2 Samuel 11

Dawid awaresɛeɛ 1 Na afe bi mu wɔ ɔpɛ berɛ mfitiaseɛ a ahemfo tu sa mu no, Dawid somaa Yoab a ne nkoa ka ne ho, ne Israel nyinaa sɛ wɔnkɔsɛe Amonfoɔ; na wɔkɔtuaa Raba. Na Dawid deɛ, ɔtenaa Yerusalem. 2 Na da bi anwummerɛ a Dawid sɔre firii ne mpa soɔ na ɔnenam ɔhene […]

2 Samuel 13

Amnon bɔne ne ne wuo 1 Na Dawid ba Absalom wɔ nuabaa fɛfɛ bi a ne din de Tamar. Na nna bi akyi no, Dawid ba Amnon pɛɛ no. 2 Na Amnon nuabaa Tamar nti ne ho hiahiaa no maa no patu yaree. Na ɔyɛ ɔbaabunu, saa nti ɛyɛɛ Amnon den sɛ ɔbɛyɛ no biribie. […]

2 Samuel 14

Yoab di ma Absalom 1 Na Seruia ba Yoab hunuu sɛ ɔhene akoma wɔ Absalom ho. 2 Na Yoab soma maa wɔkɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbaa nyansafoɔ bi firi hɔ bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Dane wo ho oyiyɛni, na hyɛ ayiyɛ ntadeɛ, nso nsra ngo, na yɛ sɛ ɔbaa a ɔfiri gyam owufoɔ akyɛreɛ. […]

2 Samuel 15

Absalom mansotwe 1 Na yei akyiri no, Absalom siesiee teaseɛnam ne apɔnkɔ fae, ne mmarima aduonum a wɔbɛwɛn no. 2 Na Absalom sɔre anɔpahema kɔgyina kuro no pono ano kwan ho. Na obiara a ɔwɔ asɛm bi na ɔreba ɔhene nkyɛn abɛdie no, Absalom frɛ no bisa no sɛ: Kuro bɛn so na wofire? Na […]

2 Samuel 16

Dawid ne Siba 1 Na ɛberɛ a Dawid twaa mu firii bepɔ no atifi hɔ kakra no, hwɛ, Mefiboset somfoɔ Siba bɛhyiaa no; ɔde mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ wɔn a wɔsoso paanoo mmua ahanu ne bobe aba a wɔabɔ no ntoantoa ɔha ne borɔdɔma ntoantoa ɔha ne nsa nwoma kotokuo ma. 2 Na ɔhene bisaa […]

2 Samuel 18

Absalom nkoguo ne ne wuo 1 Afei Dawid kanee ɛdɔm a wɔka ne ho no, na ɔde mpem mpem so asafohene ne ɔha ha so asafohene sisii wɔn so. 2 Na Dawid gyaa ɛdɔm no kwan de abupɛn mmiɛnsa mu baako hyɛɛ Yoab nsa, na ɔde baako hyɛɛ Seruia ba Abisai, Yoab nua, nsa, na […]

2 Samuel 19

Dawid agyaadwotwa 1 Wɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, ɔhene resu, na ɔretwa Absalom ho adwo. 2 Na nkonimdie no danee nnipa no nyinaa abooboodie ɛda no; na nkurɔfoɔ no tee da no sɛ ɔhene redi awerɛhoɔ ma ne ba. 3 Na nnipa no wiawiaa wɔn ho baa kuro no mu da no, sɛdeɛ ɛdɔm a […]

2 Samuel 20

Seba mansotwe ne Amasa wuo 1 Na ɔbarima huhuni bi wɔ hɔ a ne din de Seba a ɔyɛ Benyaminni Bikri ba. Na ɔhyɛnee totorobɛnto sɛ: Yɛnni kyɛfa biara wɔ Dawid mu, na yɛnni agyapadeɛ Yisai ba no nkyɛn. Israel, monkɔ mo adan mu. 2 Ɛnna Israel mmarima nyinaa firii Dawid akyi kɔ kɔdii Bikri […]