Wɔde Stefano gyina badwa no anim 1 Na ɔsɔfo panin no bisaa sɛ: Nsɛm yi te saa anaa? 2 Na Stefano buaa sɛ: Anuanom ne agyanom, monyɛ aso! Animuonyam Nyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ yɛn agya Abraham berɛ a ɔwɔ Mesopotamia ansa na ɔrebɛtena Haran no, 3 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Firi w’asase so […]
Monthly Archives: July 2017
Asomafoɔ 8
Wɔtaa gyidifoɔ 1 Na Saulo nso, penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛseɛ baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so, gye asomafoɔ no nko. 2 Nso nnipa nyamesurofoɔ bi siee Stefano, na wɔsuu no pii. 3 Na Saulo deɛ, ɔhaa asafo […]
Asomafoɔ 9
Saulo adwensakyera 1 Na Saulo a ɔda so home ahunahuna ne okum home gu Awurade asuafoɔ soɔ no kɔɔ ɔsɔfo panin nkyɛn 2 kɔsrɛɛ ne nkyɛn nwoma sɛ ɔde rekɔ Damasko akɔ hyia adan mu, na sɛ ɔhunu nnipa bi saa gyidie kwan no mu a, mmarima oo, mmaa oo, ɔde wɔn homa mu aba […]
Asomafoɔ 10
Petro ne Kornelio 1 Na ɔbarima bi wɔ Kaesarea a ne din de Kornelio; ɔyɛ asraafokuo a wɔfrɛ no Italia deɛ no mu ɔha so panin. 2 Ɔyɛ onyamesuroni a ɔne ne fiefoɔ nyinaa suro Onyankopɔn, na ɔyɛ mmɔborɔhunu adeɛ bebree ma nkurɔfoɔ no, na ɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ daa. 3 Ɛbɛyɛ awia nnɔnmmiɛnsa no, ɔhunuu […]
Asomafoɔ 11
Petro bɔ amanneɛ kyerɛ Yerusalem asɔre no 1 Na asomafoɔ ne anuanom a wɔwɔ Yudea no tee sɛ amanaman mufoɔ no nso agye Nyankopɔn asɛm. 2 Na Petro baa Yerusalem no, wɔn a wɔyɛ twetiatwafoɔ no ne no gyee akyinnyeɛ 3 sɛ: Adɛn nti na woakɔ nnipa a wɔnyɛ twetiatwafoɔ mu, na wo ne wɔn […]
Asomafoɔ 12
Wɔde Petro to afiase 1 Saa berɛ yi ara na Ɔhene Herode tenee ne nsa yɛɛ asafo no mu nnipa bi ayayadeɛ. 2 Ɔde nkrantɛ kumm Yohane nua Yakobo. 3 Na ɔhunuu sɛ ɛsɔɔ Yudafoɔ ani nti, ɔtoaa so kɔfaa Petro nso, nanso na ɛyɛ Apiti nna; 4 na ɔkyee no no, ɔde no kɔtoo […]
Asomafoɔ 13
Wɔsoma Barnaba ne Saulo 1 Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetee no ne Ɔmansinihene Herode, ne Saulo. 2 Na wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron kaa sɛ: Monyi Barnaba ne Saulo […]
Asomafoɔ 14
Paulo ne Barnaba kɔ Likaonia 1 Na ɛbaa sɛ Ikonium nso wɔn baanu no kɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu, na wɔkɔkaa asɛm maa Yudafoɔ ne Helafoɔ pii gye diiɛ. 2 Na Yudafoɔ a wɔnnye nni no hwanyann amanaman mufoɔ no maa wɔnyaa anuanom no ho adwemmɔne. 3 Enti wɔtenaa hɔ kyɛree, na wɔde nnam paee mu […]
Asomafoɔ 15
Asomafoɔ ne mpanimfoɔ nhyiamu wɔ Yerusalem 1 Na nnipa bi firi Yudea ba bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ: Sɛ wɔantwa mo twetia sɛdeɛ Mose amanneɛ teɛ no a, montumi nnya nkwagyeɛ. 2 Na afei akasakasa ne akyinnyegyeɛ denden bi baa Paulo ne Barnaba ɛne wɔn ntam no, wɔhyɛɛ sɛ asɛm no nti Paulo ne Barnaba ne […]
Asomafoɔ 16
Timoteo ka wɔn ho wɔ Listra 1 Na Paulo kɔduruu Derbe ne Listra nso, baabi a na osuani bi wɔ hɔ a ne din de Timoteo a ɔyɛ Yudani baa bi a ɔyɛ gyidini ba, nanso n’agya yɛ Helani. 2 Na anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikonium no bɔ no din pa. 3 Ɔno na […]