Israel foforɔyɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Sonannim Edut” sankuo nne so. Asaf adansedie. Dwom. 1 Israel dwanhwɛfoɔ, yɛ aso, wo a woka Yosef sɛ nnwankuo, wo a wote Kerubim soɔ, pue hran. 2 Efraim ne Benyamin ne Manase anim na ma wo homene soɔ, na bra bɛgye yɛn. 3 Onyankopɔn, ma yɛnsane mmra, […]
Category Archives: Nnwom
Nnwom 81
Nokorɛ afahyɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no Gatfoɔ sankuo nne so. Asaf deɛ. 1 Mommɔ ose mma Onyankopɔn, yɛn ahoɔden, monhuro mma Yakob Nyankopɔn. 2 Monto dwom na monyan mpintin, mommɔ sanku dɛdɛ ne bɛnta. 3 Monhyɛne totorobɛnto ɔsrane foforɔ so, ɔsrane korokumatwa mu, mma yɛn afahyɛ da. 4 Na ɛne sɛnnahɔ ma Israel, […]
Nnwom 82
Israel atamfoɔ Asaf dwom. 1 Onyankopɔn gyina Nyankopɔn asafo mu, ɔbu atɛn anyame ntam. 2 Da bɛn na mobɛbu ntɛnkyea, na moahwɛ abɔnefoɔ anim akɔsie? 3 Monni ɔbrɛfoɔ ne awisiaa asɛm, monni asɛntenenee mma ɔmanehunufoɔ ne mmɔborɔni. 4 Monnye ɔbrɛfoɔ ne ohiani, monhwim wɔn mfiri abɔnefoɔ nsam. 5 Wɔnnim de, na wɔnte aseɛ, esum mu […]
Nnwom 83
Israel atamfoɔ Asaf dwom. 1 Onyankopɔn, nyɛ komm, mmua w’ano, na nhome, Onyankopɔn. 2 Na hwɛ, w’atamfo yɛ gyegyeegye, na wɔn a wɔkyiri woɔ ama wɔn tiri so. 3 Wo man tiri so na wɔrepam anyansapam, na wɔkɔ wɔn a wɔahunta no tiri so agyina. 4 Wɔka sɛ: Mommra mma yɛnku wɔn ase mfiri ɔman […]
Nnwom 84
Nyankopɔn fie ho anigyeɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no Gatfoɔ sankuo nne so. Kora mma dwom. 1 Sɛdeɛ wo tenabea hɔnom si yɛ fɛ, asafo AWURADE. 2 Me kra ani gyina, ɛtɔ piti mpo, AWURADE adihɔ no nti, m’akoma ne me honam di ahurisie ma Onyankopɔn teasefoɔ. 3 Nso apatuprɛ anya ɛdan, na asomfenakatakyi […]
Nnwom 85
Adom ho adesrɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma dwom. 1 AWURADE, woadom w’asase, wode Yakob agyapadeɛ asane aba, 2 wode wo man mfomsoɔ akyɛ, woakata wɔn bɔne nyinaa so. 3 Woatwe w’anibereɛ nyinaa, woadane afiri w’abufuo hyehyeɛ no mu. 4 Yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, ma yɛnsane mmra, na twa wo bo a ɛfu yɛn no to […]
Nnwom 86
Ahohia kɛseɛ mu mpaebɔ Dawid mpaebɔ. 1 AWURADE, brɛ w’aso ase tie me, na meyɛ mmɔborɔni ne ohiani. 2 Hwɛ me kra so, na meyɛ ɔhotefoɔ; wo, me Nyankopɔn, gye w’abɔfra a ɔde ne ho twere woɔ. 3 O AWURADE, hu me mmɔbɔ, na wo na mesu mefrɛ wo da mu nyinaa. 4 Ma w’akoa […]
Nnwom 87
Nyankopɔn kuro mufoɔ Kora mma dwom. 1 AWURADE kuro a ɔkyekyereeɛ wɔ mmepɔ kronkron so. 2 AWURADE dɔ Sion apono sene Yakob tenabea nyinaa. 3 Wɔka wo ho animuonyamsɛm, Nyankopɔn kuro. 4 Sɛ mebɔ Misraimfoɔ, Babelfoɔ, Filistifoɔ, Tirofoɔ ne Etiopiafoɔ din wɔ wɔn a wɔni me mu mpo a, yeinom wɔwoo wɔn hɔ ara. 5 […]
Nnwom 88
Sɔhwɛ kɛseɛ mu mpaebɔ Kora mma dwom a wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sankuo nne so. Esrahini Heman nnweneho dwom. 1 AWURADE, me nkwagyeɛ Nyankopɔn, mesu mefrɛ, w’anim, awia ne anadwo, 2 ma me mpaebɔ nnuru w’anim, na brɛ w’aso ase ma me nteamu. 3 Na nnebɔne afono me kra, na me […]
Nnwom 89
Mpaeɛ a wɔbɔ ma Dawid fie Esrahini Etan nnweneho dwom. 1 Mɛto AWURADE adɔeɛ ho dwom daa, mede m’ano bɛka wo nokorɛdie makyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ; 2 na mɛka sɛ: Adɔeɛ bɛsi so daa, ɔsoro hɔ na wode nokorɛdie atintim. 3 Me ne deɛ mayi no no apam apam bi, maka ntam makyerɛ […]