Yudit 2

Ɔsa a wɔtuu wɔ Aman a ɛwɔ Atɔeɛ fam soɔ

1 Afe a ɛtɔ so dunwɔtwe mu, bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so aduonu mmienu no, kasa bi kɔɔ so wɔ Nebukadnessar a ɔyɛ Asiriafoɔ hene no ahemfie, ɛfa were a ɔbɛtɔ wɔ aman a ɛwɔ mantam hɔ no so, sɛdeɛ ɔkaeɛ no ara pɛpɛɛpɛ.

2 Ɔfrɛɛ n’asoafoɔ ne n’aberempɔn nyinaa na ɔde ne kokoam pɔ too wɔn anim, na ɔno ara de n’ano too mu kaa amumuyɛ a ɛwɔ mantam hɔ nyinaa.

3 Na wɔsii agyinaeɛ sɛ, obiara a wɔanni ɔhene anomu asɛm soɔ no, wɔnku no.

4 Ɛberɛ a Nebukadnessar, Asiriafoɔ hene wiee ne nhyehyɛɛ no, ɔfrɛɛ Holoferne, n’asafohene panin a sɛ ɔhene nni hɔ a ɔno na ɔhwɛ akyire no na ɔka kyerɛɛ no sɛ:

5 Sei na Ɔhene Kɛseɛ no, asase nyinaa so wura no seɛ: Firi m’anim ha na kɔfa mmarima a wogye di sɛ wɔn ho yɛ den, asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu mpem ɔha ne aduonu, ne apɔnkɔsotefoɔ mpem dummienu.

6 Kɔto hyɛ aman a ɛwɔ atɔeɛ mantam mu no nyinaa so, ɛsiane sɛ wɔanni m’anom asɛm so.

7 Ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnsiesie asase ne nsuo, ɛfiri sɛ mede m’abufuhyeɛ na ɛreba wɔn so, na mede m’asraafoɔ dɔm anan bɛkata asase ani, na mede wɔn bɛhyɛ m’asraafoɔ nsa na wɔafom wɔn afa.

8 Wɔn apirafoɔ no bɛhyɛ abɔn ne mmɔnhwa amaama, na wɔn afunu ahyɛ asubɔntene a ayire amaama.

9 Na mɛdi wɔn anim nnommum mu akɔ asase ano nyinaa.

10 Mobɛdi kan akɔgye amantoɔ no nyinaa ama me ansa. Wɔbɛgyaa wɔn ho ama mo, na moakora wɔn so ama me de akɔsi wɔn asotwe da no.

11 Nanso sɛ wɔsi mo kwan a, monhu wɔn mmɔbɔ, na mmom momfa wɔn mma okum ne fomfa wɔ mantam no nyinaa mu hɔ.

12 Na sɛ mete aseɛ yi, ɛnam tumi a mewɔ wɔ ahennie yi mu nti, mede me nsa bɛyɛ deɛ maka biara ama aba mu.

13 Na wo, hwɛ yie sɛ wonto wo wura mmara mu biara, na mmom hwɛ di so sɛdeɛ mahyɛ wo no; ntwentwɛn wo nan ase, na yɛ.

Holoferne satuo

14 Enti Holoferne firii ne wura anim, na ɔfrɛɛ Asiria asraafoɔ asahene, asafohene mpanimfoɔ ne wɔn mpanimfoɔ nyinaa.

15 Ɔboaa wɔn a wɔasa mu ayiyi wɔn no ano akuakuo sɛdeɛ ne wura ahyɛ no sɛ ɔnyɛ no, wɔn mu ɔpeha aduonu, wɔn ne agyantofoɔ a wɔtete apɔnkɔ so mpem dummienu.

16 Na ɔboaboaa wɔn ano sɛ asraadɔm kɛseɛ sɛ ɔde wɔn retu sa.

17 Ɔfaa nyoma ne mfunumu ne mfunumupɔnkɔ bebree de wɔn soaa nnoɔma, ne nnwan ne anantwie ne mmirekyie a wɔdɔɔso pa ara sɛ wɔbɛku wɔn adi;

18 ɛne aduane a ɛdɔɔso maa obiara, ne sika ne dwetɛ a ɛdɔɔso pa ara a ɛfiri ahemfie.

19 Saa nti ɔne asraafoɔ mu no nyinaa sii mu, sɛ wɔredi Ɔhene Nebukadnessar anim na wɔde wɔn nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ne asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu akɔkata asase ani nyinaa akɔsi atɔeɛ.

20 Nnipa afrafrafoɔ dɔm a wɔn dodoɔ te sɛ mmɛbɛ a wɔbɔ mu yuu, sɛ asase so mfuturo, dodoɔ a wɔntumi nkane wɔn na wɔkaa wɔn ho kɔeɛ.

21 Wɔtwaa kwan nnansa firii Ninewe kɔduruu Bektilet, na wɔkyeree nsraban wɔ Bektilet a ɛbɛn bepɔ a ɛwɔ Atifi Kilikia soro.

22 Ɛfiri hɔnom na Holoferne de n’asraafoɔ dɔm no nyinaa, asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu, apɔnkɔsotefoɔ ne nteaseɛnam, na ɔkɔɔ nkokoɔ man no mu.

23 Ɔkɔsɛee Put ne Lud pasaa, na ɔkɔfom faa Ismaelfoɔ ne Rassisfoɔ a wɔtete ɛhyeɛ so wɔ anwea pradada so, deɛ ɛwɔ Kaldeafoɔ man anafoɔ no.

24 Afei ɔtwaa Eufrate kɔfaa Mesopotamia ho kɔsɛee nkokoɔ so aman a ɛdeda Abron asuwa ho, kɔe ara kɔsii ɛpo ho.

25 Ɔfaa Kilikia amantoɔ no, na ɔkumm obiara a ɔsii no kwan no, na ɔbɛduruu Yafet anafoɔ ahyeɛ so, deɛ ɛdekɔ Arabia no.

26 Ɔtwaa Midiafoɔ no nyinaa ho hyiaeɛ, na ɔhyee wɔn ntomadan na wɔfomm wɔn nnwan fae.

27 Afei ɔsane kɔɔ Damasko petee mu, ayuo twaberɛ, na ɔkɔhyee wɔn mfuo nyinaa na ɔkunkumm wɔn nnwan ne anantwie, na ɔtuu wɔn nkuro sɛee wɔn nsase na ɔde nkrantɛ kumm wɔn mmeranteɛ nyinaa.

28 Yei nti ne ho suro ne ehu tɔɔ nnipa a na wɔtete mpoano no nyinaa so wɔ Sidon ne Tiro, ne wɔn a na wɔtete Sur ne Okyina ne Yamnia nyinaa. Wɔn a na wɔtete Asoto ne Askelon no suroo no kɛse pa ara.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

five − 2 =