2 Ahemfo 9

Wɔsra Yehu ngo si no Israel so hene

1 Na Odiyifoɔ Elisa frɛɛ adiyifoɔ mma no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ abɔsoɔ, na fa ngo toa yi kura wo nsam, na kɔ Ramot-gilead.

2 Na sɛ woduru hɔ a, hwehwɛ Nimsi ba Yehosafat ba Yehu hɔ, na kɔ mu, na ma no nsɔre mfiri ne nuanom mu, na fa no kɔ mpiakyire pia mu,

3 na fa ngo toa no hwie gu n’atifi, na ka sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Masra wo ngo asi Israel so hene; na hini ɛpono no na dwane, na nnyina.

4 Ɛnna aberanteɛ a ɔyɛ odiyifoɔ aberanteɛ no sii mu kɔɔ Ramot-gilead.

5 Na ɔduruiɛ no, na hwɛ, ɛdɔm so asafohene tete hɔ; na ɔkaa sɛ: Mewɔ asɛm bi mese wo, ɔsafohene. Na Yehu bisaa sɛ: Wone yɛn nyinaa mu hwan? Na ɔse: Mene wo, ɔsafohene.

6 Ɛnna ɔsɔre kɔɔ ɛdan no mu, na ɔhwiee ngo no guu n’atifi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Masra wo masi wo AWURADE man Israel so hene.

7 Na wobɛbɔ wo wura Ahab fie, na matɔ me nkoa adiyifoɔ no mogya ne AWURADE nkoa nyinaa mogya so were Isebel nsam;

8 na Ahab fie nyinaa asɛe, na matwa Ahabni barima biara atwene, akoa oo, ɔdehyeɛ oo, Israel mu.

9 Na mɛyɛ Ahab fie sɛ Nebat ba Yeroboam fie ne Ahia ba Baasa fie.

10 Na akraman bɛwe Isebel nam, Yesreel asase so, na obiara nni hɔ a ɔbɛsie no. Na ɔhinii ɛpono no dwanee.

11 Na Yehu firii adi baa ne wura nkoa nkyɛn. Na obi bisaa no sɛ: Ɛyɛ anaa? Adɛn nti na ɔbɔdamfoɔ yi baa wo nkyɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara monim ɔbarima no ne ne nsɛnkeka.

12 Na wɔse: Atorɔ! Ka kyerɛ yɛn ɛ! Na ɔse: Sɛɛ ne sɛɛ na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Masra wo ngo masi wo Israel so hene.

13 Ɛnna wɔyɛɛ ntɛm yiyii wɔn ntadeɛ de hyehyɛɛ n’ase wɔn nan ase wɔ ntwedeɛ no ara soɔ, na wɔhyɛnee totorobɛnto sɛ: Yehu adi hene!

Yehu di Yehoram ne Ahasia awu

14 Na Nimsi ba Yehosafat ba Yehu pam Yoram tiri so; nso na Yoram ne Israel nyinaa rewɛn wɔ Ramot-gilead, Siriahene Hasael nti;

15 na Ɔhene Yehoram deɛ, na wasane aba Yesreel sɛ ɔrebɛsa pira a ɔne Siriahene Hasael reko no, Siriafoɔ piraa no no. Na Yehu kaa sɛ: Sɛ sei ne w’adwene a, ɛnneɛ mommma obiara mmfiri adi nnnwane mmfiri kuro yi mu nnkɔka no wɔ Yesreel.

16 Na Yehu tenaa teaseɛnam mu kɔɔ Yesreel. Na ɛhɔ na na Yoram da, na Yudahene Ahasia asiane aba sɛ ɔrebɛhwɛ Yoram.

17 Na ɔwɛmfoɔ gyina Yesreel abantenten so; na ɔhunuu Yehu asafokuo no sɛ wɔreba, na ɔkaa sɛ: Mehunu asafokuo bi. Na Yehoram se: Fa ɔpɔnkɔsoteni soma no ma no nkɔhyia wɔn, na ɔmmisa sɛ: Asomdwoeɛ anaa?

18 Na ɔpɔnkɔsoteni bi kɔ kɔhyiaa no, na ɔkaa sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Asomdwoeɛ anaa? Na Yehu se: Wo ne asomdwoeɛ wɔ deɛn na ɛyɛ? Bra bɛdi m’akyi! Na ɔwɛmfoɔ no de nkra kɔmaa ɔhene sɛ: Ɔbɔfoɔ no aduru wɔn nkyɛn, nso ɔnsane mma.

19 Ɛnna ɔsomaa ɔpɔnkɔsoteni a ɔtɔ so mmienu; na ɔkɔduruu wɔn nkyɛn no, ɔkaa sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Ɛyɛ asomdwoeɛ anaa? Na Yehu se: Asomdwoeɛ fa wo ho bɛn? Bra bɛdi m’akyi!

20 Na ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ: Waduru wɔn nkyɛn, nso ɔnsane mma. Na ɔka pɔnkɔ no sɛdeɛ Nimsi ba Yehu ka no, na ɔka no denden pa ara.

21 Ɛnna Yehoram kaa sɛ: Monsiesie! Na wɔsiesiee ne teaseɛnam no. Na Israelhene Yehoram ne Yudahene Ahasia firii adi, wɔn nteaseɛnam mu, na wɔfiri kɔhyiaa Yehu, na wɔkɔtoo no Yesreelni Nabot asase no so.

22 Na Yehoram hunuu Yehu no, ɔbisaa sɛ: Yehu, asomdwoeɛ anaa? Na ɔse: Asomdwoeɛ bɛyɛ dɛn aba, berɛ a wo na Isebel adwamammɔ ne n’abayigorɔ bebree no rekɔ soɔ yi?

23 Ɛnna Yehoram danee ne ho dwaneeɛ, na ɔka kyerɛɛ Ahasia sɛ: Atirisopamsɛm nie, Ahasia!

24 Na Yehu de ne nsa sɔɔ agyan mu to bɔɔ Yehoram abasa ntam, na agyan no hwiree n’akoma mu, na ɔhwee ne teaseɛnam mu.

25 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne kunini Bidkar sɛ: Ma no so to no twene Yesreelni Nabot asase no so! Na kae sɛ me ne wo te apɔnkɔ so bɔɔ anan dii n’agya Ahab akyiri no, AWURADE de atemmusɛm yi too ne so sɛ:

26 Ampa ara, mehunuu Nabot mogya ne ne mma mogya nnora! AWURADE na ɔseɛ: Na mɛtua wo ɛso ka, asase yi so! AWURADE na ɔseɛ. Na afei ma no so to no twene asase yi so, sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ no.

27 Na Yudahene Ahasia hunuiɛ no, ɔfaa turom dan kwan so dwanee. Na Yehu tii no, na ɔkaa sɛ: Mommɔ ɔno nso teaseɛnam no mu. Wɔyɛɛ saa Gur aforoeɛ a ɛwɔ Yibleam ho no; na ɔdwane kɔɔ Megido, na ɔkɔwuu wɔ hɔ.

28 Na ne nkoa de no nam teaseɛnam mu kɔɔ Yerusalem; na wɔsiee no n’asieeɛ kaa n’agyanom ho, Dawid kuro mu.

29 Na Ahab ba Yoram afe a ɛtɔ so dubaako mu na Ahasia bɛdii Yuda so hene.

Isebel awieeɛ a ɛyɛ hu

30 Ɛnna Yehu baa Yesreel. Na Isebel teeɛ no, ɔkekaa n’ani ho adubire, na ɔhyehyɛɛ ne ti, na ɔhwɛɛ mpomma mu.

31 Na Yehu duruu ɛpono no ano no, ɔbisaa sɛ: Ɛyɛ asomdwoeɛ anaa, wo Simri a, wokumm wo wura?

32 Na ɔmaa n’ani so hwɛɛ mpomma no, na ɔbisaa sɛ: Hwan na ɔwɔ m’afa, hwan? Ɛnna pia mufoɔ baanu anaa baasa firi bɔɔ wɔn ani kyerɛɛ no.

33 Na ɔkaa sɛ: Monto no nhwe fam! Ɛnna wɔtoo no hwee fam, na ne mogya bi petee ɔfasuo ho ne apɔnkɔ no ho, na ɔde teaseɛnam faa ne so.

34 Na ɔhyɛnee mu; na ɔdidiiɛ na ɔnomeeɛ no, ɔkaa sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ ɔbaa a wɔadome no no, na monsie no, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔhene babaa.

35 Na wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔsie no, na wɔanhunu ne ho biribiara gye ne tikwankoraa ne ne nan ne ne nsayam.

36 Na wɔsane bɛka kyerɛɛ no; na ɔkaa sɛ: AWURADE asɛm a ɔnam n’akoa Elia Tisbini no so kaeɛ no nie sɛ: Yesreel asase so na akraman bɛwe Isebel nam,

37 na Isebel funu bɛhwete ayɛ sɛ sɛbeɛ wɔ wiram, Yesreel asase no so, na obiara anhunu anka sɛ: Isebel nie!

2 Ahemfo 10

Yehu sɛe Ahab fie

1 Na Ahab wɔ mmammarima aduɔson wɔ Samaria. Na Yehu twerɛtwerɛɛ nwoma na ɔsoma maa wɔde kɔɔ Samaria kɔmaa Yesreel asafohene, mpanimfoɔ ne Ahab mmagyegyefoɔ no sɛ:

2 Sɛ nwoma yi ka mo nsa a, sɛ mo wura mma wɔ mo nkyɛn na nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne nkuro a wɔato ho afasuo ne akodeɛ nso wɔ mo nkyɛn yi;

3 monhwehwɛ mo wura mma no mu deɛ ɔyɛ, ne deɛ ɔtene, na momfa no ntena n’agya adwa so, na monko mma mo wura fie.

4 Na wɔsuroo pa ara kaa sɛ: Hwɛ, ahemfo baanu no annyina n’anim, na yɛn deɛ, yɛbɛgyina sɛn?

5 Na deɛ ɔhwɛ ahemfie no soɔ, ne deɛ ɔdi kuro no soɔ no, mpanimfoɔ ne mmagyegyefoɔ no soma maa wɔkɔɔ Yehu nkyɛn sɛ: Wo nkoa ne yɛn, na deɛ wobɛka akyerɛ yɛn nyinaa, yɛbɛyɛ; yɛrensi ɔhene biara; yɛ deɛ wopɛ.

6 Ɛnna ɔtwerɛɛ wɔn nwoma a ɛtɔ so mmienu sɛ: Sɛ mowɔ m’afa na mobɛtie me a, momfa nnipa no, mo wura mma no tiri mmra me nkyɛn ɔkyena sɛsɛɛ wɔ Yesreel. Nso na ɔhene mma no yɛ mmarima aduɔson; kuro no mu nnipa akɛseɛ no nkyɛn na wɔyɛnee wɔn.

7 Na ɛbaa sɛ nwoma no kaa wɔn nsa no, wɔfaa ɔhene mma no kunkumm nnipa aduɔson no, na wɔde wɔn tiri guu nkɛntɛn mu, na wɔsoma maa wɔde kɔmaa no wɔ Yesreel.

8 Na ɔbɔfoɔ no ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wɔde ɔhene mma no tiri no aba. Na ɔse: Monhɔre no akuo mmienu ɛpono no ano nkɔsi anɔpa.

9 Na anɔpa no, ɔfirii adi kɔgyinaa hɔ, na ɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Modi bem, hwɛ, me na mepamm me wura tiri soɔ na mekumm no; na hwan na ɔkunkumm yeinom nyinaa?

10 Monhunu afei, sɛ AWURADE asɛm a ɔkaa no Ahab fie ho no mu biara bɛba mu, na AWURADE ayɛ deɛ ɔnam n’akoa Elia so kaeɛ no.

11 Na Yehu kumm Ahab fie nnipa a wɔkaa wɔ Yesreel no nyinaa ne ne nnipa akɛseɛ ne n’amannifoɔ ne n’asɔfoɔ nyinaa kɔsii sɛ wannya no obiara amma wamfiri mu amfire.

12 Na ɔsɔre sii mu kɔɔ Samaria; na ɔduruu Bet-eked nnwanhwɛfoɔ nsraban mu, ɔkwan mu no,

13 Yehu hyiaa Yudahene Ahasia nuanom, na ɔbisaa wɔn sɛ: Hwannom ne mo? Na wɔse: Ahasia nuanom ne yɛn, na yɛresiane akɔ akɔhwɛ ɔhene mma ne ɔhemmaa mma no sɛ wɔte sɛn.

14 Na ɔkaa sɛ: Monkye wɔn anikan so! Na wɔkyeree wɔn anikan, na wɔkunkumm wɔn wɔ Bet-eked amena ho, nnipa aduanan mmienu, na wɔannyae wɔn mu biara.

15 Na ɔfiri hɔ rekorɔ no, ɔhunuu Rekab ba Yehonadab sɛ ɔreba abɛhyia no; na ɔkyeaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Wodɔ me sɛdeɛ medɔ woɔ no? Na Yehonadab se: Medɔ wo! Na sɛ ɛte saa a, sɔ me nsa mu ɛ! Na ɔsɔɔ mu; na ɔmaa no foro kɔɔ ne nkyɛn teaseɛnam no mu.

16 Na ɔkaa sɛ: Ɛne me nkɔ, na kɔhwɛ me ninkunu a metwe mema AWURADE. Na ɔmaa no tenaa ne teaseɛnam no mu.

17 Na ɔduruu Samaria no, ɔkumm nnipa a wɔka maa Ahab, Samaria no nyinaa kɔsii sɛ ɔtɔree wɔn ase, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Elia no.

Yehu sɛe Baal

18 Na Yehu boaboaa ɔman no nyinaa ano hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ahab somm Baal kakraa bi, na Yehu deɛ, ɔbɛsom no bebree.

19 Na afei, Baal adiyifoɔ nyinaa, ne n’asomfoɔ nyinaa ne n’asɔfoɔ nyinaa, momfrɛ wɔn mmra me nkyɛn, mommma obiara nnka, na mewɔ afɔdeɛ kɛseɛ bi bɔ mema Baal; obiara a ɔremma no rennya nkwa. Na Yehu yɛɛ no aniteɛ mu, sɛ ɔrebɛsɛe Baal asomfoɔ.

20 Na Yehu kaa sɛ: Mompae nhyia kronkron mma Baal. Na wɔpaee.

21 Na Yehu soma maa wɔkɔkyinii Israel nyinaa, na Baal nkoa nyinaa bae, wɔannya obiara a wamma. Na wɔbaa Baal fie, na Baal fie yɛɛ ma firi ano kɔpem ano.

22 Na ɔka kyerɛɛ deɛ ɔhwɛ ntadeɛ dan soɔ no sɛ: Yiyi ntadeɛ brɛ Baal nkoa nyinaa. Na ɔkɔyii ntadeɛ no de brɛɛ wɔn.

23 Ɛnna Yehu ne Rekab ba Yehonadab kɔɔ Baal fie, na ɔka kyerɛɛ Baal nkoa no sɛ: Mompeepee mu nhunu na AWURADE nkoa mu bi ammɛka mo ho ha sɛ Baal nkoa nko.

24 Na ɔkɔɔ mu sɛ ɔrekɔbɔ afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ.

Na Yehu de mmarima aduɔwɔtwe agyina adihɔ sɛ: Sɛ mmarima a mede wɔn merehyɛ mo nsa yi mu biara firi mu kɔ a, deɛ ɔmaa no kɔeɛ no kra bɛsi ne kra ananmu.

25 Na ɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ no, Yehu ka kyerɛɛ awɛmfoɔ ne akunini no sɛ: Monkɔ nkɔkunkum wɔn, mommma obiara mmfi. Na awɛmfoɔ ne akunini no de nkrantɛ ano kunkumm wɔn totoo wɔn gui.

26 Na wɔkɔɔ Baal fie ban no mu, na wɔyii Baal fie adum no, na wɔhyeeɛ;

27 na wɔbubuu Baal dum no, na wɔdwirii Baal fie no gui, na wɔde yɛɛ tiafi de bɛsi nnɛ.

28 Saa na Yehu sɛee Baal firii Israel.

29 Nanso Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne akyiri deɛ, Yehu amfi, ɛne sika nantwie mma a ɛwɔ Betel ne Dan no.

30 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yehu sɛ: Ɛsiane sɛ woayɛ yei, sɛ woayɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ, na woayɛ Ahab fie sɛdeɛ ɛwɔ m’akoma mu nyinaa nti, wo mma a wɔbɛtɔ so nnan no bɛtena Israel adwa so.

31 Nanso Yehu anhwɛ amfa n’akoma nyinaa anni AWURADE Israel Nyankopɔn mmara so; wamfiri Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho.

32 Nna no mu na AWURADE firii aseɛ twitwaa Israel soɔ, na Hasael dii wɔn so Israel ahyeɛ nyinaa so,

33 ɛfiri Yordan owiapueeɛ, Gilead asase nyinaa, Gadfoɔ ne Rubenfoɔ ne Manasefoɔ deɛ, firi Aroer a ɛwɔ Arnon subonhwa ano ne Gilead ne Basan.

34 Na Yehu ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne mmaninneɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu anaa?

35 Na Yehu tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Samaria; na ne ba Yehoahas sii n’ananmu dii hene.

36 Na nna a Yehu de dii Israel so hene Samaria no yɛ mfirinhyia aduonu nwɔtwe.

2 Ahemfo 11

Atalia ahennie ne ne wuo

1 Na Ahasia ne na Atalia hunuu sɛ ne ba awuo no, ɔsɔree na ɔsɛee adehyeɛ abusua no nyinaa.

2 Na Ɔhene Yoram babaa Yehoseba, Ahasia nuabaa, faa Ahasia ba Yoas, na ɔwiaa no firii ɔhene mma a wɔreku wɔn no mu de no ne ne ɔbagyegyefoɔ kɔɔ pia mu, na ɔde no hunta firii Atalia anim na wɔanku no.

3 Na ɔne no huntaa AWURADE fie mfeɛ nsia. Na Atalia dii asase no so hemmaa.

4 Na afe a ɛtɔ so nson mu no, Yehoiada soma maa wɔkɔfaa Karifoɔ ne awɛmfoɔ no ɔha ha so asafohene baa ne nkyɛn AWURADE fie, na ɔne wɔn pamee, na ɔmaa wɔkekaa ntam AWURADE fie, na ɔde ɔhene ba no kyerɛɛ wɔn.

5 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Adeɛ a monyɛ nie: Mo mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako mmra adwuma homeda, na mommɛwɛn ɔhene fie,

6 (na nkyɛmu baako ntena Sur pono ano, na nkyɛmu baako nso ntena awɛmfoɔ akyiri pono no ano); na monwɛn efie no mmɔ ho ban.

7 Na mo mu asafokuo mmienu, wɔn a homeda wɔwɛn AWURADE fie no nkɔwɛn ɔhene no.

8 Na montwa ɔhene no ho nhyia, monkurakura mo akodeɛ mo nsam; na deɛ ɔbɛba mo kuo no mu no, monku no; na montena ɔhene ho, n’adifire ne ne muba mu.

9 Na asafohene no yɛɛ sɛdeɛ ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛeɛ no nyinaa, na wɔfaa wɔn nnipa a wɔba adwuma homeda ne wɔn a wɔmma homeda no, na wɔbaa Ɔsɔfoɔ Yehoiada nkyɛn.

10 Na ɔsɔfoɔ no de Ɔhene Dawid mpea ne akyɛm a ɛwɔ AWURADE fie no maa ɔha asafohene no.

11 Na awɛmfoɔ no gyinagyina ho kurakura wɔn akodeɛ wɔn nsam, ɛfiri ɛdan no anafoɔ fam ntwea so kɔsi ɛdan no atifi fam ntwea so, afɔrebukyia no ho ne ɛdan no ho, atwa ɔhene no ho ahyia.

12 Na ɔyii ɔhene ba no firii adi, na ɔde ahemmotire no bɔɔ ne ti, na ɔde adanseɛ nwoma no hyɛɛ ne nsa, na wɔsii no hene, na wɔsraa no ngo, na wɔbobɔɔ wɔn nsam sɛ: Ɔhene tiri nkwa!

13 Ɛnna Atalia tee awɛmfoɔ ne ɔman no gyegyeegye no, ɔbaa nkurɔfoɔ no nkyɛn AWURADE fie;

14 na ɔbɛhunui, na hwɛ, na ɔhene no gyina simpie no so sɛdeɛ ne yɛbea teɛ no, na asafohene no ne ntotorobɛntohyɛnfoɔ wɔ ɔhene no nkyɛn, na asase no so nkurɔfoɔ no nyinaa ani agye, na wɔhyenhyɛnee ntotorobɛnto. Ɛnna Atalia sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔteaa mu sɛ: Atirisopam, atirisopam!

15 Na Ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ ɔha ha so asafohene a wɔhwɛ dɔm no soɔ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyi no mfa mo mu mfi, na deɛ ɔbɛdi n’akyire no, momfa nkrantɛ nku no. Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Wɔnnku no AWURADE fie.

16 Enti wɔsɔɔ ne mu de no kɔfaa kwan a apɔnkɔ nam so ba ahemfie no so; na wɔkumm no hɔ.

Yehoiada Nhyehyɛɛ foforɔ

17 Na Yehoiada de apam too AWURADE ne ɔhene ne ɔman no ntam, sɛ wɔnyɛ AWURADE man; na ɔde too ɔhene ne ɔman no nso ntam.

18 Ɛnna asase no so nkurɔfoɔ nyinaa kɔɔ Baal fie kɔdwirii n’afɔrebukyia ne n’ahoni no, wɔbubuu no pasaa, na Baal sɔfoɔ Matan nso, wɔkum no afɔrebukyia no anim. Na ɔsɔfoɔ no de awɛmfoɔ gyinagyinaa AWURADE fie no ho.

19 Na ɔfaa asafohene ne Karifoɔ ne awɛmfoɔ ne asase no so nkurɔfoɔ nyinaa, na wɔde ɔhene no firii AWURADE fie siane bɛfaa awɛmfoɔ pono ano kwan so baa ahemfie, na ɔtenaa ahennwa no so.

20 Na asase no so nkurɔfoɔ nyinaa ani gyee, na kuro no mu dwoe; na Atalia deɛ, wɔde nkrantɛ kumm no ɔhene fie hɔ.

21 Yehoas bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia nson.

2 Ahemfo 12

Yehoas di Yuda so hene

1 Yehu afe a ɛtɔ so nson so na Yehoas bɛdii hene, na ɔdii hene mfirinhyia aduanan wɔ Yerusalem. Na ne na din de Sibia a ɔfiri Beer-seba.

2 Na Yehoas yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, ɛfiri sɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada na ɔkyerɛkyerɛɛ no.

3 Nanso sorɔnsorɔmmea no deɛ, wanyi; na ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee aduhwam sorɔnsorɔmmea no so.

4 Na Yehoas ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ: Akronkronneɛ sika a wɔde ba AWURADE fie nyinaa ne obiara kra tiri sika sɛ wɔbɔ no boɔ no, ne sika biara nso a ɛba obi akoma mu sɛ ɔde bɛba AWURADE fie no,

5 asɔfoɔ no nnyegye no wɔn amannifoɔ nkyɛn, na wɔmfa nsiesiee efie no baabi a ayɛ agoɔ no ne baabiara a wɔbɛhunu sɛ agoɔ bi wɔ hɔ.

6 Na Ɔhene Yehoas afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa soɔ no, na asɔfoɔ no nnya nsiesiee efie no mu adango no.

7 Ɛnna Ɔhene Yehoas frɛɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada ne asɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na monsiesiee efie no mu adango no? Afei monnnyegye sika amannifoɔ nkyɛn bio, na monyi mma na wɔmfa nyɛ efie no adango no.

8 Na asɔfoɔ no penee sɛ wɔrennye ɔman no hɔ sika, na wɔrenyɛ efie no mu adango no bio.

9 Ɛnna Ɔsɔfoɔ Yehoiada faa adaka bi, na ɔtuu ne mmuasoɔ mu tokuro, na ɔde sii afɔrebukyia ho, deɛ wɔfa ba AWURADE fie no nifa; na asɔfoɔ a wɔhwɛ ɛpono no ano no de sika a wɔde ba AWURADE fie no nyinaa guu mu.

10 Na sɛ wɔhunu sɛ sika pii wɔ adaka no mu a, ɔhene atwerɛfoɔ ne ɔsɔfoɔ panin no foro ba, na wɔbɛkyekyere, na wɔkan sika a wɔhu no AWURADE fie no.

11 Na wɔde sika a wɔakarie no hyɛɛ wɔn a wɔyɛɛ adwuma no a wɔde wɔn sisii AWURADE fie so ahwɛfoɔ no nsa, na wɔyi maa nnua adwumfoɔ ne adansifoɔ a wɔyɛ AWURADE fie no,

12 ne abantofoɔ, ne abotwafoɔ, ne sɛ wɔde bɛtɔ nnua ne aboɔ a wɔatwa, sɛ wɔde bɛpempam AWURADE fie adango no, ne sɛ wɔde bɛtua efie no adango no bɛsiesie ho adeɛ a wɔhwereɛ nyinaa ka.

13 Nanso wɔamfa sika a wɔde ba AWURADE fie no mu bi anyɛ AWURADE fie dwetɛ nyowaa, adumgya, nkoraa, ntotorobɛnto anaa sika ne dwetɛ adeɛ biara.

14 Na wɔde maa wɔn a wɔyɛ adwuma no, na wɔde siesie AWURADE fie no.

15 Nanso wɔne nnipa a wɔde sika hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa mma adwumayɛfoɔ no ammu nkonta, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ no nokorɛ mu.

16 Asodie afɔdeɛ sika ne bɔne ho afɔdeɛ sika deɛ, wɔamfa amma AWURADE fie; ɛyɛ asɔfoɔ no dea.

Hasael tu Yerusalem so sa

17 Ɛberɛ no mu na Siriahene Hasael foro bɛnee Gat koeɛ, na ɔfae; na Hasael de n’ani kyerɛɛ sɛ ɔreforo aba Yerusalem.

18 Ɛnna Yudahene Yehoas faa akronkronneɛ nyinaa a n’agyanom Yuda ahemfo Yehosafat, Yehoram ne Ahasia yɛɛ no kronkron no ne n’akronkronneɛ ne sika a wɔhunuu no AWURADE fie ne ahemfie akoradeɛ mu nyinaa, na ɔsoma maa wɔde kɔmaa Siriahene Hasael; ɛnna ɔfirii Yerusalem ho kɔeɛ.

19 Na Yehoas ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu.

20 Na ne nkoa sɔre pam ne tiri so, na wɔkumm Yehoas wɔ Milo dan a ɛwɔ kwan a ɛde rekɔ Sila no mu.

21 Na ne nkoa Simeat ba Yosakar ne Somer ba Yehosabad bɔɔ no na ɔwui; na wɔsiee no kaa n’agyanom ho, Dawid kuro mu; na ne ba Amasia bɛdii n’adeɛ.

2 Ahemfo 13

Yehoahas di Israel so hene

1 Yudahene Ahasia ba Yoas afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa so na Yehu ba Yehoahas bɛdii Israel so hene Samaria mfeɛ dunson.

2 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔdii Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne akyi; wamfiri ho.

3 Na AWURADE bo fu tiaa Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ Siriahene Hasael nsa ne Hasael ba Ben-hadad nsa nna nyinaa.

4 Na Yehoahas koto srɛɛ AWURADE, na AWURADE tiee no, ɛfiri sɛ ɔhunuu ɔhaw a Siriahene de reha Israel no.

5 Na AWURADE maa Israel ɔgyefoɔ, na wɔfirii Siriafoɔ nsa ase, na Israel mma tenaa wɔn ntomadan mu sɛ akane no.

6 Nanso wɔamfiri Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no fie bɔne ho; emu na wɔnanteeɛ. Na Asera nnua no nso sisii Samaria.

7 Na wɔannya dɔm biara amma Yehoahas gye apɔnkɔsotefoɔ aduonum ne nteaseɛnam du ne anammɔnmufoɔ mpem du, ɛfiri sɛ na Siriahene asɛe wɔn, na wayɛ wɔn sɛ mfuturo a wɔtiatia soɔ.

8 Na Yehoahas ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne mmaninneɛ, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?

9 Na Yehoahas tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Samaria; na ne ba Yoas bɛdii n’adeɛ.

Yehoas di Israel so hene

10 Yudahene Yoas afe a ɛtɔ so aduasa nson so na Yehoahas ba Yehoas bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ dunsia.

11 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne nyinaa ho; emu na ɔnanteeɛ.

12 Na Yoas ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne mmaninneɛ, sɛ ɔne Yudahene Amasia dii ako no, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?

13 Na Yoas tii n’agyanom wɔ asamando, na Yeroboam bɛtenaa n’adwa so; na wɔsiee Yoas Samaria kaa Israel ahemfo ho.

Elisa nkɔmhyɛ ne ne wuo

14 Nso na Elisa yare ne yadeɛ a ɔde wuiɛ no. Na Israelhene Yoas siane baa ne nkyɛn bɛsuu n’anim, na ɔkaa sɛ: M’agya, m’agya! Israel nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ!

15 Ɛnna Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔfa tadua ne agyan! Na ɔde tadua ne agyan brɛɛ no.

16 Na ɔka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Fa wo nsa sɔ tadua no mu. Na ɔde ne nsa sɔɔ mu; na Elisa de ne nsa guu ɔhene no nsa so.

17 Na ɔkaa sɛ: Hini apueeɛ mpomma no! Na ɔhiniiɛ. Na Elisa se: To! Na ɔtoe. Na ɔse: AWURADE nkonimdie agyan, Siria so nkonimdie agyan! Na wobɛbɔ Siria wɔ Afek akɔsi sɛ wobɛdwerɛ wɔn.

18 Na ɔkaa sɛ: Fa agyan no! Na ɔtasee. Na ɔka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: To bɔ fam! Na ɔto bɔɔ fam mprɛnsa, na ɔgyaeɛ.

19 Ɛnna Nyankopɔn nipa no bo fuu no kaa sɛ: Anka ɛsɛ sɛ woto no mprɛnnum anaa nsia; ɛno na anka wobɛbɔ Siria akɔsi sɛ wobɛdwerɛ wɔn; enti nso mprɛnsa pɛ na wobɛbɔ Siria.

20 Na Elisa wui, na wɔsiee no. Na afe no baeɛ no, Moabfoɔ afomfafoɔ asafo baa asase no so.

21 Na wɔrekɔsie onipa bi, na hwɛ, wɔhunuu asafokuo no, wɔtoo onipa no twenee Elisa da mu; na onipa no kɔkaa Elisa nnompe pɛ, ɔnyaa nkwa, na ɔsɔre gyinaa ne nan so.

Yehoas di Ben-hadad so nkonim

22 Na Siriahene Hasael haa Israel, Yehoahas nna nyinaa.

23 Nanso AWURADE dom wɔn, na ne yam hyehyee no maa wɔn, na ɔdanee ne ho kyerɛɛ wɔn n’apam a ɔne Abraham, Isak ne Yakob pameeɛ no nti, na wampɛ sɛ ɔsɛe wɔn, na wanto wɔn antwene amfiri n’anim de bɛsi seesei.

24 Na Siriahene Hasael wuiɛ; na ne ba Ben-hadad bɛdii n’adeɛ.

25 Na Yehoahas ba Yehoas sane kɔgyee Hasael ba Ben-hadad nsam nkuro a ɔde ɔko bɛgyee no n’agya Yehoahas nsam no; mprɛnsa na Yoas bɔɔ no, na ɔgyee Israel nkuro no.

2 Ahemfo 14

Amasia di Yuda so hene

1 Israelhene Yoahas ba Yoas afe a ɛtɔ so mmienu mu na Yudahene Yoas ba Amasia bɛdii hene.

2 Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduonu nnum, na ɔdii hene mfeɛ aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yehoadin a ɔfiri Yerusalem.

3 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, nanso na ɛnte sɛ n’agya Dawid; sɛdeɛ n’agya Yoas yɛeɛ no nyinaa na ɔno nso yɛeɛ,

4 nanso sorɔnsorɔmmea no deɛ, wɔanyi. Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee aduhwam sorɔnsorɔmmea no so.

5 Na ahennie no timm ne nsam no, ɔkumm ne nkoa a wɔkumm n’agya ɔhene no.

6 Na awudifoɔ no mma no deɛ, wanku wɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara no mu sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ sɛ: Wɔnnkum agyanom mma nti a, nso wɔnkum mma agyanom nti, na mmom obiara bɔne so na wɔnkum no.

7 Ɔno na ɔkumm Edom mu nnipa mpemdu Nkyene-bonhwa mu, na ɔde ɔko faa Sela, na ɔtoo ne din Yokteel de bɛsi nnɛ.

8 Ɛberɛ no mu na Amasia somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Israelhene Yehu ba Yehoahas ba Yehoas nkyɛn sɛ: Bra, ma yɛnsɔ yɛn ho nhwɛ.

9 Na Israelhene Yehoas soma maa wɔbaa Yudahene Amasia nkyɛn sɛ: Nkasɛɛ dua a ɛwɔ Lebanon no soma maa wɔkɔɔ tweneduro a ɛwɔ Lebanon no nkyɛn sɛ: Fa wo babaa ma me ba nware. Na wiram mmoa a wɔwɔ Lebanon no sene bɛtiatiaa nkasɛɛ dua no so.

10 Kum deɛ woakum Edom, na w’akoma ama wo so. Ma w’animuonyam nnɔɔso mma wo na tena wo fie, na adɛn nti na wo ne mmusuo rebɛdi aperepereɛ na woahwe aseɛ, wo ne Yuda nyinaa?

11 Na Amasia antie. Ɛnna Israelhene Yehoas foro baeɛ, na wɔbɛhyiaam koe, ɔno ne Yudahene Amasia wɔ Bet-semes a ɛyɛ Yuda dea hɔ.

12 Na Yuda dii nkoguo wɔ Israel anim, na wɔdwane kokɔɔ wɔn ntomadan mu.

13 Na Israelhene Yoas kyeree Ahasia ba Yehoas ba Yudahene Amasia wɔ Bet-semes; na ɔbaa Yerusalem bɛdwirii Yerusalem fasuo firi Efraim pono no ho de kɔsii ntwea pono no ho basafa ahanan.

14 Na ɔfaa sika ne dwetɛ nyinaa ne nnwinneɛ a ɔhunuu no AWURADE fie, ne ahemfie akoradeɛ mu, ne nnommum pii, na ɔsane kɔɔ Samaria.

15 Na Yoas ho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ ne ne mmaninneɛ ne sɛdeɛ ɔne Yudahene Amasia koeɛ no, wɔantwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu?

16 Na Yehoas tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Samaria kaa Israel ahemfo ho, na ne ba Yeroboam bɛdii n’adeɛ.

Yuda hene Amasia wuo

17 Yoas ba Yudahene Amasia tenaa ase Yehoahas ba Israelhene Yehoas wuo akyi mfirinhyia dunum.

18 Na Amasia ho nsɛm nkaeɛ no, wɔatwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu.

19 Na wɔpam ne tiri so Yerusalem, na ɔdwane kɔɔ Lakis; na wɔsoma maa wɔtii no kɔɔ Lakis, na wɔkɔkumm no wɔ hɔ.

20 Na wɔde no too apɔnkɔ so bae, na wɔsiee no Yerusalem kaa n’agyanom ho, Dawid kuro mu.

21 Ɛnna Yuda man no nyinaa faa Asaria a wadi mfeɛ dunsia no na wɔsii no hene sii n’agya Amasia ananmu.

22 Ɔno na ɔkyekyeree Elat na ɔdane maa Yuda, na akyire yi no ɔhene no tii n’agyanom wɔ asamando.

Yeroboam a ɔtɔ so mmienu di Israel so hene

23 Yudahene Amasia, Yoas ba, afe a ɛtɔ so dunum so na Israelhene Yeroboam, Yoas ba, bɛdii hene, Samaria, na ɔdii adeɛ mfeɛ aduanan baako.

24 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne nyinaa ho.

25 Ɔno na ɔkɔgyee Israel hyeɛ sane maa wɔn de firi Hamat de bɛsi Araba po ano, sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔnam n’akoa Amitai ba Yona, odiyifoɔ a ɔfiri Gat-hefer so kaeɛ no.

26 Na AWURADE hunuu Israel amanehunu, sɛ ɛyɛ nwono papa, na ɔdehyeɛ ne akoa nyinaa kɔ a Israel nni ɔboafoɔ biara.

27 Nso na AWURADE nkaa sɛ ɔbɛpepa Israel din afiri ɔsoro ase, na ɔnam Yoas ba Yeroboam so gyee wɔn.

28 Na Yeroboam ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne mmaninneɛ, sɛdeɛ ɔkoeɛ, ne sɛdeɛ ɔdanee Damasko ne Hamat a na ɛyɛ Yuda dea no maa Israel no, wɔantwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu?

29 Na Yeroboam tii n’agyanom Israel ahemfo wɔ asamando, na ne ba Sakaria bɛdii n’adeɛ.

2 Ahemfo 15

Asaria di Yuda so hene

1 Israelhene Yeroboam afe a ɛtɔ so aduonu nson mu na Yudahene Amasia ba Asaria bɛdii hene.

2 Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ dunsia, na ɔdii hene mfirinhyia aduonum mmienu wɔ Yerusalem. Na ne na din ne Yekolia a ɔfiri Yerusalem.

3 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Amasia yɛeɛ no nyinaa;

4 gye sorɔnsorɔmmea no na wɔanyie; na ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee aduhwam wɔ sorɔnsorɔmmea no so.

5 Na AWURADE bɔɔ ɔhene no maa no yaree kwata de kɔsii ne wuda; na ɔkɔtenaa fie foforɔ a obiara nte mu, na ɔhene ba Yotam na ɔdii efie no soɔ na ɔbuu asase no sofoɔ atɛn.

6 Na Asaria ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu?

7 Na Asaria tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho Dawid kuro mu; na ne ba Yotam bɛdii n’adeɛ.

Sakaria di Yuda so hene

8 Yudahene Asaria afe a ɛtɔ so aduasa nwɔtwe mu na Yeroboam ba Sakaria bɛdii Israel so hene Samaria. Ɔdii hene abosome nsia.

9 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ n’agyanom yɛeɛ no; wamfiri Nebat ba Yeroboam bɔne a ɔmaa Israel yɛeɛ no ho.

10 Na Yabes ba Salum pam ne tiri so, na ɔbɔɔ no Ibleam kumm no, na ɔsii n’ananmu dii hene.

11 Na Sakaria ho nsɛm nkaeɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu.

12 (Ɛno ne AWURADE asɛm no a ɔka kyerɛɛ Yehu sɛ: W’awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so nnan mu mma bɛtena Israel adwa so no baa mu.)

Salum di Israel so hene

13 Yabes ba Salum bɛdii hene, Yudahene Usia afe a ɛtɔ so aduasa nkron mu; na ɔdii hene bosome wɔ Samaria.

14 Na Gadi ba Menahem firii Tirsa foro baa Samaria, na ɔbɛbɔɔ Yabes ba Salum wɔ Samaria kumm no, na ɔsii n’ananmu dii hene.

15 Na Salum ho nsɛm nkaeɛ ne n’apam a ɔpameeɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu.

16 Ɛberɛ no mu no Menahem firii Tirsa kɔkum Tifsa ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa ne ɛho asase, ɛfiri sɛ wɔanhini no nti, ɔkumm wɔn, na ɔpaepaee emu anyinsɛnfoɔ nyinaa mu.

Menahem di Israel so hene

17 Yudahene Asaria afe a ɛtɔ so aduasa nkron mu na Gadi ba Menahem bɛdii Israel so hene mfeɛ du wɔ Samaria.

18 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho ne nna nyinaa.

19 Asiriahene Pul baa asase no so, na Menahem maa Pul dwetɛ dwetikɛseɛ apem, sɛ ɔmmoa no nhyɛ ne nsa mu den, n’ahennie no mu.

20 Na Menahem gyegyee Israel hɔ toɔ, mmarima a wɔbɛtumi nyinaa hɔ dwetɛ nnwetɛbena aduonum aduonum, sɛ ɔde rekɔma Asiriahene. Ɛnna Asiriahene nsa kaeɛ no ɔsaneeɛ, na wannyina asase no so hɔ.

21 Na Menahem ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu?

22 Na Menahem tii n’agyanom wɔ asamando, na ne ba Pekahia bɛdii n’adeɛ.

Pekahia di Israel so hene

23 Yudahene Asaria afe a ɛtɔ so aduonum mu na Menahem ba Pekahia bɛdii Israel so hene Samaria mfeɛ mmienu.

24 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho.

25 Na ne kunini Peka a ɔyɛ Remalia ba pam ne tiri so, na ɔbɔɔ no Samaria ahemfie aban mu, ɔne Argob ne Arie, na Gileadfoɔ mma mu mmarima aduonum ka ne ho; na ɔkumm no, na ɔbɛdii n’adeɛ.

26 Na Pekahia ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma mu.

27 Yudahene Asaria afe a ɛtɔ so aduonum mmienu mu na Remalia ba Peka bɛdii Israel so hene Samaria mfeɛ aduonu.

28 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho.

29 Israelhene Peka berɛ so na Asiriahene Tiglat-pileser ba bɛfaa Iyon, Abel-bet-maaka, Yanoa, Kedes, Hasor, Gilead ne Galilea, Naftali asase nyinaa, na ɔtuu wɔn kɔɔ Asiria.

30 Na Ela ba Hosea pam Remalia ba Peka tiri so, na ɔbɔɔ no kumm no, na ɔbɛdii n’adeɛ Usia ba Yotam afe a ɛtɔ so aduonu mu.

31 Na Peka ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu.

Yotam di Yuda so hene

32 Israelhene Remalia ba Peka afe a ɛtɔ so mmienu mu na Yudahene Usia ba Yotam bɛdii hene.

33 Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduonu nnum, na mfirinhyia dunsia na ɔdii hene Yerusalem. Na ne na din de Yerusa a ɔyɛ Sadok babaa.

34 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Usia yɛeɛ nyinaa na ɔyɛeɛ;

35 gye sorɔnsorɔmmea na wanyiyie, na ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ, hyee nnuhwam wɔ so. Ɔno na ɔsii AWURADE fie pono a ɛkorɔn no.

36 Na Yotam ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?

37 Nna no mu na AWURADE firii aseɛ somaa Siriahene Resin ne Remalia ba Peka baa Yuda soɔ.

38 Na Yotam tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho, n’agya Dawid kuro mu, na ne ba Ahas bɛdii n’adeɛ.

2 Ahemfo 16

Ahas di Yuda so hene

1 Remalia ba Peka afe a ɛtɔ so dunson mu na Yudahene Yotam ba Ahas bɛdii hene.

2 Ahas bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu, na ɔdii hene mfirinhyia dunsia Yerusalem. Na wanyɛ deɛ ɛtene AWURADE, ne Nyankopɔn, ani so sɛ n’agya Dawid.

3 Na ɔfaa Israel ahemfo kwan so, na ne ba mpo ɔde no bɔɔ afɔdeɛ sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn firii Israel mma anim no akyiwadeɛ a na wɔyɛ.

4 Na ɔbobɔɔ afɔdeɛ na ɔhyee nnuhwam sorɔnsorɔmmea ne nkokoɔ so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase.

5 Ɛberɛ no mu na Siriahene Resin ne Israelhene Remalia ba Peka foro baa Yerusalem bɛkoeɛ; na wɔkaa Ahas hyɛɛ mu, nanso wɔantumi anni ne so.

6 Ɛberɛ no mu ara na Siriahene Resin gyee Elat sane maa Siria, na ɔpamoo Yudafoɔ no firii Elat, na Edomfoɔ baa Elat bɛtenaa hɔ de bɛsi nnɛ.

7 Na Ahas somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Asiriahene Tiglat-pileser nkyɛn sɛ: W’akoa ne wo ba ne me; foro bra bɛgye me Siriahene ne Israel hene a wɔasɔre atia me yi nsam.

8 Na Ahas faa dwetɛ ne sika a wɔhunuu no AWURADE fie ne ahemfie akoradeɛ mu no soma maa wɔde kɔmaa Asiriahene sɛ ayɛyɛdeɛ.

9 Na Asiriahene tiee no, na Asiriahene foro baa Damasko, na ɔbɛfae, na ɔtuu wɔn kɔduaa Kir, na ɔkum Resin.

10 Na Ɔhene Ahas sii mu kɔhyiaa Asiriahene Tiglat-pileser wɔ Damasko; na ɔkɔhunuu afɔrebukyia a ɛwɔ Damasko no, na Ɔhene Ahas de afɔrebukyia no nsɛsoɔ ne nsususoɔ sɛdeɛ ne yɛbea nyinaa teɛ soma maa wɔde brɛɛ Ɔsɔfoɔ Uria.

11 Na Ɔsɔfoɔ Uria sii afɔrebukyia no sɛdeɛ Ɔhene Ahas soma firii Damasko de brɛɛ no no, saa na Ɔsɔfoɔ Uria yɛ twɛnee ba a Ɔhene Ahas firi Damasko baeɛ.

12 Na ɔhene firi Damasko baeɛ no, ɔhene bɛhunuu afɔrebukyia no, na ɔhene twe pinii afɔrebukyia no ho, na ɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ.

13 Na ɔhyee ne hyeɛ afɔdeɛ ne n’aduane afɔdeɛ, na ɔhwiee n’ahwiesa, na ɔde n’asomdwoeɛ afɔdeɛ mogya petee afɔrebukyia no so.

14 Na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim no, ɔtwe firii asɔredan no anim, afɔrebukyia foforɔ no ne AWURADE dan no ntam de kɔsii afɔrebukyia no nkyɛn mu atifi fam.

15 Na Ɔhene Ahas hyɛɛ Ɔsɔfoɔ Uria sɛ: Afɔrebukyia kɛseɛ no so na hye anɔpa hyeɛ afɔdeɛ ne anwummerɛ aduane afɔdeɛ ne ɔhene hyeɛ afɔdeɛ ne n’aduane afɔdeɛ ne asase yi sofoɔ nyinaa hyeɛ afɔdeɛ ne wɔn aduane afɔdeɛ ne wɔn ahwiesa, na fa ɔhyeɛ afɔdeɛ mogya nyinaa ne okum afɔdeɛ nyinaa mogya pete so; na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no nsi me hɔ na makɔ so abisa.

16 Na Ɔsɔfoɔ Uria yɛɛ sɛdeɛ Ɔhene Ahas hyɛɛ no no nyinaa.

17 Na Ɔhene Ahas twitwaa nnaka no nhyehyɛmu no, na ɔyiyii so nnwaresɛn no, na ɔyii dwaresɛn no firii kɔbere mfrafraeɛ anantwie a ɛwɔ aseɛ no so, na ɔde sii mmoseaa bi so.

18 Na ɔkwan a wɔakata soɔ a wɔfa so homeda a wɔyɛɛ no efie no mu, ne ɔhene mfikyikwan no, Asiriahene nti ɔyi kɔtoo AWURADE fie.

19 Na Ahas ho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ no, wɔantwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu?

20 Na Ahas tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho Dawid kuro mu; na ne ba Hesekia bɛdii n’adeɛ.

2 Ahemfo 17

Hosea yɛ Israel hene a ɔdi akyire

1 Yudahene Ahas afe a ɛtɔ so dummienu mu na Ela ba Hosea bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ nkron.

2 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, nanso na ɛnte sɛ Israel ahemfo a wɔdii n’anim no.

3 Ɔno so na Asiriahene Salmaneser baeɛ, na Hosea bɛyɛɛ n’akoa, na ɔtuaa apeatoɔ maa no.

4 Na Asiriahene hunuu sɛ Hosea apam ne tiri so, sɛ wasoma abɔfoɔ ama wɔakɔ Misraimhene So nkyɛn, na wamfa apeatoɔ ankɔma Asiriahene sɛ daa afe no. Na Asiriahene bɛkyekyeree no kɔtoo nneduadan mu.

5 Na Asiriahene tu baa asase no nyinaa so, na ɔbaa Samaria bɛkaa no hyɛɛ mu mfeɛ mmiɛnsa.

6 Hosea afe a ɛtɔ so nkron mu na Asiriahene faa Samaria, na ɔtuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔduaa Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkuro mu.

Asiria tukorɔ

7 Na ɛbaa saa, ɛfiri sɛ na Israelfoɔ ayɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn Misraim asase soɔ Misraimhene Farao nsam baeɛ no bɔne, na wɔakɔsom anyame foforɔ,

8 na wɔanante amanaman a AWURADE tuu wɔn firii Israel mma anim no amammerɛ ne Israel ahemfo deɛ a wɔhyehyɛeɛ no mu.

9 Na Israelfoɔ no nam aseɛ dii nsɛm a ɛmfata, na ɛne AWURADE wɔn Nyankopɔn dii asie, na wɔsisii sorɔnsorɔmmea, wɔn nkuro nyinaa mu, ɛfiri awɛmfoɔ abantenten so kɔsi afasuo nkuro so,

10 na wɔyeyɛɛ adum ne Asera nnua, nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so, ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase maa wɔn ho.

11 Na ɛhɔ na wɔhyee nnuhwam sorɔnsorɔmmea nyinaa, sɛ amanaman a AWURADE tutuu wɔn firii wɔn anim no, na wɔdii nsɛmmɔne de huruu AWURADE bo.

12 Na wɔsonsom ahonihuhuo a AWURADE aka wɔn ɛho asɛm sɛ: Monnni saa asɛm yi, no.

13 Na AWURADE nam n’adiyifoɔ nyinaa ne adehunufoɔ nyinaa so dii Israel ne Yuda adanseɛ sɛ: Monsane mfiri mo akwammɔne no so, na monni me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifoɔ no so memaa wɔde brɛɛ mo no nyinaa.

14 Nanso wɔantie, na wɔsensenee wɔn kɔn sɛ wɔn agyanom a wɔannye AWURADE wɔn Nyankopɔn annie no kɔn.

15 Na wɔpoo n’ahyɛdeɛ ne n’apam a ɔne wɔn agyanom pameeɛ ne n’adanseɛ a ɔdii wɔn no, na wɔkɔdii ahuhudeɛ akyi dii ahuhusɛm, na wɔkɔdii amanaman a wɔatwa wɔn ho ahyia a AWURADE hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnyɛ sɛ wɔn no akyi.

16 Na wɔgyaa AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nyinaa, na wɔyɛɛ ahoni a wɔaguo, nantwie mma mmienu fae, na wɔyɛɛ Asera nnua, na wɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa, na wɔsom Baal.

17 Na wɔmemaa wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa fefaa ogya mu, na wɔhyehyɛɛ nkɔm bisabisaa adeɛ, na wɔtontɔn wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ AWURADE ani so bɔne de ahuru ne bo.

18 Enti na AWURADE faa Israel abufuo sɛɛ, na ɔyii wɔn firii n’anim, wannya obiara sɛ Yuda abusuakuo nko.

19 Yuda nso anni AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nsɛm so, na wɔnantee Israel ahyɛdeɛ a wɔyɛeɛ no mu.

20 Enti na AWURADE poo Israel asefoɔ nyinaa, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa kɔsii sɛ ɔtoo wɔn firii n’anim guiɛ.

21 Na Israel te firii Dawid fie ho, na wɔde Nebat ba Yeroboam sii hene, na Yeroboam twee Israel firii AWURADE akyiridie ho, maa wɔyɛɛ bɔne kɛse.

22 Na Israelfoɔ kɔnantee Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ no nyinaa mu; wɔamfiri ho

23 de kɔsii sɛ AWURADE yii Israel firii n’anim, sɛdeɛ ɔnam ne nkoa adiyifoɔ no nyinaa so kaeɛ no. Ɛno na wɔtuu Israel firii n’asase so kɔɔ Asiria de bɛsi nnɛ.

Samariafoɔ asefire

24 Na Asiriahene kɔfaa nnipa firii Babel ne Kuta ne Awa ne Hamat ne Sefarwaim de wɔn bɛduaa Samaria nkuro mu sii Israelfoɔ no ananmu, na wɔdii Samaria so na wɔtenaa ne nkuro mu.

25 Na ɛbaa sɛ wɔn hɔ tena mfitiaseɛ mu no na wɔnsuro AWURADE, na AWURADE somaa agyata maa wɔbaa wɔn mu a wɔkunkumm wɔn mu binom.

26 Na wɔkɔka kyerɛɛ Asiriahene sɛ: Amanaman a woatutu wɔn de wɔn abɛdua Samaria nkuro mu yi, wɔnnim asase no so Nyankopɔn no atemmudeɛ, enti wasoma agyata ama wɔaba wɔn mu, na hwɛ, wɔrekunkum wɔn, ɛsiane sɛ wɔnnim asase no so Nyankopɔn atemmudeɛ.

27 Ɛnna Asiriahene no hyɛɛ sɛ: Momma asɔfoɔ a moatu wɔn hɔ no mu baako nkɔ hɔ, na ɔnkɔ nkɔtena hɔ, na ɔnkyerɛkyerɛ wɔn asase no so Nyankopɔn no atemmudeɛ.

28 Na asɔfoɔ a wɔtuu wɔn firii Samaria no mu baako ba bɛtenaa Betel, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔnsuro AWURADE.

29 Nanso amanaman no yeyɛɛ wɔn anyame, na wɔde wɔn sisii sorɔnsorɔmmea adan a Samariafoɔ yeyɛeɛ no mu; ɔman biara, wɔn nkuro a wɔte mu no mu.

30 Na Babelfoɔ no yɛɛ Sukot Benot, na Kutfoɔ no yɛɛ Nergal, na Hamatfoɔ no yɛɛ Asima,

31 na Awifoɔ no yɛɛ Nibhas ne Tartak. Na Sefarwifoɔ de ogya hyehyee wɔn mma maa Adramelek ne Anamelek, Sefarwaim anyame no.

32 Na wɔsuroo AWURADE nso, na kuro biara yii nipa yɛɛ no sorɔnsorɔmmea sɔfoɔ, wɔn na wɔbobɔɔ afɔdeɛ maa wɔn sorɔnsorɔmmea afie no mu.

33 Wɔsuroo AWURADE deɛ, nanso wɔsonsom wɔn ara wɔn anyame, sɛ amanaman a wɔtuu wɔn firii hɔ baeɛ no amanneɛ teɛ.

34 Ɛde bɛsi nnɛ yi ara, wɔyɛ sɛ kane nneyɛɛ no.

Wɔnsuro AWURADE, nso wɔnyɛ sɛdeɛ wɔn ahyɛdeɛ, anaa wɔn atemmudeɛ, anaa mmara, anaa ɛmom a AWURADE hyɛɛ Yakob a ɔtoo no din Israel no mma no.

35 Wɔn na AWURADE ne wɔn pameeɛ, na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monnsuro anyame foforɔ, na monnsɔre wɔn na monnsom wɔn, na mommmɔ wɔn afɔdeɛ,

36 na mmom AWURADE a ɔde ahoɔden kɛseɛ ne basa a watene mu kɔyii mo firii Misraim asase so baeɛ no, ɔno na monsuro no, na ɔno na monsɔre no, na ɔno na mommɔ no afɔdeɛ.

37 Na ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ ne mmara ne ɛmom a ɔtwerɛ maa mo no, monni so nyɛ no mo nna nyinaa, na monnsuro anyame foforɔ.

38 Na apam a me ne mo pameeɛ no, mommma mo werɛ mmfi, na monnsuro anyame foforɔ,

39 na mmom AWURADE mo Nyankopɔn na monsuro no, na ɔno na ɔbɛyi mo afiri mo atamfoɔ nyinaa nsam.

40 Nanso wɔantie, na mmom sɛ wɔn kane yɛbea teɛ no ara na wɔyɛeɛ.

41 Sɛɛ na amanaman yi suro AWURADE, na wɔsonsom wɔn ahoni a wɔasensene no, wɔn mma ne wɔn mma mma nso, sɛdeɛ wɔn agyanom yɛeɛ no, saa ara na wɔn nso wɔyɛ de bɛsi nnɛ.

2 Ahemfo 18

Hesekia di Yuda so hene

1 Na Israelhene Ela ba Hosea afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu na Yudahene Ahas ba Hesekia bɛdii hene.

2 Ɔbɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu nnum, na ɔdii hene mfeɛ aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Abi a ɔyɛ Sakaria babaa.

3 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Dawid yɛeɛ nyinaa.

4 Ɔyiyii sorɔnsorɔmmea no, na ɔbubuu adum no, na ɔtwitwaa Asera nnua no guiɛ, na ɔbubuu kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ a Mose yɛeɛ no; ɛfiri sɛ saa berɛ no, na Israelfoɔ hye aduhwam ma no, na wɔfrɛ no Nehustan.

5 AWURADE Israel Nyankopɔn so na ɔde ne ho toeɛ, na n’akyiri no, obiara amma sɛ ɔno Yuda ahemfo nyinaa mu, na obiara anni n’anim saa.

6 Na ɔbataa AWURADE ho, wansane amfiri n’akyi, na ɔdii mmara nsɛm a AWURADE hyɛɛ Mose no so.

7 Na AWURADE dii n’akyi; baabiara a na ɔfiri korɔ no, ɔnya siadeɛ; na ɔtee Asiriahene so atua, na wansom no.

8 Ɔno na ɔkunkumm Filistifoɔ kɔduruu Gasa ne ɛho asase so, de firi awɛmfoɔ abantenten so kɔsii kuro a afasuo atwa ho ahyia no so.

9 Na Ɔhene Hesekia afe a ɛtɔ so nnan a ɛyɛ Israelhene Ela ba Hosea afe a ɛtɔ so nson mu no, Asiriahene Salmaneser foro baa Samaria so bɛkaa no hyɛɛ mu,

10 na mfeɛ mmiɛnsa awieeɛ no wɔfae. Hesekia afe a ɛtɔ so nsia a ɛne Israelhene Hosea afe a ɛtɔ so nkron no mu na wɔfaa Samaria.

11 Na Asiriahene tuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔguu Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkuro mu,

12 ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔtoo n’apam ne deɛ AWURADE akoa Mose hyɛeɛ no nyinaa, na wɔantie na wɔanyɛ.

Asiriafoɔ bɔ Yerusalem nterɛnnee

13 Na Ɔhene Hesekia afe a ɛtɔ so dunan mu na Asiriahene Sanaherib tu baa Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa so bɛfaeɛ.

14 Na Yudahene Hesekia soma maa wɔkɔɔ Asiriahene nkyɛn wɔ Lakis sɛ: Mayɛ bɔne; sane firi me so, na deɛ wode bɛto me soɔ no, mɛsoa. Na Asiriahene hyɛɛ sɛ Yudahene Hesekia ntua dwetɛ dwetikɛseɛ ahasa ne sika dwetikɛseɛ aduasa.

15 Na Hesekia de dwetɛ a wɔhunuu no AWURADE fie ne ahemfie akoradeɛ mu no nyinaa mae.

16 Ɛberɛ no mu na Hesekia twitwaa AWURADE aban apono ne adum ho sika a Yudahene Hesekia de duraduraa ho no, na ɔde maa Asiriahene.

17 Ɛnna Asiriahene somaa ne sahene anaa Tartan, ne piafoɔ panin anaa Rabsaris, ne nsahyɛfoɔ panin anaa Rabsake no firi Lakis ne dɔm a emu yɛ duro baa Ɔhene Hesekia so wɔ Yerusalem; na wɔforo baa Yerusalem. Na wɔforo baeɛ no, wɔbɛgyinaa atifi tareɛ a ɛwɔ Ntomasifoɔ Asasewa no tempɔn ho no suka ho.

18 Na wɔbɛfrɛɛ ɔhene. Ɛnna Hilkia ba Eliakim a ɔdi efie no soɔ ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne ɔsɛnkaefoɔ Asaf ba Yoa firii adi kɔɔ wɔn nkyɛn.

19 Na Rabsake no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monka nkyerɛ Hesekia sɛ: Sɛ ɔhenkɛseɛ no, Asiriahene no seɛ nie: Ɛdeɛn koraa na wode wo ho to soɔ yi?

20 Wosusu sɛ anosɛm nko yɛ akodie ho nyansa ne mmaninyɛ! Na afei, hwan so na wode wo ho toɔ a enti wote me so atua yi?

21 Afei, hwɛ, wode wo ho to demmire a abuo yi so, ɛne Misraim a sɛ obi twere no a, ɛwɔ ne nsam hwire mu! Saa na Misraimhene Farao teɛ ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ nyinaa.

22 Na sɛ moka kyerɛ me sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn so na yɛde yɛn ho toɔ a, ɛnyɛ ɔno na Hesekia ayi ne sorɔnsorɔmmea ne n’afɔrebukyia, na wase Yuda ne Yerusalem sɛ: Afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem yi anim na monsɔreɛ?

23 Na afei bra na ɛne me wura Asiriahene nto nkyea ɛ, na mɛma wo apɔnkɔ mpennu, sɛ wobɛtumi anya nnipa atenatena wɔn so anaa.

24 Na nteaseɛnam ne apɔnkɔfoɔ nti, wode wo ho akɔto Misraim soɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na woadane me wura nkoa nketewa mu safohene baako ani?

25 Afei, mekwatii AWURADE na mebaa ha yi sɛ merebɛsɛe ha anaa? AWURADE na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Tu kɔ asase yi so kɔsɛe no.

26 Na Hilkia ba Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake no sɛ: Ɛne wo nkoa nkasa Aramaik kasa, na yɛn deɛ, yɛte, na ɛne yɛn nnkasa Yuda kasa nkurɔfoɔ a wɔboa ɔfasuo soɔ no aso mu.

27 Na Rabsake no bisaa wɔn sɛ: Wo wura ne wo nkyɛn na me wura somaa me sɛ memmɛka nsɛm yi? Ɛnyɛ mmarima a wɔtete ɔfasuo soɔ yi nkyɛn sɛ wɔnni wɔn ara wɔn sɛbeɛ na wɔnnom wɔn dwonsɔ sɛ mo ara?

28 Ɛnna Rabsake no gyinaeɛ na ɔde ɛnne kɛseɛ teaa mu Yuda kasa mu kaa sɛ: Montie ɔhenkɛseɛ no, Asiriahene no asɛm:

29 Sɛ ɔhene seɛ nie: Mommma Hesekia nnaadaa mo, na ɔrentumi nnye mo mfiri ne nsam,

30 nso mommma Hesekia mmma mommfa mo ho nnto AWURADE so sɛ: Gyeɛ na AWURADE bɛgye yɛn, na wɔremfa kuro yi nhyɛ Asiriahene nsa.

31 Monntie Hesekia, na sɛ Asiriahene seɛ nie: Mo ne me nni asomdwoeɛsɛm, na momfiri mmra me nkyɛn, na monni mo bobe ne mo borɔdɔma no bi, na monnom mo mmura mu nsuo

32 nkɔsi sɛ mɛba mabɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo asase yi soɔ, ayuo ne nsa asase, aduane ne bobe nturo asase, ngodua ne ɛwoɔ asase so, na moanya nkwa na moanwu. Na sɛ Hesekia to mo tɛkyerɛmakyene sɛ: AWURADE bɛgye yɛn a, monntie.

33 Amanaman anyame no mu bi agye n’asase afiri Asiriahene nsam pɛn?

34 Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Ɛhe na Sefarwaim, Hena ne Iwa anyame no wɔ? Wɔagye Samaria me nsam?

35 Nsase no so anyame nyinaa mu hwannom na wɔagye wɔn nsase afiri me nsam, na AWURADE bɛgye Yerusalem afiri me nsam anaa?

36 Na ɔman no muaa wɔn ano, na wɔammua no asɛm biara, ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔhene asɛm a ɔhyɛɛ sɛ: Mommmua no!

37 Ɛnna Hilkia ba Eliakim a na ɔdi efie no soɔ no ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf ba ɔsɛnkaefoɔ Yoa de wɔn ntadeɛ a wɔasunsuane mu baa Hesekia nkyɛn bɛkaa Rabsake no nsɛm no kyerɛɛ no.