Deuteronomium 6

1 Na yei ne mmara nsɛm, ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnkyerɛkyerɛ mo na monyɛ asase a moretwam akɔfa no soɔ,

2 na woasuro AWURADE wo Nyankopɔn adi n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm a merehyɛ woɔ yi nyinaa so, wo ne wo ba ne wo ba ba, wo nkwa nna nyinaa, na wo nna aware.

3 Enti, Israel, tie, na hwɛ yɛ, na asi wo yie, na woadɔɔso pii, sɛdeɛ AWURADE wo nananom Nyankopɔn ka kyerɛɛ woɔ no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so.

4 Israel, tie, AWURADE yɛn Nyankopɔn ne AWURADE koro.

5 Na fa w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ AWURADE wo Nyankopɔn.

6 Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna w’akoma so;

7 na fa kyerɛkyerɛ wo mma yie, na kasa ho, w’afitena mu ne wo kwan so nanteɛ mu ne wo nna mu ne wo sɔreɛ mu;

8 na fa yɛ nsɛnkyerɛnneɛ kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkaeɛ abotire;

9 na twerɛ gu wo fie aponnwa ho ne w’aponkɛseɛ so.

Asoɔden ho kɔkɔbɔ

10 Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn nya de wo duru asase a ɔkaa wo nananom Abraham, Isak ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma woɔ no so, nkuro akɛseɛ a ɛyɛ fɛ a ɛnyɛ wo na wokyekyereeɛ,

11 ne adan a nnepa nyinaa ayɛ no amaama a ɛnyɛ wo na wode hyehyɛɛ mu, ne mmura a wɔatutuo a ɛnyɛ wo na wotutuiɛ, bobe nturo ne ngodua nturo a ɛnyɛ wo na wotetɛeɛ, na sɛ wodidi mee a,

12 hwɛ yie na wo werɛ amfiri AWURADE a ɔyii wo Misraim asase so firii nkoafie no:

13 AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, na ɔno na som no, na ne din ho ntam na ka;

14 monnni anyame foforɔ a wɔfiri amanaman a wɔgugu mo ho no anyame no akyi;

15 na AWURADE wo Nyankopɔn a ɔwɔ wo mu no yɛ Onyankopɔn ninkufoɔ, na AWURADE wo Nyankopɔn abufuo annɛre antia wo, na wansɛe wo amfiri asase ani.

16 Monnsɔ AWURADE mo Nyankopɔn nnhwɛ, sɛdeɛ mosɔɔ no hwɛɛ Masa hɔ no;

17 monni AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm ne n’adansesɛm ne n’ahyɛdeɛ a wahyɛ mo no so pɛpɛɛpɛ;

18 na yɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ AWURADE ani soɔ, na asi wo yie, na woakɔ akɔfa asase pa a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom no,

19 na watu w’atamfo nyinaa afiri w’anim, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.

20 Sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Adansesɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ bɛn na AWURADE yɛn Nyankopɔn de hyɛɛ mo yi?

21 Ka kyerɛ wo ba no sɛ: Yɛyɛɛ Farao nkoa Misraim, na AWURADE de nsa a ɛyɛ den yii yɛn firii Misraim;

22 na AWURADE maa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ akɛseɛ a ɛyɛ hu baa Misraim, Farao ne ne fie nyinaa so wɔ yɛn anim;

23 na yɛn deɛ, ɔyii yɛn firii hɔ sɛ ɔde yɛn reba de asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ yɛn nananom no abɛma yɛn.

24 Na AWURADE hyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ ahyɛdeɛ yi nyinaa na yɛnsuro AWURADE yɛn Nyankopɔn, na ɛnsi yɛn yie nna nyinaa, na ɔmma yɛnnya nkwa, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi;

25 na sɛ yɛhwɛ di mmara nsɛm yi nyinaa so, AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛdeɛ ɔhyɛɛ yɛn no a, ɛbɛyɛ yɛn ateneneefoɔ.

Deuteronomium 7

AWURADE man no kronkronyɛ

1 Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de wo duru asase a worekɔ akɔfa no so, na ɔpamo amanaman pii firi w’anim, Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ, aman nson a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sene woɔ,

2 na AWURADE wo Nyankopɔn yi wɔn ma wo ma woku wɔn a, ɛnneɛ sɛe wɔn pasapasa; wo ne wɔn mmpam, na nhu wɔn mmɔbɔ;

3 na ɛne wɔn nnni ayewareɛ, mfa wo mmammaa mma wɔn mma, nso nnye wɔn mmammaa mma wo mma awareɛ.

4 Ɛfiri sɛ ɔbɛdane wo mma ani afiri m’akyi, na wɔasom anyame foforɔ, na AWURADE bo afu mo, na wasɛe wo ntɛm.

5 Na mmom sɛ monyɛ wɔn nie: Monnwiridwiri wɔn afɔrebukyia, na mommubu wɔn aboɔ adum, na montwitwa wɔn abosompɔ ngu, na momfa ogya nhye wɔn ahoni.

6 Na mo yɛ ɔman kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn; mo na AWURADE mo Nyankopɔn ayi mo sɛ mommɛyɛ ɔman a wafa ayɛ ne dea wɔ aman a ɛwɔ asase so nyinaa mu.

7 Ɛnyɛ mo dodoɔ a ɛsene aman nyinaa nti na AWURADE de ne ho abɔ mo ho na wayi mo, ɛfiri sɛ mo na mosua aman nyinaa mu.

8 Na ɛsiane sɛ AWURADE dɔ mo na ɔdi ne ntam a ɔkaa mo nananom no soɔ nti na ɔde nsa a ɛyɛ den yii mo, na ɔgyee mo firii nkoafie firii Misraimhene Farao nsam.

9 Enti hunu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno ne Onyankopɔn, — Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔkora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmara nsɛm so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem soɔ,

10 na ɔtua wɔn a wɔtane no ka wɔ wɔn anim na ɔsɛe wɔn; ɔnyɛ nyaa mma deɛ ɔtane no, ɔbɛtua no ka wɔ n’anim.

11 Enti di mmara nsɛm ne atemmudeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi so, na yɛ.

Setie mu Nhyira

12 Na sɛ motie atemmudeɛ yi na modi so yɛ a, AWURADE wo Nyankopɔn nso bɛdi apam ne adɔeɛ a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom no so ama wo,

13 na wadɔ wo ahyira wo ama woadɔ, na wahyira wo yafunu mu aba ne w’asase so aba, w’aburoo ne wo nsa ne wo ngo ne w’anantwie mma ne wo nnwan mma, asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom sɛ ɔde bɛma woɔ no so.

14 Wɔbɛhyira wo asene aman nyinaa; ɔbarima anaa ɔbaa renyɛ obonini wo mu ne w’afieboa mu.

15 Na AWURADE bɛyi yadeɛ nyinaa afiri wo so, na ɔremfa Misraim yadeɛ bɔne a wonim no biara nto wo so, na ɔde bɛto wɔn a wɔtane woɔ nyinaa so.

16 Na sɛe aman a AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn bɛma woɔ no nyinaa; mma w’ani nnhu wɔn mmɔbɔ, na nsom wɔn anyame, ɛfiri sɛ ɛno bɛyɛ fidie ama wo.

17 Sɛ wose no w’akoma mu sɛ: Amanaman yi dɔɔso sene me, mɛyɛ dɛn na matumi matu wɔn?

18 Nsuro wɔn, na kae deɛ AWURADE wo Nyankopɔn yɛɛ Farao ne Misraim nyinaa,

19 sɔhwɛ akɛseɛ a w’ani hunuiɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu a AWURADE wo Nyankopɔn de yii woɔ no; saa na AWURADE wo Nyankopɔn bɛyɛ aman a wosuro wɔn no nyinaa.

20 Nkotokurodu nso na AWURADE wo Nyankopɔn bɛsoma ama wɔakɔ wɔn mu akɔsi sɛ wɔn a wɔaka na wɔahunta no bɛsɛe w’anim.

21 Mma wɔn anim nnyɛ wo hu, na AWURADE wo Nyankopɔn wɔ wo mu, Onyankopɔn kɛseɛ a ne ho yɛ hu ne no.

22 Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛpamo amanaman yi afiri w’anim nkakrankakra; nsɛe wɔn prɛko, na ewiram mmoa annɔɔso wo so.

23 Na AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn bɛhyɛ wo nsa, na ɔbɛma ahodwirie kɛseɛ aba wɔn mu akɔsi sɛ wɔbɛsɛeɛ.

24 Na ɔde wɔn ahemfo bɛhyɛ wo nsa, na woasɛe wɔn din afiri wiase; obiara rentumi nnyina w’anim de bɛkɔ akɔsi sɛ wobɛsɛe wɔn.

25 Wɔn anyame ahoni no, momfa ogya nhye; mma w’ani mmmere ɛho dwetɛ ne sika, na mfa bi, na ansum wo fidie, ɛfiri sɛ ɛyɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ.

26 Na mfa akyiwadeɛ nkɔ wo fie, na woanyɛ abusudeɛ sɛ ɛno; ma no nyɛ wo tane, na kyi, ɛfiri sɛ ɛyɛ abusudeɛ.

Deuteronomium 8

Asetena mu ahwɛyie

1 Mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa monhwɛ nyɛ, na moanya nkwa, na moadɔ, na moakɔ akɔfa asase a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ mo nananom no adi so.

2 Na kae kwan a AWURADE wo Nyankopɔn maa wonantee so mfirinhyia aduanan yi ɛserɛ soɔ no nyinaa, sɛ ɔrebrɛ wo ase asɔ wo ahwɛ, na wahunu deɛ ɛwɔ w’akoma mu, sɛ wobɛdi ne mmara nsɛm so anaasɛ worenni so.

3 Na ɔbrɛɛ wo ase maa ɛkɔm dee wo, na ɔde mana a wonnim na wo nananom nso nnim yɛnee wo, na wama woahunu sɛ, ɛnyɛ paanoo nko so na onipa nam bɛtena aseɛ, na adeɛ biara a ɛfiri AWURADE anomu so na onipa nam tena aseɛ.

4 Wo ntoma ansu wo ho, na wo nan anhonhon mfirinhyia aduanan yi mu.

5 Na hunu no w’akoma mu sɛ, sɛdeɛ onipa tea ne ba no, saa ara na AWURADE wo Nyankopɔn tea woɔ.

6 Enti di AWURADE wo Nyankopɔn mmara nsɛm so, sɛ wobɛnante n’akwan soɔ na woasuro no.

7 Na AWURADE wo Nyankopɔn de wo rekɔ asase pa so, asase a ɛso wɔ nsubɔntene, nsuo aniwa ne atareɛ a ɛfifiri mmonhwa ne mmepɔ mu sene,

8 asase a ayuo ne atokoɔ ne bobe ne borɔdɔma ne atoaa wɔ soɔ, asase a ɛso wɔ ngodua ne ɛwoɔ,

9 asase a worenni so aduane na, na biribiara renhia wo wɔ soɔ, asase a n’aboɔ yɛ dadeɛ, na wɔbɛtu kɔbere afiri ne mmepɔ mu.

10 Na sɛ wodidi mee a, hyira AWURADE wo Nyankopɔn, asase pa a ɔde ama woɔ no nti.

11 Hwɛ yie na wo werɛ amfiri AWURADE wo Nyankopɔn sɛ worenni ne mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi soɔ;

12 na sɛ wodidi mee na wosisi adan pa tena mu,

13 na w’anantwie ne wo nnwan dɔ, na wo dwetɛ ne wo sika dɔɔso ma wo, na adeɛ a wowɔ nyinaa dɔɔso a,

14 hwɛ yie na w’akoma amma ne ho so, na wo werɛ amfiri AWURADE wo Nyankopɔn a ɔyii wo Misraim asase so firii nkoa fie no;

15 ɔno na ɔdii w’anim de wo faa ɛserɛ kɛseɛ a awɔ a wɔn ano wɔ borɔ ne anyanyankyerɛ wɔ, ne nkyɛkyerɛ a nsuo nni hɔ so; ɔyii nsuo firii ɔbohemmaa botan mu maa wo;

16 ɔde mana a wo nananom nnim maa wodii wɔ ɛserɛ so, sɛ ɔrebrɛ wo aseɛ na wasɔ wo ahwɛ, na awieeɛ no, wayɛ wo yie,

17 na woanka no w’akoma mu sɛ: M’ahoɔden ne me nsa den na ama manya ahonyadeɛ yi,

18 na mmom kae AWURADE wo Nyankopɔn, na ɔno na ɔma wo ahoɔden a wode nya wo ho, na wama n’apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom no atim sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

19 Na sɛ wo werɛ firi AWURADE wo Nyankopɔn, na wokɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn na wosɔre wɔn a, medi wo adanseɛ nnɛ, sɛ sɛeɛ na mobɛsɛeɛ.

20 Sɛ amanaman a AWURADE sɛe wɔn firi mo anim no, saa ara na mobɛsɛeɛ, ɛfiri sɛ moantie AWURADE mo Nyankopɔn nne.

Deuteronomium 9

Israelfoɔ ahantan

1 Israel, tie! Worebɛtwa Yordan nnɛ akɔ akɔtu amanaman a wɔsoso na wɔn ho yɛ den sene woɔ, afa nkuro akɛseɛ a wɔatoto ho afasuo akɔ soro,

2 ɔman kɛseɛ a wɔwowareɛ, Anakfoɔ mma a woni wɔn na woate wɔn ho asɛm sɛ: Hwan na ɔbɛgyina Anak mma anim?

3 Na hunu nnɛ sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ne deɛ ɔdi w’anim retwa, sɛ ogya a ɛhyeɛ; ɔno na ɔbɛsɛe wɔn, na wabrɛ wɔn ase, w’anim, na watu wɔn asɛe wɔn ntɛm, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ woɔ no.

4 Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn tu wɔn firi w’anim gu a, nka no w’akoma mu sɛ: Me tenenee nti na AWURADE de me baa sɛ memmɛfa asase yi; na amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE retu wɔn afiri w’anim.

5 Ɛnyɛ wo tenenee ne w’akoma a ɛtene nti na worekɔ akɔfa wɔn asase, na mmom amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE wo Nyankopɔn retu wɔn afiri w’anim, na wama asɛm a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom, Abraham, Isak ne Yakob no atim.

6 Enti hunu sɛ ɛnyɛ wo tenenee nti na AWURADE wo Nyankopɔn de asase pa yi rema wo sɛ di soɔ, na ɔman a wɔn kɔn asene ne wo.

7 Kae na mma wo werɛ mmfi, sɛdeɛ wohyɛɛ AWURADE wo Nyankopɔn abufuo ɛserɛ soɔ no; ɛfiri da a wofirii Misraim asase soɔ de bɛsii sɛ mobaa ha yi, mote ne so atua.

8 Na Horeb nso mohyɛɛ AWURADE abufuo, na ɛmaa ne bo fuu mo sɛ anka ɔbɛsɛe mo;

9 ɛberɛ a meforoo bepɔ no sɛ merekɔgye aboɔpono, apam a AWURADE ne mo pameeɛ no apono no, medii bepɔ no so adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom;

10 na AWURADE maa me aboɔpono mmienu a wɔde Nyankopɔn nsateaa twerɛeɛ a nsɛm a AWURADE firii ogya mu wɔ bepɔ no so ne mo kaa no dwabɔ da no nyinaa wɔ soɔ.

11 Na adaduanan awia ne anadwo no wiee duro no, AWURADE de aboɔpono mmienu, apam apono no, maa me,

12 na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre siane firi ha ntɛm, na ɔman a wokɔyii wɔn firii Misraim no adi asɛmmɔne. Wɔadane ntɛm afiri ɔkwan a mehyɛɛ wɔn no so; wɔayɛ ohoni a wɔaguo afa.

13 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mahunu ɔman yi, na hwɛ, wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asene;

14 gyaa me ma mensɛe wɔn, na mempepa wɔn din mfiri asase so, na mede wo bɛyɛ ɔman a ɛyɛ den na ɛso sene wɔn.

15 Ɛnna medanee me ho mefirii bepɔ no so mesianeeɛ, na bepɔ no redɛre ogya, na apam apono mmienu no kurakura me nsam;

16 na mehunui, na hwɛ, na moayɛ AWURADE mo Nyankopɔn bɔne ayɛ nantwie ba a wɔaguo afa: Moamane ntɛm afiri ɔkwan a AWURADE hyɛɛ mo no so.

17 Ɛnna mefaa apono mmienu no meto firii me nsam guiɛ, na mebobɔɔ no wɔ mo anim.

18 Na mehwee AWURADE anim ase sɛ kane no, adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom, mo bɔne a moyɛeɛ nyinaa, sɛ moyɛɛ deɛ ɛnyɛ wɔ AWURADE ani so de hyɛɛ no abufuo no nti.

19 Na mesuroo abufuhyeɛ a AWURADE anya no mo ho na ɔde rebɛsɛe mo no. Na AWURADE tiee me saa berɛ no nso.

20 Na AWURADE faa Aaron ho abufuo kɛse sɛ ɔrebɛsɛe no, na mepaa kyɛw memaa Aaron nso saa berɛ no.

21 Na mefaa mo bɔne a moyɛeɛ a ɛne nantwie ba no, na mede ogya mehyee, na mesi meyam no muhumuhu kɔsii sɛ ɛfee sɛ mfuturo, na metoo ne mfuturo no guu asuo a ɛfiri bepɔ no so sene no mu.

22 Na Tabera ne Masa ne Kibrot-hataawa nso mohyɛɛ AWURADE abufuo.

23 Na AWURADE somaa mo firi Kades-barnea kaa sɛ: Momforo nkɔfa asase a mede mama mo no, motee AWURADE mo Nyankopɔn anomu asɛm so atua, na moannye no anni, na moantie ne nne.

24 AWURADE anim atuatefoɔ ne mo firi da a mehunuu mo.

25 Na mehwee ase AWURADE anim adaduanan, awia ne anadwo. Mehwee ase, ɛfiri sɛ na AWURADE aka sɛ ɔrebɛsɛe mo.

26 Ɛno nti mepaa AWURADE kyɛw sɛ: Awurade NYANKOPƆN, nsɛe wo man ne w’agyapadeɛ a wode wo kɛseyɛ agye wɔn na wode nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afiri Misraim no.

27 Kae wo nkoa Abraham, Isak ne Yakob; nnane w’ani nhwɛ ɔman yi asoɔden ne wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne,

28 na asase a woyii yɛn firii soɔ no sofoɔ anka sɛ: AWURADE antumi amfa wɔn ankɔ asase a ɔkaa wɔn ɛho asɛm no so, na tane a ɔtane wɔn nti na ɔde wɔn firi kɔɔ sɛ ɔrekɔkunkum wɔn ɛserɛ soɔ.

29 Na wɔyɛ wo man ne w’agyapadeɛ a wode wo tumi kɛseɛ ne wo nsa a woatene ayi wɔn.

Deuteronomium 10

Aboɔ apono no ho asɛm

1 Saa berɛ no na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sene aboɔpono mmienu sɛ kane deɛ no na fa foro bra me nkyɛn bepɔ no so, na yɛ dua adaka;

2 na mɛtwerɛ nsɛm a ɛwɔ kane apono a wobobɔeɛ no soɔ no mahyɛ apono no so, na fa sie adaka no mu.

3 Na meyɛɛ okuo adaka, na mesenee aboɔpono mmienu sɛ kane deɛ no, na meforoo bepɔ no a apono mmienu no kura me nsam.

4 Na AWURADE twerɛɛ apono no so sɛ kane ntwerɛeɛ no, nsɛm du no a ɔfiri ogya no mu ka kyerɛɛ mo wɔ bepɔ no so dwabɔ da no, na ɔde maa me.

5 Na medanee me ho siane firii bepɔ no so, mede apono no mebɛsiee adaka a meyɛeɛ no mu, na ɛwɔ hɔ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ me no.

6 (Na Israelfoɔ tu firii Beerot-bene-yaakan kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wuiɛ na wɔsiee no wɔ hɔ, na ne ba Eleasa sii n’ananmu dii sɔfoɔ.

7 Ɛfiri hɔ na wɔtu kɔɔ Gudgod, na wɔfirii Gudgod kɔɔ Yotbat, asase a nsutene wɔ soɔ.

8 Saa berɛ no na AWURADE yii Lewifoɔ abusuakuo sɛ wɔnsoa AWURADE apam adaka no, na wɔnnyina n’anim nsom no, na wɔmfa ne din nhyira, a wɔayɛ de abɛduru nnɛ da yi.

9 Enti na Lewi annya kyɛfa ne agyapadeɛ ne nuanom mu. AWURADE ne n’agyapadeɛ, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no.)

10 Na me deɛ, megyinaa bepɔ no so sɛ kane no, adaduanan awia ne anadwo, na AWURADE tiee me saa berɛ no nso, na wampɛ sɛ ɔsɛe woɔ.

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔdi ɔman no anim ma wɔntu nkɔfa asase a mekaa wɔn nananom ntam sɛ mede bɛma wɔn no.

AWURADE apɛdeɛ

12 Na afei, Israel, ɛdeɛn na AWURADE wo Nyankopɔn repɛ no wo nkyɛn? Ɛne sɛ wobɛsuro AWURADE wo Nyankopɔn, na wonante n’akwan nyinaa soɔ, na wodɔ no, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa som AWURADE wo Nyankopɔn,

13 na wodi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi soɔ, na ayɛ wo yie.

14 Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro yɛ AWURADE wo Nyankopɔn dea, asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.

15 Nanso wo nananom nko na AWURADE bata wɔn ho sɛ ɔbɛdɔ wɔn, na wayi wɔn asefoɔ a wɔdi wɔn akyire a ɛne mo, afiri aman nyinaa mu, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

16 Enti montwitwa mo akoma twetia, na monnsene mo kɔn bio.

17 Na AWURADE mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyankopɔn ne Awurade mu Awurade, Onyankopɔn kɛseɛ no, Otumfoɔ a ne ho yɛ hu a ɔnhwɛ nnipa anim na ɔnnye adanmudeɛ;

18 ɔbu atɛn ma awisiaa ne okunafoɔ, na ɔdɔ ɔhɔhoɔ ma no aduane ne nkataho.

19 Enti monnɔ ahɔhoɔ, ɛfiri sɛ moyɛɛ ahɔhoɔ Misraim asase so.

20 AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, ɔno na som no, na ne ho na bata, na ne din ho ntam na ka.

21 Ɔno ne w’ayeyie, na ɔne wo Nyankopɔn a wayɛ nnoɔma akɛseɛ a ɛyɛ hu a w’ani ahunu yi ama woɔ.

22 Akra aduɔson na wo nananom de siane kɔɔ Misraim, afei AWURADE wo Nyankopɔn ayɛ wo dodoɔ sɛ ɔsoro nsoromma.

Deuteronomium 11

Ɔsetie ho kɔkɔbɔ

1 Enti dɔ AWURADE wo Nyankopɔn, na hwɛ n’ahwɛdeɛ, n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ ne ne mmara nsɛm nna nyinaa.

2 Na monhunu nnɛ, (na ɛnyɛ mene mo mma a wɔnnim na wɔnhunuiɛ no) monhunu AWURADE mo Nyankopɔn ntea, ne kɛseyɛ, ne nsa a ɛyɛ den ne ne basa a watene mu

3 ne ne nsɛnkyerɛnneɛ ne ne nneyɛeɛ a ɔyɛɛ no Misraim a ɔde yɛɛ Misraimhene Farao ne n’asase nyinaa,

4 ne deɛ ɔyɛɛ Misraim dɔm ne n’apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam a wɔde reti mo a ɔmaa Ɛpo Kɔkɔɔ mu nsuo bu faa wɔn soɔ, na AWURADE sɛee wɔn, de abɛduru nnɛ da yi,

5 ne deɛ ɔyɛɛ mo ɛserɛ so bɛsii sɛ moduruu ha yi,

6 ne deɛ ɔyɛɛ Ruben ba Eliab mma Datan ne Abiram a asase buee n’anomu menee wɔn ne wɔn afie ne wɔn ntomadan ne wɔn a wɔdii wɔn akyire nyinaa firii Israel nyinaa mfimfini no;

7 na mo ani ahunu AWURADE nneyɛeɛ akɛseɛ a ɔyɛeɛ no nyinaa.

8 Enti monni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so, na mo ho ayɛ den, na moakɔ akɔfa asase a moretwam akɔ so akɔfa no,

9 na mo nna aware asase a AWURADE kaa mo nananom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ no so, asase a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ no.

10 Na asase a worekɔ akɔfa no nte sɛ Misraim asase a mofiri so baeɛ a woguu w’aba na wode wo nan guguu so nsuo sɛ ɛfan turo mu no;

11 na asase a moretwam akɔ so akɔfa no yɛ mmepɔ ne mmonhwa asase a ɛnom ɔsoro nsuo,

12 asase a AWURADE wo Nyankopɔn hwɛ so daa, a n’ani wɔ so firi afe mfitiaseɛ kɔsi afe awieeɛ.

13 Na sɛ motie me mmara nsɛm a mede merema mo nnɛ yi, sɛ mode mo akoma nyinaa bɛdɔ AWURADE mo Nyankopɔn na moasom no a,

14 ɛnneɛ mɛma mo asase so osuo atɔ ne berɛ mu, asusɔ ne bereamporɔ, na woaboaboa w’aburoo ne wo nsa ne wo ngo ano,

15 na mɛma wo serɛ so aba wira ama w’afieboa, na woadidi amee.

16 Monhwɛ mo ho yie na wɔannaadaa mo akoma, na moammane ankɔsom anyame foforɔ ansɔre wɔn,

17 na AWURADE abufuo annɛre antia mo, na wanto ɔsoro mu sɛ osuo nntɔ na asase mmma ne nnɔbaeɛ, na moansɛe ntɛm so amfiri asase pa a AWURADE de rema mo no so.

Ɛsɛ sɛ wɔsua Nyankopɔn nsɛm no yie

18 Enti momfa me nsɛm yi nsie mo akoma ne mo kra mu, na fa yɛ nsɛnkyerɛnneɛ kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkaeɛ abotire;

19 na momfa nkyerɛkyerɛ mo mma, na kasa ho w’afitena mu ne wo kwan so nanteɛ mu ne wo nna mu ne wo sɔreɛ mu;

20 na twerɛ gu wo fie aponnwa ho ne w’aponkɛseɛ so;

21 na wo nna ne wo mma nna adɔɔso asase a AWURADE kaa wo nananom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, sɛdeɛ ɔsoro a ɛkata asase soɔ yi nna teɛ.

22 Na sɛ mobɛdi mmara nsɛm a merehyɛ mo yi so ayɛ, na moadɔ AWURADE mo Nyankopɔn anante n’akwan nyinaa so na moabata ne ho a,

23 ɛnneɛ AWURADE bɛtutu amanaman yi nyinaa afiri mo anim, na moafa amanaman akɛseɛ a wɔyɛ den sene mo.

24 Baabiara a mo nan bɛtia no bɛyɛ mo deɛ, ɛfiri ɛserɛ so ne Lebanon, ɛfiri Asubɔntene Eufrate ho, kɔsi akyiri po no ano bɛyɛ mo asase.

25 Obiara rentumi nnyina mo anim; AWURADE mo Nyankopɔn de mo ho hu ne mo ho suro bɛgu asase a mobɛfa soɔ nyinaa so, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no.

Nhyira ne nnome

26 Hwɛ, mede nhyira ne nnome meregu mo anim nnɛ:

27 Sɛ motie AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi a, mobɛnya nhyira,

28 na sɛ moantie AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm na momane firi ɔkwan a merehyɛ mo nnɛ yi so kɔdi anyame foforɔ a monni wɔn akyiri a, mobɛnya nnome.

29 Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de wo duru asase a worekɔ akɔfa no so a, ka nhyira no Gerisim bepɔ so ne nnome no nso Ebal bepɔ so.

30 Ɛnni Yordan agya, owiatɔeɛ kwan no akyi, Kanaanfoɔ a wɔte Araba asase so, Gilgal ntentensoɔ, More pɔ ho?

31 Na morebɛtwa Yordan akɔ akɔfa asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo no, na mobɛfa atena so.

32 Enti monhwɛ yie na monyɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mede meresi mo anim nnɛ yi nyinaa.

Deuteronomium 12

Wɔnsɛe ahoni

1 Yeinom ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a monhwɛ nyɛ no asase a AWURADE wo nananom Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no soɔ, nna a mode te asase soɔ nyinaa.

2 Sɛeɛ na monsɛe ɔsombea a amanaman a morekɔtu wɔn no som wɔn anyame, mmepɔ atentene so ne nkokoɔ so ne dua mono biara ase no nyinaa;

3 na monnwiri wɔn afɔrebukyia, na mommubu wɔn aboɔ adum, na momfa ogya nhye wɔn abosompɔ, na mommobɔ wɔn anyame ahoni, na monsɛe wɔn din mfiri hɔ.

Faako a wɔnsom Onyankopɔn

4 Monnyɛ AWURADE mo Nyankopɔn saa,

5 na mmom faako a ɔbɛyi mo mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛtoɔ na watena no na monhwɛ, na ɛhɔ na monkorɔ;

6 na ɛhɔ na momfa mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo kum afɔdeɛ ne mo ntotosoɔ du du ne mo nsam mmasoɔ adeɛ ne mo bɔhyɛ adeɛ ne mo ayamyi afɔdeɛ ne mo anantwie ne mo nnwan mmakan nkorɔ;

7 na ɛhɔ na monnidi AWURADE mo Nyankopɔn anim, na mo ne mo afie ani nnye ade a mode mo nsa ka a AWURADE wo Nyankopɔn de ahyira woɔ no mu nyinaa.

8 Monnyɛ sɛdeɛ yɛreyɛ no ɛha nnɛ yi biara a obiara yɛ deɛ ɛtene n’ani soɔ nyinaa no;

9 na ɛde bɛsi sɛsɛɛ yi monnya nnuruu home ne agyapadeɛ a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no mu.

10 Na sɛ monya twa Yordan kɔtena asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ monni soɔ no so, na ɔma mo home firi mo atamfoɔ a wɔatwa mo ho ahyia no nyinaa ho na motena ase dwoodwoo a,

11 ɛnneɛ faako a AWURADE mo Nyankopɔn bɛyi ama ne din atena no, ɛhɔ na momfa deɛ merehyɛ mo no nyinaa nkorɔ: Mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo kum afɔdeɛ ne mo ntotosoɔ du du ne mo nsam mmasoɔ adeɛ ne mo bɔhyɛ adeɛ a moyie a mode hyɛ AWURADE bɔ no nyinaa.

12 Na momma mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn anim, mo ne mo mmammarima ne mo mmammaa ne mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewini a ɔwɔ mo kuro apono mu, ɛfiri sɛ ɔno deɛ, ɔnni mo mu kyɛfa anaa agyapadeɛ.

13 Hwɛ wo ho yie na woammɔ wo hyeɛ afɔdeɛ baabiara a wohunu,

14 gye faako a AWURADE bɛyi wɔ wo mmusuakuo baako mu no, ɛhɔ na bɔ wo hyeɛ afɔdeɛ, na yɛ deɛ merehyɛ woɔ nyinaa.

15 Nanso ɛnam biara a wo kra kɔn dɔ no, kum di, sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo wɔ wo nkuro nyinaa mu; obi a ne ho nteɛ ne deɛ ne ho teɛ nni bi, sɛ ɔwansane ne ɔforoteɛ;

16 mogya no nko na monnnie, monhwie ngu fam sɛ nsuo.

17 Deɛ ɛnsɛ sɛ wodie wɔ wo nkuro mu ne: W’aburoo ne wo nsa ne wo ngo ntotosoɔ du du ne w’anantwie ne wo nnwan mmakan ne wo bɔhyɛ adeɛ biara a woahyɛ ho bɔ ne w’ayamyi afɔdeɛ ne wo nsam mmasoɔ adeɛ;

18 gye sɛ AWURADE wo Nyankopɔn anim, faako a ɔbɛyie no na die, wo ne wo babarima ne wo babaa ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini a ɔwɔ wo kuro apono mu, na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, deɛ wode wo nsa ka nyinaa ho.

19 Hwɛ yie na wo werɛ amfiri Lewini, nna a wode te w’asase soɔ nyinaa.

20 Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn trɛ wo hyeɛ mu sɛdeɛ waka akyerɛ woɔ no, na wose mɛdi nam, ɛfiri sɛ wo kra kɔn dɔ sɛ ɔbɛdi nam a, di nam sɛdeɛ wo kra kɔn dɔ.

21 Sɛ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato hɔ no ne wo ntam ware a, ɛnneɛ kum w’anantwie ne wo nnwan a AWURADE de ama woɔ no bi, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no, na di no wo kuro mu, sɛdeɛ wo kra kɔn dɔ;

22 sɛdeɛ wɔdi ɔwansane ne ɔforoteɛ no, saa ara nso na die; obi a ne ho nteɛ ne deɛ ne ho teɛ nyinaa nni.

23 Hwɛ yie mmom na hwɛ na woanni mogya, ɛfiri sɛ mogya ne ɔkra, na nni ɔkra nka nam no ho;

24 nni, hwie gu fam sɛ nsuo;

25 nni, na ɛnsi wo ne wo mma a wɔdi w’akyire yie, sɛ woreyɛ deɛ ɛtene AWURADE ani soɔ.

26 Fa akronkronneɛ a ɛsɛ sɛ wode ma, ne wo bɔhyɛ adeɛ na ma so kɔ faako a AWURADE bɛkyerɛ hɔ.

27 Na fa nam ne mogya no bɔ wo hyeɛ afɔdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn afɔrebukyia so, na wɔnhwie w’afɔdeɛ no mogya ngu n’afɔrebukyia no so, na nam no deɛ, di.

28 Hwɛ na tie nsɛm a merehyɛ woɔ nyinaa na ɛnsi wo ne wo mma a wɔdi w’akyire yie daa, sɛ woreyɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene AWURADE wo Nyankopɔn ani so.

Wɔnnni ahoni akyi

29 Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn twitwa amanaman a worekɔ hɔ akɔtu wɔn no firi w’anim, na wotu wɔn tena wɔn asase so a,

30 hwɛ wo ho yie na sɛeɛ a wɔasɛe wɔn afiri w’anim no akyiri no wɔn akyiridie anyɛ wo fidie, na woammisa wɔn anyame akyiri kwan sɛ: Amanaman yi som wɔn anyame sɛn? Na me nso menyɛ saa.

31 Nyɛ AWURADE wo Nyankopɔn saa, na n’akyiwadeɛ a ɔtane nyinaa na wɔayɛ ama wɔn anyame, na wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa mpo, wɔde ogya hye wɔn ma wɔn anyame.

32 Asɛm a merehyɛ mo nyinaa, monhwɛ nni so; mfa bi nka ho na nyi bi nso mfiri mu.

Deuteronomium 13

Ahonisom ho kɔkɔbɔ

1 Sɛ odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ bi sɔre wo mu, na ɔma wo nsɛnkyerɛnneɛ anaa anwanwadeɛ bi,

2 na nsɛnkyerɛnneɛ anaa anwanwadeɛ a ɔka kyerɛɛ woɔ no ba mu na ɔka sɛ: Ma yɛnkɔ nkɔdi anyame foforɔ a wonni wɔn akyi nkɔsom wɔn a,

3 ntie odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no nsɛm no. Ɛfiri sɛ AWURADE mo Nyankopɔn resɔ mo ahwɛ na wahunu sɛ mode mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa bɛdɔ no anaa.

4 AWURADE mo Nyankopɔn akyi na monnie, na ɔno na monsuro no, na ne mmara nsɛm so na monnie, na ne nne na montie, na monsom no, na mommata ne ho.

5 Na odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no, monku no, ɛfiri sɛ wakasa sɛ mommane mfiri AWURADE mo Nyankopɔn a ɔyii mo firii Misraim asase soɔ na ɔgyee mo firii nkoafie no ho de retwetwe wo afiri ɔkwan a wahyɛ wo sɛ nante mu no so; na tu bɔne no firi wo mu.

6 Sɛ wo nuabarima, wo na ba anaa wo babarima anaa wo babaa anaa wo yere a ɔda wo kokom anaa w’adamfo a ɔte sɛ wo ara wo kra redaadaa wo kokoam sɛ: Ma yɛnkɔ nkɔsom anyame foforɔ a wo ne wo nananom nnim wɔn,

7 amanaman a wɔatwa wo ho ahyia a wɔbɛn woɔ anaasɛ wɔmmɛn woɔ firi asase ano kɔsi asase ano nohoa anyame bi, a,

8 mpene no na ntie no, na mma w’ani nnhu no mmɔbɔ, nanso mma no nnyɛ wo mmɔbɔ na mfa no nhunta.

9 Na kum na ku no, wo nsa na ɛnni kan ntɔ ne so sɛ woreku no, na ɛno akyiri no ɔman no nyinaa nsa;

10 na si no aboɔ ma no nwu, ɛfiri sɛ ɔrehwehwɛ atwetwe wo afiri AWURADE wo Nyankopɔn a ɔyii wo Misraim asase soɔ firii nkoafie no ho;

11 na Israel nyinaa ntie na wɔnsuro, na wɔankɔ so anni wo mu asɛmmɔne a ɛte seyie.

12 Sɛ wote wo nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woatena mu no bi nka sɛ:

13 Mmarima mmabusufoɔ bi asɔre wo mu adaadaa wɔn nkurɔfoɔ sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔsom anyame foforɔ a monnim wɔn a,

14 ɛnneɛ hwehwɛ mu na bisabisa mu yie; na hwɛ sɛ asɛm no wom ampa sɛ wɔayɛ saa akyiwadeɛ yi wɔ wo mu a,

15 kum na fa nkrantɛ kum kuro no mufoɔ. Fa nkrantɛ sɛe ɛno ne deɛ ɛwom nyinaa ne emu afieboa pasapasa;

16 na boaboa emu asadeɛ nyinaa ano gu abɔntene so, na fa ogya hye kuro no ne emu asadeɛ no nyinaa sɛ afɔdeɛ mu ma AWURADE wo Nyankopɔn, na ɛnyɛ daa amamfo a wɔnnkyekyere bio.

17 Na mma abusudeɛ no bi nnka wo nsam; na AWURADE nnane mfiri n’abufuhyeɛ no ho, na ɔnhu wo mmɔbɔ, na ne yam nhyehye no mma wo, na ɔmma wonnɔɔso sɛdeɛ ɔkaa wo nananom ntam no.

18 Sɛ wobɛtie AWURADE wo Nyankopɔn nne adi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so ayɛ deɛ ɛtene AWURADE wo Nyankopɔn ani so a.

Deuteronomium 14

Mmoa a monni ne deɛ monnni

1 AWURADE mo Nyankopɔn mma ne mo, mommmotabota mo ho na monnyɛ ahyɛnsodeɛ wɔ mo moma so mmma owufoɔ biara;

2 na ɔman kronkron ne wo ma AWURADE wo Nyankopɔn, na wo na AWURADE ayi wo sɛ yɛ no ahodeɛ man, asase so aman nyinaa mu.

3 Nni akyiwadeɛ biara.

4 Yeinom ne mmoa a monnie: Nantwie, odwanten ne abirekyie;

5 ɔforoteɛ, adowa, ɔwansane, eyuo, ɔtwe, ɛkoɔ ne abedeɛ.

6 Na atɔteboa biara a ɔwɔ tɔte a emu apaeɛ, na ne tɔte mu apae nta mmienu, na ɔpu wesa, mmoa mu no, ɔno na monnie.

7 Nanso yeinom deɛ, monnni, wɔn a wɔpu wesa ne wɔn a wɔn tɔte mu apae koraa no mu: Yoma, adanko ne atwaboa, ɛfiri sɛ wɔpu wesa deɛ, nanso wɔn tɔte mu mpae, wɔn ho nte mma mo;

8 ne prako nso, ɛfiri sɛ ne tɔte mu apae deɛ, nanso ɔmpu nwesa, ne ho nte mma mo. Monnni wɔn nam, na monnka wɔn afunu.

9 Yei ne deɛ monnie, deɛ ɛwɔ nsuom nyinaa mu, deɛ ɛwɔ tɛtɛ ne abon nyinaa, monni.

10 Na biribiara a ɛnni tɛtɛ ne abon no, monnni: Ɛho nte mma mo.

11 Anomaa biara a ne ho teɛ no, monni.

12 Na yeinom ne wɔn a monnnie: Ɔkɔdeɛ, ɔkorɔbia, asuo so kɔdeɛ,

13 ɔkompɛtɛ, asansa, ɔkom, n’ahodoɔ,

14 anene ahodoɔ nyinaa,

15 sohori, anadwoakorɔma ne ɛpo so asomfenakatakyi, akorɔma, n’ahodoɔ,

16 patubiaa, patukɛseɛ, bakanoma

17 nantwinoma, ɔpɛtɛ, ɛpo so anene,

18 sukɔnkɔn, sukɔnkɔn ahodoɔ, asɔkwaa ne apan.

19 Na ntuboa a wɔwea nyinaa ho nte mma mo; monnni.

20 Ntuboa a wɔn ho teɛ nyinaa, monni.

21 Monnni aboa funu; fa ma ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo kuro apono mu ma no nni anaasɛ tɔn ma ɔnanani, ɛfiri sɛ woyɛ ɔman kronkron ma AWURADE wo Nyankopɔn. Nnoa odwan ba wɔ ne na nufosuo mu.

Ntotosoɔ du du ho mmara

22 W’adeɛ a woduaeɛ nnɔbaeɛ a w’afuo ma daa afirinhyia no, yi so ntotosoɔ du du

23 na AWURADE wo Nyankopɔn anim wɔ faako a ɔbɛyi sɛ ne din ntena no na di w’aburoo, wo nsa ne wo ngo so ntotosoɔ du du, w’anantwie ne wo nnwan mmakan, na woasua AWURADE wo Nyankopɔn suro nna nyinaa.

24 Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn hyira wo na sɛ ɔkwan no ware a wontumi nsoa, ɛfiri sɛ faako a AWURADE wo Nyankopɔn ayi sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no ne wo ntam ware a,

25 ɛnneɛ dane no sika, na kyekyere sika no kura, na sim kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn ayie no.

26 Na fa sika no tɔ adeɛ biara a wo kra kɔn dɔ, nantwie ne odwan ne bobesa ne nsa biara a ɛyɛ den ne adeɛ biara a wo kra pɛ, na di no hɔ, AWURADE wo Nyankopɔn anim, na ma wo ne wo fie ani nnye.

27 Na Lewini a ɔwɔ wo kuro apono mu no, mma wo werɛ mmfiri no, ɛfiri sɛ ɔnni kyɛfa ne agyapadeɛ biara sɛdeɛ wo deɛ wowɔ.

28 Mfeɛ mmiɛnsa awieeɛ no, yi w’afe no mu nnɔbaeɛ so ntotosoɔ du du gugu wo kuro apono mu,

29 na Lewini — ɛfiri sɛ ɔnni kyɛfa ne agyapadeɛ biara sɛdeɛ wo deɛ wowɔ — ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ a wɔwɔ wo kuro apono mu mmra mmɛdi mmee, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma a woyɛ nyinaa mu.

Deuteronomium 15

Afe a ɛtɔ so nson no ho mmara

1 Mfirinhyia nson biara awieeɛ no, gya biribi mu kyɛ.

2 Na sɛdeɛ wɔnnyaa mu nkyɛ nie: Ɔdefɛmni biara a ɔde biribi afɛm ne yɔnko mfa nkyɛ no; ɔnnhyɛ ne yɔnko ne ne nua sɛ ɔntua, ɛfiri sɛ wɔapae no adekyɛ afe ama AWURADE.

3 Ɔnanani deɛ, hyɛ no ma no ntua, nanso wo biribi a ɛwɔ wo nua nkyɛn deɛ, fa kyɛ.

4 Anka ɛnsɛ sɛ ohiani wɔ wo mu, ɛfiri sɛ hyira na AWURADE bɛhyira wo, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ agyapadeɛ a kɔfa no so.

5 Tie nko na tie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ adi mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so.

6 Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛhyira wo sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ woɔ no, na wode afɛm amanaman pii, na wo deɛ, worenkɔfɛm, na wobɛdi amanaman pii so, na wo deɛ, wɔrenni wo so.

7 Sɛ wo nuanom mu biara dane ohiani wɔ kuro biara apono mu, w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so a, mpirim w’akoma, na mmua wo nsa so ntia wo nua hiani.

8 Na bue wo nsam ma no, na fɛm no deɛ ɛbɛso ne hia a ɛhia no no.

9 Hwɛ yie na w’akomam amma ahuhusɛm bi sɛ: Afe a ɛtɔ so nson, gyae-mukyɛ afe no abɛn, na woannya wo nua hiani no ho adwemmɔne sɛ woremma no hwee, na wanteam amfrɛ AWURADE antia wo, na annane wo bɔne.

10 Yi wo yam ma no, na mma no nnyɛ w’akoma ahi sɛ wobɛma no; na saa adeɛ yi nti AWURADE wo Nyankopɔn bɛhyira wo, wo nnwuma nyinaa ne deɛ wode wo nsa bɛka nyinaa mu.

11 Na ohiani rempa w’asase so, enti na merehyɛ wo sɛ, bue wo nsam ma wo nua, wo mmɔborɔni ne wo hiani a ɔwɔ w’asase soɔ.

12 Sɛ wɔtɔn wo nua Hebrini, ɔbarima anaa ɔbaa ma wo, na ɔsom wo mfirinhyia nsia a, afe a ɛtɔ so nson no gya no kwan ma no mfiri wo nkyɛn mfa ne ho nkɔdi.

13 Na sɛ woregya no kwan ama no afa ne ho afiri wo nkyɛn akɔdi a, mma no nnkɔ nsapan:

14 Fa wo nnwan ne w’ayuporebea ne wo nsakyi-amena no bi kyɛ no; adeɛ a AWURADE wo Nyankopɔn de ahyira woɔ no bi na fa ma no.

15 Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so, na AWURADE wo Nyankopɔn gyee wo; enti na nnɛ merehyɛ wo mmara yi.

16 Na sɛ ɛba sɛ ɔka kyerɛ wo sɛ: Meremfiri wo nkyɛn, na medɔ wo ne wo fie, ɛfiri sɛ ɔdi yie wɔ wo nkyɛn a,

17 ɛnneɛ fa fitiiɛ fiti n’aso mu aponnwa ho na ɔnyɛ w’akoa daa; na w’afenaa nso yɛ no saa ara.

18 Mma no nnyɛ wo den sɛ wobɛgya no kwan na wafa ne ho afiri wo nkyɛn akɔdie, na wasom wo mfirinhyia nsia ayɛ ɔpaani akatua mmienu ho adeɛ; na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo deɛ woyɛ nyinaa mu.

19 W’anantwie ne wo nnwan mmakan anini a wɔbɛwoɔ no, yɛ wɔn kronkron ma AWURADE wo Nyankopɔn. Mfa wo nantwie abakan nyɛ adwuma, na ntwitwa wo nnwan abakan ho.

20 AWURADE wo Nyankopɔn anim na di no daa afirinhyia, faako a AWURADE bɛyie no, wo ne wo fie.

21 Na sɛ ɛdɛm bi wɔ ne ho, ɔtɔ apakye anaasɛ n’ani afira, anaasɛ ɛdɛmmɔne biara wɔ ne ho a, mfa no mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔdeɛ;

22 wo kuro apono mu na die, deɛ ne ho nteɛ ne deɛ ne ho teɛ nyinaa nni, sɛdeɛ wɔdi ɔwansane ne ɔforoteɛ;

23 ne mogya nko na nnie, hwie gu fam sɛ nsuo.