Yeremia 10

Nokorɛ Nyamesom ne abosonsom 1 O Israel fie, montie asɛm a AWURADE reka akyerɛ mo: 2 Sɛ AWURADE seɛ nie: Monnsua amanaman kwan, na monnsuro ɔsoro nsɛnkyerɛnneɛ, na amanaman na ɛsuro wɔn. 3 Na aman no atorɔmudeɛ yɛ atorɔ, na ɛyɛ dua a wɔatwa no afiri kwaeɛ mu, odwumfoɔ nsa ano adwuma a ɔde dadeɛ […]

Yeremia 11

Nyankopɔn apam 1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn nie: 2 Tie apam yi mu nsɛm, na ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ. 3 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Wɔadome deɛ ɔnte apam yi mu nsɛm 4 a mehyɛɛ mo agyanom, da a meyii wɔn firii Misraim asase […]

Yeremia 12

Yeremia asɛmmisa ne n’abooboodie 1 O AWURADE, sɛ me ne wo bɔ nkuro a, wodi bem ara; nanso me ne wo bɛkasa ara: Adɛn nti na abɔnefoɔ kwan si wɔn yie na nkɔnkɔnsafoɔ nyinaa nso ho dwo wɔn? 2 Wotɛ wɔn, na wɔgye nhini; wɔnyinyini na wɔsoso aba nso; wobɛn wɔn ano, na wo ne […]

Yeremia 13

Ɔman no seanteɛ 1 Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Kɔ na kɔtɔ nwera abɔsoɔ na fa bɔ w’asene, na mfa mmɔ nsuo mu. 2 Ɛnna medii AWURADE asɛm no soɔ, kɔtɔɔ abɔsoɔ no, na mede mebɔɔ m’asene. 3 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn, ne mprenu soɔ sɛ: 4 Fa abɔsoɔ a wotɔeɛ a […]

Yeremia 14

Ɛweɛ berɛ ne emu hia 1 AWURADE asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn ɛfa osuo a ɛrentɔ ho no nie: 2 Yuda di abooboo na n’aponkɛseɛ agogo, wɔboa fam si wɔn tiri ase twann, na Yerusalem nteamu foro kɔ soro. 3 Na wɔn mu akɛseɛ soma nkumaa no nsuosa; wɔba nsubɔnhwa ano, wɔnnya nsuo; wɔde wɔn […]

Yeremia 17

Yuda bɔne ne n’asotwe 1 Yuda bɔne no, wɔde dadeɛ twerɛdua ne hyerɛmmoɔ ano na atwerɛ, wɔakurukyire no wɔn akoma apono so ne wɔn afɔrebukyia mmɛn so, 2 berɛ a wɔn mma kae wɔn afɔrebukyia ne wɔn Asera nnua, dua frɔmfrɔm ne nkokoɔ sorɔnsorɔn soɔ no. 3 Me bepɔ ne ɛho asase, mede w’ahodeɛ ne […]

Yeremia 18

Nyankopɔn nnisoɔ no nsususoɔ 1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn nie: 2 Sɔre siane kɔ ɔnwonfoɔ fie, na mɛma woate me nsɛm hɔ. 3 Ɛnna mesiane kɔɔ ɔnwomfoɔ fie, na hwɛ, na ɔreyɛ n’aboɔ so adwuma. 4 Na kukuo a ɔreyɛ no sɛee, sɛ ɔnwomfoɔ nsam dɔteɛ, na ɔsane de yɛɛ ade […]

Yeremia 19

Yuda sɛeɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ bi 1 Sɛ AWURADE kaeɛ nie: Kɔ na kɔtɔ ɔnwomfoɔ kuruwa bi, na fa ɔman no mu mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mu mpanimfoɔ no bi ka wo ho, 2 na firi adi kɔ Hinom ba bonhwa a ɛwɔ anwomfoɔ pono ano no mu, na pae nsɛm a mɛka akyerɛ wo no wɔ […]