1 Samuel 8

1 Na ɛberɛ a Samuel bɔɔ akora no, ɔde ne mma sisii Israel so atemmufoɔ.

2 Na n’abakan din de Yoel, na deɛ ɔka ho no de Abiya; wɔyɛɛ atemmufoɔ wɔ Beer-seba.

3 Nanso ne mma amfa n’akwan so, na wɔmane kɔdii mfasoɔ akyi, na wɔgyegyee adanmudeɛ, na wɔbubuu ntɛnkyea.

Israelfoɔ hwehwɛ ɔhene

4 Ɛnna Israel mpanimfoɔ nyinaa hyia baa Samuel nkyɛn wɔ Rama

5 bɛka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woabɔ akora, na wo mma mfa w’akwan so. Afei si ɔhene ma yɛn na ɔnni yɛn so te sɛ amanaman nyinaa.

6 Na asɛm no ansɔ Samuel ani sɛ wɔkaa sɛ: Ma yɛn ɔhene na ɔnni yɛn so no. Na Samuel bɔɔ AWURADE mpaeɛ.

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie deɛ ɔman no seɛ ne deɛ wɔka kyerɛ woɔ no nyinaa, ɛfiri sɛ ɛnyɛ wo na wɔapo woɔ, na me na wɔapo me, sɛ mennni wɔn so hene.

8 Wɔn nneyɛɛ a wɔayɛ nyinaa firi da a meyii wɔn Misraim baeɛ de bɛduru nnɛ yi de agyaa me akɔsom anyame foforɔ no, saa ara na wɔreyɛ wo nso yi.

9 Enti, afei tie wɔn; na kasa kyerɛ wɔn, na kyerɛ wɔn ɔhene a ɔbɛdi wɔn soɔ no atemmudeɛ.

10 Na Samuel kaa AWURADE nsɛm no nyinaa kyerɛɛ ɔman no a wɔbisaa ne hɔ ɔhene no.

11 Na ɔkaa sɛ: Yei ne ɔhene a ɔbɛdi mo soɔ no atemmudeɛ: Ɔbɛfa mo mmammarima de wɔn akɔ ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ mu, na wama wɔatu mmirika adi ne nteaseɛnam anim sɛ awɛmfoɔ,

12 na ɔde wɔn asisi mpempem so asafohene ne aduonum so asafohene afa, na wama wɔadɔ n’asase na wɔatwa ne nnɔbaeɛ, na wɔayɛ n’akodeɛ ne ne nteaseɛnam ho adeɛ.

13 Na ɔbɛfa mo mmammaa ayɛ adufrafoɔ ne soodofoɔ ne paanootofoɔ.

14 Na ɔbɛfa mo mfuo ne mo bobe nturo mu deɛ ɛyɛ de ama ne nkoa.

15 Na ɔbɛgye mo ayufuo ne bobe nturo mu aba mu ntotosoɔ du du de ama gyaasefoɔ ne ne nkoa.

16 Na ɔbɛfa mo nkoa ne mo mfenaa, ne mo mmeranteɛ pa, ne mo mfunumu de ayɛ n’adwuma.

17 Ɔbɛgye mo nnwan mu ntotosoɔ du du. Na mobɛyɛ ne nkoa.

18 Na da no, mo hene a moayi no adi mo soɔ no nti mobɛsu afrɛ, nanso AWURADE remmua mo da no.

19 Na ɔman no ampene sɛ wɔtie Samuel, na wɔkaa sɛ: Dabi, na ɔhene ara na ɔnni yɛn soɔ,

20 na yɛn nso yɛnyɛ sɛ amanaman nyinaa, na yɛn hene no mmu yɛn atɛn, na ɔmfiri adi nni yɛn anim nni ako mma yɛn.

21 Na Samuel tee ɔman no nsɛm nyinaa no, ɔka guu AWURADE aso mu.

22 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie wɔn, na si hene ma wɔn. Na Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ: Monkɔ mo nkuro mu.

1 Samuel 9

AWURADE yi Saulo

1 Na Benyaminni bi wɔ hɔ a ne din de Kis a ɔyɛ Benyamin aseni, Afia ba Bekorat ba Seror ba Abiel ba, ɔbarima a ɔyɛ ɔdefoɔ.

2 Na ɔwɔ ɔbabarima bi a ne din de Saulo, aberanteɛ a ne ho yɛ fɛ. Na Israelfoɔ mu biara nsene no ahoɔfɛ. Ɛfiri ne mmatiri so rekorɔ no, ɔware sene obiara, ɔman no mu.

3 Na Saulo agya Kis mfunumu yerae. Na Kis ka kyerɛɛ ne ba Saulo sɛ: Fa asomfoɔ no mu baako ka wo ho, na sɔre kɔhwehwɛ mfunumu no.

4 Na wɔkɔfaa Efraim bepɔ so, na wɔfaa Salisa asase so, nanso wɔanhu wɔn; na wɔfaa Saalim asase so, nanso na wɔnni hɔ; na wɔfaa Benyamin asase so, nanso wɔanhu wɔn.

5 Na wɔduruu Suf asase soɔ no, Saulo ka kyerɛɛ abɔfra a ɔka ne ho no sɛ: Bra ma yɛnsane nkɔ, na m’agya annyae mfunumu no deɛ ammɛdi yɛn ho dadwene.

6 Nanso ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Nyankopɔn nipa bi wɔ kuro yi mu, na ɔyɛ onipa a n’anim yɛ nyam, deɛ ɔka nyinaa ba mu. Ma yɛnkɔ hɔ, ebia ɔbɛka yɛn ɔkwan a yɛrekorɔ yi ho asɛm bi akyerɛ yɛn.

7 Na Saulo bisaa ne somfoɔ no sɛ: Hwɛ, yɛkɔ a, ɛdeɛn na yɛde bɛkɔ akɔma ɔbarima no? Na paanoo asa wɔ yɛn adeɛ mu, na ayɛyɛdeɛ biara nni hɔ a yɛde rekɔma Nyankopɔn nipa no; ɛdeɛn na yɛwɔ?

8 Na abɔfra no buaa Saulo bio sɛ: Hwɛ, mekura dwetɛ dwetɛbena abupɛn nnan mu baako, na mede bɛma Nyankopɔn nipa no, na wakyerɛ yɛn yɛn kwan.

9 (Akane no, Israel, sɛ obi rekɔbisa Nyankopɔn hɔ adeɛ a, ɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ ɔdehunufoɔ no nkyɛn; na deɛ nnɛ wɔfrɛ no odiyifoɔ no, akane no na wɔfrɛ no ɔdehunufoɔ).

10 Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ n’abɔfra no sɛ: Ɔsɛmpa, bra ma yɛnkɔ. Na wɔkɔɔ kuro a Nyankopɔn nipa no wɔ mu no mu.

11 Na wɔreforo kuro no aforoeɛ no, wɔhunuu mmabaa a wɔrefiri abɛsa nsuo. Na wɔbisaa mmabaa no sɛ: Ɔdehunufoɔ no wɔ hɔ anaa?

12 Na wɔbuaa wɔn sɛ: Ɔwɔ hɔ, hwɛ, ɔwɔ w’anim ha yi ara. Yɛ ntɛm, na ɛnnɛ waba kuro no mu, na ɔman no bɔ afɔdeɛ nnɛ, sorɔnsorɔnbea hɔ.

13 Moduru kuro no mu ara pɛ a, mobɛhu no ansa na wakɔ sorɔnsorɔnbea hɔ akɔdidi; ɛfiri sɛ ɔman no nnidi kɔsi sɛ ɔbɛba, na ɔno na ɔhyira afɔdeɛ no soɔ ansa na wɔn a wɔahyia wɔn no adidi. Enti momforo nkɔ, na berɛ yi ara na mobɛhu no.

14 Na wɔforo kɔɔ kuro no mu. Wɔduruu kuro no mu no, hwɛ, na Samuel refiri adi abɛhyia wɔn aforo akɔ sorɔnsorɔnbea hɔ.

15 Nso na AWURADE ayi Samuel asotire da koro ansa na Saulo reba sɛ:

16 Ɔkyena sɛsɛberɛ mɛsoma ɔbarima bi afiri Benyamin asase so aba wo nkyɛn, na sra no ngo si no me man Israel so hene, na ɔnnye me man mfiri Filistifoɔ nsam; na mahunu me man, ɛfiri sɛ wɔn su aduru me nkyɛn.

17 Na Samuel hunuu Saulo no, AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, onipa a mesee wo sɛ ɔbɛdi me man soɔ no nie.

18 Na Saulo twe pinii Samuel kuro pono no ano kaa sɛ: Mesrɛ wo, kyerɛ me deɛ ɔdehunufoɔ no fie wɔ.

19 Na Samuel buaa Saulo sɛ: Mene ɔdehunufoɔ no. Foro di m’anim kɔ sorɔnsorɔnbea hɔ, na mo ne me bɛdidi nnɛ, na adeɛ kye a, magya mo kwan; na mɛka wo deɛ ɛwɔ w’akomam nyinaa.

20 Na wo mfunumu a wɔyeraa nnansa ne nnɛ no deɛ, mfa w’adwene nto so, na wɔahu wɔn. Na hwan na Israel aboɔdenneɛ nyinaa wɔ no? Ɛnyɛ wo ne w’agya fie nyinaa dea anaa?

21 Na Saulo buaa sɛ: Ɛnyɛ Benyaminni ne me na memfiri Israel mmusuakuo mu ketewa no mu, na ɛnyɛ m’abusua ne Benyamin abusuakuo mu mmusua nyinaa mu ketewa anaa? Na adɛn nti na woka saa asɛm yi kyerɛ me?

22 Na Samuel faa Saulo ne ne somfoɔ no, na ɔde wɔn kɔɔ adidiiɛ, na ɔmaa wɔn atenaeɛ wɔ wɔn a wɔahyia wɔn no ti: Wɔbɛyɛ nnipa aduasa.

23 Na Samuel ka kyerɛɛ osoodoni no sɛ: Fa nankum a mesee wo sɛ fa sie no bra.

24 Na soodoni no kɔfaa ɔsrɛ ne deɛ ɛwɔ ho no de bɛsii Saulo anim; na Samuel kaa sɛ: Hwɛ, deɛ wɔagya nie; fa si w’anim di, ɛfiri sɛ wɔde asie ama wo berɛ a wo ne ɔman no bɛdidie.

Na Saulo ne Samuel didii da no.

25 Na wɔfiri sorɔnsorɔnbea hɔ siane baa kuro no mu, na ɔne Saulo kasaa ɛdan atifi.

26 Na wɔsɔree nhema; na adeɛ rekye no, Samuel frɛɛ Saulo ɛdan atifi sɛ: Sɔre na mennya wo kwan. Na Saulo sɔree, na wɔn baanu no, ɔno ne Samuel, firii adi.

27 Wɔsiane kɔduruu kurotia no, Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Ka kyerɛ aberanteɛ no na ɔmmɛsene nni yɛn anim nkɔ, na ɔsene kɔ a; wo deɛ, gyina ha na menka wo nhyehyɛɛ a Onyankopɔn wɔ ma wo.

1 Samuel 10

Samuel sra Saulo ngo si no hene

1 Ɛnna Samuel faa ngo toa hwie guu n’atifi, na ɔfee n’ano kaa sɛ: Ɛnyɛ sra na AWURADE asra wo asi n’agyapadeɛ so hene ne nkurɔfoɔ Israel so anaa? Na wobɛdi AWURADE nkurɔfoɔ so hene, na woagye wɔn afiri wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsam. Na yei bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama wo sɛ AWURADE asi wo hene wɔ n’agyapadeɛ so.

2 Wofiri me nkyɛn nnɛ rekorɔ yi, wobɛto mmarima baanu wɔ Selsa, Rahel da so, Benyamin hyeɛ so, na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ: Mfunumu a wokɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn, na hwɛ, w’agya agyae mfunumu no ho dwene, na mo so na ne dadwen abɛsie sɛ: Menyɛ dɛn me ba yi ho?

3 Na wofiri hɔ kɔ w’anim, na woduru Tabor dupɔn no ho a, mmarima baasa a wɔrekɔ Nyankopɔn nkyɛn Betel bɛhyia wo hɔ, ɔbaako so mmirekyie mmiɛnsa, na ɔbaako so paanoo mua mmiɛnsa, na ɔbaako so bobesa ahina ma.

4 Na wɔbɛkyea wo, na wɔama wo paanoo mmienu na woagye wɔ wɔn nsam.

5 Ɛno akyiri no, wobɛduru Gibea-elohim,wɔ deɛ Filistifoɔ bansifoɔ wɔ no; na ɛbɛba sɛ woduru kuro no mu hɔ a, wobɛhyia adiyifoɔ asafo a wɔresiane afiri sorɔnsorɔnbea hɔ, na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne asankuo di wɔn anim; na wɔrehyɛ nkɔm.

6 Na AWURADE honhom bɛsi wo so, na wo ne wɔn ahyɛ nkɔm, na woadane ayɛ onipa foforɔ.

7 Na sɛ nsɛnkyerɛnneɛ yi ba mu ma wo a, yɛ deɛ wo nsa bɛso soɔ fa, na Onyankopɔn di w’akyi.

8 Na di m’anim siane kɔ Gilgal, na hwɛ, me nso meresiane maba wo nkyɛn mabɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Tena hɔ twɛn nnanson kɔsi sɛ mɛba wo nkyɛn mabɛkyerɛ wo deɛ yɛ.

9 Na ɔdanee ne ho sɛ ɔrefiri Samuel nkyɛn akorɔ no, Onyankopɔn maa no akoma foforɔ; na nsɛnkyerɛnneɛ yi nyinaa baa mu da no ara.

10 Na wɔduruu kokoɔ no so hɔ no, hwɛ, adiyifoɔ asafo bɛhyiaa no, na Nyankopɔn honhom bɛsii ne so, na ɔhyɛɛ nkɔm wɔ wɔn mu.

11 Na wɔn a wɔni no kane no nyinaa hunuu no sɛ ɔrehyɛ nkɔm adiyifoɔ mu no, nkurɔfoɔ no sesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ɛdeɛn ne deɛ ayɛ Kis ba no yi? Saulo nso fra adiyifoɔ no mu anaa?

12 Na obi a ɔfiri hɔnom buaa sɛ: Na wɔn kannifoɔ ne hwan? Enti ɛdanee abebusɛm sɛ: Saulo nso fra adiyifoɔ no mu anaa?

13 Na ɔwiee nkɔmhyɛ no, ɔbaa sorɔnsorɔnbea hɔ.

14 Na Saulo agya nua ka kyerɛɛ no ne ɔsomfoɔ no sɛ: Ɛhe na mokɔeɛ? Na ɔse: Yɛkɔhwehwɛɛ mfunumu no na yɛhunuu sɛ wɔnni hɔ no, yɛkɔɔ Samuel nkyɛn.

15 Na Saulo agya nua no kaa sɛ: Ka me deɛ Samuel ka kyerɛɛ mo no!

16 Na Saulo ka kyerɛɛ n’agya nua no sɛ: Ɔkaa no pefee kyerɛɛ yɛn sɛ wɔahunu mfunumu no. Na ahennie no ho asɛm a Samuel kaeɛ no deɛ, wanka ankyerɛ no.

17 Na Samuel hyiaa ɔman no baa AWURADE nkyɛn Mispa.

18 Na ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Me na meyii Israel Misraim baeɛ, na megyee mo Misraim nsam ne ahennie a ɛhyɛɛ mo soɔ nyinaa nsam.

19 Na mo deɛ, ɛnnɛ moapo mo Nyankopɔn a ɔne deɛ ɔgyee mo mo amaneɛ ne mo ahohia nyinaa mu no, na mose no sɛ: Dabi, na si yɛn so hene. Na afei mommɛgyina AWURADE anim sɛdeɛ mo mmusuakuo ne mo mpempem dodoɔ teɛ.

20 Na Samuel maa Israel mmusuakuo no nyinaa twe pinii, na wɔtwee ntoto maa ɛbɔɔ Benyamin abusuakuo.

21 Na ɔmaa Benyamin abusuakuo no pinkyɛe, sɛdeɛ ne mmusua no teɛ; na wɔtwee ntoto maa ɛbɔɔ Matri abusua, na ɛbɔɔ Kis ba Saulo. Nanso wɔhwehwɛɛ no no, wɔanhu no.

22 Na wɔkɔbisaa AWURADE bio sɛ: Onipa no bɛnya aba anaa? Na AWURADE se: Hwɛ, wakɔhunta nnoɔma no mu.

23 Na wɔtutuu mmirika kɔfaa no firii hɔ. Na ɔbɛgyinaa ɔman no mu no, na ɔware sene ɔman no nyinaa firi ne mmatiri so kɔ soro.

24 Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Monhwɛ deɛ AWURADE ayi no, na obiara nte sɛ ɔno, ɔman yi nyinaa mu. Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose sɛ: Ɔhene tiri nkwa!

25 Ɛnna Samuel kaa ahennie no ho nhyehyɛɛ kyerɛɛ ɔman no, na ɔtwerɛ hyɛɛ nwoma mu de too AWURADE anim. Na Samuel gyaa ɔman no nyinaa kwan maa wɔkɔɔ wɔn afie.

26 Na Saulo nso kɔɔ ne fie Gibea, na ɛdɔm no mu akokoɔdurufoɔ binom a Onyankopɔn aka wɔn akoma no ne no kɔe.

27 Na nnipa hunu bi kaa sɛ: Oyi bɛyɛ dɛn na wagye yɛn? Na wɔbuu no animtia, na wɔamfa ayɛyɛdeɛ ammrɛ no. Na ɔyɛɛ sɛ deɛ ɔnteɛ.

1 Samuel 11

Saulo di Amonfoɔ so nkonim

1 Na Amonni Nahas foro ba bɛkyeree Yabes-gilead so nsraban. Na Yabes mmarima nyinaa ka kyerɛɛ Nahas sɛ: Ɛne yɛn mpam na yɛnsom wo.

2 Na Amonni Nahas no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ansa na me ne mo bɛpam no, gye sɛ metutu mo ani nifa nyinaa na mede mayɛ ahohora mato Israel nyinaa so.

3 Na Yabes mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Ma yɛn nnanson, na yɛnsomasoma abɔfoɔ nkɔ Israel ahyeɛ nyinaa so, na sɛ obi nni hɔ a ɔbɛgye yɛn a, yɛafiri adi aba wo nkyɛn.

4 Ɛnna abɔfoɔ no baa Gibea, faako a Saulo firi bɛkaa asɛm no ɔman no aso mu; na ɔman no nyinaa memaa wɔn nne so sui.

5 Na hwɛ, na Saulo di anantwie akyi firi afuo mu reba; na Saulo kaa sɛ: Ɛdeɛn na ayɛ ɔman yi na wɔresu yi? Na wɔkaa Yabesfoɔ nsɛm no kyerɛɛ no.

6 Na Saulo tee nsɛm yi no, AWURADE honhom sii ne so, na ne bo fuu kɛse.

7 Na ɔfaa anantwie mpamho twitwaa wɔn asinasini de hyehyɛɛ abɔfoɔ no nsa soma maa wɔkɔɔ Israel asase nyinaa so kɔkaa sɛ: Obiara a wamfiri adi ammɛdi Saulo ne Samuel akyire no, sɛ wɔbɛyɛ n’anantwie nie. Ɛnna AWURADE ho hu tɔɔ ɔman no soɔ, na wɔfiri baa sɛ onipa baako.

8 Na ɔkan wɔn Besek, na Israelfoɔ no ano si mpem ahasa, na Yuda mmarima si mpem aduasa.

9 Na wɔka kyerɛɛ abɔfoɔ a wɔbaeɛ no sɛ: Sɛ monkɔka nkyerɛ Yabes-gileadfoɔ no nie: Ɔkyena a owia mu reyɛ den no, mobɛnya ɔgyeɛ. Na abɔfoɔ no ba bɛka kyerɛɛ Yabesfoɔ no, wɔn ani gyee.

10 Na Yabesfoɔ no kaa sɛ: Ɔkyena yɛbɛfiri adi aba mo nkyɛn, na moayɛ yɛn sɛdeɛ ɛyɛ mo ani soɔ nyinaa.

11 Na adeɛ kyeeɛ no, Saulo buu ɔman no mu asafokuo mmiɛnsa na wɔkɔɔ nsraban no mu anɔpa dasuo mu, na wɔkunkumm Amon kɔduruu awia ketee. Na wɔn a ɛkaeɛ no bɔ petee a anka wɔn mu baanu mpo wɔ faako.

12 Ɛnna ɔman no ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Hwan na ɔkaa sɛ: Saulo na ɔrebɛdi yɛn so hene yi, no? Fa nnipa no bra ma yɛnku wɔn.

13 Na Saulo kaa sɛ: Wɔnnkum obiara nnɛ da yi, ɛfiri sɛ ɛnnɛ AWURADE ayɛ nkwagyedeɛ Israel mu.

14 Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mommra mma yɛnkɔ Gilgal, na yɛnkɔyɛ ahennie no foforɔ wɔ hɔ.

15 Na ɔman no nyinaa kɔɔ Gilgal, na wɔkɔsii Saulo hene AWURADE anim wɔ Gilgal; na wɔbobɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ AWURADE anim wɔ hɔ. Na Saulo ne Israel mmarima nyinaa ani gyee hɔ sɛ biribi.

1 Samuel 12

Samuel bɔ ɔman no soboɔ

1 Na Samuel ka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Hwɛ, matie mo, sɛdeɛ moka kyerɛɛ me no nyinaa, na masi mo so hene.

2 Na afei, hwɛ, ɔhene no na ɔdi mo anim yi. Na me deɛ, mabɔ akora na mafu dwono, na me mma nso, hwɛ, wɔne mo na ɛwɔ hɔ; na me deɛ, mefiri me mmɔfraase na manante mo anim mabɛduru nnɛ da yi.

3 Hwɛ, menie, monni me adanseɛ AWURADE ne deɛ wasra no yi anim, hwan nantwie na mafa? Na hwan afunumu na mafa? Na hwan na madi no amim? Na hwan na mahyɛ ne soɔ anaa hwan hɔ na magye adanmudeɛ na mede mamua m’ani mama no? Na mennane memma mo.

4 Na wɔse: Wonnii yɛn amim na wonhyɛɛ yɛn so na wonnyee obiara hɔ biribiara.

5 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE ne mo danseni, na deɛ wasra no yi ne ɔdanseni nnɛ, sɛ moanhunu biribiara me nsam. Na wɔkaa sɛ: Ɔne danseni.

6 Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Ɛyɛ AWURADE a ɔyii Mose ne Aaron na ɔde mo agyanom firii Misraim asase so bae no.

7 Na afei mommɛgyina ha, na memmɔ mo soboɔ AWURADE anim, AWURADE teneneedeɛ a wayɛ ama mo ne mo agyanom nyinaa ho:

8 Ɛberɛ a Yakob kɔɔ Misraim na Misraimfoɔ hyɛɛ wɔn soɔ no,mo agyanom su frɛɛ AWURADE, na AWURADE somaa Mose ne Aaron na wɔyii mo agyanom firii Misraim maa wɔbɛtenaa ha yi.

9 Nanso wɔn werɛ firii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Hasor sahene Sisera nsa ne Filistifoɔ nsa ne Moabhene nsa, na wɔne wɔn bɛkoe.

10 Na wɔsu frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛagya AWURADE akɔsom Baalim ne Astarot, na afei yi yɛn firi yɛn atamfoɔ nsam, na yɛbɛsom wo.

11 Na AWURADE somaa Yerubaal, Bedan, Yefta ne Samuel, na ɔyii mo firi mo atamfoɔ nsam hyia maa motenaa ase dwoodwoo.

12 Na mohunuu sɛ Amonfoɔ hene Nahas reba mo soɔ no, moka kyerɛɛ me sɛ: Dabi, na ɔhene mmɛdi yɛn so, berɛ a na AWURADE mo Nyankopɔn ne mo hene.

13 Na afei, hwɛ, ɔhene a moyiiɛ a mosrɛɛ no no nie, na hwɛ, AWURADE asi mo so hene.

14 Sɛ mosuro AWURADE na mosom no na motie no, na moante AWURADE anomu asɛm so atua na mo ne ɔhene a ɔdi mo soɔ no nyinaa redi AWURADE mo Nyankopɔn akyi a, anka ɛyɛ.

15 Na sɛ moantie AWURADE na mote AWURADE anomu asɛm so atua a, ɛnneɛ AWURADE nsa bɛda mo so sɛdeɛ ɛdaa mo agyanom soɔ no.

16 Afei nso mommɛgyina ha nhwɛ adeɛ kɛseɛ a AWURADE rebɛyɛ mo anim yi.

17 Ɛnyɛ ayuotwa berɛ ne nnɛ? Mɛfrɛ AWURADE na wama aprannaa ne osuo aba, na moahwɛ ahunu sɛ mo bɔne a moayɛ AWURADE anim sɛ moabisa ɔhene afa no so.

18 Ɛnna Samuel frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa aprannaa ne osuo baa da no. Na ɔman no nyinaa suroo AWURADE ne Samuel sɛ.

19 Na ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpaeɛ ma wo nkoa, na yɛanwu, ɛfiri sɛ yɛde bɔne yi aka yɛn bɔne nyinaa ho, sɛ yɛabisa ɔhene afa.

20 Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro; moayɛ bɔne yi nyinaa deɛ, nanso AWURADE akyi na monnsane mmfire, na momfa mo akoma nyinaa nsom AWURADE.

21 Na mommmane nnkɔdi ade hunu a mfasoɔ ne ɛgyeɛ nni ho no akyi, na ɛyɛ ade hunu.

22 Na AWURADE din kɛseɛ no nti ɔrempa ne man, na ɛsɔ AWURADE ani sɛ ɔde mo bɛyɛ ne man;

23 me nso, ɛmpare me sɛ mɛgyae mo ho mpaebɔ de ayɛ AWURADE bɔne; na mɛkyerɛ mo kwan pa a ɛtene no.

24 Suro nko na monsuro AWURADE, na momfa mo akoma nyinaa nsom no nokorɛ mu. Na monhwɛ adeɛ kɛseɛ a wayɛ ama mo no.

25 Na sɛ bɔne ara na mobɛyɛ a, ɛnneɛ wɔbɛsesa mo ne mo hene nyinaa akɔ.

1 Samuel 13

Filistifoɔ so satuo

1 Saulo bɛdii hene na wadi bɛboro mfirinhyia aduasa.Na ɔdii Israel so hene mfeɛ mmienu no,

2 ɔyii Israel mu nnipa mpensa fae. Na wɔn mu mpennu wɔ Saulo nkyɛn, Mikmas ne Betel bepɔ so, na apem wɔ Yonatan nkyɛn Gibea-benyamin; na ɔman a aka no, ɔgyaa wɔn kwan maa wɔkɔɔ wɔn ntomadan mu.

3 Na Yonatan kaa Filistifoɔ bansifoɔ a wɔwɔ Geba no gui; na Filistifoɔ teeɛ. Ɛnna Saulo hyɛnee totorobɛnto asase no nyinaa soɔ sɛ: Momma Hebrifoɔ nte!

4 Na Israel nyinaa tee sɛ Saulo aka Filistifoɔ bansifoɔ no agu ne sɛ Israel ama wɔn ho ayɛ Filistifoɔ ahi. Na wɔhyiahyiaa ɔman no boaa ano, Saulo nkyɛn wɔ Gilgal.

5 Na Filistifoɔ boaboaa wɔn ano sɛ wɔne Israel rebɛko: Nteaseɛnam mpem aduasa ne apɔnkɔfoɔ mpemnsia ne dɔm a ne dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Na wɔforo ba bɛkyeree nsraban Mikmas, Bet-awen apueeɛ.

6 Na Israel mmarima no hunuu sɛ ɛredene wɔn, (ɛfiri sɛ wɔhyɛɛ ɔman no ahometeɛ), na ɔman no huntahuntaa abodan ne amena ne abotan ne aboda ne mmura mu.

7 Na Hebrifoɔ no bi twaa Yordan kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Na Saulo da so wɔ Gilgal, na ɔman no nyinaa de ahopopoɔ dii n’akyi.

Saulo afɔrebɔ a ɛmfata

8 Na ɔtwɛnee nnanson a ɛne berɛ a Samuel hyɛeɛ no; nanso Samuel amma Gilgal, na ɔman no firii ne ho hwetee.

9 Ɛnna Saulo kaa sɛ: Momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no mmrɛ me. Na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.

10 Na hwɛ, ɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ ara pɛ, na Samuel baeɛ; na Saulo firii adi sɛ ɔrekɔhyia no akyea no.

11 Ɛnna Samuel kaa sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Na Saulo se: Mehunuu sɛ ɔman no refiri me ho ahwete, na wo nso woamma berɛ a wohyɛeɛ no, na Filistifoɔ aboa wɔn ano Mikmas,

12 ɛnna mese: Afei Filistifoɔ bɛsiane aba me so Gilgal, nso mennya menyii AWURADE mpaeɛ, enti na mehyɛɛ me ho mebɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.

13 Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Woadi nkwaseasɛm, woanni AWURADE wo Nyankopɔn mmara asɛm a ɔhyɛɛ woɔ no so. Na anka afei na AWURADE rebɛma w’ahennie atim Israel so daa:

14 Na afei w’ahennie rennyina. AWURADE bɛhwehwɛ n’akoma so barima afa, na AWURADE asi ne man so hene, ɛfiri sɛ woanni deɛ AWURADE hyɛɛ woɔ no so.

15 Na Samuel sɔre firii Gilgal kɔɔ Gibea-benyamin. Na Saulo kan ɛdɔm a wɔne no wɔ hɔ no, mmarima bɛyɛ ahansia.

16 Na Saulo ne ne ba Yonatan ne ɛdɔm a wɔne wɔn wɔ hɔ no tenaa Gibea-benyamin, nso na Filistifoɔ akyere nsraban wɔ Mikmas.

17 Na afomfafoɔ akuo mmiɛnsa firi Filistifoɔ nsram bae: Asafokuo baako te faa Ofra kwan so kɔɔ Sual asase so;

18 na asafokuo baako te faa Bet-horon kwan so, na asafokuo baako nso te faa ɛhyeɛ a ɛkyerɛ Seboim bonhwa no kwan so kɔɔ ɛserɛ so fam.

19 Nanso na ɔtomfoɔ biara nni Israel asase no so baabiara, ɛfiri sɛ Filistifoɔ kaa sɛ: Anyɛ saa a, Hebrifoɔ bɛbɔ nkrantɛ ne mpea.

20 Na na Israel nyinaa siane kɔ Filistifoɔ nkyɛn kɔse wɔn funtum nnadeɛ ne wɔn nsɔ ne wɔn nkuma ne wɔn kantankrankyi;

21 na wɔgye funtum nnadeɛ ne nsɔsɔ no biara ho dwetɛbena abupɛn mmiɛnsa mu baako, na wɔse nkuma anaa wɔsiesie nnadeɛ a wɔde ka mmoa nso a, wɔgye dwetɛbena abupɛn mmiɛnsa mu baako mmɔho.

22 Na koda no, wɔanhunu nkrantɛ anaa pea ɛdɔm a wɔne Saulo ne Yonatan wɔ hɔ no mu biara nsam gye Saulo ne ne ba Yonatan nsam na wɔhunuu bie.

23 Na Filistifoɔ bansifoɔ no firii adi kɔɔ Mikmas afaeɛ.

1 Samuel 14

Yonatan mmarimasɛm

1 Na da bi Saulo ba Yonatan ka kyerɛɛ n’abɔfra a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: Bra ma yɛnkɔ Filistifoɔ bansifoɔ a wɔwɔ nohoa no ho. Nanso wanka ankyerɛ n’agya.

2 Na Saulo te Gibea kurotia, atoaa dua a ɛwɔ Migron no ase, na ɛdɔm a na wɔne no wɔ hɔ no bɛyɛ mmarima ahansia.

3 Na Ahiya a ɔyɛ AWURADE sɔfoɔ Eli a ɔtenaa Silo no ba Pinehas ba Ikabod nua Ahitub ba hyɛ asɔfotadeɛ no. Na ɔman no nnim sɛ Yonatan kɔ.

4 Na afaeɛ a Yonatan pɛ sɛ ɔfa mu kɔ Filistifoɔ bansifoɔ no soɔ no, ɔbotan a ano yɛ nnam wɔ ɔfa ha na ɔbotan a ano yɛ nnam nso wɔ ɔfa ha; baako din de Boses na baako din de Sene;

5 baako ano kyerɛ atifi fam Mikmas ntentensoɔ, na baako ano kyerɛ anafoɔ fam Geba ntentensoɔ.

6 Na Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: Bra ma yɛntwam nkɔ momonotofoɔ bansifoɔ yi ho, ebia AWURADE bɛdi ama yɛn, na biribiara nsi AWURADE kwan sɛ ɔde ade bebree anaa ketewa bɛgye nkwa.

7 Na n’akodeɛkurani no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ deɛ ɛwɔ w’akomam nyinaa; dane wo ho, hwɛ, meka wo ho sɛdeɛ w’akoma pɛ.

8 Ɛnna Yonatan kaa sɛ: Hwɛ, yɛrebɛtwam akɔ nnipa no ho akɔyi yɛn ho akyerɛ wɔn,

9 na sɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ: Monnyina hɔ na yɛmmra mo nkyɛn a, ɛnneɛ yɛbɛgyina yɛn gyinabea na yɛremforo nkɔ wɔn nkyɛn.

10 Na sɛ wɔka sɛ: Momforo mmra yɛn so a, ɛnneɛ yɛbɛforo akɔ, ɛfiri sɛ AWURADE de wɔn ahyɛ yɛn nsa, na yei bɛyɛ yɛn nsɛnkyerɛnneɛ.

11 Na wɔn baanu no yiyii wɔn ho kyerɛɛ Filistifoɔ bansifoɔ no. Na Filistifoɔ no kaa sɛ: Hwɛ, Hebrifoɔ no refiri adi afiri ntokuro a wɔhuntahuntaa mu no mu.

12 Na nsraban no mufoɔ buaa Yonatan ne n’akodeɛkurani no sɛ: Momforo mmra yɛn nkyɛn na yɛnkyerɛ mo biribi. Na Yonatan ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani no sɛ: Foro di m’akyi, na AWURADE de wɔn ahyɛ Israel nsa.

13 Na Yonatan de ne nsa ne ne nan foroe, na n’akodeɛkurani no dii n’akyi, na wɔtotɔɔ Yonatan anim, na n’akodeɛkurani no kunkumm dii n’akyi.

14 Na nnipa a ɛdi kan a Yonatan ne n’akodeɛkurani kumm wɔn no bɛyɛ nnipa aduonu, wɔ mpasua a ɛbɛyɛ anantwie mpamho funtum kwan fa so.

15 Na ehu baa nsraban no mu, petee mu ne ɛdɔm no nyinaa mu; bansifoɔ no ne fomfafoɔ no nso ehu kaa wɔn, na asase no wosoe; na ɛyɛɛ ehu kɛse pa ara.

16 Na Saulo awɛmfoɔ a wɔwɔ Gibea-benyamin no hwɛe, na hwɛ, na nnipakuo no rehwete fa ha sene ha.

17 Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ ɛdɔm a wɔne no wɔ hɔ no sɛ: Monkan na monhunu deɛ wafiri yɛn mu korɔ. Na wɔkanee, na hwɛ, na Yonatan ne n’akodeɛkurani nni hɔ.

18 Na Saulo ka kyerɛɛ Ahiya sɛ: Kɔfa Nyankopɔn adaka no bra. Nso ɛda no na Nyankopɔn adaka no wɔ Israelfoɔ no nkyɛn.

19 Na Saulo ne ɔsɔfoɔ no rekasa no, Filistifoɔ nsram kitikitiyɛ no kɔɔ so dɔɔso ara. Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ no sɛ: Twe wo nsa!

20 Na Saulo ne ɛdɔm a wɔka ne ho no nyinaa hyia boaa ano kɔɔ nsraban no mu, na hwɛ, na wɔn nyinaa de nkrantɛ reko tia wɔn ho, na ɛyɛ kitikiti kɛseɛ pa ara.

21 Nso Hebrifoɔ a na wɔka Filistifoɔ no ho kane a wɔne wɔn foro baa nsraban no mu firi asase a atwa ahyia no soɔ no, wɔn nso bɛkaa Israelfoɔ a wɔka Saulo ne Yonatan ho no ho.

22 Na Israelfoɔ a wɔkɔhuntahuntaa Efraim bepɔ soɔ no nyinaa tee sɛ Filistifoɔ adwane no, wɔn nso tu saa wɔn ne wɔn koeɛ.

23 Ɛno nti AWURADE gyee Israel da no; na wɔkoeɛ ara kɔtwaa mu Bet-awen.

Saulo ahyɛdeɛ bɔne

24 Na ɛdenee Israel mmarima da no; na Saulo kaa ɔman no ntam sɛ: Nnome nka obiara a ɔbɛdidie ansa na onwunu adwoɔ, na mentɔ m’atamfoɔ so were. Enti ɔman no mu, obiara amfa aduane anka n’ano.

25 Na ɔman no nyinaa duruu kwaeɛ bi mu no, na ɛwoɔ wɔ fam.

26 Na ɔman no duruu kwaeɛ no mu no, na hwɛ, ɛwoɔ resosɔ; nanso obiara amfa ne nsa ankɔ n’ano, ɛfiri sɛ ɔman no suro ntam no.

27 Nso Yonatan deɛ, n’agya reka ɔman no ntam no, wante; na ɔde poma a na ɔkura no ano kaa ɛwoɔ no bi, na ɔde ne nsa kɔɔ n’ano, na n’ani so tetee no.

28 Na nkurɔfoɔ no mu baako kaa sɛ: W’agya aka dɔm no ntam sɛ: Nnome nka obiara a ɔbɛdidi nnɛ; nso na nkurɔfoɔ no retɔ piti.

29 Na Yonatan kaa sɛ: M’agya aha asase yi. Monhwɛ sɛ mekaa ɛwoɔ yi kakra mehwɛeɛ yi, m’ani so atete me;

30 na sɛ anka ɛdɔm yi dii wɔn atamfoɔ asadeɛ a wɔnyaeɛ no bi ɛ! Afei anka ɔkum kɛseɛ na Filistifoɔ kum no bɛyɛ.

Saulo ne amanaman no di ako

31 Na wɔkum Filistifoɔ no da no firi Mikmas kɔduruu Ayalon; na ɛdɔm no tɔɔ piti sɛ.

32 Na ɛdɔm no to kɔhyɛɛ asadeɛ no so, na wɔfaa nnwan ne anantwie ne anantwie mma kunkumm wɔn ɛfam, na ɛdɔm no dii no mogya mu.

33 Na wɔka kyerɛɛ Saulo sɛ: Hwɛ, ɛdɔm no reyɛ AWURADE bɔne sɛ wɔdi no mogya mu. Na ɔkaa sɛ: Moafom, mommuni ɔbo kɛseɛ mmrɛ me nnɛ.

34 Na Saulo kaa sɛ: Monhwete nkɔ ɛdɔm no mu nkɔka nkyerɛ wɔn sɛ: Momfa mo anantwie ne mo nnwan mmra me nkyɛn mmɛku wɔn ha nni, na monnyɛ AWURADE bɔne sɛ mobɛdi no mogya mu. Na ɛdɔm no nyinaa kurakura wɔn anantwie bae anadwo no bɛkunkum wɔn hɔ.

35 Na Saulo sii afɔrebukyia maa AWURADE. Ɛno ne afɔrebukyia a ɛdi kan a ɔsi maa AWURADE.

36 Na Saulo kaa sɛ: Momma yɛnsiane nkɔti Filistifoɔ no anadwo yi, na yɛmfom wɔn mfa nkɔduru anɔpa, na yɛannya wɔn mu nipa baako mpo. Na wɔkaa sɛ: Deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ nyinaa yɛ! Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Momma yɛntwe mpini Onyankopɔn wɔ ha.

37 Na Saulo bisaa Onyankopɔn sɛ: Mensiane menti Filistifoɔ no anaa? Wode wɔn bɛhyɛ Israel nsa anaa? Na wammua no da no.

38 Ɛnna Saulo kaa sɛ: Mo ɛdɔm mu atitire nyinaa, montwe mpini ha, na monhwɛ nhunu adekodeɛ a enti bɔne yi aba nnɛ.

39 Na sɛ AWURADE a ɔgye Israel te aseɛ yi, sɛ ɛwɔ me ba Yonatan mpo so a, wuo na ɔbɛwuo. Na ɛdɔm no mu biara ammua no.

40 Ɛnna ɔka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Mo deɛ, monkɔ afa, na me ne me ba Yonatan nso nkɔ afa. Na ɛdɔm no ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ no yɛ!

41 Na Saulo kaa sɛ: Ao, AWURADE Israel Nyankopɔn, Adɛn nti na wommua w’akoa nnɛ yi? Sɛ ɛyɛ me anaa me ba Yonatan na ɛdi fɔ anaa Israelfoɔ yi a, ma nokorɛ nna adi. Na ɛbɔɔ Saulo ne ba Yonatan, na ɛdɔm no firii mu firii.

42 Ɛnna Saulo kaa sɛ: Montwe me ne me ba Yonatan ntam ntonto. Na ɛbɔɔ Yonatan.

43 Na Saulo ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Kyerɛ me deɛ woyɛeɛ. Na Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: Ka na mede me nsam poma ti mekaa ɛwoɔ kakra mehwɛeɛ. Hwɛ, wuo na mɛwuo!

44 Na Saulo kaa sɛ: Yonatan, Onyankopɔn nyɛ saa na ɔnkɔ so nyɛ saa, sɛ wuo na wobɛwuo.

45 Na ɛdɔm no ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Yonatan a wayɛ Israel mu ɔgyeɛ adwuma kɛseɛ yi nwu anaa? Ɛmpare no! Sɛ AWURADE te aseɛ yi, ne tirinwi baako mpo rentɔ fam, ɛfiri sɛ ɔne Onyankopɔn na ayɛ adeɛ nnɛ da yi. Na ɔman no gyee Yonatan na wanwu.

46 Ɛnna Saulo firii Filistifoɔ no akyiridie sane baeɛ, na Filistifoɔ no kɔɔ wɔn nkuro mu.

47 Na Saulo dii Israel so hene no, ɔne n’atamfo nyinaa kɔko hyiae, ɔne Moab ne Amonfoɔ ne Edom ne Soba ahemfo ne Filistifoɔ koeɛ; na baabiara a ɔdanee ne ho koeɛ no, ɔdii nim.

48 Na ɔyɛɛ mmaninneɛ, na ɔkɔkumm Amalekfoɔ, na ɔgyee Israel wɔn afomfafoɔ nsam.

49 Nso Saulo mmammarima ne Yonatan, Isui ne Malkisua, na ne mmammaa baanu din nie: Abakan no din de Merab, na akumaa no din de Mikal.

50 Na Saulo yere din ne Ahinoam, Ahimaas ba. Na ne sahene din ne Abner, Saulo agya nua Ner ba.

51 Na Saulo agya Kis ne Abner agya Ner yɛ Abiel mma.

52 Na ɛko denden daa Filistifoɔ so Saulo nna nyinaa. Na sɛ Saulo hunu ɔbarima hoɔdenfoɔ biara anaa obiara a ɔyɛ nnam a, ɔkɔfa no ba ne nkyɛn.

1 Samuel 15

Saulo asoɔden

1 Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Me na AWURADE somaa me sɛ memmɛsra wo ngo mensi wo ne man so hene: Na afei, tie AWURADE nsɛm.

2 Sɛɛ na asafo AWURADE seɛ: Mahunu deɛ Amalek yɛɛ Israel, sɛdeɛ wɔfiri Misraim reba no wɔbɛtwaree wɔn ɛkwan mu.

3 Na afei kɔ na kɔkum Amalek, na monsɛe deɛ wɔwɔ nyinaa pasapasa, na nhu wɔn mmɔbɔ, na kum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne nnwan, yoma ne mfunumu.

4 Ɛnna Saulo maa ɔman no teeɛ, na ɔkan wɔn wɔ Telaim, mmarima a wɔnam anammɔn mu mpem ahanu ne Yuda mmarima mpem du.

5 Na Saulo duruu Amalek kuro kɛseɛ no so, na ɔde atɛfoɔ sisii bonhwa no mu.

6 Na Saulo ka kyerɛɛ Kenifoɔ no sɛ: Monkɔ, momfiri Amalek mu nsiane nkɔ, na mampra wo mamfra wɔn; na wo deɛ, woyɛɛ Israelfoɔ nyinaa adɔeɛ berɛ a wɔfiri Misraim reba no. Ɛnna Kenifoɔ firii Amalek mu kɔeɛ.

7 Na Saulo kunkumm Amalek firii Hawila de kɔsii baabi a w’ani kyerɛ Sur a ɛda Misraim apueeɛ fam no.

8 Na ɔkyeree Amalekhene Agag animono, na ɔman no nyinaa deɛ, ɔde nkrantɛ ano sɛee wɔn pasapasa.

9 Na Saulo ne dɔm no hunuu Agag ne nnwan ne anantwie a wɔyɛ ne wɔn a wɔadodɔre sradeɛ ne nnwammuruwa ne deɛ ɛyɛ no nyinaa mmɔbɔ, na wɔampɛ sɛ wɔsɛe wɔn; na adeɛ biara a wɔmmuo na ɛnyɛ mma hwee no deɛ, wɔsɛee no pasapasa.

10 Ɛnna AWURADE asɛm baa Samuel nkyɛn sɛ:

11 Manu me ho sɛ mede Saulo sii hene, ɛfiri sɛ wasane afiri m’akyi, na wamma me nsɛm annyina. Na ɛyɛɛ Samuel awerɛho, na ɔsu frɛɛ AWURADE anadwo no nyinaa.

12 Na Samuel tuaa nhema sɛ ɔrekɔhyia Saulo anɔpa; na wɔka kyerɛɛ Samuel sɛ: Saulo aba Karmel, na hwɛ, wasi ne nkaeɛ dum, na wadane ne ho atwam asiane rekɔ Gilgal.

13 Na Samuel duruu Saulo nkyɛn no, Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE nhyira wo. Mama AWURADE asɛm no atim.

14 Na Samuel kaa sɛ: Na ɛdeɛn ne nnwan su a ɛgu m’asom yi ne anantwie su a meteɛ yi?

15 Na Saulo sɛ: Amalekfoɔ mu na wɔde firi baeɛ, ɛfiri sɛ ɔman no dodoo nnwan ne anantwie a ɛyɛ no ho sɛ wɔde rebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE wo Nyankopɔn, na nkaeɛ no deɛ, yɛasɛe wɔn pasapasa.

16 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Gyae ma menka deɛ AWURADE ka kyerɛɛ me anadwo yi menkyerɛ wo. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa ɛ!

17 Na Samuel kaa sɛ: Ɛwom sɛ woyɛ wo ara w’ani so ketewa deɛ, nanso ɛnyɛ wone Israel mmusuakuo ti? AWURADE sraa wo sɛ di Israel so hene;

18 na AWURADE somaa wo akwankorɔ bi sɛ: Kɔ na kɔsɛe Amalekfoɔ nnebɔneyɛfoɔ no pasapasa, na ɛne wɔn nko kɔsi sɛ wobɛhye wɔn.

19 Adɛn nti na woantie AWURADE, na woato ahyɛ asadeɛ soɔ, na woayɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne yi?

20 Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Matie AWURADE, na makɔ kwan a AWURADE somaa me no, na mede Amalekhene Agag aba, na masɛe Amalek pasapasa!

21 Na ɔman no faa asadeɛ no mu nnwan ne anantwie, ahyiradeɛ no mu adikaneɛ, sɛ wɔde rebɛbɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔdeɛ Gilgal.

22 Na Samuel kaa sɛ:

AWURADE pɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ

sene tie a wobɛtie AWURADE anaa?

Hwɛ, setie yɛ sene afɔdeɛ,

na asoyɛ kyɛne adwennini sradeɛ.

23 Na atuateɛ te sɛ woakɔ abisa,

na asoɔden te sɛ amumuyɛ ne ahonisom.

Ɛsiane sɛ woapo AWURADE asɛm nti,

ɔno nso apo wo afiri ahennie no so.

24 Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Mayɛ bɔne sɛ mafom wɔ AWURADE anomu asɛm ne wo nsɛm ho, sɛ mesuroo ɔman no na metiee wɔn.

25 Na afei fa me bɔne firi me, na wo ne me nsane na menkɔsɔre AWURADE.

26 Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Me ne wo rensane nkɔ, ɛfiri sɛ woapo AWURADE asɛm, na AWURADE nso apo wo sɛ nni Israel so hene.

27 Na Samuel danee ne ho rekorɔ no, ɔsɔɔ ne batakari ano, na ɛsuanee.

28 Na Samuel ka kyerɛɛ no sɛ: Suane na AWURADE asuane Israel ahennie afiri wo nsam nnɛ, na ɔde ama wo yɔnko a ɔyɛ sene woɔ.

29 Nso Israel Teasefoɔ Nyankopɔn no renni atorɔ na ɔrennu ne ho, ɛfiri sɛ ɔnyɛ onipa na wanu ne ho.

30 Ɛnna ɔse: Mayɛ bɔne deɛ, nanso afei di me ni me man mpanimfoɔ ne Israel nyinaa anim: Ɛne me nsane nkɔ, na menkɔsɔre AWURADE wo Nyankopɔn.

31 Ɛnna Samuel sane kɔdii Saulo akyire; na Saulo kɔsɔree AWURADE.

32 Na Samuel se: Momfa Amalekhene Agag mmrɛ me ha. Na Agag baa ne nkyɛn anigyeɛ so. Na Agag se: Ampa, owuoyea atwam kɔ.

33 Na Samuel se: Sɛ wo nkrantɛ maa mmaa dii mmasugya no, saa ara nso na wo na bɛdi basugya mmaa mu. Na Samuel twitwaa Agag AWURADE anim wɔ Gilgal.

34 Ɛnna Samuel sii mu kɔɔ Rama. Na Saulo nso foro kɔɔ ne fie Gibea-saulo.

35 Na Samuel ammɛhwɛ Saulo bio kɔsii ne wuda, na Samuel gyam Saulo; na AWURADE nuu ne ho sɛ ɔde Saulo dii Israel so hene.

1 Samuel 16

Wɔsra Dawid si no hene

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wobɛgyam Saulo akɔsi da bɛn? Na me deɛ, mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yisai nkyɛn, ɛfiri sɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa.

2 Na Samuel se: Mɛyɛ dɛn makorɔ? Na Saulo te a, ɔbɛku me. Na AWURADE se: Fa nantwie ba kura na kɔka sɛ: Mebaa sɛ merebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE.

3 Na frɛ Yisai bra afɔdeɛ no ho, na me ara mɛkyerɛ wo deɛ yɛ, na sra deɛ mɛka makyerɛ woɔ no ma me.

4 Na Samuel yɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no, na ɔkɔɔ Betlehem. Na kuro no mu mpanimfoɔ de ahopopoɔ bɛhyiaa no bisaa no sɛ: Woaba no asomdwoeɛ mu anaa?

5 Na ɔse: Asomdwoeɛ mu: Mebaa sɛ merebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE; monnwira mo ho na mo ne me nkɔ afɔdeɛ no ho. Na ɔdwiraa Yisai ne ne mma no ho, na ɔfrɛɛ wɔn baa afɔdeɛ no ho.

6 Na wɔbaa mu no, ɔhunuu Eliab, na ɔse: Ampa, deɛ AWURADE asra no no na ɔwɔ n’anim yi.

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tenteneyɛ, na mempɛ no; na menhwɛ deɛ onipa hwɛ, na onipa hwɛ deɛ ɛtua aniwa, na AWURADE deɛ, ɔhwɛ akoma mu.

8 Ɛnna Yisai frɛɛ Abinadab maa no twaa mu Samuel anim. Na ɔse: Oyi nso, AWURADE mfaa no.

9 Na Yisai maa Sama twaa mu. Na ɔse: Oyi nso, AWURADE mfaa no.

10 Na Yisai maa ne mma baason bɛtwaa mu Samuel anim. Na Samuel ka kyerɛɛ Yisai sɛ: AWURADE nyii yeinom.

11 Na Samuel ka kyerɛɛ Yisai sɛ: Mmeranteɛ no nyinaa nie? Na ɔse: Aka akumaa no, na hwɛ, ɔrehwɛ nnwan. Na Samuel ka kyerɛɛ Yisai sɛ: Soma ma wɔnkɔfa no mmra, na yɛrentena ase gye sɛ waba ha ansa.

12 Na ɔsoma maa wɔkɔfaa no baeɛ. Nso na ɔbere, na n’animma yɛ fɛ, na ne ho nso yɛ fɛ. Na AWURADE kaa sɛ: Sɔre sra no, na ɔno ara nie.

13 Ɛnna Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na AWURADE honhom sii Dawid so, ɛfiri da no ara de rekorɔ no. Ɛnna Samuel sɔre baa Rama.

Dawid ba Saulo ahemfie

14 Na AWURADE honhom firii Saulo ho, na honhommɔne firi AWURADE nkyɛn bɛhaa no.

15 Na Saulo nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ ɛ, Nyankopɔn honhommɔne bi na ɛreha woɔ yi.

16 Ma yɛn wura nka nkyerɛ wo nkoa a wɔwɔ w’anim yi, na wɔnkɔhwehwɛ obi a ɔnim sankuo bɔ, na sɛ Nyankopɔn honhommɔne no ba wo so a, ɔde ne nsa abɔ ama wo ho atɔ wo.

17 Na Saulo ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monhwehwɛ obi a ɔnim bɔ yie mma me ɛ, na momfa no mmrɛ me.

18 Na mmeranteɛ no mu baako buaa sɛ: Hwɛ, mahunu Betlehemni Yisai ba bi a ɔnim bɔ, ɔyɛ ɔbarima a ɔtumi ne ho ne ɔkofoni, na ɔhunu nsɛm mu, na ne ho nso yɛ fɛ, na AWURADE di n’akyi.

19 Na Saulo somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Yisai nkyɛn kɔkaa sɛ: Ma wo ba Dawid a ɔwɔ nnwan ho no mmra me nkyɛn.

20 Na Yisai faa afunumu de paanoo ne nsa kotokuo ma, ne ɔpapo soaa no, na ɔde somaa ne ba Dawid kɔmaa Saulo.

21 Na Dawid baa Saulo nkyɛn, na ɔbɛyɛɛ ne somfoɔ. Na Saulo dɔɔ no sɛ, na ɔde no yɛɛ n’akodeɛkurani.

22 Na Saulo soma maa wɔkɔɔ Yisai nkyɛn kɔkaa sɛ: Ma Dawid nsom me, na wanya m’anim animuonyam.

23 Na sɛ Nyankopɔn honhom no ba Saulo so a, na Dawid afa sankuo na ɔde ne nsa abɔ, na Saulo ho adwo no, na ne ho atɔ no, na honhommɔne no afiri ne so kɔ.

1 Samuel 17

Dawid kum Goliat

1 Na Filistifoɔ boaboaa wɔn dɔm ano sɛ wɔrebɛdi ako, na wɔbɛboaa wɔn ano Soko a ɛyɛ Yuda dea no, na wɔbɛkyeree nsraban Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-damim.

2 Na Saulo ne Israel mmarima boaboaa wɔn ano na wɔkɔkyeree nsraban Ela bonhwa mu, na wɔtwitwaa mpasua sɛ wɔne Filistifoɔ rehyia akɔko.

3 Na Filistifoɔ gyina bepɔ so ɔfa ha, na Israel nso gyina bepɔ so ɔfa ha, na bonhwa da wɔn ntam.

4 Na ɔbarima katakyie bi firi Filistifoɔ nsram firii adi, a ne din de Goliat a ɔfiri Gat, na ne tentene yɛ basafa nsia ne saama.

5 Na kɔbere mfrafraeɛ kyɛ hyɛ ne ti, na ɔhyɛ kɔbere mfrafraeɛ abono akotadeɛ, a n’akotadeɛ no mu duro yɛ nnwetɛbena mpemnum.

6 Na kɔbere mfrafraeɛ nkataho kata ne nan ho, na kɔbere mfrafraeɛ pɛmɛ wɔ ne mmatiri so.

7 Na ne pea dua te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua, na ne pea ti kari dadeɛ nnwetɛbena ahansia; na ɛkyɛmkurani di n’anim.

8 Na ɔbɛgyinaa hɔ teaa mu frɛɛ Israel mpasua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na moafiri aba mpasua so rebɛko yi? Menyɛ Filistini na mo nso moyɛ Saulo nkoa? Monyi mo mu ɔbarima bi, na ɔnsiane mmra me nkyɛn.

9 Sɛ ɔtumi ne me ko na ɔku me a, ɛnneɛ yɛbɛyɛ mo nkoa; na sɛ me nso metumi no, na meku no a, ɛnneɛ monyɛ yɛn nkoa na monsom yɛn.

10 Na Filistini no kaa sɛ: Me deɛ, meretwa Israel mpasua poa nnɛ da yi, momma me ɔbarima bi na yɛnko.

11 Na Saulo ne Israel nyinaa tee Filistini no nsɛm yi no, wɔn akoma tui, na wɔsuroo pa ara.

12 Nso Dawid yɛ Efratini a ɔfiri Betlehem Yuda a wɔfrɛ no Yisai a ɔwɔ mmammarima baawɔtwe no ba. Na Saulo nna no mu na ɔbarima no abɔ akora a ne mfeɛ akɔ anim ara yie.

13 Na Yisai mma mpanin baasa dii Saulo akyi kɔɔ ɔsa no; na ne mma baasa a wɔkɔɔ ɔsa no din nie: Abakan Eliab ne n’akyiriba Abinadab ne deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa Sama.

14 Na Dawid deɛ, na ɔno ne akumaa, na mpanimfoɔ baasa no dii Saulo akyiri kɔeɛ;

15 na Dawid deɛ, ɛyɛ a, ɔfiri Saulo nkyɛn sane kɔhwɛ n’agya nnwan wɔ Betlehem.

16 Na adaduanan, na Filistini no firi bɛgyina hɔ anɔpatutu ne anwummerɛ biara de ne ho kyerɛ.

17 Na Yisai ka kyerɛɛ ne ba Dawid sɛ: Fa wo nuanom nnoɔma yi, nkyeweɛ efa yi ne paanoo du yi, tu mmirika kɔ nsram kɔma wo nuanom;

18 na fa nufosuo a akyenkyen mua du yi kɔma apem so safohene no, na hwɛ sɛdeɛ wo nuanom ho teɛ, na fa wɔn ho biribi bra.

19 Nso na Saulo ne wɔn ne Israel mmarima nyinaa na ɛwɔ Ela bonhwa no mu ne Filistifoɔ reko.

20 Na Dawid sɔree anɔpahema gyaa nnwan no hyɛɛ ɔhwɛfoɔ nsa, na ɔsoa kɔeɛ, sɛdeɛ Yisai hyɛɛ no no; na ɔkɔduruu nteaseɛnam aboaeɛ; na ɛdɔm no refiri adi akɔ mpasua mu na wɔbɔɔ ɔko se,

21 na Israel ne Filistifoɔ atwitwa mpasua a ɛdɔm kyerɛ dɔm anim.

22 Ɛnna Dawid gyaa ne nnoɔma a na ɔkura no hyɛɛ nnoɔma so hwɛfoɔ nsa, na ɔtuu mmirika kɔɔ mpasua no mu na ɔkɔkyeaa ne nuanom no.

23 Na ɔne wɔn rekasa no, hwɛ, Filistini katakyie a wɔfrɛ no Goliat a ɔfiri Gat no, firi Filistifoɔ mpasua mu bae, na ɔbɛkekaa nsɛm no ara, na Dawid teeɛ.

24 Na Israel mmarima no nyinaa, wɔhunu ɔbarima no a, wɔdwanedwane firi n’anim, na wɔsuro sɛ.

25 Na Israel mmarima no kekaa sɛ: Sɛ moahunu ɔbarima a ɔreforo aba yi? Israel ara na waba rebɛtwa wɔn poa; na onii ko a ɔbɛku no no, ɔhene bɛma no anya ne ho sɛ, na ɔde ne babaa bɛma no aware, na wama n’agya fie ade wɔn ho wɔ Israel.

26 Na Dawid ka kyerɛɛ mmarima a wɔne no gyina hɔ no sɛ: Ɛdeɛn na wɔbɛyɛ onipa a ɔbɛku Filistini yi na wayi ahohora afiri Israel soɔ no? Na hwan mpo ne Filistini momonoto yi a ɔtwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa yi?

27 Na nkurɔfoɔ no kaa saa asɛm no ara kyerɛɛ no sɛ: Sɛɛ na wɔbɛyɛ onipa a ɔbɛku no no.

28 Na ne nua panin Eliab tee sɛ ɔne mmarima no rekasa; na Eliab bo fuu Dawid kaa sɛ: Adɛn nti na wosiane baa ha? Na hwan na wogyaa nnwan kakra a wɔwɔ wiram no hyɛɛ ne nsa? Me deɛ, menim w’aniɛden ne w’akoma mu bɔne dada sɛ ɔko no hwɛ nti na wosiane baeɛ.

29 Na Dawid se: Na mayɛ dɛn? Ɛnyɛ asɛm bi ntira?

30 Na ɔdanee ne ho firii ne nkyɛn kyerɛɛ obi, na ɔkaa saa asɛm no ara; na nkurɔfoɔ no de akane asɛm no ara buaa no.

31 Na wɔtee Dawid nsɛm a ɔkaeɛ no, wɔde kɔtoo Saulo anim, na ɔmaa wɔkɔfaa no baeɛ.

32 Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Mma ne ho nnyɛ obiara akomatuo; w’akoa bɛkɔ akɔne Filistini yi ako.

33 Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Wontumi nkɔ nkɔne Filistini no nko, ɛfiri sɛ wo deɛ, woyɛ abɔfra, na ɔno deɛ, ɔyɛ ɔbarima kofoni firi ne mmɔfraase.

34 Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: W’akoa rehwɛ n’agya nnwan na sɛ gyata ne sisire ba bɛkyere adwammaa firi ekuo no mu a,

35 mefiri adi meti no mekɔbɔ no, na meyi no mefiri n’anomu; na sɛ ɔsɔre tia me a, mesɔ ne bɔdwesɛ mu mebɔ no meku no.

36 W’akoa akum gyata ne sisire nyinaa, na Filistini momonoto yi nyɛ sɛ wɔn mu baako, sɛ watwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa.

37 Na Dawid kaa sɛ: AWURADE a ɔyii me gyata ne sisire nsam no, ɔno ara bɛyi me Filistini yi nsam. Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ, na AWURADE bɛdi w’akyi.

38 Na Saulo de ne ntadeɛ hyɛɛ Dawid na ɔde kɔbere mfrafraeɛ kyɛ soaa no, na ɔde nkataboɔ hyɛɛ no.

39 Na Dawid de ne nkrantɛ bɔɔ n’atadeɛ no so, na ɔde nante hwɛe; ɛfiri sɛ na ɔnnya nsɔ nhwɛe. Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Merentumi mfa yeinom nkɔ, ɛfiri sɛ mensɔ menhwɛe da; na Dawid yi firii ne ho.

40 Na ɔfaa ne poma kuraa ne nsam, na ɔyii mmoseaa a akokwa nnum firii subɔn no mu de guu ne nnwanhwɛfoɔ kotokuo ne bɔtɔ mu; na ɔkuraa ne ntɔmmoɔ ne nsam, na ɔtwe pinii Filistini no.

41 Na Filistini no nso nam reba, na ɔtwe pinii Dawid; na ɔbarima a ɔso kyɛm no di n’anim.

42 Na Filistini no totoo n’ani na ɔhunuu Dawid no, ɔbuu no animtia; ɛfiri sɛ ɔyɛ abɔfra, na ɔbere, na ne ho nso yɛ fɛ.

43 Na Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Meyɛ kraman na wode mpoma reba me nkyɛn yi? Na Filistini no frɛɛ ne nyame domee Dawid.

44 Na Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Bra me nkyɛn na memfa wo nam memma ewiem nnomaa ne wiram mmoa.

45 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Filistini no sɛ: Wo deɛ, wode nkrantɛ ne pea ne pɛmɛ na ɛreba me so, na me deɛ, mede asafo AWURADE, Israel mpasua a woatwa wɔn poa no Nyankopɔn din na mereba wo so.

46 Ɛnnɛ da yi AWURADE de wo bɛhyɛ me nsa, na maku wo, na matwa wo tiri afiri so, na mede Filistifoɔ dɔm afunu mama ewiem nnomaa ne asase so mmoadoma nnɛ ara, na asase nyinaa ahunu sɛ Onyankopɔn bi wɔ Israel,

47 na badwa yi nyinaa nso ahunu sɛ ɛnyɛ nkrantɛ ne pea na AWURADE de gye nkwa, ɛfiri sɛ ɔko no yɛ AWURADE dea, na ɔde mo bɛhyɛ yɛn nsa.

48 Na Filistini no sɔree sɛ ɔreba abɛhyia Dawid no, Dawid yɛɛ ntɛm tuu mmirika kɔɔ mpasua so kɔhyiaa Filistini no.

49 Na Dawid tenee ne nsa hyɛɛ kotokuo no mu yii ɔboɔ wɔ mu, na ɔtoo ntɔmmoɔ no bɔɔ Filistini no moma so, na ɔboɔ no hyɛnee ne tirim, na ɔhwee ase maa n’anim butuu fam.

50 Saa na Dawid de ntɔmmoɔ ne ɔboɔ faa Filistini no soɔ, na ɔbɔɔ Filistini no kumm no, nanso na nkrantɛ biara nkura Dawid nsam.

51 Enti Dawid tutuu mmirika kɔgyinaa Filistini no so, na ɔsɔɔ ne nkrantɛ mu twe firii bɔha mu, na ɔkumm no, na ɔde twaa ne ti. Na Filistifoɔ no hunuu sɛ wɔn brane awuo no, wɔdwaneeɛ.

52 Ɛnna Israel ne Yuda mmarima sɔre bɔɔ ose na wɔtii Filistifoɔ no kɔduruu Gat ne Ekron apono akyi. Na Filistifoɔ apirafoɔ no totɔɔ Saaraim kwan so de kɔduruu Gat ne Ekron.

53 Na Israelfoɔ no sane firii Filistifoɔ no akyiridie ne pamo denden no mu, na wɔbɛfom wɔn nsraban no faeɛ.

54 Na Dawid faa Filistini no ti, na ɔde baa Yerusalem; na n’akodeɛ deɛ, ɔde guu ne ntomadan mu.

55 Na Saulo hunuu Dawid sɛ ɔrefiri adi akɔhyia Filistini no no, ɔka kyerɛɛ ne safohene Abner sɛ: Abner, hwan ba ne aberanteɛ yi? Na Abner se: Ɔhene, sɛ wo kra te aseɛ yi, mennim.

56 Na ɔhene se: Wo deɛ, bisa onii ko a ne ba ne akwankwaa yi.

57 Na Dawid firi Filistini no kum resane aba no, Abner faa no de no baa Saulo anim, na Filistini no tiri no kura ne nsam.

58 Na Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: Aberanteɛ, hwan ba ne wo? Na Dawid buaa sɛ: W’akoa Yisai, Betlehemni no ba ne me.