Hebrifoɔ 11

Gyidie su 1 Na afei gyidie ne adeɛ a yɛn ani da soɔ ho ahotosoɔ ne nnoɔma a yɛnhunu ho adansegyeɛ. 2 Na yei mu na tetefoɔ no nyaa adanseɛ pa. 3 Gyidie na yɛde te aseɛ sɛ wiase ahodoɔ wɔde Nyankopɔn asɛm na ɛsiesieeɛ, enti deɛ ani tua firi nnoɔma a ɛnna adie mu […]