Yeremia 30

Israel ne Yuda nkrabea 1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn no se: 2 Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Twerɛ nsɛm a maka akyerɛ woɔ yi hyɛ nwoma mu fa. 3 Na hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mede me man Israel ne Yuda nnommum bɛsane aba, AWURADE na ɔseɛ, […]

Yeremia 31

Israel ne Yuda daakye apam 1 Ɛberɛ no mu na mɛyɛ Israel mmusua nyinaa Onyankopɔn, AWURADE asɛm nie, na wɔn nso ayɛ me ɔman. 2 Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔman a wɔafiri mu afiri afena ano no anya adom ɛserɛ so; berɛ a na Israel rehwehwɛ ahome no. 3 AWURADE ama mahu no akyirikyiri. Na […]

Yeremia 32

Yeremia tɔ afuo bi 1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn Yudahene Sedekia afe a ɛtɔ so du a ɛne Nebukadnessar afe a ɛtɔ so dunwɔtwe no soɔ nie. 2 Ɛno mu, na Babel hene dɔm aka Yerusalem ahyɛ mu, na Odiyifoɔ Yeremia da dua mu, Yuda ahemfie awɛmfoɔ abannwa mu. 3 Na […]

Yeremia 35

Rekabfoɔ nhwɛsoɔ 1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba berɛ soɔ nie: 2 Kɔ Rekabfoɔfie, na ɛne wɔn nkɔkasa, na fa wɔn bra AWURADE fie mpia no baako mu, na ma wɔn nsa nnom. 3 Ɛnna mekɔfaa Habasinia ba Yeremia ba Yaasania ne ne nuanom ne ne […]

Yeremia 36

Wɔkenkan nkɔmhyɛ nwoma no 1 Na Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan mu, asɛm yi firii AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn sɛ: 2 Fa nwoma mmobɔeɛ bi kura, na twerɛ nsɛm a maka makyerɛ woɔ no nyinaa, Israel ne Yuda ne amanaman no nyinaa ho, firi da a mekasa mekyerɛɛ […]

Yeremia 37

Sedekia abɔfoɔ 1 Na Sedekia a ɔyɛ Yosia ba bɛdii hene sii Konia a ɔyɛ Yehoiakim ba a Babelhene Nebukadnessar sii no Yuda asase so hene no ananmu. 2 Na ɔno ne ne nkoa ne asase no so nkurɔfoɔ antie AWURADE asɛm a ɔnam Odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no. 3 Na Ɔhene Sedekia somaa Selemia […]

Yeremia 38

Yeremia wɔ asiane kɛseɛ mu 1 Na Matan ba Sefatia ne Pasur ba Gedalia ne Selemia ba Yukal ne Malkia ba Pasur tee nsɛm a na Yeremia reka kyerɛ ɔman no nyinaa sɛ: 2 Sɛ AWURADE seɛ nie: Deɛ ɔbɛtena kuro yi mu no bɛwu afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, na deɛ ɔfiri adi […]

Yeremia 39

Wɔfa Yerusalem. Wɔtutu Sedekia ani 1 Na wɔfaa Yerusalem, Yudahene Sedekia afe a ɛtɔ so nkron no bosome a ɛtɔ so du no so. Babelhene Nebukadnessar ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem bɛkaa no hyɛɛ mu. 2 Sedekia afe a ɛtɔ so dubaako no bosome a ɛtɔ so nnan da a ɛtɔ so nkron mu […]

Yeremia 40

Yeremia wɔ Amrado Gedalia nkyɛn 1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn berɛ a ankɔbeahene Nebusaradan agyaa no Rama no nie; ɔkɔfaa no baeɛ no, na wɔagu no nkɔnsɔnkɔnsɔn, Yerusalem ne Yuda atukɔfoɔ a wɔretu wɔn akɔ Babel no mu. 2 Ankɔbeahene no maa wɔkɔfaa Yeremia bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE […]