Nnwom 90

Daa Nyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea Nyankopɔn nipa Mose mpaebɔ. 1 AWURADE, wo na woayɛ yɛn dwanekɔbea, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. 2 Wo deɛ, wɔnnya mmɔɔ mmepɔ na wonnya nyii asase ne wiase adie no, na wofiri tete akyirikyiri kɔsi daakye akyirikyiri yɛ Onyankopɔn. 3 Woma ɔdasani dane mfuturo, na wose: Onipa mma, monsane mmra mo […]

Nnwom 91

Ɔsorosoroni no huntabea 1 Deɛ ɔte ɔsorosoroni no huntabea, mekyerɛ deɛ ɔtena Otumfoɔ no nwunu ase no 2 bɛse AWURADE sɛ: Me dwanekɔbea ne m’abankɛseɛ, me Nyankopɔn a mede me ho meto wo soɔ. 3 Ampa ara, ɔno na ɔbɛgye wo afiri ofirisumfoɔ fidie mu ne owuyadeɛ sɛeɛ mu. 4 Ɔde ne ntakra bɛkata wo […]

Nnwom 92

Nyankopɔn tenenee nnisoɔ ho ayeyie Dwom a wɔto no homeda. 1 Ɛyɛ sɛ wɔda AWURADE ase na wɔto dwom ma wo din, ɔsorosoroni, 2 sɛ wɔka w’adɔeɛ anɔpa ne wo nokorɛdie anadwo, 3 sankuhan du ne bɛnta so, sankuo ho adwempa dwom mu. 4 Na wo, AWURADE, woma m’ani gye wo nneyɛɛ ho, wo nsa […]

Nnwom 93

Daa hene 1 AWURADE di hene, ɔde animuonyam ahyehyɛ ne ho. AWURADE ahyehyɛ ne ho, ɔde ahoɔden akyekyere ne ho, na wiase tim hɔ a ɛrenhinhim. 2 W’adwa tim hɔ firi tete, wowɔ hɔ firi daa. 3 Asutene ama so, AWURADE, asutene ama wɔn nne so, asutene ma wɔn huuyɛ so. 4 Deɛ ɔsene nsukɛseɛ […]

Nnwom 94

Onyankopɔn yɛ ɔweretɔfoɔ 1 Aweretɔ Nyankopɔn, AWURADE, aweretɔ Nyankopɔn, pue. 2 Asase temmufoɔ, ma wo ho so, tua ahokyerɛfoɔ ka. 3 AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn na abɔnefoɔ, ɛnkɔsi da bɛn na abɔnefoɔ nni ahurisie? 4 Wɔka asɛmdenden, amumuyɛfoɔ nyinaa di ahantansɛm. 5 Wo man deɛ, AWURADE, wɔrebɔ no pasaa, na wɔbrɛ w’agyapadeɛ ase. 6 Wɔkum […]

Nnwom 95

Momma yɛnsɔre AWURADE 1 Mommra mma yɛnto anigyeɛ dwom mma AWURADE, momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ botan. 2 Momma yɛmfa aseda mmra n’anim, na yɛmfa nnwom nni ahurisie mma no. 3 Na AWURADE yɛ Onyankopɔn kɛseɛ ne ɔhenkɛseɛ, anyame nyinaa so. 4 Ne nsam na asase mu ahuntadeɛ wɔ, na mmepɔ so srɔnsrɔn nso […]

Nnwom 96

Asase nyinaa so wura no ayeyie 1 Monto dwom foforɔ mma AWURADE, asase nyinaa, monto dwom mma AWURADE. 2 Monto dwom mma AWURADE, monhyira ne din, monka ne nkwagyeɛ mfiri da nkɔ da mu. 3 Monka n’animuonyam, amanaman mu, n’anwanwadeɛ, aman nyinaa mu. 4 Na AWURADE yɛ kɛseɛ, na ɔsɛ ayeyie sɛ, ne ho yɛ […]

Nnwom 97

Nyankopɔn ahennie wɔ awieeɛ berɛ no mu 1 AWURADE di hene, ma asase ho nsane no, na nsupɔ bebree no nso ani nnye. 2 Mununkum ne sum atwa ne ho ahyia, tenenee ne atemmuo ne n’ahennwa nnyinasoɔ. 3 Ogya di n’anim, na ɛrehye n’ahohiahiafoɔ hyia. 4 N’anyinam hran wiase, asase hunu, na ɛpopo. 5 Mmepɔ […]

Nnwom 99

Onyankopɔn kronkron ho ayeyie 1 AWURADE di hene, aman ho popo; ɔte Kerubim so, asase him. 2 AWURADE yɛ kɛseɛ wɔ Sion, na wɔama no so aman nyinaa so. 3 Wɔbɛyi ne din kɛseɛ a ɛho yɛ hu no ayɛ, ɔno na ɔyɛ kronkron. 4 Ɔhene tumfoɔ a wodɔ atemmuo, wo na wobu atɛntenenee, Yakob […]

Nnwom 100

Mommɔ ose mma AWURADE Aseda dwom. 1 Asase nyinaa, mommɔ ose mma AWURADE. 2 Momfa anigyeɛ nsom AWURADE, na momfa ahurisie dwom mmra n’anim. 3 Monhunu sɛ AWURADE ne Onyankopɔn, ɔno na ɔyɛɛ yɛn, ɔno na yɛwɔ no na yɛnne yɛn ho, na yɛyɛ ne man ne n’adidibea nnwan. 4 Momfa aseda nhyɛne n’aponkɛseɛ mu, […]