Nnwom 101

Ɔhene bɔhyɛ Dawid dwom. 1 Mɛto adɔeɛ ne atemmuo ho dwom, wo, AWURADE, na mɛto dwom yi mama woɔ. 2 Mede nimdeɛ bɛfa pɛyɛ kwan so. Da bɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede m’akoma pɛyɛ bɛnante me fie. 3 Meremma ahuhusɛm biara nsi m’ani so, mekyiri ahohwisɛmdie, ɛremfam me ho. 4 Akoma kontonkyi mpare me, […]

Nnwom 102

Abooboo ne anidasoɔ Mmɔborɔni a ne home te no a ɔyi n’abooboo gu AWURADE anim no mpaebɔ. 1 Ao, AWURADE, tie me mpaebɔ, na ma me sufrɛ nnuru w’anim. 2 Nyi w’anim nhunta me, da a me ho hia me no, brɛ w’aso ase ma me, da a mesu mefrɛ no, yɛ ntɛm gye me […]

Nnwom 103

Me kra, hyira AWURADE! Dawid deɛ. 1 Me kra, hyira AWURADE, na me mu adeɛ nyinaa nhyira ne din kronkron. 2 Me kra, hyira AWURADE, na mma wo werɛ mmfiri ne nneyɛɛ pa nyinaa. 3 Ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ, na ɔsa wo nyarewa nyinaa. 4 Ɔgye wo nkwa firi Amena mu, […]

Nnwom 104

Nyankopɔn adebɔ mu ayeyie 1 Me kra, hyira AWURADE. AWURADE, me Nyankopɔn, woso kɛse, woahyɛ ɔhran ne animuonyam. 2 Ɔfira hann sɛ ntoma, ɔtrɛ ɔsoro mu sɛ ntomadan tam, 3 ɔde ne mpia sam nsuo so, ɔde mununkum yɛ ne teaseɛnam, ɔde mframa ntaban nenam. 4 Ɔde mframa yɛ n’abɔfoɔ, ɔde ogya a ɛderɛ yɛ […]

Nnwom 105

Onyankopɔn ne ne Man 1 Monna AWURADE ase, mommɔ ne din, momma wɔnhunu ne nneyɛɛ, aman mu. 2 Monto dwom mma no, monto ayeyie dwom mma no, monnwene n’anwanwadeɛ nyinaa ho nka. 3 Momfa ne din kronkron nhyehyɛ mo ho, wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE no akoma ntɔ wɔn yam. 4 Mompɛ AWURADE ne ne tumi […]

Nnwom 106

Nyankopɔn adɔeɛ ne Israel bonniayɛ 1 Monyi AWURADE ayɛ! Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. 2 Hwan na ɔbɛtumi aka AWURADE mmaninneɛ, na wama wɔate n’ayeyie nyinaa? 3 Nhyira ne wɔn a wɔkura atemmuo mu, ne deɛ ɔdi asɛntenenee daa nyinaa. 4 AWURADE, wo man ho anisɔ no mu, kae me, […]

Nnwom 107

Wɔn a wɔagye wɔn nkwa no aseda dwom 1 Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. 2 Ma wɔn a AWURADE agye wɔn nka saa, wɔn a wagye wɔn afiri ɔhohiahiafoɔ nsam, 3 na waboaboa wɔn ano afiri nsase soɔ, afiri apueeɛ ne atɔeɛ, afiri atifi fam ne anafoɔ fam. 4 Wɔkyinkyinii […]

Nnwom 108

Adɔeɛ ho ayeyie ne mmoa ho adesrɛ Dawid dwom. 1 M’akoma atim, Onyankopɔn, m’akoma atim! Mɛto dwom, na mayi ayɛ! Me kra nyane! 2 Bɛnta ne sankuten, monyane, mɛnyane anɔpahema. 3 AWURADE, mɛda wo ase, aman mu, na mɛto ayeyie dwom mama wo, aman mu. 4 Na w’adɔeɛ so tra ɔsoro, na wo nokorɛ duru […]

Nnwom 109

Atamfoɔ bɔne no nnue! Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom. 1 M’ayeyie Nyankopɔn, mmua w’ano. 2 Na abɔnefoɔ ne nkontompofoɔ abue wɔn ano atia me, wɔde atɛkyerɛma torofoɔ akeka me ho nsɛm, 3 na wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia, na wɔne me di ako kwa. 4 Wɔtane me de hyɛ me dɔ ananmu, na me […]

Nnwom 110

Ɔsɔfoɔ a ɔdi hene Dawid dwom 1 AWURADE asɛm a ɔse me wura nie: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ. 2 Wo tumidie poma no, AWURADE firi Sion bɛtene. “Di hene w’atamfo mfimfini!” 3 Wo man bɛyi wɔn yam koraa aba wo koda no, aduradeɛ kronkron mu, wo mmeranteɛ […]