Akannifoɔ 6

Gideon frɛ

1 Na Israelfoɔ yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Midian nsa mfeɛ nson.

2 Na Midian nsa yɛɛ Israel so den. Midian nti Israelfoɔ yɛɛ atu a ɛwɔ mmepɔ mu ne abodan ne huntabea fae.

3 Na sɛ Israel nya gu nnoɔma a, na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no aforo aba wɔn so,

4 na wɔbɛkyere wɔn so nsraban, na wɔsɛe asase no so nnɔbaeɛ de kɔduru Gasa, na wɔnnya aduane biara anaa odwan sɛ nantwie sɛ afunumu biara wɔ Israel.

5 Na wɔde wɔn mmoa ne wɔn ntomadan ba, na wɔba sɛ ntutummɛ pii pa; wɔne wɔn yoma nni ano, na wɔba asase no so bɛsɛe no.

6 Na Israel hodwoo Midian anim sɛ, na Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE.

7 Na Midian nti Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE no,

8 AWURADE somaa ɔbarima diyifoɔ bi maa no baa Israelfoɔ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Me na memaa moforo firii Misraim baeɛ, na meyii mo nkoafie mu,

9 na megyee mo Misraim nsam ne mo ahafoɔ nyinaa nsam, na metuu wɔn firii mo anim, na mede wɔn asase memaa mo;

10 na mesee mo sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn, monnsuro Amorifoɔ a mote wɔn asase soɔ no anyame, nanso moantie me nne.

11 Na AWURADE bɔfoɔ ba bɛtenaa dupɔn a ɛwɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserni Yoas deɛ no ase; na ne ba Gideon repore ayuo nsa-kyi-amena mu, sɛ ɔde rehunta Midianfoɔ.

12 Na AWURADE bɔfoɔ no yii ne ho kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE di w’akyi, wo dɔmmarima.

13 Na Gideon ka kyerɛɛ no sɛ: Wo kyɛw nie, me wura, sɛ AWURADE di yɛn akyiri a, anka adɛn na yei nyinaa ato yɛn yi? Na ɛhe na n’anwanwadeɛ a yɛn agyanom kaa yɛn sɛ: Misraim na AWURADE yii yɛn, no nyinaa wɔ? Na afei AWURADE apo yɛn, na ɔde yɛn ahyɛ Midian nsa.

14 Na AWURADE danee n’ani kyerɛɛ no na ɔkaa sɛ: Fa w’ahoɔden yi ara kɔ kɔgye Israel Midian nsam; ɛnyɛ soma na masoma woɔ yi?

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo kyɛw nie, AWURADE, ɛdeɛn na mede bɛgye Israel? Hwɛ, m’asafo ahodwo Manase mu, na me nso, mene akumaa wɔ m’agya fie.

16 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, mɛdi w’akyi na woakum Midian sɛ onipa baako.

17 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Afei sɛ manya w’anim animuonyam a, ɛnneɛ yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi kyerɛ me, sɛ ɛyɛ wo na wo ne me rekasa yi.

18 Afei mfiri ha kɔsi sɛ mɛkɔ maba wo nkyɛn na mede m’ayɛyɛdeɛ mabɛsi w’anim. Na ɔkaa sɛ: Mɛtwɛn akɔsi sɛ wobɛsane aba.

19 Na Gideon kɔ kɔsiesiee abirekyieba ne esiam efa baako apiti; ɛnam no ɔde hyɛɛ kɛntɛn mu, na ɛho nsuo no ɔhwie guu kukuo mu, na ɔde firii adi baa ne nkyɛn odupɔn no ase, na ɔde brɛɛ no.

20 Na Nyankopɔn bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa nam no ne apiti no gu ɔbotan a ɛwɔ ha yi so, na ɛho nsuo no, hwie gu. Na ɔyɛɛ saa.

21 Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no tenee poma a ɛkura ne nsam no de ano kaa ɛnam ne apiti no, na ogya firi ɔboɔ no mu bɛhyee nam ne apiti no. Na AWURADE bɔfoɔ no firii n’anim kɔe.

22 Na Gideon hunuu sɛ ɛyɛ AWURADE bɔfoɔ no, Gideon kaa sɛ: Ao, Awurade NYANKOPƆN! Afei na mahunu AWURADE bɔfoɔ anim ne anim.

23 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Asomdwoeɛ nka wo, nsuro, worenwu.

24 Ɛnna Gideon sii afɔrebukyia hɔ maa AWURADE, na ɔfrɛɛ no: Yahwe-salom.Ɛda so wɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserfoɔ deɛ no de bɛsi nnɛ.

25 Na ɛbaa sɛ anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Fa w’agya nantwinini, nantwinini a ɔtɔ so mmienu a wadi mfeɛ nson no, na kɔdwiri Baal afɔrebukyia a ɛyɛ w’agya deɛ no, na twitwa ɛho Asera nnua no gu.

26 Na si afɔrebukyia ma AWURADE wo Nyankopɔn, bepɔ a ɛyɛ den yi atifi, sɛdeɛ ɛho nhyehyɛɛ teɛ; na fa nantwinini a ɔtɔ so mmienu no bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ Asera nnua a wobɛtwa no nnyina no so.

27 Na Gideon faa ne nkoa mu mmarima du, na ɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no; na ɛnam sɛ ɔsuro n’agya fie ne kurom hɔfoɔ no sɛ ɔbɛyɛ no awia nti, ɔyɛɛ no anadwo.

28 Na kurom hɔfoɔ no sɔree anɔpa no, na hwɛ, na wɔaburi Baal afɔrebukyia no, na wɔatwitwa ɛho Asera nnua no, na wɔahye nantwinini a ɔtɔ so mmienu no afɔrebukyia a wɔasie no so.

29 Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwan na ɔdii saa asɛm yi? Na wɔbisa hwehwɛɛ akyire kwan; na wɔse: Yoas ba Gideon na ɔdii saa asɛm yi.

30 Na kurom hɔfoɔ ka kyerɛɛ Yoas sɛ: Yi wo ba no bra na ɔmmɛwu, ɛfiri sɛ waburi Baal afɔrebukyia na watwitwa ɛho Asera nnua no.

31 Ɛnna Yoas ka kyerɛɛ nnipa a wɔsɔre tiaa no no nyinaa sɛ: Mo na mobɛko ama Baal, anaasɛ mobɛgye no? Deɛ ɔbɛko ama no no, ma wɔnku no anɔpa; sɛ ɔyɛ onyame a, ma no nko mma ne ho, sɛ wɔaburi n’afɔrebukyia.

32 Na wɔfrɛɛ no Yerubaal da no ara sɛ: Baal ne no nni, sɛ waburi n’afɔrebukyia.

33 Na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no nyinaa bɛboaa wɔn ano, na wɔtwa bɛkyeree nsraban Yesreel bonhwa mu.

34 Na AWURADE honhom sii Gideon so, na ɔhyɛn totorobɛnto, na Abi-eserfoɔ hyia bɛdii n’akyi.

35 Na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Manase nyinaa na wɔn nso hyia bɛdii n’akyi. Na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Aser ne Sebulon ne Naftali, na wɔforo ba bɛhyiaa no.

36 Na Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Sɛ ɛwom sɛ me so na worebɛfa agye Israel sɛdeɛ wokaeɛ no a,

37 hwɛ, mede odwanten nwi merebɛhata awiporebea; sɛ obosuo tɔ nwi no so, na fam hɔ nyinaa wo a, ɛno na mɛhunu sɛ me so na wobɛfa agye Israel, sɛdeɛ wokaeɛ no.

38 Na adeɛ kyee anɔpa a ɔsɔreeɛ no, ɔkyinsaa enwi no, na ɔkyii enwi no mu obosuo hyɛɛ koraa ma.

39 Na Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Mma wo bo mmfu me, na ma menkasa prɛko yi bio. Ma memfa enwi no mensɔ menhwɛ prɛko yi bio, ma enwi no nko nwo na obosuo ntɔ ngu fam hɔ nyinaa.

40 Na Onyankopɔn yɛɛ saa, anadwo no, na enwi no nko woe, na fam hɔ nyinaa, obosuo tɔ guu hɔ.

Akannifoɔ 7

Gideon di Midianfoɔ so

1 Ɛnna Yerubaal (a ɔne Gideon) no ne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa sɔree anɔpahema, na wɔkɔkyeree nsraban Harod nsuo aniwa ho, na Midian nsraban no wɔ n’atifi fam, More kokoɔ ho bonhwa no mu.

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Ɔman a wɔka wo ho no dɔɔso sene deɛ mede Midian bɛhyɛ wɔn nsa, na Israel ankyerɛ wɔn ho me so anka sɛ: Me ara me nsa na agye me.

3 Enti afei ma wɔmpae no ɔman no aso mu sɛ: Deɛ ɔsuro na n’akoma tuo no nsane n’akyi, na ɔnnane n’ani mfiri Gilead bepɔ ho nkɔ. Ɛnna ɔman no mu nnipa mpemaduonu mmienu sanee wɔn akyiri kɔeɛ, na ɛkaa nnipa mpemdu.

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Ɔman no da so dɔɔso; fa wɔn siane kɔ asuo no ho, na menyiyi wɔn mu memma wo wɔ hɔ, na ɛmmra sɛ, deɛ mɛse wo sɛ: Oyi ne wo nkɔ no, ɔno na ɔne wo nkorɔ; na obiara a mɛse wo sɛ: Oyi ne wo nnkɔ no, ɔnnkɔ.

5 Na ɔde ɔman no siane kɔɔ asuo no ho. Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Obiara a ɔde ne tɛkyerɛma bɛtafere nsuo no bie sɛdeɛ ɔkraman tafere no, fa ɔno nko gyina. Na obiara a ɔkoto ne nankoroma anim no nso, yɛ no saa ara.

6 Na wɔn a wɔde wɔn nsa totoo wɔn ano tafereeɛ no, na ano si nnipa ahasa, na ɔman no nkaeɛ nyinaa kotoo wɔn nankoroma anim nom nsuo no bi.

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Mmarima ahasa a wɔtafereeɛ no na mede bɛgye mo, na mede Midian mahyɛ wo nsa, na ma wɔn a aka no mu biara nkɔ ne tenabea.

8 Na wɔgyegyee ɔman no akwansoduane ne wɔn ntotorobɛnto kurakuraa wɔn nsam; na ɔgyaa Israel nyinaa kwan maa wɔkɔɔ wɔn ntomadan mu, na ɔsɔɔ mmarima ahasa no mu. Na Midian nsraban no wɔ n’ase fam bonhwa no mu.

9 Na anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre siane kɔ nsraban no mu, na mede mahyɛ wo nsa.

10 Na sɛ wo deɛ, wosuro sɛ wobɛsiane a, wo ne w’abɔfra Pura nsiane nkɔ nsraban no mu,

11 na kɔtie asɛm a wɔbɛka, na ɛno akyiri no, wo nsa bɛyɛ den na woasiane akɔ nsraban no mu. Na ɔne n’abɔfra Pura siane kɔɔ nsraban no mu twafoɔ no ano nohoa.

12 Na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no nyinaa boaboa bonhwa no mu a wɔn dodoɔ te sɛ ntutummɛ, na wɔn yoma nni ano, wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea.

13 Na Gideon duruiɛ no, na hwɛ, obi reyi daeɛ bi akyerɛ ne yɔnko sɛ: Hwɛ, maso daeɛ bi, na hwɛ, atokoɔ taterɛ bi remuni aba Midian nsraban mu, na ɛduruu ntomadan no ho, na ɛpem no hwee hɔ, na ɛbutuu no koraa maa ntomadan no guu hɔ.

14 Na ne yɔnko no buaa no sɛ: Yei nyɛ biribiara sɛ Israelni Yoas ba Gideon nkrantɛ; ne nsam na Onyankopɔn de Midian ne nsraban no nyinaa ahyɛ.

15 Na ɛbaa sɛ Gideon tee daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ no, ɔkoto sɔree, na ɔsane baa Israel nsraban mu, na ɔkaa sɛ: Monsɔre, ɛfiri sɛ AWURADE de Midian nsraban no ahyɛ mo nsa.

16 Na ɔkyɛɛ mmarima ahasa no mu akuo mmiɛnsa, na ɔde ntotorobɛnto hyehyɛɛ wɔn nyinaa nsa ne nkuruwa hunu ne tɛnee a ɛhyehyɛ nkuruwa no mu.

17 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ me, na monyɛ sɛdeɛ meyɛ, na hwɛ, sɛ meduru nsraban no ano a, sɛdeɛ meyɛ no, saa ara na monyɛ.

18 Na sɛ me ne nnipa a wɔka me ho nyinaa hyɛne totorobɛnto no a mo nso monhyɛne ntotorobɛnto ntwa nsraban no ho nyinaa nhyia, na monka sɛ: AWURADE ne Gideon deɛ nie!

19 Na Gideon ne mmarima ɔha a wɔka ne ho no duruu nsraban no ano, dasuo a ɛdi mfimfini no mfitiaseɛ a wɔde awɛmfoɔ gyinagyinaeɛ ara pɛ, na wɔhyenhyɛnee ntotorobɛnto na wɔbobɔɔ nkuruwa a ɛkurakura wɔn nsam no.

20 Na akuo mmiɛnsa no hyenhyɛnee ntotorobɛnto no, na wɔbobɔɔ nkuruwa no, na wɔkurakuraa ntɛnee no wɔn nsa benkum mu ne ntotorobɛnto no wɔn nsa nifa mu hyenhyɛnee, na wɔteaa mu sɛ: AWURADE ne Gideon nkrantɛ!

21 Na wɔgyinagyinaa hɔ, wɔn gyinabea, de twaa nsraban no ho hyiae. Na nsraban no nyinaa bɔɔ twi, na wɔteateaa mu na wɔdwanedwanee.

22 Na wɔhyenhyɛnee ntotorobɛnto ahasa no. Na AWURADE maa wɔn nyinaa nkrantɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn yɔnkonom ne nsraban no nyinaa so. Na ɛdɔm no nyinaa dwane kɔsii Bet-sita wɔ Serera kɔsii Abel-mehola a ɛwɔ Tabat ho no ano.

23 Na wɔpae kɔhyiaa Israel mmarima firi Naftali ne Aser ne Manase nyinaa na wɔbɛtii Midian.

24 Na Gideon somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Efraim bepɔ nyinaa so kɔkaa sɛ: Monsiane nkɔhyia Midian, na monnye wɔn nsam nsuo ano akwan nkɔduru Bet-bara ne Yordan ano. Na Efraim mmarima nyinaa bɛhyiae, na wɔbɛgyee nsuo ano akwan no de kɔsii Bet-bara ne Yordan ano.

25 Na wɔkyeree Midian asafohene baanu, Oreb ne Seeb, na wɔkum Oreb, Oreb boɔ so, na Seeb nso wɔkum no Seeb nsa-kyi-amena ho. Na wɔtii Midian na wɔde Oreb ne Seeb tiri firi Yordan agya brɛɛ Gideon.

Akannifoɔ 8

Midianfoɔ so nkonimdie awieeɛ

1 Na Efraim mmarima ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn nti na wo ne yɛn adi saa asɛm yi sɛ wo ne Midian rekɔko no, woamfrɛ yɛn? Na wɔne no hamee denden pa ara.

2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn na afei mayɛ a ɛte sɛ mo deɛ? Efraim mpɛpɛdie nyɛ nsene Abi-eser bobeteɛ nyinaa?

3 Mo nsam na Onyankopɔn de Midian asafohene Oreb ne Seeb ahyɛ, na deɛn na matumi mayɛ sɛ mo? Na ɔkaa saa no, wɔn bo gyaa no fuo.

4 Na Gideon duruu Yordan ano no, ɔne mmarima ahasa a wɔka ne ho no twae; wɔabrɛ, nanso wɔtii wɔn ara.

5 Na ɔka kyerɛɛ Sukotfoɔ no sɛ: Mesrɛ mo, momma mmarima a wɔdi m’akyire yi paanoo taterɛ bi ɛ, ɛfiri sɛ wɔabrɛ, na me nso mereti Midian ahemfo Seba ne Salmuna.

6 Na Sukot atitire no kaa sɛ: Seba ne Salmuna wɔ wo nsam dada na yɛmfa paanoo mma wo dɔm yi anaa?

7 Na Gideon kaa sɛ: Yei nti sɛ AWURADE nya de Seba ne Salmuna hyɛ me nsa a, ɛnneɛ mede ɛserɛ so nkasɛɛ ne akraateɛ bɛsunsuane mo honam.

8 Na ɔfirii hɔ kɔɔ Penuel na ɔne wɔn kasaa saa ara. Na Penuelfoɔ no buaa no sɛdeɛ Sukotfoɔ no buaa no no.

9 Na ɔka kyerɛɛ Penuelfoɔ no nso sɛ: Sɛ mesane meba dwoodwoo a, mɛdwiri abantenten yi.

10 Nso na Seba ne Salmuna wɔ Karkor, na wɔn dɔm ka wɔn ho; wɔbɛyɛ nnipa mpemdunum, apueeɛfoɔ dɔm no nyinaa nkaeɛ nyinaa; ɛfiri sɛ nnipa a wɔtwe nkrantɛ mpemha aduonu na atotɔ.

11 Na Gideon foro faa ntomadan mutefoɔ kwan so, Noba ne Yogbeha apueeɛ, na ɔkɔkunkumm dɔm no, ɛfiri sɛ na ɛdɔm no ani nni wɔn ho so.

12 Na Seba ne Salmuna dwanee, na ɔtii wɔn kɔkyeree Midian ahemfo baanu no, Seba ne Salmuna, na ɔbɔɔ dɔm no nyinaa gui.

13 Ɛnna Yoas ba Gideon sane firii akono faa Heres aforoeɛ baeɛ.

14 Na ɔkyeree aberanteɛ bi a ɔfiri Sukotfoɔ no mu, na ɔbisaa no, na ɔtwerɛɛ Sukot atitire ne emu mpanimfoɔ no din maa no, mmarima aduɔson nson.

15 Na ɔbaa Sukotfoɔ no nkyɛn bɛkaa sɛ: Hwɛ, Seba ne Salmuna a wɔn nti mosopaa me sɛ: Seba ne Salmuna wɔ wo nsam dada na yɛmma wo mmarima a wɔabrɛ no paanoo no nie?

16 Na ɔfaa kuro no mu mpanimfoɔ, na ɔfaa ɛserɛ so nkasɛɛ ne akraateɛ, de kyerɛɛ Sukotfoɔ no nyansa.

17 Na ɔdwirii Penuel abantenten no, na ɔkunkumm kuro no mu mmarima.

18 Na ɔka kyerɛɛ Seba ne Salmuna sɛ: Mmarima a mokunkumm wɔn Tabor no te sɛn? Na wɔse: Wɔne wo pɛ, wɔn nyinaa sesɛ ahene mma.

19 Na ɔkaa sɛ: Me nuanom, me na mma ne wɔn; sɛ AWURADE te aseɛ yi, momaa wɔtenaa ase a, anka merenkum mo.

20 Na ɔka kyerɛɛ n’abakan Yeter sɛ: Sɔre ku wɔn. Nanso abɔfra no antwe ne nkrantɛ, na ɔsuro, ɛfiri sɛ na ɔda so yɛ abɔfra.

21 Na Seba ne Salmuna kaa sɛ: Wo ara sɔre to yɛn dadeɛ, na sɛdeɛ ɔbarima teɛ na ne mmaninyɛ teɛ. Ɛnna Gideon sɔre kunkumm Seba ne Salmuna, na ɔfaa asrane nketewa a ɛgu wɔn yoma kɔn mu no.

22 Na Israel mmarima ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Di yɛn so, wo ne wo ba ne wo ba ba nyinaa, ɛfiri sɛ wo na woagye yɛn afiri Midian nsam.

23 Na Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me deɛ, merenni mo so, na me ba nso nnni mo so, AWURADE na ɔnni mo soɔ.

24 Na Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mɛbisa mo hɔ biribi; mo nyinaa momfa mo asadeɛ mu nkaa mmrɛ me. (Ɛnam sɛ Midianfoɔ yɛ Ismaelfoɔ nti, na wɔwowɔ sika nkaa.)

25 Na wɔkaa sɛ: Yɛfiri yɛn pɛ mu de bɛma. Na wɔde ntoma sɛɛ hɔ, na obiara too n’asadeɛ mu nkaa guu so.

26 Na sika nkaa a ɔbisaeɛ no ano si sika nnwetɛbena apem ahanson; ɛsono asrane nketewa ne aso mu ahyehyɛdeɛ ne ntadeɛ a ɛberedum a ɛhyehyɛ Midian ahemfo no, na ɛsono wɔn yoma kɔn mu ahyehyɛdeɛ no.

27 Na Gideon de yɛɛ ngusoɔ, na ɔde sii kuro Ofra mu. Ɛhɔ na Israel nyinaa dii akyire adwamammɔ mu, na ɛdanee Gideon ne ne fie fidie.

28 Na wɔbrɛɛ Midian ase Israelfoɔ anim, na wɔamma wɔn tiri so bio. Na asase no so dwoo Gideon nna mu mfirinhyia aduanan.

29 Na Yoas ba Yerubaal sii mu kɔtenaa ne fie.

30 Na Gideon wɔ mmammarima aduɔson a wɔfiri n’asene mu, ɛfiri sɛ na ɔwɔ yerenom pii.

31 Na ne mpena a ɔwɔ Sekem no nso woo ɔbabarima maa no, na ɔtoo no din Abimelek.

32 Na Yoas ba Gideon wuu akorabɔ pa mu, na wɔsiee no n’agya Yoas asieeɛ a ɛwɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserfoɔ deɛ no.

33 Na Gideon wuiɛ no, Israelfoɔ sane kɔdii Baalim akyiri adwamammɔ mu, na wɔfaa Baal-berit de yɛɛ wɔn nyame.

34 Na Israelfoɔ no ankae AWURADE wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii wɔn atamfoɔ nyinaa nsam hyiaeɛ no,

35 nso wɔanyɛ Yerubaal (a ɛyɛ Gideon) fie adɔeɛ amfa antua yie a ɔyɛɛ Israel no nyinaa so ka.

Akannifoɔ 9

Abimelek nnebɔne ne ne sɛeɛ

1 Ɛnna Yerubaal ba Abimelek sii mu kɔɔ Sekem ne na nuanom nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn ne ne na n’agya fie abusua nyinaa sɛ:

2 Monka ngu Sekemfoɔ nyinaa aso mu sɛ: Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ ma mo, sɛ Yerubaal mmammarima aduɔson no nyinaa bɛdi mo soɔ anaa ɔbaako? Na monkae sɛ mo dompe ne mo nam ne me.

3 Ɛnna ne na nuanom no kaa ne ho nsɛm yi nyinaa guu Sekemfoɔ nyinaa aso mu; na wɔn akoma dane dii Abimelek akyi, na wɔse: Yɛn nua ne no.

4 Na wɔfaa Baal-berit fie nnwetɛbena aduɔson de maa no; na Abimelek de bɔɔ nnipa ahuhufoɔ animharefoɔ bi paa maa wɔdii n’akyi.

5 Na ɔbaa n’agya fie Ofra bɛkunkumm ne nuanom, Yerubaal mmammarima aduɔson no, ɔboɔ baako so; nanso ɛkaa Yerubaal babarima kumaa Yotam, ɛfiri sɛ ɔde ne ho siee.

6 Na Sekemfoɔ no nyinaa ne abankɛseɛ mufoɔ nyinaa bɛhyiae, na wɔkɔ kɔsii Abimelek hene nkaeɛboɔ dupɔn a ɛwɔ Sekem no ase.

7 Na wɔkɔka kyerɛɛ Yotam no, ɔsii mu kɔgyinaa Gerisim bepɔ atifi, na ɔmaa ne nne so teaa mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sekemfoɔ, montie me, na Onyankopɔn nso ntie mo.

8 Da bi nnua kɔɔ sɛ wɔrekɔsra obi ngo asi wɔn so hene, na wɔka kyerɛɛ ngodua sɛ: Di yɛn so hene.

9 Na ngodua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mennya me sradeɛ a wɔde hyɛ Onyankopɔn ne nnipa animuonyam no hɔ, na menkɔkyini nnua so anaa?

10 Na nnua no ka kyerɛɛ borɔdɔma sɛ: Wo deɛ, bra bɛdi yɛn so hene.

11 Na borɔdɔma ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mennya me dɛ ne m’aba pa no hɔ, na menkɔkyini nnua so anaa?

12 Na nnua no ka kyerɛɛ bobe sɛ: Wo deɛ, bra bɛdi yɛn so hene.

13 Na bobe ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mennya me nsa a ɛgye anyame ne nnipa ani no hɔ, na menkɔkyini nnua so anaa?

14 Ɛnna nnua no nyinaa ka kyerɛɛ nkasɛɛ sɛ: Wo deɛ, bra bɛdi yɛn so hene.

15 Na nkasɛɛ ka kyerɛɛ nnua no sɛ: Sɛ nokorɛ mu na moresra me ngo asi me mo so hene a, ɛnneɛ mommra mmɛhyɛ me nwunu ase; na sɛ ɛnte saa a, ogya mfiri nkasɛɛ mu mmɛhye Lebanon ntweneduro no.

16 Na afei, sɛ modii no nokorɛ ne pɛyɛ mu sɛ mode Abimelek sii hene, na sɛ mo ne Yerubaal ne ne fie adi no yie, na sɛ ne nsa ano adwuma ho adeɛ na mode ayɛ no yi a, —

17 sɛ m’agya ko maa mo na ɔde ne nkwa too ne nsam, na ɔgyee mo firii Midian nsam,

18 na mo deɛ, moasɔre atia m’agya fie nnɛ akum ne mma, mmarima aduɔson ɔboɔ baako so, na mode n’afenaa ba Abimelek asi Sekemfoɔ so hene, sɛ mo nua ne no nti, —

19 ɛnneɛ, sɛ nokorɛ ne tenenee mu na mo ne Yerubaal ne ne fie adi nnɛ yi a, mo ani nnye Abimelek ho, na ɔno nso ani nnye mo ho.

20 Na sɛ ɛnte saa a, ogya mfiri Abimelek mu mmɛhye Sekemfoɔ ne abankɛseɛ mufoɔ, na ogya nso mfiri Sekemfoɔ ne abankɛseɛ mufoɔ mu mmɛhye Abimelek.

21 Na Yotam twee ne ho dwane kɔɔ Beer kɔtenaa hɔ, ne nua Abimelek ho suro nti.

22 Na Abimelek dii Israel so mfeɛ mmiɛnsa.

23 Ɛnna Onyankopɔn somaa honhommɔne bi baa Abimelek ne Sekemfoɔ ntam, na Sekemfoɔ twitwaa Abimelek nkontompo,

24 na Yerubaal mma aduɔson no ho mmusuo aba, na wɔn mogya abua wɔn nua Abimelek a ɔkum wɔn no ne Sekemfoɔ a wɔhyɛɛ ne nsa den sɛ ɔnkum ne nuanom no atifi.

25 Na Sekemfoɔ maa nnipa kɔtɛɛ no mmepɔ atifi, na wɔbɔɔ wɔn a wɔbɛfaa wɔn nkyɛn ɔkwan no soɔ nyinaa apoo. Na wɔkɔka kyerɛɛ Abimelek.

26 Na Ebed ba Gaal ne ne nuanom ba bɛsene kɔɔ Sekem; na Sekemfoɔ no de wɔn ani too ne so.

27 Na wɔfirii adi kɔɔ mfuo mu kɔtetee wɔn bobe nturo mu aba na wɔkyikyii nsa, na wɔtoo anigyeɛ nnwom, na wɔkɔɔ wɔn nyame fie, na wɔdidi nomee, na wɔdomee Abimelek.

28 Na Ebed ba Gaal kaa sɛ: Hwan ne Abimelek, na hwan ne Sekem a yɛnsom no? Ɛnyɛ Yerubaal ba ne no na Sebul yɛ ne safohene? Monsom Sekem agya Hamor mmarima no ɛ, na ɛdeɛn nti na yɛn deɛ, yɛnsom no?

29 Na hwan na ɔde ɔman yi bɛhyɛ me nsa na anka matu Abimelek soɔ. Na ɔka kyerɛɛ Abimelek sɛ: Ma wo dɔm nnɔɔso na firi bra.

30 Na kuro no so safohene Sebul tee Ebed ba Gaal nsɛm no, na ne bo fuiɛ,

31 na ɔnam aseɛ somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Abimelek nkyɛn sɛ: Hwɛ, Ebed ba Gaal ne ne nuanom aba Sekem, na hwɛ, wɔrehwanyan ɔman no atia wo.

32 Na afei sɔre anadwo, wo ne ɔman a wɔka wo ho no, na kɔtɛ wira mu.

33 Na anɔpa a owia repue no, sɔre ntɛm bɛto hyɛ kuro no so, na hwɛ, ɔno ne ɔman a wɔka ne ho no bɛfiri adi abɛhyia wo, na woayɛ no sɛdeɛ wobɛtumi.

34 Ɛnna Abimelek ne ɛdɔm a wɔka ne ho no nyinaa sɔree anadwo, na wɔnam akuo nnan bɛtetɛɛ Sekem.

35 Na Ebed ba Gaal firii adi kɔgyinaa kuro no pono ano. Na Abimelek ne ɔman a wɔka ne ho no sɔre firii atɛeɛ hɔ.

36 Na Gaal hunuu ɔman no, ɔka kyerɛɛ Sebul sɛ: Hwɛ, ɔman bi firi mmepɔ no atifi resiane. Na Sebul ka kyerɛɛ no sɛ: Mmepɔ no sunsum na wohunu sɛ nnipa no.

37 Na Gaal kaa bio sɛ: Hwɛ, ɔman bi firi asase funuma mu resiane ba, na ekuo baako firi Akɔmfoɔ Dupɔn kwan so reba.

38 Na Sebul ka kyerɛɛ no sɛ: Afei, ɛhe na w’ano a ɛkaa sɛ: Hwan ne Abimelek a yɛnsom no no wɔ? Ɛnyɛ ɔman a wobuu wɔn akumaa no nie? Afei firi adi ɛ, na wo ne wɔn nkɔko.

39 Na Gaal firii adi dii Sekemfoɔ no anim, na ɔne Abimelek kɔkoe.

40 Na Abimelek pamm no, na ɔdwanee n’anim, na atɔfoɔ bebree totɔe de kɔsii kuro no pono ano.

41 Na Abimelek tenaa Aruma; na Sebul pamm Gaal ne ne nuanom no sɛ wɔnntena Sekem.

42 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔman no firii adi kɔɔ wira mu; wɔkɔka kyerɛɛ Abimelek.

43 Na ɔfaa ɔman no buu wɔn mu akuo mmiɛnsa, na ɔkɔtɛɛ wiram. Na ɔhwɛe, na hwɛ, na ɔman no refiri adi afiri kuro no mu, na ɔsɔre tiaa wɔn kunkumm wɔn.

44 Na Abimelek ne asafokuo a wɔka ne ho no bɔɔ kirididi kɔgyinaa kuro no pono ano, na asafokuo mmienu no to hyɛɛ wɔn a wɔwɔ wiram no nyinaa so kunkumm wɔn.

45 Na Abimelek ne kuro no koo da mu no nyinaa, na ɔfaa kuro no, na ɔkumm nnipa a wɔwɔ mu no, na ɔbɔɔ kuro no, na ɔde nkyene petee so.

46 Na Sekem abankɛseɛ mufoɔ nyinaa teeɛ no, wɔkɔɔ onyame Berit fie aban mu.

47 Na wɔkɔka kyerɛɛ Abimelek sɛ Sekem aban mufoɔ nyinaa aboaboa wɔn ano.

48 Ɛnna Abimelek foro kɔɔ Salmon bepɔ soɔ, ɔne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa, na Abimelek faa akuma kuraa ne nsam na ɔkɔtwaa dua mman, na ɔmaa so bɔɔ ne kɔn ho, na ɔka kyerɛɛ ɔman a wɔka ne ho no sɛ: Deɛ moahunu sɛ mayɛ yi, monka mo ho nyɛ sɛdeɛ mayɛ no.

49 Na ɔman no nyinaa twitwaa nnua mman de dii Abimelek akyi de bɛguu aban no ho, na wɔde gya too aban no mu guu wɔn so. Na Sekem abankɛseɛ no mu nnipa nyinaa nso wuwuiɛ, mmarima ne mmaa bɛyɛ apem.

50 Ɛnna Abimelek sii mu kɔɔ Tebes kɔkyeree Tebes so nsraban, na ɔfae.

51 Na abantenten denden bi wɔ kuro no mu, na ɛhɔ na mmarima ne mmaa nyinaa ne kuro no mufoɔ nyinaa dwanedwane kɔeɛ na wɔtoo wɔn ho mu, na wɔforo kɔɔ aban no atifi.

52 Na Abimelek duruu aban no ho bɛkoe, na ɔtwe pinii aban no pono ano sɛ ɔde ogya rebɛhye.

53 Na ɔbaa bi too ayuyammoba bɔɔ Abimelek tiri de pɛkyɛɛ ne tikwankoraa.

54 Ɛnna ɔfrɛɛ n’abɔfra a ɔso n’akodeɛ ntɛm ka kyerɛɛ no sɛ: Twe wo nkrantɛ ku me, na wɔanka no me ho sɛ ɔbaa na ɔkumm no. Na n’abɔfra no wɔɔ no maa no tɔree.

55 Na Israel mmarima no hunuu sɛ Abimelek atorɔ no, wɔn nyinaa kɔɔ wɔn tenabea.

56 Na Onyankopɔn tuaa Abimelek bɔne a ɔyɛɛ n’agya, sɛ ɔkum ne nuanom aduɔson no so ka.

57 Na Sekem mmarima no bɔne nyinaa nso, Onyankopɔn maa no buaa wɔn atifi, na Yerubaal ba Yotam nnome no baa wɔn so.

Akannifoɔ 10

Tola ne Yair ho asɛm

1 Na Abimelek akyiri no, deɛ ɔsɔre bɛgyee Israel ne Pua ba Tola a ɔyɛ Isakarni Dodo ba; na ɔtenaa Samir, Efraim bepɔ so.

2 Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ aduonu mmiɛnsa. Na ɔwui, na wɔsiee no Samir.

3 Na n’akyiri no, Gileadni Yair sɔree, na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ aduonu mmienu.

4 Na ɔwɔ mmammarima aduasa a na wɔtenatena mfunumu mma aduasa soɔ na wɔwɔ nkuro aduasa a wɔfrɛ no Yair nkuro de bɛsi nnɛ. Ɛwɔ Gilead asase so.

5 Na Yair wui, na wɔsiee no Kamon.

Israelfoɔ hyɛ wɔn atamfoɔ ase bio

6 Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfoɔ anyame ne Filistifoɔ anyame, na wɔgyaa AWURADE hɔ na wɔansom no.

7 Na AWURADE abufuo dɛre tiaa Israel, na ɔtɔnee wɔn hyɛɛ Filistifoɔ ne Amonfoɔ nsa.

8 Na wɔhom Israelfoɔ so haa wɔn afe no ara mu. Mfeɛ dunwɔtwe na wɔdii Israelfoɔ a wɔwɔ Yordan agya, Amorifoɔ asase soɔ wɔ Gilead no nyinaa soɔ.

9 Na Amonfoɔ no bɛtwaa Yordan ne Yuda ne Benyamin ne Efraim fie nso bɛkoe; na Israel ho hiahiaa wɔn sɛ.

10 Ɛnna Israelfoɔ no su frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ wo bɔne, sɛ yɛagya yɛn Nyankopɔn hɔ na yɛakɔsom Baalim.

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ: Misraimfoɔ, Amorifoɔ, Amonfoɔ, Filistifoɔ,

12 Sidonfoɔ, Amalekfoɔ ne Maonfoɔ anhyɛ mo so! Na mosu frɛɛ me no, megyee mo firii wɔn nsam.

13 Na mo deɛ, moagya me hɔ akɔsom anyame foforɔ. Enti merenkɔ so mennye mo bio.

14 Monkɔ nkɔsu mfrɛ anyame a moayi wɔn no, na wɔnnye mo mo ahohia berɛ mu.

15 Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne; wo deɛ, yɛ yɛn sɛdeɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ nyinaa, gyeɛ nko na gye yɛn nnɛ da yi.

16 Na wɔyiyii anyame ananafoɔ no firii wɔn mu, na wɔsom AWURADE; na Israel amanehunu no yɛɛ ne kra ahomete.

17 Na Amonfoɔ no hyia ba bɛkyeree nsraban Gilead. Na Israelfoɔ no nso boaboaa wɔn ano kɔkyeree nsraban Mispa.

18 Na Gilead man, wɔn mu atitire sesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwan ne ɔbarima a ɔne Amonfoɔ no bɛfiri aseɛ ako? Ɔno na ɔnkɔdi Gileadfoɔ nyinaa tire.

Akannifoɔ 11

Yefta, ne nkonimdie ne ne bɔhyɛ

1 Na Gileadni Yefta yɛ ɔbarima a ɔyɛ nam, nanso ɔyɛ ɔbaa dwamamfoɔ bi ba, na Gilead na ɔwoo Yefta.

2 Na Gilead yere woo mmammarima maa no, na ɛyerɛ no mma nyinyiniiɛ no, wɔpamm Yefta, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Worennya awunnyadeɛ yɛn agya fie, ɛfiri sɛ ɔbaa foforɔ bi ba ne wo.

3 Ɛnna Yefta dwane firii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase soɔ na nnipa ahuhufoɔ bi boaa wɔn ano bɛkaa Yefta ho, na wɔne no firii adi.

4 Na ɛno akyiri no, Amonfoɔ ne Israel kɔdii ako.

5 Na Amonfoɔ ne Israel bɛkoeɛ no, Gilead mpanimfoɔ kɔ kɔfaa Yefta firii Tob asase no so,

6 na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: Bra bɛyɛ yɛn safohene, na yɛne Amonfoɔ nkɔko.

7 Na Yefta ka kyerɛɛ Gilead mpanimfoɔ no sɛ: Ɛnyɛ mo ara na motane me na mopamm me firii m’agya fie no? Na adɛn nti na moba me nkyɛn afei a mowɔ ahohia mu yi?

8 Na Gilead mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: Ɛno nti na afei yɛasane aba wo nkyɛn yi, na ɛne yɛn nkɔ na yɛne Amon mma nkɔko, na yɛ yɛn ti, Gileadfoɔ nyinaa so.

9 Na Yefta ka kyerɛɛ Gilead mpanimfoɔ no sɛ: Sɛ mode me sane kɔ sɛ me ne Amonfoɔ nkɔko na AWURADE de wɔn hyɛ me nsa a, me na menni mo tiri anaa?

10 Na Gilead mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: AWURADE nyɛ yɛne wo ntam danseni; deɛ woseɛ yi, ɛno ara na yɛbɛyɛ.

11 Ɛnna Yefta ne Gilead mpanimfoɔ no sii mu baeɛ, na ɔman no de no sii wɔn ti ne ɔsafohene. Na Yefta kɔkaa ne nsɛm nyinaa AWURADE anim wɔ Mispa.

12 Ɛnna Yefta somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Amonfoɔ hene no nkyɛn sɛ: Asɛm bɛn na me ne wo wɔ na woreba me so ne m’asase abɛko yi?

13 Na Amonfoɔ hene no ka kyerɛɛ Yefta abɔfoɔ no sɛ: Ɛfiri sɛ Israel faa m’asase berɛ a na wɔfiri Misraim reba no, de firi Arnon kɔsi Yabok ne Yordan ano: Na afei dane ma me komm.

14 Na Yefta sane somaa abɔfoɔ bio maa wɔkɔɔ Amonfoɔ hene no nkyɛn

15 kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Yefta seɛ nie: Israel amfa Moab asase ne Amonfoɔ asase biara,

16 na mmom wɔfiri Misraim no, Israel nantee ɛserɛ so kɔsii Ɛpo Kɔkɔɔ ano, na wɔbaa Kades.

17 Na Israel somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Edomhene nkyɛn sɛ: Ma mentwam w’asase so ɛ! Na Edomhene no antie. Na ɔsoma maa wɔkɔɔ Moabhene nkyɛn nso, na wɔampene. Na Israel tenaa Kades.

18 Na wɔnantee ɛserɛ so kɔtwaa Edom asase ne Moab asase ho kɔntɔnkrɔn, na wɔbɛfirii Moab asase no apueeɛ, na wɔbɛkyeree nsraban Arnon agya nohoa, na wɔamma Moab asase so, ɛfiri sɛ Arnon ne Moab bɔ hyeɛ.

19 Ɛnna Israel somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Amorifoɔ hene Sihon a ɔyɛ Hesbon hene no nkyɛn, na Israel ka kyerɛɛ no sɛ: Ma yɛntwam w’asase so nkɔ m’afa.

20 Na Sihon annye Israel anni, sɛ ɔbɛma wɔafa ne hyeɛ soɔ, na Sihon boaa ne man nyinaa ano, na wɔbɛkyeree nsraban Yahas, na ɔne Israel bɛkoe.

21 Na AWURADE, Israel Nyankopɔn de Sihon ne ne man nyinaa hyɛɛ Israel nsa, na wɔkunkumm wɔn, na Israel faa Amorifoɔ a wɔte asase no soɔ no asase nyinaa dii so,

22 na wɔfaa Amorifoɔ asase nyinaa firi Arnon ano kɔsi Yabok ano, na ɛfiri ɛserɛ so kɔsi Yordan ano.

23 Na afei a AWURADE Israel Nyankopɔn atu Amorifoɔ afiri ne man Israel anim yi, wo na wobɛfa adi soɔ anaa?

24 Ɛnyɛ deɛ wo nyame Kemos de maa wo sɛ di soɔ na wobɛfa adi soɔ anaa? Na adeɛ biara a AWURADE Nyankopɔn agye de ama yɛn sɛ yɛnni soɔ no, ɛno na yɛbɛfa adi soɔ.

25 Na afei, woyɛ sene Moabhene Sipor ba Balak? Ham na ɔne Israel hameeɛ anaasɛ ko na ɔne wɔn koeɛ?

26 Berɛ a Israel tenaa Hesbon ne ɛho nkuro ne Aroer ne ɛho nkuro ne Arnon ho nkuro nyinaa mu mfirinhyia ahasa no, adɛn nti na moannyeɛ, saa berɛ no?

27 Na me deɛ, menyɛɛ wo bɔne biara, na wo na woreyɛ me bɔne sɛ wo ne me rebɛko yi. AWURADE temmufoɔ no ɔmmu Israelfoɔ ne Amonfoɔ ntam atɛn nnɛ.

28 Nanso Amonfoɔ hene antie Yefta nsɛm a ɔsoma maa wɔkɔka kyerɛɛ no no.

29 Na AWURADE honhom baa Yefta so, na ɔfaa Gilead ne Manase sene kɔɔ Gilead-mispe na ɔfiri Gilead-mispe twaa mu kɔɔ Amonfoɔ no so.

30 Na Yefta hyɛɛ AWURADE bɔ sɛ: Sɛ wode Amonfoɔ no hyɛ me nsa a,

31 ɛnneɛ deɛ ɛbɛfiri me fie apono ano abɛhyia me da a meresane mafiri Amonfoɔ so dwoodwoo no, ɛbɛyɛ AWURADE deɛ, na mede bɛbɔ afɔdeɛ mu.

32 Ɛnna Yefta twaa mu kɔɔ Amonfoɔ no soɔ ne wɔn kɔkoeɛ; na AWURADE de wɔn hyɛɛ ne nsa.

33 Na ɔkunkum wɔn kum kɛseɛ pa ara firi Aroer kɔsi deɛ wɔfa kɔ Minit, nkuro aduonu, ɛde kɔsi Abel-keramim. Na wɔbrɛɛ Amonfoɔ no ase Israelfoɔ anim.

Ne babaa ho asɛm

34 Ɛnna Yefta baa ne fie Mispa. Na hwɛ, ne babaa de mpintin ne asa firii adi bɛhyiaa no, nso na ɔdi no bakorɔ, ɔnni ɔbabarima anaa ɔbabaa gye ɔno.

35 Na ɔhunuu no no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu kaa sɛ: Ao, me ba! Woabrɛ me ase papaapa, na woaho me werɛ! Na mabue m’ano mama AWURADE, na mentumi mensane m’akyi.

36 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: M’agya, woanya abue w’ano ama AWURADE a, ɛnneɛ yɛ me sɛdeɛ afiri w’ano no, sɛ AWURADE anya atɔ were ama wo, w’atamfo Amonfoɔ no soɔ yi.

37 Na ɔka kyerɛɛ n’agya bio sɛ: Wɔnyɛ yei mma me; gya me kwan abosome mmienu, na mensiane menkɔ mmepɔ so, na mensu me mmabaaberɛ, me ne me mfɛfoɔ.

38 Na ɔse: Kɔ! Na ɔgyaa no kwan abosome mmienu. Na ɔne ne mfɛfoɔ kɔe, na ɔkɔsuu ne mmabaaberɛ mmepɔ so.

39 Na abosome mmienu no duruiɛ no, ɔsane baa n’agya nkyɛn; na ɔyɛɛ no sɛdeɛ ne bɔ a ɔhyɛeɛ no teɛ; na wanhunu ɔbarima biara. Na ɛyɛɛ atorɔmudeɛ Israel mu:

40 Daa afirinhyia Israel mmammaa kɔ kɔkamfo Gileadni Yefta babaa no afe mu nnanan.

Akannifoɔ 14

Samson awadeɛ ne n’aborɔme no

1 Na Samson siane kɔɔ Timna, na ɔkɔhunuu ɔbaa bi wɔ Timna a ɔyɛ Filistifoɔ mmammaa no bi.

2 Na ɔforo ba bɛka kyerɛɛ n’agya ne ne na sɛ: Makɔhunu ɔbaa bi wɔ Timna, Filistifoɔ mma mu, na monkɔfa no mmrɛ me nware.

3 Na n’agya ne ne na ka kyerɛɛ no sɛ: Wo nuanom mma mmaa ne me man nyinaa mu nni ɔbaa bi, na worekɔ akɔware ɔbaa Filistifoɔ momonotofoɔ no mu? Na Samson ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɔno na kɔfa no brɛ me, na ɔno na ɔsɔ m’ani.

4 Na n’agya ne ne na nnim sɛ yei firi AWURADE, na ɔrepɛ Filistifoɔ ho kwan; ɛfiri sɛ saa berɛ no na Filistifoɔ di Israel so.

5 Na Samson ne n’agya ne ne na sii mu kɔɔ Timna. Na wɔduruu Timna bobe nturo ho, na hwɛ, gyataburuwa bi boboom hyiaa no.

6 Na AWURADE honhom sii ne so, na ɔtetee ne mu, sɛdeɛ wɔtete abirekyie ba mu, nanso na hwee nkuta ne nsam. Na wanka deɛ ɔyɛeɛ no ankyerɛ n’agya ne ne na.

7 Na ɔsii mu kɔ kɔnee ɔbaa no kasae, na ɔsɔɔ Samson ani.

8 Na nna bi akyiri no, ɔsane kɔɔ sɛ ɔrekɔhyia no, na ɔmane kɔhwɛɛ gyata funu no, na hwɛ nwowa manyamanya ne ɛwoɔ adɔre gyata no yam.

9 Na ɔfaa bi kura kɔe, na ɔrekorɔ na ɔredi, na ɔkɔduruu n’agya ne ne na nkyɛn, na ɔmaa wɔn bi dii; nanso wanka ankyerɛ wɔn sɛ gyata no yam na ɔyii ɛwoɔ no.

10 Na n’agya sii mu kɔɔ ɔbaa no nkyɛn, na Samson too pono wɔ hɔ, ɛfiri sɛ saa na na mmeranteɛ taa yɛ.

11 Na wɔhunuu no no, wɔde nnamfonom aduasa bɛkaa ne ho.

12 Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Merebɛto mo aborɔme bi. Sɛ motumi kyerɛ me aseɛ nnanson apontoɔ yi mu na mohunu a, ɛnneɛ mɛma mo nkamisaa aduasa ne ntadeɛ nsakyeraho aduasa;

13 na sɛ moantumi ankyerɛ me a, mo nso momma me nkamisaa aduasa ne ntadeɛ nsakyeraho aduasa. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: To w’aborɔme no na yɛntie.

14 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:

Odidifoɔ mu na aduane firi baeɛ,

na ɔhoɔdenfoɔ mu na nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ firi baeɛ.

Na wɔantumi ankyerɛ aborɔme no ase nnansa.

15 Na ɛbaa sɛ da a ɛtɔ so nson no, wɔka kyerɛɛ Samson yere no sɛ: Daadaa wo kunu na ɔnkyerɛ yɛn aborɔme no ase, na yɛamfa ogya anhye wo ne w’agya fie! Yɛn hia mu nti na mobɛhyiaa yɛn? Ɛnte saa a?

16 Na Samson yere no su guu ne so kaa sɛ: Tane nko na wotane me na wonnɔ me. Woato me nkurɔfoɔ aborɔme, nso wonkyerɛɛ me aseɛ. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, m’agya ne me na mpo menkyerɛɛ wɔn, na wo na menkyerɛ woɔ anaa?

17 Na ɔsu tɔɔ ne so nnanson no a apontoɔ no gu soɔ no nyinaa. Na da a ɛtɔ so nson no ɔka kyerɛɛ no, ɛfiri sɛ na ɔha no. Na ɔkɔka kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ no.

18 Na kuro no mu mmarima ka kyerɛɛ no da a ɛtɔ so nson no ansa na owia retɔ sɛ: Ɛdeɛn na ɛyɛ dɔkɔdɔkɔ sene ɛwoɔ, na ɛdeɛn na ne ho yɛ den sene gyata? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:

Moamfa me nantwie amfuntum a,

anka moanhunu m’aborɔme no ase.

19 Na AWURADE honhom sii ne so, na ɔsii mu kɔɔ Askelon kɔkunkumm wɔn mu mmarima aduasa, na ɔfaa wɔn ho adeɛ, na ɔde ntadeɛ nsakyeraho no memaa wɔn a wɔkyerɛɛ aborɔme no aseɛ no. Na ne bo fui. Na ɔsane kɔɔ n’agya fie.

20 Na wɔde Samson yere no maa ne yɔnko a ɔfaa no adamfo no.

Akannifoɔ 15

Samson ne nsakraman ahasa no

1 Na ɛbaa sɛ ɛkyɛree kakra no, ayuotwa berɛ mu no, Samson de abirekyie ba kɔɔ sɛ ɔrekɔhwɛ ne yere anim, na ɔkaa sɛ: Mɛkɔ me yere nkyɛn pia mu. Nanso ɔbaa n’agya amma no kwan amma no ankɔ mu.

2 Na ɔbaa n’agya kaa sɛ: Me deɛ, mese wompɛ no bio, enti mede no mama wo yɔnko bi. Ne nua kumaa no ho nyɛ fɛ nsene no anaa? Fa no si n’ananmu.

3 Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei deɛ, sɛ me ne Filistifoɔ di no bɔne a, merenni ho so biara.

4 Na Samson sii mu kɔ kɔkyeree nsakraman ahasa, na ɔfaa agyatɛnee na ɔde dua sii dua anim de gyatɛnee hyɛɛ dua mmienu biara ntam.

5 Na ɔsosɔɔ agyatɛnee no ano no, ɔgyaa wɔn maa wɔkɔɔ Filistifoɔ no ayufuo mu maa no hyee ayuo akuakuo ne ayuo a ɛsisi hɔ ne ngodua nturo no.

6 Ɛnna Filistifoɔ no kaa sɛ: Hwan mpo na ɔyɛɛ yei? Na wɔse: Timnani no ase Samson, sɛ ɔde ne yere ama ne yɔnko nti. Ɛnna Filistifoɔ no sii mu kɔeɛ de ogya kɔhyee ɔbaa no ne n’agya fie.

7 Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ moayɛ saa a, gye sɛ matɔ mo were ansa na magyae.

8 Na ɔbobɔɔ wɔn srɛ ne dwonkuo so kunkumm wɔn okunkɛseɛ. Na ɔsii mu kɔtenaa Etam botan tokuro mu.

Samson ne afunumu abɔgye

9 Ɛnna Filistifoɔ ba bɛkyeree Yuda so nsraban, na wɔtrɛɛ wɔn mu wɔ Lehi.

10 Na Yuda mmarima no kaa sɛ: Adɛn nti na moaba yɛn soɔ yi? Na wɔse: Yɛreba abɛkyekyere Samson na yɛayɛ no sɛdeɛ ɔyɛɛ yɛn no.

11 Na Yuda mu mmarima mpensa sii mu kɔɔ Etam botan tokuro no mu, na wɔka kyerɛɛ Samson sɛ: Wonnim sɛ Filistifoɔ na wɔdi yɛn soɔ, na ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ wɔyɛɛ me no, saa ara na mayɛ wɔn.

12 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛreba abɛkyekyere wo na yɛde wo akɔhyɛ Filistifoɔ no nsa. Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monka ntam nkyerɛ me sɛ mo ara deɛ, morenyɛ me hwee.

13 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, na kyekyerɛ nko na yɛrebɛkyekyere woɔ de wo akɔhyɛ wɔn nsa. Na kum deɛ, yɛrenku wo. Na wɔde ntampehoma foforɔ mmienu kyekyeree no, na wɔde no foro firii ɔbotan no mu.

14 Ɔreyɛ aduru Lehi no, Filistifoɔ no bɔɔ ne so ose. Na AWURADE honhom sii ne so, na ntampehoma a ɛwɔ ne basa ho no yɛɛ sɛ asaawa a wɔde ogya aka na ne homa no sanesane firii ne nsa.

15 Na ɔhunuu afunumu abɔgye foforɔ bi, na ɔtenee ne nsa fa de kunkumm mmarima apem.

16 Na Samson kaa sɛ:

Mede afunumu abɔgye,

ekuo nie, akuo mmienu nie,

mede afunumu abɔgye

makunkum mmarima apem.

17 Na ɛbaa sɛ ɔwiee kasa no, ɔgyaa abɔgyeɛ no mu firi ne nsam twenee, na wɔfrɛɛ hɔ sɛ Ramat-lehi.

18 Na sukɔm de no sɛ, na ɔsu frɛɛ AWURADE sɛ: Wo na wode gyeɛ kɛseɛ yi ahyɛ w’akoa nsa, na afei sukɔm reku me, na mahwe momonotofoɔ nsam.

19 Na Onyankopɔn paee tokuro a ɛwɔ Lehi no mu, na nsuo firi hɔ bae, na ɔnomee. Na ne honhom sane bae na ɔnyaa nkwa. Enti wɔfrɛ hɔ En-hakorea ɛwɔ Lehi de bɛsi nnɛ yi.

20 Na ɔbuu Israel atɛn Filistifoɔ berɛ no so mfirinhyia aduonu.

Akannifoɔ 16

Samson soa Gasa apono kɔ

1 Na Samson sii mu kɔɔ Gasa, na ɔkɔhunuu ɔbaa dwamamfoɔ bi hɔ, na ɔkɔɔ ne nkyɛn.

2 Na wɔka kyerɛɛ Gasafoɔ no sɛ: Samson aba ha, na wɔtwaa ne ho hyiae, na wɔtɛɛ no anadwo no kuro no pono ano, na wɔtaree dinn anadwo no nyinaa kaa sɛ: Adeɛ kye anɔpa a, yɛbɛku no.

3 Na Samson da kɔsii dasuo mu, na ɔsɔree dasuo no mu, na ɔsɔɔ kuro no apono ne aponnwa mmienu no mu, na ɔtuu ɛne akyire adaban no nyinaa, na ɔde bɔɔ akɔnkɔn soa de kɔɔ bepɔ a ɛkyerɛ Hebron anim no atifi.

Delila ho asɛm

4 Na ɛno akyiri no, ɔdɔɔ ɔbaa bi Sorek subonhwa mu a ne din de Delila.

5 Na Filistifoɔ asafohene baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Daadaa no na hwɛ adekodeɛ a n’ahoɔden kɛseɛ no wɔ mu ne adekodeɛ a yɛde bɛtumi no na yɛakyekyere no abrɛ no ase, na yɛn mu biara bɛma wo nnwetɛbena apem ne ɔha.

6 Na Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Ka kyerɛ me ɛ, ɛdeɛn mu na w’ahoɔden kɛseɛ no wɔ, na ɛdeɛn na wɔde bɛkyekyere woɔ abrɛ wo aseɛ?

7 Na Samson ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wɔde nhomamono nson a ɛnwoeɛ kyekyere me a, ɛnneɛ mɛhodwo, na mayɛ sɛ onipa biara.

8 Ɛnna Filistifoɔ asafohene no de nhomamono kyeaoo nson a ɛnwoeɛ brɛɛ no, na ɔde kyekyeree no.

9 Nso na ɔwɔ atɛfoɔ hyɛ pia mu. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Na ɔtetee nhoma no mu sɛdeɛ ogya ka firaeɛ a, ɛteteɛ no. Na wɔanhunu n’ahoɔden no ase.

10 Ɛnna Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Hwɛ, woasisi me, na woatwa me nkontompo. Afei kyerɛ me deɛ wɔbɛtumi de akyekyere woɔ ɛ.

11 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wɔde ntampehoma foforɔ a wɔmfa nyɛɛ adwuma da kyekyere me a, ɛnna mɛhodwo mayɛ sɛ onipa biara.

12 Na Delila faa ntampehoma foforɔ de kyekyeree no na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Nso na atɛfoɔ no hyɛ pia mu. Na ɔtete firii ne basa ho sɛ asaawa.

13 Na Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Woasisi me de abɛduru sɛsɛɛ yi, na woatwa me nkontompo. Kyerɛ me deɛ wɔbɛtumi de akyekyere woɔ. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wode me tirinwi mpɛsɛmpɛsɛ nson de fra ntomaban nwono a.

14 Na ɔde akoroteaa bɔɔ mu, na ɔkaa sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Na ɔnyane firii ne nna no mu, na ɔtuu deɛ wanwono no mu akoroteaa no ne anwonneɛ no.

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na wobɛtumi aka sɛ: Medɔ wo, na w’akoma nni me ho yi? Mprɛnsa ni a woasisi me, na wonkyerɛɛ me adekodeɛ a w’ahoɔden kɛseɛ yi wɔ mu.

16 Na ɔde ne nsɛm dwan ne ho daa nyinaa yeraa ne ho na ne kra home tee no kɔɔ owuo mu no,

17 ɛnna ɔyii n’akoma mu nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Yiwan nkaa m’atifi da, ɛfiri sɛ Nyankopɔn hotuafoɔ ne me firi me na yam; sɛ wɔyi me tiri a, na m’ahoɔden bɛfiri me ho, na mahodwo mayɛ sɛ onipa biara.

18 Na Delila hunuu sɛ waka no n’akoma mu asɛm nyinaa no, ɔsoma maa wɔkɔfrɛfrɛɛ Filistifoɔ asafohene no sɛ: Mommra prɛko yi, ɛfiri sɛ waka me n’akoma mu asɛm nyinaa. Na Filistifoɔ asafohene no baa ne nkyɛn, na wɔkurakura sika no wɔn nsam.

19 Na ɔdedaa no ne nankoroma so, na ɔfrɛɛ ɔbarima bi maa no bɛyii ne tirinwi mpɛsɛmpɛsɛ nson no, na ɔfirii aseɛ brɛɛ no ase, na n’ahoɔden no firii ne ho kɔe.

20 Na ɔkaa sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Na ɔnyane firii ne nna no mu, na ɔse: Mɛfiri adi sɛ kane no, na mawoso me ho. Na ɔno deɛ, na ɔnnim sɛ AWURADE afiri ne ho.

21 Na Filistifoɔ no kyeree no tutuu n’ani, na wɔde no kɔɔ Gasa, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔyam ayuo apokyerɛfoɔ fie.

22 Na ne tirinwi firi aseɛ fui, n’ayie no akyi.

Samson nneyɛɛ a ɛtwa toɔ ne ne wuo

23 Na Filistifoɔ asafohene no hyiaa sɛ wɔrebɛbɔ afɔdeɛ kɛseɛ ama wɔn nyame Dagon na wɔagye wɔn ani; na wɔkaa sɛ: Yɛn nyame de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa.

24 Na ɔman no hunuu no no, wɔyii wɔn nyame no ayɛ, na wɔkaa sɛ: Yɛn nyame de yɛn tamfo ne yɛn asase sɛefoɔ a wakunkum yɛn mu pii no ahyɛ yɛn nsa.

25 Na berɛ a na wɔn ani agyeɛ no, wɔkaa sɛ: Momfrɛ Samson na ɔmmɛgoro nkyerɛ yɛn. Na wɔkɔfrɛɛ Samson firii apokyerɛfoɔ fie bae, na ɔgoroo wɔn anim, na wɔde no gyinaa adum no ntam.

26 Na Samson ka kyerɛɛ abɔfra a ɔkura ne nsa no sɛ: Gyaa me na mensosɔ adum mmienu a ɛdan no si soɔ no mu, na mentwere.

27 Nso na mmarima ne mmaa ayɛ efie hɔ ma, na Filistifoɔ asafohene nyinaa nso wɔ hɔ, na mmarima ne mmaa bɛyɛ mpensa wɔ ɛdan no atifi rehwɛ Samson agorɔ no.

28 Na Samson frɛɛ AWURADE sɛ: Awurade NYANKOPƆN, afei kae me, na hyɛ me den prɛko pɛ yi nko ara, Onyankopɔn, na mentɔ m’ani mmienu yi so were prɛko Filistifoɔ so.

29 Na Samson sosɔɔ mfimfini adum mmienu a ɛdan no si soɔ na ɛso no no mu, na ɔde ne nifa sɔɔ baako mu na ɔde benkum sɔɔ baako mu.

30 Na Samson kaa sɛ: Me kra ne Filistifoɔ no nwuwu! Na ɔde n’ahoɔden nyinaa kuntunii, na efie no dwiri guu asafohene no ne nnipa a wɔwɔ mu no nyinaa so. Na awufoɔ a ɔmaa wɔwuiɛ ne wuo mu dɔɔso sene wɔn a ɔmaa wɔwuiɛ ne nkwa berɛ mu.

31 Ɛnna ne nuanom ne n’agya fie nyinaa siane kɔ kɔfaa no de no foro ba bɛsiee no Sora ne Estaol ntam wɔ n’agya Manoa asieeɛ. Na ɔno deɛ, ɔbuu Israel atɛn mfirinhyia aduonu.

Akannifoɔ 17

Mika ahonisom

1 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔfiri Efraim bepɔ soɔ a wɔfrɛ no Mika.

2 Na ɔka kyerɛɛ ne na sɛ: Dwetɛ apem ne ɔha a wɔbɛfaeɛ a wo deɛ, wobɔɔ ho dua na wokaa no m’aso mu nso no, hwɛ, dwetɛ no wɔ me nkyɛn, me na mefaeɛ. Na ne na kaa sɛ: AWURADE mma nhyira nka me ba.

3 Na ɔdanee dwetɛ apem ne ɔha no maa ne na. Ne ne na kaa sɛ: Yie na mayi dwetɛ no afiri me nsam ayɛ no kronkron ama AWURADE, sɛ wɔmfa mma me ba, na wɔmfa nyɛ ohoni a wɔasene ne agudeɛ; enti nso mɛdane ama wo.

4 Na ɔdanee dwetɛ no maa ne na bio. Na ne na faa dwetɛ ahanu de maa ogufoɔ, na ɔde yɛɛ senhoni ne agudeɛ, na ɛwɔ Mika fie.

5 Nso na ɔbarima Mika no wɔ nyamefie, na ɔyɛɛ asɔfotadeɛ ne abusua ahoni, na ɔhyɛɛ ne mma mu baako sɔfoɔ, na ɔbɛyɛɛ ne sɔfoɔ.

6 Nna no mu no, na ɔhene biara nni Israel, obiara yɛ deɛ ɛtene n’ani soɔ.

7 Na aberanteɛ bi wɔ hɔ a ɔfiri Betlehem Yuda, Yuda abusua bi mu; na ɔyɛ Lewini, na ɔkɔyɛɛ hɔ hɔhoɔ.

8 Na ɔbarima no firii Betlehem Yuda kuro no mu sɛ ɔrekɔ baabiara a ɔbɛnya; na n’akwantuo no mu, ɔduruu Mika fie wɔ Efraim bepɔ so.

9 Na Mika ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛhe na wofiri reba yi? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Meyɛ Lewini a mefiri Betlehem Yuda, na menam merekɔtena baabiara a mɛnya.

10 Na Mika ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛne me ntena ɛ, na yɛ me agya ne sɔfoɔ, na mɛma wo dwetɛ du afirinhyia ne atadeɛ baako ne w’aduane. Na Lewini no hyɛnee mu.

11 Na Lewini no penee sɛ ɔne ɔbarima no bɛtena, na aberanteɛ no yɛɛ no sɛ ne mmammarima mu baako.

12 Na Mika hyɛɛ Lewini no sɔfoɔ, na aberanteɛ no bɛyɛɛ ne sɔfoɔ, na ɔtenaa Mika fie.

13 Na Mika kaa sɛ: Afei na mahunu sɛ AWURADE rebɛyɛ me yie sɛ manya Lewini a ɔdi me sɔfoɔ yi.