔ mmienu nnua wo bobeturom, na anyɛ saa a wɔbɛhwere w’aduadeɛ a woduaeɛ no ne bobe turo no mu nnɔbaeɛ no nyinaa.

10 Mfa nantwie ne afunumu mmɔ mu mfuntum.

11 Mfira ntoma a wɔde kuntu ne asaawa afra anwono.

12 Yɛ wo ntoma a wode kata wo soɔ ahinanan so nnwo.

13 Sɛ obi ware yerɛ na ɔkɔ ne ho, na ɔmpɛ no bio,

14 na ɔde animguasesɛm to ne so, na ɔbɔ no dimmɔne sɛ: Maware ɔbaa yi na mekɔɔ ne ho no, manto no ɔbaabunu a,

15 ɛnneɛ ababaawa no agya ne ne na mfa ababaawa no baabunuyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mfiri mmra kuro no mu mpanimfoɔ nkyɛn wɔ kuro no pono ano,

16 na abaayewa no agya nka nkyerɛ mpanimfoɔ no sɛ: Mede me babaa mama ɔbarima yi aware, nso ɔmpɛ no bio.

17 Na hwɛ, ɔde animguasesɛm ato ne so sɛ: Manto wo babaa no ɔbaabunu; nso me ba baabunuyɛ adeɛ nie. Na wɔntrɛ ntoma no mu kuro no mu mpanimfoɔ no anim.

18 Na kurom hɔ mpanimfoɔ no mfa ɔbarima no ntwe n’aso,

19 na wɔnnye no dwetɛ nnwetɛbena ɔha mfa mma ababaa no agya, ɛfiri sɛ wabɔ Israel mu ɔbaabunu dimmɔne; na ɔnkɔso nware no, na ɔnnko no ne nna nyinaa mu.

20 Na sɛ asɛm yi yɛ nokwasɛm na wɔanhunu ababaawa no ɔbaabunu a,

21 ɛnneɛ wɔnyi ababaa no mmra n’agya fie aboboano, na ne kurom mmarima nsi no aboɔ mma no nwu, ɛfiri sɛ wayɛ nkwaseadeɛ Israel mu sɛ wabɔ adwaman n’agya fie; na yi bɔne no firi wo mu.

22 Sɛ wohunu ɔbarima bi sɛ ɔne ɔbaa a ɔyɛ obi yere da a, ɛnneɛ wɔn baanu no nwu, ɔbarima a ɔne ɔbaa no daeɛ no ne ɔbaa no; na yi bɔne no firi Israel.

23 Sɛ wɔde ababaawa a ɔyɛ ɔbaabunu ma ɔbarima bi aware, na ɔbarima bi hu no kuro mu na ɔne no da a,

24 ɛnneɛ momfa wɔn baanu no mfiri adi nkɔ kuro no pono n’akyi, na monsi wɔn aboɔ mma wɔnwuwu, ababaa no, ɛsiane sɛ ɔwɔ kuro mu na wanteam, ne ɔbarima no, sɛ wabrɛ ne yɔnko yere aseɛ nti; na yi bɔne no firi wo mu.

25 Na sɛ ɔbarima bi hunu ababaa ɔwarefoɔ wɔ wiram, na ɔbarima no kye no ne no da a, ɛnneɛ ɔbarima a ɔne no daeɛ no nko na ɔnwuo,

26 na ababaa no deɛ, nyɛ no hwee, bɔne a ɛsɛ wuo nni ababaa no so, ɛfiri sɛ sɛdeɛ onipa sɔre tia ne yɔnko ku no no, saa na asɛm yi teɛ.

27 Ɛfiri sɛ wiram na ɔhunuu no, na ababaa a wɔagye no aware no teaa mu, na na obi a ɔbɛgye no nni hɔ.

28 Sɛ ɔbarima bi hunu ababaawa a ɔyɛ ɔbaabunu a wɔmfaa no mmaa aware na ɔkye no ne no da na wɔhu wɔn a,

29 ɛnneɛ ɔbarima a ɔne no daeɛ no mma ababaa no agya dwetɛ nnwetɛbena aduonum, na ɔnyɛ ne yere sɛ ɔbrɛɛ no aseɛ nti; na ɔnnko no ne nna nyinaa.

30 Ɔbarima biara nnware n’agya yere, na ɔnnyi ɔbaa a ɔyɛ n’agya deɛ adagya so.

Deuteronomium 23

Deɛ ɔmfata sɛ ɔba AWURADE badwa mu

1 Deɛ wɔapɛkyɛ ne hwewa ne deɛ ne barima atwa no mmma AWURADE badwa mu.

2 Adwaman ba biara mmma AWURADE badwa mu; n’awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so du mpo mmma AWURADE badwa mu.

3 Amonni anaa Moabni mmma AWURADE badwa mu; wɔn awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so du mpo mmma AWURADE badwa mu da,

4 ɛfiri sɛ wɔamfa aduane ne nsuo ammɛhyia mo kwan mu, berɛ a mofiri Misraim reba no, ne sɛ wɔkɔbɔɔ Beor ba Bileam a ɔfiri Petor wɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome woɔ nti.

5 Na AWURADE wo Nyankopɔn ampɛ sɛ ɔtie Bileam, na ɔdanee nnome no nhyira maa wo, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn dɔ wo.

6 Nhwehwɛ wɔn asomdwoeɛ ne wɔn papa da, wo nna nyinaa.

7 Nkyiri Edomni, ɛfiri sɛ ɔyɛ wo nua. Nkyiri Misraimni, ɛfiri sɛ wokɔyɛɛ n’asase so hɔhoɔ.

8 Mma a wɔbɛwo ama wɔn no awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa mmra AWURADE badwa mu.

Ɛdɔm ahoteɛ

9 Sɛ wofiri kɔkyere w’atamfo so nsraban a, hwɛ wo ho yie adebɔne nyinaa ho.

10 Sɛ ɔbarima bi wɔ wo mu a ne ho nteɛ wɔ ne ho a ɛsene anadwo no nti a, ɛnneɛ ɔmfiri nkɔ nsraban no akyi, ɔmmma nsraban no mu.

11 Na ɛrekɔ anwummerɛ no, ɔmfa nsuo nnware, na sɛ owia kɔtɔ a, ɔmmra nsraban no mu.

12 Na yɛ baabi, nsraban no akyi fa, na woafiri akɔgya wo nan wɔ hɔ.

13 Na nya sofi ka wo nnoɔma ho, na sɛ wokɔgya wo nan nsraban no akyiri hɔ awie no, fa sofi no tutu fam, na kata agyanan no so.

14 Ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn nam wo nsraban mu sɛ ɔregye woɔ, na ɔde w’atamfo ama wɔ w’anim; enti ma wo nsraban mu nyɛ kronkron, na wanhunu wo mu aniwudeɛ biara, na wannane amfiri w’akyi.

Akoa dwanefoɔ

15 Mfa akoa a wadwane afiri ne wura nkyɛn abɛdɔm woɔ nhyɛ ne wura nsa;

16 ɔntena wo nkyɛn wɔ mo mu, wo nkuro mu baako a ɔbɛfa a ɛyɛ ma no mu; nhyɛ ne so.

17 Israel mmammaa mu biara nnnane odwamamfoɔ, na Israel babarima biara nnnane odwamamfoɔ.

18 Mfa ɔbaa odwamamfoɔ apɛdeɛ anaa ɔkraman [ɔbarima odwamamfoɔ] apaadeɛ mma AWURADE wo Nyankopɔn fie wɔ wo bɔhyɛ biara mu, na ne mmienu no yɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ.

Mfɛntomu, bɔhyɛ ne tɔsofa ho mmara

19 Nnye wo nua mfɛntomu wɔ sika, aduane mfɛntomu, anaa wɔ biribiara ho.

20 Ɔnanani nkyɛn na gye mfɛntomu, na wo nua, deɛ nnye ne hɔ bi, na AWURADE wo Nyankopɔn nhyira wo deɛ wode wo nsa bɛka nyinaa mu, asase a worekɔ akɔfa no so.

21 Sɛ wohyɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɔ a, nyɛ nyaa sɛ wobɛma, ɛfiri sɛ ɔbɛhwehwɛ no wo hɔ, na adane wo bɔne.

22 Nanso woanhyɛ bɔ no koraa deɛ a, ɛnyɛ bɔne mma wo.

23 Deɛ afiri w’ano no, di so na yɛ, sɛdeɛ wofiri wo pɛ mu de w’ano ahyɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɔ no.

24 Sɛ woduru wo yɔnko bɔbeturom a, di aba no bi sɛdeɛ wopɛ mee, na mfa bi ngu w’adeɛ mu.

25 Sɛ woduru wo yɔnko ayuo a ɛgyina hɔ mu a, fa wo nsa pempane mmɛtem no bi, na mma kantankrankyi so wɔ wo yɔnko ayuo so.

Deuteronomium 25

1 Sɛ ɔham ba nnipa mmienu ntam a, wɔmmra asɛnniiɛ, na wɔmmu wɔn atɛn, na wɔmmu ɔteneneeni bem, na wɔmmu ɔbɔnefoɔ fɔ.

2 Na sɛ ɔbɔnefoɔ no di hweɛ a, ɔtemmufoɔ no mma no nna fam, na wɔnhwe no wɔ n’anim, dodoɔ a ɛsɛ ne bɔne no.

3 Mmaa aduanan na wɔnka no, ɛntra so, na wantra so anhwe no mmaa pii ansene yei, na wo nua annane w’ani so ɔhohorani.

4 Nkata nantwie a ɔpore ayuo ano.

5 Sɛ anuanom tena faako na wɔn mu baako wu na ɔnni ba a, owufoɔ no yere nnkɔ baabi nnkɔware ɔhɔhoɔ; ne kunu nua nkɔ ne ho nware no, na ɔnyɛ ekunu nua ayɛdeɛ mma no.

6 Na abakan a ɔbaa no bɛwo no no, wɔmfa ne nua a ɔwuiɛ no din nto no, na ne din ampepa amfiri Israel.

7 Na sɛ ɔbarima no mpɛ sɛ ɔware ne nua yere no a, ɛnneɛ ne nua yere no nkɔ kuro pono ano mpanimfoɔ nkyɛn nkɔka sɛ: Me kunu nua mpɛ sɛ ɔma ne nua din tena Israel, ɔmpɛ sɛ ɔyɛ me ekunu nua ayɛdeɛ.

8 Na ne kurom mpanimfoɔ no mfrɛ no nkasa nkyerɛ no, na sɛ ɔgyina hɔ ka sɛ: Mempɛ sɛ meware no a,

9 ɛnneɛ ne nua yere no ntwe mpini no mpanimfoɔ no anim, na ɔnyi ɔbarima no nan ase mpaboa, na ɔnhinam n’ani so ntasuo nka sɛ: Saa na wɔnyɛ ɔbarima a ɔmpɛ sɛ ɔsiesie ne nua fie.

10 Na wɔmfrɛ ne fie wɔ Israel mu sɛ: Deɛ wɔayi ne nan ase mpaboa no fie.

11 Sɛ mmarima reko, obi ne ne nua, na ɔbaako yere twe pini sɛ ɔrebɛgye ne kunu afiri deɛ ɔrehwe no no nsam, na ɔbaa no tene ne nsa sɔ ne barima mu a,

12 ɛnneɛ twa ɔbaa no nsa; mma w’ani nnhu no mmɔbɔ.

13 Nnya abrammoɔ ahodoɔ mmienu, kɛseɛ ne ketewa, wɔ wo fotoɔ mu.

14 Nnya efa ahodoɔ mmienu, kɛseɛ ne ketewa, wɔ wo fie.

15 Nya abrammokwanmu a ɛtene, nya efa a ɛduro na ɛtene, na wo nna aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.

16 Na AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ ne wɔn a wɔyɛ yeinom nyinaa, wɔn a wɔtwa nkontompo nyinaa.

Wɔmpepa Amalek nkaeɛ

17 Kae deɛ Amalek yɛɛ wo kwan soɔ berɛ a mofiri Misraim reba no,

18 sɛdeɛ ɔbɛtoaa wo ɛkwan soɔ, berɛ a woatɔ piti na woabrɛ, na ɔtwaa wɔn a aka w’akyire no nyinaa guiɛ wɔ w’akyire, na wansuro Onyankopɔn.

19 Enti sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ma wo ɔhome firi w’atamfo a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa nsa, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa tena soɔ no so a, pepa Amalek nkaeɛ firi asase so; mma wo werɛ mmfi.

Deuteronomium 26

Aduanekan afɔdeɛ

1 Na sɛ wonya duru asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no so na wofa tena so a,

2 fa so aduadeɛ a wobɛnya no w’asase a ɔde rema woɔ no soɔ no nyinaa so aduanekan no bi gu kɛntɛn mu, na fa kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ sɛ ne din ntena no,

3 na kɔ ɔsɔfoɔ a ɔwɔ so saa berɛ no nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Mepae mu nnɛ mekyerɛ AWURADE wo Nyankopɔn sɛ maduru asase a ɔkaa yɛn nananom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no so.

4 Na ɔsɔfoɔ no nnye kɛntɛn no mfiri wo nsam mfa nsi AWURADE wo Nyankopɔn afɔrebukyia no anim.

5 Na gye so ka no AWURADE wo Nyankopɔn anim sɛ: Na m’agya yɛ Aramni a anka ɔkyinkyini, na ɔde nnipa kakraa bi na ɛsiane kɔɔ Misraim kɔyɛɛ hɔ hɔhoɔ, na ɔyɛɛ ɔman kɛseɛ a wɔyɛ den na wɔdɔreeɛ wɔ hɔ;

6 na Misraimfoɔ yɛɛ yɛn bɔne na wɔhyɛɛ yɛn so na wɔde ɔsom denden too yɛn so;

7 na yɛsu frɛɛ AWURADE yɛn nananom Nyankopɔn, na ɔtiee yɛn nne, na ɔhunuu yɛn mmɔborɔ a yɛyɛ, yɛn haw ne yɛn ahodwan.

8 Na AWURADE de nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu ne ahodwirideɛ akɛseɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yii yɛn firii Misraim bae.

9 Na ɔde yɛn aba ha yi de asase yi ama yɛn, asase a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ.

10 Na afei, hwɛ, mede asase a wo, AWURADE, de ama me no so aduanekan maba; na fa si AWURADE wo Nyankopɔn anim, na sɔre n’anim,

11 na gye w’ani adepa a AWURADE wo Nyankopɔn de ama wo ne wo fie no nyinaa ho, wo ne Lewini ne ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo mu no.

12 Sɛ wowie wo nnɔbaeɛ mu ntotosoɔ du du nyinaa yiyi, afe a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne ntotosoɔ du du ma afe no mu, na wode ama Lewini ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ ama wɔadi no wo kuro apono mu amee a,

13 ɛnneɛ ka no wɔ AWURADE wo Nyankopɔn anim sɛ: Mayi akronkronneɛ afiri me fie, na mede mama Lewini ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ nso, sɛdeɛ wo mmara a woahyɛ me no nyinaa teɛ, mamfom wo mmara nsɛm no na me werɛ amfi;

14 mennii bi m’awerɛhoɔ mu, na menyii bi berɛ a me ho nteɛ, na memfaa bi memmaa owufoɔ biara. Matie AWURADE me Nyankopɔn nne, na mayɛ sɛdeɛ woahyɛ me no nyinaa.

15 Firi wo tenabea kronkron ɔsoro brɛ w’ani ase hwɛ, na hyira wo man Israel ne asase a wode ama yɛn, sɛdeɛ wokaa yɛn nananom ntam no, asase a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ no.

16 Ɛnnɛ da yi AWURADE wo Nyankopɔn rehyɛ wo sɛ: Yɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ yi, na fa w’akoma ne wo kra nyinaa di so na yɛ.

17 Ɛnnɛ woaka no AWURADE ho sɛ ɔbɛyɛ wo Nyankopɔn, na woanante n’akwan so, na woadi n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ so, na woatie ne nne.

18 Na AWURADE nso aka no wo ho nnɛ sɛ wobɛyɛ ɔno ara ne man, sɛdeɛ wahyɛ wo bɔ no, na woadi ne mmara nsɛm nyinaa so,

19 na wama wo so akyɛne amanaman a ɔyɛɛ wɔn no nyinaa, de wo ayɛ ayeyie ne din ne animuonyam, na woayɛ ɔman kronkron ama AWURADE wo Nyankopɔn sɛdeɛ ɔkaeɛ no.