Gyenesis 11

Babel abantenten no 1 Na asase nyinaa sofoɔ yɛ anokorɔ kasa kasa korɔ. 2 Na wɔtuu kwan faa apueeɛ no, wɔhunuu asasetam bi wɔ Sinear asase so, na wɔtenaa hɔ. 3 Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Wiɛ, momma yɛnyɛ ntaayaa, na yɛnto! Na ntaayaa no yɛɛ wɔn aboɔ, na ama yɛɛ wɔn dɔteɛ. […]

Gyenesis 12

Onyankopɔn frɛ Abram 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Wo deɛ, firi w’asase so ne w’abusua mu ne w’agya fie kɔ asase a mɛkyerɛ woɔ no so. 2 Na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mahyira wo, na mama wo din ayɛ kɛseɛ, na woayɛ nhyira. 3 Na mɛhyira wɔn a wɔhyira woɔ, na wɔn […]

Gyenesis 14

Ahemfo kɔko gye Lot 1 Na Sinear hene Amrafel, Elasar hene Ariok, Elam hene Kedorlaomer ne Goiim hene Tideal berɛ so no, 2 wɔne Sodom hene Bera ne Gomora hene Birsa, Adma hene Sinab ne Seboim hene Semeber ne Bela (a ɛne Soar) hene dii ako. 3 Ahemfo yeinom nyinaa bɛhyiaa Sidim bonhwa mu, (ɛno […]

Gyenesis 15

Onyankopɔn de ɔba hyɛ Abram bɔ 1 Nsɛm yi akyiri no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehunu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w’akatua bɛdɔɔso pii. 2 Na Abram bisaa sɛ: Awurade NYANKOPƆN, ɛdeɛn na wode bɛma me? Menni ba na menam, na deɛ ɔbɛdi m’adeɛ ne Damaskoni Eliesa anaa? 3 Na Abram […]

Gyenesis 18

Isak awoɔ ho bɔhyɛ 1 Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abraham wɔ Mamre pɔ mu, na ɔte ne ntomadan pono ano awia ketee. 2 Na ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, mmarima baasa abɛgyina ne ntentensoɔ. Na ɔhunuu wɔn no, ɔfirii ne ntomadan pono ano tuu mmirika kɔhyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase […]

Gyenesis 19

Sodom nneyɛɛ bɔne 1 Na abɔfoɔ baanu no duruu Sodom anwummerɛ; na Lot te Sodom kuro pono ano. Na Lot hunuu wɔn no, ɔsɔre kɔhyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase kaa sɛ: 2 Me wuranom, mesrɛ mo, mommane mmra mo akoa fie mmɛsoɛ anadwo yi, na monhohoro mo nan ase, na anɔpatutu moasɔre akɔ […]

Gyenesis 20

Abraham ne Abimelek 1 Na Abraham tutu firii hɔ kɔɔ Negeb asase so, na ɔkɔtenaa Kades ne Sur ntam. Na ɔkɔtenaa Gerar nso. 2 Ɛhɔ Abraham kaa ne yere Sara ho sɛ: Ɔyɛ me nuabaa. Na Gerar hene Abimelek soma maa wɔbɛfaa Sara. 3 Na Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo daeɛ mu, na ɔka kyerɛɛ […]

Gyenesis 21

Isak awoɔ 1 Na AWURADE bɛhwɛɛ Sara sɛdeɛ ɔkaeɛ no, na ɔyɛɛ Sara sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no. 2 Na Sara nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham wɔ ne nkɔkoraaberɛ mu, berɛ a Onyankopɔn kaa ne ho asɛm no mu. 3 Abraham too ɔba a Sara wo maa no no din Isak. 4 Na Abraham […]