Yudit 11

1 Ɛnna Holoferne ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbaa nya akokoɔduro na mmɔ hu wɔ w’akoma mu, ɛfiri sɛ menyɛɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom Nebukadnessar, asase nyinaa so hene no bɔne da. 2 Na seesei ara mpo, sɛ wo nkurɔfoɔ a wɔwɔ nkokoɔ aman no mu amfa m’anim antwitwi fam a, ɛnneɛ anka mantwe me […]

Yudit 12

Yudit gyina pintinn wɔ ne Nyamesom mu 1 Afei ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa Yudit mmra faako a wɔkora ne dwetɛ nnoɔma a wɔdidi mu anwummerɛ no, na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnto no pono na wɔmfa n’ankasa n’aduane ne ne nsa ma no nnom. 2 Nanso Yudit kaa sɛ: Menni yeinom mu biara, anaasɛ meyɛ a meto […]

Yudit 13

Yudit twa Holoferne ti 1 Onwunu dwoeɛ no, ntɛm ara na ne nkoa no twee wɔn ho. Bagoas too ntomadan no mu wɔ akyire, na ɔyii asomfoɔ no firii ne wura anim. Wɔn nyinaa kɔdaeɛ. Na na wɔabrɛbrɛ ɛsiane sɛ, wɔkyɛree wɔ apontoɔ no ase. 2 Ɛno nti ɛkaa Yudit nko ara wɔ ntomadan no […]

Yudit 14

Yudit afotuo 1 Afei Yudit ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɔfonom, montie me. Momfa saa etire yi na momfa nsɛne mo dan atifi ban ho. 2 Na sɛ adeɛ kye na owia repue a, mo mu biara mfa mmia, na ma mmarima akokoɔdurufoɔ no mu biara mfiri kuro no mu; monyi ɔsahene nni mo anim sɛ […]

Yudit 15

Asiriafoɔ de ahopopoɔ dwane 1 Na ɛberɛ a mmarima a wɔwɔ ntomadan no mu teeɛ no, asɛm a asie no yɛɛ wɔn nwanwa. 2 Suro ne ahopopoɔ hyɛɛ wɔn so, na wɔantwentwɛn wɔn ho wɔn ho, na mmom wɔgyee twi firii adi na wɔdwaneeɛ, ɔkwan biara a obiara bɛnya na ɔfaa soɔ wɔ petee mu […]

Yudit 16

1 Ɛnna Yudit too dwom kaa sɛ: Momfa akasae nhyɛ dwontoɔ ase ma me Nyankopɔn, momfa nnonno nto dwom ma m’Awurade. Monto dwom foforɔ ma no; momma no so, na mommɔ ne din. 2 Na Awurade ne Onyankopɔn a ɔka akodie hyɛ; ɔde ne ntomadan si ne nkurɔfoɔ mu; na ɔgye me firi m’atifoɔ nsam. […]