1 Timoteo 3

Esu a ɛfata Kristofoɔ akannifoɔ

1 Ɛyɛ nokwasɛm sɛ, sɛ obi pɛ ɔhwɛfoɔ adwuma a, na wapɛ adwuma pa.

2 Nso deɛ ɛsɛ ɔhwɛfoɔ ne sɛ wɔnnya ne ho asɛm bi nka, ɔyɛ ɔyerɛ baako kunu, n’ani so da hɔ, n’adwene mu teɛ, ɔyɛ ne ho wesee, ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔnim nkyerɛkyerɛ,

3 ɔnyɛ ɔsadweam, ɔnyɛ pupopupo, na mmom ɔdwoɔ, ɔnyɛ ntɔkwapɛ, ɔnyɛ sikanibereɛ;

4 ɔdi ɔno ara ne fie so yie ma ne mma hyɛ n’ase animuduro nyinaa mu.

5 Na sɛ obi nhunu ne fie so hwɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛhwɛ Nyankopɔn asafo soɔ?

6 Ɔnyɛ abɛɛfo, na wanhoran anhwe ɔbonsam atemmuo mu.

7 Nanso ɛsɛ sɛ wɔn a wɔtete ho no bɔ no din pa, na wanhwe ahohora ne ɔbonsam afidie mu.

Esu a ɛfata asomfoɔ ne wɔn yerenom

8 Asafo mu asomfoɔ nso, ɛsɛ sɛ wɔn anim yɛ duro, wɔnyɛ ano nta, wɔnyɛ asadweam, wɔnyɛ adufudepɛfoɔ;

9 wɔde gyidie ahuntasɛm no sie ahonim a emu teɛ mu.

10 Ma wɔnsɔ yeinom nhwɛ kane, na sɛ asɛm bi nni wɔn ho ansa a, wɔama wɔasom.

11 Mmaa no nso anim nyɛ duru saa ara, wɔnnyɛ nsekubɔfoɔ, wɔn ani so nna hɔ, wɔnni ade nyinaa mu nokorɛ.

12 Asafo mu asomfoɔ nyɛ ɛyerenom mmaako mmaako kununom, nni wɔn mma ne wɔn ara fie so yie.

13 Na wɔn a wɔsom yie no, nya nnyinasoɔ pa ne nnam bebree, gyidie a ɛwɔ Kristo Yesu mu mu.

Nyankopɔn asafo

14 M’ani da so sɛ mɛba wo nkyɛn ntɛm pa deɛ, nanso meretwerɛ yeinom mabrɛ wo ansa,

15 na sɛ ebia mekyɛre a, woahunu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ wobu wo bra Nyankopɔn fie a ɛyɛ Nyankopɔn teasefoɔ no asafo, nokorɛ dum ne nnyinasoɔ no mu.

16 Na adeɛ a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahuntasɛm no:

Onyankopɔn yii ne ho adi honam mu,

wɔbuu no bem honhom mu,

ɔyii ne ho kyerɛɛ abɔfoɔ,

wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu,

wɔgyee no dii wiase,

wɔfaa no kɔɔ soro, animuonyam mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

4 × 4 =