Nkwagyeɛ ho adesrɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid deɛ. Wɔde bɔ nkaeɛ. 1 Onyankopɔn, yɛ ntɛm bɛgye me, AWURADE, yɛ ntɛm bɛboa me. 2 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra ani nwu na wɔn anim ngu ase, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsane wɔn akyi na wɔnnane ahohorafoɔ. 3 Wɔn a wɔse “wiɛ, wiɛ” no, […]
Category Archives: Nnwom
Nnwom 71
AWURADE, nnya me 1 Wo AWURADE na madwane mabɛtoa woɔ, m’anim rengu ase da biara da. 2 Fa wo tenenee yi me, na gye me, yɛ aso ma me, na gye me nkwa. 3 Yɛ sɛ ɔbotan a mɛtena so maba hɔ daa. Woahyɛ sɛ wɔnnye me nkwa, na wone me botan ne me ho […]
Nnwom 72
Asomdwoeɛ hene ne n’ahennie Salomo deɛ. 1 Onyankopɔn, fa w’atemmuo ma ɔhene, ne wo tenenee ma ɔhene ba. 2 Ma no mfa tenenee nni wo man so, na ɔmfa atemmuo nhwɛ w’amanehunufoɔ. 3 Mmepɔ bɛso asomdwoeɛ ama ɔman, na nkokoɔ nso de tenenee aba. 4 Ɔbɛbu ɔman mu amanehunufoɔ atɛn, na wagye ahiafoɔ mma nkwa, […]
Nnwom 73
Gyidie mu tumi Asaf dwom. 1 Ampa ara, Onyankopɔn yɛ ma Israel, ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ. 2 Na me deɛ, anka me nan reyɛ amane, m’anammɔn reyɛ awatiri. 3 Na metwee ahokyerɛfoɔ ho ninkunu, ɛfiri sɛ mehunuu abɔnefoɔ yie a wɔdie no. 4 Wɔnhunu owuo mu aninyanneɛ, na wɔwɔ honam ne ahoɔden. […]
Nnwom 74
Asafo no amanehunu mu sufrɛ Asaf nnweneho dwom. 1 Onyankopɔn, adɛn nti na woasum yɛn agu koraa, na w’abufuo rehye w’adidibea nnwan? 2 Kae w’asafo a wotɔɔ wɔn teteete, woagye wɔn sɛ w’agyapadeɛ mantam no, Sion bepɔ a wobɛtenaa soɔ no. 3 Ma wo nan so bɛhwɛ daa amamfo no, ɔtamfoɔ asɛe kronkronbea hɔ ade […]
Nnwom 75
Onyankopɔn yɛ wiase temmufoɔ tenenee Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Al-taset” sankuo nne so. Asaf dwom. 1 Onyankopɔn, yɛda wo ase da wo ase, na wo din abɛn; wɔka w’anwanwadeɛ kyerɛ. 2 Mɛba berɛ a ɛsɛ mu, na me ara mabɛbu atɛntenenee. 3 Asase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa mu hodwo a, me […]
Nnwom 76
Nkonimdie ne Nyankopɔn ayeyie dwom Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa asankuo nto. Asaf dwom. 1 Yuda mu na wɔahunu Onyankopɔn, ne din so Israel mu. 2 Ne sese si Salem, na ne tenabea wɔ Sion. 3 Ɛhɔ na ɔbubuu tadua mu mmɛmma, ɔkyɛm ne nkrantɛ ne ɔsa. 4 W’anim yɛ nyam, na ɛhran sene asadeɛ […]
Nnwom 77
Mmerɛ a atwam ne nnɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ Yedutun. Asaf dwom. 1 Mɛma me nne so makyerɛ Onyankopɔn, na masu mafrɛ no; mɛma me nne so makyerɛ Onyankopɔn, na ɔbɛyɛ aso ama me. 2 M’ahohia da mu na mehwehwɛɛ AWURADE, me nsam atene anadwo nyinaa, na ɛmpa aba, me kra po awerɛkyekyerɛ. 3 Mekae Onyankopɔn […]
Nnwom 78
Israel poɔ ne Yuda yie Asaf nnweneho dwom. 1 Me man, monyɛ aso mma me nkyerɛkyerɛ, monwɛn mo aso mma m’anomu nsɛm. 2 Mɛbue m’ano mmebuo mu, mɛyi atetesɛm adi sɛ akasabebuo. 3 Deɛ yɛateɛ na wɔama yɛahunu na yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn no, 4 yɛremfa nhunta wɔn mma, yɛreka nkyirimma AWURADE ayeyisɛm, ne […]
Nnwom 79
AWURADE gye wo man Asaf dwom. 1 Onyankopɔn, amanaman aba w’agyapadeɛ mu, wɔagu w’asɔrefie kronkron ho fi, wɔama Yerusalem ayɛ agoago. 2 Wɔde wo nkoa amu ama ewiem nnomaa adi, wɔde w’ahotefoɔ nam ama asase so mmoa. 3 Wɔahwie wɔn mogya agu sɛ nsuo de atwa Yerusalem ho ahyia, na deɛ ɔsie wɔn nni hɔ. […]