Yesaia 66

Nyaatwomfoɔ asotwe 1 Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔsoro yɛ m’adwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ; ɛdan bɛn na mobɛsi ama me, na ɛhe na me homebea wɔ? 2 Na yeinom nyinaa, me nsa na ɛyɛeɛ, saa nti yeinom nyinaa yɛ me dea, AWURADE asɛm nie. Na deɛ mɛhwɛ no nie: Deɛ ɔbrɛ ne ho […]

Nnwom mu dwom 4

Ɔdɔfoɔ no ahoɔfɛ 1 Hwɛ, wo ho yɛ fɛ, me dɔfoɔ, hwɛ, wo ho yɛ fɛ, na w’aniwa yɛ aborɔnoma ani, w’anim nkatanim mu. Wo nwi te sɛ mmirekyikuo a wɔsiane wɔ Gilead bepɔ ho. 2 Wo se te sɛ nnwanten bereɛ a wɔatwitwa wɔn nwi a wɔfiri adwareeɛ a wɔn nyinaa awowo ntanta, na […]

Nnwom mu dwom 7

Nkɔmmɔbɔ 1 Sɛdeɛ wo mpaboa mu anammɔntutuo si yɛ fɛ, O ɔdehyeɛ babaa, w’asene ne w’ataaso te sɛ adwinneɛ a odwumfoɔ nsa ayɛ. 2 Wo funuma te sɛ koraa kurukuruwa a mfrasa mmɔ no da, wo yafunu te sɛ ayukuo bi a wɔde sukooko atwa ho ahyia. 3 Wo nufoɔ mmienu te sɛ atweburuwa nta; […]

Ɔsɛnkafoɔ 1

Wiase adeɛ nyinaa yɛ adeɛ huhuo 1 Dawid ba Ɔsɛnkafoɔ, ɔhene a ɔwɔ Yerusalem no nsɛm nie. 2 Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ! Ɔsɛnkafoɔ na ɔseɛ; ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ! Adeɛ nyinaa yɛ huhuo. 3 Mfasoɔ bɛn na onipa nya ne brɛ a ɔbrɛ owia yi ase nyinaa mu? 4 Awoɔ ntoatoasoɔ kɔ, na awoɔ ntoatoasoɔ ba, na […]