Misraim ho kwadwom 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Montwa agyaadwoɔ! Ao, ɛda no! 3 Na ɛda no abɛn, ɛda no abɛn ama AWURADE, mununkum da, ɛbɛyɛ amanaman berɛ. 4 Na nkrantɛ bɛba Misraim so, na nketenkete akuta Etiopia, ɛberɛ […]
Category Archives: Hesekiel
Hesekiel 31
Farao mpofirim ahweaseɛ 1 Na afe a ɛtɔ so dubaako no, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne n’asafo yuu no sɛ: Wote sɛ hwan, wo kɛseyɛ mu? 3 Hwɛ, Asiria te sɛ Lebanon so tweneduro, ne […]
Hesekiel 32
Farao ho kwadwom 1 Na afe a ɛtɔ so dummienu no, bosome a ɛtɔ so dummienu no, da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, twa kwadwom ma Misraimhene Farao, na ka kyerɛ no sɛ: Amanaman mu gyataburuwa ho na wɔde wo toeɛ, nso wo deɛ, wotee sɛ ɛpo […]
Hesekiel 33
Honhom fam awɛmfoɔ no asɛdeɛ 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, kasa kyerɛ wo man mma, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mede nkrantɛ ba asase bi so, na asase no so man no yi wɔn mu barima bi, na wɔyɛ no ɔwɛmfoɔ, 3 na ɔhunu nkrantɛ sɛ ɛreba asase […]
Hesekiel 34
Nnwanhwɛfoɔ bɔne no animuka 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nnwanhwɛfoɔ, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn, nnwanhwɛfoɔ no sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Monnue, Israel nnwanhwɛfoɔ a wɔyɛne wɔn ho no; ɛnyɛ nnwan na nnwanhwɛfoɔ yɛne wɔn? 3 Modi sradeɛ no, na mofira nnwan […]
Hesekiel 35
Edom ho atemmusɛm 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, dane w’ani kyerɛ Seir bepɔ na hyɛ nkɔm tia no, 3 na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Seir bepɔ, na mɛtene me nsa atia wo, na mede wo ayɛ afo ne ahodwirideɛ. […]
Hesekiel 36
Wɔhyira Israel asase 1 Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Israel mmepɔ, na ka sɛ: Mo, Israel mmepɔ, montie AWURADE asɛm: 2 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ɛsiane sɛ ɔtamfoɔ ka mo ho asɛm sɛ: Wiɛ, tete sorɔnsorɔmmea no abɛyɛ yɛn deɛ! nti, 3 hyɛ nkɔm, na ka sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: […]
Hesekiel 37
Israel nkwa foforɔ 1 AWURADE nsa baa me so, na ɔde me firii adi wɔ AWURADE honhom mu, na ɔde me kɔsii bonhwakɛseɛ a nnompe ara nko ayɛ mu ma mu. 2 Na ɔma me faa so kyini hyiae, na hwɛ, na ɛdɔɔso pa ara wɔ bonhwa no ani, na hwɛ, ɛho akokwa sɛ. 3 […]
Hesekiel 38
Gog ba Israel asase so 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, fa w’ani si Gog so, Magog asase so, Mesek ne Tubal berempɔn no, na hyɛ nkɔm tia no, 3 na ka sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal berempɔn! 4 Na […]
Hesekiel 39
Wɔsɛe Gog asraafoɔ 1 Na wo onipa ba, hyɛ Gog ho nkɔm na ka sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal berempɔn! 2 Na mɛdanedane wo na mama woatu afiri atifi fam nohoa tɔnn aba, na mede wo aba Israel mmepɔ so; 3 na mɛbɔ wo tadua […]