Asomafoɔ 17

Sakasakayɛ ba Tesalonika 1 Na wɔtwaa mu wɔ Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika; ɛhɔ na Yudafoɔ hyiadan wɔ. 2 Na sɛdeɛ Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn homeda mmiɛnsa ne wɔn kɔyɛɛ twerɛ nsɛm ho mpɛnsɛnpɛnsɛm. 3 Ɔkyerɛkyerɛɛ mu dii ho adanseɛ sɛ ɛtwa sɛ Kristo no hunu amane, na ɔsɔre firi awufoɔ mu. […]

Asomafoɔ 18

Paulo wɔ Korinto 1 Yeinom akyiri no, Paulo firii Atene kɔɔ Korinto. 2 Na ɔhunuu Yudani bi a ne din de Akwila a wɔwoo no Ponto, na ɔfiri Italia baa hɔ nkyɛreeɛ, ne ne yere Priskila, ɛfiri sɛ Klaudio ahyɛ sɛ Yudafoɔ nyinaa mfiri Roma nkɔ. Paulo kɔɔ wɔn nkyɛn, 3 na ɛnam sɛ ɔne […]

Asomafoɔ 20

Paulo wɔ Makedonia ne Hela 1 Na gyegyeegye no gyaeeɛ no, Paulo frɛɛ asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na ɔtuu wɔn fo kraa wɔn firii hɔ sɛ, ɔrekɔ Makedonia. 2 Na ɔtwaa mu hɔnom de nsɛm pii tuu wɔn fo, na ɔbaa Hela. 3 Na ɔdii hɔ abosome mmiɛnsa; na ɔreyɛ atu akɔ Siria no, […]

Asomafoɔ 23

1 Na Paulo gyenee n’ani hwɛɛ abadwafoɔ no kaa sɛ: Anuanom, me deɛ, ahonim pa nyinaa na mede mabɔ me bra mama Onyankopɔn de abɛsi ɛnnɛ da yi. 2 Na Ɔsɔfopanin Anania hyɛɛ wɔn a wɔgyina ne ho sɛ wɔmmɔ n’ano so. 3 Ɛnna Paulo ka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ na Onyankopɔn bɛbɔ woɔ, wo […]

Asomafoɔ 24

Tertulo bɔ ɔsomafoɔ no ho nkuro 1 Na ne nnannum soɔ no, Ɔsɔfopanin Anania ne mpanimfoɔ bi ne mmaranimfoɔ bi a ɔde Tertulo bae, na wɔbɛbɔɔ Paulo kwaadu kyerɛɛ amrado no. 2 Na wɔfrɛɛ no no, Tertulo firii aseɛ bɔɔ nkuro sɛ: Ɛsiane sɛ wo nti yɛanya asomdwoeɛ bebree ne ntotoeɛ a ɛnam wo nimdeɛ […]

Asomafoɔ 25

Paulo de n’asɛm kɔdane Kaesare 1 Na afei Festo baa ne man a ɔdi so amrado no mu, na nnansa akyiri no, ɔfiri Kaesarea kɔɔ Yerusalem. 2 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Yudafoɔ no bɛbɔɔ Paulo ho kwaadu kyerɛɛ no, 3 na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnom wɔn, na ɔnsoma nkɔfa no mmra Yerusalem; na anka wɔatɛ […]