Asomafoɔ 11

Petro bɔ amanneɛ kyerɛ Yerusalem asɔre no 1 Na asomafoɔ ne anuanom a wɔwɔ Yudea no tee sɛ amanaman mufoɔ no nso agye Nyankopɔn asɛm. 2 Na Petro baa Yerusalem no, wɔn a wɔyɛ twetiatwafoɔ no ne no gyee akyinnyeɛ 3 sɛ: Adɛn nti na woakɔ nnipa a wɔnyɛ twetiatwafoɔ mu, na wo ne wɔn […]

Asomafoɔ 13

Wɔsoma Barnaba ne Saulo 1 Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetee no ne Ɔmansinihene Herode, ne Saulo. 2 Na wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron kaa sɛ: Monyi Barnaba ne Saulo […]

Asomafoɔ 14

Paulo ne Barnaba kɔ Likaonia 1 Na ɛbaa sɛ Ikonium nso wɔn baanu no kɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu, na wɔkɔkaa asɛm maa Yudafoɔ ne Helafoɔ pii gye diiɛ. 2 Na Yudafoɔ a wɔnnye nni no hwanyann amanaman mufoɔ no maa wɔnyaa anuanom no ho adwemmɔne. 3 Enti wɔtenaa hɔ kyɛree, na wɔde nnam paee mu […]

Asomafoɔ 15

Asomafoɔ ne mpanimfoɔ nhyiamu wɔ Yerusalem 1 Na nnipa bi firi Yudea ba bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ: Sɛ wɔantwa mo twetia sɛdeɛ Mose amanneɛ teɛ no a, montumi nnya nkwagyeɛ. 2 Na afei akasakasa ne akyinnyegyeɛ denden bi baa Paulo ne Barnaba ɛne wɔn ntam no, wɔhyɛɛ sɛ asɛm no nti Paulo ne Barnaba ne […]

Asomafoɔ 17

Sakasakayɛ ba Tesalonika 1 Na wɔtwaa mu wɔ Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika; ɛhɔ na Yudafoɔ hyiadan wɔ. 2 Na sɛdeɛ Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn homeda mmiɛnsa ne wɔn kɔyɛɛ twerɛ nsɛm ho mpɛnsɛnpɛnsɛm. 3 Ɔkyerɛkyerɛɛ mu dii ho adanseɛ sɛ ɛtwa sɛ Kristo no hunu amane, na ɔsɔre firi awufoɔ mu. […]

Asomafoɔ 18

Paulo wɔ Korinto 1 Yeinom akyiri no, Paulo firii Atene kɔɔ Korinto. 2 Na ɔhunuu Yudani bi a ne din de Akwila a wɔwoo no Ponto, na ɔfiri Italia baa hɔ nkyɛreeɛ, ne ne yere Priskila, ɛfiri sɛ Klaudio ahyɛ sɛ Yudafoɔ nyinaa mfiri Roma nkɔ. Paulo kɔɔ wɔn nkyɛn, 3 na ɛnam sɛ ɔne […]

Asomafoɔ 20

Paulo wɔ Makedonia ne Hela 1 Na gyegyeegye no gyaeeɛ no, Paulo frɛɛ asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na ɔtuu wɔn fo kraa wɔn firii hɔ sɛ, ɔrekɔ Makedonia. 2 Na ɔtwaa mu hɔnom de nsɛm pii tuu wɔn fo, na ɔbaa Hela. 3 Na ɔdii hɔ abosome mmiɛnsa; na ɔreyɛ atu akɔ Siria no, […]