1 Tesalonikafoɔ 2

Asomafoɔ no asɛnka wɔ Tesalonika

1 Na anuanom, mo ara monim sɛ yɛn kwan a yɛnya baa mo nkyɛn no anyɛ kwa.

2 Na ɛwom sɛ yɛadi kan ahunu amane, na wɔabɔ yɛn adapaa wɔ Filipi sɛdeɛ monim no deɛ, nanso yɛyɛɛ nnam wɔ yɛn Nyankopɔn mu, sɛ yɛbɛka Nyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo, ɔko bebree mu.

3 Na yɛn afotusɛm no mfiri nnaadaa anaa adwemmɔne mu, nanso ɛnnam nsisie mu,

4 na sɛdeɛ Onyankopɔn abu no sɛ yɛfata sɛ ɔde asɛmpa no hyɛ yɛn nsa no, saa ara nso na yɛkasa, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn akoma hwɛ no ani.

5 Na sɛdeɛ monim no, Onyankopɔn ne yɛn danseni, yɛnkaa adɛfɛdɛfɛsɛm da, nso yɛmfaa asɛm biara nyɛɛ anibereɛ nkatasoɔ,

6 anaasɛ yɛnhwehwɛɛ nnipa anim animuonyam mfirii mo anaa afoforɔ nkyɛn,

7 ɛwom sɛ anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛyɛ yɛn ho akɛseɛ sɛ Kristo asomafoɔ; nanso yɛbrɛɛ yɛn ho ase wɔ mo mu, sɛdeɛ ɔbagyegyefoɔ bi yɛne ɔno ara ne mma.

8 Na ɛsiane sɛ yɛpɛ mo asɛm yie saa nti, yɛpɛɛ sɛ anka ɛnyɛ Nyankopɔn asɛmpa no nko na yɛne mo bɛkyɛ, na yɛn ara yɛn kra nso bi, ɛfiri sɛ moayɛ yɛn adɔfo.

9 Na anuanom, mokae yɛn mmɔdemmɔ adwuma ne ɔbrɛ, yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara, na yɛde kaa Nyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo.

10 Mo ne Onyankopɔn ne adansefoɔ sɛdeɛ yɛyɛɛ yɛn ho kronkron ne tenenee ne nnipa a wɔn ho nni asɛm maa mo agyidifoɔ.

11 Afei nso monim, sɛdeɛ yɛtuu mo nyinaa fo mmaako mmaako, sɛdeɛ agya bi yɛ ne mma, na yɛhyɛɛ mo den, na yɛdii mo adanseɛ

12 sɛ monnante sɛdeɛ ɛsɛ Onyankopɔn a wafrɛ mo akɔ n’ahennie ne n’animuonyam mu no.

Tesalonikafoɔ boasetɔ wɔ ɔtaa mu

13 Yei nti nso yɛda Onyankopɔn ase daa, ɛfiri sɛ monyaa Nyankopɔn asɛm no firii yɛn nkyɛn no, mogyee, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Nyankopɔn asɛm, sɛdeɛ ɛteɛ ampa, ɛno nso na ɛyɛ mo a mogye die no mu adwuma kɛse.

14 Na mo, anuanom, moayɛ sɛ Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Yudea no, Kristo Yesu mu, ɛfiri sɛ mo nso mohunuu mo ara mo manfoɔ nsa mu amane saa ara, sɛdeɛ wɔn nso wɔhunuu no Yudafoɔ mu no.

15 Wɔn na wɔkumm Awurade Yesu ne adiyifoɔ no, na wɔtaa yɛn pamm yɛn, nso wɔnsɔ Nyankopɔn ani, na wɔne nnipa nyinaa di asie.

16 Wɔbara yɛn sɛ yɛnnkasa nnkyerɛ amanaman no, na wɔannye wɔn nkwa, wɔde hyɛ wɔn bɔne ma daa, nso abufuo no anya aba wɔn so awie.

Paulo dɔ

17 Na yɛn deɛ, anuanom, wɔyii yɛn firii mo nkyɛn berɛ kakraa bi wɔ honam mu na ɛnyɛ akoma mu no, yɛbɔɔ mmɔden bebrebe anigyina pii mu sɛ yɛbɛhunu mo anim.

18 Enti anka yɛpɛɛ sɛ yɛba mo nkyɛn, me Paulo titire, ne prɛko ne mprenu so, nanso Satan sii yɛn kwan.

19 Na hwan ne yɛn anidasoɔ anaa anigyeɛ anaa ahohoahoa abotire yɛn Awurade Yesu Kristo anim wɔ ne ba mu, mo nso monni mu bi anaa?

20 Aane, mone yɛn animuonyam ne yɛn anigyeɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

fourteen + 10 =