1 Berɛsosɛm 17

Natan Asɛm a ɔde kɔmaa Dawid

1 Na Dawid te ne fie no, ɔka kyerɛɛ Odiyifoɔ Natan sɛ: Hwɛ, me deɛ, mete ntweneduro dan mu, na AWURADE apam adaka no wɔ ntomadan ase.

2 Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Adeɛ biara a ɛwɔ w’akoma mu no yɛ, na Onyankopɔn di w’akyi.

3 Na anadwo no ara, Nyankopɔn asɛm baa Natan nkyɛn sɛ:

4 Kɔ na kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛnyɛ wo na wobɛsi dan ama me na matena mu.

5 Na mentenaa ɛdan mu pɛn, firi da a mekɔyii Israel mebaeɛ no, de abɛduru nnɛ da yi, na mmom mefiri ntomadan mu mekɔɔ ntomadan mu, na mefiri tenabea mekɔɔ tenabea.

6 Baabiara a na me ne Israel nyinaa nenam no, maka makyerɛ Israel atemmufoɔ a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛne me man no mu bi sɛ: Adɛn nti na monsii ntweneduro dan mmaa me?

7 Na afei, ka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ Asafo AWURADE seɛ nie: Me deɛ, mefaa wo firii nnwan adidibea, nnwan no akyi, sɛ bɛyɛ me man Israel so panin,

8 na madi w’akyi baabiara a wokɔeɛ, na matwitwa w’atamfo nyinaa afiri w’anim, na mayɛ wo din sɛ asase so nnipa akɛseɛ din.

9 Na mɛsiesie baabi mama me man Israel, na madua wɔn na wɔatena wɔn afa, na wɔanha wɔn ho bio, na amumuyɛ mma ankɔ so ansɛe wɔn sɛ kane no,

10 ne nna a mehyɛɛ atemmufoɔ sɛ wɔnni me man Israel soɔ no; na mɛbrɛ w’atamfo nyinaa ase. Na meka kyerɛ wo sɛ AWURADE bɛma woanya w’asefoɔ.

11 Na sɛ wo nna wie du, na woti w’agyanom wɔ asamando a, mɛma w’aseni so wɔ w’akyiri a ɔbɛfiri wo mma mu, na mama n’ahennie atim.

12 Ɔno na ɔbɛsi dan ama me, na mɛma n’adwa atim akɔsi daa.

13 Me deɛ, mɛyɛ no agya, na ɔno nso ayɛ me ɔba. Na m’adɔeɛ nso, merenyi memfiri ne so, sɛdeɛ meyii no deɛ ɔdi w’anim no so no.

14 Na mede no bɛsi me fie ne m’ahennie mu akɔsi daa, na n’ahennwa bɛtim hɔ akɔsi daa.

15 Sɛdeɛ nsɛm yi nyinaa ne anisoadehunu yi nyinaa teɛ no, saa ara na Natan kasa kyerɛɛ Dawid.

Dawid aseda ne adesrɛ mpaebɔ

16 Ɛnna Ɔhene Dawid ba bɛtenaa AWURADE anim sɛ: Hwan ne me, AWURADE Nyankopɔn, na hwan ne me fie, na wode me abɛduru sɛsɛɛ yi?

17 Nanso yei yɛ w’ani so ketewa, Onyankopɔn, na woaka daakye a ɛwɔ akyirikyiri ho asɛm, w’akoa fie ho, na woabu me sɛ onipa a ɔwɔ dibea a ɛkɔ soro; O AWURADE Nyankopɔn.

18 Ɛdeɛn na Dawid nka nka ho mma wo bio, sɛ woahyɛ w’akoa animuonyam? Na wo na wonim w’akoa.

19 AWURADE, w’akoa nti ne sɛdeɛ ɛwɔ w’akoma mu no na woadi saa asɛnkɛseɛ yi nyinaa, sɛ worema wɔahunu asɛnkɛseɛ no nyinaa.

20 AWURADE, obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ, na Onyankopɔn biara nso nni w’akyi sɛ nsɛm a yɛde yɛn aso ateɛ no nyinaa.

21 Na hwan na ɔte sɛ wo man Israel, asase so man baako a Onyankopɔn akɔgye wɔn afa ayɛ ɔman, na wode nnoɔma akɛseɛ ne adeɛ a ɛyɛ hu agye din, na woatutu amanaman, wo man a wogyee wɔn Misraim no anim no?

22 Na wode wo man Israel ayɛ wo man afa de rekɔsi daa, na wo, AWURADE, woayɛ wɔn Nyankopɔn.

23 Na afei, AWURADE, asɛm a wokaa no w’akoa ho, ne ne fie ho no, ma no ntim nkɔsi daa, na yɛ no sɛdeɛ woaka no.

24 Na ɛntim, na wo din no nso kɛseɛ nkɔsi daa, na wɔnka sɛ: Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ne Onyankopɔn ma Israel. Na ma w’akoa Dawid fie nsi w’anim pintinn.

25 Na wo, me Nyankopɔn, woayi w’akoa asotire sɛ wobɛsi efie ama no, enti na w’akoa nso ahunu sɛdeɛ ɔbɔ mpaeɛ w’anim yi.

26 Na afei, AWURADE, wo ara ne Onyankopɔn, na woaka w’akoa ho asɛmpa yi,

27 na afei ma no nyɛ wo fɛ sɛ, wobɛhyira w’akoa fie, na ɛnsi w’anim daa. Na deɛ wo, AWURADE, wohyira no no na wɔahyira no.

1 Berɛsosɛm 18

Dawid mmaninneɛ ne ne mpanimfoɔ

1 Na yei akyiri no, Dawid kunkumm Filistifoɔ, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ɔgyee Gat ne ɛho nkurowa Filistifoɔ nsam.

2 Na ɔdii Moabfoɔ nso so, na Moabfoɔ danee Dawid nkoa a na wɔtua apeatoɔ ma no.

3 Na Dawid dii Hadadeser, Soba a ɛhwɛ Hamat no hene so berɛ a ɔkɔɔ sɛ ɔrekɔsi nkaeɛ dum wɔ Eufrate asubɔnten no.

4 Na Dawid gyee ne dɔm mu nteaseɛnam apem ne apɔnkɔsotefoɔ mpemnson ne anammɔn mufoɔ mpemaduonu, na Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa nantin ntini, na ɔgyaa wɔn mu nteaseɛnam ɔha deɛ.

5 Na Siriafoɔ a wɔwɔ Damasko baeɛ sɛ wɔrebɛboa Sobahene Hadadeser no, Dawid kumm Siriafoɔ mu nnipa mpemaduonu mmienu.

6 Na Dawid de bansifoɔ sii Siriafoɔ a wɔwɔ Damasko no so, na Siriafoɔ danee Dawid nkoa a na wɔtua apeatoɔ. Na AWURADE maa Dawid dii nim baabiara a ɔkɔeɛ.

7 Na Dawid gyee sika akyɛm a na Hadadeser nkoa kurakura no de baa Yerusalem.

8 Na Dawid faa kɔbere mfrafraeɛ bebree pa firii Hadadeser nkuro Tibhat ne Kun mu de bae. Ɛno na Salomo de yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ po ne adum ne kɔbere mfrafraeɛ nnoɔma nnoɔma no.

9 Na Hamathene Tou tee sɛ Dawid aka Sobahene Hadadeser dɔm nyinaa aguo no,

10 ɔsomaa ne ba Hadoram baa Ɔhene Dawid nkyɛn bɛkyeaa no hyiraa no, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no aguo nti, ɛfiri sɛ na Hadadeser ne Tou redi ako. Na ɔkura sika ne dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ nnwinneɛ ahodoɔ nyinaa bae.

11 Ɛnonom nso na Ɔhene Dawid yɛɛ no kronkron maa AWURADE. Na ɔhyiraa dwetɛ ne sika a ɔkɔsoa firii amanaman no nyinaa Edomfoɔ, Moabfoɔ ne Amon mma ne Filistifoɔ ne Amalekfoɔ mu no so.

12 Na Seruia ba Abisai kumm Edomfoɔ mu nnipa mpemdunwɔtwe wɔ Nkyene-Bonhwa no mu.

13 Na ɔde bansifoɔ sii Edomfoɔ so, na Edomfoɔ nyinaa danee Dawid nkoa. Na AWURADE maa Dawid dii nim deɛ ɔkɔeɛ nyinaa.

14 Na Dawid dii Israel nyinaa so hene, na ɔbuu atemmusɛm ne asɛntenenee maa ne man nyinaa.

15 Na Seruia ba Yoab na na ɔdi dɔm no soɔ. Na Ahilud ba Yehosafat ne ɔsɛnkaefoɔ.

16 Na Ahitub ba Sadok ne Abiatar ba Abimelek ne asɔfoɔ. Na Sawsa ne ɔtwerɛfoɔ.

17 Na Yehoiada ba Benaia di Keretifoɔ ne Peletifoɔ no so. Na Dawid mma na wɔdi kan wɔ n’ankɔbeafoɔ no mu.

1 Berɛsosɛm 19

Amonfoɔ ne Siriafoɔ so nkonimdie

1 Na yei akyiri no, Amonfoɔ hene Nahas wui, na ne ba bɛdii n’adeɛ.

2 Ɛnna Dawid kaa sɛ: Mɛyɛ Nahas ba Hanun adɔeɛ, na n’agya yɛɛ me adɔeɛ. Na Dawid somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔma no hyɛden n’agya wuo nti. Na Dawid nkoa no sii mu kɔɔ Amonfoɔ asase so, kɔɔ Hanun nkyɛn, sɛ wɔrekɔma no hyɛden.

3 Ɛnna Amonfoɔ asafohene ka kyerɛɛ Hanun sɛ: Wodwene sɛ, Dawid asoma hyɛdenmafoɔ aba wo hɔ enti ɔredi w’agya ni anaa? Ɛnyɛ asase so mu pɛɛpɛeɛ ne ne butuo ne ne nsra nti na ne nkoa aba wo nkyɛn yi?

4 Ɛnna Hanun faa Dawid nkoa no, na ɔyiyii wɔn, na ɔtwitwaa wɔn ntadeɛ mu fa fa, de bɛduruu wɔn nsrɛkyire, na ɔgyaa wɔn kwan.

5 Na wɔba bɛkaa mmarima no ho asɛm kyerɛɛ Dawid. Ɛnna ɔsoma kɔhyiaa wɔn, ɛfiri sɛ wɔasopa mmarima no pa ara, na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montena Yeriko nkɔsi sɛ mo bɔdwesɛ bɛfuo ansa na moasane aba.

6 Na Amonfoɔ no hunuu sɛ wɔn ho abɔn Dawid no, Hanun ne Amonfoɔ de dwetɛ dwetikɛseɛ apem soma maa wɔde kɔgyee Mesopotamia ne, Aram-maaka ne Soba nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ adɔm.

7 Na wɔgyee nteaseɛnam mpemaduasa mmienu ne Maakahene ne ne man adɔm, na wɔba bɛkyeree nsraban Medeba anim, na Amonfoɔ no nso firii wɔn nkuro mu boaboaa wɔn ano baa akono hɔ.

8 Na Dawid teeɛ no, ɔsomaa Yoab ne nnɔmmarima dɔm no nyinaa kɔe.

9 Na Amonfoɔ no firii adi, na wɔbɛbaee dɔm no mu kuro no pono ano. Na ahemfo a wɔbaeɛ no, wɔn nko tenaa petee mu.

10 Na Yoab hunuu sɛ ɛdɔm no ani kyerɛ ne soɔ, n’anim ne n’akyire no, ɔyii Israel mu mmeranteɛ nyinaa, na ɔbaee wɔn mu kɔhyiaa Siriafoɔ.

11 Na ɛdɔm no nkaeɛ no, ɔde wɔn hyɛɛ ne nua Abisai nsa, na wɔbaee mu kɔhyiaa Amonfoɔ no.

12 Na ɔkaa sɛ: Sɛ Siriafoɔ yɛ den sene me a, bra bɛboa me, na sɛ Amonfoɔ yɛ den sene wo a, mɛba mabɛboa wo.

13 Hyɛ wo ho den, na ma yɛn ho nyɛ den mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkuro, na AWURADE deɛ, deɛ ɔpɛ na ɔnyɛ.

14 Na Yoab ne ɛdɔm a ɛka ne ho no twe pinii Siriafoɔ anim bɛnee wɔn koe, na Siriafoɔ no dii nkoguo wɔ n’anim.

15 Na Amonfoɔ no hunuu sɛ Siriafoɔ adi nkoguo no, wɔn nso dwane firii n’anim ne nua Abisai anim kɔhyɛnee kuro no mu. Na Yoab sane baa Yerusalem.

16 Na Siriafoɔ no hunuu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israel anim no, wɔsomaa abɔfoɔ kɔpɔn Siriafoɔ a wɔwɔ asuogya no bae, a Hadadeser sahene Sofak di wɔn anim.

17 Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔkɔboaa Israel nyinaa ano kɔtwaa Yordan, na ɔkɔtoo wɔn twaa wɔn so mpasua. Na Dawid yerɛɛ ɛdɔm no mu sɛ ɔrekɔhyia Siriafoɔ no ne wɔn ako, na wɔne no koe.

18 Na Siriafoɔ dii nkoguo wɔ Israel anim, na Dawid kunkumm Siriafoɔ mu nteaseɛnamfoɔ mpemnson ne anammɔn mufoɔ mpemaduanan, na ɔkum ɔsahene Sofak nso.

19 Na Hadadeser nkoa hunuu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israel anim no, wɔne Dawid yɛɛ asomdwoeɛ apam, na wɔsom no. Na Siriafoɔ ampɛ sɛ wɔboa Amonfoɔ no bio.

1 Berɛsosɛm 20

Dawid ko fa Raba

1 Na afe no asusɔ, ɛberɛ a ahemfo tu sa mu no, Yoab de dɔm no nyinaa kɔ kɔsɛee Amonfoɔ asase, na ɔkɔkaa Raba hyɛɛ mu. Na Dawid deɛ, ɔtenaa Yerusalem. Na Yoab bɔɔ Raba na ɔbubui.

2 Na Dawid yii wɔn hene abotire firii ne ti, na ɔhunuu sɛ ne duruduro yɛ sika dwetikɛseɛ, na aboɔden aboɔ wɔ mu; na wɔde hyɛɛ Dawid ti. Na ɔde kuro no mu asadeɛ bebree pa firi bae.

3 Na ɔde ɔman a wɔwɔ mu no firi bae, na ɔmaa wɔde awan ne fatudadeɛ ne dadeɛ mmonnua yɛɛ adwuma. Na saa na ɔde yɛɛ Amonfoɔ nkuro nyinaa. Ɛnna Dawid ne ne man nyinaa sane baa Yerusalem.

Wɔdi Filistifoɔ so nkonim mprɛnsa

4 Na yei akyiri no, ɔko sɔree wɔ Geser, wɔne Filistifoɔ. Ɛno mu na Husani Sibekai kumm Sipai a ɔfiri abrane mma mu. Na wɔbrɛɛ wɔn ase.

5 Na wɔne Filistifoɔ nyaa ɔko bio, na Yair ba Elhanan kumm Gatni Goliat nua Lahmi, a ne pea dua te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua.

6 Na wɔnyaa ɔko bio wɔ Gat. Na ɔbarima tentene bi wɔ hɔ a ne nsateaa ne ne nansoaa yɛ nsia nsia, ɛyɛ aduonu nnan, na ɔno nso yɛ abrane no asefoɔ no bi.

7 Na ɔtwitwaa Israel mpoa no, Yonatan a ɔyɛ Dawid nua Sima ba kumm no.

8 Yeinom na wɔwoo wɔn maa abrane no wɔ Gat, na wɔtotɔɔ Dawid ne ne nkoa nsa ano.

1 Berɛsosɛm 22

Dawid siesie asɔredan sie ho

1 Na Dawid kaa sɛ: Ɛha bɛyɛ AWURADE Nyankopɔn fie no, na ayɛ Israel ɔhyeɛ afɔrebukyia no.

2 Na Dawid kaa sɛ wɔmmoa ahɔhoɔ a wɔwɔ Israel asase soɔ no ano, na ɔsisii aboɔpaefoɔ sɛ wɔmpae aboɔ a wɔasene, na wɔmfa nsi Nyankopɔn fie no.

3 Na Dawid siesiee dadeɛ bebree a wɔmfa mmɔ aboboano apono ho nnadewa ne nkɔtɔkorɔ ne kɔbere mfrafraeɛ pii a ɛnni nkariiɛ,

4 ne ntweneduro nnua a ɛnni ano. Na Sidonfoɔ ne Tirofoɔ de ntweneduro nnua pii brɛɛ Dawid.

5 Na Dawid kaa sɛ: Me ba Salomo yɛ abɔfra na ɔyɛ bɔkɔɔ, na efie no, wɔnsi mma AWURADE mma no nso kɛseɛ pa ara, na ɛnyɛ din ne afɛfɛdeɛ mma nsase nyinaa, na enti mɛsiesie mama no. Na Dawid siesiee nnoɔma a wɔdi si dan pii pa ansa na ɔrewuo.

6 Na ɔfrɛɛ ne ba Salomo, na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnsi efie mma AWURADE, Israel Nyankopɔn.

7 Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Salomo sɛ: Me deɛ, na ɛwɔ m’akoma mu sɛ mɛsi efie ama AWURADE me Nyankopɔn din,

8 na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Woaka mogya bebree agu, na woadi ako akɛseɛ; nsi efie mma me din, na woaka mogya bebree agu fam wɔ m’anim.

9 Hwɛ, wɔbɛwo ɔbabarima ama wo, ɔno na ɔbɛyɛ asomdwoeɛ nipa, na mɛma ne ho adwo no afiri n’atamfo nyinaa a wɔatwa ne ho ahyia. Na Salomo [a aseɛ ne: Asomdwoeɛni] na ɛbɛyɛ ne din, na asomdwoeɛ ne kommyɛ nso na mede bɛba Israel so ne berɛ soɔ.

10 Ɔno na ɔbɛsi efie ama me din, na ɔno na ɔbɛyɛ me ɔba, na me nso mɛyɛ no agya, na mɛma n’ahennie adwa atim Israel so akɔsi daa.

11 Afei, me ba, AWURADE nni w’akyi, na yɛ prɔmprɔm, na si AWURADE wo Nyankopɔn fie no, sɛdeɛ ɔkaa no wo ho no.

12 Na AWURADE mma wo nimdeɛ ne nhunumu, na ɔnhyɛ wo Israel ho mmara, na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn mmara di so.

13 Sɛ wohwɛ wo ho sɛ wobɛdi ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a AWURADE hyɛɛ Mose Israel ho no so a, ɛnneɛ wobɛyɛ prɔmprɔm. Hyɛ wo ho den na pirim w’anim. Nsuro anaasɛ mma w’akoma nntu.

14 Na hwɛ, m’amaneɛ mu no, masiesie AWURADE fie no ho sika dwetikɛseɛ mpemha ne dwetɛ dwetikɛseɛ ɔpepem, na kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ deɛ, ɛnni nkariiɛ, ɛfiri sɛ ɛdɔɔso pii pa, na nnua ne aboɔ nso, masiesie, na wode ebi aka ho.

15 Nso wowɔ adwumayɛfoɔ pii pa ara: Aboɔpaefoɔ ne aboɔ ne nnua adwumfoɔ ne adwuma nyinaa mu adwumfoɔ.

16 Sika, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ no nni ano. Sɔre na yɛ, na AWURADE nni w’akyi.

17 Ɛnna Dawid hyɛɛ Israel mmapɔmma nyinaa sɛ, wɔmmoa ne ba Salomo na ɔse:

18 Ɛnyɛ AWURADE mo Nyankopɔn na ɔdi mo akyire na wama mo ho nyinaa adwo mo ahyia? Na ɔde asase no sofoɔ ahyɛ me nsa, na wɔabrɛ asase no ase AWURADE ne ne man anim?

19 Afei momfa mo akoma ne mo kra mma, sɛ mobɛhwehwɛ AWURADE mo Nyankopɔn. Na monsɔre nkɔsi AWURADE Nyankopɔn kronkronbea no, na wɔmfa AWURADE apam adaka no ne Nyankopɔn akronkronneɛ no mmra efie a wɔbɛsi ama AWURADE din no mu.

1 Berɛsosɛm 23

Lewifoɔ som ho nhyehyɛɛ

1 Na Dawid bɔɔ akora pa ara no, ɔde ne ba Salomo sii Israel so hene.

2 Na Dawid boaa Israel mmapɔmma nyinaa ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ano hyiae.

3 Na wɔkan Lewifoɔ no, nnipa a wɔadi mfirinhyia aduasa ne akyire no, na wɔn dodoɔ yɛ mpemaduasa nwɔtwe.

4 Yeinom mu mpemaduonu nnan na wɔnhwɛ AWURADE fie adwuma no soɔ, na mpemnsia nyɛ atwerɛfoɔ ne atemmufoɔ,

5 na mpemnan nyɛ apono ano ahwɛfoɔ, na mpemnan nso mfa nnoɔma a meyɛ memaa ayeyie no nyi AWURADE ayɛ.

6 Na Dawid kyekyɛɛ wɔn mu sɛdeɛ Lewi mma no teɛ: Gerson, Kohat ne Merari.

7 Gersonfoɔ ne: Ladan ne Simei.

8 Ladan mma ne: Otitire Yehiel ne Setam ne Yoel, wɔyɛ baasa.

9 Simei mma ne: Selomot ne Hasiel ne Haran, wɔyɛ baasa. Yeinom ne Ladan agyanom atitire.

10 Na Simei mma ne: Yahat, Sisa, Yeus ne Beria. Yeinom ne Simei mma, wɔyɛ baanan.

11 Na Yahat ne panin, na Sisa di hɔ, na Yeus ne Beria nni mma pii nti, wɔyɛɛ ɔkan mu agya fie baako.

12 Kohat mma ne: Amram, Yishar, Hebron ne Usiel, wɔyɛ baanan.

13 Amram mma ne: Aaron ne Mose. Na wɔyii Aaron sɛ ɔmmɛyɛ ade kronkronkron no ho adeɛ, ɔno ne ne mma nkɔsi daa; sɛ wɔnhye aduhwam AWURADE anim, na wɔnsom, na wɔmfa ne din nhyira nkɔsi daa.

14 Na wɔbɔɔ Nyankopɔn nipa Mose mma din fraa Lewi abusuakuo no mu.

15 Mose mma ne: Gersom ne Eliesa.

16 Gersom mma: Sebuel, otitire no.

17 Na Eliesa mma: Rehabia, otitire no. Na Eliesa nni mma foforɔ, na Rehabia mma deɛ, na wɔdɔɔso pii.

18 Yishar mma: Selomit ne panin.

19 Hebron mma: Yeria ne panin, Amaria di hɔ, Yahasiel tɔ so mmiɛnsa, Yekameam tɔ so nnan.

20 Usiel mma: Mika ne panin, na Yisia di hɔ.

21 Merari mma ne: Mahli ne Musi. Mahli mma ne: Eleasa ne Kis.

22 Na Eleasa wui, na ɔnni mmammarima, mmammaa nko ara na na ɔwɔ. Na wɔn nuanom Kis mma waree wɔn.

23 Musi mma ne: Mahli, Eder ne Yeremot, wɔyɛ baasa.

24 Yeinom ne Lewi mma, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, agyanom mu atitire, sɛ wɔkan wɔn mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn din dodoɔ teɛ, a wɔyɛ AWURADE fie som adwuma no, wɔn a wɔadi mfirinhyia aduonu ne akyire.

25 Na Dawid kaa sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn ama me man ho adwo wɔn, na ɔte Yerusalem daa.

26 Na Lewifoɔ no nso ansoa ntomadan no ne ne som ho nnoɔma no biara bio,

27 ɛfiri sɛ Dawid nsɛm a ɛdi akyire no mu no, wɔkan Lewi mma no dodoɔ de firi deɛ wadi mfirinhyia aduonu soɔ de rekorɔ.

28 Na wɔn adwuma ne sɛ wɔhwɛ Aaron mma no nsa ano, sɛ wɔnsom AWURADE fie n’abannwa so ne mpia no mu, na wɔmma akronkronneɛ no nyinaa ho mfi, na wɔnyɛ Nyankopɔn fie som adwuma,

29 na wɔnyɛ kyerɛ paanoo ne esiam, aduane afɔdeɛ ne apiti taterɛ ne dadeɛ ayowa ne akyeduane ho adeɛ, na wɔnhwɛ ɔhyɛ adeɛ ne susuo adeɛ nyinaa so.

30 Na wɔnnyina hɔ daa anɔpa nna ase, nyi AWURADE ayɛ, na anwummerɛ nso, saa ara,

31 na wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ nyinaa mma AWURADE, homeda ne bosome foforɔ ne afahyɛ mu, ne dodoɔ mu sɛdeɛ n’atorɔmuadeɛ teɛ daa, AWURADE anim,

32 na wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho som adwuma, ne kronkronbea som adwuma ne wɔn nuanom Aaron mma som adwuma no, mfa nsom AWURADE fie.

1 Berɛsosɛm 24

Asɔfokuo ahodoɔ aduonu nnan no

1 Na Aaron mma no deɛ, wɔn mu nkyekyɛmu nie: Aaron mma ne: Nadab ne Abihu, Eleasa ne Itamar.

2 Na Nadab ne Abihu dii wɔn agya anim wuwui a wɔnni mma. Na Eleasa ne Itamar bɛdii asɔfoɔ.

3 Na Dawid buu wɔn mu: Sadok a ɔfiri Eleasa mma mu, ne Ahimelek a ɔfiri Itamar mma mu, sɛdeɛ wɔn adwumayɛ dibea teɛ wɔ wɔn som no mu.

4 Na wɔhunuu Eleasa mma mu mmarima no mu atitire bebree sene Itamar mma mu, na wɔbuu wɔn mu: Eleasa mma nyaa mpanimfie atitire dunsia, na Itamar mma, wɔn mpanimfie so, nwɔtwe.

5 Na wɔtoo wɔn so ntonto tetee wɔn mu, yeinom ne yeinom, na kronkronbea mmapɔmma ne Nyankopɔn mmapɔmma no firi Eleasa mma ne Itamar mma mu.

6 Na Netanel ba Ɔtwerɛfoɔ Semaia a ɔfiri Lewifoɔ mu no twerɛɛ ne nyinaa wɔ ɔhene ne mmapɔmma ne Ɔsɔfoɔ Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfoɔ no ne Lewifoɔ agyanom mu atitire no anim, wɔyii agya fie baako maa Eleasa ansa na wɔreyi baako nso ama Itamar.

7 Na ntonto no bɔɔ Yehoiarib kane. Deɛ ɔtɔ so mmienu yɛɛ Yedaia deɛ,

8 Harim deɛ tɔɔ so mmiɛnsa, Seorim deɛ, nnan,

9 Malkia deɛ, nnum, Miyamin deɛ, nsia.

10 Hakos deɛ, nson, Abia deɛ, nwɔtwe,

11 Yesuadeɛ, nkron, Sekania deɛ, edu,

12 Eliasib deɛ, dubaako, Yakim deɛ, dummienu,

13 Hupa deɛ, dummiɛnsa, Yesebeab deɛ, dunan,

14 Bilga deɛ, dunum, Imer deɛ, dunsia,

15 Hesir deɛ, dunson, Hapises deɛ, dunwɔtwe,

16 Petahia deɛ, dunkron, Yeheskel deɛ, aduonu,

17 Yakin deɛ, aduonu baako, Gamul deɛ, aduonu mmienu,

18 Delaia deɛ, aduonu mmiɛnsa, Maasia deɛ, aduonu nnan.

19 Yei ne wɔn adwumayɛ dibea, sɛdeɛ wɔn som no teɛ, sɛ wɔnhyɛne AWURADE fie sɛ wɔn atorɔmudeɛ a ɛnam wɔn agya Aaron so baeɛ no, sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn hyɛɛ no no.

Lewi mma mu atitire

20 Na Lewi mma a aka no deɛ: Amram mma mu: Subael; Subael mma mu: Yehdeia.

21 Rehabia deɛ, Rehabia mma mu: Yisia ne panin.

22 Yisharfoɔ mu: Selomot. Selomot mma mu: Yahat.

23 Na Hebron mma ne: Yeria, otitire Amaria di hɔ, Yahasiel tɔ so mmiɛnsa, Yekameam tɔ so nnan.

24 Usiel mma: Mika. Mika mma mu: Samir.

25 Mika nua Yisia. Yisia mma mu: Sakaria.

26 Merari mma ne: Mahli ne Musi; ne ba Yaasia mma: Beno.

27 Merari mma a wɔyɛ ne ba Yaasia deɛ ne: Beno, Soham, Sakur ne Ibri.

28 Mahli deɛ: Eleasa, na ɔno deɛ, ɔnni mma.

29 Kis deɛ, Kis mma: Yerahmeel.

30 Na Musi mma ne: Mahli, Eder ne Yerimot. Yeinom ne Lewifoɔ mma sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ.

31 Na yeinom nso twee ntonto sɛ wɔn nuanom Aaron mma no ara, Ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfoɔ ne Lewifoɔ agyanom atitire no anim, agyanom mu atitire, sɛ ne nua kumaa ara.

1 Berɛsosɛm 25

Adwontofoɔ no kuo ahodoɔ aduonu nnan

1 Nso Dawid ne ɛdom so asafohene no yiyii Asaf ne Heman ne Yedutun mma no mu wɔn a wɔmfa nsankutene ne mmɛnta ne nnawuro so nsom, nhyɛ nkɔm. Na nnipa a na wɔyɛ adwuma no sɛdeɛ wɔn som ne wɔn dodoɔ teɛ nie:

2 Asaf mma mu: Sakur, Yosef, Netania ne Asarela, Asaf mma a wɔhyɛ Asaf aseɛ, ɔno na sɛ ɔhene bisa a ɔhyɛ nkɔm.

3 Yedutun deɛ: Yedutun mma ne: Gedalia, Seri, Yesaia ne Simei, Hasabia ne Matitia, baasia no hyɛ wɔn agya Yedutun ase, ɔno na ɔkura sankuten, hyɛ nkɔm, de aseda ne ayeyie ma AWURADE.

4 Heman deɛ: Heman mma ne: Bukia, Matania, Usiel, Sebuel ne Yerimot, Hanania, Hanani, Eliata, Gidalti ne Romamti-eser, Yosbekasa, Maloti, Hotir, Mahasiot.

5 Yeinom nyinaa ne ɔhene dehunufoɔ Heman mma sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no soɔ no; ɛfiri sɛ Onyankopɔn maa Heman mmammarima dunan ne mmammaa baasa.

6 Yeinom nyinaa hyɛ wɔn agyanom ase AWURADE fie dwontoɔ no mu, kurakura nnawuro, mmɛnta ne nsankutene som Nyankopɔn fie. Asafo ne Yedutun ne Heman hyɛ ɔhene ase.

7 Na wɔne wɔn nuanom a wɔakyerɛ wɔn AWURADE dwontoɔ no, a wɔawedare mu no ano si ahanu aduɔwɔtwe nwɔtwe.

8 Na wɔtwee ɔhwɛ adwuma no so ntonto pɛ maa wɔn mu nkumaa ne akɛseɛ, animdefoɔ ne asuafoɔ.

9 Na ntonto a ɛdi kan no firi maa Asaf de maa Yosef. Gedalia deɛ tɔ so mmienu, ɔne ne nuanom ne ne mma yɛ dummienu.

10 Deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne: Sakur, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

11 Deɛ ɔtɔ so nnan no firi maa Yisri, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

12 Deɛ ɔtɔ so nnum ne: Netania, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

13 Deɛ ɔtɔ so nsia ne: Bukia ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

14 Deɛ ɔtɔ so nson ne: Yesarela, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

15 Deɛ ɔtɔ so nwɔtwe ne: Yesaia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

16 Deɛ ɔtɔ so nkron ne: Matania, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

17 Deɛ ɔtɔ so du ne: Simei, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

18 Deɛ ɔtɔ so dubaako ne: Asarel, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

19 Deɛ ɔtɔ so dummienu ne: Hasabia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

20 Deɛ ɔtɔ so dummiɛnsa ne: Subael, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

21 Deɛ ɔtɔ so dunan ne: Matitia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

22 Deɛ ɔtɔ so dunum ne: Yeremot, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

23 Deɛ ɔtɔ so dunsia ne: Hanania, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

24 Deɛ ɔtɔ so dunson ne: Yosbekasa, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

25 Deɛ ɔtɔ so dunwɔtwe ne: Hanani, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

26 Deɛ ɔtɔ so dunkron ne: Maloti, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

27 Deɛ ɔtɔ so aduonu ne: Eliata, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

28 Deɛ ɔtɔ so aduonu baako ne: Hotir, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

29 Deɛ ɔtɔ so aduonu mmienu ne: Gidalti, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

30 Deɛ ɔtɔ so aduonu mmiɛnsa ne: Mahasiot, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

31 Deɛ ɔtɔ so aduonu nnan ne: Romamti-eser, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

1 Berɛsosɛm 26

Apono ano ahwɛfoɔ

1 Apono ano ahwɛfoɔ no mu nkyekyɛmu nie: Korafoɔ no mu: Kore ba Meselemia, ɔfiri Asaf mma mu.

2 Na Meselemia wɔ mma: Sakaria n’abakan, Yediael tɔ so mmienu, Sebadia tɔ so mmiɛnsa, Yatniel tɔ so nnan,

3 Elam tɔ so nnum, Yohanan tɔ so nsia, Eliehoenai tɔ so nson.

4 Na Obed-Edom wɔ mma: Semaia n’abakan, Yehosabad tɔ so mmienu, Yoah tɔ so mmiɛnsa, Sakar tɔ so nnan, Netanel tɔ so nnum,

5 Amiel tɔ so nsia, Isakar tɔ so nson, Peuletai tɔ so nwɔtwe, na Onyankopɔn ahyira no.

6 Na ne ba Semaia nso, wɔwoo mmammarima maa no, na wɔdii wɔn agya fie so, na wɔyɛ mmarima a wɔtumi wɔn ho.

7 Semaia mma ne: Otni ne Refael ne Obed, Elsabad a ne nuanom Elihu ne Semakia yɛ nnipa a wɔtumi wɔn ho.

8 Yeinom nyinaa firi Obed-Edom mma mu, wɔne wɔn mma ne wɔn nuanom, mmarima a wɔtumi wɔn ho a wɔwɔ ɔsom mu ahoɔden, wɔyɛ aduosia mmienu a wɔyɛ Obed-Edom asefoɔ.

9 Na Meselemia wɔ mma ne anuanom, nnipa a wɔtumi wɔn ho, dunwɔtwe.

10 Na Hosa a ɔfiri Merari mma mu no wɔ mma: Simri ne panin, (ɔnyɛ abakan deɛ, nanso n’agya na ɔde no sii tire).

11 Hilkia tɔ so mmienu, Tebalia tɔ so mmiɛnsa, Sakaria tɔ so nnan; Hosa mma ne ne nuanom nyinaa yɛ dummiɛnsa.

12 Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ no nkyekyɛmu, sɛdeɛ mmarima no atitire teɛ. Wɔwɔ ɔwɛn adwuma wɔn nuanom ntentensoɔ, sɛ wɔnsom AWURADE fie.

13 Na wɔtwee ntonto, nkumaa ne akɛseɛ so, sɛ wɔn mpanimfie teɛ, de yiyii wɔn apono.

14 Na apueeɛ ntonto no firi maa Selemia. Na ne ba Sakaria a ɔyɛ nimdeɛ mu fotufoɔ no nso, wɔtwee ntonto no, ɔnyaa atifi fam.

15 Obed-Edom nyaa anafoɔ fam, na ne mma deɛ ne anoboa dan no.

16 Supim ne Hosa deɛ wɔ atɔeɛ fam, Saleket pono ho, aforoeɛ tempɔn no so, ɔwɛn wɔ ɔwɛn ntentensoɔ.

17 Lewifoɔ baasia wɔ apueeɛ, baanan wɔ atifi fam da biara, baanan wɔ anafoɔ fam da biara, na anoboa dan no ho deɛ, baanu baanu.

18 Parbar a ɛwɔ atɔeɛ fam no, nnipa baanan wɔ ɔtempɔn no ano, na baanu wɔ Parbar ho.

19 Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ nkyekyɛmu no, Korafoɔ mma ne Merari mma no mu.

Sannaafoɔ no

20 Na Ahia a ɔyɛ Lewifoɔ no mu bi di Nyankopɔn fie akoradeɛ ne akronkronneɛ akoradeɛ no so:

21 Ladan mma, Gersonni no mma a wɔyɛ Ladan deɛ no, Gersonni Ladan agyanom atitire: Yehieli.

22 Yehieli mma, Setam ne ne nua Yoel, hwɛɛ AWURADE fie akoradeɛ no so.

23 Amramfoɔ, Yisharfoɔ, Hebronfoɔ, Usielfoɔ no mu

24 na Mose ba Gersom ba Sebuel di akoradeɛ no so panin.

25 Na ne nuanom yɛ Eliesa deɛ: Ne ba Rehabia, ne ba Yesaia, ne ba Yoram, ne ba Sikri, ne ba Selomot.

26 Ɔno Selomot ne ne nuanom di akronkronneɛ a Dawid a ɔyɛ ɔhene no ne agyanom atitire, mpem mpem ne ɔha ha so asafohene ne dɔm asafohene no yɛɛ no kronkron no akoradeɛ nyinaa so,

27 akodie mu asadeɛ na wɔyii bi yɛɛ no kronkron sɛ wɔde asiesie AWURADE fie.

28 Na nnoɔma nyinaa nso a ɔdehunufoɔ Samuel ne Kis ba Saulo ne Ner ba Abner ne Seruia ba Yoab yɛɛ no kronkron no, ɛhyɛ Selomot ne ne nuanom nsa.

Atemmufoɔ no

29 Yisharfoɔ mu na Kenania ne ne mma yɛ Israel so anihumafoɔ adwuma mu, wɔyɛ atwerɛfoɔ ne atemmufoɔ.

30 Hebronfoɔ mu na Hasabia ne ne nuanom, nnipa a wɔtumi wɔn ho, apem ahanson, hwɛɛ Israel so, Yordan atɔeɛ fam, AWURADE adwuma ne ɔhene som nyinaa fam.

31 Hebronfoɔ no mu na Yeria yɛ panin sɛdeɛ Hebronfoɔ no awoɔ ntoatoasoɔ ne agyanom teɛ. (Dawid ahennie afe a ɛtɔ so aduanan mu na wɔhwehwɛɛ wɔn mu, na wɔhunuu wɔn mu mmarima a wɔtumi wɔn ho wɔ Yaser-gilead.)

32 Na ne nuanom, nnipa a wɔtumi wɔn ho yɛ mpennu ahanson, na Ɔhene Dawid de wɔn sisii Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no so, Nyankopɔn ne ɔhene nsɛm nyinaa fam.

1 Berɛsosɛm 27

Asafohene dummienu no

1 Na Israel mma a wɔabu wɔn ano agyanom atitire, ne mpem mpem ne ɔha ha so asafohene, ne wɔn ahwɛfoɔ a wɔsom ɔhene akuo akuo ahodoɔ no nsɛm nyinaa mu, wɔn a wɔba ne wɔn a wɔfiri adi bosome biara, afe mu abosome nyinaa mu nkyekyɛmu mmaako mmaako no yɛ nnipa mpemaduonu nnan.

2 Bosome a ɛdi kan mu kuo a ɛdi kan no so na Yasobeam Sabdiel ba die, na ne nkyekyɛmu no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

3 Ɔfiri Peres mma mu na ɔdi dɔm asafohene nyinaa so, bosome a ɛdi kan no mu.

4 Na bosome a ɛtɔ so mmienu no kuo so na Ahohini Dodai die, na ne kuo so bapɔmma ne Miklot; na ne kuo no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

5 Bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no dɔm so safohene a ɔtɔ so mmiɛnsa ne Ɔsɔfoɔ Yehoiada ba Benaia, ɔyɛ panin, na ne kuo no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

6 Ɔno Benaia ne aduasa no mu dɔmmarima a ɔdi aduasa no soɔ, na ne ba Amisabad fra ne kuo mu.

7 Deɛ ɔtɔ so nnan, bosome a ɛtɔ so nnan mu, ne Yoab ne nua Asahel, na ne ba Sebadia wɔ n’akyi, na ne kuo no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

8 Deɛ ɔtɔ so nnum bosome a ɛtɔ so nnum mu ne ɔsafohene Yisrahini Samhut, na ne nkyekyɛmu mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

9 Deɛ ɔtɔ so nsia bosome a ɛtɔ so nsia mu, ne Tekoani Ikes ba Ira, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

10 Deɛ ɔtɔ so nson, bosome a ɛtɔ so nson, mu ne Pelonni Heles a ɔfiri Efraim mma mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

11 Deɛ ɔtɔ so nwɔtwe, bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu, ne Husani Sibekai a ɔfiri Serafoɔ mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

12 Deɛ ɔtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so nkron mu, ne Anatotni Abieser a ɔfiri Benyaminfoɔ mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

13 Deɛ ɔtɔ so du, bosome a ɛtɔ so du mu, ne Netofani Maharai a ɔfiri Serafoɔ mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

14 Deɛ ɔtɔ so dubaako, bosome a ɛtɔ so dubaako mu, ne Piratonni Benaia a ɔfiri Efraim mma mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

15 Deɛ ɔtɔ so dummienu, bosome a ɛtɔ so dummienu mu, ne Netofani Heldai a ɔyɛ Otniel aseni, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

Mmapɔmma no

16 Na wɔn a wɔdi Israel mmusuakuo no soɔ nie: Rubenfoɔ bapɔmma ne Sikri ba Eliesa; Simeonfoɔ mu: Maaka ba Sefatia;

17 Lewifoɔ mu: Kemuel ba Hasabia; Aaron asefoɔ mu: Sadok;

18 Yuda mu: Elihu a ɔfiri Dawid nuanom mu; Isakar mu: Mikael ba Omri;

19 Sebulon mu: Obadia ba Yismaia; Naftali mu: Asriel ba Yerimot;

20 Efraim mma mu: Asasia ba Hosea; Manase abusuakuo fa mu: Pedaia ba Yoel;

21 Manase abusuakuo fa a ɛwɔ Gilead no mu: Sakaria ba Ido; Benyamin mu: Abner ba Yaasiel;

22 Dan mu: Yeroham ba Asareel. Yeinom ne Israel mmusuakuo so asafohene.

23 Na Dawid ammu wɔn a wɔnnii mfirinhyia aduonu, ɛfiri sɛ AWURADE aka sɛ ɔbɛma Israel adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma.

24 Seruia ba Yoab firi aseɛ kanee, na wanwie. Na yei nti abufuo baa Israel so, na dodoɔ no, wɔantwerɛ no Ɔhene Dawid berɛsosɛm nwoma no mu.

Dawid nhenkwaa ne ne mpanimfoɔ

25 Na ɔhene akoradeɛ no so na Adiel ba Asmawet ɔhwɛ, na akoradeɛ a ɛwɔ asase no soɔ, nkuro ne nkurowa ne abantenten mu no so na Usia ba Yonatan hwɛ.

26 Na wɔn a wɔyɛ mfuo mu adwuma dɔ asase no so na Kelub ba Esri die.

27 Na bobe nturo so na Ramatni Simei die, na bobe nturo no mu akoransa no so na Sifimni Sabdi die.

28 Na ngo nnua ne akyee a ɛwɔ mpaperɛ soɔ no so na Gederni Baal-hanan die. Na ngo akoradeɛ no so na Yoas die.

29 Na anantwie a wɔyɛne wɔn Saron no so na Saronni Sitrai die, na mmonhwa no mu anantwie so na Adlai ba Safat die.

30 Na yoma so na Ismaelni Obil hwɛ, na mfunumu so na Meronotni Yehedia hwɛ.

31 Na nnwan so na Hagarni Yasis hwɛ. Yeinom nyinaa yɛ Ɔhene Dawid nnoɔma so ahwɛfoɔ.

32 Na Dawid n’agya nua Yonatan ne ɔfotufoɔ, ɔyɛ ɔbarima nhunumufoɔ, na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ nso. Ɔno ne Hakmoni ba Yehiel na ɔtetee ɔhene mma no.

33 Na Ahitofel ne ɔhene fotufoɔ, na Arkini Husai ne ɔhene adamfo.

34 Na Ahitofel akyi na Benaia ba Yehoiada ne Abiatar diiɛ. Na ɔhene no sahene ne Yoab.