2 Samuel 12

Natan ka Dawid anim

1 Na AWURADE somaa Natan maa no kɔɔ Dawid nkyɛn. Na ɔbaa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Mmarima baanu tenaa kuro bi mu, ɔbaako yɛ ɔdefoɔ, na ɔbaako yɛ ohiani.

2 Ɔdefoɔ no wɔ nnwan, mmirekyie ne anantwie bebree pa ara,

3 na ohiani no deɛ, na ɔnni hwee sɛ odwammereɛ ketewa baako a ɔtɔɔ no. Na ɔyɛnee no, na ɔne no ne ne mma bɔɔ mu nyinii. Ɔdi ne buprɛko bi, na ɔnom ne kuruwa ano, na ɔda ne koko mu, na ɔyɛɛ no sɛ ɔbabaa.

4 Da koro bi a ɔhɔhoɔ bi baa ɔdefoɔ no nkyɛn no, wampɛ sɛ ɔde ne nnwan ne n’anantwie no bi yɛ ɔkwantuni a ɔbɛsoɛɛ no no hɔhoɔ, na ɔkɔfaa ohiani no dwan no siesie maa ɔbarima a ɔbaa ne nkyɛn no.

5 Ɛnna Dawid bo fuu pii tiaa ɔbarima no, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, ɔbarima a ɔyɛɛ yei no sɛ wuo.

6 Na odwan no, ɔnhyɛ ananmu mprɛnnan, sɛ wadi saa asɛm yi na wanhunu mmɔborɔ.

7 Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Wone ɔbarima no! Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Me na mesraa wo ngo de wo sii Israel so hene, na me na meyii wo Saulo nsam;

8 na mede wo wura fie memaa wo, na mede wo wura yerenom nso meguu wo kokom, na mede Israel ne Yuda fie memaa woɔ; na sɛ ɛsua a, anka mede pii saa ara bɛka wo ho.

9 Adɛn nti na woabu AWURADE asɛm animtia ayɛ n’anim bɔne yi? Wode nkrantɛ akum Hetini Uria, na woafa ne yere ayɛ wo yere, na wode Amonfoɔ nkrantɛ adi no awu.

10 Na afei nkrantɛ remfiri wo fie da, ɛsiane sɛ woabu me animtia na woafa Hetini Uria yere abɛyɛ wo yere.

11 Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mɛma bɔne asɔre wo fie aba wo so, na magye wo yerenom w’anim mede mama wo yɔnko, na ɔne wo yerenom adeda petee mu, awia ketee.

12 Na wo deɛ, woyɛɛ no ahuntaeɛ mu, na me deɛ, mɛdi asɛm yi Israel nyinaa anim awia ketee.

Dawid pae mu ka ne bɔne

13 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ: Mayɛ AWURADE bɔne. Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE nso de wo bɔne akyɛ wo, worenwu.

14 Nanso sɛ wode asɛm a woadie yi ama AWURADE atamfoɔ anya kwan aka abususɛm atia no nti, ɔba a wɔawo no ama woɔ no bɛwu.

15 Na Natan kɔɔ ne fie.

Na AWURADE de owuyadeɛ bɔɔ ɔba a Uria yere no wo maa Dawid no.

16 Na Dawid srɛɛ Onyankopɔn maa abɔfra no; na Dawid bua dae, na ɔkɔɔ dan mu kɔdaa fam anadwo no.

17 Na ne fie mpanimfoɔ bɛgyinaa ne ho sɛ anka wɔbɛma ne so afiri fam; nanso wampene, na ɔne wɔn nso annidi.

18 Na da a ɛtɔ so nson no akɔkoaa no wui. Na Dawid asomfoɔ no suroo sɛ wɔbɛka akyerɛ no sɛ akɔkoaa no awu, na wɔkaa sɛ: Hwɛ, akɔkoaa no da so te aseɛ no mpo, yɛne no kasae, na wantie yɛn: Na yɛbɛyɛ dɛn aka akyerɛ no sɛ akɔkoaa no awu na ɔrenyɛ ne ho bɔne bi anaa?

19 Nanso ɛberɛ a Dawid hunuu sɛ n’asomfoɔ no reyɛ huhuhuhu no, ɔhunuu sɛ akɔkoaa no awu; enti Dawid bisaa ne nkoa no sɛ: Akɔkoaa no awu anaa? Na wɔse: Wawu.

20 Ɛnna Dawid sɔre firii fam, na ɔdware srae, na ɔsakyeraa n’atadeɛ, na ɔkɔɔ AWURADE fie kɔsɔree. Na ɔbaa ne fie, na ɔbisa maa wɔde aduane bɛsii n’anim, na ɔdiiɛ.

21 Ɛnna n’asomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Asɛm bɛn na woadie yi? Akokoaa no da so te aseɛ no, wobua dae na wosui; na akɔkoaa no wuiɛ mmom no, woasɔre adidi.

22 Ɔkaa sɛ: Akokoaa no da so te aseɛ no, mebua dae na mesui, na mese: Hwan na ɔnim sɛ ebia AWURADE bɛdom me na akɔkoaa no anya nkwa;

23 na afei wanya awu; adɛn nti na menni abuada? Mɛtumi masane de no aba bio anaa? Me na mɛkɔ ne nkyɛn, na ɔno deɛ, ɔrensane mma me nkyɛn.

24 Na Dawid kyekyeree ne yere Batseba werɛ; na ɔne no kɔdae; na ɔwoo babarima, na ɔtoo no din Salomo. Na AWURADE dɔ abɔfra no,

25 na ɔsoma nam Odiyifoɔ Natan so kɔtoo no din Yedidia,ɛsiane AWURADE nti.

Wɔko fa Raba

26 Na Yoab ne Amonfoɔ a wɔwɔ Raba koe, na ɔgyee ahenkuro no.

27 Na Yoab somaa abɔfoɔ maa wɔbaa Dawid nkyɛn sɛ: Me ne Raba ako, nso magye nsuo ano kuro no.

28 Na afei boaboa ɔman a aka no ano bɛkyere kuro no ho nsraban, na gye, na mannye kuro no, na wɔamfa me din anto so.

29 Na Dawid boaboaa ɔman no nyinaa ano kɔɔ Raba ne no kɔkoe, na ɔfaeɛ.

30 Na ɔyii wɔn hene abotire firii ne ti; na ne duro yɛ sika dwetikɛseɛ, na aboɔden aboɔ wɔ mu, na wɔde bɔɔ Dawid ti, na ɔde kuro no mu asadeɛ bebree pa firi baeɛ.

31 Na ɔde nnipa a wɔwɔ mu no firi bae, na ɔmaa wɔde awan ne fatudadeɛ ne dadeɛ mmonnua yɛɛ adwuma, na wɔyɛɛ adwuma denden, ntaayaa fononoo ho; na saa na ɔde yɛɛ Amonfoɔ nkuro nyinaa. Ɛnna Dawid ne ne man nyinaa sane baa Yerusalem.

2 Samuel 13

Amnon bɔne ne ne wuo

1 Na Dawid ba Absalom wɔ nuabaa fɛfɛ bi a ne din de Tamar. Na nna bi akyi no, Dawid ba Amnon pɛɛ no.

2 Na Amnon nuabaa Tamar nti ne ho hiahiaa no maa no patu yaree. Na ɔyɛ ɔbaabunu, saa nti ɛyɛɛ Amnon den sɛ ɔbɛyɛ no biribie.

3 Na Amnon wɔ adamfo bi a wɔfrɛ no Yonadab, Dawid nua Simea ba. Na Yonadab yɛ onitefoɔ yie.

4 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wo ɔhene ba mua wofɔn sei daa anɔpa yi? Worenka nkyerɛ me? Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: Mepɛ me nua Absalom nuabaa Tamar.

5 Na Yonadab ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔda wo mpa so, na patu yare; na sɛ w’agya bɛhwɛ wo a, ka kyerɛ no sɛ: Ma me nua Tamar mmra mmɛma me aduane, na ɔnyɛ aduane no m’anim nso, na menhunu, na menni no ne nsam.

6 Ɛno nti Amnon kɔdaeɛ, na ɔboapa yaree. Na ɔhene ba bɛhwɛɛ no no, Amnon ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma me nua Tamar mmra mmɛyɛ ɔfam mmienu m’anim na menni no ne nsam.

7 Na Dawid soma maa wɔkɔɔ Tamar nkyɛn efie sɛ: Kɔ wo nua Amnon fie ɛ, na kɔyɛ aduane ma no.

8 Na Tamar kɔɔ ne nua Amnon fie, faako a ɔda hɔ. Na ɔfaa mmɔre fɔtɔe, na ɔyɛɛ ɔfam n’anim, na ɔtoo ɔfam no.

9 Na ɔtoɛɛ dadesɛn no, na ɔhwiee no n’anim; nso wampɛ sɛ ɔdie. Na Amnon kaa sɛ: Ma obiara mfiri me ho mfiri adi. Na nnipa no nyinaa firii ne ho kɔeɛ.

10 Na Amnon ka kyerɛɛ Tamar sɛ: Fa aduane no bra piam na menni no wo nsam. Na Tamar faa ɔfam a ɔyɛeɛ no de kɔmaa ne nua Amnon pia no mu.

11 Nanso ɔde rema no sɛ ɔnnie no, ɔsɔɔ ne mu na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Bra, bɛda me nkyɛn, me nuabaa!

12 Na Tamar buaa no sɛ: Dabi, me nuabarima, mmrɛ me ase, na wɔnyɛ saa Israel mu; nni saa agyegyentwisɛm yi!

13 Na me deɛ, ɛhe mpo na mede m’ahohora bɛkorɔ? Na wo deɛ, wobɛyɛ sɛ Israel mu nnyegyentwie no bi. Na afei ɛne ɔhene nkɔkasa, na ɔremfa me nkame wo.

14 Nanso wampɛ sɛ ɔtie no, na ɛnam sɛ ne ho yɛ den sene no nti, ɔbrɛɛ no ase ne no dae.

15 Ɛnna Amnon de ɛtane kɛseɛ tanee no pii senee ɔdɔ a ɔdɔɔ no no. Na Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre kɔ!

16 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Dabi me nua, ɛfiri sɛ pamo a worepamo me yi bɔne sene deɛ woyɛɛ me no; nanso wampɛ sɛ ɔtie no.

17 Ɔfrɛɛ n’abɔfra a ɔsom no no sɛ: Pamo ɔbaa yi firi me so firi adi, na to ɛpono akyi korɔkorɔ mu wɔ n’akyi.

18 Nso na atadeɛ nworonnworan yuu bi hyɛ no, na saa ntadeɛ na na ɔhene mmammaa a wɔyɛ mmabunu no hyɛ. Na ne somfoɔ no de no firii adi, na ɔtoo ɛpono akyi korɔkorɔ mu wɔ n’akyi.

19 Ɛnna Tamar sesaa nso guu n’atifi, na ɔsunsuanee n’atadeɛ nworonnworan a ɛhyɛ no no mu, na ɔde ne nsa guu ne ti de benabɔ ara kɔe.

20 Na ne nua Absalom bisaa no sɛ: Wo nua Amnon ne wo ada anaa? Na afei, me nua, mua w’ano, ɔyɛ wo nua. Mfa w’akoma nto asɛm yi so. Na Tamar de awerɛhoɔ tenaa ne nua Absalom fie komm.

Absalom tɔ were Amnon so

21 Na Ɔhene Dawid tee nsɛm yi nyinaa no, ne bo fuu yie.

22 Na Absalom ne Amnon ankasa bɔne anaa papa. Na Absalom tanee Amnon, sɛ wabrɛ ne nua Tamar aseɛ nti.

23 Na mfeɛ mmienu akyiri no, Absalom maa wɔkɔtwitwaa ne nnwan ho wɔ Baal-hasor a ɛbɛne Efraim no, na Absalom hyiaa ɔhene mma nyinaa kɔɔ hɔ.

24 Na Absalom baa ɔhene nkyɛn bɛkaa sɛ: Hwɛ, w’akoa rema wɔakɔtwitwa ne nnwan ho nwi; enti mesrɛ ma ɔhene ne ne nkoa ne w’akoa nkɔ.

25 Na ɔhene ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Dabi, me ba, mma yɛn nyinaa nnkɔ, na yɛankɔyɛ wo so adesoa. Na ɔsrɛɛ no ara, nanso wampɛ sɛ ɔkorɔ, na ɔhyiraa no.

26 Ɛnna Absalom kaa sɛ: Sɛ ɛnte saa a, mesrɛ wo ma me nua Amnon ne yɛn nkɔ. Na ɔhene bisaa no sɛ: Adɛn nti na ɔne wo nkorɔ?

27 Na Absalom hyɛɛ no ara, na ɔmaa Amnon ne ɔhene mma no nyinaa ne no kɔe.

28 Nso na Absalom ahyɛ ne mmeranteɛ sɛ: Monhwɛ, na sɛ Amnon boro nsa tam na mese mo sɛ: Mommɔ Amnon a, monku no. Monnsuro, ɛnyɛ me na mahyɛ mo? Monyɛ den, na monyɛ mo ho mmarima.

29 Na Absalom mmeranteɛ no yɛɛ Amnon sɛdeɛ Absalom hyɛɛ wɔn no. Ɛnna ɔhene mma no nyinaa sɔresɔre tenatenaa wɔn mfunumu so dwanedwaneeɛ.

30 Na wɔnam kwan soɔ no, asɛm no duruu Dawid nkyɛn sɛ: Absalom akum ɔhene mmammarima no nyinaa, na wɔn mu baako mpo anka.

31 Ɛnna ɔhene sɔre sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔdaa fam, na ne nkoa nyinaa wɔgyinagyina hɔ asunsuane wɔn ntadeɛ mu.

32 Na Dawid nua Simea ba Yonadab kaa sɛ: Mma me wura nnnwene sɛ wɔakum ɔhene mma mmeranteɛ no nyinaa, na Amnon nko na wawuo, na na Absalom ahyɛ firi da no a ɔbrɛɛ ne nua Tamar aseɛ no.

33 Na afei mma me wura ɔhene mmfa asɛm no nnhyɛ n’akoma mu, sɛ ɔhene mma nyinaa awuwu, na Amnon nko na wawuo.

Absalom dwane

34 Na Absalom dwaneeɛ. Na aberanteɛ a ɔwɛn no no maa n’ani so hwɛe, na hwɛ, na nnipa bebree nam kwan a ɛwɔ n’akyire no so bepɔ ho nkyɛn mu reba.

35 Na Yonadab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ, ɔhene mma no reba; sɛ w’akoa kaeɛ no, sɛ ɛteɛ ne no.

36 Na ɔwiee kasa no ara pɛ na hwɛ, ɔhene mma no baeɛ, na wɔmemaa wɔn nne so sui, na ɔhene nso ne ne nkoa nyinaa nso suu kɛseɛ pa ara.

37 Na Absalom dwaneeɛ, na ɔkɔɔ Gesurhene Amihud ba Talmai nkyɛn. Na Dawid gyam ne ba no nna nyinaa.

38 Na Absalom dwane kɔɔ Gesur no, ɔtenaa hɔ mfeɛ mmiɛnsa.

39 Na Ɔhene Dawid ani gyinaa Absalom, ɛfiri sɛ na ne werɛ akyekye, Amnon wuo no ho.

2 Samuel 14

Yoab di ma Absalom

1 Na Seruia ba Yoab hunuu sɛ ɔhene akoma wɔ Absalom ho.

2 Na Yoab soma maa wɔkɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbaa nyansafoɔ bi firi hɔ bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Dane wo ho oyiyɛni, na hyɛ ayiyɛ ntadeɛ, nso nsra ngo, na yɛ sɛ ɔbaa a ɔfiri gyam owufoɔ akyɛreɛ.

3 Afei kɔ ɔhene nkyɛn na kɔka saa asɛm yi kyerɛ no. Na Yoab de nsɛm no hyɛɛ n’ano.

4 Na ɛberɛ a Tekoani baa no baa ɔhene nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase wɔ ɔhene anim kaa sɛ: Ɔhene boa me!

5 Na ɔhene bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na ayɛ woɔ? Na ɔse: Ampa, meyɛ okunafoɔ, me kunu awu.

6 Na w’afenaa wɔ mmammarima baanu, na wɔn baanu no kɔkoo wiram a ɔpatafoɔ biara nni hɔ, na ɔbaako bɔɔ ɔbaako maa no wui.

7 Na hwɛ, abusua no nyinaa asɔre atia w’afenaa sɛ: Yi deɛ ɔbɔɔ ne nua no ma, na ne nua a wadi no awuo no kra nti yɛnku no. Wɔnam yei so bɛsɛe ɔdedifoɔ no nso, na wɔde rebɛhye m’ase, na wɔannya din anaa okyikafoɔ biara amma me kunu asase so.

8 Na ɔhene ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Kɔ wo fie, na mɛhyɛ wo ho mmara bi.

9 Na Tekoani baa no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Me wura ɔhene, me ne m’agya fie so na ɛso yi nna, na ɔhene ne n’adwa nni bem.

10 Na ɔhene kaa sɛ: Obi ka wo asɛm bi a, fa no bra me nkyɛn, na ɔrensane nka wo bio.

11 Na ɔbaa no kaa sɛ: Ma ɔhene nkae AWURADE wo Nyankopɔn, na mogya ho weretɔfoɔ no ansane ankum bio, na wɔankum me ba. Na ɔse: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, wo ba nwi baako mpo rentɔ fam!

12 Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: Mesrɛ wo, ma w’afenaa nka me wura ɔhene asɛm bi. Na ɔse: Ka ɛ!

13 Na ɔbaa no se: Ɛnneɛ adɛn nti na woasusu saa adeɛ yi Nyankopɔn man ho, na sɛ ɔhene reka saa asɛm yi a, ɔte sɛ deɛ ɔdi fɔ, sɛ ɔhene nkɔfa ne nipa a wɔapam no no nsane mmra fie bio.

14 Ɛtwa sɛ yɛn nyinaa wuo, na yɛte sɛ nsuo a wɔahwie agu fam a wɔntumi mmoa ano bio; na Onyankopɔn rekum obi a ɔdwene akwan a ɛremma onipa a wɔapam no nsane mma fie bio.

15 Na afei deɛ enti a mebaeɛ na me ne me wura ɔhene abɛka asɛm yi ne sɛ, ɔman no maa mesuroe; na w’afenaa kaa sɛ: Me ne ɔhene bɛkɔ akɔkasa; ebia ɔhene bɛyɛ deɛ n’afenaa abisadeɛ ama no:

16 Sɛ ɔhene bɛtie na wayi n’abaawa afiri onipa a ɔpɛ sɛ ɔsɛe me ne me ba firi Nyankopɔn agyapadeɛ mu no nsam.

17 Na w’afenaa susuu sɛ: Me wura ɔhene asɛm bɛma me asomdwoeɛ, na sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ teɛ no, sɛ me wura ɔhene nso teɛ ne no, sɛ ɔhunu papa ne bɔne mu. Enti AWURADE wo Nyankopɔn nni w’akyi.

18 Ɛnna ɔhene bua see ɔbaa no sɛ: Nsi me asɛm biara a merebisa woɔ yi so. Na ɔbaa no se: Ma me wura ɔhene nkasa ɛ!

19 Na ɔhene bisaa no sɛ: Yoab nka wo ho yei nyinaa mu anaa? Na ɔbaa no buaa sɛ: Sɛ wo kra te aseɛ yi, me wura ɔhene, ɛnyɛ sɛ obi bɛmane nifa anaa benkum afiri deɛ me wura ɔhene aka no nyinaa ho; na w’akoa Yoab na ɔhyɛɛ me, na ɔno ara na ɔde nsɛm yi nyinaa hyɛɛ w’afenaa anomu;

20 na sɛ ɔbɛdane asɛm no ani aka nti na w’akoa Yoab ayɛ saa adeɛ yi, nanso me wura ɔhene yɛ onyansafoɔ sɛdeɛ Nyankopɔn bɔfoɔ nyansa teɛ, sɛ ɔbɛhunu deɛ ɛwɔ asase soɔ nyinaa.

21 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, mema wo kwan, kɔ na kɔfa aberanteɛ Absalom sane bra.

22 Na Yoab bɔɔ ne mu ase wɔ n’anim na ɔhyiraa ɔhene. Na Yoab kaa sɛ: Ɛnnɛ na w’akoa ahunu sɛ manya me wura ɔhene anim adom, sɛ ɔhene ayɛ deɛ n’akoa aka akyerɛ no.

23 Ɛno nti Yoab sii mu kɔɔ Gesur kɔfaa Absalom baa Yerusalem.

24 Na ɔhene kaa sɛ: Ma no mmane nkɔ ne fie, mempɛ sɛ mehunu n’anim. Ɛnna Absalom mane kɔɔ ne fie, na wanhunu ɔhene anim.

25 Nso Israel nyinaa mu na obiara ho nyɛ fɛ sɛ Absalom, na ɛma wɔkamfo no sɛ; ɛfiri ne nan ase kɔsi n’apampam ɛdɛm biara nni ne ho.

26 Na sɛ ɔyi ne ti a, (nso daa afe duru a ɔyi, ɛfiri sɛ, ɛyɛ a ne tiri afu dodo,) na wɔkari ne tirinwi no a, ɛyɛ nnwetɛbena ahanu ɔhene abrammoɔ so.

27 Na wɔwoo mmammarima baasa maa Absalom ne ɔbaa baako a wɔfrɛ no Tamar; ɔyɛ ɔbaa a ne ho yɛ fɛ.

28 Saa nti Absalom dii Yerusalem mfeɛ mmienu, nso wanhunu ɔhene anim da.

29 Na Absalom soma maa wɔkɔfrɛɛ Yoab sɛ ɔrebɛsoma no ɔhene nkyɛn, nso Yoab amma. Na ɔsomaa ne mprenu so, nso wamma.

30 Na ɔka kyerɛɛ n’asomfoɔ sɛ: Monhwɛ, Yoab afuo wɔ me deɛ ho na ɔwɔ atokoɔ wɔ hɔ, monkɔ nkɔto mu gya. Na Absalom nkoa no kɔtoo afuo no mu gya.

31 Ɛnna Yoab sɔre baa Absalom nkyɛn efie bɛka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wo nkoa de ogya akɔto m’afuo a mewɔ no mu?

32 Na Absalom ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, masoma ama wɔaba wo nkyɛn sɛ: Bra ha na mensoma wo ɔhene nkyɛn sɛ: Ɛdeɛn nti na mefiri Gesur mebaeɛ? Ɛyɛ ma me sɛ anka meda so mewɔ hɔ. Na afei mɛhunu ɔhene anim; na sɛ ɛso bi da me so a, ɔnku me.

33 Ɛnna Yoab kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no, na ɔfrɛɛ Absalom, na ɔbaa ɔhene nkyɛn, na ɔbɔɔ ne mu ase wɔ ɔhene anim, na ɔhene yɛɛ Absalom atuu.

2 Samuel 15

Absalom mansotwe

1 Na yei akyiri no, Absalom siesiee teaseɛnam ne apɔnkɔ fae, ne mmarima aduonum a wɔbɛwɛn no.

2 Na Absalom sɔre anɔpahema kɔgyina kuro no pono ano kwan ho. Na obiara a ɔwɔ asɛm bi na ɔreba ɔhene nkyɛn abɛdie no, Absalom frɛ no bisa no sɛ: Kuro bɛn so na wofire? Na sɛ ɔbua sɛ: Israel mmusuakuo bi mu na w’akoa fire, a,

3 ɛnna Absalom bɛka akyerɛ no sɛ: Hwɛ, wo nsɛm yɛ na ɛtene, nanso obi nni hɔ a ɔhene ayi no a ɔbɛtie ama woɔ.

4 Absalom toa so ka sɛ: Na anka meyɛ asase yi so temmufoɔ, me nkyɛn na anka obiara a ɔwɔ asɛm bi anaa atemmudeɛ bi bɛba na mabu no atɛntenenee.

5 Na sɛ obi twe pini no bɛbɔ ne mu ase a, ɔtene ne nsa sɔ ne mu yɛ no atuu.

6 Na saa na na Absalom yɛ Israelfoɔ a wɔba ɔhene nkyɛn asennie nyinaa, na Absalom de nyaa Israel mmarima baa n’afa.

7 Na mfirinhyia nnan twaa mu no, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Mesrɛ wo, ma menkɔ menkɔma m’aboadeɛ a mede mehyɛɛ AWURADE bɔ wɔ Hebron.

8 Ɛfiri sɛ metenaa Gesur wɔ Aram no, w’akoa hyɛɛ bɔ sɛ: Sɛ AWURADE de me sane ba Yerusalem a, ɛnneɛ mɛsom AWURADE.

9 Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Fa asomdwoeɛ kɔ. Na ɔsii mu kɔɔ Hebron.

10 Na Absalom somasomaa akwansrafoɔ maa wɔkɔɔ Israel mmusuakuo nyinaa mu kodɛɛ sɛ: Mote totorobɛnto nka ara pɛ a, monka sɛ: Absalom adi hene wɔ Hebron.

11 Na mmarima ahanu a wɔfrɛɛ wɔn firi Yerusalem kaa Absalom ho kɔe; na wɔn deɛ, wɔkɔɔ ɔkɔ hunu, na wɔnnim ho hwee.

12 Na Absalom soma maa wɔkɔhyiaa Giloni Ahitofel, Dawid fotufoɔ, firii ne kuro Gilo mu, berɛ a ɔrebɔ afɔdeɛ no; na atirisopam no mu yɛɛ den, na nnipa a wɔwɔ Absalom nkyɛn no kɔɔ so dɔɔso ara.

Dawid dwane

13 Na ɔbɔfoɔ bi baa Dawid nkyɛn bɛkaa sɛ: Israel mmarima akoma di Absalom akyi.

14 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ne nkoa a wɔne no wɔ Yerusalem nyinaa sɛ: Monsɔre mma yɛnnwane, na Absalom ammɛku yɛn. Monyɛ ntɛm ma yɛnkɔ, na wammɛto yɛn anyɛ yɛn bɔne bi, na wamfa nkrantɛ ano ammɛbɔ kuro yi.

15 Na ɔhene nkoa no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛdeɛ me wura ɔhene pɛ nyinaa no, hwɛ, wo nkoa bɛyɛ.

16 Ɛnna ɔhene firii adie na ne fiefoɔ nyinaa dii n’akyi; na ɔhene gyaa ne mpenafoɔ du sɛ wɔnhwɛ fie no.

17 Na ɔhene firii adi, na ɔman no nyinaa dii n’akyi, na wɔkɔgyinaa ɛdan bi a ɛtwa toɔ ho.

18 Na ne nkoa nyinaa sene faa ne nkyɛn; na Keretifoɔ nyinaa, Peletifoɔ nyinaa ne Gatfoɔ nyinaa, mmarima ahansia a wɔdii n’akyi firi Gat baeɛ no bɛtwaa mu ɔhene anim.

19 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Gatni Itai sɛ: Adɛn nti na wo nso wone yɛn rekorɔ? Sane kɔ, na kɔtena ɔhene nkyɛn, na woyɛ ɔnanani ne wo kuro mu ɔtukɔni nso.

20 Nnora nko ara na wobaeɛ, na ɛnnɛ memma wo ne yɛn nkɔkyini? Na me deɛ, merekɔ deɛ mennim; sane, na fa wo nuanom nso ka wo ho sane kɔ AWURADE adɔeɛ ne ne nokorɛ mu.

21 Na Itai buaa ɔhene sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ na me wura ɔhene nso te aseɛ yi, faako a me wura ɔhene bɛtena no, ewuo mu oo, nkwa mu oo, ɛhɔ ara na w’akoa nso bɛtena!

22 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Itai sɛ: Bra bɛsene! Na Gatni Itai ne ne mmarima nyinaa ne mmɔfra a wɔka ne ho no nyinaa bɛtwaa mu.

23 Na asase no sofoɔ nyinaa de nne kɛseɛ sui, na ɔman no nyinaa twaa mu kɔe, na ɔhene twaa asuo Kidron, na ɔman no nyinaa twae a wɔn ani kyerɛ ɛserɛ no so.

24 Na hwɛ, Abiatar baeɛ na Sadok nso nie, a Lewifoɔ nyinaa ka ne ho. Wɔso Nyankopɔn apam adaka no, na wɔsoɛɛ Nyankopɔn adaka no sii hɔ, na wɔamfa bio kɔsii sɛ ɔman no nyinaa firii kuro no mu twaa mu wieeɛ ansa.

25 Na ɔhene ka kyerɛɛ Sadok sɛ: Fa Nyankopɔn adaka no sane kɔ kuro no mu. Sɛ menya AWURADE anim adom a, ɔde me bɛsane aba, na wama mabɛhu no ne ne tenabea bio.

26 Na sɛ ɔka sɛ: Mempɛ wo a, hwɛ, menie, ma no nyɛ me sɛdeɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ.

27 Na ɔhene ka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Sadok sɛ: Sɛ woahunu, sane kɔ kuro no mu dwoodwoo, na wo ba Ahimaas ne Abiatar ba Yonatan, mo mma baanu no ne mo ntena.

28 Monhwɛ, mɛtwentwɛn me nan ase ɛserɛ so mpaperɛ mu akɔsi sɛ asɛm a mobɛka akyerɛ me bɛfiri mo nkyɛn aba.

29 Ɛnna Sadok ne Abiatar de Nyankopɔn adaka no sane baa Yerusalem, na wɔbɛtenaa hɔ.

30 Na Dawid foroo Ngo-bepɔ no, na ɔreforɔ no na ɔresu, na wakata ne ti, na ɔnhyɛ mpaboa, na ɔman a wɔne no nam no nyinaa akatakata wɔn ti, na wɔreforɔ no, na wɔresu.

31 Na obi ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ahitofel fra wɔn a wɔne Absalom apam no mu. Na Dawid bɔɔ mpaeɛ sɛ: AWURADE, mesrɛ wo, ma Ahitofel agyinatuo nnane nkwaseasɛm.

32 Na Dawid duruu bepɔ no atifi deɛ wɔsɔre Onyankopɔn no, hwɛ, Arkini Husai bɛhyiaa no a, wasunsuane n’atadeɛ mu na dɔteɛ gu n’atifi.

33 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wo ne me sene kɔ a, wobɛyɛ adesoa ama me.

34 Na sɛ wosane kɔ kuro no mu kɔka kyerɛ Absalom sɛ: Ɔhene, mɛyɛ w’akoa sɛdeɛ akane no meyɛɛ w’agya akoa no, na afei deɛ, mɛyɛ w’akoa, a, wobɛma Ahitofel agyinatuo no ayɛ ɔkwa ama me.

35 Na Asɔfoɔ Sadok ne Abiatar nni wo nkyɛn hɔ anaa? Enti asɛm biara a wobɛte no ahemfie no, ka kyerɛ asɔfoɔ Sadok ne Abiatar.

36 Hwɛ, wɔn mma baanu no, Sadok ba Ahimaas, ne Abiatar ba Yonatan wɔ wo nkyɛn hɔ, na wɔn so na momma asɛm biara a mobɛteɛ mfa nnuru me nkyɛn.

37 Na Dawid adamfo Husai baa kuro no mu, ɛberɛ korɔ a na Absalom rehyɛne Yerusalem mu no.

2 Samuel 16

Dawid ne Siba

1 Na ɛberɛ a Dawid twaa mu firii bepɔ no atifi hɔ kakra no, hwɛ, Mefiboset somfoɔ Siba bɛhyiaa no; ɔde mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ wɔn a wɔsoso paanoo mmua ahanu ne bobe aba a wɔabɔ no ntoantoa ɔha ne borɔdɔma ntoantoa ɔha ne nsa nwoma kotokuo ma.

2 Na ɔhene bisaa Siba sɛ: Wode yeinom rebɛyɛ dɛn? Na Siba se: Mfunumu yi, wɔmfa mma ɔhene fiefoɔ na wɔntena so, na paanoo ne nnuaba yi, mmeranteɛ no nni, na nsa yi nso, wɔmfa mma wɔn a wɔabrɛ ɛserɛ soɔ na wɔnnom.

3 Na ɔhene bisaa sɛ: Na ɛhe na wo wura ba no wɔ? Na Siba buaa ɔhene sɛ: Ɔte Yerusalem, na deɛ ɔreka ne sɛ: Ɛnnɛ Israel fie bɛdane m’agya ahennie ama me.

4 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Siba sɛ: Hwɛ, deɛ ɛyɛ Mefiboset deɛ nyinaa yɛ wo dea. Na Siba kaa sɛ: Mebɔ me mu ase ma wo, na ma mennya me wura ɔhene anim adom.

Dawid ne Simei

5 Na Ɔhene Dawid duruu Bahurim no, ɔbarima bi a ɔfiri Saulo abusua mu a wɔfrɛ no Simei a ɔyɛ Gera ba firii adi baa hɔ; na ɔreba no, na ɔredome.

6 Na ɔpaa Dawid ne n’asomfoɔ nyinaa aboɔ; nso na ɔman no nyinaa ne mmarima akofoɔ no nyinaa wowɔ ne nifa ne ne benkum.

7 Na Simei redome no, sɛ ɔkaeɛ nie: Firi adi, firi adi, mogyapɛfoɔ, onipa huhuni!

8 AWURADE atua wo Saulo a wobɛdii n’adeɛ no fie mogya nyinaa so ka, na AWURADE de ahennie no ahyɛ wo ba Absalom nsa, na hwɛ, w’asotwe mu na woda yi, ɛfiri sɛ woahwie mogya agu!

9 Ɛnna Seruia ba Abisai ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Adɛn nti na ɔkraman funu yi dome me wura ɔhene yi? Ma menkɔ menkɔtwa ne tiri ɛ!

10 Na ɔhene kaa sɛ: Ɛdeɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ? Ma no nnome ara, na sɛ AWURADE ase no sɛ: Dome Dawid! a, hwan na ɔbɛka akyerɛ no sɛ: Adɛn nti na woreyɛ sei?

11 Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne nkoa sɛ: Hwɛ, me ba a ɔfiri me yam na ɔrehwehwɛ me aku me yi, na kampɛsɛ Benyaminni yi. Monnyaa no mma no nnome, ɛfiri sɛ AWURADE na wahyɛ no.

12 Ebia AWURADE bɛhwɛ m’amanehunu, na AWURADE de papa ahyɛ me nnome a ɔredome me nnɛ yi ananmu.

13 Na Dawid ne ne nnipa no nam kwan no so rekorɔ no, na Simei nso nam bepɔ no ho ntentensoɔ rekɔ; na ɔrekorɔ no, na ɔredome ara paa no aboɔ, na ɔtoo mfuturo peteeɛ.

14 Na ɔhene ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa durui Yordan ho no; na wɔabrɛ, na wɔhomee wɔ hɔ.

Ahitofel afotu bɔne no

15 Na Absalom ne Israel mmarima nyinaa baa Yerusalem, na Ahitofel ka ne ho.

16 Na Arkini Husai a ɔyɛ Dawid adamfo baa Absalom nkyɛn no, Husai kyeaa Absalom sɛ: Ɔhene tiri nkwa, ɔhene tiri nkwa!

17 Na Absalom bisaa Husai sɛ: W’adɔeɛ a wode yɛ w’adamfo nie? Adɛn nti na wo ne w’adamfo no ankorɔ?

18 Na Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Dabi, na deɛ AWURADE ne ɔman yi ne Israel mmarima nyinaa afa no no, ɔno na mɛyɛ ne deɛ na me ne no atena.

19 Bio nso, hwan na mɛsom no? Ɛnyɛ ne ba? Sɛdeɛ mesom w’agya no, saa ara na mɛyɛ no w’anim.

20 Ɛnna Absalom ka kyerɛɛ Ahitofel sɛ: Tu yɛn fo wɔ deɛ yɛnyɛ ho ɛ.

21 Na Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Kɔ ne w’agya mpenafoɔ a ɔgyaa wɔn sɛ wɔnhwɛ fie no nna, na Israel nyinaa nte sɛ woama wo ho abɔn w’agya, na wɔn a wɔwɔ wo nkyɛn nyinaa nsa bɛyɛ den.

22 Ɛnna wɔsii Absalom ntomadan, aban no atifi, na Absalom ne n’agya mpenafoɔ no daeɛ, Israel nyinaa anim.

23 Na Ahitofel ɛfo a ɔtuu no nna no mu yɛɛ wɔn sɛ obi kɔbisa Nyankopɔn hɔ adeɛ, na saa na na Ahitofel afotuo nyinaa teɛ ma Dawid ne Absalom.

2 Samuel 17

Ahitofel afotuo yɛ ɔkwa

1 Bio, Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Ma menkɔyi mmarima mpem dummienu, na mensɔre menkɔti Dawid anadwo yi,

2 mɛkɔ no so wɔ berɛ a wabrɛ na ne nsam agoɔ, na makɔ yi no ehu, ɛbɛma wɔn a wɔka ne ho nyinaa adwane, na makum ɔhene no nko.

3 Na afei mede nnipa no nyinaa masane mabrɛ wo, sɛdeɛ wɔde ayeforɔ ba ne kunu nkyɛn; na onipa baako pɛ na worehwehwɛ no aku no, na ɔman no nyinaa bɛyɛ komm.

4 Na asɛm no tɔɔ Absalom ne Israel mpanimfoɔ nyinaa aso mu.

5 Na Absalom kaa sɛ: Kɔfrɛ Arkini Husai nso bra, na yɛntie deɛ ɛwɔ ɔno nso anomu.

6 Na Husai baa Absalom nkyɛn no, Absalom ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Ahitofel aka nie. Yɛnni n’asɛm no so anaa? Sɛ ɛnte saa a, wo nso ka bi.

7 Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Ɛfo a Ahitofel tuu seesei yi deɛ, ɛnyɛ.

8 Na Husai kaa sɛ: Wo ara wonim w’agya ne ne mmarima sɛ wɔyɛ ahoɔdenfoɔ, na wɔn bo ahuri sɛ sisire a wɔafa ne mma wiram, na w’agya nso yɛ dɔmmarima, na ɔne nkurɔfoɔ no renna anadwo yi.

9 Hwɛ, sɛsɛɛ wakɔhunta amena bi mu anaa baabi. Na sɛ mfitiaseɛ no wɔn mu bi totɔ a, obiara a ɔbɛteɛ no bɛka sɛ: Nnipa a wɔdi Absalom akyire no adi nkoguo.

10 Na deɛ ɔyɛ ɔbarima na n’akoma te sɛ gyata akoma mpo, ehu nti, ɔbɛhodwo. Na Israel nyinaa nim sɛ w’agya yɛ dɔmmarima na wɔn a wɔka ne ho nso yɛ akofoɔ.

11 Enti meretu wo fo sɛ: Boaboa Israel nyinaa ano firi Dan kɔsi Beer-seba wɔ wo nkyɛn sɛ mpoano anwea dodoɔ, na wo ara kɔ sa no.

12 Ɛno na sɛ yɛkɔto no baabiara a yɛbɛhu no a, yɛato ahyɛ ne so sɛdeɛ bosuo gu fam, na ɔno ne mmarima a wɔka ne ho no mu baako mpo anka.

13 Nanso sɛ ɔtwe ne ho kɔ kuro bi mu a, Israel nyinaa de ntampehoma bɛto kuro no ho, na yɛatwe akɔ bɔnhwa mu akɔsi sɛ wɔrenhunu ɔboɔ ketewa baako mpo wɔ hɔ.

14 Ɛnna Absalom ne Israel mmarima nyinaa kaa sɛ: Arkini Husai afotuo no yɛ sene Ahitofel deɛ no. Na AWURADE na ahyɛ sɛ wɔmma Ahitofel afotu pa no nyɛ ɔkwa, na AWURADE de bɔne aba Absalom so.

15 Ɛnna Husai ka kyerɛɛ Asɔfoɔ Sadok ne Abiatar sɛ: Ɛfo a Ahitofel atu Absalom ne Israel mpanimfoɔ nie, na ɛfo a me nso matuo nie.

16 Na afei monsoma ntɛm na wɔnkɔka nkyerɛ Dawid sɛ: Ntena ɛserɛ so mpaperɛ mu anadwo yi, na twa mmom na twa korɔ, na wɔammɛtɔre ɔhene ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho nyinaa ase.

17 Nso na Yonatan ne Ahimaas tete En-rogel, na abaawa bi kɔka kyerɛɛ wɔn deɛ wɔnkɔka nkyerɛ Ɔhene Dawid, ɛfiri sɛ na wɔntumi nkɔ kuro no mu mma wɔnhu wɔn.

18 Nso aberanteɛ bi kɔhunuu wɔn, na ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na wɔn baanu no firii hɔ ntɛm kɔduruu Bahurim barima bi fie, na ɔwɔ abura n’adihɔ, na wɔsiane kɔtɛɛ mu.

19 Na ɔbaa no faa nkatasoɔ bi de kataa abura no ano, na ɔde atokoɔ a wɔasie trɛtrɛɛ so na obiara anhunu hwee.

20 Na Absalom asomfoɔ no duruu ɔbaa no nkyɛn efie hɔ no, wɔbisaa sɛ: Ɛhe na Ahimaas ne Yonatan wɔ? Na ɔbaa no kaa sɛ: Wɔatwa asuwa no kɔ. Na wɔhwehwɛɛ wɔn; na wɔanhu wɔn no, wɔsane baa Yerusalem.

21 Na wɔn korɔ akyiri no, mmarima no firi abura no mu firii adi, na wɔkɔ kɔka kyerɛɛ Ɔhene Dawid sɛ: Monsɔre nkɔtwa asuo no ntɛm, na ɛfo a Ahitofel atu wɔ mo ho nie.

22 Ɛnna Dawid ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa sɔre kɔtwaa Yordan no; adeɛ kyee anɔpa no, na wɔn mu baako mpo nkae a ɔnnya ntwaa Yordan.

23 Na Ahitofel hunuu sɛ wɔanni n’afotuo soɔ no, ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔsɔre kɔɔ ne fie, wɔ ne kurom. Na ɔtotoo ne fie wieeɛ no, ɔkɔsɛnee ne mene wuiɛ, na wɔsiee no n’agya da mu.

24 Na Dawid duruu Mahanaim. Na Absalom ne Israel mmarima no nyinaa kɔtwaa Yordan.

25 Na Absalom de Amasa sii Yoab ananmu hyɛɛ asraafoɔ dɔm no so. Amasa yɛ ɔbarima a wɔfrɛ no Yitra, Israelni a ɔkɔɔ Nahas babaa Abigail a ɔyɛ Yoab ne na Seruia nua ho no, ba.

26 Na Absalom ne Israel kɔkyeree nsraban wɔ Gilead asase so.

27 Na Dawid duruu Mahanaim no, Nahas ba Sobi a ɔfiri Amonfoɔ Raba, ne Amiel ba Makir a ɔfiri Lo-debar, ne Gileadni Barsilai a ɔfiri Rogelim no

28 de mpa, nyowa, nkukuo, atokoɔ, esiam, nkyeweɛ, asɛ, asedua,

29 ɛwoɔ, nufosuo ani sradeɛ ne anantwie nufosuo a akyenkyen mua brɛɛ Dawid ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no sɛ wɔnni, na wɔse: Ɛkɔm de nkurɔfoɔ no, na wɔabrɛ, na sukɔm ade wɔn ɛserɛ so.

2 Samuel 18

Absalom nkoguo ne ne wuo

1 Afei Dawid kanee ɛdɔm a wɔka ne ho no, na ɔde mpem mpem so asafohene ne ɔha ha so asafohene sisii wɔn so.

2 Na Dawid gyaa ɛdɔm no kwan de abupɛn mmiɛnsa mu baako hyɛɛ Yoab nsa, na ɔde baako hyɛɛ Seruia ba Abisai, Yoab nua, nsa, na ɔde baako hyɛɛ Gatni Itai nsa. Na ɔhene ka kyerɛɛ ɛdɔm no sɛ: Fire na me nso mene mo bɛfiri akorɔ.

3 Na ɛdɔm no kaa sɛ: Ɛnne yɛn nnkɔ, na sɛ dwane na yɛdwane a, wɔrennwene yɛn ho; na sɛ yɛn mu fa totɔ nso a, wɔrennwene yɛn ho, na wote sɛ yɛn mu mpem du; na enti ɛyɛ sɛ wo firi kuro no mu di boa yɛn.

4 Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Deɛ ɛyɛ wɔ mo ani soɔ no, mɛyɛ. Na ɔhene gyinaa kuro pono no nkyɛn, na ɛdɔm no nyinaa firii adi, ɔha ha ne mpem mpem so.

5 Na ɔhene hyɛɛ Yoab ne Abisai ne Itai sɛ: Mo ne aberanteɛ Absalom no nni no brɛɛ mma me! Na ɔhene rehyɛ asafohene nyinaa Absalom ho no, ɔman no nyinaa teeɛ.

6 Na ɛdɔm no firii adi kɔɔ wiram kɔhyiaa Israel; na wɔkoo wɔ Efraim kwaeɛ mu.

7 Na wɔkaa Israel dɔm no gui, Dawid nkoa no anim, na ekum kɛseɛ baa hɔ da no, nnipa mpem aduonu.

8 Na ɔko no trɛɛ wɔ asase no nyinaa ani, na ɛdɔm no mu wɔn a wɔwuu kwaeɛ no mu dɔɔso sene wɔn a wɔwuu nkrantɛ ano da no.

9 Na Absalom hyiaa Dawid mmarima no; nso na Absalom te afunumupɔnkɔ so, na afunumupɔnkɔ no de no faa odum kɛseɛ bi mman kusuu ase, na ne tirinwi kɔsɔɔ odum no dubaa so maa no sensɛnee ɔsoro ne fam ntam, na afunumupɔnkɔ a ɔwɔ n’aseɛ no gyaa ne hɔ kɔe.

10 Na ɔbarima bi kɔhunui, na ɔkɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ makɔhunu Absalom sɛ ɔsɛne odum bi soɔ.

11 Na Yoab ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔka kyerɛɛ no no sɛ: Saa! Wohunuu no no, adɛn nti na woammɔ no anhwe fam hɔ? Na anka mɛma wo dwetɛ du ne abɔsoɔ.

12 Nanso ɔbarima no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Sɛ wokari dwetɛ apem gu me nsam mpo a, merentene me nsa menka ɔhene ba no; na yɛn aso mu na ɔhene hyɛɛ wo, Abisai ne Itai sɛ: Monhwɛ yie, obiara biara, aberanteɛ Absalom no ho.

13 Anaasɛ, sɛ anka metwa ne kra ho nkontompo a, (nso asɛm biara nhunta ɔhene), wo deɛ, anka wobɛpa m’akyi agyina akyiri.

14 Na Yoab kaa sɛ: Merentwentwɛn me nan ase w’anim saa. Na ɔfaa mpɛmɛ mmiɛnsa kurae, na ɔde kɔwowɔɔ Absalom akoma mu berɛ a ɔda so yɛ anikan odum no so.

15 Na mmeranteɛ du a wɔkura Yoab akodeɛ twaa Absalom ho hyiae, na wɔbobɔɔ no kumm no.

16 Ɛnna Yoab hyɛnee totorobɛnto, na ɛdɔm no nyinaa sane firii Israel akyi die; na Yoab siankaa ɛdɔm no.

17 Na wɔyii Absalom de no too kwaeɛ mu hɔ amena kɛseɛ bi mu, na wɔboaboaa aboɔkuo kɛseɛ pa ano guu ne so. Na Israel nyinaa dwanedwane kokɔɔ wɔn ntomadan mu.

18 Nso Absalom te aseɛ no, ɔsii nkaeɛ dum bi a ɛwɔ ɔhene bonhwa mu fae, a ɔkaa sɛ: Menni ɔbabarima a wɔde no bɛkae me din. Na ɔde ne din too odum no, na wɔfrɛ no Absalom nsɛnkyerɛnneɛ de bɛsi nnɛ.

19 Ɛnna Sadok ba Ahimaas kaa sɛ: Ma mentu mmirika menkɔbɔ ɔhene kaseɛ pa yi, sɛ AWURADE agye no afiri n’atamfo nsam.

20 Na Yoab ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo na wobɛyɛ kaseɛbɔni nnɛ. Da foforɔ na wobɛyɛ kaseɛbɔni, na ɛnnɛ deɛ, nkɔbɔ kaseɛ biara, ɛfiri sɛ ɔhene ba atɔ.

21 Na Yoab ka kyerɛɛ Kusni no sɛ: Kɔ na kɔka deɛ woahunu kyerɛ ɔhene. Na Kusni no bɔɔ ne mu ase maa Yoab, na ɔtuu mmirika kɔeɛ.

22 Ɛnna Sadok ba Ahimaas kɔɔ so ka kyerɛɛ Yoab bio sɛ: Ɛyɛ dɛn ara a, ma me nso mentu mmirika menni Kusni no akyi. Na Yoab kaa sɛ: Me ba, adɛn nti na worebɛtu mmirika yi? Ɛnyɛ kaseɛ a ɛbɛma biribi afiri mu aba ama woɔ.

23 Na ɔkaa sɛ: Ɛyɛ dɛn ara a, mɛtu mmirika. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Tu ɛ! Ɛnna Ahimaas tuu mmirika faa nsunoa kwan so kɔsianee Kusni no ho.

24 Na Dawid te kuro no apono mmienu no ntam. Na ɔwɛmfoɔ no kɔɔ kuro pono no atifi, ɔfasuo no so, na ɔmaa n’ani so hwɛe, na ɔhunuu ɔbarima bi a ne nko ara de mmirika reba.

25 Na ɔwɛmfoɔ no teaa mu ka kyerɛɛ ɔhene. Na ɔhene kaa sɛ: Sɛ ɛyɛ ɔno nko a, na kaseɛ bi wɔ n’anomu. Na ɔde reba ara, na ɔpinkyɛe.

26 Na ɔwɛmfoɔ no hunuu ɔbarima foforɔ sɛ ɔde mmirika reba; na ɔwɛmfoɔ no teaa mu kyerɛɛ ɔpono ano hwɛfoɔ no sɛ: Hwɛ ɔbarima foforɔ sɛ ɔde mmirika reba. Na ɔhene kaa sɛ: Ɔno nso yɛ kaseɛbɔni.

27 Na ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ: Me deɛ, mehunu odikanfoɔ no mmirikatuo sɛ ɛte sɛ Sadok ba Ahimaas mmirikatuo. Na ɔhene kaa sɛ: Onipa pa nie, na ɔde kaseɛ pa reba.

28 Na Ahimaas teaa mu ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Asomdwoeɛ! Na ɔbɔɔ ne mu ase ɔhene anim, na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE, wo Nyankopɔn a wayi nnipa a wɔmaa wɔn nsa so tiaa me wura ɔhene no ahyɛ wo nsa.

29 Na ɔhene bisaa sɛ: Aberanteɛ Absalom ho yɛ anaa? Na Ahimaas buaa sɛ: Yoab resoma ɔhene somfoɔ bi ne w’akoa no, mehunuu kitikiti kɛseɛ bi, na mennim adekodeɛ.

30 Na ɔhene kaa sɛ: Sene gyina ha! Na ɔsene kɔgyinaa hɔ.

31 Na hwɛ, Kusni no bae; na Kusni no kaa sɛ: Me wura ɔhene ntie kaseɛ, sɛ AWURADE abu atɛn ama wo nnɛ, wɔn a wɔsɔre tiaa woɔ no nyinaa ho.

32 Na ɔhene bisaa Kusni no sɛ: Aberanteɛ Absalom ho yɛ anaa? Na Kusni no se: Ma me wura ɔhene atamfoɔ ne wɔn a wɔsɔre tia woɔ pɛ wo bɔne no nyinaa nyɛ sɛ aberanteɛ no!

33 Na ɔhene ho popoe, na ɔforo kɔɔ kuro pono so pia mu, na ɔsui. Na ɔrekorɔ no, sɛ ɔkaeɛ nie: Ao, me ba Absalom, me ba, me ba Absalom! Ɛkaa me nko a, anka mesii w’ananmu wui! Ao, Absalom, me ba, me ba!

2 Samuel 19

Dawid agyaadwotwa

1 Wɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, ɔhene resu, na ɔretwa Absalom ho adwo.

2 Na nkonimdie no danee nnipa no nyinaa abooboodie ɛda no; na nkurɔfoɔ no tee da no sɛ ɔhene redi awerɛhoɔ ma ne ba.

3 Na nnipa no wiawiaa wɔn ho baa kuro no mu da no, sɛdeɛ ɛdɔm a wɔredwane ɔko mu wɔ ahohora mu wiawia wɔn ho no.

4 Na ɔhene deɛ, na wakata n’anim, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Ao, me ba Absalom, ao, Absalom me ba, me ba!

5 Na Yoab baa ɔhene nkyɛn efie, na ɔkaa sɛ: Woahyɛ wo nkoa a ɛnnɛ wɔagye wo kra, wo mmammarima, wo mmammaa kra, wo yerenom kra ne wo mpenafoɔ kra no nyinaa aniwuo nnɛ,

6 sɛ wodɔ w’atamfoɔ na wotane w’adɔfoɔ. Na woakyerɛ nnɛ sɛ asafohene ne nkoa nyɛ hwee mma wo; na mahunu sɛ, sɛ Absalom nyaa nkwa na yɛn nyinaa wuwuiɛ a, anka wopɛ.

7 Na afei sɔre firi adi, na kɔka abotɔyam asɛm kyerɛ wo nkoa. Na medɔ Nyame sɛ, sɛ woamfiri adi a, obiara rentena wo nkyɛn anadwo yi, na ɛno mmom bɛyɛ bɔne ama wo asene bɔne biara a aba wo soɔ firi wo mmeranteberɛ mu de abɛduru sɛsɛɛ.

8 Ɛnna ɔhene sɔre bɛtenaa ase wɔ kuro pono no mu. Na wɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Hwɛ, ɔhene te kuro pono no mu. Ɛnna ɔman no nyinaa baa ɔhene anim.

Dawid saneba

Na Israel deɛ, na wɔadwanedwane kɔ wɔn afie mu.

9 Na ɔman no nyinaa kasakasaa Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ: Ɔhene gyee yɛn firii yɛn atamfoɔ nsam, na ɔyii yɛn Filistifoɔ nsam; na afei Absalom nti wadwane afiri asase yi so.

10 Na Absalom a yɛsraa no ngo dii yɛn soɔ no nso atɔ dɔm ano; na afei adɛn nti na motwentwɛn sɛ mobɛkɔ akɔfa ɔhene asane aba yi?

11 Na Ɔhene Dawid tee deɛ Israel nyinaa aka no, ɔsoma maa wɔkɔɔ Asɔfoɔ Sadok ne Abiatar nkyɛn sɛ: Monkɔbisa nkyerɛ Yuda mpanimfoɔ sɛ: Adɛn nti na motwentwɛn mo nan ase sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asane akɔ ne fie?

12 Me nuanom ne mo, me nnompe ne me nam ne mo, na adɛn nti na motwentwɛn mo nan ase sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asane akorɔ?

13 Na Amasa nso, monka nkyerɛ no sɛ: Ɛnyɛ me nnompe ne me nam ne wo? Sɛ woanyɛ dɔm so safohene m’anim nna nyinaa ansi Yoab ananmu a, Onyankopɔn nyɛ me sɛɛ na ɔnkɔ so nyɛ me sɛɛ!

14 Ɔtwee Yuda mmarima nyinaa bae sɛ onipa baako, na wɔsoma maa wɔbaa ɔhene nkyɛn sɛ: Wo ne wo nkurɔfoɔ nyinaa, monsane mmra.

15 Na ɔhene sane baa Yordan ano. Na Yuda baa Gilgal sɛ wɔreba abɛhyia Ɔhene, na wɔde no atwa Yordan.

16 Na Benyaminni Gera ba Simei a ɔfiri Bahurim no yɛɛ ntɛm ne Yuda mmarima no siane ba bɛhyiaa Ɔhene Dawid,

17 na Benyamin mmarima apem ka ne ho, na Saulo fie abɔfra Siba ne ne mma dunum ne n’asomfoɔ aduonu no ne no bɛtwaa Yordan baa ɔhene anim.

18 Na kodoɔ no twa kɔɔ sɛ wɔde rekɔfa ɔhene fiefoɔ, na wɔayɛ deɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ. Na ɔhene rebɛtwa Yordan no, Gera ba Simei bɔɔ ne mu ase n’anim,

19 na ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Mma me wura mmmu amumuyɛ nnto me so, na nkae deɛ w’akoa fom yɛɛ no da a me wura ɔhene firii Yerusalem no, na ɔhene mmfa nnhyɛ n’akomam.

20 Na w’akoa nim sɛ mayɛ bɔne; saa nti, hwɛ, me na madi Yosef fie nyinaa kan maba nnɛ sɛ meresiane mabɛhyia me wura ɔhene.

21 Na Seruia ba Abisai bisaa sɛ: Ɛnsɛ sɛ wɔkum Simei, sɛ wadome deɛ AWURADE asra no no anaa?

22 Na Dawid buaa sɛ: Ɛdeɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ, sɛ moyɛ sɛ atamfoɔ a wɔne me di asie nnɛ yi? Ɛnnɛ ɛsɛ sɛ wɔkum obi Israel anaa? Mennim sɛ ɛnnɛ mene Israel so hene anaa?

23 Na ɔhene ka kyerɛɛ Simei sɛ: Wɔrenku wo. Na ɔhene kaa no ne ntam.

24 Na Saulo ba Mefiboset siane ba bɛhyiaa ɔhene; na ɔnsiesiee ne nan ase, na ɔnyii ne bɔdwesɛ, na ne ntadeɛ nso ɔnsii, firi da a ɔhene kɔeɛ no de bɛsi da a ɔbaa fie asomdwoeɛ mu no.

25 Na ɔfirii Yerusalem bɛhyiaa ɔhene no, ɔhene bisaa no sɛ: Mefiboset, adɛn nti na wo ne me ankorɔ?

26 Na ɔbuaa sɛ: Ao, me wura ɔhene, me somfoɔ no na ɔdaadaa me; na wo somfoɔ ka kyerɛɛ no sɛ: Hyehyɛ afunumu na mentena no so nkɔ ne ɔhene nkɔ, ɛfiri sɛ wo somfoɔ yɛ apakye.

27 Na ɔbɛsɛee me kyerɛɛ me wura ɔhene. Na me wura ɔhene te sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ, enti yɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ.

28 Na m’agya fie nyinaa nsɛ hwee sɛ owuo mma ma me wura ɔhene, nanso wode wo somfoɔ sii wɔn a wɔdidi wo pono soɔ mu, enti kwan bɛn na mewɔ bio, nso ɛdeɛn na mede bɛsu afrɛ ɔhene bio?

29 Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na woda so ka w’asɛm yi bio? Mese: Wone Siba nkɔkyɛ asase no mu.

30 Na Mefiboset ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛ me wura ɔhene de asomdwoeɛ anya aba ne fie yi, ma Siba mfa asase nyinaa mpo.

31 Na Gileadni Barsilai siane firii Rogelim bae, na ɔne ɔhene twaa Yordan, sɛ ɔrekɔgya no Yordan agya.

32 Nso na Barsilai abɔ akora sɛ, wadi mfirinhyia aduɔwɔtwe. Na ɔhene tenaa Mahanaim no, ɔno na ɔhwɛɛ no, na ɔyɛ ɔdefoɔ kɛseɛ.

33 Na ɔhene ka kyerɛɛ Barsilai sɛ: Wo deɛ, wo ne me ntwa nkɔ, na menhwɛ wo me nkyɛn wɔ Yerusalem.

34 Na Barsilai bisaa ɔhene sɛ: Me nkwa nna aka ahe na me ne ɔhene mforo nkɔ Yerusalem yi?

35 Madi mfirinhyia aduɔwɔtwe nnɛ, mɛhunu papa ne bɔne mu, anaasɛ w’akoa bɛte deɛ mɛdie ne deɛ mɛnom dɛ, anaasɛ mɛte nnwontofoɔ mmarima ne mmaa nne bio anaa? Na adɛn nti na wo somfoɔ nkɔ so nyɛ adesoa mma me wura ɔhene?

36 Enti wo somfoɔ bɛgya ɔhene kwan Yordan agya ara. Na adɛn nti na ɔhene de akatua yi bɛtua me?

37 Wo kyɛw nie, ma w’akoa nsane nkɔwu ne kurom, n’agya ne ne na damena ho. Na hwɛ, ma wo somfoɔ Kimham ne me wura ɔhene ntwa nkɔ, na yɛ no deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ.

38 Na ɔhene kaa sɛ: Kimham ne me ntwa nkɔ, na mɛyɛ no deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ; na biribiara a wobɛhwehwɛ no me hɔ no, mɛyɛ ama wo.

39 Na ɔman no nyinaa twaa Yordan, na ɔhene nso twae; na ɔhene yɛɛ no atuu, na ɔhyiraa no maa ɔsane kɔɔ fie.

40 Na ɔhene sene kɔɔ Gilgal; na Kimham ne no kɔe. Na Yuda man nyinaa ne Israel man fa nso de ɔhene sene kɔe.

41 Na hwɛ, Israel mmarima nyinaa baa ɔhene nkyɛn bɛbisaa ɔhene sɛ: Adɛn nti na yɛn nuanom Yuda mmarima awia wo korɔ, na wɔde ɔhene ne ne fiefoɔ ne Dawid mmarima a wɔka ne ho nyinaa akɔtwa Yordan aba?

42 Ɛnna Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima sɛ: Ɛfiri sɛ ɔhene bɛn yɛn. Na adɛn nti na asɛm yi nti mo bo huru mo yi? Yɛadi ɔhene biribi anaasɛ wakyɛ yɛn biribi anaa?

43 Na Israel mmarima no buaa Yuda mmarima sɛ: Yɛwɔ kyɛfa du ɔhene mu, na Dawid mu nso deɛ yɛwɔ sene mo. Adɛn nti na moabu yɛn ketewa, na ɛnyɛ yɛn na yɛdii kan kaa sɛ yɛde ɔhene bɛsane aba? Na Yuda mmarima nsɛm ano yɛɛ den sene Israel mmarima nsɛm.

2 Samuel 20

Seba mansotwe ne Amasa wuo

1 Na ɔbarima huhuni bi wɔ hɔ a ne din de Seba a ɔyɛ Benyaminni Bikri ba. Na ɔhyɛnee totorobɛnto sɛ:

Yɛnni kyɛfa biara wɔ Dawid mu,

na yɛnni agyapadeɛ Yisai ba no nkyɛn.

Israel, monkɔ mo adan mu.

2 Ɛnna Israel mmarima nyinaa firii Dawid akyi kɔ kɔdii Bikri ba Seba akyire. Na Yuda mmarima deɛ, wɔbataa wɔn hene ho firi Yordan ho ara de baa Yerusalem.

3 Na Dawid baa ne fie wɔ Yerusalem. Na Dawid faa mmaa du, ne mpenafoɔ a ɔgyaa wɔn sɛ wɔnhwɛ fie no de wɔn kɔguu mmaa mu, na ɔbɔɔ wɔn akɔnhoma, na wɔn ho deɛ, wankɔ. Na wɔtoo wɔn mu kɔsii wɔn wu da maa wɔdii wɔn nkwa berɛ te sɛ deɛ wɔyɛ kuna.

4 Na ɔhene ka kyerɛɛ Amasa sɛ: Kɔfrɛfrɛ Yuda mmarima ma wɔnhyia me nnansa yi mu ara, na wo nso bra bi.

5 Na Amasa kɔɔ sɛ ɔrekɔfrɛfrɛ Yudafoɔ; na ɔkyɛre sene berɛ a wɔhyɛɛ no no.

6 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Afei deɛ, Bikri ba Seba bɛyɛ yɛn bɔne asene Absalom deɛ no mpo: Wo deɛ, fa wo wura mmarima no na ti no, na wannya afasuo nkuro no bi amfa, na wammɛha yɛn.

7 Ɛnna Yoab mmarima ne Keretifoɔ ne Peletifoɔ ne nnɔmmarima no nyinaa tu dii n’akyire; na wɔfirii Yerusalem sɛ wɔreti Bikri ba Seba.

8 Na wɔduruu Gibeon boɔ kɛseɛ no ho no, Amasa bɛfirii wɔn anim. Na Yoab deɛ, na wabɔ n’akotadeɛ a ɔhyɛ no so, ɛso na na ne nkrantɛ abɔsoɔ wɔ, ɛsɛne n’asene mu, bɔha mu; na ɔrefiri adie no, ɛworɔ tɔɔ fam.

9 Na Yoab bisaa Amasa sɛ: Me nua, wo ho yɛ anaa? Na Yoab de ne nsa nifa kɔsɔɔ Amasa bɔdwesɛ mu sɛ ɔrefe n’ano.

10 Na Amasa anhwɛ nkrantɛ a ɛkura Yoab nsam no, na ɔde wɔɔ ne yafunu mu tuee ne nsono guu fam, na wamfoa no so, na ɔwui.

Na Yoab ne ne nua Abisai tii Bikri ba Seba.

11 Na Yoab mmeranteɛ no mu bi gyinaa ne nkyɛn na ɔkaa sɛ: Deɛ ɔpɛ Yoab asɛm ne deɛ ɔyɛ Dawid deɛ no, ma no nni Yoab akyi!

12 Na Amasa yantamyantam mogya mu tempɔn no so. Na obiara a ɔbɛduru hɔ sɛ n’ani bɔ no so a, na wagyina. Saa nti, ɔbarima no hunuu sɛ ɛdɔm no nyinaa gyinagyina hɔ no, ɔtwee Amasa firii tempɔn no so kɔtoo wiram na ɔde ntoma kataa ne so.

13 Na wɔyii no firii tempɔn no soɔ no, wɔn nyinaa sene kɔdii Yoab akyi tii Bikri ba Seba.

14 Na Seba faa Israel mmusuakuo nyinaa mu twaa mu kɔduruu Abel ne Bet-maaka ne Bikrifoɔ nyinaa so, na wɔhyia boaa ano ba bɛdii n’akyi.

15 Na ɛdɔm a wɔka Yoab ho no nyinaa kɔkaa no hyɛɛ Abel a ɛwɔ Bet-maaka, na wɔtotoo kuro no ho epie wɔ afasuo no akyi, na wɔpempemee afasuo no sɛ wɔredwiri agu.

16 Ɛnna ɔbaa nyansafoɔ bi firi kuro no mu teaa mu sɛ: Montie, montie! Monka nkyerɛ Yoab sɛ ɔntwe mpini ha, na me ne no nkasa.

17 Na ɔtwe pinii no no, ɔbaa no bisaa no sɛ: Ɔne Yoab anaa? Na ɔkaa sɛ: Mene no. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Tie w’abaawa nsɛm yi. Na ɔkaa sɛ: Meretie.

18 Na ɔkaa sɛ: Akane no na wɔka sɛ: Wɔnkɔ abisa wɔ Abel, na wɔawie no saa.

19 Meyɛ wɔn a wɔpɛ asomdwoeɛ ne nokorɛ no mu baako, wo deɛ, worehwehwɛ akum Israel mu kuro a ɛyɛ ɛna; adɛn nti na worebɛmene AWURADE agyapadeɛ?

20 Na Yoab buaa sɛ: Ɛmpare me, ɛmpare me sɛ mɛmene anaasɛ mɛsɛeɛ.

21 Asɛm no nte saa, na ɔbarima bi a ɔfiri Efraim bepɔ soɔ a ne din de Bikri ba Seba na wama ne nsa so atia Ɔhene Dawid. Monyi ɔno nko mma, na mɛfiri kuro no ho akɔ. Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, wɔbɛto ne tiri afa ɔfasuo no so ama wo.

22 Ɛnna ɔbaa no faa nyansa kwan so kɔɔ ɔman no nyinaa nkyɛn. Na wɔtwaa Bikri ba Seba ti to twenee Yoab. Na Yoab hyɛnee totorobɛnto, na wɔfirii kuro no ho hwete kokɔɔ wɔn ntomadan mu. Na Yoab sane baa Yerusalem ɔhene nkyɛn.

Dawid asomfoɔ

23 Nso Yoab na na ɔdi Israel asraa dɔm nyinaa soɔ, na Yoiada ba Benaia di Keretifoɔ ne Peletifoɔ soɔ.

24 Na Adoram di ɛtoɔ soɔ, na Ahilud ba Yosafat ne ɔsɛnkaefoɔ.

25 Na Sefa ne ɔtwerɛfoɔ, na Sadok ne Abiatar ne asɔfoɔ.

26 Na Yairini Ira nso yɛ Dawid sɔfoɔ.

2 Samuel 21

Gibeonfoɔ tɔ Saulo so were

1 Na ɛkɔm bi baa Dawid berɛ so mfeɛ mmiɛnsa, afe toa afe so. Na Dawid kɔbɔɔ AWURADE anim mpaeɛ. Na AWURADE buaa sɛ: Mogya ho afobuo aba Saulo ne ne fiefoɔ so sɛ ɔkumm Gibeonfoɔ no.

2 Ɛno nti ɔhene frɛɛ Gibeonfoɔ no. Nso na Gibeonfoɔ no mfiri Israelfoɔ mu, na mmom wɔyɛ Amorifoɔ nkaeɛ no bi, — na Israelfoɔ aka ntam akyerɛ wɔn sɛ wɔrenkum wɔn, nanso Saulo hwehwɛɛ sɛ ɔku wɔn wɔ mmɔden a wɔbɔ maa Israel ne Yudafoɔ no mu.

3 Ɛnna Dawid bisaa Gibeonfoɔ no sɛ: Ɛdeɛn na menyɛ mma mo? Na ɛdeɛn na memfa mpata mo na moahyira AWURADE agyapadeɛ?

4 Na Gibeonfoɔ ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ dwetɛ anaa sika asɛm na yɛne Saulo ne ne fiefoɔ wɔka, ɛnna ɛnyɛ Israel mu obi na yɛrepɛ no aku no. Na ɔse: Ɛdeɛn na mose menyɛ mma mo?

5 Na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɔbarima a ɔdwerɛɛ yɛn a ɔtuu yɛn tiri so agyina sɛ wɔnsɛe yɛn na yɛannya Israel asase biara so antena no,

6 ma wɔmfa ne mma mu mmarima nson mma yɛn, na yɛnsensɛne wɔn mma AWURADE wɔ Saulo a AWURADE faa no no kuro Gibeon mu. Na ɔhene kaa sɛ: Mɛma.

7 Na AWURADE ntam a ɛda wɔn ntamu, na ɛda Dawid ne Saulo ba Yonatan ntamu no nti, ɔhene hunuu Saulo ba Yonatan ba Mefiboset mmɔbɔ.

8 Na ɔhene faa Aia babaa Rispa mmammarima mmienu a ɔwo maa Saulo, Armoni ne Mefiboset ne Saulo babaa Mikal mmammarima nnum a ɔwo maa Meholatni Barsilai ba Adriel no,

9 na ɔde wɔn hyɛɛ Gibeonfoɔ no nsa, na wɔsensɛnee wɔn bepɔ no so AWURADE anim, na wɔn nnipa nson no totɔɔ prɛko. Na wɔkumm wɔn twaberɛ nna a ɛdi kan mu, atokoɔtwa mfitiaseɛ mu.

10 Na Aia babaa Rispa faa ayitoma de sɛɛ ɔbotan no so deɛ amu no wɔ no fae firii twaberɛ mfitiaseɛ no kɔsii sɛ osuo firi soro guguu wɔn soɔ, na wamma ewiem nnomaa ammɛsisi wɔn so awia, na wiram mmoadoma nso amma wɔn so anadwo.

11 Na wɔbɛkaa deɛ Aia ba Rispa, Saulo mpena no yɛeɛ no kyerɛɛ Dawid.

12 Na Dawid kɔ kɔgyee Saulo nnompe ne ne ba Yonatan nnompe firii Yabes-gileadfoɔ nsam, na wɔn na wɔkɔwiaa no Bet-san abɔntene soɔ, deɛ Filistifoɔ de wɔn sensɛnee da a Filistifoɔ kumm Saulo wɔ Gilboa no,

13 na ɔde Saulo nnompe ne ne ba Yonatan nnompe firii hɔ bae, na wɔboaboaa ano kaa wɔn a wɔsensɛnee wɔn no nnompe ho.

14 Na wɔsiee Saulo ne ne ba Yonatan nnompe Benyamin asase so wɔ Sela, n’agya Kis da mu; na wɔyɛɛ deɛ ɔhene hyɛɛ wɔn no nyinaa; na ɛno akyiri no Onyankopɔn dom asase no.

Filistifoɔ so nkonimdie

15 Na Filistifoɔ ne Israel dii ako bio. Na Dawid ne ne nkurɔfoɔ siane kɔnee Filistifoɔ no koe; na Dawid brɛe.

16 Na Yisbi-benob a ɔyɛ abrane mma mu bi a ne pea duro kari kɔbere mfrafraeɛ nnwetɛbena ahasa na ɔde nkrantɛ foforɔ abɔ n’asene no kaa sɛ ɔrebɛkum Dawid.

17 Na Seruia ba Abisai boaa no, na Dawid bɔɔ Filistini no kumm no. Ɛno na Dawid mmarima no kaa ntam sɛ: Wo ne yɛn remfiri nnkɔ ɔsa bio, na wɔannum Israel kanea.

18 Yei akyiri no, wɔne Filistifoɔ nyaa ɔko bio wɔ Gob. Ɛno mu na Husani Sibekai kumm Saf a ɔyɛ abrane mma mu bie no.

19 Na wɔne Filistifoɔ nyaa ɔko bio wɔ Gob. Na Betlehemni Yaare-oregim ba Elhanan kumm Gitini Goliat a ne pea dua te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua.

20 Na ɔko baa bio wɔ Gat. Na ɔbarima tentene bi wɔ hɔ a ɔwɔ nsateaa ne nansoaa nsia nsia ma ano si aduonu nnan, na ɔno nso yɛ abrane no bi ba.

21 Na ɔretwitwa Israel mpoa no, Dawid nua Simei ba Yonatan kumm no.

22 Nnipa baanan yi yɛ Gat abrane no bi mma a wɔtotɔɔ Dawid ne ne nkoa nsam.