Habakuk 3

AWURADE atemmuo

1 Odiyifoɔ Habakuk mpaebɔ wɔ Shigionotso.

2 AWURADE, mate wo nka, masuro;

O AWURADE, kanyan w’adwuma no wɔ yɛn berɛ yi mu;

ɛberɛ yi mu na ma wɔnhunu;

w’abufuhyeɛ mu kae mmɔborɔhunu.

3 Onyankopɔn firi Teman ba,

na ɔkronkronni no firi Paran bepɔ so.Sela

N’animuonyam kata ɔsoro,

na n’ayeyie yɛ asase so ma.

4 Ne hyerɛn te sɛ owia hann,

nsesaeɛ wowɔ ne ho,

na ɛhɔ ne n’ahoɔden ahuntaeɛ.

5 Ɔyaredɔm a ɛpra di n’anim,

na yadeɛ a ɛhyehyeɛ firi di ne nan ase.

6 Ɔgyina hɔ na ɔwoso asase,

ɔhwɛ, na ɔma amanaman ho popo;

daa mmepɔ dwiri,

tete nkokoɔ brɛ ase,

n’akwan te sɛ tete deɛ no.

7 Mehunuu Kusan ntomadan wɔ ahohiahia mu;

Midian asase so kuntudan no popoe.

8 Nsubɔntene so na na w’abufuo redɛreɛ, AWURADE?

Ɛpo na wo bo huru tiaa no,

berɛ a na wote w’apɔnkɔ so, wo nkwagyeɛ

nteaseɛnam so reba no?

9 Woayɛ wo tadua krado;

na woaka ntam wɔ w’agyan no toɔ ho.Sela

Wopaapae asase mu yɛ no nsubɔntene.

10 Mmepɔ hu wo a wɔhinhim;

nsuo a ɛtue reba;

ebunu donkodonko ma ne nne so,

ɛma ne nsa so kɔ soro;

11 owia ne ɔsrane gyinagyinaa efie,

w’agyan a ɛnenam no hann nti,

wo pea anyinam pa hyerɛn no nti.

12 Abohuro mu na wonam fa asase soɔ,

abufuo mu na woposa amanaman.

13 Wofirii adi sɛ worebɛgye wo man,

worebɛgye deɛ wɔasra no no;

wobobɔɔ ɔbɔnefoɔ ti, womaa ne ho daa hɔ

firi n’atifi de kɔsii ne nan ase.Sela

14 Wode mpɛmɛ hwire n’akofoɔ tirim,

wɔtu sɛ ahum ba sɛ wɔrebɛbɔ me apete,

wɔn anigyeɛ ne sɛ wɔbɛmene mmɔborɔni ahuntaeɛ mu.

15 Wode wo apɔnkɔ si po mu,

nsuo pii a ɛhuro no mu.

16 Metee na me yafunum popoe,

m’ano saa biribiri, ɛnne no ho;

ɔporɔ hyɛnee me nnompe mu,

na m’ase popoe,

nanso meretena ase komm atwɛn ahohiahia da no

na mahwɛ deɛ ɔbɛyɛ ɔman a wɔbɛtoaa yɛn no.

AWURADE mu anidasoɔ

17 Na borɔdɔma rengu nhyerɛne,

na aba biara nni abobe so;

na ngodua soɔ di hwammɔ,

na mfuo mma aduane,

na nnwan to twa firi ban mu,

na nantwie biara nni adan mu mpo a,

18 me deɛ AWURADE mu na mɛdi ahurisie,

na me ho bɛsɛpɛ me wɔ nkwagyeɛ Nyankopɔn mu.

19 ONYANKOPƆN, Awurade no, ne m’ahoɔden;

na ɔma me nan yɛ sɛ aforoteɛ deɛ,

na ɔma menante me sorɔnsorɔmmea.

Wɔmfa mma dwonkyerɛni na wɔnto no m’asankuo so.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

5 × three =