2 Tesalonikafoɔ 1

Nkyea

1 Paulo ne Silwano ne Timoteo de kɔma Tesalonikafoɔ asafo wɔ yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu:

2 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Aseda

3 Anuanom, ɛsɛ yɛn sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa sɛdeɛ ɛfata, mo nti, ɛfiri sɛ mo gyidie nyini boro so, na dɔ a mo nyinaa mode dodɔ mo ho mmaako mmaako no mu adɔ.

4 Mo boasetɔ ne gyidie a mokura mu, mo taa nyinaa ne amaneɛ a momiaa mo ani hunuiɛ no mu nti, ɛma yɛn ara yɛhoahoa yɛn ho ma mo wɔ Nyankopɔn asafo no mu.

5 Ɛno na ɛyɛ Nyankopɔn atɛntenenee agyiraeɛ, sɛ wɔbɛbu mo sɛ Nyankopɔn ahennie a mohunu ho amaneɛ no fata mo.

Kristo bɛba sɛ ɔtemmufoɔ

6 Ɛfiri sɛ ɛtene Nyankopɔn anim sɛ ɔde ahohia tua wɔn a wɔhiahia mo ho no ka,

7 na wama mo a wɔhiahia mo ho no ne yɛn ahome, ɛda a wɔbɛyi Awurade Yesu ne ne tumi abɔfoɔ adie afiri soro, ogyaframa mu,

8 na watɔ wɔn a wɔnnim Onyankopɔn, na wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were.

9 Wɔn na wɔbɛnya akatua a ɛyɛ daa ɔsɛeɛ, ne yi a wɔyi wɔn firi Awurade anim ne ne tumi animuonyam ho,

10 ɛberɛ a ɛbɛba sɛ wɔnhyɛ no animuonyam n’ahotefoɔ mu. Na wɔnhwɛ n’anwanwadeɛ wɔ wɔn a wɔagye adie nyinaa mu, ɛfiri sɛ wɔagye yɛn adanseɛ a yɛdii mo no adi, ɛda no ara mu.

11 Enti nso, yɛbɔ mpaeɛ ma mo daa, sɛ yɛn Nyankopɔn mmu mo sɛ mosɛ ɔfrɛ no, na ɔmfa tumi so mma n’ayamyɛ anisɔdeɛ ne gyidie adwuma nyɛ ma,

12 na wɔahyɛ yɛn Awurade Yesu din animuonyam wɔ mo mu, ne mo nso wɔ ne mu, sɛdeɛ yɛn Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom no teɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

four × 2 =