Adiyisɛm 10

Ɔbɔfoɔ no ne Nwoma ketewa no 1 Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ hoɔdenfoɔ bi sɛ ɔfiri soro reba fam, na ɔfira mununkum, na nyankontɔn wɔ ne tiri so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum. 2 Na ɔkura nwoma ketewa bi a emu abue wɔ ne nsa mu, na ɔde ne […]

Adiyisɛm 11

Adansefoɔ baanu no 1 Na wɔmaa me demmire a ɛte sɛ abaa kaa sɛ: Sɔre na susu Nyankopɔn asɔredan ne afɔrebukyia ne wɔn a wɔsɔre wɔ mu no. 2 Na adihɔ a ɛwɔ asɔredan no ho no deɛ, gya to hɔ, na nsusu, ɛfiri sɛ wɔde ama amanaman mufoɔ, na wɔbɛtiatia kuro kronkron no so […]

Adiyisɛm 12

Ɔbaa no ne Ɔtweaseɛ no 1 Na nsɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ bi yii ne ho adi ɔsoro. Ɔbaa bi a ɔfira owia, na ɔsrane wɔ ne nan aseɛ, na nsoromma dummienu abotire bobɔ ne tire 2 na wafa afuro, na ɔretea mu reko awoɔ, na awoɔ aden no. 3 Na nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ yii ne ho adi wɔ […]

Adiyisɛm 13

1 Na mehunuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du, ɛne tire nson sɛ ɔfiri po mu sɔreeɛ, na ahemmotire du bobɔ ne mmɛn, na abusudin wowɔ ne tiri ho. 2 Na aboa a mehunuu no no te sɛ ɔsebɔ, na ne nan te sɛ osisire nan, na n’ano te sɛ gyata ano. Na ɔtweaseɛ no […]

Adiyisɛm 14

Adwammaa no ne ne nkurɔfoɔ 1 Na mehunui, na hwɛ, Adwammaa no gyina Sion bepɔ so, na mpem ɔha aduanan nnan a wɔatwerɛtwerɛ ne din ne n’Agya din wɔ wɔn moma soɔ no ka ne ho. 2 Na metee nne bi firi soro te sɛ nsuo bebree nne, ne aprannaa kɛseɛ nne. Na ɛnne a […]

Adiyisɛm 17

Odwamamfoɔ kɛseɛ no ne aboa no 1 Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson no mu baako bae ne me bɛkasaa sɛ: Bra na menkyerɛ wo odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii no soɔ no atemmuo. 2 Ɔno na wiase ahemfo ne no abɔ adwaman, na n’adwamammɔ nsa no abobo wɔn a wɔtete asase soɔ […]

Adiyisɛm 18

Babel ahweaseɛ 1 Na yeinom akyiri no, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ ɔfiri soro resiane ba, na ɔwɔ tumi kɛseɛ, na n’animuonyam nti asase hrann. 2 Na ɔde nne a emu yɛ den teaa mu sɛ: Wahwe ase, Babel kɛseɛ no ahwe ase, na adane ahonhommɔne tenaberɛ ne ahonhom fi nyinaa atɛeɛ ne nnomaa a wɔyɛ […]

Adiyisɛm 19

Ɔsorofoɔ di ahurisie 1 Yeinom akyiri no, metee biribi a ɛte sɛ nkurɔfoɔ pii nne kɛseɛ ɔsoro sɛ: Haleluia! Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn dea; 2 ɛfiri sɛ n’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene, sɛ ɔbuu odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔde n’adwamammɔ asɛe asase no atɛn, na ɔtɔɔ ne nkoa mogya so werɛ wɔ […]