1 Timoteo 5

Agyidifoɔ ho asodie

1 Mpoopoo w’ani nkyerɛ ɔpanin, na mmom tu no fo sɛ agya, mmeranteɛ sɛ anuanom,

2 mmaa mpanimfoɔ sɛ ɛnanom, mmabaa sɛ nua mmaanom wɔ ahoteɛ nyinaa mu.

3 Di mmaa akunafoɔ a wɔyɛ akunafoɔ ampa no ni.

4 Na sɛ okunafoɔ bi wɔ mma anaa mmanana a, wɔnsua onyamesom pa wɔn fie mu kane, ntua wɔn awofoɔ ka; ɛfiri sɛ yei na ɛyɛ na ɛsɔ Nyankopɔn ani.

5 Na deɛ ɔyɛ okunafoɔ ampa, na aka ne nko no, ɔde n’ani to Nyankopɔn so, na ɔkura nkotosrɛ ne mpaebɔ mu anadwo ne awia.

6 Na deɛ ɔbɔ ahohwie no deɛ, ɔyɛ teaseawuo.

7 Yeinom ho na hyɛ wɔn, na wɔannya wɔn ho asɛm bi anka.

8 Na sɛ obi nhwɛ ɔno ara ne nnipa, ne titire no ne fiefoɔ a, wapa gyidie, na ɔyɛ onipa bɔne sene deɛ ɔnnye nnie.

9 Wɔmmfa okunafoɔ a ɔnnya nnii mfirinhyia aduosia nhyɛ mu, na mmom wɔmfa deɛ waware kunu baako,

10 deɛ wɔdi no ne ne nnwuma pa ho adanseɛ: Sɛ wayɛne mma, sɛ wayɛ ahɔhoyɛ, sɛ wahohoro ahotefoɔ nan ho, sɛ waboa wɔn a wɔn ho ahia wɔn, sɛ wadi adwuma pa nyinaa akyi.

11 Na akunafoɔ a wɔnnyiniiɛ deɛ, mfa wɔn; na sɛ Kristo ho fono wɔn a, na wɔpɛ sɛ wɔwareɛ,

12 na wɔnya afobuo sɛ wɔapa kane gyidie no.

13 Na emu ara nso na wɔyɛ aniha sua afie mu kyinkyini, na ɛnyɛ aniha nko na wɔyɛ, na wɔyɛ anokurokuro ne terɛterɛ nso keka nsɛm a ɛnsɛ.

14 Enti mepɛ sɛ akunafoɔ a wɔnnyiniiɛ no ware wo mma di efie soɔ, na wɔamma ɔtamfoɔ ho kwan sɛ ɔnni atɛm;

15 ɛfiri sɛ ebinom amane akɔdi Satan akyiri dada.

16 Sɛ ɔbaa gyidinibi wɔ akunafoɔ a, ɔnhwɛ wɔn, na ɔmmma no nnyɛ asafo no adesoa, na asafo no ahwɛ wɔn a wɔyɛ akunafoɔ ampa no.

17 Mpanimfoɔ a wɔhwɛ asafo no so yie no, wɔmfa anidie mmɔho nni wɔn, ne titire no, wɔn a wɔyɛ asɛnka ne nkyerɛkyerɛ ho adwuma.

18 Na atwerɛ no se: Nantwie a ɔpore ayuo no, ma no nni bi, ne: Odwumayɛni akatua sɛ no.

19 Ntie asafo mu panin ho kwaadubɔ, gye adansefoɔ baanu anaa baasa anomu.

20 Wɔn a wɔyɛ bɔne no, yi wɔn atɛn wɔn nyinaa anim, na wɔn a aka no nso asuro.

Adesrɛ ne afotuo

21 Mehyɛ wo Onyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu ne abɔfoɔ a wɔayi wɔn no anim, sɛ hwɛ yeinom yie, na woampere ho ammu atɛn, nso woanyɛ biribiara nyiyimu so.

22 Mfa wo nsa ngu obi so ntɛm, nanso mfa wo ho mfra ebinom bɔne mu. Sie wo ho kronn.

23 Nnom nsuo nko bio, na wo yafunu ne wo mmerɛ a wotaa yɛ no nti, nom bobesa kakraa bi!

24 Nnipa binom bɔne da adi pefee de wɔn kɔ atemmuo mu, na ebinom deɛ nso di wɔn akyi.

25 Saa ara na nnwuma pa nso da adi pefee, na sɛ anyɛ saa mpo a, ɛnhunta.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

5 × 3 =