Deuteronomium 11

Ɔsetie ho kɔkɔbɔ 1 Enti dɔ AWURADE wo Nyankopɔn, na hwɛ n’ahwɛdeɛ, n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ ne ne mmara nsɛm nna nyinaa. 2 Na monhunu nnɛ, (na ɛnyɛ mene mo mma a wɔnnim na wɔnhunuiɛ no) monhunu AWURADE mo Nyankopɔn ntea, ne kɛseyɛ, ne nsa a ɛyɛ den ne ne basa a watene mu 3 ne […]

Deuteronomium 13

Ahonisom ho kɔkɔbɔ 1 Sɛ odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ bi sɔre wo mu, na ɔma wo nsɛnkyerɛnneɛ anaa anwanwadeɛ bi, 2 na nsɛnkyerɛnneɛ anaa anwanwadeɛ a ɔka kyerɛɛ woɔ no ba mu na ɔka sɛ: Ma yɛnkɔ nkɔdi anyame foforɔ a wonni wɔn akyi nkɔsom wɔn a, 3 ntie odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no nsɛm no. Ɛfiri […]

Deuteronomium 18

Asɔfoɔ ne Lewifoɔ agyapadeɛ ne AWURADE 1 Wɔmmma Lewifoɔ asɔfoɔ, Lewi abusuakuo nyinaa nnnya kyɛfa ne agyapadeɛ biara Israel mu: AWURADE gya afɔdeɛ so adeɛ ne n’agyapadeɛ a wɔnnie; 2 na ɔrennya agyapadeɛ ne nuanom mu; AWURADE ne n’agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ no no. 3 Na yei nyɛ asɔfoɔ no kyɛfa a ɛfiri ɔman no […]