Yakob mma a wɔaka no asefoɔ 1 Na Isakar mma ne: Tola, Pua, Yasub ne Simron, wɔyɛ baanan. 2 Na Tola mma ne: Usi, Refaia, Yeriel, Yahmai, Yibsam ne Semuel, wɔn na wɔyɛ Tola mpanimfie atitire, mmarima akofoɔ, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu. Dawid berɛ so na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonu mmienu ne ahansia. 3 […]
Author Archives: admin
1 Berɛsosɛm 8
Benyamin fiefoɔ ne Saulo fiefoɔ 1 Na Benyamin woo Bela, n’abakan, Asbel a ɔtɔ so mmienu ne Ahra a ɔtɔ so mmiɛnsa, 2 Noha a ɔtɔ so nnan ne Rafa a ɔtɔ so nnum. 3 Na Bela mma ne: Adar, Gera, Abihud, 4 Abisua, Naaman, Ahoa 5 Gera, Sefufan ne Huram. 6 Na yeinom ne […]
1 Berɛsosɛm 9
Yerusalemfoɔ 1 Na wɔkan Israel nyinaa twerɛɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, na hwɛ, wɔatwerɛ wɔn din wɔ Israel ahemfo nwoma mu. Wɔtuu Yuda kɔduaa Babel, wɔn amumuyɛ nti. 2 Na wɔn a wɔdii kan sane bɛtenaa wɔn agyapadeɛ so wɔ wɔn nkuro mu no ne asɔfoɔ, Lewifoɔ ne asɔrefie asomfoɔ. 3 Na Yerusalem […]
1 Berɛsosɛm 10
Saulo wuo 1 Na Filistifoɔ ne Israel koeɛ. Na Israel mmarima no dwanee wɔ Filistifoɔ anim, na wɔtotɔe wɔ Gilboa bepɔ so. 2 Na Filistifoɔ tu saa Saulo ne ne mma, na Filistifoɔ kumm Yonatan, Abinadab ne Malkisua a wɔyɛ Saulo mma no. 3 Na ɔko no den Saulo so, na agyantofoɔ bɛtoo no, na […]
1 Berɛsosɛm 11
Dawid bɛdi Israel ne Yuda so hene 1 Na Israel nyinaa boaboaa wɔn ano baa Dawid nkyɛn wɔ Hebron bɛkaa sɛ: Hwɛ, wo bogya ne yɛn. 2 Na kane a na Saulo di hene no, wo ara na wode Israel firii adie na wode wɔn baa mu. Na AWURADE wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ: […]
1 Berɛsosɛm 12
Dawid akyidifoɔ a wɔdi kan 1 Na yeinom ne wɔn a wɔbaa Dawid nkyɛn Siklag berɛ a na ɔntumi nkɔ baabiara a ɔpɛ ɛsiane Kis ba Saulo nti; na wɔn nso wɔ nnɔmmarima a wɔboaa no akodie mu no mu; 2 taduakurafoɔ a wɔtumi de nifa ne benkum to aboɔ ne agyan tadua soɔ. 3 […]
1 Berɛsosɛm 13
Israelfoɔ kɔfa Apam Adaka no firi Kiriat-yearim 1 Na Dawid ne apem apem ne ɔha ha so asafohene ne mmapɔmma no nyinaa kɔɔ agyina, 2 na Dawid ka kyerɛɛ Israel badwa no nyinaa sɛ: Sɛ ɛyɛ wɔ mo ani so na ɛfiri AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn a, momma yɛmmu mu nsoma mma wɔnkɔ yɛn nuanom […]
1 Berɛsosɛm 14
Dawid aban, ne yerenom ne ne mma 1 Na Tirohene Hiram somaa abɔfoɔ maa wɔbaa Dawid nkyɛn, wɔde ntweneduro nnua ne abantofoɔ ne nnuapaefoɔ baa sɛ wɔmmɛsi dan mma no. 2 Na Dawid hunuu sɛ AWURADE asi no Israel so hene, na ne man Israel nti wama n’ahennie so. 3 Na Dawid warewaree yerenom bio […]
1 Berɛsosɛm 15
Wɔde apam adaka no ba Sion bepɔ so 1 Na Dawid sisii adan maa ne ho wɔ Dawid kuro mu, na ɔsiesiee afa bi maa Nyankopɔn adaka no, na ɔsii ntomadan maa no. 2 Afei Dawid kaa sɛ obiara nnsoa Nyankopɔn adaka no sɛ Lewifoɔ no ara nko, na wɔn na AWURADE ayi wɔn sɛ […]
1 Berɛsosɛm 16
Dawid aseda ne ayeyie dwom 1 Na wɔde Nyankopɔn adaka no baa mu, de bɛsii ntomadan a Dawid asi ama no no mu, na wɔbobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ Nyankopɔn anim. 2 Na Dawid wiee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no bɔ no, ɔde AWURADE din hyiraa ɔman no. 3 Na ɔkyekyɛɛ Israelfoɔ nyinaa, […]