Ismael di Gedalia awu 1 Na bosome a ɛtɔ so nson no, Elisama ba Netania ba Ismael a ɔfiri ɔhene asefoɔ ne ɔhene atitire mu no, ne mmarima du a wɔka ne ho baa Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, na wɔbɔɔ mu didii Mispa hɔ. 2 Ɛnna Netania ba Ismael ne mmarima du a […]
Category Archives: Yeremia
Yeremia 42
Yeremia bɔ wɔn Misraim ho kɔkɔ kwa 1 Na dɔm asafohene no nyinaa ne Karea ba Yohanan ne Hosaia ba Yesania ne ɔmanfoɔ no nyinaa, ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ soɔ, twe pinii 2 bɛka kyerɛɛ Odiyifoɔ Yeremia sɛ: Ma yɛn nkotosrɛ mmra w’anim ɛ, na bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn ne nkaeɛ […]
Yeremia 43
1 Na Yeremia kaa AWURADE wɔn Nyankopɔn nsɛm a AWURADE wɔn Nyankopɔn de somaa no wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ ɔman no nyinaa wieeɛ no, 2 Hosaia ba Asaria ne Karea ba Yohanan ne mmarima ahokyerɛfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Atorosɛm na woreka yi, AWURADE yɛn Nyankopɔn nsomaa wo sɛ ka sɛ: Monnkɔ […]
Yeremia 44
Yudafoɔ akyirisanfoɔ ho atemmusɛm 1 Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn a ɛfa Yudafoɔ a wɔte Misraim asase soɔ, wɔn a wɔtete Migdol ne Tapanes ne Memfis ne Patros asase soɔ no nyinaa ho nie: 2 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Mo ara moahunu bɔne a mede maba Yerusalem ne Yuda nkuro nyinaa soɔ […]
Yeremia 45
Ɔbɔ Baruk kɔkɔ na ɔkyekyere ne werɛ nso 1 Asɛm a Odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Neria ba Baruk berɛ a ɔtwerɛɛ nsɛm yi firii Yeremia anomu hyɛɛ nwoma mu, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan mu no sɛ: 2 Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn ka no wo, Baruk, ho nie: 3 […]
Yeremia 46
Wɔdi Misraimfoɔ so nkonim 1 AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn, amanaman ho nie: 2 Misraim deɛ: Misraimhene Farao Neko dɔm a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate ano wɔ Karkemis a Babelhene Nebukadnessar kumm wɔn, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan mu no ho. 3 Monsiesie nkataboɔ ne ɛkyɛm, na montu […]
Yeremia 47
Filistifoɔ asase ho atemmusɛm 1 AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn Filistifoɔ ho, ansa na Farao reba abɛkunkum Gasa nie: 2 Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, nsuo rema ne ho so afiri atifi fam na ayɛ asuo a ɛreyiri asram asase ne ne mayɛ, kuro no ne wɔn a wɔte mu no soɔ. Na […]
Yeremia 48
Moab ho atemmusɛm 1 Moab deɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Nebo nnue! ɛfiri sɛ asɛe. Kiriataim ani awu, wɔagye. Aban denden no ani awu na wɔadwiri agu. 2 Moab din a wagyeɛ no nni hɔ bio, wɔatu ne ho agyina bɔne, wɔ Hesbon sɛ: Mommra mma yɛntwa no, na anyɛ ɔman bio. […]
Yeremia 49
Amon mma ho atemmusɛm 1 Amon mma deɛ nie: Sɛ AWURADE seɛ nie: Israel nni mmabanin, anaasɛ ɔnni ɔdedini? Ɛnam deɛn so na Malkam di adeɛ Gad, na ne manfoɔ tete ne nkuro mu? 2 Ɛno nti, hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛma Amon mma kuro Raba no ate ɔko mu osebɔ, […]
Yeremia 50
Babel ahweaseɛ 1 Asɛm a AWURADE nam Odiyifoɔ Yeremia so ka faa Babel ne Kaldeafoɔ asase no nie: 2 Monka no amanaman mu, momma wɔnte na monsi frankaa, momma wɔnte, na monnsi so, monka sɛ: Wɔafa Babel, wɔakum Bel aniwuo, wɔayɛ Merodak pasaa, wɔahyɛ n’ahoni aniwuo, wɔayɛ n’abosom pasaa. 3 Na ɔman bi firi atifi […]