Amanaman asebrɛ 1 Yei ne AWURADE asɛm: AWURADE atemmusɛm bɛtena Hadrak asase so ne Damasko mu. Na sɛdeɛ Israel mmusuakuo yɛ AWURADE dea no, saa ara na Aram nkuropɔn nso yɛ ne dea. 2 Na saa ara nso na ɔbɛyɛ Hamat a ɔtoa soɔ no, Tiro ne Sidon, sɛ wosusu sɛ wɔnim nyansa mpo a. […]
Author Archives: admin
Sakaria 10
Ɔman no ahofadie ne ne nhyira 1 Mommisa AWURADE hɔ osuo bereamporɔberɛ mu! AWURADE ma asraman paepae, na ɔbɛma osuo atɔ pii ama wɔn, na wɔn nyinaa anyinya mfuo mu nnuane. 2 Na abusua honi no kaa ahuhusɛm, na nkɔmhyɛfoɔ no hunuu atorosɛm na wɔyii daeɛ hunu, wɔde adehuhuo kyekyeree onipa werɛ. Ɛno nti ɔman […]
Sakaria 11
1 Lebanon, hinihini w’apono, na ogya nhye wo ntweneduro no! 2 Pepeaa, twa adwo, na tweneduro ahwe fam, ɛfiri sɛ akunini asɛe; Basan adum, montwa adwo, na kwaeɛ a ɛkorɔn abrɛ ase. 3 Nnwanhwɛfoɔ adwotwa gyegye, na wɔn animuonyam asɛe; agyataburuwa mmobomu gyegye, na Yordan ahohyehyɛdeɛ asɛe. Odiyifoɔ no nnwanhwɛ adwuma 4 Sei na AWURADE […]
Sakaria 12
Onyankopɔn bɛgye Yerusalem 1 AWURADE atemmusɛm a ɛfa Israel ho, AWURADE a ɔtrɛ ɔsoro mu na ɔto asase fapem na ɔnwono onipa honhom wɔ ne mu no asɛm nie: 2 Hwɛ, mede Yerusalem bɛyɛ ntintantɔ kuruwa ama aman a wɔatwa ho ahyia nyinaa, na sɛ wɔka Yerusalem hyɛ mu a, ɛbɛba Yuda so nso. 3 […]
Sakaria 13
Apam foforɔ no mu dom mayɛ 1 Ɛda no wɔbɛbue nsuo aniwa ano ama Dawid fie ne Yerusalemfoɔ de adwira wɔn ho, bɔne ne ahokum ho. 2 Na ɛda no, asafo AWURADE asɛm nie, mɛtwitwa abosonhuhuo din afiri asase no so, na wɔrenkae bio; nanso mɛma adiyifoɔ no ne afi honhom no afiri asase no […]
Sakaria 14
Yerusalem ahohiahia ne ne gyeɛ 1 Hwɛ, ɛda bi reba ama AWURADE akyɛ w’asadeɛ wɔ wo mu. 2 Na mɛboa amanaman nyinaa ano aba Yerusalem ne no abɛko, na wɔafa kuro no, na wɔafom afie no afa, na wɔagu mmaa no ho fi, na kuro no fa afiri akɔ atukorɔ mu, na ɔman no nkaeɛ […]
Hagai 1
AWURADE asɔrefie no sie 1 Ɔhene Dario afe a ɛtɔ so mmienu no, bosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm nam Odiyifoɔ Hagai so baa Yuda Amrado Serubabel a ɔyɛ Sealtiel ba ne Ɔsɔfopanin Yosua a ɔyɛ Yehosadak ba nkyɛn sɛ: 2 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ɔman yi […]
Hagai 2
Asɔrefie a ɛtɔ so mmienu no animuonyam 1 Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so aduonu baako no, AWURADE asɛm nam Odiyifoɔ Hagai so baa sɛ: 2 Ka kyerɛ Sealtiel ba Serubabel, Yuda amrado no, ne Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfo panin no, ne ɔman no nkaeɛ no sɛ: 3 Mo mu hwan […]
Sefania 1
AWURADE atemmuo da no 1 AWURADE asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba Gedalia ba Amaria ba Hesekia ba nkyɛn, Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba berɛ soɔ nie. 2 Pra na mɛpra ade nyinaa afiri asase ani akorɔ, AWURADE asɛm nie. 3 Mɛpra onipa ne aboa akɔ, mɛpra ewiem nnomaa ne ɛpo mu […]
Sefania 2
Monsakyera mo adwene 1 Monka mo ho mmoa ano, aane, monka mmoa ano, ɔman a mo ani nwu asɛm! 2 Mommma ɔsɛeɛ da no mmma ansa, da no resene aba sɛ ntɛtɛ, mommma AWURADE abufuhyeɛ no mmma mo so ansa, aane, mommma AWURADE abufuo da no mmma mo so ansa. 3 Monhwehwɛ AWURADE, asase sofoɔ […]