Nyankopɔn bɔhyɛ ne n’awerɛkyekyerɛ 1 Montie me, mo a modi tenenee akyire na mohwehwɛ AWURADE no, monhwɛ ɔbotan a wɔpaee mo firii mu ne abopaebea a wɔtuu mo firii mu no, 2 monhwɛ mo agya Abraham ne Sara a ɔkyem mo woo mo no, sɛ ɔyɛ ɔbaakofoɔ na mefrɛɛ no, na mehyiraa no memaa no […]
Category Archives: Yesaia
Yesaia 52
Nhyia no ho siesie 1 O Sion, nyane ɛ, nyane ɛ! hyɛ w’ahoɔden! O Yerusalem, kuro kronkron, hyɛ w’animuonyam atadeɛ! na momonotoni ne deɛ ne ho nteɛ biara renkɔ so nhyɛne wo mu bio. 2 Yerusalem, sɔre porepore wo ho mfuturo gu! O Yerusalem a wɔafa wo dommum; Sion babaa a wɔafa wo dommum, sanesane […]
Yesaia 53
Nyankopɔn akoa no amanehunu ne ne mmasoɔ 1 Hwan na wagye yɛn asɛnka no adie, na AWURADE basa no, hwan so na ada adie ama no ahunu? 2 Na ɔfifirii sɛ duforɔ n’anim, sɛ asase pɛsɛɛ mu nhini; ɔnni esu anaa animuonyam a ɛbɛma yɛahwɛ no, na ɔnni ahoɔfɛ a ɛbɛma yɛn ani agye ne […]
Yesaia 54
Sion afotuo ne denhyɛ 1 To dwom, wo bonini a woanwoɔ; to anigyeɛ dwom na fa ahosan team, wo a wonkyem mma! Na onnibie mma bɛdɔɔso asene deɛ ɔwɔ kunu mma, AWURADE na ɔseɛ. 2 Ma wo ntomadan mu ntrɛ, na wɔntwe wo tenabea ho nkataho no mu, nnodo ho. Ma wo ntampehoma nware, na […]
Yesaia 55
Onyankopɔn dom frɛ 1 Mommra oo, mo a sukɔm de mo nyinaa, mommra nsuo ho, na mo a monni sika no, mommra mmɛtɔ, na monni. Mommra mmɛtɔ nsa ne nufosuo; ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na ɛnni boɔ nso. 2 Adɛn na mokari sika gye deɛ ɛnyɛ aduane, ne mo brɛ so adeɛ tɔ deɛ […]
Yesaia 56
Nkwagyeɛ no abɛn 1 Sɛ AWURADE seɛ nie: Monni atemmuo so, na monyɛ adetenenee, na me nkwagyeɛ reyɛ aba, na wɔrebɛyi me nkwagyeɛ adi. 2 Nhyira ne ɔdasani a ɔyɛ yei, ne onipa ba a ɔkura mu no, deɛ ɔdi homeda a ɔngu ho fi na ɔhwɛ ne nsa na anyɛ bɔne biara no. 3 […]
Yesaia 57
1 Ɔteneneeni yera, na obiara mfa nhyɛ n’akoma mu, na wɔfa mmarima pa kɔ, a obiara nteaseɛ, sɛ bɔne a ɛbɛba no anim na wɔyi teneneeni no firi korɔ. 2 Ɔkɔ asomdwoeɛ mu; wɔhome wɔn nnaeɛ so, wɔn a wɔnante wɔn teeyɛ mu no. Ɔman no bra bɔne 3 Na mo deɛ, montwe mmra ha, […]
Yesaia 58
Onyamesom huhuo 1 Team denden, nnodo ho; ma wo nne so sɛ totorobɛnto, na ka me man mmarato ne Yakob fie bɔne kyerɛ wɔn. 2 Ɛwom, wɔhwehwɛ me da biara, na wɔpɛ sɛ wɔhunu m’akwan, sɛ gyama wɔyɛ ɔman bi a wɔdi asɛntenenee na wɔnnyaa wɔn Nyankopɔn ahyɛdeɛ no; wɔbisa me hɔ asɛntenenee, wɔpɛ sɛ […]
Yesaia 59
Ɔman abɔnefoɔ no sɛeɛ 1 Hwɛ, AWURADE nsa nyɛ tiaa a ɛnso ɔgyeɛ, na n’aso mu nyɛ den a ɛrente asɛm, 2 na mmom mo amumuyɛ ne deɛ ɛma mo ne mo Nyankopɔn ntam ateteɛ, na mo bɔne na akata n’ani afiri mo ho a enti ɔntie. 3 Na mogya akeka mo nsam, na amumuyɛ […]
Yesaia 60
Sion ne amanaman hann 1 Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba, na AWURADE animuonyam apue wo so. 2 Na hwɛ, esum bɛkata asase so, na esum kabii akata aman so; nanso AWURADE bɛpue wo so na n’animuonyam abɛda adi wo so. 3 Na amanaman bɛnante aba wo hann no ho, na ahemfo aba hyerɛn a […]