Wɔntwerɛ mmara no ngu aboɔpono so 1 Na Mose ne Israel mpanimfoɔ no hyɛɛ ɔman no sɛ: Monni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so. 2 Na da a mobɛtwa Yordan akɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no soɔ no, fa aboɔ akɛseɛ sisi hɔ, na fa akaadoo sra ho, […]
Monthly Archives: July 2017
Deuteronomium 28
Ɔsetie ho nhyira 1 Na sɛ wotie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ na woadi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so a, AWURADE wo Nyankopɔn bɛma wo so akɔ soro asi asase so amanaman nyinaa so; 2 na nhyira yi nyinaa bɛba wo so na abɛto wo, ɛfiri sɛ wotie AWURADE […]
Deuteronomium 29
AWURADE apam 1 Yei ne apam a AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfoɔ mpam Moab asase so nka apam a ɔne wɔn pamm Horeb ho no mu nsɛm no ho. 2 Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara moahunu deɛ AWURADE yɛɛ Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase nyinaa mo […]
Deuteronomium 30
1 Na sɛ nsɛm yi nyinaa, nhyira ne nnome a mede masi w’anim yi ba wo so, na wokae wɔ amanaman a AWURADE wo Nyankopɔn apamo wo akɔ hɔ no nyinaa mu, 2 na wosane ba AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn, na wo ne wo mma tie ne nne sɛdeɛ merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa, mo […]
Deuteronomium 31
Yosua si Mose ananmu 1 Na Mose kɔ kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ Israel nyinaa. 2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnnɛ madi mfeɛ ɔha aduonu, me a mentumi nkɔ na me nso a mentumi mma; afei nso AWURADE aka akyerɛ me sɛ: Worentwa Yordan yi. 3 AWURADE wo Nyankopɔn, ɔno na ɔretwa adi w’anim, ɔno […]
Deuteronomium 32
Mose dwom no 1 Ɔsoro, monyɛ aso, na merebɛkasa, na asase ntie m’anomu nsɛm! 2 Me nkyerɛkyerɛ nsosɔ sɛ nsuo, na me kasa ngu sɛ obosuo, sɛ wira so mfetema ne nhahan so hasuo. 3 Na AWURADE din na mɛbɔ. Momfa anidie mma yɛn Nyankopɔn. 4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ […]
Deuteronomium 33
Mose hyira Israel 1 Na yei ne nhyira a Nyankopɔn nipa Mose de hyiraa Israelfoɔ ansa na ɔrewuo. Na ɔkaa sɛ: 2 AWURADE firi Sinai bae, na ɔpue firii Seir maa wɔn, ɔharan firii Paran bepɔ so; ɔfiri akronkronfoɔ ɔpedu no mu na ɛbaeɛ, # ogya a ɛyɛ mmarama wɔn wɔ ne nifa mu. 3 […]
Deuteronomium 34
Mose wuo 1 Na Mose firii Moab mpaperɛ mu foro kɔɔ Nebo bepɔ so, Pisga atifi, wɔ Yeriko ntentensoɔ, na AWURADE maa no hunuu Gilead asase nyinaa de kɔsii Dan, 2 ne Naftali nyinaa ne Efraim ne Manase asase ne Yuda asase nyinaa de kɔsii akyiri po no ho; 3 ne Negeb asase ne mpaperɛ […]
Numeri 1
Ɔman no kan 1 Na Israelfoɔ firii Misraimfoɔ asase so akyi afe a ɛtɔ so mmienu, ne bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛdi kan no, AWURADE kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai serɛ so wɔ ahyiaeɛ ntomadan mu sɛ: 2 Wo ne Aaron mommu Israel nyinaa ano sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie […]
Numeri 2
Mmusuakuo no nsraban nhyehyɛɛ 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 Israelfoɔ no nkyere nsraban, wɔn mu biara wɔ ɔno ara ne frankaa ho, ɛne wɔn mpanimfie nsɛnkyerɛnneɛ ho; ahyiaeɛ ntomadan no ntentensoɔ na wɔnkyere nsraban no nhyia. 3 Wɔn a wɔnkyere nsraban apueeɛ fam no ne Yuda nsraban frankaa no ase […]