Amos 3

Amos kasa tia Israel

1 Montie asɛm yi a AWURADE aka wɔ mo, Israelfoɔ ho; Mo a moyɛ mmusua a meyii mo firii Misraim asase so baeɛ sɛ:

2 Mo nko ara na menim mo,

asase so mmusua nyinaa mu,

ɛno nso nti na mɛtua mo

mo amumuyɛ nyinaa so ka.

3 Baanu bɔ mu nante

a wɔanyɛ nokorɔ ansa?

4 Gyata bobom kwaeɛ mu

a aboa biara nni n’anim anaa?

Gyataburuwa ma ne nne so firi ne tu mu

a ɔnkyere biribie?

5 Anomaa tɔ fidiem wɔ ɛfam

a kantankoraa bi nni hɔ mma no?

Fidie bi hwan firi fam

a ɛnyii biribi anaa?

6 Anaasɛ wɔhyɛne totorobɛnto kuro mu

a ɔman mmɔ binim?

Anaasɛ bɔne bi ba kuro bi mu

a ɛnyɛ AWURADE na ɔma no baeɛ?

7 Ampa ara, Awurade NYANKOPƆN renyɛ biribi

gye sɛ wayi n’agyina adi

akyerɛ ne nkoa adiyifoɔ no ansa.

8 Gyata abobom,

hwan na ɔrensuro?

Awurade NYANKOPƆN akasa,

hwan na ɔrenhyɛ nkɔm?

Samaria sɛeɛ

9 Momma no mfa Asiria aban so na wɔnte,

ne Misraim asase so aban so,

na monka sɛ: Mommoa mo ano wɔ Samaria mmepɔ so,

na mommɛhwɛ emu kitikiti bebree

ne nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne mu no.

10 Ɛfiri sɛ wɔnnim adetenenee yɛ, AWURADE asɛm nie,

wɔn a wɔboa atirimuɔden ne dwotwa ano wɔ wɔn aban mu no.

11 Enti sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Ɔhohiahiafoɔ bɛtwa asase no ho ahyia,

na wayi w’ahoɔden afiri wo ho ahwe fam,

na wafom w’aban denden no afa.

12 Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwim nnyawa mmienu anaa asokoraa firi gyata anomu no, saa ara na wɔbɛhwim Israelfoɔ a wɔtete Samaria, te sɛ nnaeɛ ntweaso sini anaa mpa so ntoma sini bi.

13 Montie, na monni Yakob fie adanseɛ,

AWURADE Nyankopɔn asafo Nyankopɔn, asɛm nie:

14 Sɛ ɛda a mɛba abɛtwe Israel mmarato ho aso no,

mɛtwe Betel afɔrebukyia nso aso,

na wɔatwitwa afɔrebukyia no mmɛn,

na agu fam.

15 Na mɛbobɔ awɔberɛ fie ne ahuhuberɛ fie,

na asonse fie nso asɛe

na afie bebree nso ase ahye koraa,

AWURADE asɛm nie.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

11 − 5 =