Adiyisɛm 4

Ɔsɔreɛ wɔ Ɔsoro 1 Yei akyiri no, mehwɛe, na hwɛ, wɔahini ɛpono ɔsoro, na ɛnne a metee kane sɛ totorobɛnto a ɛne me kasaeɛ no se: Foro bra ha na mɛkyerɛ wo deɛ ɛtwa sɛ yeinom akyiri no ɛba. 2 Na ntɛm ara na mewɔ Honhom mu. Na hwɛ, wɔde ahennwa asi soro, na obi […]

Adiyisɛm 6

Nsɔano nson no 1 Na mehunuu sɛ adwammaa no tee nsɔano no mu baako ano, na metee sɛ ateasefoɔ baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ aprannaa kaa sɛ: Bra! 2 Na mehunui na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no kura tadua. Na wɔmaa no abotire, na ɔfirii […]

Adiyisɛm 7

Israel nnipa ɔpeha aduanan nnan no 1 Yei akyiri no mehunuu abɔfoɔ baanan a wɔgyinagyina asase ntweasoɔ nnan no ano kurakura asase mframa nnan no mu, na mframa ammɔ amfa asase anaa ɛpo anaa dua biara so. 2 Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔkura Onyankopɔn a ɔte aseɛ no nsɔano sɛ ɔfiri owia apueeɛ reba, […]

Adiyisɛm 8

Nsɔano a ɛtɔ so nson 1 Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nson no ano no, ɔsoro yɛɛ dinn bɛyɛ sɛ dɔnhwereɛ fa. 2 Na mehunuu abɔfoɔ baason a wɔgyinagyina Nyankopɔn anim no, na wɔmemaa wɔn ntotorobɛnto nson. 3 Na ɔbɔfoɔ foforɔ ba bɛgyinaa afɔrebukyia no ho, ɔkura sika hwam kuruwa, na wɔmaa no nnuhwam […]

Adiyisɛm 10

Ɔbɔfoɔ no ne Nwoma ketewa no 1 Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ hoɔdenfoɔ bi sɛ ɔfiri soro reba fam, na ɔfira mununkum, na nyankontɔn wɔ ne tiri so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum. 2 Na ɔkura nwoma ketewa bi a emu abue wɔ ne nsa mu, na ɔde ne […]

Adiyisɛm 11

Adansefoɔ baanu no 1 Na wɔmaa me demmire a ɛte sɛ abaa kaa sɛ: Sɔre na susu Nyankopɔn asɔredan ne afɔrebukyia ne wɔn a wɔsɔre wɔ mu no. 2 Na adihɔ a ɛwɔ asɔredan no ho no deɛ, gya to hɔ, na nsusu, ɛfiri sɛ wɔde ama amanaman mufoɔ, na wɔbɛtiatia kuro kronkron no so […]

Adiyisɛm 12

Ɔbaa no ne Ɔtweaseɛ no 1 Na nsɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ bi yii ne ho adi ɔsoro. Ɔbaa bi a ɔfira owia, na ɔsrane wɔ ne nan aseɛ, na nsoromma dummienu abotire bobɔ ne tire 2 na wafa afuro, na ɔretea mu reko awoɔ, na awoɔ aden no. 3 Na nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ yii ne ho adi wɔ […]

Adiyisɛm 13

1 Na mehunuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du, ɛne tire nson sɛ ɔfiri po mu sɔreeɛ, na ahemmotire du bobɔ ne mmɛn, na abusudin wowɔ ne tiri ho. 2 Na aboa a mehunuu no no te sɛ ɔsebɔ, na ne nan te sɛ osisire nan, na n’ano te sɛ gyata ano. Na ɔtweaseɛ no […]