Wɔkɔduru Raguel fie 1 Afei ɛberɛ a wɔhyɛnee Ekbatana no, Tobias ka kyerɛɛ no sɛ: Onua Asaria, fa me kɔ yɛn nua Raguel hɔ. Ɛno nti ɔde no kɔɔ Raguel fie, na wɔhunuu no sɛ ɔte adihɔ pono no nkyɛn. Wɔdii kan kyeaa no, na ɔgyee so sɛ: Anigyeɛ nkyea, anuanom; akwaaba ne akwanhosan! Afei […]
Monthly Archives: July 2017
Tobit 8
Tobias pamo honhommɔne no 1 Ɛberɛ a wɔdidi na wɔnom wieeɛ no, wɔpɛɛ sɛ wɔda; ɛno nti wɔfaa aberanteɛ no de no kɔɔ piadan no mu hɔ. 2 Afei Tobias kae Rafael nsɛm no, na ɔyii apataa berɛboɔ ne ne korona no firii kotokuo a wakora no wɔ mu no, na ɔde aduhwam gya guu […]
Tobit 9
Wɔn nsa ka sika no 1 Na Tobias frɛɛ Rafael na ɔka kyerɛɛ no sɛ: 2 Onua Asarias, fa asomfoɔ baanan ne mfunumupɔnkɔ mmienu ka wo ho na kɔ Rages. Kɔ Gabael fie, na fa sikatua krataa no ma no, na gye sika no, na fa no bra ayeforɔ no ase. 3 Wodi adanseɛ sɛ […]
Tobit 10
Awofoɔ no teetee 1 Afei na da biara da na Tobit rebu nna dodoɔ a Tobias de bɛtu kwan no na wasan ba. Na nna no soeɛ na ne ba no amma no, 2 ɔkaa sɛ: Ɛbɛtumi aba sɛ wɔakyere no anaa? Anaasɛ, ɛntumi mma sɛ Gabael awu na obiara nni hɔ a ɔde sika […]
Tobit 11
Akwantuo a wɔde kɔ fie 1 Ɛberɛ a wɔbɛn Kaserin a ɛne Ninewe hwɛ anim no, Rafael kaa sɛ: 2 Wo ara wonim sɛdeɛ yɛrekorɔ na w’agya si teɛ. 3 Ma yɛn ntu mmirika nni wo yere anim na yɛnkɔsiesie fie ɛberɛ a wɔnam kwan so reba yi. 4 Na wɔn baanu sii mu sɛ […]
Tobit 12
Ɔbɔfoɔ Rafael akatua 1 Na ayeforɔ afahyɛ no baa awieeɛ no, Tobit frɛɛ ne ba Tobias ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba, hwɛ na tua ɔbarima no a ɔne wo kɔeɛ no ka, na ma no sika no bi ka ho. 2 Tobias buaa sɛ: Agya, sɛn na memfa ntua no ka? Ɛnha me koraa […]
Tobit 13
Tobit de aseda ma Onyankopɔn 1 Afei Tobit kaa sɛ: Nhyira nka Onyankopɔn a ɔte ase daa no, ɛfiri sɛ n’ahennie bɛtena hɔ mmerɛ santen nyinaa. 2 Ɔtwe yɛn aso, na ɔsan hu yɛn mmɔbɔ; ɔde nnipa kɔ Asamando, asase ase tɔnn, na wasan de wɔn firi ebunu donkodonko mu aba bio, na biribiara nni […]
Tobit 14
Tobit afotuo a ɛdi akyire 1 Ɛha na Tobit de n’ayeyie bɛwieeɛ. 2 Tobit wui wɔ asomdwoeɛ mu berɛ a na wadi mfeɛ ɔha ne dummienu, na wɔsiee no wɔ Ninewe wɔ animuonyam mu. Ɛberɛ a n’ani firaeɛ no na wadi mfeɛ aduosia mmienu, na n’ani bueeɛ no ɔtenaa ase yiedie mu, na ɔkyɛɛ mmɔborɔhunu […]
Adiyisɛm 1
Nhyɛnmu ne nkyea 1 Yesu Kristo adiyie a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa deɛ ɛtwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfoɔ so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane 2 a wadi Nyankopɔn asɛm ne Yesu Kristo adanseɛ ne deɛ ɔhunuiɛ nyinaa ho adanseɛ. 3 Nhyira ne deɛ ɔkenkan ne wɔn a wɔtie adiyie […]
Adiyisɛm 2
Efeso nwoma 1 Efeso asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔkura nsoromma nson ne nifa mu, deɛ ɔnam sika nkaneadua nson no mfimfini no seɛ: 2 Menim wo nnwuma ne wo brɛ ne wo boasetɔ, ɛne sɛ wontumi nkura wɔn a wɔyɛ abɔnefoɔ, na woasɔ wɔn a wɔse wɔyɛ asomafoɔ […]